Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔwɔ no Ti a Wɔbɛpɛtɛw

Ɔwɔ no Ti a Wɔbɛpɛtɛw

Ti 40

Ɔwɔ no Ti a Wɔbɛpɛtɛw

Anisoadehu 14​—Adiyisɛm 20:1-10

Asɛmti: Ebun no mu a wɔde Satan to, Mfirihyia Apem Ahenni, adesamma sɔhwɛ a edi akyiri ne Satan sɛe

Bere a enya mmamu: Efi ahohiahia kɛse no awiei kosi bere a wɔsɛe Satan

1. Bible mu nkɔmhyɛ a edi kan no mmamu no akɔ so dɛn?

SO WOKAE Bible mu nkɔmhyɛ a edi kan no? Yehowa Nyankopɔn na ɔhyɛe bere a ɔka kyerɛɛ Ɔwɔ no sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15) Afei saa nkɔmhyɛ no reba awiei! Yɛahwehwɛ ko a Satan ko tia Yehowa ɔsoro ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔbea no ho abakɔsɛm no mu. (Adiyisɛm 12:1, 9) Ɔwɔ no asefo a wɔwɔ asase so, ne ne nyamesom, amammui ne nnwuma akɛse, de ɔtaa a emu yɛ den aba ɔbea no aseni, Yesu Kristo ne n’akyidifo 144,000 a wɔasra wɔn no so, wɔ asase so ha. (Yohane 8:37, 44; Galatifo 3:16, 29) Satan de owu yayaw baa Yesu so. Nanso eyi bɛyɛɛ sɛ nantin apirakuru bi, efisɛ Onyankopɔn nyan ne Ba ɔnokwafo no da a ɛto so abiɛsa no so.​—Asomafo no Nnwuma 10:38-40.

2. Ɔkwan bɛn so na wɔbɔ Ɔwɔ no ti, na dɛn na ɛba Ɔwɔ no asefo a wɔwɔ asase so no so?

2 Na ɔwɔ no ne n’asefo no nso ɛ? Bɛyɛ 56 Y.B. mu no, ɔsomafo Paulo kyerɛw krataa tenten bi kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma. Ɔrewie no, ɔka de hyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm.” (Romafo 16:20) Eyi kyɛn bɔ a wɔbɔ no aniani so ara kwa. Wɔbɛpɛtɛw Satan! Paulo de Hela asɛmfua, syn·triʹbo, na edii dwuma wɔ ha, a ɛkyerɛ sɛ wɔyam biribi, sɛ wotiatia biribi so, sɛ wɔpɛtɛw biribi sɛe no. Ɔwɔ no asefo a wɔyɛ adesamma no de, wɔbɛhaw wɔn yiye wɔ Awurade da no mu, na akowie ahohiahia kɛse a emu na wobewie Babilon Kɛse ne wiase amammui nhyehyɛe no ne wɔn sika fam ne akodi fam mpamfo no sɛe koraa no mu. (Adiyisɛm, atiri 18 ne 19) Saa kwan yi so na Yehowa de ɔtan a ɛda asefo baanu yi ntam no ba awiei. Nyankopɔn ɔbea no Aseni no di Ɔwɔ no asase so asefo no so nkonim, na saa asefo nni hɔ bio!

Wɔde Satan to Ebun Mu

3. Dɛn na Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ ɛbɛba Satan so?

3 Ɛnde, dɛn na ɛda hɔ ma Satan ankasa ne n’adaemone no? Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne ɔbonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem, na ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu na ɔsɔɔ ano, na wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa; nanso ɛno akyi no, etwa sɛ wogyaa no kakra.”—Adiyisɛm 20:1-3.

4. Hena ne ɔbɔfo a okura bun no ano safe no, na yɛyɛ dɛn hu?

4 Hena ne ɔbɔfo yi? Ɛbɛyɛ nea ɔwɔ ahoɔden kɛse na watumi ayi Yehowa tamfo kɛse yi hɔ. Okura “bun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi.” So eyi nkae yɛn anisoadehu bi a edi kan anaa? Yiw, wɔfrɛ mmoadabi no hene no sɛ “ebun no mu bɔfo”! (Adiyisɛm 9:11) Enti yehu Yehowa Din ho Sanfo Panyin, Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no bio sɛ ɔredi dwuma. Ampa ara sɛ ɔbɔfo panyin yi a otuu Satan fii soro, na obuu Babilon Kɛse no atɛn na oyii “asase so ahene ne wɔn dɔm” no hɔ wɔ Harmagedon no rentwe ne ho nnyina nkyɛn mma ɔbɔfo bi a osua nni dwuma titiriw yi wɔ Satan a wɔde no to ebun mu no mu!—Adiyisɛm 12:7-9; 18:1, 2; 19:11-21.

5. Bun no mu bɔfo no ne Satan Ɔbonsam di no dɛn, na dɛn ntia?

5 Bere a wɔtoo ɔtweaseɛ kɛse kɔkɔɔ no fii soro kyenee no, wɔkaa ne ho asɛm sɛ “ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no.” (Adiyisɛm 12:3, 9) Afei, bere a wɔbɛkyere no de no ahyɛ bun mu no, wɔka ne ho asɛm yiye bio sɛ “ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne ɔbonsam ne Satan.” Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree ɔdesɛefo, ɔdaadaafo, ɔfatwafo ne ɔsɔretiafo a wagye dimmɔne yi na wɔtow no kyene “bun no mu,” na wɔto mu sɔw ano denneennen, “na wankɔdaadaa amanaman bio.” Bun mu a wɔde Satan to yi bedi mfirihyia apem, bere a adesamma so nkɛntɛnso a ɔwɔ no nni hɔ bio te sɛ ɔdeduani a wɔde no ato afiase amoa kɛse bi mu. Bun no mu bɔfo no yi Satan fi hɔ koraa na ɔne trenee Ahenni no annya hwee anyɛ. Ahotɔ bɛn ara na ɛbɛyɛ ama adesamma sɛɛ yi!

6. (a) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ adaemone no nso kɔ bun no mu? (b) Dɛn na ebetumi afi ase afei, na dɛn ntia?

6 Dɛn na ɛba adaemone no so? Wɔn nso ‘wɔde wɔn asie ama atemmu.’ (2 Petro 2:4) Wɔfrɛ Satan sɛ “ahonhommɔne panyin Beelsebub.” (Luka 11:15, 18; Mateo 10:25) Esiane sɛ wofi bere tenten de wɔn ho abɔ Satan ho ne no di dwuma nti, so ɛnsɛ sɛ wɔde atemmu koro no ara ba wɔn so anaa? Bun no ayɛ biribi a saa adaemone no fi bere tenten suro; bere bi a Yesu ne wɔn de bɔɔ anim no, “wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bun no mu.” (Luka 8:31) Nanso bere a wɔde Satan hyɛ bun no mu no, ɛda adi sɛ wɔbɛtow n’abɔfo no aka ne ho agu bun no mu. (Fa toto Yesaia 24:21, 22 ho.) Bere a wɔatow Satan ne n’adaemone no agu bun no mu akyi no, Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no betumi afi ase.

7. (a) Tebea bɛn mu na ɛbɛyɛ nea Satan ne n’adaemone no wɔ bere a wɔwɔ bun no mu no, na yɛyɛ dɛn hu? (b) Hades ne bun no nyinaa yɛ ade koro anaa? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

7 Satan ne n’adaemone no betumi adi dwuma bere a wɔwɔ bun no mu no anaa? Wiɛ, kae aboa kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason a “da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba” no. (Adiyisɛm 17:8) Bere a ɔwɔ bun no mu no, ná ‘onni hɔ.’ Ná ɔnyɛ adwuma, ontumi nkeka ne ho, sɛ yɛbɛka no yiye a, wɔ ɔkwan bi so no ná wawu. Saa ara nso na ɔsomafo Paulo reka Yesu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Hena na obesian akɔ ebun mu? Ɛne sɛ, wɔde Kristo befi awufo mu aba.” (Romafo 10:7) Bere a na Yesu wɔ saa bun no mu no, na wawu. * Ɛnde, na ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ ɛbɛyɛ nea Satan ne n’adaemone no wɔ tebea a dwumadi biara nni mu te sɛ nea wɔawuwu wɔ mfirihyia apem a wɔde wɔn to bun no mu no mu. Asɛmpa ma trenee adɔfo bɛn ara ni!

Mfirihyia Apem Atemmufo

8, 9. Dɛn na Yohane ka kyerɛ yɛn fa wɔn a wɔtete nhengua so no ho afei, na wɔne henanom?

8 Mfirihyia apem no akyi no, wobegyaa Satan afi bun no mu kakra. Dɛn ntia? Ansa na Yohane rema mmuae no, ɔsan twe yɛn adwene si saa bere no mfiase so. Yɛkenkan sɛ: “Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtratraa so no, wɔde atemmu maa wɔn.” (Adiyisɛm 20:4a) Henanom ne eyinom a wɔtete nhengua so na wɔne Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no di tumi wɔ ɔsoro no?

9 Wɔne “ahotefo” a Daniel kaa wɔn ho asɛm sɛ wɔne Obi a “ɔte sɛ onipa ba” di tumi wɔ Ahenni no mu no. (Daniel 7:13, 14, 18) Wɔn ara ne mpanyimfo 24 a wɔtete nhengua so wɔ ɔsoro Yehowa ankasa anim pɛɛ no. (Adiyisɛm 4:4) Asomafo dumien a Yesu hyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Adebɔ foforo no mu, bere a onipa Ba no bɛtra n’anuonyam agua so no, mo a moadi m’akyi no nso mobɛtratra nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn” no nso ka ho. (Mateo 19:28, New World Translation) Paulo ne Korintofo Kristofo a wodii nokware no nso ka ho. (1 Korintofo 4:8; 6:2, 3) Laodikea asafo no mufo a wodii nkonim no nso bɛka ho.​—Adiyisɛm 3:21.

10. (a) Afei Yohane ka ahene 144,000 no ho asɛm dɛn? (b) Efi nea Yohane adi kan aka akyerɛ yɛn no mu no, henanom na wɔka ahene 144,000 no ho?

10 Wɔasiesie nhengua—144,000—ama nkonimdifo a wɔasra wɔn yi a “wɔatɔ wɔn afi nnipa mu ayɛ wɔn mmakan ama Onyankopɔn ne oguammaa no.” (Adiyisɛm 14:1, 4) Yohane toa so sɛ: “Na mihuu wɔn a Yesu ho adanse ne Nyankopɔn asɛm nti [wɔde akuma] twitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no.” (Adiyisɛm 20:4b) Ɛnde, na wɔn a wɔka saa ahene no ho ne Kristofo a wɔasra wɔn a wowuwuu mogya dansefo wu a mfiase no, bere a wɔtew nsɔano a ɛto so anum no ano no, wobisaa Yehowa sɛ ɔbɛtwɛn akosi bere tenten bɛn bio ansa na wadi wɔn mogya ho were no. Saa bere no, wɔmaa wɔn ntade fitaa na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntwɛn kakra. Nanso afei de wɔadi were ama wɔn denam Babilon Kɛse a wɔayɛ no pasaa, amanaman no a ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade no asɛe wɔn, ne bun mu a wɔde Satan ato no so.​—Adiyisɛm 6:9-11; 17:16; 19:15, 16.

11. (a) Ɛsɛ sɛ yɛte ɔkasa ‘wɔde akuma twitwaa wɔn ti’ no ase dɛn? (b) Dɛn nti na wobetumi aka sɛ 144,000 no nyinaa wuwuu afɔrebɔ wu?

11 So wɔde ‘akuma twitwaa’ saa adehye atemmufo 144,000 yi ti ankasa? Ebetumi aba sɛ wɔn mu kakraa bi na wɔyɛɛ wɔn saa ankasa. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ wɔkaa asɛm yi kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wowuwui sɛ mogya adansefo wɔ akwan horow so no nyinaa. * (Mateo 10:22, 28) Nokwarem no, anka Satan bɛpɛ sɛ ɔde akuma kunkum wɔn nyinaa nanso nokwarem no, ɛnyɛ Yesu nuanom a wɔasra wɔn no nyinaa na wowuwui sɛ mogya adansefo. Wɔn mu pii yareyaree anaasɛ wɔbobɔɔ nkwakoraa ne mmerewa na wowuwui. Nanso wɔn a wɔtete saa nso ka kuw a afei Yohane hu no ho. Ɔkwan bi so no, wɔn nyinaa wu no yɛ afɔrebɔ wu. (Romafo 6:3-5) Nea ɛka ho bio no, ná wɔn mu biara nyɛ wiase no fa. Enti, wiase atan wɔn nyinaa ma enti wɔawuwu wɔ n’ani so. (Yohane 15:19; 1 Korintofo 4:13) Wɔn mu biara ansom aboa no anaa ne honi no, na bere a wowuwui no, ná aboa no agyirae nni wɔn ho. Wɔn nyinaa wuwui sɛ nkonimdifo.​—1 Yohane 5:4; Adiyisɛm 2:7; 3:12; 12:11.

12. Ahene 144,000 no ho amanneɛ bɛn na Yohane bɔ, na bere bɛn na wonya nkwa no?

12 Afei, nkonimdifo yi nya nkwa bio! Yohane bɔ amanneɛ sɛ: “Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.” (Adiyisɛm 20:4d) So eyi kyerɛ sɛ wonnyan atemmufo yi kosi sɛ wɔbɛsɛe amanaman no na wɔde Satan ne n’adaemone agu bun no mu ansa anaa? Dabi. Wɔn mu dodow no ara te ase dedaw esiane sɛ wɔka Yesu ho na wɔkɔtoaa amanaman no wɔ Harmagedon nti. (Adiyisɛm 2:26, 27; 19:14) Nokwarem no, Paulo kyerɛe sɛ wɔn wusɔre no fi ase wɔ Yesu mmae wɔ 1914 mu no mfiase no akyi pɛɛ ne sɛ wonyan binom ansa na wɔanyan afoforo. (1 Korintofo 15:51-54; 1 Tesalonikafo 4:15-17) Enti, nkwa mu a wɔba no kyɛ kakra bere a sɛ ankorankoro no, wonya nkwa a owu nni mu akyɛde wɔ ɔsoro no.​—2 Tesalonikafo 1:7; 2 Petro 3:11-14.

13. (a) Ɛsɛ sɛ yebu mfirihyia apem a 144,000 no di tumi wɔ mu no dɛn, na dɛn ntia? (b) Papias a ofi Hierapolis buu mfirihyia apem no dɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

13 Wɔn ahenni ne atɛn a wobebu no bedi mfirihyia apem. Eyi yɛ mfirihyia apem ankasa, anaasɛ ɛsɛ sɛ yebu no sɛnkyerɛnne kwan so sɛ ɛyɛ bere tenten bi a enni ano anaa? “Mpempem” betumi akyerɛ dodow bi a enni ano, sɛnea ɛte wɔ 1 Samuel 21:11 no. Nanso ɛha de, “apem” no yɛ paara, esiane sɛ epue mprɛnsa wɔ Adiyisɛm 20:5-7 sɛ “mfirihyia apem no” nti. Paulo frɛɛ atemmu bere yi “da bi” bere a ɔkae sɛ ‘[Onyankopɔn] ayi da bi ato hɔ a obebu wiase atɛn trenee mu.’ (Asomafo no Nnwuma 17:31) Esiane sɛ Petro ka kyerɛ yɛn sɛ da koro yɛ mfirihyia apem wɔ Yehowa ani so nti, ɛfata sɛ Atemmu Da yi yɛ mfirihyia apem ankasa. *2 Petro 3:8.

Awufo Nkae No

14. (a) Asɛm bɛn na Yohane de hyɛ mu fa “awufo nkae no” ho? (b) Ɔkwan bɛn so na nsɛm bi a ɔsomafo Paulo kae ma yenya ɔkasa “nya nkwa” no ho ntease?

14 Nanso, henanom na ahene yi bebu wɔn ntɛn, sɛnea ɔsomafo Yohane de hyem wɔ ha no: “Na awufo nkae no de wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa.” (Adiyisɛm 20:5a) Bio, ɛsɛ sɛ yɛte ɔkasa ‘nya nkwa’ no ase sɛnea nsɛm afoforo a ɛka ho no kyerɛ. Saa asɛm yi betumi akyerɛ nneɛma ahorow wɔ nsɛm tebea horow mu. Sɛ nhwɛso no, Paulo kae wɔ ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no ho sɛ: “Mo nso na Onyankopɔn ma munyaa nkwa, ɛwom sɛ na anka mo yɛ awufo mfomso ne nnebɔne mu.” (Efesofo 2:1, NW) Yiw, wɔmaa Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no ‘nkwa’ afeha a edi kan no mu mpo esiane sɛ wogyinaa Yesu afɔrebɔ no mu gyidi a wɔwɔ no so buu wɔn bem nti.​—Romafo 3:23, 24.

15. (a) Gyinabea bɛn na Yehowa Adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba no nyae wɔ Onyankopɔn hɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na nguan foforo no “nya nkwa,” na bere bɛn na wobenya asase no adi koraa?

15 Saa ara nso na wobuu Yehowa Adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristofo bere no reba no atreneefo esiane adamfo a wɔne Onyankopɔn fae no nti; na ɛwom sɛ na Abraham, Isak ne Yakob awuwu ɔhonam fam de, nanso wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ “ateasefo.” (Mateo 22:31, 32; Yakobo 2:21, 23) Nanso, ɛsɛ sɛ wɔma wɔne afoforo a wɔanyan wɔn nyinaa ne nguan foforo anokwafo nnipakuw kɛse a wonya nkwa wɔ Harmagedon no ne mma biara a wɔbɛwo ama eyinom wɔ wiase foforo no mu no so kɔ ɔdesani pɛyɛ mu. Kristo ne n’ahokafo ahene ne asɔfo no na wɔbɛyɛ eyi mfirihyia apem Atemmu Da no mu, denam Yesu ogye afɔrebɔ no so. Ebedu saa Da no awiei no, na “awufo nkae no” anya “nkwa bio” a ntease no ne sɛ wɔbɛyɛ adesamma a wɔyɛ pɛ. Sɛnea yebehu no, afei ɛsɛ sɛ wodi sɔhwɛ bi a etwa to mu nkonim, nanso wobehyia saa sɔhwɛ no sɛ adesamma a wɔayɛ pɛ. Bere a wɔadi sɔhwɛ no mu nkonim no, Onyankopɔn bebu wɔn sɛ wɔfata sɛ wɔtra ase daa, atreneefo koraa ɔkwan biara so. Wohu bɔhyɛ a ɛne sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem” no mmamu. (Dwom 37:29) Daakye a ɛyɛ anigye bɛn ara na ɛda hɔ ma adesamma asoɔmmerɛwfo sɛɛ yi!

Owusɔre a Edi Kan

16. Yohane ka owusɔre a wɔn a wɔne Kristo bedi tumi sɛ ahene no nya no ho asɛm dɛn, na dɛn ntia?

16 Yohane resan akɔ wɔn a “wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem” no so afei no, ɔkyerɛw sɛ: “Owusɔre a edi kan ne no.” (Adiyisɛm 20:5b) Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ nea edi kan? Bere fam no, ɛyɛ “owusɔre a edi kan,” efisɛ wɔn a wonya no yɛ ‘mmakan ma Onyankopɔn ne oguammaa no.’ (Adiyisɛm 14:4) Ɛno nso ne nea ɛho hia a edi kan, esiane sɛ wɔn a wonya mu kyɛfa no bɛyɛ Yesu yɔnko adedifo wɔ ne soro Ahenni no mu na wɔabu adesamma a aka no ntɛn nti. Afei, ɛno na edi kan a eye. Yesu Kristo ankasa akyi no, wɔn a wonyan wɔn ɔsɔre a edi kan no mu no nkutoo ne abɔde a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu sɛ wonya nkwa a owu nni mu.​—1 Korintofo 15:53; 1 Timoteo 6:16.

17. (a) Yohane ka nhyira a ɛda hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no ho asɛm dɛn? (b) Dɛn ne “owuprenu no,” na dɛn nti na enni “tumi” nkonimdifo 144,000 no so?

17 Anidaso a nhyira wom bɛn ara na ɛda hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn no sɛɛ yi! Sɛnea Yohane ka no: “Nhyira ne kronkron ne nea onya afa ɔsɔre a edi kan no mu. Saafo no so na owuprenu no nni tumi.” (Adiyisɛm 20:6a) Sɛnea Yesu hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Smirna no bɔ no, nkonimdifo a wonya “owusɔre a edi kan” no mu kyɛfa yi nni asiane biara mu sɛ “owuprenu” a ɛkyerɛ ntwa-fi-hɔ, ɔsɛe pasaa a owusɔre ho anidaso biara nni mu bɛhaw wɔn. (Adiyisɛm 2:11; 20:14) Owuprenu no “nni tumi” nkonimdifo a wɔte saa no so, efisɛ na wɔahyɛ nea ɛmporɔw ne nkwa a owu nni mu.​—1 Korintofo 15:53.

18. Dɛn na Yohane ka wɔ asase sodifo afoforo no ho afei, na dɛn na wɔbɛyɛ?

18 Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko koraa wɔ asase so ahene ho bere a Satan di tumi no! Aboro so koraa no na eyinom di tumi mfirihyia 50 anaasɛ 60, na wɔn mu dodow no ara di tumi mfe kakraa bi pɛ. Wɔn mu bebree ahyɛ adesamma so. Nsɛm no biara mu no, ɛbɛyɛ dɛn na amanaman no atumi anya mfaso a ɛtra hɔ daa wɔ atumfo a wɔsakrasakra mmere nyinaa ne wɔn nhyehyɛe ahorow a ɛsakrasakra no ase? Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yohane ka wɔ asase so atumfo afoforo no ho sɛ: “Na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.” (Adiyisɛm 20:6b) Wɔne Yesu bɛbom ahyehyɛ nniso a ɛno nkutoo na ɛwɔ hɔ mfirihyia apem. Wɔn asɔfodi adwuma a wɔde Yesu desani afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ no mu mfaso bɛyɛ no bɛma adesamma asoɔmmerɛfo so akɔ honhom, abrabɔ ne nipadua mu pɛyɛ mu. Wɔn ahenni adwuma a wɔbɛyɛ no bɛkɔ akowie adesamma abusua bi a wɔde asi asase so nyinaa a eyi Yehowa trenee ne kronkronyɛ adi kyerɛ mu. Sɛ mfirihyia apem atemmufo no, wɔne Yesu fi ɔdɔ mu bɛkyerɛkyerɛ adesamma a wodwo kwan akɔ daa nkwa botae no ho.​—Yohane 3:16.

Sɔhwɛ a Edi Akyiri

19. Ebedu Mfirihyia Apem Ahenni no awiei no, na asase ne adesamma tebea te dɛn, na dɛn na Yesu yɛ afei?

19 Bere a Mfirihyia Apem Ahenni no bewie du no, na asase nyinaa abɛyɛ sɛ mfiase Eden no. Ɛbɛyɛ paradise ankasa. Adesamma a wɔyɛ pɛ no renhia ɔsɔfo panyin a ɔbɛka bi ama wɔn wɔ Onyankopɔn anim bio, esiane sɛ na wɔayi Adam bɔne ho nkae nyinaa afi hɔ na wɔatu ɔtamfo a odi akyiri a ɛne owu no afi hɔ nti. Ná Kristo Ahenni ama Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛbɔ wiase biako ne nniso biako no ayɛ hɔ. Saa bere yi no, Yesu de “ahenni no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa.”—1 Korintofo 15:22-26; Romafo 15:12.

20. Dɛn na Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ ɛbɛba bere a sɔhwɛ a edi akyiri no bere du no?

20 Afei na bere adu ama sɔhwɛ a edi akyiri. Adesamma wiase a ayɛ pɛ no bɛyɛ soronko wɔ adesamma a wodi kan wɔ Eden no ho, agyina wɔn mudi mu pintinn anaa? Yohane ka yɛn nea ɛba: “Na sɛ mfirihyia apem no wie du a, wɔbɛsan Satan afi n’afiase, na obefi adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan mu, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anhwea. Na wɔforo kogyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wotwaa ahotefo no ne kurow a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae.”—Adiyisɛm 20:7-9a.

21. Dɛn na Satan yɛ wɔ ne mmɔden a edi akyiri a ɔbɔ no mu, na dɛn nti na ɛnsɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ ebinom bedi Satan akyi Mfirihyia Apem Ahenni no akyi mpo?

21 Satan mmɔdenbɔ a edi akyiri no bewie dɛn? Ɔdaadaa “amanaman a wɔwɔ asase afanan mu, Gog ne Magog” no na odi wɔn anim kɔ “ɔsa.” Henanom na ebetumi aba sɛ wɔbɛkɔ Satan afa wɔ teokrase kwan so mfirihyia apem nniso a anigye wom, na ɛma wonya nkɔso no akyi? Wiɛ, mma wo werɛ mfi sɛ Satan tumi daadaa Adam ne Hawa a na wɔyɛ pɛ no bere a na wɔwɔ Eden Paradise asetra a anigye wom mu no. Na otumi maa ɔsoro abɔfo a na wɔahu bɔne a afi mfiase atuatew no mu aba no fom kwan. (2 Petro 2:4; Yuda 6) Enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ wɔbɛdaadaa adesamma a wɔyɛ pɛ no bi ma wɔadi Satan akyi Onyankopɔn Ahenni mfirihyia apem nniso a anigye wom no akyi mpo.

22. (a) Dɛn na wɔde asɛm “amanaman a wɔwɔ asase so afanan mu” no kyerɛ? (b) Dɛn nti na wɔfrɛ atuatewfo no sɛ “Gog ne Magog”?

22 Bible frɛ saa atuatewfo yi sɛ “amanaman a wɔwɔ asase afanan mu.” Eyi nkyerɛ sɛ adesamma mu bɛpaapae bio abɛyɛ amanaman a wɔatetew wɔn ho akuwakuw. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ eyinom bɛtew wɔn ho afi Yehowa nkurɔfo atreneefo anokwafo no ho na wɔada honhommɔne koro no ara a amanaman no yi adi nnɛ no adi. Wobedwen “adwemmɔne,” sɛnea Hesekiel nkɔmhyɛ mu Gog a ofi Magog a na ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe teokrase nniso a ɛwɔ asase so no yɛe no. (Hesekiel 38:3, 10-12) Enti, wɔfrɛ wɔn “Gog ne Magog.”

23. Dɛn na wɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ atuatewfo no dodow te sɛ “mpoano anhwea” no kyerɛ?

23 Wɔn a wɔkɔka Satan ho wɔ n’atuatew no mu no dodow bɛyɛ “sɛ mpoano anhwea.” Dodow ahe? Wonnii kan nhyɛɛ dodow biara ntoo hɔ ɛ. (Fa toto Yosua 11:4; Atemmufo 7:12 ho.) Atuatewfo no dodow a etwa to koraa no begyina sɛnea obiara yɛ n’ade wɔ Satan nnaadaa nneyɛe ho no so. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛdɔɔso ara yiye, esiane sɛ wɔbɛte nka sɛ wɔn ho yɛ den sɛ wobetumi adi “ahotefo no ne kurow a wɔdɔ no no nsraban no” so nkonim nti.

24. (a) Dɛn ne “kurow a wɔdɔ no no,” na ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi atwa ho ahyia? (b) Dɛn na wɔde ‘ahotefo ho nsraban’ no gyina hɔ ma?

24 “Kurow a wɔdɔ no no” bɛyɛ kurow a Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no ka ho asɛm kyerɛ n’akyidifo wɔ Adiyisɛm 3:12 na ɔfrɛ no “me Nyankopɔn kurow a ɛyɛ Yerusalem foforo a efi soro ba fam fi me Nyankopɔn nkyɛn no.” Esiane sɛ eyi yɛ ɔsoro ahyehyɛde nti, ɛbɛyɛ dɛn na saa asase so dɔm no ‘atwa ho ahyia’? Ɛne sɛ wotwa ‘ahotefo no ho nsraban hyia.’ Nsraban wɔ kurow bi akyi; enti, ná ‘ahotefo no ho nsraban’ no begyina hɔ ama wɔn a wɔwɔ asase so wɔ baabi a Yerusalem foforo no wɔ wɔ ɔsoro no akyi a wɔde nokwaredi gyina Yehowa nniso nhyehyɛe no akyi no. Bere a atuatewfo a wɔhyɛ Satan ase no toa saa anokwafo no, Awurade Yesu bu no sɛ ɔno na wɔatoa no. (Mateo 25:40, 45) “Amanaman” no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛpopa nea ɔsoro Yerusalem Foforo no ayɛ a ɛne asase a ayɛ no paradise no afi hɔ. Enti sɛ wɔtoa ‘ahotefo ho nsraban no’ a, na wɔretoa “kurow a wɔdɔ no no” nso.

Ogya ne Sufre Tare No

25. Yohane ka nea efi atuatewfo no ntua a wɔde baa ‘ahotefo ho nsraban’ no mu ba no ho asɛm dɛn, na dɛn na eyi bɛkyerɛ ama Satan?

25 Satan mmɔdenbɔ a edi akyiri yi bedi nkonim anaa? Dadida—ɛrenni nkonim sɛnea ntua a Gog a ofi Magog de bɛba honhom mu Israel so wɔ yɛn bere so no renni nkonim no! (Hesekiel 38:18-23) Yohane ka nea ebefi mu aba no ho asɛm fefeefe: “Na ogya fi soro guu fam bɛhyew wɔn. Na Ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu, nea aboa no ne atoro diyifo no wɔ.” (Adiyisɛm 20:9b-10a) Sɛ anka wɔde Satan, ɔwɔ dedaw no, bɛhyɛ bun no mu ara kwa no, afei de wɔbɛdwerɛw no ankasa ayi no afi hɔ koraa, ayam no, asɛe no te sɛ nea wɔde ogya ahyew no.

26. Dɛn nti na “ogya ne sufre tare” no rentumi nyɛ beae bi a wɔyɛ aninyanne ankasa?

26 Yɛahu dedaw sɛ “ogya ne sufre tare” no rentumi nyɛ beae paara bi a wɔyɛ ayayade. (Adiyisɛm 19:20) Sɛ wɔbɛyɛ Satan ayayade wɔ hɔ daa a, na ɛsɛ Yehowa kora no so ma ɔtra nkwa mu. Nanso nkwa yɛ akyɛde, ɛnyɛ asotwe. Owu ne bɔne ho asotwe, na sɛnea Bible kyerɛ no, abɔde a wɔawuwu nte yaw biara. (Romafo 6:23; Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Bio nso, akyiri yi yɛkenkan sɛ wɔtow owu ankasa nso ne Hades kyene ogya ne sufre tare koro no ara mu. Nokwarem no, owu ne Hades rente yaw!—Adiyisɛm 20:14.

27. Ɔkwan bɛn so na nea ɛbaa Sodom ne Gomora so no boa yɛn ma yɛte ɔkasa ogya ne sufre tare no ase?

27 Eyi nyinaa hyɛ ntease no mu den sɛ ogya ne sufre tare no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so ade. Bio nso, ogya ne sufre din a wɔbɔe no kae yɛn nea ɛbaa tete Sodom ne Gomora a wɔn nnebɔne nti Onyankopɔn sɛee wɔn no so no. Bere a wɔn bere dui no, “[Yehowa] tɔɔ sufre ne gya fi [Yehowa] nkyɛn fii ɔsoro guu Sodom ne Gomora so.” (Genesis 19:24) Wɔfrɛ nea ɛbaa nkurow abien no so no sɛ “daa ogya” atemmu. (Yuda 7) Nanso wɔanyɛ saa nkurow abien no ayayade daa. Mmom no wɔpopaa ɛne emufo a wɔn bra asɛe no fii hɔ ma wɔyerae koraa. Saa nkurow no nni hɔ nnɛ, na obiara ntumi nkyerɛ baabi a ná ɛda pɔtee.

28. Dɛn ne ogya ne sufre tare no, na ɔkwan bɛn so na ɛnte sɛ owu, Hades ne bun no?

28 Nea ɛne eyi hyia no, Bible ankasa kyerɛkyerɛ nea ogya ne sufre tare no kyerɛ ase: “Eyi ne owuprenu no.” (Adiyisɛm 20:14) Ɛda adi sɛ ɛno ara ne Gehenna a Yesu kaa ho asɛm sɛ, baabi a wɔsɛe abɔnefo pasaa, na ɛnyɛ baabi a wɔyɛ wɔn ayayade daa. (Mateo 10:28) Ɛyɛ ɔsɛe pasaa koraa a owusɔre ho anidaso biara nni mu. Enti bere a nsafe wɔ hɔ ma owu, Hades ne bun no, wɔammɔ din sɛ safe bi wɔ hɔ a wɔde bue ogya ne sufre tare no. (Adiyisɛm 1:18; 20:1) Ɛrenyaa ne nnommum no da.​—Fa toto Marko 9:43-47 ho.

Wɔyɛ Wɔn Ayayade Awiane Anadwo Daa Daa

29, 30. Dɛn na Yohane ka fa Ɔbonsam ne aboa no ne atoro diyifo no ho, na yɛbɛte eyi ase dɛn?

29 Yohane retwe adwene asi ɔbonsam ne aboa no ne atoro diyifo no so no, ɔka kyerɛ yɛn afei sɛ: “Na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa.” (Adiyisɛm 20:10b) Dɛn na eyi betumi akyerɛ? Sɛnea yɛaka dedaw no, ntease nni mu sɛ wɔbɛka sɛ nsɛnkyerɛnne, te sɛ aboa no ne atoro diyifo no, ne owu ne Hades, betumi ate ɛyaw bi ankasa. Enti yenni nea ɛbɛma yɛagye adi sɛ Satan behu amane daapem. Wɔbɛsɛe no koraa.

30 Nea Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha maa “ayayade” a ɛne ba·sa·niʹzo, no kyerɛ titiriw ne “sɛ wɔde twɛrebo sɔ (nnade) hwɛ.” “Sɛ wɔnam ayayadeyɛ so bisabisa nsɛm” ne ne nkyerɛase a ɛto so abien. (The New Thayer’s Greek-English Lexicon of the New Testament) Wɔ nsɛm afoforo a ɛka ho no mu no, Hela asɛmfua yi a wɔde di dwuma no kyerɛ sɛ nea ɛba Satan so no bɛyɛ sɛ nea wɔde twɛrebo asɔ teɛ a Yehowa tumidi teɛ ne trenee a ɛyɛ ho ɔsɛmpɔw no ahwɛ prɛko. Ná wɔabua amansan so tumidi ho ɔsɛmpɔw no prɛko. Ɛho renhia bio da sɛ wɔbɛsɔ Yehowa tumidi ho mpoatwa bi ahwɛ bere tenten bi na wɔde ahu sɛ ɛnteɛ.​—Fa toto Dwom 92:1, 15 ho.

31. Ɔkwan bɛn so na Hela nsɛmfua abien a ɛkyerɛ ade biako a ɛne “ayayade” no boa yɛn ma yɛte asotwe a ɛba Satan Ɔbonsam so no ase?

31 Nea ɛka ho bio no, wɔde asɛmfua a ɛte sɛ ɛno, ba·sa·ni·stesʹ, “nea ɔyɛ ayayade,” di dwuma wɔ Bible mu de kyerɛ “afiasehwɛfo.” (Mateo 18:34, Kingdom Interlinear) Nea ɛne eyi hyia no, wɔde Satan bɛto afiase ogya tare no mu daa; wɔrennyaa no da. Nea etwa to no, wɔ Hela Septuagint a ná Yohane nim no yiye no mu no, wɔde asɛmfua baʹsa·nos a ɛte sɛ ɛno ara di dwuma de ka animguase a ɛde kɔ owu mu ho asɛm. (Hesekiel 32:24, 30) Eyi boa yɛn ma yehu sɛ asotwe a Satan nya no yɛ daa owu a animguase wom wɔ ogya ne sufre tare no mu. Ne nnwuma ne no wu.​—1 Yohane 3:8.

32. Asotwe bɛn na adaemone no benya, na yɛyɛ dɛn hu?

32 Bio, wɔammɔ adaemone din wɔ nkyekyem yi mu. Wɔbɛsan wɔne Satan wɔ mfirihyia apem no awiei na afei wɔne no anya daa owu asotwe no anaa? Adanse no bua sɛ yiw. Nguanten ne mpapo ho bɛ no mu no, Yesu kae sɛ mpapo no befi hɔ akɔ “daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu!” (Mateo 25:41) Nea asɛm “daa ogya” no kyerɛ ara ne ogya ne sufre tare a wɔbɛtow Satan akyene mu no. Wɔtow Ɔbonsam abɔfo no fi soro kaa ne ho gui. Ɛda adi sɛ wɔne no na ɛkɔɔ bun no mu Mfirihyia Apem Ahenni no mfiase mu hɔ no. Ɛnde, nea ɛne eyi hyia no, wɔbɛsɛe wɔn nso aka ne ho wɔ ogya ne sufre tare no mu.​—Mateo 8:29.

33. Genesis 3:15 mu nsɛm a edi akyiri bɛn na ɛbɛba mu saa bere no, na asɛm bɛn na Yehowa honhom twe Yohane adwene si so afei?

33 Ɔkwan yi so na nkɔmhyɛ a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Genesis 3:15 no mu nsɛm a edi akyiri no ba mu. Bere a wɔtow Satan kyene ogya tare no mu no, obewu te sɛ ɔwɔ a wɔde dade mpaboa nantin atia ne ti so apɛtɛw no. Ná ɔne n’adaemone no afi hɔ koraa. Wɔmmɔ wɔn din bio wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Afei, bere a wɔayi eyinom afi hɔ nkɔmhyɛ kwan so no, Yehowa honhom twe adwene si asɛm bi a ɛho hia ma wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no so: Dɛn na ebefi “ahene mu Hene” no ne “wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wodi no nokware no” ɔsoro nniso no mu aba ama adesamma? (Adiyisɛm 17:14) Sɛnea ɛbɛyɛ na Yohane abua no, ɔde yɛn san akyi bio kɔ Mfirihyia Apem Ahenni no mfiase.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Kyerɛw nsɛm afoforo ka sɛ ná Yesu wɔ Hades bere a owui no. (Asomafo no Nnwuma 2:31) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ Hades ne bun no yɛ ade koro bere nyinaa. Bere a aboa no ne Satan kɔ bun no mu no, adesamma nkutoo na wɔka sɛ wɔkɔ Hades, baabi a wɔadeda owu mu kosi sɛ wobenyan wɔn.​—Hiob 14:13; Adiyisɛm 20:13.

^ nky. 11 Ɛte sɛ nea na akuma (Hela, peʹle·kus) ne ade a wɔde kunkum nnipa wɔ Roma, ɛwom sɛ eduu Yohane bere so no, na nkrante na wɔtaa de di dwuma de. (Asomafo no Nnwuma 12:2) Enti, nea Hela asɛmfua, pe·pe·le·kis·meʹnon (“wɔde akuma twitwaa wɔn ti”), no kyerɛ ara ne sɛ “wokunkum wɔn.”

^ nky. 13 Nea ɛyɛ anigye no, afeha a ɛto so anan no mu abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius bɔ amanneɛ sɛ Papias a ofi Hierapolis, a wɔte ase sɛ onyaa Bible mu nimdeɛ a ɔwɔ no bi fii Yohane a ɔkyerɛw Adiyisɛm no asuafo nkyɛn no gyee Kristo Mfirihyia Apem Ahenni ankasa dii (ɛwom sɛ Eusebius ne no annyɛ adwene koraa).​—The History of the Church, Eusebius, III, 39.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 293 mfonini]

Po a Awu no. Baabi a ebetumi aba sɛ ɛhɔ na Sodom ne Gomora da

[Kratafa 294 mfonini]

“Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin”