Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adansefo Baanu no a Wonyan Wɔn

Adansefo Baanu no a Wonyan Wɔn

Ti 25

Adansefo Baanu no a Wonyan Wɔn

1. Dɛn na ɔbɔfo hoɔdenfo no ka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔnyɛ?

ANSA na due a ɛto so abien no retwam koraa no, ɔbɔfo hoɔdenfo no frɛ Yohane sɛ ommenya nkɔmhyɛsɛm foforo bi mu kyɛfa, na na eyi fa asɔredan no ho. (Adiyisɛm 9:12; 10:1) Amanneɛbɔ a Yohane de ma no ni: “Na wɔmaa me demmire a ɛte sɛ abaa kae sɛ: Sɔre na susuw Onyankopɔn asɔredan ne afɔremuka ne wɔn a wɔsɔre wom no.”—Adiyisɛm 11:1.

Asɔredan Kronkronbea no

2. (a) Asɔredan kronkronbea bɛn na na ɛbɛtra hɔ abedu yɛn bere so pɛɛ? (b) Hena ne asɔredan kronkronbea no Sɔfo Panyin no, na dɛn ne emu Kronkron mu Kronkron no?

2 Asɔredan a wɔbɔ din wɔ ha no rentumi nyɛ asɔredan ankasa bi a ɛwɔ Yerusalem, esiane sɛ na Romafo asɛe eyinom mu nea edi akyiri no wɔ 70 Y.B. mu nti. Nanso, ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ ansa na saa ɔsɛe no bɛba mpo no, asɔredan kronkron foforo a ɛbɛtra hɔ ara abedu yɛn bere so bɛba. Na eyi ne honhom mu asɔredan kɛse a ɛmaa ntamadan no ne akyiri yi asɔredan ahorow a wosisii wɔ Yerusalem no nkɔmhyɛ mu nhwɛsode no baa mu no. Ɛne “nokware ntamadan a Yehowa sii, na ɛnyɛ onipa” no, na ne Sɔfo Panyin ne Yesu a Paulo ka ne ho asɛm sɛ “wakɔtra Tumi kɛse ahengua no nifa, ɔsoro” dedaw no. Ne Kronkron mu Kronkron no ne faako a Yehowa te wɔ ɔsoro ankasa.​—Hebrifo 8:1, 2; 9:11, 24, New World Translation.

3. Wɔ ntamadan no mu no, dɛn ho mfonini na wɔde (a) mmɔhɔɔ a etwa Kronkron mu Kronkron ne Kronkronbea no ntam no (b) mmoa afɔrebɔ no? (d) afɔremuka no yɛe?

3 Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ntamadan no mu mmɔhɔɔ a etwa Kronkron mu Kronkron no ne Kronkronbea no ntam no yɛ Yesu honam ho mfonini. Bere a Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre no, mmɔhɔɔ yi mu tew abien, kyerɛ sɛ afei de na Yesu honam no nyɛ akwanside bio mma Yehowa anim a ɔbɛkɔ wɔ ɔsoro no. Yesu afɔrebɔ no nti, n’asɔfo nkumaa a wɔasra wɔn a wowuwu nokwaredi mu no nso betwam akɔ soro bere a ɛsɛ mu. (Mateo 27:50, 51; Hebrifo 9:3; 10:19, 20) Paulo kyerɛ nso sɛ mmoa afɔre a wɔkɔ so bɔ wɔ ntamadan no mu no kyerɛɛ afɔre koro no a Yesu de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no bɛbɔ. Na afɔremuka a esi adiwo hɔ no gyina hɔ ma Yehowa nsiesiei, sɛnea ne pɛ te, a ɔde gye Yesu afɔrebɔ no tom ma—“bebree”—wɔn a wɔasra wɔn ne akyiri yi nguan foforo no “a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagye mu,” sɛnea ne pɛ te.​—Hebrifo 9:28; 10:9, 10; Yohane 10:16.

4. Dɛn ho sɛnkyerɛnne na wɔde (a) Kronkronbea no (b) adiwo a ɛwɔ emu fam no yɛe?

4 Yegyina asɛm a wɔnam honhom so fi soro aka yi so betumi aka sɛ, Kronkronbea a na ɛwɔ ntamadan no mu no yɛ tebea kronkron bi a Kristo nyaa kan, na afei ahene asɔfokuw a wɔyɛ 144,000 a wɔasra wɔn no mufo no wɔ bere a wɔda so ara wɔ asase so, ansa na wɔafa “mmɔhɔɔ” no mu akɔhyɛn mu no ho mfonini. (Hebrifo 6:19, 20; 1 Petro 2:9) Egyina hɔ ma gye a wɔagye wɔn sɛ Onyankopɔn honhom mu mma sɛnea nso Onyankopɔn gyee Yesu too mu sɛ ne Ba wɔ Yesu asubɔ wɔ Yordan mu wɔ 29 Y.B. akyi no ma ɛfata. (Luka 3:22; Romafo 8:15) Na adiwo a ɛwɔ emu hɔ a ɛno nkutoo ne ntamadan no mu fã a Israelfo a wɔnyɛ asɔfo no tumi hu a ɛyɛ baabi na wɔbɔ afɔre no nso ɛ? Eyi yɛ Onipa Yesu no gyinabea a ɛyɛ pɛ a ɛma ɔfatae sɛ ɔde ne nkwa to hɔ ma adesamma no ho mfonini. Egyina hɔ ma trenee gyinabea a wogyina Yesu afɔrebɔ no so de ma n’akyidifo a wɔasra wɔn bere a wɔwɔ asase so sɛ ahotefo no nso. *Romafo 1:7; 5:1.

Asɔredan no Kronkronbea no Susuw

5. Hebri Kyerɛwnsɛm nkɔmhyɛ ahorow mu no, dɛn na wɔde (a) susuw a wosusuw Yerusalem no (b) Hesekiel anisoadehu mu asɔredan no susuw kyerɛ?

5 Wɔka kyerɛ Yohane sɛ ‘susuw Onyankopɔn asɔredan kronkronbea ne afɔremuka ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no.’ Eyi kyerɛ dɛn? Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ ahorow no mu no, adesusuw a ɛte saa no de adanse ma de kyerɛ sɛ wɔnam Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛyɛ pɛ no so bebu atɛn. Ɔhemmɔne Manase nna no mu no, susuw a wosusuw Yerusalem wɔ nkɔmhyɛ mu no dii adanse sɛ wontumi nsakra ɔsɛe atemmu a ɛbɛba saa kuropɔn no so no. (2 Ahene 21:13; Kwadwom 2:8) Nanso, akyiri yi, bere a Yeremia hui sɛ wɔresusuw Yerusalem no, eyi sii so dua sɛ wɔbɛsan akyekye kurow no bio. (Yeremia 31:39; hwɛ Sakaria 2:2-8 nso.) Saa ara nso na na anisoadehu a Hesekiel hui no mu asɔredan no a wosusuw no pɛpɛɛpɛ kɔɔ akyiri no yɛɛ adanse maa Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no sɛ wɔbɛsan de nokware som asi hɔ bio wɔ wɔn kurom asase so. Ɛbɔɔ wɔn nkae nso sɛ, Israelfo no mfomso ahorow nti, efi saa bere no rekɔ no, ɛsɛ sɛ wotumi du Onyankopɔn gyinapɛn kronkron ahorow no ho.​—Hesekiel 40:3, 4; 43:10.

6. Ka a wɔka kyerɛɛ Yohane sɛ onsusuw Asɔredan Kronkronbea no ne asɔfo a wɔsom wom no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Enti, bere a wɔde ahyɛde no ma Yohane sɛ onsusuw asɔredan kronkronbea no ne asɔfo a wɔsom wom no, na ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ hwee nni hɔ a ebetumi asiw Yehowa atirimpɔw ahorow a ɛfa asɔredan nhyehyɛe no ne wɔn a wɔwom ho no mmamu kwan, ne sɛ saa atirimpɔw ahorow no rebɛn n’awiei. Afei a wɔde nneɛma nyinaa ahyɛ Yehowa ɔbɔfo hoɔdenfo no nan ase no, bere adu sɛ wɔde “[Yehowa] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi.” (Yesaia 2:2-4) Ɛsɛ sɛ wɔma Yehowa ɔsom kronn so wɔ wae a Kristoman awae mfehaha pii no nyinaa akyi. Bere adu nso sɛ wonyan Yesu nuanom anokwafo a wɔawuwu no kɔ “Kronkron mu Kronkron” hɔ. (Daniel 9:24; 1 Tesalonikafo 4:14-16; Adiyisɛm 6:11; 14:4) Na ɛsɛ sɛ wosusuw “yɛn Nyankopɔn nkoa” a wɔasɔw wɔn ano a wɔwɔ asase so no mufo a wodi akyiri no sɛnea ɔsoro gyinapɛn ahorow no te, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔafata ama wɔn daa afa wɔ asɔredan nhyehyɛe no mu sɛ Onyankopɔn mma a wɔde honhom awo wɔn. Yohane kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no nim saa gyinapɛn kronkron no yiye na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne no ahyia.​—Adiyisɛm 7:1-3; Mateo 13:41, 42; Efesofo 1:13, 14; fa toto Romafo 11:20 ho.

Adiwo no So a Wotiatia

7. (a) Dɛn nti na wɔka kyerɛɛ Yohane sɛ mma onsusuw adiwo no? (b) Bere bɛn na wotiatiaa kurow kronkron no so asram 42? (d) Ɔkwan bɛn so na Kristoman asɔfo antumi ankura Yehowa trenee gyinapɛn ahorow no mu asram 42?

7 Dɛn nti na wɔbaraa Yohane sɛ mma onsusuw adiwo hɔ? Ɔka kyerɛ yɛn wɔ nsɛm yi mu sɛ: “Na adiwo a ɛwɔ asɔredan no kronkronbea akyi no de, gyaw to hɔ koraa na nsusuw, efisɛ wɔde ama amanaman, na wobetiatia kurow kronkron no so asram aduanan abien.” (Adiyisɛm 11:2, NW) Yɛahu sɛ adiwo a ɛwɔ emu no yɛ Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no trenee gyinabea wɔ asase so ho mfonini. Sɛnea yebehu no, nea wɔka ho asɛm wɔ ha no yɛ asram 42 ankasa a efi December 1914 kosi June 1918 bere a wɔsɔɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nyinaa hwɛe denneennen no. So wobekura Yehowa trenee gyinapɛn ahorow no mu saa ɔko mfe no mu anaa? Dodow no ara anyɛ saa. Sɛ kuw no, Kristoman asɔfo de ɔmampɛ dii osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn mmara no anim kan. Wɔ ɔko a wɔkoo no Kristoman mu no afanu nyinaa no, asɔfo no kasa kyerɛ mmerante ma wɔde wɔn ho hyɛɛ mu. Wokunkum ɔpepem pii. Bere a atemmu fii ase fii Onyankopɔn fi so wɔ 1918 mu no, na United States nso de ne ho ahyɛ saa mogyahwiegu no mu, na Kristoman nyinaa mu asɔfo no adi mogya ho fɔ a ɛda so ara teɛm frɛ Onyankopɔn aweredi. (1 Petro 4: 17) To a wɔato wɔn agu no abɛyɛ nea ɛtra hɔ daa, a wontumi nsan.​—Yesaia 59:1-3, 7, 8; Yeremia 19:3, 4.

8. Wɔ Wiase Nyinaa Ko I bere mu no, dɛn na Bible Asuafo no mu pii hui, na dɛn na wɔanhu anwie?

8 Na Bible Asuafo kuw ketewa no nso ɛ? So na wogyina wɔn ho a wɔde bata ɔsoro gyinapɛn ahorow ho no so besusuw wɔn amonom hɔ ara wɔ 1914 mu? Dabi. Te sɛ Kristoman mufo a wose wɔyɛ Kristofo no, na ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn nso hwɛ. Na ‘wɔagyaw wɔn koraa, de wɔn ama amanaman no’ na wɔasɔ wɔn ahwɛ denneennen ataa wɔn. Wɔn mu pii hui sɛ ɛnsɛ sɛ wofi adi kokunkum wɔn mfɛfo nnipa, nanso saa bere no na wonwiee afã biara a Kristofo nnyina no ase te koraa. (Mika 4:3; Yohane 17:14, 16; 1 Yohane 3:15) Amanaman no nhyɛso ase no, ebinom gyaa mu.

9. Dɛn ne kurow kronkron a amanaman no tiatiaa so no, na asase so no, henanom na wogyina kurow yi ananmu?

9 Nanso ɔkwan bɛn so na saa amanaman no tiatiaa kurow kronkron no so? Ɛda adi pefee sɛ na eyi nkyerɛ Yerusalem a wɔsɛee no bɛboro mfe 25 ansa na wɔkyerɛw Adiyisɛm no. Mmom no, kurow kronkron no ne Yerusalem Foforo a akyiri yi wɔkaa ho asɛm wɔ Adiyisɛm mu, a afei Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asɔredan no adiwo a ɛwɔ emu fam no nkae no na wogyina ananmu wɔ asase so. Bere bi akyi no, eyinom nso bɛba abɛyɛ kurow kronkron no fa. Enti tia a wobetiatia wɔn so no kyerɛ kurow no ankasa so a wotiatia.​—Adiyisɛm 21:2, 9-21.

Adansefo Baanu No

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo anokwafo yɛ bere a wotiatia wɔn so no?

10 Bere a wɔretiatia anokwafo yi so mpo no, wonnyae sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo anokwafo. Enti, nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “‘Na mɛma m’adansefo baanu afurafura atweaatam abɛhyɛ nkɔm nna apem ahanu aduosia.’ Eyinom ne ngodua abien ne akaneadua abien a egyinagyina asase wura anim no ho sɛnkyerɛnne.”—Adiyisɛm 11:3, 4, NW.

11. Na dɛn na ɛkyerɛ ma Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no sɛ wɔbɛhyɛ nkɔm “atweaatam mu”?

11 Na Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn yi hia boasetɔ, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nkɔm “atweaatam” mu. Ná dɛn na eyi kyerɛ? Wɔ Bible mmere mu no na wɔtaa de atweaatam yɛ awerɛhowdi ho sɛnkyerɛnne. Fura a obi befura no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ awerɛhow anaa ahohia ama wabotow. (Genesis 37:34; Hiob 16:15, 16; Hesekiel 27:31) Wɔde atweaatam bataa ɔsɛe anaa awerɛhow nkɔmmɔdi nkrasɛm a na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn adiyifo ka kyerɛ no ho. (Yesaia 3:8, 24-26; Yeremia 48:37; 49:3) Atweaatam fura betumi akyerɛ ahobrɛase anaa ahonu a wonya esiane ɔsoro kɔkɔbɔ nti. (Yona 3:5) Ɛte sɛ nea atweaatam a Adansefo baanu no furafurae no kyerɛ wɔn ahobrɛase a wɔde tɔɔ wɔn bo ase wɔ Yehowa atemmu ahorow a wɔka kyerɛ no mu. Na wɔyɛ adansefo a wɔka n’aweredi da a ɛde nkɔmmɔdi bɛbrɛ amanaman no nso no kyerɛ.​—Deuteronomium 32:41-43.

12. Dɛn nti na ɛte sɛ nea bere a wɔde betiatia kurow kronkron no so no yɛ bere pɔtee bi ankasa?

12 Na ɛsɛ sɛ Yohane kuw no ka nkrasɛm yi kyerɛ bere pɔtee bi: nnafua 1,260, anaasɛ asram 42, a ɛne bere tenten a wɔde betiatia kurow kronkron no so no ara. Ɛte sɛ nea bere yi nyɛ mfonini kwan so de, efisɛ wɔkaa no akwan horow abien so, nea edi kan wɔ asram mu na afei nnafua mu. Nea ɛka ho bio no, Awurade da no mfiase mu hɔ no, na mfe abiɛsa ne fa bere bi a wɔahyɛ no agyirae a nsɛnnennen a Onyankopɔn nkurɔfo hyiae a ɛne nsɛm a esisii a wɔahyɛ ho nkɔm wɔ ha no hyiae no wɔ hɔ—na efii ase fi December 1914 na ɛtoaa so ara koduu June 1918. (Adiyisɛm 1:10) Wɔkaa “atweaatam” nkrasɛm bi a ɛfa Yehowa atemmu a ɔde ba Kristoman ne wiase no so ho.

13. (a) Dɛn na wɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ho sɛnkyerɛnne sɛ adansefo baanu no kyerɛ? (b) Sakaria nkɔmhyɛ bɛn na adansefo baanu a Yohane frɛɛ wɔn “ngodua abien ne akaneadua abien” no twe yɛn adwene kɔ so?

13 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde adansefo baanu yɛɛ ho mfonini no si so dua ma yɛn sɛ na wɔn nkrasɛm no yɛ nokware na na ɛwɔ nnyinaso pa. (Fa toto Deuteronomium 17:6; Yohane 8:17, 18 ho.) Yohane frɛ wɔn sɛ “ngodua abien ne akaneadua abien,” na ose ‘wogyinagyina asase wura anim.’ Eyi twe adwene si Sakaria a ohuu kaneadua a n’abaa yɛ ason ne ngodua abien no nkɔmhyɛ no so. Wɔkyerɛe sɛ na ngodua no yɛ “ngodua mma baanu” a wɔne Amrado Serubabel ne Ɔsɔfo Panyin Yosua “a wogyinagyina asase nyinaa wura nkyɛn” no ho mfonini.​—Sakaria 4:1-3, 14.

14. (a) Dɛn na wɔde Sakaria anisoadehu a ɛfa ngodua abien no ho no ne akaneadua no kyerɛe? (b) Dɛn na na ɛbɛba Kristofo a wɔasra wɔn no so wɔ wiase ko a edi kan no mu?

14 Sakaria traa ase wɔ bere a na wɔresan akyekye Yerusalem, na ngodua abien anisoade a ohui no kyerɛe sɛ wɔde Yehowa honhom behyira Serubabel ne Yosua na ahyɛ nkurɔfo no den ama wɔayɛ adwuma. Kaneadua no ho anisoadehu no kaee Sakaria sɛ ‘ommu nneɛma nketewa da no animtiaa’ efisɛ na Yehowa atirimpɔw ahorow no bɛba mu—“ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na me honhom so, asafo [Yehowa] na ose.” (Sakaria 4:6, 10; 8:9) Na wɔde Kristofo kuw ketewaa a wɔkɔ so ara sɛ wɔde nokware hann bɛma adesamma wɔ wiase ko a edi kan bere no mu no bedi dwuma wɔ adansi adwuma bi a ɛte saa ara mu. Wɔn nso wɔbɛyɛ nkuranhyɛ fibea na ɛwom sɛ wosua de, nanso wobesua sɛ wɔde wɔn ho bɛto Yehowa ahoɔden so na wɔremmu mfiase ketewa nna no animtiaa.

15. (a) Dɛn nso na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔkaa Kristofo a wɔasra wɔn no ho asɛm sɛ adansefo baanu no kae yɛn? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Sɛnkyerɛnne ahorow bɛn na wɔmaa adansefo baanu no tumi sɛ wɔnyɛ?

15 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ adansefo baanu no kae yɛn ahosakra no nso. Wɔ saa anisoadehu no mu no, Yesu asomafo no mu baasa huu no wɔ Ahenni anuonyam mu a Mose ne Elia ka ne ho. Eyi yɛɛ Yesu anuonyam agua so a ɔtrae wɔ 1914 mu na ama wayɛ adwuma bi a saa adiyifo baanu no yɛɛ ho nsusuwso no ho mfonini. (Mateo 17:1-3) Nea ɛfata no, wohu adansefo baanu yi afei sɛ wɔyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛ nea Mose ne Elia yɛe no. Sɛ nhwɛso no, Yohane ka wɔn ho asɛm sɛ: “Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, ogya fi wɔn anom bɛmene wɔn atamfo: na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, etwa sɛ wokum no saa ara. Eyinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu na osu antɔ wɔn [nkɔmhyɛ] nna no mu.”—Adiyisɛm 11:5, 6a.

16. (a) Ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne a ɛfa ogya ho no kae yɛn bere a wogyee tumi a Mose wɔ no ho kyim wɔ Israel no? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristoman asɔfo twaa Bible Asuafo no mpoa na wɔhaw wɔn wiase ko a edi kan bere no mu, na eyinom ne wɔn koe dɛn?

16 Eyi kae yɛn bere a wogyee tumi a na Mose wɔ no ho kyim wɔ Israel no. Saa odiyifo no kaa atemmusɛm a emu yɛ den, na Yehowa sɛee atuatewfo no, na ɔde gya ankasa fi soro hyew wɔn mu 250. (Numeri 16:1-7, 28-35) Saa ara nso na Kristoman mpanyimfo twaa Bible Asuafo no mpoa kae sɛ eyinom nkɔɔ nyamekyerɛ sukuu akunini bi da. Nanso na Onyankopɔn adansefo no wɔ nkamfo krataa a ɛkyɛn so sɛ asomfo: ahobrɛasefo a wotiee wɔn Kyerɛwnsɛm mu nkrasɛm no. (2 Korintofo 3:2, 3) Wɔ 1917 mu no, Bible Asuafo no tintim The Finished Mystery nhoma a ɛyɛ Adiyisɛm ne Hesekiel nhoma no ho nkyerɛkyerɛmu bi a tumi wom no. Wɔde kratawa a ekura nkratafa anan a ɛne The Bible Students Monthly no dodow 10,000,000 a wɔkyekyɛe a ekura asɛm a wɔtoo din “Babilon Asehwe—Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Kristoman Hu Amane—Nea Edi Akyi a Ebefi mu Aba” dii eyi akyi. Wɔ United States no, asɔfo a wɔn bo afuw de ɔko ho anikrakra no dii dwuma sɛ anoyi de ma wɔbaraa nhoma no. Aman afoforo mu no, wɔhwehwɛɛ nhoma no mu yiyii mu nea wɔmpɛ. Nanso Onyankopɔn asomfo kɔɔ so de kratawa a ekura nkratafa anan a emu yɛ hyew a wɔtoo din Kingdom News no ne wɔn koe. Bere a Awurade da no rekɔ anim no, nhoma afoforo bɛkɔ so ama Kristoman honhom mu tebea a asɛe no ada adi pefee.​—Fa toto Yeremia 5:14 ho.

17. (a) Nsɛm a esisii Elia bere so bɛn na ɛfa osukɔm ne ogya ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ogya fii adansefo baanu no anom, na ɔpɛ a asi bɛn na ɛho asɛm wom?

17 Na Elia nso ɛ? Israel ahene no nna no mu no, odiyifo yi hyɛɛ osu a ɛrentɔ sɛ Yehowa abufuw adi a oyi tia Israelfo a na wɔsom Baal no ho nkɔm. Edii mfe abiɛsa ne fa. (1 Ahene 17:1; 18:41-45; Luka 4:25; Yakobo 5:17) Akyiri yi, bere a Ɔhene Ahasia a wanni nokware no somaa asraafo sɛ wɔnkɔhyɛ Elia ma ɔmmra n’anim no, odiyifo no frɛɛ ogya fii soro ma ɛbɛhyew asraafo no. Bere a ɔsraani panyin bi kyerɛɛ obu a ɛfata maa ne dibea sɛ odiyifo no nkutoo ansa na Elia penee so na ɔne no kɔɔ ɔhene no anim. (2 Ahene 1:5-16) Saa ara nso na wɔ 1914 ne 1918 ntam hɔ no, nkaefo a wɔasra wɔn no de akokoduru twee adwene kɔɔ honhom mu ɔpɛ a asi wɔ Kristoman mu no so na wɔbɔɔ atemmu a ano yɛ den a ɛbɛba “[Yehowa] da kɛse a ɛyɛ hu no” mu no ho kɔkɔ.​—Malaki 4:1, 5; Amos 8:11.

18. (a) Tumi bɛn na wɔde maa adansefo baanu no, na ɔkwan bɛn so na eyi ne nea wɔde maa Mose no sɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na adansefo baanu no paa Kristoman ho ntama?

18 Yohane kɔ so ka wɔ adansefo baanu no ho sɛ: “Na wɔwɔ nsu so tumi sɛ wɔma ɛdan mogya, ne sɛ wɔde haw biara haw asase da biara a wɔpɛ.” (Adiyisɛm 11:6b) Sɛnea ɛbɛyɛ na Yehowa ama Farao agyae Israel ma wɔakɔ no, ɔde Mose dii dwuma ma ɔde ɔhaw ahorow baa Misraim a ná ɛyɛ nhyɛsofo no so na ná nsu a ɔma ɛdan mogya nso ka ho. Ɛno akyi mfehaha pii no, Israelfo atamfo a wɔne Filistifo no kaee Yehowa nnwuma a ɔyɛ tiaa Misraim no yiye na ɛma wɔteɛm sɛ: “Hena na obegye yɛn afi Onyankopɔn otumfoɔ yi nsam? Oyi ne Nyankopɔn a ɔde okum [“ɔhaw,” Twi Bible] ahorow biara bobɔɔ Misraim wɔ sare so no.” (1 Samuel 4:8, NW; Dwom 105:29) Mose yɛɛ Yesu a ɔwɔ tumi sɛ ɔka Onyankopɔn atemmu ahorow gu nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no so no ho mfonini. (Mateo 23:13; 28:18; Asomafo no Nnwuma 3:22) Wɔ wiase ko a edi kan bere no mu no, Kristo nuanom, adansefo baanu no, paa “nsu” a ekum nnipa a na Kristoman de ma ne nguankuw no ho ntama.

Wokum Adansefo Baanu No

19. Sɛnea Adiyisɛm kyerɛ no, dɛn na ɛba bere a adansefo baanu no wie wɔn adansedi no?

19 Na ɔhaw a wɔde baa Kristoman so no mu yɛ den araa ma adansefo baanu no hyɛɛ nkɔm asram 42 wɔ atweaatam mu akyi no, Kristoman de nkɛntɛnso a ɛwɔ wɔ wiase no dii dwuma ma ‘wokunkum wɔn.’ Yohane kyerɛw sɛ: “Na sɛ wowie wɔn adansedi a, aboa a ofi ebun no mu no betu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wakum wɔn. Na wɔn afunu bɛdeda kurow kɛse no abɔnten so, ɛno na honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, nea wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛndua mu no. Na nkurɔfo ne mmusuakuw ne ɔkasa horow ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɔda mu. Na wɔn a wɔtete asase so ani begye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yam, na wɔamenamena wɔn ho ade, efisɛ adiyifo baanu yi ahaw wɔn a wɔte asase so.”—Adiyisɛm 11:7-10.

20. Dɛn ne “aboa a ofi ebun no mu no”?

20 Eyi ne aboa bi ho asɛm 37 a wɔaka wɔ Adiyisɛm mu no mu nea edi kan. Bere a ɛsɛ mu no yɛbɛhwehwɛ eyi ne mmoa afoforo ho nsɛm mu akɔ akyiri. Ɛdɔɔso sɛ yɛbɛka mprempren sɛ “aboa a ofi ebun no mu no” yɛ nea Satan de bae, a ɛyɛ amammui nneɛma nhyehyɛe bi a ɛda so ara wɔ hɔ. *—Fa toto Adiyisɛm 13:1; Daniel 7:2, 3, 17 ho.

21. (a) Ɔkwan bɛn so na adansefo baanu no nyamesomfo atamfo no de ɔko tebea no dii dwuma? (b) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wogyaw adansefo baanu no afunu guu hɔ a wɔansie wɔn no kyerɛ dɛn? (d) Yebebu nnansa ne fã bere no dɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

21 Efi 1914 kosi 1918 mu no, na amanaman no reko wiase ko a edi kan no. Na ɔmampɛ nkate mu ayɛ den na 1918 fefɛw bere mu no, adansefo baanu no nyamesomfo atamfo no de tebea no dii dwuma. Wokyinkyim Ɔman mmara nhyehyɛe no ma enti wotwaa atosɛm too Bible Asuafo asomfo atitiriw so sɛ wotutu ɔman ase ma wɔde wɔn koguu afiase. Wɔn ahokafo adwumayɛfo anokwafo yɛɛ basaa. Ɛkame ayɛ sɛ Ahenni dwumadi no gyaee koraa. Na ɛte sɛ nea asɛnka adwuma no agu. Bible mmere mu no, na ɛyɛ animguase kɛse sɛ wɔrensie obi wɔ ɔda mu. (Dwom 79:1-3; 1 Ahene 13:21, 22) Enti, ahohorabɔ kɛse na ɛbɛka adansefo baanu a ná wɔagyaw wɔn agu hɔ a wɔansie wɔn no. Wɔ Palestina wim tebea a emu yɛ hyew no mu no, na funu a wɔagyaw ato abɔnten so saa no befi ase abɔn ankasa wɔ nnansa ne fã akyi. * (Fa toto Yohane 11:39 ho.) Enti nkɔmhyɛ no mu nkyerɛkyerɛmu yi kyerɛ animguase a ɛtoo adansefo baanu no. Bere a wɔde asɛm no kɔdan asennibea kɛse mpo no, wɔamma wɔanni wɔn a wɔde wɔn guu afiase a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no agyinam anyi wɔn. Wɔma wɔdaa baguam kyɛe sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɔn “kurow kɛse” no mufo no. Nanso na dɛn ne “kurow kɛse” yi?

22. (a) Dɛn ne kurow kɛse no? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔman mu atesɛm nkrataa no kɔkaa asɔfo no ho dii ahurusi wɔ adansefo baanu no ano a wɔma wɔka too mu no ho? (Hwɛ adaka no mu.)

22 Yohane ma yɛn biribi a yebetumi de ate ase. Ose wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu wɔ hɔ. Enti ntɛm ara yɛn adwene ba Yerusalem so. Ɔka nso sɛ wɔfrɛ kurow kɛse no sɛ Sodom ne Misraim. Wiɛ, bere bi wɔfrɛɛ Yerusalem ankasa sɛ Sodom esiane ne nneyɛe fi no nti. (Yesaia 1:8-10; fa toto Hesekiel 16:49, 53-58 ho.) Ɛtɔ mmere bi a wɔde Misraim a na ɛne wiase tumi a edi kan no yɛ wiase yi nneɛma nhyehyɛe no ho mfonini. (Yesaia 19:1, 19; Yoel 3:19) Enti, kurow kɛse yi yɛ “Yerusalem” a ne ho agu fi a ɛkyerɛ sɛ ɛsom Onyankopɔn nanso abɛyɛ nea ɛho ntew na ɛyɛ bɔne, te sɛ Sodom, na ɛyɛ Satan wiase nneɛma nhyehyɛe yi fa te sɛ Misraim no ho mfonini. Ɛyɛ Kristoman, Yerusalem a anni nokware no nnɛyi sɛso, ahyehyɛde a emufo ani gyei kɛse bere a wɔmaa adansefo baanu no asɛnka a ɛhaw wɔn no gyaee no ho mfonini.

Wɔanyan Wɔn Bio!

23. (a) Nnansa ne fã akyi no, dɛn na ɛbaa adansefo baanu no so, na ɛkaa wɔn atamfo no dɛn? (b) Bere bɛn na Adiyisɛm 11:11, 12 ne Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛfa home a Yehowa home guu nnompe a ɛho akokwaw wɔ obon bi mu so no nyaa ne mmamu nnɛ bere yi mu?

23 Ɔman atesɛm nkrataa no kɔkaa asɔfo no ho bɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo adapaa, na atesɛm krataa biako kae sɛ: “Wɔama The Finished Mystery no asa.” Nanso, na biribiara nni hɔ a ɛne nokware ntam ware sen eyi! Adansefo baanu no anka owu mu. Yɛkenkan sɛ: “Na nnansa ne fa no akyi no, nkwa honhom fii Nyankopɔn mu bɛhyɛn wɔn mu, na wogyinagyinaa wɔn anan so, na ehu kɛse kaa wɔn a wohuu wɔn no. Na wɔtee nne kɛse bi fi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa omununkum no mu, na wɔn atamfo no huu wɔn.” (Adiyisɛm 11:11, 12) Enti wohuu biribi a ɛne nnompe a ɛho akokwaw wɔ obon a Hesekiel kɔɔ mu wɔ anisoadehu mu no sɛ. Yehowa home guu saa nnompe a ɛho akokwaw no so, na wonyaa nkwa, na ɛyɛɛ Israel man a wɔwoo no foforo wɔ mfe 70 Babilon nnommumfa no akyi no ho mfonini. (Hesekiel 37:1-14) Nkɔmhyɛ abien a ɛwɔ Hesekiel ne Adiyisɛm mu no nyaa wɔn nnɛyi mmamu a ɛyɛ nwonwa wɔ 1919 mu bere a Yehowa san de n’adansefo a “wɔawuwu” no baa akwahosan mu no.

24. Bere a adansefo baanu no nyaa nkwa no, ɛkaa nyamesomfo a wɔtaa wɔn no dɛn?

24 Abotu ntraso bɛn ara na ɛyɛ maa ataafo no sɛɛ yi! Mpofirim na adansefo baanu no afunu no nyaa nkwa na wɔkekaa wɔn ho bio. Na ɛyɛ aduru bi a ɛyɛ nwene ma saa asɔfo no sɛ wɔbɛmene, titiriw no esiane sɛ wogyaa Kristofo asomfo a wɔbɔɔ pɔw bɔne sɛ wɔde wɔn begu afiase na akyiri yi woyii nsɛm a wɔde too wɔn so no nyinaa fii wɔn so sɛ ennim no nti. Ɛbɛyɛ sɛ abotu no mu bɛyɛɛ den koraa bere a wɔ September 1919 mu no, Bible Asuafo no yɛɛ nhyiam wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. no. Ɛha na J. F. Rutherford a na woyii no fii afiase nkyɛe no de ne kasa “Ahenni no a Wɔbɛka Akyerɛ,” a ɔde gyinaa Adiyisɛm 15:2 ne Yesaia 52:7 so no kanyan nhyiamfo no. Yohane kuw no mufo no fii ase “hyɛɛ nkɔm,” anaasɛ wɔkaa asɛm baguam bio. Wɔn ho kɔɔ so yɛɛ den ara, na wɔde akokoduru paa Kristoman nyaatwomyɛ no ho ntama.

25. (a) Bere bɛn na wɔka kyerɛɛ adansefo baanu no sɛ, “Momforo mmra ha,” na ɔkwan bɛn so na ɛno bae? (b) Abotu ntraso bɛn na adansefo baanu a wɔsan de wɔn baa nkwa mu no de baa kurow kɛse no so?

25 Kristoman bɔɔ mmɔden mpɛn pii bio sɛ ebedi ne nkonim a edii wɔ 1918 mu no bio. Ɛde nnipadɔm, basabasayɛ adeyɛ, mmara a wokyinkyim no, afiase nna ne nnipakum mpo dii dwuma—nanso ne nyinaa yɛɛ ɔkwa! Wɔ 1919 akyi no na ne nsa nnu adansefo baanu no honhom mu gyinabea no ho bio. Saa afe no mu no, na Yehowa aka akyerɛ wɔn sɛ: “Momforo mmra ha,” na na wɔaforo akɔ honhom mu tebea bi a ɛkorɔn, faako a wɔn atamfo no betumi ahu wɔn nanso wontumi mfa wɔn nsa nka wɔn. Yohane ka sɛnea nkwa mu a wɔsan de wɔn bae no kaa kurow kɛse no yiye no ho asɛm: “Na ɛdɔn no ara mu asase wosowee kɛse, na kurow no nkyem a ɛto so du hwee ase, na asasewosow no kum nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkae no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn anuonyam.” (Adiyisɛm 11:13) Ɔwosow kɛse baa nyamesom asase so ampa. Na ɛte sɛ nea asase no wosow wɔ asɔre ahorow no akannifo no ase bere a Kristofo kuw a wɔasan ahyɛ wɔn den yi fii adwuma ase no. Ɛkaa wɔn kurow no nkyem du mu biako, sɛnkyerɛnne kwan so nnipa 7,000, no kɛse araa ma wɔka wɔn ho asɛm sɛ wɔakunkum wɔn.

26. Henanom na wɔde “kurow no nkyem a ɛto so du” ne “mpemnson” a ɛwɔ Adiyisɛm 11:13 no gyina hɔ ma wɔn? Kyerɛkyerɛ mu.

26 Asɛm “kurow no nkyem a ɛto so du” kae yɛn Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa tete Yerusalem ho a ɛkyerɛ sɛ abupɛn du mu biako befi kurow no sɛe mu aka sɛ asefo kronkron no. (Yesaia 6:13) Saa ara nso na akontaahyɛde 7,000 no kae yɛn sɛ bere a Elia tee nka sɛ ne nkutoo na aka sɛ ɔnokwafo wɔ Israel no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ, nokwarem no na nnipa 7,000 da so ara wɔ hɔ a wɔnnkotow Baal ɛ. (1 Ahene 19:14, 18) Afeha a edi kan mu no, ɔsomafo Paulo kae sɛ na saa nnipa 7,000 yi yɛ Yudafo nkaefo a wogyee Kristo ho asɛmpa no too mu no ho mfonini. (Romafo 11:1-5) Kyerɛwnsɛm ahorow yi boa yɛn ma yɛte ase sɛ “mpemnson” ne “kurow no nkyem a ɛto so du” a ɛwɔ Adiyisɛm 11:13 no ne wɔn a wogye adansefo baanu a wɔasan de wɔn aba nkwa mu no tom na wogyaw nnebɔneyɛ kurow kɛse no. Wowu ma Kristoman, sɛnea yɛbɛka no no. Woyi wɔn din fi Kristoman mufo mu. Ne fam de, wonni hɔ bio. *

27, 28. (a) Ɔkwan bɛn so na ‘wɔn a wɔaka no hyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn anuonyam?’ (b) Dɛn na wɔhyɛɛ Kristoman asɔfo ma wogye toom?

27 Nanso ɔkwan bɛn so na ‘wɔn a aka [Kristoman mu] no hyɛ ɔsoro Nyankopɔn anuonyam’? Ɛda adi yiye sɛ ɛnyɛ sɛ wogyaw wɔn nyamesom a awae no na wɔabɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Mmom no, ɛte sɛ nea wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ Word Studies in the New Testament a Vincent kyerɛwee no mu bere a ɔreka ɔkasa “wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn no anuonyam” no ho asɛm no. Ɛhɔ na ɔka sɛ: “Ɔkasa no nkyerɛ sakra a wɔsakra, anaasɛ ahonu, anaasɛ aseda a wɔde ma, na mmom hu a wohu, a ɛno ne ntease a ɛtaa wɔ Kyerɛwnsɛm mu. Fa toto Yos. vii. 19 (Sept.). Yoh. ix. 24; Aso. xii. 23; Rom. iv. 20, ho.” Nea ɛyɛɛ Kristoman aniwu no, na ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ Bible Asuafo no Nyankopɔn ayɛ ade kɛse sɛ wasan de wɔn aba wɔn Kristofo dwumadi no mu bio.

28 Ɛbɛyɛ sɛ asɔfo no adwene mu nko na wogyee eyi too mu, anaasɛ wɔn ho wɔn ho mu nkutoo. Ɛda adi sɛ, biribiara nni hɔ a wɔakyerɛw ato hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔn mu bi agye adansefo baanu no Nyankopɔn no ato mu baguam. Nanso Yehowa nkɔmhyɛ a ɛnam Yohane so no boa yɛn ma yehu nea ɛwɔ wɔn komam na yehu ehu ntraso a aka wɔn ma wɔn anim agu ase fi 1919 mu no. Efi saa afe no, bere a “mpemnson” no gyaw Kristoman wɔ ne mmɔden a wayere no ho bɔ sɛ obekura ne nguan no mu no nyinaa akyi no, wɔahyɛ asɔfo no ma wɔahu sɛ Yohane kuw no Nyankopɔn no ho yɛ den sen wɔn nyame no. Akyiri yi mfe mu no, wobehu eyi pefee koraa, bere a wɔn nguankuw no mu pii twe wɔn ho na wɔka nsɛm a nkurɔfo kae bere a Elia dii Baal nyamesomfo no so nkonim wɔ Bepɔw Karmel so no: “Yehowa ne nokware Nyankopɔn no! Yehowa ne nokware Nyankopɔn no!”—1 Ahene 18:39, NW.

29. Dɛn na Yohane se ɛreba ntɛm, na ɔwosow foforo bɛn na ɛwɔ hɔ ma Kristoman?

29 Nanso tie! Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Due a ɛto so abien no atwam. Hwɛ due a ɛto so abiɛsa reba ntɛm.” (Adiyisɛm 11:14) Sɛ nea aba dedaw no awosow Kristoman a, dɛn na wɔbɛyɛ bere a wɔbɔ due a ɛto so abiɛsa no ho amanneɛ, na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto, na awiei koraa no wowie Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no?—Adiyisɛm 10:7.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ honhom fam asɔrefie kɛse yi ho nsɛm pii a, hwɛ July 1, 1996, Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a ɛne “Yehowa Honhom Fam Asɔrefie Kɛse No” ne “Nokware Asɔredan Biako Pɛ a Ɛsɛ sɛ Wɔsom Wom” no wɔ December 1, 1972 Borɔfo Ɔwɛn-Aban mu.

^ nky. 20 “Ebun” (Hela aʹbys·sos; Hebri, tehohmʹ) ka sɛnkyerɛnne kwan so beae bi a ahokeka biara nni hɔ ho asɛm. (Hwɛ Adiyisɛm 9:2.) Nanso, ne paara mu no ebetumi akyerɛ ɛpo tɛtrɛɛ no nso. Wɔtaa kyerɛ Hebri asɛmfua no ase sɛ “ebun a nsu wom.” (Dwom 71:20; 106:9; Yona 2:5) Enti, wobetumi aka sɛ “aboa a ofi ebun no mu” no ne “aboa bi a . . . ofi po mu sɔre” no yɛ ade koro.​—Adiyisɛm 11:7; 13:1.

^ nky. 21 Hyɛ no nsow sɛ, sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn nkurɔfo osuahu ahorow no mu saa bere yi a, ɛda adi sɛ ɛbere a asram 42 gyina hɔ ma mfe abiɛsa ne fa ankasa no, nnansa ne fa no nnyina hɔ mma nnɔnhwerew 84 bere bi ankasa. Ɛbɛyɛ sɛ wɔbɔ bere pɔtee bi a ɛyɛ nnansa ne fã din mprenu (nkyekyem 9 ne 11 mu) de si so dua sɛ, sɛ wɔde toto mfe abiɛsa ne fa ankasa mu dwumadi a edi anim no ho a, na ɛyɛ bere tiaa bi.

^ nky. 26 Fa nsɛmfua “wu,” “wui,” ne “te ase” a ɛwɔ kyerɛw nsɛm te sɛ Romafo 6:2, 10, 11; 7:4, 6, 9; Galatifo 2:19; Kolosefo 2:20; 3:3 a wɔde di dwuma no toto ho.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 168 adaka]

Ahurusidi a Wɔka ho Asɛm wɔ Adiyisɛm 11:10 No

Wɔ Ray H. Abrams nhoma Preachers Present Arms a ɔkyerɛw no 1933 mu no mu no, ɔtwee adwene sii Asɔfo no ɔsɔretia a emu yɛ den a wɔde sɔre tiaa Bible Asuafo no nhoma The Finished Mystery no so. Ɔpɛɛpɛe asɔfo no mmɔden a wɔbɔe sɛ wobeyi Bible Asuafo no ne wɔn “ntoatoa” no afi wɔn so no ho asɛm no mu. Eyi ma wɔde asɛm no kɔɔ asennibea ma wobuu J. F. Rutherford ne n’ahokafo baason fɔ de wɔn kɔtoo afiase mfe bebree. Ɔbenfo Abrams de ka ho sɛ: “Sɛ wohwehwɛ asɛm no nyinaa mu a, nea wubehu ara ne sɛ asɔre ahorow no ne asɔfo no na na mfiase no wɔhyɛ nea wɔyɛe sɛ wɔde bɛtɔre Russellfo no ase no akyi. Wɔ Canada, February 1918 mu no, asɔfo no hyɛɛ da tuu ɔsa tiaa wɔn ne wɔn nhoma horow, titiriw no The Finished Mystery no. Sɛnea Winnipeg Tribune kyerɛ no, . . . wɔn nhoma no ano siw no yɛ nea wogye dii sɛ efi ‘asɔfo no nsɛnkeka’ mu tee na ɛbae.”

Ɔbenfo Abrams toa so sɛ: “Bere a afiase a wɔde wɔn toe ho asɛm duu nyamesom nhoma samufo asom no, ɛkame ayɛ sɛ nhoma yi mu biara, akɛse ne nketewa, dii asɛm no ahurusi. Mintumi nhuu tema nsɛm biara wɔ nyamesom akɛse no nkrataa no biara mu. Upton Sinclair kae sɛ ‘akyinnye biara nni ho sɛ ɔtaa no . . . fa fi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔanya asɔre akɛse no hɔ ɔtan no nti.’ Nea asɔre ahorow no mmɔden a wɔaka abom no antumi anyɛ no, afei de nniso no atumi ayɛ ama wɔn.” Bere a ɔkyerɛwfo no afa anyamesom nkrataa ahorow mu anototo nsɛm aka akyi no, ɔtwee adwene sii Asennibea a wɔde nsɛm kɔdan no gyinaesi a wɔdan ani no so na ɔkae sɛ: “Wɔde kommyɛ na egyee gyinaesi yi wɔ asɔre ahorow no mu.”

[Kratafa 163 mfonini]

Yohane susuw honhom mu asɔredan no—ɛsɛ sɛ asɔfo a wɔasra wɔn no hyia gyinapɛn ahorow bi

[Kratafa 165 mfonini ahorow]

Ɔdansi adwuma a Serubabel ne Yosua yɛe no kyerɛe sɛ Awurade da no mu no, nkɔso kɛse a ɛbɛba Yehowa Adansefo mu bedi mfitiase ketewaa no akyi. Ɛho behiae sɛ wɔtrɛw adan a ɛwɔ Brooklyn, New York, a ɛwɔ atifi ha no mu kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi adi n’atirimpɔw ahorow no ho dwuma

[Kratafa 166 mfonini ahorow]

Wɔde nkɔmhyɛ adwuma a Mose ne Elia yɛe no na ɛyɛɛ atemmusɛm a ano yɛ hyew a adansefo baanu no ka kyerɛe no ho mfonini

[Kratafa 169 mfonini ahorow]

Te sɛ nnompe a ɛho akokwaw a ɛwɔ Hesekiel ti 37 mu no, wɔkanyan adansefo baanu no bio ma nnɛyi asɛnka adwuma no