Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adiyisɛm—N’awiei a Ɛyɛ Anigye!

Adiyisɛm—N’awiei a Ɛyɛ Anigye!

Ti 1

Adiyisɛm—N’awiei a Ɛyɛ Anigye!

1. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn ani gye?

ADIYISƐM A WƆDE KƆMA YOHANE—Bible nhoma a emu nsɛm yɛ anigye yi de ɔsoro kyerɛwtohɔ no ba awiei anigye so. Dɛn nti na yɛka sɛ ɛyɛ “anigye”? Wiɛ, wɔka Bible no Kyerɛwfo ho asɛm sɛ “anigye Nyankopɔn” a ɔde “anuonyam asɛmpa” hyɛ wɔn a wɔdɔ no no nsa. Ɔpɛ sɛ yɛn nso yɛn ani gye. Enti, Adiyisɛm hyɛ yɛn bɔ wɔ ne mfiase sɛ: ‘Anigye ne nea ɔkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm.’ Wɔka kyerɛ yɛn wɔ ne ti a etwa to no mu sɛ: ‘Anigye ne nea odi nhoma yi mu adiyisɛm mu nsɛm no so.’—1 Timoteo 1:11; Adiyisɛm 1:3; 22:7.

2. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya anigye denam Adiyisɛm nhoma no so?

2 Ɔkwan bɛn so na yɛnam Adiyisɛm nhoma no so nya anigye? Yenya eyi denam emu nsɛnkyerɛnne anaa nsɛnkyerɛnnede a emu da hɔ pefee no mu a yɛhwehwɛ, ne ade a yɛyɛ ma ɛne no hyia no so. Ɛrenkyɛ na adesamma abakɔsɛm a basabasayɛ wom no awiei aba wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so, bere a Onyankopɔn ne Yesu Kristo de atemmu ba nnɛyi nhyehyɛe bɔne no so, na wɔde “ɔsoro foforo ne asase foforo” a ‘owu mpo nni mu bio’ si ananmu no. (Adiyisɛm 21:1, 4) So yɛn nyinaa mpɛ sɛ yɛtra wiase foforo a ɛte saa mu wɔ nokware asomdwoe ne ahotɔ mu? Yebetumi ayɛ saa, sɛ yɛma yɛn gyidi yɛ kɛse denam Onyankopɔn Asɛm a Adiyisɛm a ɛkanyan nkate ka ho, a yebesua no so a.

Apokalipse—Ɛyɛ Dɛn?

3. Nnipa pii susuw sɛ Apokalipse ne Harmagedon kyerɛ dɛn?

3 So wɔmfrɛ Adiyisɛm sɛ Apokalipse nso? Ɛte saa, efisɛ “adiyisɛm” yɛ Hela nkyerɛwee no mu asɛmfua a·po·kaʹly·psis nkyerɛase wɔ Twi kasa mu. Nnipa pii kyerɛ sɛ Apokalipse yɛ wiase sɛe a ɛnam nuklea ɔko so bɛba. Wɔ Texas a ɛwɔ U.S.A. no, kuropɔn bi a na wɔyɛ nuklea aprɛm mmoba pii wɔ hɔ mu no, na nnipa a wɔpɛ nyamesom taa ka sɛ: “Yɛn na yebedi kan akɔ.” Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ na asɔfo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no “agye adi sɛ ɛnyɛ sɛ wontumi nkwati Harmagedon nko, na mmom nso abɛn yiye, na papa ne bɔne, Onyankopɔn dɔm ne Satan de, ntam ɔko a etwa to no bɛba sɛ nuklea ɔsɛe.” *

4. Asɛmfua “apokalipse” kyerɛ dɛn ankasa, na dɛn nti na wɔfrɛ Bible nhoma a etwa to no ɔkwan a ɛfata so sɛ “Adiyisɛm”?

4 Nanso Apokalipse yɛ dɛn ankasa? Ɛwom sɛ nsɛm asekyerɛ nhoma ahorow de nsɛm te sɛ “wim asiane bi a wontumi nkwati” na ɛkyerɛ ase de, nanso Hela asɛmfua a·po·kaʹly·psis asekyerɛ ankasa ne “oyikyerɛ” anaa “adiyi.” Enti, wɔfrɛ Bible nhoma a etwa to no ɔkwan a ɛfata so sɛ “Adiyisɛm.” Ɛha na yehu sɛ ɛnyɛ wiase sɛe ho nkrasɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔadi kan ahyehyɛ biribiara kɛkɛ, na mmom Onyankopɔn nokware ahorow a ɛsɛ sɛ ɛma yɛde anidaso a ɛyɛ anigye ne gyidi a enhinhim hyɛ yɛn komam a woyi kyerɛ.

5. (a) Henanom na wɔbɛsɛe wɔn wɔ Harmagedon, na henanom na wobefi mu aka? (b) Daakye a ɛyɛ anigye bɛn na ɛretwɛn wɔn a wobefi Harmagedon mu aka no?

5 Ampa, wɔka Harmagedon ho asɛm wɔ Bible nhoma a etwa to no mu sɛ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no.” (Adiyisɛm 16:14, 16) Nanso ɛrenyɛ te sɛ nuklea ɔsɛe koraa da! Ɛda adi sɛ nuklea ɔsɛe a ɛte saa no bɛma nneɛma a nkwa wom nyinaa ase atɔre asase so. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Onyankopɔn Asɛm ma yenya awerɛhyem a ɛyɛ anigye sɛ Onyankopɔn asɔretiafo atirimɔdenfo nkutoo na wɔbɛsɛe wɔn—denam dɔm a wɔhyɛ Onyankopɔn ase so. (Dwom 37:9, 10; 145:20) Nnipakuw kɛse a wofi aman nyinaa mu benya nkwa ɔsoro atemmu no awiei wɔ Harmagedon. Afei Kristo Yesu bɛyɛn saafo yi, na wakyerɛ wɔn kwan akɔ daa nkwa mu wɔ paradise asase so. So wompɛ sɛ woyɛ wɔn mu biako? Nea ɛyɛ anigye no, Adiyisɛm kyerɛ sɛ wubetumi ayɛ wɔn mu biako!—Adiyisɛm 7:9, 14, 17.

Ɔsoro Ahintasɛm Ahorow mu Hwehwɛ

6. Mfe a atwam no mu no, nhoma ahorow bɛn na Yehowa Adansefo atintim de akyerɛkyerɛ Adiyisɛm mu?

6 Ɔwɛn Aban Asafo no tintim The Finished Mystery nhoma no 1917 mu tɔnn. Na eyi yɛ Bible mu nhoma a ɛde Hesekiel ne Adiyisɛm no mu nkyekyem mmiako mmiako ho nkyerɛkyerɛmu ma. Afei, bere a wiase nsɛm a esisi kɔɔ so daa adi ma Bible nkɔmhyɛ nyaa mmamu no, wɔyɛɛ nhoma apo abien a ɛyɛ ne bere mu de a wɔato din sɛ Light, na woyii no adi 1930 mu. Eyi de Adiyisɛm ho adesua foforo mae. Hann kɔɔ so ‘hyerɛn maa atreneefo,’ ma enti Yehowa Adansefo tintim “Babylon the Great Has Fallen!” God’s Kingdom Rules! nhoma a ekura nkratafa 704 no wɔ 1963 mu. Eyi de Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no sɔre ne n’asehwe ho abakɔsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri yiye mae, na wɔde Adiyisɛm atiri akron a etwa to no ho asɛm wiei. Bere a ‘atreneefo kwan mu kɔɔ so yɛɛ hann,’ ne titiriw wɔ asafo no mu dwumadi mu no, wotintim nhoma a ekura nkratafa 384 a ɛne “Then Is Finished the Mystery of God” a ɛkaa Adiyisɛm atiri 13 a edi kan no ho asɛm wɔ ɛno akyi wɔ 1969 mu.​—Dwom 97:11; Mmebusɛm 4:18.

7. (a) Dɛn nti na Yehowa Adansefo ayɛ saa Adiyisɛm ho nhoma yi? (b) Ɔkyerɛkyerɛ mmoa ahorow bɛn na wɔde ama wɔ nhoma no mu na ama akenkanfo anya mu mfaso?

7 Dɛn nti na wɔkyerɛw Adiyisɛm ho nhoma foforo na wotintimii wɔ saa bere yi mu? Wɔakyerɛkyerɛ nsɛm a aba dedaw no pii mu yiye, na entumi nyɛɛ yiye sɛ wɔbɛkyerɛ ase atintim no wiase nyinaa wɔ kasa horow pii mu. Enti, wohui sɛ ɛfata sɛ wɔyɛ Adiyisɛm ho nhoma a ɛyɛ po biako pɛ wɔ ɔkwan bi a ɛbɛma wɔatumi ayɛ nhoma no wɔ kasa ahorow mu ntɛm so. Afei, wɔde hokwan no adi dwuma wɔ nhoma yi mu de ɔkyerɛkyerɛ mmoa, a mfonini, nkontaabu a wɔahyehyɛ ne nsɛm a wɔabɔ no mua a ɛsɛ sɛ ɛboa akenkanfo ma wɔte aba a ɛyɛ anigye a ɛwɔ nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa yi mu no ase pefee nso ka ho.

8. Ntease a emu yɛ den mpo bɛn nti na wotintim nhoma yi?

8 Ntease a emu yɛ den mpo nti a wotintim nhoma yi ne hia a ɛho hia sɛ yɛyɛ ade ma ɛne nnɛ nokware no ho ntease hyia. Yehowa kɔ so ma n’Asɛm no mu ntease da adi kɛse, na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Adiyisɛm, ne nkɔmhyɛ afoforo mu ntease a yɛwɔ no bɛyɛ kɛse, bere a yɛrebɛn ahohiahia kɛse no pɛɛ no. (Mateo 24:21; Adiyisɛm 7:14) Ɛho hia sɛ yehu nea ɛrekɔ so no yiye. Sɛnea ɔsomafo Petro kyerɛw faa ɔsoro nkɔmhyɛ ho no: “Mohwɛ no yiye sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma no apue mo koma mu a, moyɛ no yiye.”—2 Petro 1:19.

9. (a) Nkɔmhyɛ afoforo akyi no, dɛn na Adiyisɛm kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛbɔ? (b) Dɛn ne wiase foforo no, na ɔkwan bɛn so na ebia wubenya nkwa akɔ mu?

9 Adiyisɛm de adanse a ɛwom no ka Bible nkɔmhyɛ afoforo pii ho de kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛbɔ ɔsoro foforo ne asase foforo. (Yesaia 65:17; 66:22; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1-5) Nea edi kan no, wɔde emu nkrasɛm no rema Kristofo a wɔasra wɔn a Yesu de ne mogya atɔ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ne yɔnko sodifo ɔsoro foforo no mu no. (Adiyisɛm 5:9, 10) Nanso asɛmpa yi bɛhyɛ ɔpepem pii a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa wɔ Kristo Ahenni ase no nso gyidi den. So woyɛ eyinom mu biako? Ɛnde na Adiyisɛm bɛhyɛ anidaso a wowɔ sɛ wobɛtra ase wɔ Paradise a asomdwoe, akwahosan pa ne Onyankopɔn nsiesiei pa bebree a ɛrensa da ka ho sɛ asase foforo no fã no mu den. (Dwom 37:11, 29, 34; 72:1, 7, 8, 16) Sɛ wopɛ sɛ wunya nkwa kɔ saa wiase foforo no mu a, egye ntɛmpɛ, yiw, ɛyɛ ahyɛde sɛ wobɛyɛ aso ama Adiyisɛm nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ pefee a ɛfa awiei a nsɛntitiriw besisi wom a mprempren abɛn no ho no.​—Sefania 2:3; Yohane 13:17.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Süddeutsche Zeitung, Munich, Germany, January 24, 1987.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 7]