Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adiyisɛm ne Wo

Adiyisɛm ne Wo

Ti 44

Adiyisɛm ne Wo

1. (a) Adiyisɛm mu bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho awerɛhyem bɛn na ɔbɔfo no de ma Yohane? (b) Hena na ɔka sɛ, “Mereba ntɛm” no, na bere bɛn na oyi ‘reba’?

BERE a woakenkan Yerusalem Foforo ho asɛm a wɔaka no fɛfɛɛfɛ no, ebia ɛbɛka wo ma woabisa sɛ: ‘Biribi a ɛyɛ nwonwa sɛɛ betumi aba ampa?’ Yohane bɔ nsɛm a edi hɔ a ɔbɔfo no kae no ho amanneɛ de bua saa asɛm no: “Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware, na [Yehowa], adiyifo ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfo sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa ade a etwa sɛ ɛba ntɛm. Na hwɛ, mereba ntɛm. Nhyira ne nea okura nhoma yi mu adiyisɛm mu.” (Adiyisɛm 22:6, 7) Adiyisɛm mu bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa no nyinaa bɛba mu ampa! Ɔbɔfo no rekasa wɔ Yesu din mu no, ɔpae mu ka sɛ Yesu reba “ntɛm.” Eyi bɛyɛ ba a Yesu ba “sɛ owifo” na wabɛsɛe Yehowa atamfo na ɔde Adiyisɛm awiei koraa a ɛyɛ anigye no aba no. (Adiyisɛm 16:15, 16) Enti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn asetra ne “nhoma yi,” Adiyisɛm mu nsɛm no hyia na wɔafrɛ yɛn anigyefo saa bere no.

2. (a) Yohane yɛ n’ade dɛn wɔ adiyisɛm mu anigye ahorow no ho, na dɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛ no? (b) Dɛn na yesua fi ɔbɔfo no nsɛm, “Nyɛ sa,” ne “Kotow Nyankopɔn!” no mu?

2 Adiyisɛm a ɛyɛ anigye a ɛte saa akyi no, ntease wom sɛ Yohane tee nka sɛ ne ho adwiriw no: “Na me, Yohane, ne nea ohuu nneɛma yi na ɔtee. Na metee na mihui no, mehwee ase sɛ merekotow ɔbɔfo a ɔkyerɛɛ me nneɛma yi nan ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ wo ne wo nuanom adiyifo ne wɔn a wokura nhoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Kotow Nyankopɔn!” (Adiyisɛm 22:8, 9; fa toto Adiyisɛm 19:10 ho.) Na kɔkɔbɔ a wɔaka no mprenu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsom abɔfo yi yɛ ne bere mu de wɔ Yohane bere so, bere a ɛda adi pefee sɛ na ebinom redi ɔsom a ɛte saa akyi anaasɛ wɔkyerɛ sɛ wonya adiyi ahorow bi pɔtee fi abɔfo hɔ no. (1 Korintofo 13:1; Galatifo 1:8; Kolosefo 2:18) Ɛnnɛ, esi nokwasɛm no so dua sɛ Onyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no. (Mateo 4:10) Ɛnsɛ sɛ yɛde obi foforo anaa ade foforo bi som sɛe ɔsom kronn.​—Yesaia 42:5, 8.

3, 4. Dɛn na ɔbɔfo no kɔ so ka kyerɛ Yohane, na ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo atie ne nsɛm no?

3 Yohane toa so sɛ: “Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɔ nhoma yi mu adiyisɛm ano, na ɛbere no abɛn. Nea ɔnteɛ no nnteɛ ara, na nea ɔyɛ fi no nyɛ fi ara; na nea ɔteɛ no nteɛ ara, na nea ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara.”—Adiyisɛm 22:10, 11.

4 Wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no atie ɔbɔfo no nsɛm no nnɛ. Wɔnsɔɔ nkɔmhyɛ no mu nsɛm no ano. Ɛdɛn, Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence a edi kan pɛɛ (July 1879) no kaa Adiyisɛm no mu nkyekyem bebree ho nsɛm. Sɛnea yehui wɔ ti a yɛde fii ase no mu no, Yehowa Adansefo akyerɛw Adiyisɛm no ho nhoma ahorow afoforo a ɛma ntease wɔ mfe a atwam no mu. Afei, yɛtwe nokware adɔfo nyinaa adwene si Adiyisɛm mu nkɔmhyɛ ahorow a tumi wom ne ne mmamu no so.

5. (a) Na sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wobu wɔn ani gu Adiyisɛm mu kɔkɔbɔ ahorow ne afotu no so nso ɛ? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ ahobrɛasefo ne atreneefo yɛ?

5 Sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wobu ani gu Adiyisɛm mu kɔkɔbɔ ne afotu ahorow no so a, ma wɔnyɛ saa! “Nea ɔnteɛ no nnteɛ ara.” Sɛ ɛno na wɔpɛ a, wɔn a wɔyantam wɔ biribiara ho kwan a wɔma bere yi mu fi no mu no betumi awu saa fi no mu. Nnansa yi ara, wobedi Yehowa atemmu ahorow ho dwuma awie koraa, na wɔde Babilon Kɛse no sɛe na ebefi ase. Ma ahobrɛasefo mmɔ mmɔden ntie odiyifo no nsɛm no: “Monhwehwɛ [Yehowa] . . . monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa] abufuw da no.” (Sefania 2:3) Wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa dedaw no fam no, “nea ɔteɛ no nteɛ ara, na nea ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara.” Onyansafo nim sɛ bɔne mu mfaso a ɛntra hɔ nkyɛ biara nni hɔ a wobetumi de atoto nhyira horow a ɛtra hɔ daa a wɔn a wotiw trenee ne kronkronyɛ benya no ho. Bible se: “Monkɔ so nsɔ mo ho nhwɛ sɛ mo wɔ gyidi no mu anaa, monkɔ so nkyerɛ nea mo ankasa moyɛ.” (2 Korintofo 13:5, New World Translation) Wugyina ɔkwan a wobɛpaw na woakɔ so anantew so no so benya w’akatua.​—Dwom 19:9-11; 58:10, 11.

6. Bere a Yehowa rekasa akyerɛ Adiyisɛm no akenkanfo no, dɛn na ɔka de twa to wɔ nkɔmhyɛ no mu?

6 Afei, Yehowa, Mmeresanten Hene no kasa kyerɛ Adiyisɛm akenkanfo nea etwa to wɔ nkɔmhyɛ no mu sɛ: “Hwɛ, mereba ntɛm, na mikura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛnea n’adwuma te. Mene Alfa ne Omega, ɔkannifo ne okyikafo, mfiase ne awiei no. Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade, na wɔanya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apon ano akɔ kurow no mu. Na kurow no akyi na akraman ne adutofo ne nguaman ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi nyinaa wɔ.”—Adiyisɛm 22:12-15.

7. (a) Dɛn nti na Yehowa “reba ntɛm”? (b) Dɛn nti na Kristoman asɔfo no rennya Yerusalem Foforo no mu kyɛfa?

7 Yehowa Nyankopɔn si n’amansan tumidi a ɛtra hɔ daa no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nea odii kan bɔ ne tirim wɔ ho no, ɔbɛyɛ no so dua bio. ‘Ɔreba ntɛm’ abedi atemmu ho dwuma na watua wɔn a wɔde anibere hwehwɛ n’akyi kwan no ka. (Hebrifo 11:6) Ne gyinapɛn ahorow no na ɛkyerɛ wɔn a wobetua wɔn ka ne wɔn a wɔbɛpow wɔn. Kristoman asɔfo ayɛ sɛ “akraman mum,” wobu wɔn ani gu nnebɔne a Yehowa ka ho asɛm wɔ ha no so. (Yesaia 56:10-12; hwɛ Deuteronomium 23:18, New World Translation Reference Bible, ase hɔ asɛm nso.) Ɛda adi sɛ ‘wɔapɛ na wɔadi atoro’ akyerɛkyerɛ atoro kyerɛ ne gyidi ahorow na wɔabu wɔn ani agu afotu a Yesu de kɔmaa asafo ahorow ason no so koraa. Enti, wonni Yerusalem Foforo no mu kyɛfa biara.

8. (a) Henanom nkutoo na “wɔanya nkwa dua no ho kwan,” na eyi kyerɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no ‘ahohoro wɔn ntade,’ na ɔkwan bɛn so na wokura gyinabea pa mu?

8 Kristofo a wɔasra wɔn a “wɔhohoro wɔn ntade” ampa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛtew wɔ Yehowa ani so no nkutoo na wonya ho kwan a ‘wɔde bɛkɔ nkwa nnua no ho.’ Kyerɛ sɛ, wonya wɔn asetra a owu nni mu wɔ wɔn soro gyinabea mu no hokwan ne abodin. (Fa toto Genesis 3:22-24; Adiyisɛm 2:7; 3:4, 5 ho.) Wɔn wu sɛ adesamma akyi no, wɔnam owusɔre so nya kwan kɔ Yerusalem Foforo no mu. Abɔfo 12 no ma wɔn kwan ma wɔkɔ mu, bere a wosiw obiara a odi atoro anaa ne ho ntew no kwan ɛwom sɛ ɔka sɛ ɔwɔ ɔsoro anidaso de. Nnipakuw kɛse a wɔwɔ asase so no nso ahohoro “wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu” na ehia sɛ wokura wɔn ahotew gyinabea no mu. Wobetumi ayɛ eyi denam nnebɔne a Yehowa bɔ ho kɔkɔ wɔ ha no a wɔbɛkwati; ne Yesu afotu a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no a wobetie no so.​—Adiyisɛm 7:14; atiri 2 ne 3.

9. Nsɛm bɛn na Yesu ka, na henanom titiriw na ɔka n’asɛm no ne Adiyisɛm mũ no nyinaa kyerɛ wɔn?

9 Yehowa akyi no, Yesu kasa. Ɔde nkuranhyɛ nsɛm kasa kyerɛ wɔn a wɔwɔ koma pa na wɔkenkan Adiyisɛm no sɛ: “Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ommedi mo nneɛma yi ho adanse asafo no mu. Me na mene Dawid ntini ne n’aseni, adekyee nsoromma a ɛharan no.” (Adiyisɛm 22:16) Yiw, nsɛm yi yɛ nea wɔde kɔma “asafo no” titiriw. Nea edi kan no, eyi yɛ nkrasɛm a wɔde kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no asafo. Biribiara a ɛwɔ Adiyisɛm mu no, Kristofo a wɔasra wɔn a wɔbɛtra Yerusalem Foforo no mu no titiriw na wɔka kyerɛ wɔn. Ɛdenam saa asafo no so no, nnipakuw kɛse no nso nya hokwan nya nokware nkɔmhyɛ ahorow a ɛsom bo yi mu ntease.​—Yohane 17:18-21.

10. Dɛn nti na Yesu frɛ ne ho (a) “Dawid ntini ne n’aseni”? (b) “adekyee nsoromma a ɛhyerɛn no”?

10 Wɔde adwuma hyɛɛ Yesu Kristo nsa sɛ ɔmfa Adiyisɛm no nkɔma Yohane na ɔmfa no so mfa nkɔma asafo no. Yesu yɛ “Dawid ntini ne n’aseni.” Ofi Dawid mu honam fam ma enti ɔfata sɛ ɔyɛ Yehowa Ahenni mu Hene. Ɔbɛyɛ Dawid “daa agya” nso, ma enti wayɛ Dawid “ntini.” (Yesaia 9:6; 11:1, 10) Ɔne Dawid asefo mu daa Ɔhene a onwu da, na ɔma Yehowa apam a ɔne Dawid yɛe no ba mu, na ɔne “adekyee nsoromma a ɛharan” a wɔkaa ne ho asɛm siei Mose bere so no. (Numeri 24:17; Dwom 89:34-37) Ɔne “adekyee nsoromma” a epue, na ɛma ade kye. (2 Petro 1:19) Ɔtamfo kɛse a ɔne Babilon Kɛse no anifere nnaadaa no nyinaa antumi ansiw opue a ɛyɛ fɛ yi kwan.

Ka sɛ: “Bra!”

11. Ɔfrɛ bɛn na Yohane de to gua afei, na henanom na wobetumi agye so?

11 Afei adu Yohane ankasa so sɛ ɔbɛkasa. Nea wahu ne nea wate nyinaa ho anisɔ a ayɛ ne koma ma no nti, ɔteɛm ka sɛ: “Na honhom no ne ayeforo no kɔ so ka sɛ: Bra! Na ma obiara a ɔte nka sɛ: Bra! Na ma obiara a osukɔm de no mmra; na obiara a ɔpɛ no mmegye nkwa nsu kwa.” (Adiyisɛm 22:17, NW) Ɛnyɛ 144,000 no nkutoo na Yesu ogye afɔre no ho bɛba wɔn mfaso, efisɛ eyi yɛ ɔfrɛ a wɔde frɛ nnipa nyinaa. Yehowa honhom a ɛkanyan nnipa no nam ayeforokuw no so na edi dwuma, ma enti wɔkɔ so ka nkrasɛm no ma emu da hɔ sɛ: ‘Begye nkwa nsu kwa.’ (Hwɛ Yesaia 55:1; 59:21 nso.) Wɔto nsa frɛ obiara a trenee ho sukɔm de no sɛ ‘ɔmmra’ mmegye Yehowa hɔ nnepa pii. (Mateo 5:3, 6) Hokwan bɛn ara na wɔn a wɔbɛyɛ asase so kuw no mufo a wogye Yohane kuw no ɔfrɛ yi so no nyinaa anya sɛɛ yi!

12. Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no gye Adiyisɛm 22:17 mu ɔfrɛ no so?

12 Efi 1930 mfe no mfiase mu hɔ no, nnipakuw kɛse a wɔn dodow redɔɔso no ‘rete,’—na wotie ɔfrɛ no. Te sɛ wɔn nwurakwaa a wɔasra wɔn no, wɔabenya ahotew gyinabea bi Yehowa anim. Wɔn ani gyina bere a Yerusalem Foforo no besian afi soro de nhyira horow abrɛ adesamma no. Bere a nnipakuw kɛse no ate adiyisɛm mu nkrasɛm a ɛkanyan nnipa no, ɛnyɛ ka nko na wɔka sɛ “Bra!” na mmom wodi dwuma boaboa afoforo ano ba Yehowa ahyehyɛde mu, na wɔkyerɛkyerɛ eyinom nso ma wɔka sɛ: “Ma obiara a sukɔm de no mmra.” Enti nnipakuw kɛse no kɔ so dɔɔso, bere a wɔn dodow bɛboro 6,000,000 a wɔwɔ aman horow bɛboro 235 so wɔ asase so nyinaa ne ayeforo kuw a wɔasra wɔn a wɔn dodow sua sen 9,000 no de ɔfrɛ no ma sɛ wommegye ‘nkwa nsu kwa’ no.

13. Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de ma?

13 Afei, Yesu na ɔkasa bio, sɛ: “Midi obiara a ɔte nhoma yi mu adiyi nsɛm no adanse sɛ: Sɛ obi de biribi ka nneɛma yi ho a, Onyankopɔn de ɔhaw horow a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu no bɛka no ho. Na sɛ obi yi adiyi nhoma yi mu nsɛm bi a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa afi nkwa dua ne kurow kronkron a wɔakyerɛw ho asɛm nhoma yi mu no mu.”—Adiyisɛm 22:18, 19.

14. Yohane kuw no bu Adiyisɛm mu “nkɔmhyɛ no” dɛn?

14 Ɛsɛ sɛ Yohane kuw no mufo twe adwene si Adiyisɛm mu “nkɔmhyɛ” no so. Ɛnsɛ sɛ wɔde hintaw anaasɛ wɔde bi ka ho. Ɛsɛ sɛ wɔka ne nkrasɛm no baguam, “adan atifi.” (Mateo 10:27) Adiyisɛm fi Nyankopɔn home mu. Hena na obetumi asakra asɛm a Onyankopɔn ankasa aka na ɔnam obi a odi Hene mprempren, Yesu Kristo, so de ma no? Ɛda adi ara sɛ ɛfata sɛ nkwa bɔ onipa a ɔte saa na ɔhaw a ɛsɛ sɛ ɛba Babilon Kɛse no ne wiase mũ no nyinaa so no ba no so.

15. Yesu nsɛm a ese “nea odi nneɛma yi ho adanse no” ne “mereba ntɛm” no kyerɛ dɛn?

15 Afei, Yesu de nkuranhyɛsɛm a edi akyiri ka ho: “Nea odi nneɛma yi ho adanse no se: Yiw, mereba ntɛm.” (Adiyisɛm 22:20a) Yesu ne “ɔdansefo nokwafo ne nokware” no. (Adiyisɛm 3:14, NW) Sɛ odi Adiyisɛm mu anisoadehu ahorow no ho adanse a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nokware. Ɔne Yehowa Nyankopɔn ankasa asi nokwasɛm no so dua mpɛn pii sɛ wɔreba “ntɛm,” anaasɛ nnansa yi ara, na Yesu ka ɛno ne mpɛn anum so wɔ ha. (Adiyisɛm 2:16; 3:11; 22:7, 12, 20) ‘Ɔba’ abedi atemmu ho dwuma atia aguaman kɛse no, amammui “ahene” ne afoforo a wɔsɔre tia “yɛn Awurade [Yehowa] ne ne Kristo” ahenni no nyinaa.​—Adiyisɛm 11:15; 16:14, 16; 17:1, 12-14.

16. Esiane sɛ wunim sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu reba ntɛm nti, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ pɔtee?

16 Ɛsɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu a wunim sɛ wɔreba ntɛm no hyɛ wo nkuran na woma ‘Yehowa da no ba tra w’adwene mu yiye.’ (2 Petro 3:12) Satan nneɛma nhyehyɛe no tim biara a ɛyɛ sɛ nea atim asase so no yɛ nnaadaa. Yiye biara a ɛte sɛ nea wiase atumfo a wɔhyɛ Satan ase no soro no bedi no yɛ nea ɛrentra hɔ nkyɛ. Nneɛma yi retwam akɔ. (Adiyisɛm 21:1) Yehowa, n’Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo ase no ne ne wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no nkutoo na ɛbɛtra hɔ daa. Mma wo werɛ mfi ɛno da!—1 Yohane 2:15-17.

17. Ɛsɛ sɛ Yehowa kronkronyɛ ho anisɔ a wowɔ no ka wo dɛn?

17 Ɛnde, ɛmmra sɛ nea woasua afi Adiyisɛm mu no bɛka w’asetra kɛse. So Yehowa ɔsoro trabea no ho ade kakraa a wuhui no amma yɛn Bɔfo no anuonyam ne ne kronkronyɛ a ɛkyɛn so no anka wo koma? (Adiyisɛm 4:1-5:14) Hokwan bɛn ara na ɛyɛ sɛ wobɛsom Onyankopɔn a ɔte saa no sɛɛ yi! Ɛmmra sɛ ne kronkronyɛ ho anisɔ a wowɔ no bɛka wo na woabu Yesu afotu a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no aniberesɛm kɛse na woakwati nneɛma te sɛ honam fam ade dodowpɛ, abosonsom, ɔbrasɛe, boturobodwo, awaefo mpaapaemu anaa biribi foforo biara a ebetumi ama wo som a wɔde ma Yehowa no ayɛ nea ɛnsɔ n’ani. (Adiyisɛm 2:1-3:22) Ɔsomafo Petro nsɛm a ɔde kɔmaa Yohane kuw no mu nnyinasosɛm fa nnipakuw kɛse no nso ho: “Te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu.”—1 Petro 1:15, 16.

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ wunya mu kyɛfa kɛse sɛnea wubetumi biara, na dɛn nti na saa adwuma yi ho hia nnɛ?

18 Nea ɛka ho bio no, ɛmmra sɛ nnamyɛ a woahyɛ mu den bɛkanyan wo bere a woka “[Yehowa] anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da” no ho asɛm kyerɛ no. (Yesaia 35:4; 61:2) Sɛ woyɛ kuw ketewaa no muni anaasɛ nnipakuw kɛse no muni no, ɛmmra sɛ wubenya Yehowa abufuw nkuruwa ason a wohwie gu a wɔbɔ no dawuru no mu kyɛfa koraa sɛnea wubetumi na woaka Onyankopɔn atemmu horow a ɛbɛba Satan wiase so no ho asɛm akyerɛ. Bere koro no ara mu no, ka daa asɛmpa a ɛfa Yehowa ne ne Kristo Ahenni a wɔde asi hɔ no ho anigyesɛm a wɔka no bi. (Adiyisɛm 11:15; 14:6, 7) Kɔ so yɛ adwuma yi anibere so. Na ɛmmra sɛ hu a yehu sɛ yɛwɔ Awurade da no mu no bɛka nnipa bebree a wonnya mmɛsom Yehowa no na wɔabɛka ho ayɛ asɛmpaka adwuma no bi. Ɛmmra sɛ eyinom nso bɛkɔ anim akodu wɔn nkwa so a wobehyira ama Onyankopɔn na wɔabɔ wɔn asu no ho. Kae, “ɛbere no abɛn”!—Adiyisɛm 1:3.

19. Nsɛm bɛn na Yohane a ne mfe akɔ anim no de wie, na woyɛ w’ade dɛn wɔ ho?

19 Enti, yɛne Yohane bom bɔ mpae dennen sɛ: “Amen, Awurade Yesu, Bra!” Na Yohane, ɔsomafo a ne mfe akɔ anim no de ka ho sɛ: “Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka ahotefo nyinaa.” (Adiyisɛm 22:20b, 21, NW) Ɛmmra sɛ ɛbɛka mo a mokenkan nhoma yi nyinaa nso. Ɛmmra sɛ mubenya gyidi sɛ Adiyisɛm awiei koraa abɛn, sɛnea ɛbɛyɛ na mo nso ne yɛn abom atumi afi koma nyinaa mu aka sɛ “Amen!”

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 314 mfonini]

“Akyi na akraman . . . wɔ”

[Kratafa 315 mfonini]

“Nhyira ne wɔn a . . . wɔafa apon ano akɔ kurow no mu”