Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aguaman a Ɔwɔ Dimmɔne no Atemmu

Aguaman a Ɔwɔ Dimmɔne no Atemmu

Ti 33

Aguaman a Ɔwɔ Dimmɔne no Atemmu

Anisoadehu 11—Adiyisɛm 17:1-18

Asɛmti: Babilon Kɛse no te aboa kɛse kɔkɔɔ a akyiri yi ɛdan hyɛ no na ɛyɛ no pasaa so

Bere a enya mmamu: Efi 1919 kosi ahohiahia kɛse no so

1. Dɛn na abɔfo baason no mu biako da no adi kyerɛ Yohane?

ƐSƐ sɛ wohwie Yehowa trenee abufuw nyinaa gu wie, ɛyɛ nkuruwa ason! Bere a ɔbɔfo a ɔto so asia no hwiee nea ɛwɔ ne kuruwa no mu guu baabi a na tete Babilon wɔ no, ɛyɛɛ Babilon Kɛse no a wɔbɛhaw no wɔ bere a nneɛma kɔ so ntɛmntɛm kɔ Harmagedon ko a etwa to no mu no ho sɛnkyerɛnne a ɛfata. (Adiyisɛm 16:1, 12, 16) Ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔfo koro yi ara na afei ɔda nea enti a Yehowa di ne trenee atemmu horow ho dwuma ne ɔkwan a ɔbɛfa so adi ho dwuma no adi no. Yohane ho dwiriw no wɔ nea ɔte na ohu bio no ho: “Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason no mu biako bae ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo aguaman kɛse a ɔte nsu pii no so no atemmu. Ɔno na wiase ahene ne no abɔ aguaman, na n’aguamammɔ nsã no abow wɔn a wɔtete asase so no.”—Adiyisɛm 17:1, 2.

2. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ “aguaman kɛse” no nyɛ (a) tete Roma? (b) nnwuma akɛse? (d) yɛ nyamesom ade bi?

2 “Aguaman kɛse”! Dɛn nti na wɔde din a ɛyɛ ahodwiriw saa frɛ no? Ɔne hena? Ebinom akyerɛ sɛ tete Roma ne sɛnkyerɛnne kwan so aguaman yi. Nanso na Roma yɛ amammui tumi. Ɔbea aguaman yi ne asase so ahene bɔ aguaman, na ɛda adi pefee sɛ Roma ahemfo nso ka ho. Eyi akyi no, ne sɛe akyi no, wose “asase so ahene” di ne wu no ho nkɔmmɔ. Enti ɔrentumi nyɛ amammui tumi. (Adiyisɛm 18:9, 10) Nea ɛka ho no, esiane sɛ wiase aguadifo nso di ne ho nkɔmmɔ nti, ɔrentumi nyɛ nnwuma kɛse ho mfonini. (Adiyisɛm 18:15, 16) Nanso, yɛkenkan sɛ ‘ɔnam n’ahonhonsɛmdi adeyɛ so adaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 18:23) Eyi ma emu da hɔ pefee sɛ aguaman kɛse no bɛyɛ wiase nyinaa nyamesom ade bi.

3. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ aguaman kɛse no yɛ Roman Katolek Asɔre anaa Kristoman nyinaa mpo ho nkutoo sɛnkyerɛnne? (b) Babilon nkyerɛkyerɛ ahorow bɛn na wohu wɔ Apuei Fam nyamesom dodow no ara ne Kristoman nyamesom akuw horow no mu? (d) Dɛn na Roman Katolek sɔfo panyin John Henry Newman gye tom wɔ Kristoman nkyerɛkyerɛ, guasodeyɛ ne nneyɛe ahorow bebree no fibea ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

3 Nyamesom ade bɛn? So ɛne Roma Katolek Asɔre no sɛnea ebinom kyerɛ no anaa? Anaa ɛne Kristoman nyinaa? Daabi, sɛ ɔbɛdaadaa amanaman nyinaa a, na ɛsɛ ɛyɛ biribi a ɛso koraa sen eyinom. Nokwarem no, ɛne wiase nyinaa atoro som ahemman no. Wɔakyerɛ Babilon ahintasɛm ahorow mu a efi no wɔ Babilon nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe horow bebree a nyamesom a ɛwɔ asase so nyinaa kura mu no mu. Nhwɛso bi ne ɔdesani kra a enwu da, hell-gya mu ayayadeyɛ ne baasakoro anyame mu gyidi a wohu wɔ Apuei Fam nyamesom no dodow ara mu ne Kristoman akuw horow mu nso no. Atoro som a efii ase trɛwee fii tete Babilon kurow no mu bɛboro mfe 4,000 ni no akɔ so abɛyɛ ade kɛse huhu a wɔfrɛ no Babilon Kɛse ma ɛfata. * Nanso, dɛn nti na wɔde animguase din ka ne ho asɛm sɛ “aguaman kɛse” no?

4. (a) Akwan horow bɛn so na tete Israel bɔɔ aguaman? (b) Ɔkwan titiriw bɛn so na Babilon Kɛse abɔ aguaman?

4 Babilon (anaasɛ Babel, a ase ne “Basabasa”) duu ne kɛseyɛ pɔmpɔn so wɔ Nebukadnesar bere so. Na ɛyɛ nyamesom ne amammui man a na ɛwɔ asɔrefi ne asɔredan bɛboro apem. N’asɔfo dii tumi kɛse. Ɛwom sɛ Babilon nni hɔ sɛ wiase tumi bere tenten ni de, nanso nyamesom Babilon Kɛse da so te ase, na ɛhwehwɛ sɛ edi tete de no nhwɛso akyi kɛntɛn amammui nsɛm so na ɛkyerɛkyerɛ kwan. Nanso so Onyankopɔn pene nyamesom a wɔde frafra amammuisɛm no so anaa? Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔka sɛ Israel bɔɔ aguaman bere a ɔde ne ho hyɛɛ atoro som mu, na sɛ anka ɔde ne ho bɛto Yehowa so mmom no, ɔne amanaman no yɛɛ apam. (Yeremia 3:6, 8, 9; Hesekiel 16:28-30) Babilon Kɛse no bɔ aguaman nso. Titiriw no, wayɛ nea osusuw sɛ eye biara sɛnea ɛbɛyɛ na wanya asase so ahene a wodi tumi no so nkɛntɛnso ne tumi.​—1 Timoteo 4:1.

5. (a) Din bɛn na nyamesom asɔfo agye? (b) Dɛn nti na wiase no dibea a wɔpɛ ne Yesu Kristo nsɛm no bɔ abira pefee?

5 Ɛnnɛ, nyamesom akannifo taa hwehwɛ nniso mu dibea a ɛkorɔn, na nsase binom so no, wɔka ho na wobu ɔman, na wokura aman mpanyin dibea ahorow mpo. Wɔ 1988 mu no, Protestant asɔfo baanu a wonim wɔn yiye peree United States ɔmampanyin dibea no. Babilon Kɛse akannifo pɛ dingye no yiye; mmere pii na wohu wɔn mfonini ahorow wɔ ɔman atesɛm nkrataa mu bere a wɔne amansɛmdifo atitiriw di nkitaho no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yesu twee ne ho fii amansɛm mu a ɔde ne ho bɛhyɛ ho na ɔkae wɔ n’asuafo ho sɛ: “Wɔnyɛ wiase no fã, sɛnea me nso menyɛ wiase fã no.”—Yohane 6:15; 17:16, NW; Mateo 4:8-10; hwɛ Yakobo 4:4 nso.

Nnɛyi ‘Aguamammɔ’

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na Hitler Nasi Amanyɛkuw no bedii tumi wɔ Germany? (b) Ɔkwan bɛn so na apam a Vatican ne Nasi Germany yɛe no boaa Hitler wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ obedi wiase nyinaa so no mu?

6 Ɛdenam aguaman kɛse no ho a ɔde hyehyɛ amansɛm mu no so no, ɔde ɛyaw a enni kabea aba adesamma so. Sɛ nhwɛso no, susuw nokwasɛm ahorow a ɛhyɛ tumi a Hitler dii wɔ Germany no akyi no ho—nokwasɛm ahorow a ɛyɛ tan a ebinom bɛpɛ sɛ woyi fi abakɔsɛm nhoma horow mu koraa. May 1924 mu no, na Nasi Amanyɛkuw no wɔ ananmusifo 32 wɔ German Reichstag [Mmarahyɛ Bagua] no mu. Eduu May 1928 mu no, na eyinom so ahuan abɛyɛ ananmusifo 12. Nanso Ahokyere Kɛse no baa wiase nyinaa so wɔ 1930 mu; nea edii akyi bae no, Nasifo no san nyaa ahoɔden foforo bio a na ɛyɛ nwonwa, na wonyaa ananmusifo 608 no mu 230 wɔ July 1932 Germany abatow no mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Franz von Papen a anka ɔyɛ ɔmampanyin a na ɔyɛ Paapa Somfo no bɛboaa Nasifo no. Sɛnea abakɔsɛm akyerɛwfo kyerɛ no, von Papen nyaa Roma Ahemman Kronkron foforo ho adwene siei. Na bere tiaa a odii sɛ ɔmampanyin no ayɛ ɔkwa ma enti afei na n’ani da so sɛ ɔnam Nasifo no so benya tumi. Ebeduu January 1933 mu no, na wayɛ ma Hitler anya adwuma wuranom hɔ mmoa, na ɔnam anifere nnaadaa ahorow so hwɛ maa Hitler bɛyɛɛ Germany ɔmampanyin January 30, 1933. Wɔde ɔno ankasa nso yɛɛ ɔmampanyin abadiakyiri na Hitler de no dii dwuma de nyaa Germany afã horow a wɔyɛ Katolekfo no hɔ mmoa. Hitler bedii tumi akyi asram abien no, oguu mmarahyɛ bagua no, ɔde wɔn a wɔsɔre tia no no mu mpanyimfo mpempem koguu nsraban ahorow mu, na ofii ase hyɛɛ Yudafo so baguam.

7 July 20, 1933 mu no, wɔdaa anigye a Vatican wɔ wɔ Nasifo tumi a ɛresɔre no mu no adi bere a Ɔsɔfo Panyin Pacelli (a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Paapa Pius XII no) de ne nsa hyɛɛ apam a Vatican ne Nasi Germany yɛe no ase wɔ Rome. Von Papen de ne nsa hyɛɛ apam no ase sɛ Hitler ɔnanmusifo, na ɛhɔ na Pacelli de Paapa abasobɔde kɛse a ɛne Grand Cross of the Order of Pius no bɔɔ von Papen. * Tibor Koeves kyerɛw eyi ho asɛm wɔ ne nhoma Satan in Top Hat no mu sɛ: “Na Apam no yɛ nkonimdi kɛse ma Hitler. Ɛno na ɛhyɛɛ no mpamden a edi kan a onya fii aman afoforo hɔ, na na efi beae a ɛkorɔn sen biara.” Apam no hwehwɛe sɛ Vatican twe mmoa a ɛde ma Germany Catholic Center Amanyɛkuw no san akyi, na ɛde saayɛ gyee Hitler amanyɛkuw biako a ɛyɛ “ɔman no nyinaa de” no too mu. * Bio, emu asɛm a ɛto so 14 no kae sɛ: “Wɔbɛpaw asɔfo mpanyin, asɔfo ne nea ɛtete saa bere a amrado a nniso no de no asi hɔ no ahwehwɛ mu ahu sɛ akyinnye biara nni wɔn ho amammui fam no nkutoo.” Ebeduu 1933 (a Paapa Pius XI paee mu kae sɛ ɛyɛ “Afe Kronkron” no) awiei no, na Vatican mmoa abɛyɛ ade titiriw a ɛhyɛ mmɔden a Hitler bɔ sɛ obedi wiase nyinaa so no akyi.

8, 9. (a) Dɛn na Vatican ne Katolek Asɔre no ne n’asɔfo yɛe wɔ Nasi atirimɔdensɛm no ho? (b) Asɛm bɛn na German Katolek Asɔfo Mpanyin no kae wɔ Wiase Ko Nyinaa II no mfiase? (d) Nyamesom ne amammui ayɔnkofa akowie dɛn mu?

8 Ɛwom sɛ asɔfo ne asɔfo mmea kakraa bi kasa tiaa Hitler nsɛmmɔnedi no—ma wohuu ho amane—de, nanso Vatican ne Katolek Asɔre ne n’asɔfodɔm no nyinaa boaa Nasi atirimɔdensɛm no pefee anaasɛ wɔkaa ho yɛɛ bi, na wobuu no sɛ ɔfasu a esiw Komunism a ɛretrɛw wɔ wiase nyinaa no kwan. Paapa Pius XII a na ɔte yiye wɔ Vatican no maa Yudafo okunkɛse ne atirimɔden ɔtaa a wɔde baa Yehowa Adansefo ne afoforo so no kɔɔ so a wankasa antia. Ɛne ne ho bɔ abira sɛ bere a Paapa John Paul II kɔsraa Germany May 1987 mu no, ɔkamfoo ɔsɔfo nokwafo biako bi a ɔsɔre tiaa Nasifo no. Na dɛn na Germany asɔfo afoforo mpempem no reyɛ wɔ Hitler tumidi bere a ɛyɛ hu no mu? Krataa bi a Germany Katolek asɔfo mpanyin kyerɛw kɔmaa wɔn asafo ahorow no wɔ September 1939 bere a Wiase Nyinaa Ko II fii ase no ma yenya asɛm yi ho ntease. Emu fa bi kenkan sɛ: “Bere pɔtee yi mu no, yetu yɛn Katolekfo asraafo no fo sɛ wɔnyɛ wɔn adwuma mfa nyɛ osetie mma Fuehrer no na wonsiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn ho nyinaa bɛbɔ afɔre. Yɛsrɛ sɛ Anokwafo no mmɔ mpae denneennen na Ɔsoro Mmoa de ɔko yi aba awiei pa.”

9 Katolek adɛfɛdɛfɛsɛm a ɛte saa no kyerɛ aguamammɔ a nyamesom de ne ho ahyɛ mu bɛboro mfe 4,000 ni de anya amammui Man no sɛnea ɛbɛyɛ na ɛde anya tumi ne mfaso. Nyamesom ne amammui abusuabɔ a ɛtete saa no de akodi, ɔtaa ahorow ne adesamma amanehunu bebree na aba. Adesamma ani betumi agye sɛ Yehowa atemmu a ɛbɛba aguaman kɛse no so no abɛn. Ɛmmra sɛ wobedi ho dwuma ntɛm!

Ɔte Nsu Pii So

10. Dɛn ne “nsu bebree” a Babilon Kɛse no hwɛ kwan sɛ ɛbɛbɔ ne ho ban no, na dɛn na ɛba so?

10 Na tete Babilon te nsu pii so—Eufrate Asubɔnten no ne nsuka bebree. Na eyinom yɛ ahobammɔ ma no ne faako a ofi di gua nya ne ho, kosii sɛ ɛyowee da koro anadwo. (Yeremia 50:38; 51:9, 12, 13) Babilon Kɛse no nso hwɛ “nsu bebree” kwan ma abɔ ne ho ban na ama wanya ade. Sɛnkyerɛnne kwan so nsu yi yɛ “nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne ɔkasa horow,” ɛne sɛ, adesamma mpem ɔpepem pii a wadi wɔn so na wanya honam fam mmoa afi wɔn hɔ no nyinaa. Nanso nsu yi nso reyow, anaasɛ wɔmmoa no bio.​—Adiyisɛm 17:15; fa toto Dwom 18:4; Yesaia 8:7 ho.

11. (a) Ɔkwan bɛn so na tete Babilon ‘maa asase nyinaa bow nsa’? (b) Ɔkwan bɛn so na Babilon Kɛse ‘ama asase nyinaa abow nsa’?

11 Bio, wɔkaa tete Babilon ho asɛm sɛ Yehowa “nsam sika kuruwa a ɛma asase nyinaa bow.” (Yeremia 51:7) Tete Babilon hyɛɛ aman a atwa ne ho ahyia no ma wɔmenee Yehowa abufuw adiyi bere a odii wɔn so akodi fam, na ɔma wɔyɛɛ mmerɛw sɛ mmarima a nsa abow wɔn no. Ɛno fam no, na ɔyɛ Yehowa adwinnade. Babilon Kɛse nso adi nkonim akodu baabi a wabɛyɛ wiase ahemman. Nanso, ɛda adi sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn adwinnade. Mmom no, wasom “wiase ahene” a ɔne wɔn abɔ ɔsom mu aguaman no. Wama ahene yi ho adwo wɔn denam n’atoro nkyerɛkyerɛ ne nkoayɛ nneyɛe no ho dwuma a wadi ma ɔde ama nkurɔfo bebree, “a wɔte asase so” no ayɛ mmerɛw sɛ nnipa a nsa abow wɔn, ma wɔasom wɔn sodifo bɔkɔɔ no so.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na mogya pii a wohwie gui wɔ Wiase Ko Nyinaa II mu no ho asodi da Babilon Kɛse no fã bi a ɛwɔ Japan no so? (b) Ɔkwan bɛn so na “wɔtwee nsu” a ɛboa Babilon Kɛse wɔ Japan no san akyi, na dɛn na efii mu bae?

12 Shintofo Japan yɛ eyi ho titiriw. Japan ɔsraani a wɔaka nsɛm ahyɛ n’adwene mu no buu no sɛ nidi a ɛkorɔn sen biara ne sɛ ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama ɔhempɔn—Shinto nyame pumpuni—no. Wiase Ko II mu no, Japan asraafo bɛyɛ 1,500,000 wuwui wɔ akono; ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa buu no sɛ ɔko no a wobegyae de wɔn ho ama no yɛ animguase. Nanso nea efii Japan nkogudi mu bae no ne sɛ, ɛhyɛɛ Ɔhempɔn Hirohito ma ɔkae sɛ ɔnyɛ onyame. Eyi maa “nsu” a ɛde mmoa ma Babilon Kɛse no fã a ɛyɛ Shinto no twetwee kɛse—bere a Shintosom apene mogya bebree a wohwie gui wɔ Pasifik akono hɔ saa akyi no! Shinto nkɛntɛnso a wɔma ɛyɛɛ mmerɛw yi buee kwan nnansa yi mfe mu ma Japanfo bɛboro 200,000 a na anka wɔn mu fã kɛse no ara yɛ Shintofo ne Budhafo, abɛyɛ Amansan Hene Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so ma wɔabɔ wɔn asu nso.

Aguaman no te Aboa bi So

13. Anwonwade bɛn na Yohane hu bere a ɔbɔfo no de no nam honhom no tumi mu kɔ sare so no?

13 Dɛn bio na nkɔmhyɛ no da no adi wɔ aguaman kɛse no ne n’awiei ho? Sɛnea afei Yohane ka no, adehu bi bɛda adi yiye bio: “Na [ɔbɔfo no] de me nam honhom mu kɔɔ sare so. Na mihuu ɔbea bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma na ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so.”—Adiyisɛm 17:3.

14. Dɛn nti na na ɛfata sɛ wɔde Yohane kɔ sare so?

14 Dɛn nti na wɔde Yohane kɔ sare so? Wɔkaa ɔsɛe atemmusɛm bi a edi kan a wɔka tiaa tete Babilon no ho asɛm sɛ “mpoano sare ho atemmusɛm.” (Yesaia 21:1, 9) Eyi de kɔkɔbɔ a ɛfata mae sɛ wɔ nsu a tete Babilon de bɔɔ ne ho ban nyinaa akyi no, na ɛbɛyɛ amamfo a nkwa nni mu. Ɛnde, na ɛfata sɛ wɔde Yohane kɔ sare so n’anisoadehu no mu ma okohu Babilon Kɛse awiei. Ɛsɛ sɛ ɔno nso dan amamfo. (Adiyisɛm 18:19, 22, 23) Nanso nea Yohane hu wɔ hɔ no ma ne ho dwiriw no. Ɛnyɛ aguaman kɛse no nko na ɔwɔ hɔ! Ɔte akekaboa kɛse bi so.

15. Nsonsonoe bɛn na ɛda Adiyisɛm 13:1 aboa no ne Adiyisɛm 17:3 de no ntam?

15 Aboa yi wɔ ti ason ne mmɛn du. Ɛnde so ɛno ara ne aboa a Yohane adi kan ahu, a ɛno nso wɔ ti ason ne mmɛn du no anaa? (Adiyisɛm 13:1) Dabi, nsonoe wɔ wɔn ntam. Aboa yi yɛ kɔkɔɔ na wɔnnka sɛ ahemmotiri bobɔ ne ti te sɛ kan aboa no. Sɛ anka ɛbɛyɛ nea abusudin wɔ ne ti ason no nkutoo so no, “abusudin ahyɛ no ma.” Nanso akyinnye biara nni ho sɛ abusuabɔ bi da aboa foforo yi ne kan de no ntam; sɛnea wɔsɛ wɔn ho no nyɛ kwa.

16. Dɛn ne aboa kɔkɔɔ no, na n’atirimpɔw ho asɛm bɛn na wɔaka?

16 Ɛnde dɛn ne aboa foforo kɔkɔɔ yi? Ɛbɛyɛ aboa no honi a Anglo-Amerika aboa a ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguammaa no ma wɔyɛe no. Wɔyɛɛ ohoni no akyi no, wɔmaa aboa a ɔwɔ mmɛn abien no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no ɔhome. (Adiyisɛm 13:14, 15) Afei, Yohane hu ohoni a ɔte ase na ɔhome no. Ɛyɛ Amanaman Apam ahyehyɛde a aboa a ɔwɔ mmɛn abien no de bae 1920 mu no ho mfonini. Ná U. S. Ɔmampanyin Wilson de n’adwene abu sɛ Apam no “bɛyɛ baabi a wofi de atɛntrenee bɛma nnipa nyinaa na wɔbɛpopa ɔko ho ahunahuna nyinaa afi hɔ koraa.” Wonyanee no bio wɔ wiase ko a ɛto so abien no akyi sɛ Amanaman Nkabom no, na atirimpɔw a ɛwɔ n’apam krataa no mu ne sɛ “ebekura amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra mu.”

17. (a) Ɔkwan bɛn so na abusudin ayɛ aboa kɔkɔɔ no ma? (b) Hena na ɔte aboa kɔkɔɔ no so? (d) Ɔkwan bɛn so na Babilon nyamesom de ne ho bataa Amanaman Apam ne nea ebesii n’ananmu no ho fi mfiase pɛɛ?

17 Ɔkwan bɛn so na abusudin ayɛ sɛnkyerɛnne kwan so aboa yi ma? Ɛne sɛ nnipa de amanaman bebree honi yi asi Onyankopɔn Ahenni no ananmu—sɛ ɛnyɛ nea Onyankopɔn se n’Ahenni no nkutoo na ebetumi ayɛ no. (Daniel 2:44; Mateo 12:18, 21) Nanso nea ɛyɛ nwonwa wɔ Yohane anisoadehu no ho ne sɛ Babilon Kɛse no te aboa kɔkɔɔ no so. Sɛnea nkɔmhyɛ no te no, Babilon nyamesom, titiriw no Kristoman, de ne ho abɔ Amanaman Apam ne nea abesi n’ananmu no ho. December 18, 1918 mu tɔnn no, kuw a mprempren wɔfrɛ no Kristo Asɔre Ahorow Ɔman Bagua a Ɛwɔ Amerika no gyee mpaemuka bi too mu a emu fã bi kae sɛ: “Apam a ɛte saa nyɛ nea ɛbɛyɛ amammui yiye nko; mmom no ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni amammui wɔ asase so. . . . Asɔre no betumi de adwempa honhom bi a Amanaman Apam biara rentumi nkwati nnyina ama. . . . Amanaman Apam no gyina Asɛmpa no so. Te sɛ Asɛmpa no, ne botae ne “asomdwoe wɔ asase so, anisɔ wɔ nnipa ho.”

18. Ɔkwan bɛn so na Kristoman asɔfo kyerɛe sɛ wogyina Amanaman Apam no akyi?

18 January 2, 1919 mu no, wɔkyerɛw asɛmti bi wɔ San Francisco Chronicle kratafa a edi kan no atifi sɛ: “Paapa Srɛ Sɛ Wonnye Wilson Amanaman Apam no Ntom.” October 16, 1919 no, wɔde adesrɛ bi a asɔre atitiriw no asɔfo 14,450 de wɔn nsa hyɛɛ ase kɔmaa U.S. Mmarahyɛ Bagua no, hyɛɛ kuw no nkuran sɛ “wonnye Paris asomdwoe apam a amanaman a wɔaka abom Apam wɔ mu no ntom.” Ɛwom sɛ U.S. Mmarahyɛ Bagua no annye apam no anto mu de, nanso Kristoman asɔfo kɔɔ so tuu Apam no gye ho sa. Na wɔdaa Apam no adi dɛn? Atesɛm bi a wɔde fi Switzerland a wɔkyerɛw no November 15, 1920, no kenkan sɛ: “Wɔnam asɔre dɔn a ɛwɔ Geneva no nyinaa a wɔbɔe so na ebuee Amanaman Apam no nhyiam a edi kan no ano anɔpa yi nnɔn dubiako.”

19. Bere a aboa kɔkɔɔ no puei no, dɛn na Yohane kuw no yɛe?

19 So Yohane kuw, kuw biako a ɛwɔ asase so a ɛde ahopere gyee Mesia Ahenni a ɛreba no toom no ne Kristoman kamfoo aboa kɔkɔɔ no anaa? Dabida! Kwasida, September 7, 1919 mu no, wɔmaa baguam ɔkasa bi wɔ Yehowa nkurɔfo nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio, no ase a ɛne “Adesamma a Wɔahaw Anidaso” no. N’adekyee no, Sandusky Star-Journal atesɛm krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ J. F. Rutherford rekasa akyerɛ nnipa bɛyɛ 7,000 no, “ɔkae sɛ ɛda adi sɛ Awurade abufuw bɛba Apam no so . . . efisɛ asɔfo—Katolekfo ne Prostestantfo—a wɔka sɛ wɔyɛ Onyankopɔn ananmusifo no agyaw ne nhyehyɛe akogye Amanaman Apam no atom, akamfo no sɛ Kristo Ahenni amammui nhwɛso wɔ asase so.”

20. Dɛn nti na na ɛyɛ abususɛm sɛ asɔfo no bɛkamfo Amanaman Apam no sɛ “Onyankopɔn Ahenni no amammui nhwɛso a ɛwɔ asase so”?

20 Na anka ɛsɛ sɛ Amanaman Apam no huammɔdi a ɛyɛ awerɛhow no ma asɔfo no hu sɛ ahyehyɛde a ɛtete saa a onipa ayɛ no nyɛ Onyankopɔn Ahenni fã bi a ɛwɔ asase so. Ɛyɛ abususɛm koraa sɛ wɔbɛka saa! Ɛma ɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn ka ho na wɔyɛɛ adwuma bɔne kɛse a Apam no bɛdaa adi sɛ ɛyɛ no. Onyankopɔn de, “n’adeyɛ yɛ pɛ.” Yehowa ɔsoro Ahenni a ɛhyɛ Kristo ase no ne ɔkwan a ɔnam so de asomdwoe bɛba ma wɔayɛ n’apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ ɔsoro—na ɛnyɛ amansɛmdifo a wɔne wɔn ho wɔn ho ham, a wɔn mu pii yɛ nnipa a wɔka sɛ Onyankopɔn nni hɔ nkabom bi so na ɔnam.​—Deutoronomium 32:4; Mateo 6:10.

21. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ aguaman kɛse no boa nea ebesii Apam no ananmu a ɛne Amanaman Nkabom no na ɔwɔ ho anigye?

21 Nea ɛbɛhyɛɛ Apam no ananmu a ɛne Amanaman Nkabom no nso ɛ? Efi ne mfiase no, aguaman kɛse no atra kuw yi nso so na ɔde ne ho abɔ ne ho ma wohu pefee, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ no kwan a ɔmfa so. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔredi ne mfe 20 wɔ June 1965 mu no, Roman Katolek Asɔre ne Apuei Fam Ortodoks Asɔre, a Prostestantfo, Yudafo, Hindufo, Budhafo ne Nkramofo ananmusifo ka ho—a wogyina asase sofo ɔpepepem abien ananmu boaboaa wɔn ho ano wɔ San Francisco hyɛɛ mmoa a wɔde ma Amanaman Nkabom no ne wɔn ani a egye ho no ho fã. Bere a Paapa Paul VI kɔsraa Amanaman Nkabom no dwumadibea ti wɔ October, 1965 mu no, ɔkaa ho asɛm sɛ “amanaman ntam ahyehyɛde no mu nea ɛso sen ne nyinaa” na ɔde kaa ho sɛ: “Asase sofo nyinaa de wɔn ho to Amanaman Nkabom no so sɛ biakoyɛ ne asomdwoe ho anidaso a etwa to.” Paapa foforo a ɔkɔsraa hɔ, Paapa John Paul II reka Amanaman Nkabom no ho asɛm wɔ October 1979 mu no, ɔkae sɛ: “Mewɔ anidaso sɛ Amanaman Nkabom no bɛkɔ so ayɛ asomdwoe ne atɛntrenee ho nhyiambea a ɛkorɔn sen biara.” Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ Paapa no anka Yesu Kristo anaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm ahe biara wɔ ne kasa no mu. Ɔkɔsraa United States September wɔ 1987 mu no, sɛnea The New York Times bɔɔ amanneɛ no, “John Paul kaa dwuma ankasa a Amanaman Nkabom no redi de ama . . . wiase nyinaa biakoyɛ foforo aba no ho asɛm tenteeten.”

Din bi, Ahintasɛm

22. (a) Aboa bɛn so na aguaman kɛse no apaw sɛ ɔbɛtra? (b) Yohane ka sɛnkyerɛnne kwan so aguaman Babilon Kɛse no ho asɛm dɛn?

22 Ɛrenkyɛ na ɔsomafo Yohane ahu sɛ aguaman no apaw aboa bɔne bi te no so. Nanso nea edi kan no, n’adwene dan kɔ Babilon Kɛse no ankasa so. Wahyehyɛ ne ho kɔsɔɔ, nanso ne ho yɛ tan dɛn ara! “Na ɔbea no hyɛ atade afasebiri ne nkra nhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho, na okura sika kuruwa a akyide ne n’aguamammɔ fĩ ayɛ no ma. Na wɔakyerɛw din bi ne moma so sɛ: Ahintasɛm. Babilon kɛse no, asase so nguaman ne akyide nã. Na mihuu sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no.”—Adiyisɛm 17:4-6a.

23. Babilon Kɛse no din nyinaa ne dɛn, na ɛkyerɛ dɛn?

23 Sɛnea Romafo amammerɛ te no, wɔde din bi a ɛwɔ aguaman yi moma so no na ehu no. * Ɛyɛ din bi a ɛware: “Babilon Kɛse, asase so nguaman ne akyide nã.” Saa din no yɛ “ahintasɛm,” biribi ne ntease ahintaw. Nanso Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, wɔbɛkyerɛkyerɛ ahintasɛm no mu. Nokwarem no, ɔbɔfo no ka nsɛm a ɛdɔɔso kyerɛ Yohane a ɛbɛma Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ atumi ahu nea din a wɔaka ho asɛm yi kyerɛ no mu yiye. Yehu Babilon Kɛse no sɛ ɛne atoro som nyinaa. Ɔne “nguaman . . . nã” efisɛ atoro som mmiako mmiako a ɛwɔ wiase nyinaa, a Kristoman nyamesom akuw bebree no nso ka ho, te sɛ ne mmabea a wosuasua ne honhom mu aguamammɔ no. Ɔyɛ “akyide” nã nso efisɛ ɔno na wawo mma bɔne te sɛ abosonsom, ahonhonsɛmdi, adebisa, nsoromma mu hwɛ, nsam hwɛ, nnipa a wɔde wɔn bɔ afɔre, asɔrefi nguaman, asabow a wɔde hyɛ atoro anyame anuonyam ne nneyɛe fĩ afoforo.

24. Dɛn nti na ɛfata sɛ wohu sɛ Babilon Kɛse ahyɛ “atade afasebiri ne nkra nhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene ahyehyɛ ne ho”?

24 Babilon Kɛse hyɛ atade “afasebiri ne nkra nhoma” adehyetam na ɔde “sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho.” Ɛfata dɛn ara! Wo de susuw adan nwonwaso, nkae adum ne mfonini horow a ɛho yɛ nã, ahoni ne mfonini ahorow a ne bo yɛ den, ne nyamesom ho nneɛma, ne agyapade ne sika bebree a wiase nyamesom aboaboa ano no nyinaa ho hwɛ. Sɛ ɛyɛ nea ɛwɔ Vatican, TV so asɛmpa ka ahemman a ne ti wɔ United States, anaa nea ɛwɔ Apuei Fam ade korabea ne asɔredan ahorow a ɛyɛ soronko no mu no, Babilon Kɛse aboaboa ahonyade bebree ano—na ɛtɔ mmere bi a ɔhwere ade bebree.

25. (a) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na wɔde nea ɛwɔ ‘sika kuruwa a akyide ayɛ mu ma’ no yɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so aguaman no abow?

25 Afei hwɛ nea aguaman no kurae wɔ ne nsam. Ɛbɛyɛ sɛ Yohane baee n’anom wɔ nea ohui no ho—sika kuruwa a “akyide ne n’aguamammɔ fĩ ayɛ no ma”! Eyi ne kuruwa a “n’aguamammɔ abufuw nsa” wom a ɔde ama amanaman nyinaa anom abow no. (Adiyisɛm 14:8; 17:4) Ɛho yɛ fɛ nanso nea ɛwɔ mu no yɛ akyide, ɛyɛ efĩ. (Fa toto Mateo 23:25, 26 ho.) Afide ne atoro a aguaman kɛse no de adi dwuma de adaadaa amanaman no de wɔn aba ne nkɛntɛnso ase no nyinaa na ɛwom. Nea enye koraa no, Yohane hu sɛ aguaman no ankasa nso abow, Onyankopɔn nkoa mogya abow no! Ampa, akyiri yi yɛkenkan sɛ “ne mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakunkum wɔn asase so no nyinaa mogya.” (Adiyisɛm 18:24) Mogya ho afodi bebrebe bɛn ara ni!

26. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Babilon Kɛse no di mogya ho fɔ?

26 Mfehaha no mu no, wiase atoro som ahemman no ahwie mogya bebree agu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Japan wɔ mfinimfini mfe no mu no, wɔsakraa asɔredan ahorow a ɛwɔ Kyoto de yɛɛ abannennen, na nkokorafo akofofo a wɔpae “Budha din kronkron no” ne wɔn ho wɔn ho koe araa kosii sɛ mogya maa mmɔnten so beree kɔɔ. Afeha a ɛto so 20 no mu no, Kristoman asɔfo ne wɔn aman no mu asraafo tuu aprenten, na eyinom kunkum wɔn ho, na anyɛ yiye koraa no akra ɔpepem ɔha totɔe. October 1987 mu no, kan U.S. ɔmampanyin Nixon kae sɛ: “Afeha a ɛto so 20 no na ayɛ nea wɔahwie mogya agu wom sen biara wɔ abakɔsɛm mu. Wɔakunkum nnipa pii wɔ afeha yi mu akodi ahorow no mu sen nea wɔakunkum akodi ahorow nyinaa mu ansa na afeha yi refi ase no mu.” Onyankopɔn bu wiase nyamesom ahorow no fɔ wɔ kyɛfa a wonyae wɔ eyi nyinaa mu no ho; Yehowa kyi “nsa a ehwie mogya a edi bem gu.” (Mmebusɛm 6:16, 17) Ansa na eyi reba no, Yohane tee nteɛm bi fii afɔremuka no mu se: “Awurade, ɔkronkronni ne ɔnokwafo, woremmu atɛn, na worenni wɔn a wɔte asase so no yɛn mogya so were kosi da bɛn?” (Adiyisɛm 6:10) Babilon Kɛse, nguaman ne asase so akyide nã no ho bɛba mu kɛse bere a bere du sɛ wobebua saa asemmisa no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Afeha a ɛto so 19 mu Roman Katolek ɔsɔfo panyin John Henry Newman rekyerɛ nea Kristoman a awae no nkyerɛkyerɛ, guasodeyɛ ne nneyɛe ahorow bebree a ɛnyɛ Kristofo de no fi no, ɔkyerɛwee wɔ ne nhoma Essay on the Development of Christian Doctrine no mu sɛ: “Asɔrefi ahorow a wɔde di dwuma, ne eyinom a wohyira so ma akronkronfo pɔtee bi, na wɔde nnubaa hyehyɛ ho wɔ mmere bi mu; aduhuam, akanea ne kyɛnerɛ; aseda afɔre a sɛ obi yare na ne ho san no a wɔbɔ; nsu kronkron; guankɔbea ahorow; nna kronkron ne mmere, dwuma a wɔde mmerebu pon di, mmorɔn so aprententu, mfuw so a wohyira; asɔfo ntade, nyamesom ti a woyi, mpɛtea a wɔde ware, Apuei a wɔde wɔn ani kyerɛ, ahoni a akyiri yi ɛbae, ebia asɔre mu nkankye ne Kyrie Eleison [“Awurade, Hu Yɛn Mmɔbɔ” dwom no], ne nyinaa fi abosonsom mu, na wɔnam Asɔre no mu a wogye bae no so atew ho.”

Sɛ anka “Yehowa, ade nyinaa so tumfoɔ no” bɛtew abosonsom a ɛte saa ho mmom no, otu Kristofo fo sɛ: “Mumfi wɔn mu, na montew mo ho, . . . na monnka nea ɛyɛ fi.”—2 Korintofo 6:14-18, New World Translation.

^ nky. 7 William L Shirer abakɔsɛm nhoma a ɛne The Rise and Fall of the Third Reich no ka sɛ von Papen “na tumi a Hitler dii wɔ Germany no fi no sen obi foforo biara.” January 1933 mu no, na von Schleicher a anka ɔyɛ Germany ɔmampanyin no aka von Papen ho asɛm sɛ: “Ɔdaa ne ho adi sɛ ɔfatwafo a sɛ wɔde no toto Yuda Iskariot ho a, na [Yuda Iskariot] yɛ ɔhotefo.”

^ nky. 7 Paapa Pius XI rekasa akyerɛ College of Mondragone mufo wɔ May 14, 1929 mu no, ɔkae sɛ sɛ akra yiyedi hwehwɛ sɛ ɔne Ɔbonsam ankasa bɛyɛ nhyehyɛe a, ɔbɛyɛ saa.

^ nky. 23 Fa Romani ɔkyerɛwfo Seneca nsɛm no toto ɔbea kɔmfo a onni nokware (a Swete fa kaa asɛm) no ho: “Abeawa, wugyinaa nguaman fi . . . wo din sensɛn wo moma so; wugyee w’animguase ho sika.”—Controv. i, 2.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 237 adaka]

Churchill Pa ‘Aguamammɔ’ ho Ntama

Winston Churchill bɔ amanneɛ wɔ ne nhoma The Gathering Storm (1948) no mu sɛ Hitler paw von Papen sɛ Germany ɔsoafo wɔ Vienna esiane sɛ “otutuu Austria amansɛm mu atitiriw ase anaasɛ onyaa wɔn baa n’afa nti.” Churchill fa U.S. ɔsoafo a na ɔwɔ Vienna no asɛm a ɔkae wɔ von Papen ho no kaa asɛm sɛ: “Wɔ akokoduru ne kateeyɛ a ɛsen biara so no . . . Papen kɔɔ so ka kyerɛɛ me sɛ wayɛ n’adwene sɛ ɔde din a wagye sɛ Katolekni pa no bedi dwuma de anya Austriafo so nkɛntɛnso te sɛ Ɔsɔfo Panyin Innitzer.”

Bere a wodii Austria so nkonim akyi na Hitler asraafo dɔm no kɔfaa Vienna bɔkɔɔ no, Katolek Sɔfo Panyin Innitzer hyɛe sɛ Austria asɔre nyinaa mfa swastika frankaa no nsi asɔredan no so, wɔmmɔ wɔn dɔn na wɔmmɔ mpae mma Adolf Hitler mfa nni n’awoda.

[Kratafa 238 adaka]

Woyii asɛm no fii atesɛm krataa no mu nea wotintimii no akyiri yi mu. December 7, 1941, ne da a Nasi Germany ɔpamfo Japan kɔtow hyɛɛ Pearl Harbor so.

Asɛm a edi so no puei wɔ The New York Times a edi kan a wotintim no December 7, 1941 mu no mu wɔ asɛmti yi ase:

‘ƆKO MPAEBƆ’ MA NNISO NO

“Fulda Katolekfo Asɔfo Mpanyin Bisa Nhyira ne Nkonimdi . . .

Germany Asɔfo Mpanyin Nhyiam a wɔyɛe wɔ Fulda akamfo akyerɛ sɛ wɔmfa ‘ɔko mpaebɔ’ titiriw bi a wɔbɛkenkan wɔ asɔre nyinaa mfiase ne n’awiei nsi hɔ.

Mpaebɔ no srɛ Ɔsoro mmoa sɛ ɛmfa nkonimdi nhyira German akode na ɛmmɔ asraafo no nyinaa nkwa ne wɔn akwahosan ho ban.

Asɔfo mpanyin no san hyɛɛ Katolek asɔfo sɛ wɔmma German asraafo a ‘wɔnam fam, ɛpo so ne wim’ no ho asɛm ntra wɔn adwenem na wɔnkae wɔn Kwasida asɔre titiriw bi mu, anyɛ yiye koraa no pɛnkoro wɔ ɔsram biara mu.”

[Kratafa 244 adaka]

“Abusudin”

Bere a aboa a ɔwɔ mmɛn abien no de Amanaman Apam no bae Wiase Nyinaa Ko I akyi no, ntɛm ara na n’nyamesom mpenafo bebrebe no hwehwɛe sɛ wɔpene adeyɛ yi so nyamesom kwan so. Nea efii mu bae ne sɛ, asomdwoe ahyehyɛde foforo no bɛyɛɛ nea “abusudin ayɛ no ma.”

“Kristosom betumi de adwempa, tumi a egyina [amanaman] apam no akyi, ama na ɛde saayɛ asakra krataa hunu a apam no bɛyɛ ma abɛyɛ Onyankopɔn ahenni no adwinnade.”—The Christian Century, U.S.A., June 19, 1919, kratafa 15.

“Amanaman Apam ho adwene no yɛ Onyankopɔn Ahenni ho adwene a wɔtrɛw mu kɔ amanaman ntam ayɔnkofa mu sɛ wiase adwempa ho nhyehyɛe. . . . Ɛne nea Kristofo nyinaa bɔ ho mpae bere a wɔka sɛ, W’ahenni mmra, no.”—The Christian Century, U.S.A., September 25, 1919, kratafa 7.

“Nea ɛbɛka Amanaman Apam no abom biako ne Kristo Mogya.”—Dr. Frank Crane, Prostestant sɔfo, U.S.A.

“[Congregational Asɔre ahorow] no [Ɔman] Bagua no gyina [Amanaman Apam] no akyi sɛ amammui adwinnade a ɛno nkutoo na ɛwɔ hɔ mprempren a Yesu Kristo Honhom nam so betumi akɔ akyiri amanaman no nsɛm ho dwumadi a ebetumi ayɛ yiye mu.”—The Congregationalist and Advance, U.S.A., November 6, 1919, kratafa 642.

“Nhyiam no to nsa frɛ Methodistfo nyinaa sɛ wonkura [Amanaman Apam no] ho adwene horow a ɛkorɔn sɛnea Agya Onyankopɔn ne Onyankopɔn mma a wɔwɔ asase so ho adwene da no adi no mu na wɔmma ennya nkɔanim.”—The Wesleyan Methodist Church, Britain.

“Bere a yɛasusuw nea botae yi hwehwɛ sɛ ɛyɛ, nea ebetumi ayɛ ne tirimbɔ ahorow no ho mu no, yehu sɛ Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no mu ade titiriw no na ɛwom: Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee . . . ɛnyɛ biribi a esua sen saa.”—Canterbury Ɔsɔfo panyin no asɛm a ɔka de buee Amanaman Apam Nhyiam no ano wɔ Geneva, December 3, 1922.

“Amanaman Apam Fekuw a ɛwɔ ɔman yi mu no wɔ hokwan kronkron koro no ara sɛ asɛmpatrɛwfo kuw a ɛwɔ hɔ ma amanfo yiyedi biara, efisɛ mprempren ɛne Kristo sɛ asomdwoe Hene amanaman no mu no tumidi ho adwinnade a etu mpɔn sen biara.”—Dr. Garvie, Congregationalist sɔfo, Britain.

[Asase mfonini wɔ kratafa 236]

Babilon

Baasakoro anaasɛ anyame abiɛsa ahorow

Ɔdesani kra tra hɔ owu akyi

Ahohonsɛmdi—“awufo” a wɔne wɔn kasa

Ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu

Kaberɛkyere a wɔde pata adaemone

Asɔfokuw bi a ɛyɛ den tumidi

Atoro nkyerɛkyerɛ a wogye di wɔ wiase nyinaa mfiase fi Babilon

[Kratafa 239 mfonini ahorow]

Na tete Babilon te nsu bebree so

[Kratafa 239 mfonini ahorow]

Aguaman kɛse no nso te “nsu bebree” so nnɛ

[Kratafa 241 mfonini]

Babilon Kɛse no te aboa bi a ne ho yɛ hu so

[Kratafa 242 mfonini]

Nyamesom aguaman no ne asase so ahene abɔ aguaman

[Kratafa 245 mfonini ahorow]

“Ahotefo mogya abow” ɔbea no