Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Akra a Wɔakum Wɔn’ no Nya Akatua

‘Akra a Wɔakum Wɔn’ no Nya Akatua

Ti 17

‘Akra a Wɔakum Wɔn’ no Nya Akatua

1. Bere bɛn mu na yɛte yi, na ɛho adanse bɛn na ɛwɔ hɔ?

ONYANKOPƆN Ahenni di tumi! Ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo reyɛ awie ne nkonimdi no! Ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ, ɔpɔnkɔbiri ne ɔpɔnkɔ nsõnso no retu wɔn mmirikaden no kyin asase so! Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu ankasa nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa ne ba sɛ Ɔhene ho no renya mmamu. (Mateo, atiri 24, 25; Marko, ti 13; Luka, ti 21) Yiw, yɛte nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri no mu. (2 Timoteo 3:1-5) Esiane sɛ eyi te saa nti, momma yɛnyɛ aso yiye bere a Oguammaa, Yesu Kristo, tew saa nhoma mmobɔwee no nsɔano a ɛto so anum no ano no. Adiyi foforo bɛn mu kyɛfa na afei yebenya?

2. (a) Dɛn na Yohane hui bere a wɔtew nsɔano a ɛto so anum no ano no? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ yɛkenkan sɛnkyerɛnne kwan so afɔremuka a ɛwɔ soro bi ho asɛm?

2 Yohane ka mfonini a ɛka koma ho asɛm: “Na ɔtew nsɔano a ɛto so anum no ano no, mihuu wɔn a Onyankopɔn asɛm ne wɔn adanse a wodii no nti wɔakunkum wɔn no akra afɔremuka no ase.” (Adiyisɛm 6:9) Ɛyɛ dɛn? Afɔremuka wɔ ɔsoro anaa? Yiw! Eyi ne bere a edi kan a Yohane bɔ afɔremuka din. Nanso, na wadi kan aka Yehowa a ɔte N’ahengua so, kerubim a wɔatwa ne ho ahyia, ahwehwɛ po, akanea ne mpanyimfo 24 a wokurakura aduhuam, ho asɛm dedaw—eyinom nyinaa sɛ asase so ntamadan, Yehowa kronkronbea a na ɛwɔ Israel, no mu nneɛma ahorow. (Exodus 25:17, 18; 40:24-27, 30-32; 1 Beresosɛm 24:4) Enti, so ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ yebehu sɛnkyerɛnne kwan so afɔremuka nso wɔ ɔsoro anaa?—Exodus 40:29.

3. (a) Wɔ tete Yudafo ntamadan no mu no, ɔkwan bɛn so na wohwie akra gu “afɔremuka no ase”? (b) Dɛn nti na Yohane huu Adansefo a wɔakunkum wɔn no akra wɔ sɛnkyerɛnne kwan so afɔremuka a ɛwɔ ɔsoro ase?

3 Afɔremuka yi ase na “wɔn a Onyankopɔn asɛm ne wɔn adanse a wodii no nti wɔakunkum wɔn no akra” wɔ. Eyi kyerɛ dɛn? Eyinom rentumi nyɛ akra a wɔafi nipadua no mu—te sɛ nea Helafo abosonsomfo gye di no. (Genesis 2:7; Hesekiel 18:4) Mmom no, Yohane nim sɛ wɔde mogya yɛ ɔkra anaa nkwa ho sɛnkyerɛnne, na bere a asɔfo a na wɔwɔ tete Yudafo ntamadan no mu no kunkum afɔrebɔ mmoa no, wɔde mogya no petepete ‘afɔremuka no ho hyia’ anaasɛ wohwie gu ‘ɔhyew afɔremuka no ase.’ (Leviticus 3:2, 8, 13; 4:7; 17:6, 11, 12) Enti wɔde aboa kra bata afɔremuka no ho kɛse. Nanso dɛn nti na wobehu sɛ Onyankopɔn asomfo yi akra, anaa mogya, wɔ sɛnkyerɛnne kwan so afɔremuka no ase wɔ ɔsoro? Efisɛ wobu wɔn wu sɛ afɔrebɔde.

4. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no wu yɛ afɔrebɔde?

4 Nokwarem no, wɔn a wɔwo wɔn sɛ Onyankopɔn honhom mu mma no nyinaa wu afɔrebɔ wu. Nea wɔbɛyɛ wɔ Yehowa ɔsoro Ahenni no mu no nti, ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔpow asase so daa nkwa ho anidaso biara, na wɔde bɔ afɔre. Saa kwan yi so no, wowu afɔrebɔ wu ma Yehowa tumidi. (Filipifo 3:8-11; fa toto 2:17 ho.) Eyi te saa ampa wɔ wɔn a Yohane huu wɔn afɔremuka no ase no fam. Wɔyɛ wɔn a wɔasra wɔn a wɔn bere so no, wokunkum wɔn sɛ mogya adansefo esiane wɔn som adwuma mu nsiyɛ a wɔde gyinaa Yehowa Asɛm ne n’ahenni akyi no nti. “Onyankopɔn asɛm ne wɔn adanse a wodii [mar·ty·riʹan] no nti wokunkum wɔn no akra.”

5. Ɛwom sɛ wɔawuwu de, nanso ɔkwan bɛn so na anokwafo no akra teɛm frɛ aweredi?

5 Nsɛm a esisi no kɔ so da adi: “Na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, ɔkronkronni ne ɔnokwafo, woremmu atɛn, na worenni wɔn a wɔte asase so no yɛn mogya so were kosi da bɛn?” (Adiyisɛm 6:10) Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn akra, anaa mogya, ateɛm abisa aweredi, esiane sɛ Bible kyerɛ sɛ awufo nni nkate biara nti? (Ɔsɛnkafo 9:5) Wiɛ, so ɔtreneeni Habel mogya ankasa bere a Kain kum no akyi no? Ɛno na Yehowa ka kyerɛɛ Kain sɛ: “Ɛdɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so.” (Genesis 4:10, 11; Hebrifo 12:24) Na ɛnyɛ sɛ Habel mogya reteɛm ankasa. Mmom no na Habel awu sɛ obi a ne ho nni asɛm a wɔakum no, na na atɛntrenee hwehwɛ sɛ wɔtwe nea okum no no aso. Saa ara nso na saa Kristofo a wokunkum wɔn sɛ mogya adansefo no ho nni asɛm, na atɛntrenee mu no, ɛsɛ sɛ wodi were ma wɔn. (Luka 18:7, 8) Aweredi a wɔteɛm bisa no ano yɛ den, efisɛ mpempem pii awuwu saa.​—Fa toto Yeremia 15:15, 16 ho.

6. Mogya a edi bem a wohwie gui bɛn ho were na wodii wɔ 607 A.Y.B. mu?

6 Wobetumi de tebea no atoto nea na ɛwɔ Yuda a na awae bere a Ɔhene Manase bɛtraa ahengua no so 716 A.Y.B. mu no ho. Ohwiee mogya a edi bem pii gui, na ɛbɛyɛ sɛ ɔde ‘ɔwan paee odiyifo Yesaia mu.’ (Hebrifo 11:37; 2 Ahene 21:16) Ɛwom sɛ akyiri no Manase sakraa n’adwene ne ne su de, nanso saa mogya ho asodi no traa hɔ. Afe 607 A.Y.B. mu, bere a Babilonfo bɛyɛɛ Yuda ahenni no pasaa no, na ɛyɛ Yehowa “anom asɛm nko so na eyi nam baa Yuda so, sɛ obeyi wɔn afi n’anim, Manase bɔne nti, sɛ nea ɔyɛe no nyinaa, ne mogya a edi bem nso a ɔka gui na ɔde mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na [Yehowa] ampɛ sɛ ɔde firi.”—2 Ahene 24:3, 4.

7. Hena titiriw na odi “ahotefo no mogya” a wohwie gui no ho fɔ?

7 Sɛnea na ɛte Bible mmere mu no, saa ara na nnɛ ebia wɔn a wokunkum Onyankopɔn Adansefo no pii awuwu dedaadaw. Nanso ahyehyɛde a ɛma wokunkum wɔn sɛ mogya adansefo no da so ara wɔ hɔ, na edi mogya ho fɔ. Ɛyɛ Satan asase so ahyehyɛde, n’asase so aseni no. * Ne fã titiriw ne Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no. Wɔka ne ho asɛm sɛ “ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow” no. Yiw, ne “mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakunkum wɔn asase so no nyinaa mogya.” (Adiyisɛm 17:5, 6; 18:24; Efesofo 4:11; 1 Korintofo 12:28) Mogya ho asodi duruduru bɛn ara ni! Bere tenten a Babilon Kɛse no wɔ hɔ de, wɔn a wɔakunkum wɔn no mogya bɛteɛm abisa atemmu.​—Adiyisɛm 19:1, 2.

8. (a) Mogya adansefo wu ho nhwɛso horow bɛn na na aba Yohane nkwa nna mu? (b) Ɔtaa ahorow bɛn na Roma ahempɔn ma ɛbae?

8 Yohane ankasa nso huu nnipa a wokunkum wɔn sɛ mogya adansefo wɔ afeha a edi kan no mu bere a Ɔwɔ otirimɔdenfo no ne n’asefo a wɔwɔ asase so no tuu Kristofo a wɔasra wɔn no asafo a ná ɛredɔ no so sa no. Ná Yohane ahu bɔ a wɔbɔɔ yɛn Awurade asɛndua mu, na na watra ase ahu kum a wokum Stefano, ne n’ankasa ne nua Yakobo, ne Petro, Paulo ne ahokafo afoforo a wɔbɛn no pɛɛ no. (Yohane 19:26, 27; 21: 15, 18, 19; Asomafo no Nnwuma 7:59, 60; 8:2; 12:2; 2 Timoteo 1:1; 4:6, 7) Afe 64 Y.B. mu no, ná Roma hempɔn Nero de asɛm ato Kristofo so sɛ wɔato kuropɔn no mu gya, na ɔde akata huhuhuhu a ɛkɔ so sɛ ɔno na ɔhyew kurow no so. Abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus bɔ amanneɛ sɛ: “[Kristofo no] wuwui denam fɛwdi akwan horow so; wɔde wuram mmoa nhoma duraa ebinom ho na akraman tetew wɔn mu, wɔbobɔɔ ebinom [asɛndua mu], * wɔyɛɛ ebinom sɛ agyatɛn hyew wɔn anadwo.” Na ɔtaa foforo a ɛbae wɔ Ɔhempɔn Domitian ase (81-96 Y.B.) ama wɔatwa Yohane asu akɔ Patmo supɔw so. Sɛnea Yesu kae no: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.”—Yohane 15:20; Mateo 10:22.

9. (a) Nnaadaa ade kɛse bɛn na Satan de bae afeha a ɛto so anan Y.B. no mu, na na ɛyɛ dɛn fa titiriw? (b) Kristoman mu atumfo bi yɛɛ Yehowa Adansefo dɛn wɔ Wiase Ko I ne II mu?

9 Ebeduu afeha a ɛto so anan Y.B. no, ná ɔwɔ dedaw no, Satan Ɔbonsam, de ne nnaadaa a ɛsen biara no aba, Kristoman nyamesom ɔwae—Babilon nhyehyɛe bi a wɔde “Kristoni” nkataanim akata so. Ɛne Ɔwɔ no aseni titiriw, na anyin abɛyɛ ɔsom bebree a wɔne wɔn ho wɔn ho nhyia. Te sɛ tete Yuda a anni nokware no, mogya ho asodi duruduru da Kristoman so, efisɛ ɛde ne ho bɔɔ Wiase Nyinaa Ko I ne II no mu afanu no nyinaa ho kɔɔ akyiri. Kristoman mu amammui atumfo bi mpo de saa ako yi dii dwuma sɛ nkataanim de kunkum Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn no. Ɛrebɔ ɔtaa a Hitler taa Yehowa Adansefo ho amanneɛ no, Friedrich Zipfel nhoma Kirchenkampf in Deutschland (Asɔreasɔre no Ko wɔ Germany) no mu a wɔsan hwehwɛe no kae sɛ: “Wokunkum wɔn [Adansefo no] mu nkyem abiɛsa mu biako, denam wɔn ti a wotwitwae, anuɔdensɛm nneyɛe afoforo, ɔkɔm, ɔyare anaa anyadimɔ so. Sɛnea ade a wɔde yɛɛ wɔn no mu den te no so mmae da, na efi gyidi a wɔannyaa mu ansiesie a wontumi mma ɛne Ɔman Kwasafo amammui adwene no anhyia no.” Ampa, wobetumi aka Kristoman a n’asɔfo ka ho no ho asɛm sɛ: “W’atade mmuaano na wohu ahiafo a wodi bem no [akra] mogya.”—Yeremia 2:34. *

10. Ɔtaa ahorow bɛn na nnipakuw kɛse no mu mmerante ahyia wɔ nsase pii so?

10 Efi 1935 reba no, nnipakuw kɛse no mu mmerante anokwafo na wɔahyia ɔtaa no kɛse wɔ nsase pii so. (Adiyisɛm 7:9) Bere a Wiase Nyinaa Ko II baa awiei wɔ Europa no mpo, wɔsɛn Yehowa Adansefo mmerantewa 14 wɔ kurow biako pɛ mu kunkum wɔn. Bɔne bɛn na wɔyɛe? Wɔmpɛ sɛ ‘wosua akodi bio.’ (Yesaia 2:4) Nnansa yi ara, wɔaboro mmerante akunkum wɔn anaasɛ wɔatotow wɔn tuo akunkum wɔn wɔ asɛnkoro no ara ho wɔ Apuei Fam Aman mu ne Afrika. Saa mmerante mogya adansefo, Yesu nuanom a wɔasra wɔn no aboafo a wɔfata yi, benya owusɔre ampa akɔ bɔhyɛ asase foforo no so.​—2 Petro 3:13; fa toto Dwom 110:3; Mateo 25:34-40; Luka 20:37, 38 ho.

Atade Fitaa

11. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn a wɔakunkum wɔn no nya “atade fitaa”?

11 Bere a ɔsomafo Paulo akyerɛw mudi mu kurafo gyidi ho asɛm akyi no, ɔkae sɛ: “Na eyinom nyinaa a wɔnam gyidi so nyaa adanse pa no, wɔn nsa anka bɔhyɛ no, efisɛ Onyankopɔn asiesie biribi a eye kyɛn so asie yɛn, na wɔankwati yɛn anyɛ wɔn pɛ.” (Hebrifo 11:39, 40) Dɛn ne saa “biribi a eye kyɛn so” a Paulo ne Kristofo afoforo a wɔasra wɔn no hwɛ kwan no? Yohane hu wɔ anisoadehu mu wɔ ha: “Na wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome bere tiaa bi bio nkosi sɛ wɔn nwurakwaa ne wɔn nuanom a wobekum wɔn te sɛ wɔn no nso bewie du.” (Adiyisɛm 6:11) “Atade fitaa” a wonya no fa wɔn wusɔre a ɛbɛma wɔayɛ honhom abɔde a wɔwɔ daa nkwa a owu nni mu ho. Wɔnna hɔ sɛ akra a wɔakunkum wɔn wɔ afɔremuka no ase bio, na mmom wonyan wɔn ma wɔbɛyɛ mpanyimfo 24 kuw a wɔsom Onyankopɔn ɔsoro ahengua anim no mufo. Wɔama wɔn ankasa nso nhengua wɔ hɔ, a ɛkyerɛ sɛ wɔanya ahenni hokwan ahorow. Na wɔhyehyɛ “ntade fitaa,” a ɛkyerɛ sɛ wɔabu wɔn atreneefo, a wɔfata sɛ wonya baabi a nidi wom wɔ Yehowa anim saa ɔsoro abangua no so. Eyi nso yɛ Yesu bɔ a ɔhyɛɛ Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn wɔ Sardi asafo no mu no mmamu: “Nea odi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atade fitaa saa.”—Adiyisɛm 3:5; 4:4; 1 Petro 1:4.

12. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn a wonyan wɔn no home “bere tiaa bi bio,” na ekosi bere bɛn?

12 Adanse no nyinaa kyerɛ sɛ saa ɔsoro owusɔre yi fii ase 1918 mu, bere a wɔde Yesu sii ahengua so 1914 mu na ɔtraa ne pɔnkɔ so de fii n’ahenni nkonimdi ase denam Satan a oyii ɔne n’adaemone fii ɔsoro hɔ no so no akyi. Nanso wɔka kyerɛ wɔn a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn no sɛ “wɔnhome bere tiaa bi bio nkosi sɛ wɔn nwurakwaa . . . no nso [dodow] bewie du.” Ɛsɛ sɛ Yohane kuw no mufo a wɔda so wɔ asase so no de wɔn mudi ho adanse ma wɔ sɔhwɛ ne ɔtaa mu, na ebia wobekunkum eyinom mu binom bio. Nanso, awiei no, wobedi mogya trenee nyinaa a Babilon Kɛse ne n’amammui mpenafo no ahwie agu no were. Ansa na eyi bɛba no, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔanyan wɔn no yɛ wɔn nnwuma wɔ ɔsoro a adagyew nnim. Wɔhome, ɛnyɛ sɛ na wɔtete hɔ kwa a wogye wɔn ani a wɔnyɛ hwee, na mmom wɔatɔ wɔn bo ase retwɛn Yehowa aweredi da. (Yesaia 34:8; Romafo 12:19) Wɔn ahomegye no bɛba awiei bere a wohu atoro som sɛe, na sɛ “wɔn a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wodi no nokware” no, wɔbɛka Awurade Yesu Kristo ho de atemmu aba Satan asefo abɔnefo a wɔaka a wɔwɔ asase so ha nyinaa no so no.​—Adiyisɛm 2:26, 27; 17:14; Romafo 16:20.

‘Wɔn a Wɔawuwu no Sɔre Kan’

13, 14. (a) Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ no, bere bɛn na ɔsoro owusɔre no fi ase, na henanom na wonyan wɔn? (b) Bere bɛn na wonyan wɔn a wɔasra wɔn a wɔtra nkwa mu kodu Awurade da no mu no kɔ ɔsoro?

13 Nea nsɔano a ɛto so anum no anotew ma wohui no ne kyerɛw nsɛm afoforo a ɛfa ɔsoro wusɔre ho no hyia pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Na eyi na yɛnam [Yehowa] asɛm so ka kyerɛ mo, sɛ yɛn ateasefo a yɛka kosi ba a Awurade aba no renni wɔn a wɔadeda owu mu no anim ɔkwan biara so; efisɛ Awurade ankasa de osebɔ, ne ɔbɔfopanyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bɛsɔre kan. Ɛno akyi na wɔbɛfa yɛn a yɛtete ase na yɛaka no aka wɔn ho, amununkum mu na yɛakohyia Awurade wɔ wim na saa na yɛne Awurade bɛtra daa.”—1 Tesalonikafo 4:15-17, NW.

14 Asɛm a ɛkanyan nnipa bɛn ara na nkyekyem ahorow yi ka sɛɛ yi! Yesu nuanom a wɔasra wɔn a wɔawuwu dedaw no bedi wɔn a wɔka kosi bere a Yesu aba, ɛne sɛ, wɔn a wɔda so ara wɔ nkwa mu wɔ asase so bere a waba, no anim akɔ soro. Wɔn a wɔtete saa, a wɔawuwu Kristo mu no, sɔre kan. Yesu sian, ɛne sɛ, ɔdan n’adwene si wɔn so, na onyan wɔn kɔ honhom asetra mu na ɔma wɔn “atade fitaa.” Ɛno akyi no wɔn a wɔda so ara te ase sɛ adesamma no wie wɔn asase so adwuma, a wɔn mu bebree wuwu anuɔden kwan so wɔ asɔretiafo nsam. Nanso, wɔnna owu mu sɛnea wɔn a wodii wɔn anim no yɛe no. Mmom no, bere a wowu no, wɔsakra wɔn amonom hɔ ara—“afrɛ so”—na wɔfa wɔn kɔ ɔsoro na wɔkɔka Yesu ne mfɛfo Kristo nipadua no mufo ho. (1 Korintofo 15:50-52; fa toto Adiyisɛm 14:13 ho.) Enti, Kristofo a wɔasra wɔn no owusɔre fi ase bere a Adiyisɛm mu apɔnkɔsotefo baanan no fi wɔn mmirikaden no tu ase akyi pɛɛ.

15. (a) Asɛmpa bɛn na nsɔano a ɛto so anum no anotew de ama? (b) Nkonimdifo a ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so no mmirikatu no kowie dɛn mu?

15 Nhoma mmobɔwee no nsɔano a ɛto so anum yi de asɛmpa ama wɔ mudi mu kurafo a wɔasra wɔn a wɔadi nkonim ne nokware akodu owu mu, no ho. Nanso ɛmfa asɛmpa biara mma Satan ne n’asefo. Nkonimdifo a ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so no mmirikatu no kɔ so ara a hwee ntumi nsiw no kwan na ekowie akontaabu bere ma wiase a ‘ɛda ɔbɔnefo no tumi mu no’ mu. (1 Yohane 5:19) Wɔda eyi adi pefee bere a Oguammaa no tew nsɔano a ɛto so asia no ano no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Wɔka dekode a Babilon Kɛse yɛ no ho asɛm kɔ akyiri wɔ ti 33.

^ nky. 8 Fa toto New World Translation Reference Bible, kratafa 1577, appendix 5C, “Torture Stake” ho.

^ nky. 9 Wɔde nyamesom mogya ho asodi ho adanse fefeefe ama wɔ ti 36 mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 102 adaka]

‘Akra a wɔakunkum wɔn’

McClintock ne Strong’s Cyclopedia fa John Jortin, afeha 18 no mu Engiresi Protestantni a n’awofo yɛ French Huguenotfo no, nsɛm ka sɛ: “Baabi a ɔtaa fi ase no, Kristosom ba awiei . . . Ɛyɛ bere a wɔde Kristosom sii hɔ sɛ [Roma] ahemman no som, ne bere a wɔde ahonyade ne nidi maa n’asomfo akyi, na ɔtaa kɛse a ɛyɛ hu a enye mu yɛɛ den yiye, na ɛde ne nkɛntɛnso a ɛsɛe ade no kataa Asɛmpa no som no so.”

[Kratafa 103 mfonini]

“Na wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa”