Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anuonyam Kurow No

Anuonyam Kurow No

Ti 43

Anuonyam Kurow No

Anisoadehu 16—Adiyisɛm 21:9–22:5

Asɛmti: Yerusalem Foforo ho nkyerɛkyerɛmu

Bere a enya mmamu: Ahohiahia kɛse no ne bun mu a wɔde Satan to no akyi

1, 2. (a) Ɛhe na ɔbɔfo bi de Yohane kɔ ma ɔkɔhwɛ Yerusalem Foforo no, na nsonoe bɛn na yehu wɔ ha? (b) Dɛn nti na eyi ne Adiyisɛm awiei koraa no?

NA ƆBƆFO bi afa Yohane de no akɔ sare so akɔkyerɛ no Babilon Kɛse no. Afei abɔfo kuw koro no ara muni biako de Yohane kɔ bepɔw tenten bi so. Biribi soronko bɛn na ohu sɛɛ yi! Kurow bi a ɛho ntew a ɛyɛ aguamammɔ kurow te sɛ Babilon aguaman no nni ha, na mmom Yerusalem Foforo—ɛho tew, ɛyɛ honhom mu de, ɛyɛ kronkron—na efi soro ankasa resian.​—Adiyisɛm 17:1, 5.

2 Asase so Yerusalem no mpo annya anuonyam bi a ɛte sɛɛ da. Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw ason a edi akyiri no ahyehyɛ mu mama no mu biako baa me nkyɛn ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforo, oguammaa no yere no. Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔw kɛse tenten bi so, na ɔkyerɛɛ me kurow kronkron Yerusalem no sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian. Ekura Onyankopɔn anuonyam.” (Adiyisɛm 21:9-11a) Yohane fi bepɔw tenten no atifi sorosoro hwɛ kurow fɛfɛ no fɛ a ɛyɛ nyinaa. Nnipa a wɔwɔ gyidi de ahopere ahwɛ ne ba kwan fi bere a adesamma kɔɔ bɔne ne owu mu no. Anya aba! (Romafo 8:19; 1 Korintofo 15:22, 23; Hebrifo 11:39, 40) Ɛne honhom mu kurow fɛfɛ a wɔn a wɔwom ne mudi mu kurafo anokwafo 144,000 a wɔhyerɛn wɔ ne kronkronyɛ mu, na wɔda Yehowa anuonyam ankasa adi no. Adiyisɛm no awiei koraa ni!

3. Yohane ka Yerusalem Foforo no fɛ a ɛyɛ ho asɛm dɛn?

3 Yerusalem Foforo no yɛ fɛ ara ma enni kabea: “Ne hyerɛn te sɛ ɔbo a ne bo yɛ denneennen, te sɛ ahwehwɛbo a emu tew sɛ ahwehwɛ. Na ɛwɔ ɔfasu kɛse tenten, na ɛwɔ apon kɛse dumien, na abɔfo dumien tete apon no ano, ɛso na wɔakyerɛw din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuw dumien no din. Apon abiɛsa wɔ apuei, apon abiɛsa wɔ benkum, apon abiɛsa wɔ nifa, na apon abiɛsa wɔ atɔe. Na kurow no fasu wɔ nnyinaso dumien a oguammaa no asomafo dumien no din wowɔ so.” (Adiyisɛm 21:11b-14) Hwɛ sɛnea ɛfata yiye sɛ ne hwɛbea a ɛhyerɛn yiye no ne nea edi kan a Yohane kyerɛw to hɔ! Esiane sɛ Yerusalem Foforo no haran fɛfɛ sɛ ayeforo nti, ɛyɛ ɔhokafo a ɔfata Kristo. Ɛhyerɛn ankasa, sɛnea ɛfata “soro . . . hann Agya” no abɔde.​—Yakobo 1:17.

4. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yerusalem Foforo no nyɛ honam fam Israel man?

4 N’apon 12 no so na wɔakyerɛw Israel mmusuakuw 12 no din. Enti wɔn a wɔyɛ sɛnkyerɛnne kwan so kurow yi ne 144,000 a “wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuw nyinaa mu” no. (Adiyisɛm 7:4-8) Nea ɛne eyi hyia no, Oguammaa no asomafo 12 no din wowɔ nhyɛase abo no so. Yiw, Yerusalem Foforo no nyɛ honam fam Israel man a wɔde sii Yakob mma 12 no so no. Ɛne honhom mu Israel, a wɔde sii “asomafo ne adiyifo” no so no.​—Efesofo 2:20.

5. Dɛn na wɔde Yerusalem Foforo “ɔfasu kɛse tenten” no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde abɔfo atra ɔkwan no biara ano no kyerɛ?

5 Sɛnkyerɛnne kwan so kurow no wɔ ɔfasu kɛse bi. Tete mmere mu no, wɔtoo nkurow ho afasu sɛ ahobammɔ a wɔde siw atamfo kwan. Yerusalem Foforo no “ɔfasu kɛse tenten” no kyerɛ sɛ ɛwɔ honhom fam ahobammɔ. Trenee tamfo, obi a ne ho ntew anaa onni nokware, rentumi nkɔ mu da. (Adiyisɛm 21:27) Na wɔn a wɔama wɔn emu kɔ kwan no de, kurow fɛfɛ yi mu hyɛn te sɛ nea wɔrehyɛn Paradise. (Adiyisɛm 2:7) Wɔpam Adam akyi no, wɔde Kerubim kogyinaa mfitiase Paradise no anim na wɔasiw adesamma a wɔn ho ntew kwan na wɔankɔ mu. (Genesis 3:24) Saa ara nso na wɔde abɔfo atratra Yerusalem kurow kronkron no pon biara ano na wɔahwɛ ma kurow no anya honhom mu ahobammɔ. Ampa, nna a edi akyiri yi mu nyinaa no, abɔfo abɔ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ Yerusalem Foforo no asafo no ho ban afi Babilon nneɛma fĩ ho.​—Mateo 13:41.

Kurow no Susuw

6. (a) Yohane ka kurow no susuw ho asɛm dɛn, na dɛn na ne susuw no da no adi? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ebia nea wɔde susuw yi yɛ “onipa nsusuwii a ɛyɛ ɔbɔfo de” nso? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

6 Yohane toa n’amanneɛbɔ no so sɛ: “Na nea ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebesusuw kurow no ne n’apon ne ne fasu no. Na kurow no yɛ ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛw sɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuw kurow no nkwansimma mpem dumien; ne ntwemu ne ne trɛw ne ne korɔn sesɛe. Na osusuw ne fasu no basafa ɔha aduanan anan, sɛ onipa nsusuwii a ɛyɛ ɔbɔfo de no te.” (Adiyisɛm 21:15-17) Bere a wosusuw asɔredan no kronkronbea no, esii so dua sɛ Yehowa atirimpɔw ahorow a ɛfa ho no bɛba mu ampa. (Adiyisɛm 11:1) Afei, Yerusalem Foforo no a ɔbɔfo no susuw no kyerɛ sɛnea Yehowa atirimpɔw a ɛfa kurow fɛfɛ yi ho no ntumi nsakra. *

7. Dɛn na ɛda adi yiye wɔ kurow no susuw ho?

7 Kurow nwonwaso bɛn ara ni! Ahinanan a ewie pɛyɛ a ɛho a wotwa hyia no yɛ nkwansimma 12,000 (bɛyɛ akwansin 1,380), na fasu a ne korɔn yɛ basafa 144, anaasɛ anammɔn 210 na atwa ho ahyia. Kurow ankasa biara nni hɔ a wosusuw a ebedu saa da. Ɛbɛboro asase a ne kɛse bɛyɛ sɛ nnɛyi Israel asase no so mpɛn 14 na ɛbɛkɔ sorosoro ahunmu akwansin 350! Wɔde Adiyisɛm no mae nsɛnkyerɛnne mu. Enti, dɛn na nsusuwii ahorow yi kyerɛ yɛn fa ɔsoro Yerusalem Foforo no ho?

8. Dɛn na wɔde (a) kurow no afasu ahinanan tenten basafã 144 no kyerɛ? (b) kurow no nkwansimaa 12,000 no kyerɛ? (d) kurow no ahinanan a ewie pɛyɛ no kyerɛ?

8 Afasu a ɛyɛ basafa 144 no kae yɛn sɛ honhom mufo 144,000 a Onyankopɔn agye wɔn de wɔn ayɛ ne mma na wɔwom. Wɔde akontaahyɛde 12 a epue wɔ kurow no nsusuwii nkwansimma 12,000 no mu—a ne tenten, ne trɛw, ne ne korɔn yɛ pɛ no—di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so de kyerɛ ahyehyɛde bi gyinabea wɔ Bible nkɔmhyɛ mu. Enti, Yerusalem Foforo no yɛ ahyehyɛde a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ ma wɔde adi Onyankopɔn daa atirimpɔw no ho dwuma. Yerusalem Foforo no ne Ɔhene Yesu Kristo nyinaa yɛ Yehowa Ahenni ahyehyɛde. Afei kurow no sibea no wɔ hɔ: Ɛyɛ ahinanan a ɛyɛ pɛ. Salomo asɔredan no mu no, ná Kronkron mu Kronkronbea a ná ekura nneɛma a egyina hɔ ma wɔ a Yehowa wɔ hɔ no yɛ ahinanan a ewie pɛyɛ. (1 Ahene 6:19, 20) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛfata sɛ wohu Yerusalem Foforo a Yehowa ankasa anuonyam na ɛma ɛharan no sɛ ahinanan kɛse a ewie pɛyɛ! Ne nsusuwii no nyinaa kari pɛ. Ɛyɛ kurow a mfomso anaasɛ dɛm biara nni ho.​—Adiyisɛm 21:22.

Adansi Nneɛma a ne Bo yɛ Den

9. Yohane ka nneɛma a wɔde kyekyee kurow no ho asɛm dɛn?

9 Yohane toa ne nkyerɛkyerɛmu no so sɛ: “Na nea wɔde too ne fasu no ne ahwehwɛbo, na kurow no yɛ sika kronkron, te sɛ ahwehwɛ kronkron. Na wɔde aboɔden abo nyinaa ahyehyɛ kurow no fasu no nnyinaso. Nnyinaso a edi kan yɛ ahwehwɛbo, nea ɛto so abien yɛ hoabo, nea ɛto so abiɛsa yɛ omununkumbo, nea ɛto so anan yɛ ahabammomonobo, nea ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo, nea ɛto so asia yɛ bogyanambo, nea ɛto ason yɛ sikabereɛbo, nea ɛto so awotwe yɛ apopobibiribo, nea ɛto so akron yɛ akraatebo, nea ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo, nea ɛto so dubiako yɛ owusiwbo, nea ɛto so dumien yɛ beredumbo. Na apon dumien no yɛ nhene pa dumien; apon no mu biara wɔde ahene pa biako na ɛyɛe. Na kurow no abɔnten yɛ sika kronkron a ɛte sɛ ahwehwɛ a emu tew.”—Adiyisɛm 21:18-21.

10. Dɛn na wɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde ahwehwɛbo, sika ne “aboɔden abo nyinaa” na ɛkyekyee kurow no kyerɛ?

10 Nokwarem no, kurow no sibea yɛ fɛ. Sɛ anka wɔde asase so nneɛma te sɛ dɔte anaa ɔbo besi mmom no, yɛkenkan ahwehwɛbo, sika pa ne “aboɔden abo nyinaa” ho asɛm. Hwɛ sɛnea eyinom yɛ ɔsoro adansi nneɛma ho mfonini ma ɛfata! Biribiara nni hɔ a ɛyɛ fɛ sen saa. Wɔde sika kronn na ɛkataa tete apam adaka no ho, na Bible mu no, wɔtaa de eyi gyina hɔ ma nneɛma a eye na ɛsom bo. (Exodus 25:11; Mmebusɛm 25:11; Yesaia 60:6, 17) Nanso wɔde sika kronn a ɛte sɛ ahwehwɛ a emu tew na ɛkyekyee Yerusalem Foforo no nyinaa, ne n’abɔnten mpo na ɛkyerɛ ne fɛ ne ne bo a ɛyɛ den mmoroso a adwene nnu ho.

11. Dɛn na esi so dua sɛ wɔn a wɔka bom yɛ Yerusalem Foforo no de honhom mu kronnyɛ a ɛsen biara na ɛbɛtra hɔ?

11 Ɔdesani dwumfo biara nni hɔ a obetumi anya sika a ɛyɛ kronn sɛɛ. Nanso Yehowa ne Ɔnanfo Panyin. Ɔtra ase nan ‘dwetɛ yiyi mu,’ na ɔtew honhom mu Israelfo ankorankoro anokwafo no ho “sɛ sika ne dwetɛ,” na oyiyi wɔn mu fi nyinaa. Ankorankoro a wɔanan wɔn na wɔatew wɔn ho nokwarem no nkutoo na awiei koraa no wɔbɛyɛ Yerusalem Foforo no mufo, na ɔkwan yi so na Yehowa de adansi nneɛma a nkwa wom a ɛde honhom mu kronkronyɛ a ɛkyɛn so na ɛhyerɛn no kyekye kurow no.​—Malaki 3:3, 4.

12. Dɛn na wɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ (a) wɔde aboɔden abo 12 na ɛhyehyɛɛ kurow no nhyɛase no kyerɛ? (b) kurow no apon a ɛyɛ nhene pa no kyerɛ?

12 Kurow no nhyɛase no mpo yɛ fɛ, wɔde aboɔden abo na ahyehyɛ. Eyi kae yɛn tete Yudafo sɔfo panyin, a nnapɔnna bi so no ɔhyɛɛ nguguso a wɔde aboɔden abo ahorow 12 a ɛte sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ ha yi asisi mu. (Exodus 28:15-21) Nokwarem no eyi nyɛ nea ɛne nsɛm ahyia ara kwa! Mmom no, esi asɔfodwuma a Yerusalem Foforo, a Yesu, Ɔsɔfo Panyin kɛse no ne ne “kanea,” yɛ no so dua. (Adiyisɛm 20:6; 21:23; Hebrifo 8:1) Afei nso, Yerusalem Foforo no so na wɔnam de Yesu sɔfo panyin adwuma no so mfaso horow no ma adesamma. (Adiyisɛm 22:1, 2) Kurow no apon 12 a ebiara yɛ ahene pa a ɛyɛ fɛ yiye no kae yɛn Yesu bɛ a obui de ahenni no totoo ahene pa a ne bo yɛ den ho no. Wɔn a wɔfa saa apon no mu hyɛn mu no nyinaa bɛyɛ wɔn a wɔakyerɛ honhom mu nneɛma bo a ɛsom ho nokware anisɔ.​—Mateo 13:45, 46; fa toto Hiob 28:12, 17, 18 ho.

Hann Kurow

13. Dɛn na Yohane ka fa Yerusalem Foforo no ho bio, na dɛn nti na asɔredan ankasa ho nhia kurow no?

13 Salomo bere so no, ná asɔredan a wosii wɔ Yerusalem baabi a ɛkorɔn sen biara wɔ Bepɔw Moria so kusuu fam no kata kurow no so. Na Yerusalem Foforo no nso ɛ? Yohane ka sɛ: “Na manhu asɔredan bi wɔ mu; na [Yehowa] Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ, ne oguammaa no ne n’asɔredan. Na enhia sɛ owia anaa ɔsram bɛpae wɔ kurow no mu, efisɛ Onyankopɔn anuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne oguammaa no.” (Adiyisɛm 21:22, 23) Nokwarem no, enhia sɛ wosi asɔredan ankasa bi wɔ ha. Ná tete Yudafo asɔredan no yɛ nhwɛso ara kwa, na ade no ankasa a ɛno yɛɛ ho nhwɛso, honhom mu asɔredan kɛse no, atra hɔ fi bere a Yehowa sraa Yesu sɛ Ɔsɔfo Panyin wɔ 29 Y.B. mu no. (Mateo 3:16-17; Hebrifo 9:11, 12, 23, 24) Asɔredan kyerɛ nso sɛ asɔfodi kuw bi wɔ hɔ a wɔbɔ Yehowa afɔre ma ɔman no. Nanso wɔn a wɔyɛ Yerusalem Foforo no mufo no nyinaa yɛ asɔfo. (Adiyisɛm 20:6) Na wɔabɔ afɔre kɛse, Yesu desani nkwa a ɛyɛ pɛ no prɛko. (Hebrifo 9:27, 28) Bio nso, wɔn a wɔte kurow no mu no mu biara tumi kɔ Yehowa ankasa nkyɛn.

14. (a) Dɛn nti na enhia Yerusalem Foforo no owia ne ɔsram ma ahyerɛn agu so? (b) Dɛn na Yesaia nkɔmhyɛ no ka siei wɔ Yehowa amansan ahyehyɛde no ho, na ɔkwan bɛn so na Yerusalem Foforo no ho wɔ eyi mu?

14 Bere a Yehowa anuonyam betwaam wɔ Mose anim wɔ Bepɔw Sinai so no, ɛmaa Mose anim haranee araa ma na ɛsɛ sɛ ɔkata n’anim wɔ ne mfɛfo Israelfo no anim. (Exodus 34:4-7, 29, 30, 33) Ɛnde, wubetumi akyerɛ sɛnea kurow a Yehowa anuonyam ma ɛharan daa no bɛhyerɛn afa anaa? Adesae rentumi mma kurow a ɛte saa mu. Ɛrenhia no owia anaa ɔsram ankasa. Ɛbɛpae hann daa nyinaa. (Fa toto 1 Timoteo 6:16 ho.) Hann a ɛte saa na Yerusalem Foforo no de bɛhyerɛn. Ampa, ayeforo yi ne n’Ayeforokunu Ɔhene no bɛyɛ Yehowa amansan ahyehyɛde—ne “ɔbea,” “ɔsoro Yerusalem”—no kuropɔn, nea Yesaia hyɛɛ ho nkɔm sɛ: “Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsram na ɛbɛharan ama wo, na mmom [Yehowa] na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ wo daa anuonyam. Wo wia rentɔ bio, na wo sram nso renwu, na [Yehowa] bɛyɛ wo daa hann, na wo nkɔmmɔdi nna awie ɔsa.”—Yesaia 60:1, 19, 20; Galatifo 4:26.

Amanaman no Hann

15. Adiyisɛm mu nsɛm a ɛfa Yerusalem Foforo ho bɛn na ɛte sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no?

15 Nkɔmhyɛ koro yi ara ka siei nso sɛ: “Na amanaman bɛnantew aba wo hann no ho, na ahene aba hyerɛn a apue wo so no ho.” (Yesaia 60:3) Adiyisɛm kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ nea nsɛm yi fa Yerusalem Foforo no ho: “Na amanaman no bɛnantew ne hann no mu; na asase so ahene de wɔn anuonyam bɛba mu. Na wɔrentoto n’apon mu awia, na anadwo nni hɔ bio. Na wɔde amanaman no anuonyam ne nidi bɛba mu.”—Adiyisɛm 21:24-26.

16. Henanom ne “aman” a wɔbɛnantew Yerusalem Foforo no hann mu no?

16 Henanom ne “amanaman” a wɔde Yerusalem Foforo no hann nantew yi? Wɔyɛ nkurɔfo a bere bi na wɔyɛ wiase bɔne yi amanaman no mufo a wɔyɛ hann a wɔnam ɔsoro kurow fɛfɛ yi so tow gu no ho ade ɔkwampa so. Wɔn a wodi wɔn mu kan ne nnipakuw kɛse a wɔafi “aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” dedaw na wɔka Yohane kuw no ho som Onyankopɔn awia ne anadwo no. (Adiyisɛm 7:9, 15) Bere a Yerusalem Foforo sian fi soro ba fam na Yesu de owu ne Hades nsafe no di dwuma de nyan awufo no, afoforo ɔpepem pii a mfiase no ná wofi “amanaman no” mu, a wobenya Yehowa ne ne Ba, Yerusalem Foforo no Kunu a ɔte sɛ Oguammaa, ho dɔ no bɛba abɛka wɔn ho.​—Adiyisɛm 1:18.

17. Henanom ne “asase so ahene” a wɔde “wɔn anuonyam ba” Yerusalem Foforo mu no?

17 WƐnde, henanom ne “asase so ahene” a wɔde “wɔn anuonyam bɛba mu” no? Wɔnyɛ asase so ahene no ankasa, efisɛ na wɔne Onyankopɔn Ahenni ako wɔ Harmagedon ma wɔakɔ ɔsɛe mu. (Adiyisɛm 16:14, 16; 19:17, 18) So ahene no betumi ayɛ amanaman no mufo a wɔn dibea korɔn a wɔbɛyɛ nnipakuw kɛse no mufo, anaasɛ wɔyɛ ahene a wɔanyan wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase ma Onyankopɔn Ahenni wɔ wiase foforo no mu? (Mateo 12:42) Dabi, efisɛ titiriw no, na ahene a wɔte saa no anuonyam no yɛ wiase de na asa dedaw. Ɛnde, ná “asase so ahene” a wɔde wɔn anuonyam ba Yerusalem Foforo no mu no bɛyɛ 144,000 a wɔde wɔn fi “mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu” ma wɔne Oguammaa, Yesu Kristo, abedi tumi sɛ ahene no. (Adiyisɛm 5:9, 10; 22:5) Wɔde wɔn anuonyam a Onyankopɔn de ama wɔn no ba kurow no mu na wɔde bi abɛka ne hyerɛn no ho.

18. (a) Henanom na wɔrenhyɛn Yerusalem Foforo no mu? (b) Henanom nkutoo na wɔbɛma wɔn kwan ma wɔakɔ kurow no mu?

18 Yohane toa so sɛ: “Na ade hunu biara ne nea ɔyɛ akyide na odi atoro renhyɛn mu koraa, gye wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ oguammaa no nkwa nhoma no mu no.” (Adiyisɛm 21:27) Biribiara a Satan nneɛma nhyehyɛe agu ho fĩ no rentumi nyɛ Yerusalem Foforo no fa. Ɛwom sɛ wɔabue n’apon no daa de, nanso wɔremma kwan mma obiara a “ɔyɛ akyide na odi atoro” nhyɛn mu. Awaefo rentumi ntra saa kurow no mu na Babilon Kɛse no muni biara nso rentra hɔ. Na sɛ obi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe wɔn a wɔbɛyɛ emufo daakye bere a wɔda so wɔ asase so no de agu kurow no ho fi a, wɔma wɔn mmɔdenbɔ no yɛ ɔkwa. (Mateo 13:41-43) “Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ oguammaa no nkwa nhoma no mu,” 144,000 no, na awiei koraa no wɔbɛkɔ Yerusalem Foforo no mu. *Adiyisɛm 13:8; Daniel 12:3.

Nkwa Nsu Asubɔnten

19. (a) Ɔkwan bɛn so na Yohane ka Yerusalem Foforo no ho asɛm sɛ ɛde nhyira horow brɛ adesamma? (b) Bere bɛn na “nkwa nsu asubɔnten” no sen, na yɛyɛ dɛn hu?

19 Yerusalem Foforo fɛfɛ no de nhyira horow a ɛyɛ anigye bɛbrɛ adesamma wɔ asase so. Eyi ne nea Yohane hu akyiri yi: “Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne oguammaa no ahengua no mu sen n’abɔnten mfinimfini.” (Adiyisɛm 22:1, 2a, New World Translation) Bere bɛn na “asubɔnten” yi sen? Esiane sɛ “efi Onyankopɔn ne oguammaa no ahengua no mu” na ɛsen nti, Awurade da a efii ase 1914 mu no akyi nkutoo na ebetumi aba. Ɛne bere a nsɛm a wɔde torobɛntohyɛn a ɛto so ason no bɔɔ ho dawuru no bae na wɔbɔɔ amanneɛ titiriw no sɛ: “Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na ahoɔden ayɛ Kristo no dea.” (Adiyisɛm 11:15; 12:10) Wɔ awiei bere yi mu no, honhom no ne ayeforo no ato nsa afrɛ nnipa komapafo sɛ wommegye nkwa nsu kwa. Wɔn a wɔte saa no bɛkɔ so anya asubɔnten yi mu nsu akosi nneɛma nhyehyɛe yi awiei. Ɛno akyi no, wɔbɛkɔ so anya asubɔnten yi mu nsu wɔ wiase foforo no mu, bere a Yerusalem Foforo no ‘fi soro Onyankopɔn nkyɛn sian no.’—Adiyisɛm 21:2.

20. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nkwa nsu bi wɔ hɔ dedaw a nsa betumi aka?

20 Ɛnyɛ eyi ne nea edi kan a wɔde nsu a ɛma nkwa ama adesamma. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkaa nsu a ɛma nkwa ho asɛm. (Yohane 4:10-14; 7:37, 38) Bio, na Yohane rebɛte ɔfrɛ a efi ɔdɔ mu no sɛ: “Na honhom no ne ayeforo kɔ so ka sɛ: ‘Bra!’ Na ma obiara a ɔte nka sɛ: ‘Bra!’ Na ma nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adiyisɛm 22:17, NW) Ɔfrɛ yi rekɔ so mprempren mpo, a ɛkyerɛ sɛ nkwa nsu bi wɔ hɔ dedaw a wobetumi anya. Nanso wɔ wiase foforo no mu no, saa nsu no bɛsen afi Onyankopɔn ahengua no mu na afa Yerusalem Foforo no mu sɛ asubɔnten ankasa.

21. Dɛn na wɔde “nkwa nsu asubɔnten” no gyina hɔ ma, na ɔkwan bɛn so na asubɔnten yi ho anisoade a Hesekiel hui no boa yɛn ma yehu?

21 Dɛn ne “nkwa nsu asubɔnten” yi? Nsu ankasa yɛ nkwa ho ade a ehia. Onipa betumi akwati aduan atra ase adapɛn dodow bi, nanso sɛ wannya nsu a, obewu bɛyɛ dapɛn biako mu. Nsu yɛ nea wɔde tew ade ho nso na ehia ma akwahosan. Enti ɛsɛ sɛ nkwa nsu no gyina hɔ ma biribi a ehia ma adesamma nkwa ne akwahosan. Wɔmaa odiyifo Hesekiel nso huu “nkwa nsu asubɔnten” yi ho anisoade, na n’anisoadehu no mu no, ná asubɔnten no fi asɔredan no mu na ɛsen kɔɔ Ɛpo a Awu no mu. afei, anwonwade mu anwonwade! Nsu a nkwa nni mu no sakra bɛyɛɛ nsu pa a mpataa ayɛ mu ma! (Hesekiel 47:1-12) Yiw, anisoadehu mu asubɔnten no san de biribi a awu ba nkwa mu bio, na esi so dua sɛ nkwa nsu asubɔnten no yɛ Onyankopɔn nsiesiei a ɛnam Yesu Kristo so ma wɔasan de adesamma nkwa a ɛyɛ pɛ ama adesamma abusua a “awu” no ho mfonini. Asubɔnten yi “ani tew sɛ ahwehwɛ,” a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nsiesiei ahorow no ho tew na ɛyɛ kronkron. Ɛnte sɛ Kristoman “nsu” a mogya afrafra mu na ekum nnipa no.​—Adiyisɛm 8:10, 11.

22. (a) Asubɔnten no fi he, na dɛn nti na eyi fata? (b) Dɛn na nkwa nsu no fa ho, na dɛn nso na ɛwɔ sɛnkyerɛnne kwan so asubɔnten yi mu?

22 Asubɔnten no fi “Onyankopɔn ne oguammaa no ahengua no mu.” Eyi fata, esiane sɛ Yehowa nsiesiei horow a ɛma nkwa no nnyinaso ne ogye afɔrebɔ no nti, na wɔde eyi mae esiane sɛ Yehowa “dɔ wiase . . . sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa” nti. (Yohane 3:16) Nkwa nsu no fa Onyankopɔn Asɛm a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no nso ho. (Efesofo 5:26) Nanso, ɛnyɛ nokware no nkutoo na nkwa nsu no fa ho, na mmom Yehowa nsiesiei foforo biara a egyina Yesu afɔrebɔ no so ma wɔde agye adesamma asoɔmmerɛfo afi bɔne ne owu mu na wɔama wɔn daa nkwa no nso.​—Yohane 1:29; 1 Yohane 2:1, 2.

23. (a) Dɛn nti na ɛfata sɛ nkwa nsu asubɔnten no sen fa Yerusalem Foforo no abɔnten mfinimfini? (b) Onyankopɔn bɔ bɛn a ɔhyɛɛ Abraham na ɛbɛba mu bere a nkwa nsu no sen bebree no?

23 Mfirihyia Apem Ahenni no mu no, wɔnam Yesu ne n’asɔfo nkumaa 144,000 no asɔfodi no so de ogye no mu mfaso horow no bedi dwuma awie koraa. Ɛnde, sɛnea ɛfata no, nkwa nsu asubɔnten no sen fa Yerusalem Foforo no abɔnten mfinimfini. Wɔn a wɔwɔ eyi mu ne honhom mu Israelfo, a wɔne Yesu ka bom yɛ Abraham nokware aseni no. (Galatifo 3:16, 29) Enti, bere a nkwa nsu no sen bebree fa sɛnkyerɛnne kwan so kurow no abɔnten mfinimfini no, “asase so amanaman nyinaa” benya hokwan ahyira wɔn ho denam Abraham aseni no so. Yehowa bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no benya ne mmamu ankasa.​—Genesis 22:17, 18.

Nkwa Nnua

24. Dɛn na afei Yohane hu wɔ nkwa nsu asubɔnten no afãnu, na dɛn ho mfonini na ɛyɛ?

24 Hesekiel anisoadehu no mu no, asubɔnten no bɛyɛɛ nea wontumi ntwa mpo, na odiyifo no huu nnua ahorow nyinaa a ɛsow aba sɛ esisi n’afanu no. (Hesekiel 47:12) Nanso dɛn na Yohane hu? Eyi: “Asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.” (Adiyisɛm 22:2b) Ɛsɛ sɛ “nkwa dua” yi nso yɛ Yehowa nsiesiei a wɔde bɛma adesamma asoɔmmerɛfo anya daa nkwa no fã bi ho mfonini.

25. Nsiesiei pa bebree bɛn na Yehowa yɛ ma adesamma a wɔyɛ osetie asase nyinaa so Paradise no mu?

25 Nsiesiei a ɛdɔɔso bɛn ara na Yehowa ayɛ ama adesamma asoɔmmerɛfo sɛɛ yi! Ɛnyɛ nsu a edwudwo onipa no nko na wɔbɛnom na mmom wɔbɛtetew nnuaba ahorow a ɛhyɛ onipa den afi saa nnua no so. Oo, sɛ anka yɛn awofo a wodi kan no maa nsiesiei “fɛfɛ” a ɛte saa ara wɔ Eden Paradise no sɔɔ wɔn ani ɛ! (Genesis 2:9) Nanso afei, wiase nyinaa Paradise aba, na Yehowa ayɛ nsiesiei a wɔbɛfa so ‘asa amanaman no yare’ * denam sɛnkyerɛnne kwan so nnua no nhaban so mpo. Nea ɛkyɛn aduru biara a wɔyɛ nnɛ, sɛ ɛyɛ nhabamma anaa afoforo biara no, sɛnkyerɛnne kwan so nhaban a ɛma ahotɔ no a wɔde bedi dwuma no bɛma adesamma gyidifo akɔ honhom ne nipadua mu pɛyɛ mu.

26. Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛka nkwa nnua no ho, na dɛn ntia?

26 Ɛbɛyɛ sɛ Oguammaa no yere no a wɔyɛ 144,000 no ka saa nnua a enya nsu fi asubɔnten no mu no ho. Bere a wɔwɔ asase so no, eyinom nso nom Onyankopɔn nsiesiei a ɛnam Yesu Kristo so no. Ɛyɛ anika sɛ wɔ nkɔmhyɛ mu no, wɔfrɛ Yesu nuanom a wɔde honhom asra wɔn no sɛ “trenee nnua” akɛse. (Yesaia 61:1-3; Adiyisɛm 21:6) Wɔasow honhom mu aba bebree dedaw de ayi Yehowa ayɛ. (Mateo 21:43) Na Mfirihyia Apem Ahenni no mu no, wobenya ogye nsiesiei a wɔde bɛma ma wɔde asa “amanaman no yare” afi bɔne ne owu mu no mu kyɛfa.​—Fa toto 1 Yohane 1:7 ho.

Anadwo Nni Hɔ Bio

27. Nhyira afoforo bɛn nso na Yohane bɔ din sɛ wɔn a wonya hokwan hyɛn Yerusalem Foforo no mu no benya, na dɛn nti na wose “[nnome] biara nni hɔ bio” no?

27 Yerusalem Foforo no mu a wɔhyɛn—ampa ara, hokwan foforo bi nni hɔ a ɛyɛ nwonwa sen eyi! Wode susuw ho hwɛ—wɔn a bere bi na wɔyɛ adesamma a wɔba fam na wɔnyɛ pɛ bedi Yesu akyi akɔ soro akɔyɛ nhyehyɛe fɛfɛ a ɛte saa no fã! (Yohane 14:2) Yohane ma nhyira horow a eyinom benya no ho adwene bi sɛ: “Na [nnome] biara nni hɔ bio; na Onyankopɔn ne oguammaa no ahengua na ebesi mu, na ne nkoa bɛsom, na wobehu n’anim, na ne din wɔ wɔn moma so.” (Adiyisɛm 22:3, 4) Bere a Israelfo asɔfodi no sɛee no, Yehowa nnome baa so. (Malaki 2:2) Yesu kae sɛ wɔagyaw Yerusalem “fi” a enni gyidi no. (Mateo 23:37-39) Nanso Yerusalem Foforo no mu de, “[nnome] biara nni hɔ bio.” (Fa toto Sakaria 14:11 ho.) Wɔasɔ emufo nyinaa ahwɛ ogya mu wɔ asase so ha, na sɛ́ wɔadi nkonim nti, ‘wɔahyɛ nea ɛmporɔw ne nea enwu.’ Wɔn fam no, Yehowa nim sɛnea ná onim wɔ Yesu ho no sɛ wɔrenwae da. (1 Korintofo 15:53, 57) Afei, “Onyankopɔn ne oguammaa no ahengua” bɛyɛ nea ɛwɔ hɔ na ama kurow no gyinabea ayɛ dwodwoo daapem.

28. Dɛn nti na wɔakyerɛw Onyankopɔn din wɔ Yerusalem Foforo no mufo no moma so, na akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn na ɛda wɔn anim?

28 Te sɛ Yohane ankasa no, saa ɔsoro kurow no mufo a wɔbɛba daakye nyinaa yɛ Onyankopɔn “nkoa.” Ne saa nti, wɔakyerɛw Onyankopɔn din pefee wɔ wɔn moma so, na ɛda no adi sɛ ɔne wɔn Wura. (Adiyisɛm 1:1; 3:12) Wobebu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔde ɔsom kronn bɛma no sɛ Yerusalem Foforo no fã. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔhyɛɛ wɔn a daakye wɔbɛyɛ atumfo a wɔte saa no bɔ bi a ɛyɛ anigye yiye, sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn komam tew, na wɔn na wobehu Nyankopɔn.” (Mateo 5:8, NW) Anigye bɛn ara na nkoa yi benya sɛɛ yi sɛ wobehu Yehowa ankasa na wɔasom no!

29. Dɛn nti na Yohane ka wɔ ɔsoro Yerusalem Foforo no ho sɛ “anadwo nni hɔ bio” no?

29 Yohane toa so sɛ: “Na anadwo nni hɔ, na ɔkanea anaa owia hann nhia wɔn, efisɛ [Yehowa] Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so.” (Adiyisɛm 22:5a) Tete Yerusalem, te sɛ asase so kurow foforo biara no, de ne ho too owia so na ama anya hann awia ne ɔsram ne akanea a nnipa ayeyɛ so, na ama anya hann anadwo. Na ɔsoro Yerusalem Foforo no de, ɛrenhia hann a ɛtete saa. Yehowa ankasa na ɔbɛma kurow no mu ayɛ hann. Wobetumi de “anadwo” adi dwuma sɛnkyerɛnne kwan so de akyerɛ amanehunu anaa Yehowa ho a wɔatwe wɔn ho afi nso. (Mika 3:6; Yohane 9:4; Romafo 13:11, 12) Anadwo a ɛte saa rentumi mma ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn anim a ɛhyerɛn na ɛyɛ nyam no da.

30. Yohane wie anisoadehu fɛfɛ no dɛn, na dɛn na Adiyisɛm ma yɛn ho awerɛhyem?

30 Yohane ka Onyankopɔn nkoa yi ho asɛm de wie anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi sɛ: “Na wobedi ahene daa daa.” (Adiyisɛm 22:5b) Ampa, mfirihyia apem no awiei no, na wɔde agyede no mu mfaso ahorow no adi dwuma awie na Yesu de adesamma abusua a wɔayɛ pɛ bɛma n’Agya. (1 Korintofo 15:25-28) Nea ɛwɔ Yehowa adwenem ma Yesu ne 144,000 wɔ ɛno akyi de, yennim. Nanso Adiyisɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ wɔn ɔsom kronn a wɔde ma Yehowa a ɛyɛ hokwan kɛse no bɛkɔ so daapem.

Adiyisɛm Awiei a Ɛyɛ Anigye

31. (a) Awiei bɛn na Yerusalem Foforo no ho anisoadehu no kyerɛ? (b) Dɛn na Yerusalem Foforo no yɛ ma adesamma anokwafo afoforo?

31 Yerusalem Foforo, Oguammaa no ayeforo no ho anisoadehu yi mmamu ne awiei a ɛyɛ anigye a Adiyisɛm twe adwene si so, na ɛfata sɛ ɛyɛ saa. Yohane mfɛfo Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu a wɔde nhoma no kɔmaa wɔn mfiase no nyinaa hwɛɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ saa kurow no mu sɛ ahonhom a wonwu da a wɔne Yesu Kristo bedi tumi. Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔda so te ase wɔ asase so nnɛ no wɔ anidaso koro no ara. Enti, Adiyisɛm kɔ so kodu n’awiei fɛfɛ bere a ayeforo a wɔahyehyɛ no awie no ne Oguammaa no ayɛ biako no. Ɛno akyi no, ɛdenam Yerusalem Foforo no so no, wɔde Yesu ogye afɔre no mu mfaso horow bedi adesamma ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ na awiei no, anokwafo nyinaa akɔ daa nkwa mu. Ɔkwan yi so no, ayeforo, Yerusalem Foforo no, sɛ Ɔhene Ayeforokunu no boafo ɔnokwafo no benya kyɛfa wɔ trenee asase foforo bi a ɛbɛtra hɔ daa a wɔde bɛba no mu—na wɔde ne nyinaa ahyɛ yɛn Amansan Hene Yehowa anuonyam.​—Mateo 20:28; Yohane 10:10, 16; Romafo 16:27.

32, 33. Dɛn na yɛasua afi Adiyisɛm no mu, na ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu yɛ ho ade dɛn?

32 Ɛnde, anigye bɛn ara na yenya sɛɛ yi, bere a yɛbɛn Adiyisɛm nhoma no ho a yɛresusuw no awiei no! Yɛahu sɛ Satan ne n’asefo mmɔden ahorow a edi akyiri no ayɛ kwa na wɔadi Yehowa trenee atemmu horow ho dwuma akodu awiei. Ɛsɛ sɛ Babilon Kɛse no fi hɔ kɔ koraa, na Satan wiase nneɛma a aporɔw a anidaso biara nni mu no nyinaa nso adi akyi. Wɔde Satan ankasa ne n’adaemone no begu bun mu na akyiri yi wɔasɛe wɔn. Yerusalem Foforo ne Kristo befi soro adi tumi bere a owusɔre ne atemmu rekɔ so na awiei koraa no adesamma a wɔayɛ pɛ abenya daa nkwa wɔ Paradise asase no so. Hwɛ sɛnea Adiyisɛm da nneɛma yi nyinaa adi fefeefe! Hwɛ sɛnea ɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ ‘yɛbɛka daa asɛmpa yi akyerɛ ɔman ne abusua ne kasa ne nkurɔfo biara’ a wɔwɔ asase so nnɛ sɛ anigye asɛmpa no mu den! (Adiyisɛm 14:6, 7) So wode w’ahoɔden nyinaa reyɛ adwuma kɛse yi bi?

33 Bere a aseda ahyɛ yɛn koma ma no, momma yɛnhwɛ nsɛm a Adiyisɛm de wie no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde susudua a ɛyɛ “onipa nsusuwii a ɛyɛ ɔbɔfo de no” na edii dwuma no betumi afa nokwasɛm a ɛne sɛ 144,000 a mfiase no ná wɔyɛ adesamma nanso wɔbɛyɛɛ honhom abɔde wɔ abɔfo no mu no ne kurow no mufo no ho.

^ nky. 18 Hyɛ no nsow sɛ honhom mu Israel 144,000 no nkutoo din na ɛwɔ “oguammaa no nkwa nhoma” no mu. Enti ɛsono eyi wɔ “nkwa nhoma” a wɔn a wonya nkwa wɔ asase so no nso wɔ mu no ho.​—Adiyisɛm 20:12.

^ nky. 25 Hyɛ no nsow sɛ wɔtaa de ɔkasa “amanaman” no ka wɔn a wɔnyɛ honhom mu Israelfo ho asɛm. (Adiyisɛm 7:9; 15:4; 20:3; 21:24, 26) Ɔkasa no a wɔde dii dwuma wɔ ha no nkyerɛ sɛ wɔbɛkɔ so ahyehyɛ adesamma ayɛ wɔn aman akuw a wɔatetew wɔn ho Mfirihyia Apem Ahenni no mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]