Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Apɔnkɔsotefo Baanan Tu Mmirikaden!

Apɔnkɔsotefo Baanan Tu Mmirikaden!

Ti 16

Apɔnkɔsotefo Baanan Tu Mmirikaden!

Anisoadehu 3​—Adiyisɛm 6:1-17

Asɛmti: Apɔnkɔsotefo baanan no apɔnkɔka, adansefo a wokunkum wɔn sɛ mogya adansefo a wɔwɔ afɔremuka no ase, ne abufuw da kɛse no

Bere a ɛba mu: Efi afe 1914 kosi nneɛma nhyehyɛe yi sɛe

1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yi nea ɛwɔ nhoma mmobɔwee a ɛyɛ nwonwa a Yesu bue mu no mu no adi kyerɛ Yohane?

AHOHIA da yi mu no, so yɛn ani nnye “nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm” no ho yiye anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani gye ho, efisɛ yɛn ankasa ho wom! Enti afei momma yɛnkɔka Yohane ho bere a Yesu fi ase bue saa nhoma mmobɔwee a ɛyɛ nwonwa no mu no. Nea ɛyɛ nwonwa no, na ɛnsɛ sɛ Yohane kenkan. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ saa? Efisɛ wɔde mfonini a nneɛma bi kɔ so wom a ɛtoatoa so da nneɛma a ɛwom no adi kyerɛ no wɔ ‘nsɛnkyerɛnne’ mu.​—Adiyisɛm 1:1, 10.

2. (a) Dɛn na Yohane hu na ɔte, na kerubim no hwɛbea kyerɛ dɛn? (b) Wɔka kerubim a odi kan no ahyɛde kyerɛ henanom, na dɛn nti na wubua saa?

2 Tie Yohane bere a Yesu tew nhoma mmobɔwee no nsɔano a edi kan no ano no: “Na mihui sɛ oguammaa no tew nsɔano no mu biako ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu biako de nne a ɛte sɛ ɔprannaa kae sɛ: Bra!” (Adiyisɛm 6:1) Kerubim a odi kan no nne nen. Ne hwɛbea a ɛte sɛ gyata no bɛma Yohane ahu sɛ Yehowa ahyehyɛde de akokoduru bɛyɛ ade Ne trenee atemmu ahorow no ho dwumadi mu. Wɔkaa saa ahyɛde no kyerɛɛ hena? Ɛrentumi nyɛ Yohane, efisɛ na wɔato nsa afrɛ Yohane dedaw sɛ ɔmmɛhwɛ nkɔmhyɛ mu mfonini ahorow yi bi. (Adiyisɛm 4:1) Saa “nne a ɛte sɛ ɔprannaa” no refrɛ afoforo a wɔka ho na wɔreyɛ nneɛma anan a ɛkanyan nnipa a edidi so no mu nea edi kan no ho bi no.

Ɔpɔnkɔ Fitaa no ne Ɛsotefo Onuonyamfo No

3. (a) Dɛn ho asɛm na afei Yohane ka? (b) Nea ɛne Bible mu sɛnkyerɛnnede hyia no, ɔpɔnkɔ fitaa no bɛyɛ dɛn ho mfonini?

3 Yohane, a Yohane kuw no ne wɔn ahokafo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔyɛ nsi a wɔka ne ho no anya hokwan ahu adeyɛ a ɛkɔ so ntɛmntɛm no! Yohane ka sɛ: “Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no kura ta. Na wɔmaa no abotiri, na ofii adi a ɔredi nkonim na wakodi nkonim.” (Adiyisɛm 6:2) Yiw, ɔpɔnkɔ fitaa bi bɔ kirididi ba de buaa saa ɔprannaa nnyigyei a ese: “Bra!” no. Bible mu no, ɔpɔnkɔ taa yɛ akodi ho sɛnkyerɛnne. (Dwom 20:7; Mmebusɛm 21:31; Yesaia 31:1) Ɔpɔnkɔ a ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ ɔpɔnkɔnini a ne ho yɛ fɛ yi, ho fitaa a ɛkyerɛ kronkronyɛ a nkekae biara nni mu no ma ɔhyerɛn. (Fa toto Adiyisɛm 1:14; 4:4; 7:9; 20:11 ho.) Hwɛ sɛnea eyi fata, efisɛ ɛkyerɛ akodi a ɛho tew na ɛyɛ trenee wɔ Yehowa aniwa kronkron no so!—Hwɛ Adiyisɛm 19:11, 14 nso.

4. Hena ne ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo? Kyerɛkyerɛ mu.

4 Hena ne ɔpɔnkɔ yi Sotefo no? Okura ta, akode a wɔde toa obi, na wɔama no abotiri nso. Atreneefo a wohui sɛ wɔbobɔ abotiri Awurade da no mu no ne Yesu ne kuw a mpanyimfo 24 no gyina hɔ ma wɔn no nkutoo. (Daniel 7:13, 14, 27; Luka 1:31-33; Adiyisɛm 4:4, 10; 14:14) * Ɛrentumi mma sɛ wɔbɛyɛ mpanyimfo 24 kuw no muni bi ho mfonini sɛ ɔnam n’ankasa ne mmɔdenbɔ so regye abotiri. Enti, ɔpɔnkɔsotefo a ne nkutoo nam yi bɛyɛ Yesu Kristo, na ɛnyɛ obi foforo biara. Yohane hu no wɔ ɔsoro wɔ asɛntitiriw a esii afe 1914 mu no mu bere a Yehowa pae mu ka sɛ, “Me na masi me hene,” na ɔka kyerɛ no sɛ atirimpɔw no ne sɛ “Mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade.” (Dwom 2:6-8) * Enti, Yesu tew nsɔano a edi kan no ano no, ɔda sɛnea ɔno ankasa, sɛ Ɔhene a wɔde no asi ahengua so foforo no, fi adi kodi ako Onyankopɔn bere a wahyɛ mu no adi.

5. Ɔkwan bɛn so na odwontofo no ka Ɔpɔnkɔsotefo no ho asɛm ɔkwan a ɛte sɛ Adiyisɛm 6:2 mu de no?

5 Mfonini yi ne Dwom 45:4-7 a wɔka kyerɛɛ Ɔhene a Yehowa de no asi agua so no hyia fɛfɛ, sɛ: “Fa w’ahensɛm no tew mu kɔ w’anim ma nokware ne trenee a wɔabrɛ no ase, na wo nifa nkyerɛkyerɛ w’ade a ɛyɛ hu. W’agyan ano yɛ nnam, aman bɛhwehwe ase w’anim, ɛwɔ ɔhene atamfo komam. Onyankopɔn, w’ahengua wɔ hɔ daa daa, w’ahenni poma yɛ trenee poma. Wodɔ trenee na wotan abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigye ngo asra wo sen wo mfɛfo.” Esiane sɛ Yohane nim saa nkɔmhyɛ nsɛm no nti, obehu sɛ ɛfa Yesu dwumadi sɛ Ɔhene ho.​—Fa toto Hebrifo 1:1, 2, 8, 9 ho.

Ofi Adi Akodi Nkonim

6. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Ɔpɔnkɔsotefo no fi adi kodi nkonim? (b) Mfe bɛn mu na nkonimdi no akɔ so?

6 Nanso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ Ɔhene a wɔde no asi agua so foforo no fi adi kodi ako? Efisɛ wɔde n’ahenni no si hɔ wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den kɛse a efi Yehowa tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam, ne wɔn a wɔwɔ asase so a wɔyɛ Satan apɛde—sɛ ebia wonim anaasɛ dabi no—hɔ no mu. Ahenni no awo ankasa nso hwehwɛ sɛ wɔko ɔko kɛse wɔ ɔsoro. Yesu a na edin a ɛda no so a ɛne Mikael (ase ne “Hena Na Ɔte Sɛ Nyankopɔn?”) no, di Satan ne n’adaemone so nkonim tow wɔn kyene asase so. (Adiyisɛm 12:7-12) Yesu nkonimdi no kɔ so wɔ Awurade da no mfe du du a edi kan no mu, bere a wɔreboaboa nnipa a wɔte sɛ nguanten ano no. Ɛwom sɛ wiase nyinaa da so ara “da ɔbɔne no mu” de, nanso Yesu kɔ so hwɛ ne nuanom a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no so ɔdɔ mu, na ɔboa wɔn mu biara na wadi nkonim gyidi mu.​—1 Yohane 5:19.

7. Nkonim ahorow bɛn na Yesu dii wɔ asase so wɔ Awurade da no mfe du du a edi kan no mu, na dɛn na yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ?

7 Nkonim afoforo bɛn na Yesu adi Awurade da no mu mfirihyia 90 ne nea ɛboro saa a atwam no mu? Asase so nyinaa, sɛ nnipa ankorankoro ne sɛ asafo no, Yehowa nkurɔfo ahyia amanehunu, nhyɛso ne ɔtaa pii a ɛte sɛ nea ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm de dii ne som adwuma ho adanse no ara pɛ. (2 Korintofo 11:23-28) Yehowa Adansefo ahia “tumi a ɛboro so,” ne titiriw no wɔ mmeae a ɔko ne basabasayɛ wɔ na ama wɔagyina mu. (2 Korintofo 4:7) Tebea horow a emu yɛ den kyɛn so mu mpo no, Adansefo anokwafo atumi aka sɛnea Paulo yɛe no, sɛ: “Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wafa me so awie asɛnka no.” (2 Timoteo 4:17) Yiw, Yesu dii nkonim maa wɔn. Na ɔbɛkɔ so adi nkonim ama yɛn, bere tenten a yɛabɔ yɛn tirim sɛ yebewie yɛn gyidi nkonimdi no.​—1 Yohane 5:4.

8, 9. (a) Nkonimdi ahorow bɛn na Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no anya mu kyɛfa? (b) Hefa na sɛnea Yehowa Adansefo adɔɔso no ada adi yiye?

8 Yehowa Adansefo wiase nyinaa asafo no anya nkonimdi bebree mu kyɛfa wɔ wɔn Hene nkonimdifo no akwankyerɛ ase. Ne titiriw no, ɔbɔɔ Bible Asuafo yi ho ban na amma wɔantɔre wɔn ase wɔ afe 1918 mu, bere a Satan amammui ahyehyɛde no ‘dii wɔn ankasa so nkonim’ bere tiaa bi no. Nanso, afe 1919 mu no, obubuu afiase adaban de gyee wɔn, na afei ɔkanyan wɔn sɛ wɔnka asɛmpa no ‘nkɔpem asase ano nohɔ.’—Adiyisɛm 13:7; Asomafo no Nnwuma 1:8.

9 Ansa na Wiase Nyinaa Ko II reba ne ɔko no mu no, katabaako Axis tumi horow no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre Yehowa Adansefo ase wɔ nsase pii so wɔ baabi a nyamesom akannifo, ne titiriw no Roman Katolek mpanyimfo boaa katabaakofo a wɔhyɛ nkurɔfo so no baguam anaasɛ kokoam no. Nanso Adansefo 71,509 a na wɔka asɛm bere a ɔko no fii ase afe 1939 mu no dodow duu 141,606 bere a ɛbaa awiei afe 1945 mu no, ɛwom sɛ na wɔn mu bɛboro 10,000 de mfe pii ada afiase ne nsraban ahorow mu, na wɔakunkum bɛyɛ 2,000 de. Na wɔn a wɔyɛ Adansefo ankasa wɔ asase so nyinaa no dodow adu bɛboro ɔpepem asia nnɛ. Nkɔso no ada adi yiye wɔ Katolek nsase ne aman a na ɔtaa ahorow no ano yɛ den sen biara—te sɛ Germany, Italy ne Japan a Adansefo bɛboro 600,000 na wobu akontaa mprempren sɛ asomfo a wɔkɔ asɛnka daa no mu.​—Yesaia 54:17; Yeremia 1:17-19.

10. Nkonimdi ahorow bɛn na Ɔhene a ɔredi nkonim no de ahyira ne nkurɔfo “wɔ asɛmpa no ho anoyi ne si a wɔde si hɔ mmara kwan so” no mu?

10 Yɛn Hene a ɔredi nkonim no ahyira ne nkurɔfo a wɔyɛ nsi no denam wɔn anim a odi ma wɔadi nkonim bebree wɔ ‘asɛmpa no ho anoyi ne si a wɔde asi hɔ mmara kwan so’ wɔ asennibea ne sodifo ahorow anim no so. (Filipifo 1:7; Mateo 10:18; 24:9) Eyi asi wɔ aman ahorow mu—wɔ Australia, Argentina, Canada, Greece, India, Swaziland, Switzerland, Turkey ne nsase afoforo so. Nea ɛka mmara mu nkonim 24 a Yehowa Adansefo dii wɔ United States Asennibea Kɛse no ho, ne hokwan a wɔde maa wɔn sɛ wɔnka asɛmpa no “gua so ne afie mu,” na wɔntwe wɔn ho mfi abosonsom ɔmampɛ guaso adeyɛ ahorow ho no. (Asomafo no Nnwuma 5:42; 20:20; 1 Korintofo 10:14) Ɔkwan yi so no, wɔabue kwan ama asase nyinaa so adansedi no mu trɛw.

11. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔpɔnkɔ Sotefo no “wie ne nkonimdi no”? (b) Ɛsɛ sɛ nsɔano a ɛto so abien, abiɛsa ne anan no anobue ka yɛn dɛn?

11 Ɔkwan bɛn so na Yesu wie “ne nkonimdi” no? * Sɛnea yebehu no, ɔyɛ eyi denam atoro som a oyi fi hɔ na afei watow Satan ahyehyɛde a aniwa hu no fã a aka biara agu sɛnkyerɛnne kwan so ɔsɛe “ogya tare” no mu de asan Yehowa Ahenni ho no so. Mprempren wɔde ahotoso rehwɛ saa da no kwan wɔ Harmagedon, bere a yɛn “ahene mu Hene” no bedi Satan amammui ahyehyɛde a ɛhyɛ nkurɔfo so no so nkonim koraa! (Adiyisɛm 16:16; 17:14; 19:2, 14-21; Hesekiel 25:17) Ansa na ɛno bɛba no, Nkonimdifo a wontumi nni no so nkonim a ɔte ɔpɔnkɔ fitaa no so no da so ara te no so, bere a Yehowa kɔ so de nnipa komapafo ka Ne trenee man a ɛwɔ asase so no ho no. (Yesaia 26:2; 60:22) So wo ne Yohane kuw a wɔasra wɔn no renya Ahenni ntrɛwmu a ɛyɛ anigye yi mu kyɛfa anaa? Sɛ saa a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔsomafo Yohane hu bere a wɔtetew nsɔano abiɛsa a edi hɔ no ano no, bɛka wo ma woanya Yehowa adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnɛ no mu kyɛfa kɛse.

Hwɛ, Ɔpɔnkɔ Kɔkɔɔ No!

12. Dɛn na Yesu se ɛbɛhyɛ ne ba a ɔbɛba sɛ Ɔhene a aniwa nhu no no agyirae?

12 Ɛrekɔ Yesu som adwuma wɔ asase so no awiei no, n’asuafo bisaa no kokoam sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?” Mmuaema mu no, ɔkaa amanehunu ahorow a ɛbɛyɛ “awoko yaw mfiase” no siei. Yesu kae sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so. Na asasewosow akɛse bɛba mmeaemmeae na ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛba; na ahude ne sɛnkyerɛnne akɛse befi soro aba.” (Mateo 24:3, 7, 8, New World Translation; Luka 21:10, 11) Nneɛma a Yohane hu bere a wɔtetew nhoma mmobɔwee no nsɔano a aka no ano no ne saa nkɔmhyɛ no sɛ ma ɛyɛ nwonwa. Afei hwɛ, bere a Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no tew nsɔano a ɛto so abien no ano no!

13. Nsonsonoe bɛn na Yohane reba abehu?

13 “Na bere a ɔtew nsɔano a ɛto so abien no ano no, metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abien no se: Bra!” (Adiyisɛm 6:3) Kerub a ɔto so abien a ne hwɛbea te sɛ nantwi no na ɔde ahyɛde no ma. Tumi ne su a wɔyɛ ho mfonini wɔ ha no, nanso ɛyɛ tumi a wɔde di dwuma trenee kwan so. Nanso, nea ɛne eyi bɔ abira no, afei Yohane behu tumi bɔne bi a edi awu a wɔda no adi.

14. Ɔpɔnkɔ ne ne sotefo bɛn na afei Yohane hu, na anisoadehu yi yɛ dɛn ho mfonini?

14 Ɛnde, wogye ɔfrɛ a ɛto so abien a ese “Bra!” yi so dɛn? Wogye so sɛɛ se: “Na ɔpɔnkɔ foforo kɔkɔɔ bi fii adi, na wɔmaa nea ɔte no so no ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi.” (Adiyisɛm 6:4) Anisoadehu a ɛyɛ hu yiye ni ampa! Nea ɛyɛ ho mfonini no da adi pefee: ɔko! Ɛnyɛ Yehowa Hene a ɔredi nkonim no trenee nkonimdi akodi, na mmom amanaman ntam atirimɔden akodi a nnipa ma ɛba, a mogyahwiegu ne yaw a ɛho nhia ka ho. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ ɔpɔnkɔsotefo yi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so!

15. Dɛn nti na yɛrempɛ sɛ yɛne ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so abien no bɛyɛ biribi?

15 Ɛda adi sɛ Yohane rempɛ hwee ayɛ wɔ ɔpɔnkɔ sotefo yi ne ne pɔnkɔ so tra no ho, efisɛ wɔahyɛ nkɔm afa Onyankopɔn nkurɔfo ho sɛ: “Na wɔrensua akodi bio.” (Yesaia 2:4) Ɛwom sɛ Yohane, sɛ yɛbɛtrɛw mu a, ne Yohane kuw no ne nnipakuw kɛse a wɔwɔ hɔ nnɛ no da so ara wɔ “wiase” de, nanso wɔnyɛ nhyehyɛe a mogya akeka mu yi “fã.” Yɛn akode no yɛ honhom mu de na “ɛyɛ den Onyankopɔn anim” sɛ yɛde bɛka nokware no a honam fam akodi biara nka ho.​—Yohane 17:11, 14; 2 Korintofo 10:3, 4.

16. Bere bɛn, na ɔkwan bɛn so na wɔde “nkrante kɛse” bi ma ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ no sotefo no?

16 Na wɔadi ako pii ansa na afe 1914 a ɛyɛ afe a emu na ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo no gyee n’ahenkyɛw no reba. Nanso afei de, wɔde “nkrante kɛse” bi ma ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ no sotefo no. Eyi kyerɛ dɛn? Efi bere a Wiase Nyinaa Ko I pae gui no, ayɛ nea wohwie mogya pii gu wɔ adesamma akodi mu, na ɛsɛe ade sen bere biara a atwam. Wɔ afe 1914-18 a wohwiee mogya pii guu wom no mu no, wɔde ntwitwiridii, mframa bɔne, wim ahyɛn, nsu ase akohyɛn, aprɛm akɛse ne akode ahorow a etumi tow ntoatoaso fii ase dii dwuma, anaasɛ nso wɔde dii dwuma ɔkwan a ɛso bi mae saa da so. Wɔ aman bɛyɛ 28 mu no, wɔmaa ɔman no mufo nyinaa, a ɛnyɛ asraafo a wɔde sraadi ayɛ wɔn adwuma nko, kɔyɛɛ akodi ho adwuma. Nnipa pii wuwui ma ɛyɛ hu. Wokunkum asraafo bɛboro ɔpepem akron, na amanfo a wɔnyɛ asraafo a wɔtotɔe dodow dɔɔso yiye. Ɔko no baa awiei mpo no, wɔansan anya asomdwoe wɔ asase so. Bɛboro mfe 50 wɔ saa ɔko yi akyi no, Germany ɔmampanyin Konrad Adenauer kae sɛ: “Dwoodwoo asetra ne kommyɛ ayera afi nnipa asetra mu fi afe 1914.” Ampa, wɔama ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ no kwan sɛ onyi asomdwoe mfi asase so!

17. Ɔkwan bɛn so na dwuma a wɔde “nkrante kɛse” no di no akɔ so wɔ Wiase Nyinaa Ko l no akyi?

17 Afei, esiane sɛ wɔakanyan ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ no mogyapɛ nti, ne sotefo no de ne ho hyɛɛ Wiase Nyinaa Ko II mu. Nnwinnade a wɔde kunkum nnipa no bɛyɛɛ hu mmoroso, na atɔfo no dodow duu Wiase Nyinaa Ko l no mu de no mmɔho anan. Afe 1945 mu no, atomik ɔtopae abien pae guu Japan so, na emu biara kunkum nnipa ɔpedudu pii anibu biako mu. Wiase nyinaa ko a ɛto so abien no mu no, ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ no sotefo no twaa aba bebree, bɛyɛ nnipa ɔpepem 55, na ɛno mpo annɔɔso amma no ara. Wɔabɔ amanneɛ nokwarem sɛ fi Wiase Nyinaa Ko ll reba no, anyɛ yiye koraa no, akra bɛboro ɔpepem 20 atotɔ “nkrante kɛse” no ano.

18, 19. (a) Sɛ anka ɛbɛyɛ nkonimdi ama akodi ho nimdeɛ mmom no, nnipa a wɔakunkum wɔn fi Wiase Nyinaa Ko ll mu reba no yɛ nokwasɛm bɛn? (b) Asiane bɛn na ɛda adesamma anim, na dɛn na ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo bɛyɛ de asiw ano?

18 So yebetumi afrɛ eyi sɛ nkonimdi ma akodi ho nimdeɛ anaa? Mmom no ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ a onni ahummɔbɔ no retu mmirikaden. Saa mmirikaden no bɛba awiei wɔ he? Wiase nyansahufo bi ka sɛ asiane bi betumi ama nuklea ɔko aba—sɛ yɛrenka nuklea ɔko a wɔahyɛ da ahyehyɛ a wɔbɛma aba no ho asɛm koraa a! Nanso anigyesɛm ne sɛ ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo a ɔredi nkonim no wɔ eyi ho adwene foforo bi.

19 Bere tenten a wɔahyehyɛ adesamma abusua no asi ɔman ho ahantan ne nitan so no, adesamma bɛkɔ so atra nuklea akode ho asiane mu. Sɛ esiane ahoyeraw mpo nti, amanaman no tow wɔn nuklea akode no nyinaa gu a, wɔbɛkɔ so akora ɔkwan a wɔfa so yɛ no ho nimdeɛ so. Bere tiaa bi mu no, wobetumi asan ayɛ wɔn nuklea awudi nnwinnade no bio; enti, ɔko biara a wɔde akode a atomik de nka ho bɛko no bɛdan ayɛ nea ɛbɛtɔre nnipa ase wɔ bere tiaa bi mu. Ahantan ne nitan a aka amanaman no ahyɛ mu nnɛ no bɛma adesamma adi wɔn ho dɔm, gye sɛ—yiw, gye sɛ ɔpɔnkɔ fitaa Sotefo no ma ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ no sotefo no gyae n’ammirikaden no. Momma yennya ahotoso sɛ Ɔhene Kristo bɛtra ne pɔnkɔ no so adi wiase a Satan di so no so nkonim awie, na ɔde asase so adesamma abusua foforo a egyina ɔdɔ—Onyankopɔn ne yɔnko dɔ—so, tumi a ɛde asomdwoe a ɛkyɛn nea wose wɔde siw yɛn adammɔ mmere yi mu nuklea ano a ehinhim no so koraa bɛba no aba.​—Dwom 37:9-11; Marko 12:29-31; Adiyisɛm 21:1-5.

Ɔpɔnkɔbiri Bi Bɔ Kirididi Fi Adi

20. Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ sɛ ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo no begyina tebea biara a asiane wom ano?

20 Afei Yesu tew nsɔano a ɛto so abiɛsa no ano! Yohane, dɛn na wuhu? “Na ɔtew nsɔano a ɛto so abiɛsa no ano no, metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no se: Bra!” (Adiyisɛm 6:5a) Anigyesɛm ne sɛ, kerubim a ɔto so abiɛsa yi “wɔ anim a ɛte sɛ onipa,” na ɛyɛ ɔdɔ su ho sɛnkyerɛnne. Ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so bebu so bebree wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu, te sɛnea saa su fɛfɛ no wɔ Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu nyinaa no. (Adiyisɛm 4:7; 1 Yohane 4:16) Yebetumi agye adi sɛ ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo a ‘etwa sɛ odi hene kosi sɛ Onyankopɔn de atamfo nyinaa begu ne nan ase’ no befi ɔdɔ mu ayi amanehunu tebea a afei wɔma Yohane hu no afi hɔ.​—1 Korintofo 15:25.

21. (a) Ɔpɔnkɔbiri ne ne sotefo no yɛ dɛn ho mfonini? (b) Dɛn na edi adanse sɛ ɔpɔnkɔbiri no da so ara resɛe nneɛma?

21 Ɛnde, dɛn na Yohane hu, bere a wogye ɔfrɛ a ɛto so abiɛsa a ese “Bra!” no so no? “Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔbiri bi ni, na nea ɔte no so no kura nsenia ne nsam.” (Adiyisɛm 6:5b) Ɔkɔm kɛse! Nkɔmhyɛ mfonini yi nkrasɛm a ɛyɛ hu no ni. Ɛtwe adwene si tebea horow a ɛbɛba Awurade da no mfiase pɛɛ bere a wɔde nsenia na ɛbɛkyekyɛ aduan no so. Efi afe 1914 reba no, ɔkɔm abɛyɛ asɛnnennen wiase nyinaa. Nnɛyi akodi de ɔkɔm ba, na wɔtaa dan nneɛma a wɔtaa de yɛn wɔn a ɔkɔm de wɔn no de yɛ akode. Wɔkyekyere mfuw mu adwumayɛfo kɔ ɔko, na mfuw a wɔako afa so ne nsase a wɔahyew siw aduan a ɛbɛba kwan. Hwɛ sɛnea eyi bae ampa wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no mu, bere a ɔkɔm dee nnipa ɔpepem pii ma wowuwui no! Afei nso, ɔkɔm ɔpɔnkɔbiri no sotefo annyae n’ammirikatu no wɔ ɔko no awiei. Afe 1930 mfe no mu no, nnipa ɔpepem anum wuwui ɔkɔm biako pɛ a esii wɔ Ukraine no mu. Wiase Nyinaa Ko II maa aduan ho yɛɛ na kɛse, na ɔkɔm bae wɔ akyi. Bere a ɔpɔnkɔbiri no kɔ so tu n’ammirikaden no, Wiase Aduan Ho Bagua no bɔɔ amanneɛ afe 1987 mfinimfini sɛ ɔkɔm de adesamma ɔpepem 512, na nneɛma a ɔkɔm de ba ma mmofra 40,000 wuwu da biara.

22. (a) Dɛn na ɛnne bi ka, na ɛkyerɛ sɛ dɛn na ehia? (b) Dɛn na awi susukora biako ne aburow susukora abiɛsa bo no kyerɛ?

22 Yohane wɔ pii ka kyerɛ yɛn bio: “Na metee nne bi ateasefo baanan no mfinimfini a ese: Awi susukora taku, na aburow susukora abiɛsa taku; na ngo ne nsa de, nyɛ no hwee!” (Adiyisɛm 6:6) Kerubim baanan no nyinaa ano kɔ bɛnkoro mu ka sɛnea ehia sɛ wɔhwɛ aduan yiye no—sɛnea na ɛsɛ sɛ nkurɔfo di “abodoo nkarii so ne nkɔmmɔdi mu” ansa na Yerusalem sɛe reba afe 607 A.Y.B. mu. (Hesekiel 4:16) Yohane bere so no, na wobu awi susukora biako sɛ ɔsraani da koro aduan. Aduan a ɛte sɛɛ a wɔkari ma obi no bo bɛyɛ ahe? Denare biako—da mu nyinaa akatua! (Mateo 20:2) * Na sɛ ɔbarima bi wɔ abusua nso ɛ? Wiɛ, obetumi atɔ atoko a wɔmpoo ho susukora abiɛsa mmom. Ɛno mpo abusua ketewaa na ɛbɛso wɔn di. Na wommu atoko sɛ aduan pa te sɛ awi.

23. Dɛn na asɛm, “ngo ne nsa de, nyɛ no hwee” no kyerɛ?

23 Dɛn na asɛm, “ngo ne nsa de, nyɛ no hwee” no kyerɛ? Ebinom abu no sɛ ɛkyerɛ sɛ bere a aduan ho bɛyɛ na ama nnipa pii na ɔkɔm ade ebinom mpo no, ɔhaw remma adefo adɔkɔdɔkɔde ahorow no so. Nanso Mfinimfini Apuei hɔ no, ngo ne bobesa nyɛ nnɔkɔnnɔkɔde. Bible mmere mu no, na wobu abodoo, ngo ne bobesa sɛ nnuan atitiriw. (Fa toto Genesis 14:18; Dwom 104:14, 15 ho.) Na ɛnyɛ mmere nyinaa na nsu ye, enti na wɔde nsa di dwuma kɛse na ɛtɔ mmere bi mpo a, wɔnom no sɛ aduru. (1 Timoteo 5:23) Ngo fam de, Elia bere so no, na Sarefat ɔbea kunafo no wɔ ngo kakra a ɔde bɛto n’asikresiam a aka ama no no, ɛwom sɛ na ɔyɛ ohiani de. (1 Ahene 17:12) Enti, ahyɛde a ɛne sɛ “ngo ne nsa de nyɛ no hwee” no bɛyɛ afotu a ɛkyerɛ sɛ wɔmmfa nneɛma titiriw yi nni dwuma ntɛmntɛm dodo na mmom wɔmfa nni dwuma nkakrankakra. Anyɛ saa a, ‘wɔbɛhaw wɔn,’ ɛne sɛ, ɛbɛsa ansa na ɔkɔm no to atwa.

24. Dɛn nti na ɔpɔnkɔbiri no renkɔ so ntu ne mmirikaden no nkyɛ bio?

24 Anigye bɛn ara na yebetumi anya sɛɛ yi sɛ ɛrenkyɛ koraa na ɔpɔnkɔ fitaa Sotefo no ama saa ɔpɔnkɔbiri a otu mmirikaden no agyina! Wɔakyerɛw Ne dɔ nsiesiei a wayɛ ama wiase foforo no ho asɛm sɛ: “Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio. . . . Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:7, 16; hwɛ Yesaia 25:6-8 nso.

Ɔpɔnkɔ Nsonso no Ne Ɛsotefo No

25. Bere a Yesu tew nsɔano a ɛto so anan no ano no, hena nne na Yohane te, na dɛn na eyi kyerɛ?

25 Wonwiee asɛm no ka ɛ. Yesu tew nsɔano a ɛto so anan no, na Yohane ka nea efi mu ba no ho asɛm kyerɛ yɛn: “Na ɔtew nsɔano a ɛto so anan no ano no, metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no se: Bra!” (Adiyisɛm 6:7) Kerub a ɔsɛ ɔkɔre a ɔretu no nne nen. Wɔkyerɛ nyansa a ehu ade kɔ akyiri, na nokwarem no, ɛho hia sɛ Yohane, Yohane kuw no ne Onyankopɔn asomfo afoforo a wɔwɔ asase so nyinaa nso, de nhumu di dwuma esiane nea wɔayɛ ho mfonini wɔ ha no nti. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya ahobammɔ bi wɔ nneɛma ahorow a ɛhaw nnɛyi ahantan, ɔbrasɛe awo ntoatoaso yi mu wiase anyansafo no mu.​—1 Korintofo 1:20, 21.

26. (a) Hena ne ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so anan no, na dɛn nti na ne pɔnkɔ no su fata? (b) Hena na odi ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so anan no akyi, na dɛn na ɛba wɔn a ne nsa ka wɔn no so?

26 Ɛnde, ahude afoforo bɛn na wogya mu gu, bere a ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so anan no gye ɔfrɛ no so no? Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na mihui, na, hwɛ! ɔpɔnkɔ nsonso bi ni; na nea ɔte no so no din de Owu. Na Hades di n’akyi pɛɛ.” (Adiyisɛm 6:8a, NW) Ɔpɔnkɔ a otwa to no wɔ din: Owu. Ɔno nkutoo ne Adiyisɛm no mu apɔnkɔsotefo baanan no mu nea ɔda dekode a ɔyɛ no adi tee. Ɔkwan a ɛfata so no, owu te ɔpɔnkɔ nsonso so, efisɛ wɔde asɛmfua nsonso (Hela, khlo·rosʹ) di dwuma wɔ Hela nhoma ahorow mu de ka anim a ahoa te sɛ nea ɔyare aka no ho asɛm. Afei, wɔ ɔkwan a ɛfata so nso, Hades (ɔdammoa) di Owu akyi pɛɛ ɔkwan bi a wɔankyerɛkyerɛ mu so, efisɛ Hades gye wɔn a wɔtotɔ wɔ ɔhaw ahorow a ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so anan no de ba no mu dodow no ara nti. Anigyesɛm ne sɛ eyinom benya owusɔre, bere a ‘owu ne Hades yi awufo a wɔwɔ wɔn mu no ma no.’ (Adiyisɛm 20:13) Nanso ɔkwan bɛn so na Owu nsa kaa saafo a wɔakunkum wɔn no?

27. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔpɔnkɔsotefo a ɔne Owu no nya wɔn a ne nsa ka wɔn no? (b) Dɛn na “asase abupɛn anan mu biako” a Owu wɔ so tumi no kyerɛ?

27 Anisoadehu no bɔ akwan horow no bi din: “Na wɔmaa wɔn asase abupɛn anan mu biako so tumi sɛ wɔmfa afoa ne ɔkɔm ne owu ne asase so mmoa nkunkum wɔn.” (Adiyisɛm 6:8b) Ɛnkyerɛ asase sofo mu abupɛn anan mu biako ankasa, na mmom asase no mu fã kɛse, sɛ ebia nnipa dɔɔso wɔ hɔ anaasɛ dabi no, n’ammirikatu yi bɛka wɔn. Ɔpɔnkɔsotefo yi nsa ka wɔn a ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so abien no nkrante kɛse no ne nea ɔto so abiɛsa no aduankɔm kunkum wɔn no. Wonya nea n’ankasa nso twa fi owuyare ne asasewosow nso mu no, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Luka 21:10, 11 no.

28. (a) Ɔkwan bɛn so na “owuyare” ho nkɔmhyɛ no anya ne mmamu? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔabɔ Yehowa nkurɔfo ho ban wɔ nyarewa pii ho nnɛ?

28 Nea ehia wɔ ha mprempren ne “owuyare” no. Wɔ nneɛma a Wiase Nyinaa Ko I sɛee no akyi no, Spania infrensa kunkum nnipa bɛboro ɔpepem 20 afe 1918-19 asram kakraa bi mu. Asase so baabi nkutoo a ɔhaw yi bi ankɔ hɔ ne St. Helena supɔw ketewaa no so. Mmeae a ɛhɔfo fã kɛse no ara wuwui no, wɔbɔɔ gyatannaa de hyew amu a wɔaboaboa ano akuwakuw no. Na nnɛ nso komayare ne akisikuru a ɛyɛ hu no wɔ hɔ, na tawa a ɛsɛe ade no na ɛde eyi mu dodow no ara ba. Nea wɔkaa ho asɛm sɛ afe 1980 mfe no mu “mfe du tantan” no mu no, asetra kwan a ebu Bible gyinapɛn so no de AIDS ɔyare no aka “owuyare” no ho. Wɔ afe 2000 mu no, wɔkae sɛ United States nnuruyɛfo panyin kaa AIDS ho asɛm sɛ “ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne ɔyare a wonim sɛ ayɛ nnipa pii sen biara wɔ wiase no mu.” Ɔkae sɛ nnipa ɔpepem 52 anya HIV/AIDS wɔ wiase nyinaa na wɔn mu ɔpepem 20 awu. Aseda bɛn ara na Yehowa nkurɔfo de ma sɛɛ yi sɛ N’Asɛm mu afotu a nyansa wom ama wɔatwe wɔn ho wɔn afi aguamammɔ ne mogya a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, a ɛno so na wɔnam de nyarewa bebree san nnipa nnɛ no ho!—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; fa toto 1 Korintofo 6:9-11 ho.

29, 30. (a) Hesekiel 14:21 mu ‘atemmude bɔne anan’ no bɛkyerɛ dɛn nnɛ? (b) Yebetumi ate Adiyisɛm 6:8 no mu “aboa” no ase dɛn? (d) Ɛda adi sɛ dɛn ne nkɔmhyɛ mfonini no mu asɛntitiriw?

29 Yohane anisoadehu no bɔ asase so mmoa din sɛ ade a ɛto so anan a ɛde ɔpatuwu ba. Nokwarem no, wobu nneɛma anan a nsɔano a ɛto so anan no anobue da no adi—akodi, ɔkɔm, ɔyare, ne nkekaboa—wɔ tete mmere no mu sɛ nneɛma atitiriw a ɛde ɔpatuwu ba. Enti ɛbɛyɛ nneɛma a ɛde ɔpatuwu ba nnɛ nyinaa no ho mfonini. Ɛte sɛ nea Yehowa bɔɔ Israel kɔkɔ no ara pɛ: “Mɛma m’atemmude bɔne anan, nkrante, ne ɔkɔm ne mmoa bɔne ne owuyare, aba Yerusalem so de atwitwa nnipa ne mmoa afi mu.”—Hesekiel 14:21.

30 Wɔntaa nka nnipa a wuram mmoa kunkum wɔn no ho asɛm kɛse wɔ nnɛ mmere yi mu, ɛwom sɛ wuram mmoa akɔ so akunkum nnipa wɔ aman a owia bɔ pii wɔ hɔ no mu de. Ebia wobekunkum nnipa pii daakye, sɛ akodi nti asase dan amamfo anaasɛ ɔkɔm ma nnipa fɔn araa ma wɔantumi anko ampam mmoa a ɔkɔm de wɔn no a. Afei nso, nnipa pii wɔ hɔ nnɛ a esiane sɛ wɔyɛ wɔn ade te sɛ mmoa a wonnwen nti, wɔda mmoa su a ɛne nea wɔka ho asɛm wɔ Yesaia 11:6-9 no bɔ abira kɛse. Saa nnipa yi titiriw na wɔama ɔbarima ne ɔbea nna mu nsɛmmɔnedi, awudi, amumɔyɛsɛm, ne ɔtopae tow wɔ nnɛ wiase yi mu no atrɛw kɛse. (Fa toto Hesekiel 21:31; Romafo 1:28-31; 2 Petro 2:12 ho.) Ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so anan no fa wɔn nnipa a wokunkum wɔn no nso. Nokwarem no, ɛte sɛ nea nkɔmhyɛ mfonini yi mu asɛntitiriw ne sɛ ɔpɔnkɔ nsonso no sotefo no ma adesamma patu wu wɔ akwan pii so.

31. Wɔ nneɛma a apɔnkɔ kɔkɔɔ, tuntum ne biri sotefo asɛe no nyinaa akyi no, dɛn nti na ebia ɛsɛ sɛ wɔhyɛ yɛn nkuran?

31 Amanneɛbɔ a nsɔano anan a edi kan no bue da no adi no ma awerɛhyem, efisɛ ɛkyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn aba mu bu wɔ akodi, ɔkɔm, ɔyare, ne nneɛma afoforo a ɛde ɔpatuwu ba a abu so nnɛ no mu; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw esiane sɛ akannifo a wɔyɛ nnipa ntumi nni ɔhaw ahorow a ɛwɔ hɔ mprempren no ho dwuma nti. Sɛ wiase tebea horow ma ɛda adi sɛ ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ no, ɔpɔnkɔbiri no, ne nsonso no nenam a, mma wo werɛ mfi sɛ ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo na odii kan fii ase traa ne pɔnkɔ so. Yesu adi Hene, wadi nkonim dedaw akodu baabi a watow Satan afi soro akyene. Nea ɛka ne nkonimdi afoforo ho no ne honhom mu Israelfo mma nkaefo no ne amanaman ntam nnipakuw kɛse a wɔn dodow ano si ɔpepem pii no ano a waboaboa ma wɔatwa ahohiahia kɛse no. (Adiyisɛm 7:9, 14) Ɔbɛkɔ so atra ne pɔnkɔ no so akosi sɛ obewie ne nkonimdi no.

32. Dɛn na nsɔano anan a edi kan no biara bue da no adi?

32 Ɔfrɛ yi adi nsɔano anan no mu biara bue akyi: “Bra!” Bere biara no, ɔpɔnkɔ no ne ne sotefo no bɔ kirididi ba. Efi nsɔano a ɛto so anum no so no, yɛnte ɔfrɛ a ɛte sɛɛ bio. Nanso saa apɔnkɔsotefo no da so ara tete wɔn apɔnkɔ no so, na wɔbɛkɔ so atu wɔn mmirikaden no wɔ nneɛma nhyehyɛe no awiei nyinaa mu. (Fa toto Mateo 28:20 ho.) Nsɛm atitiriw a esisi bɛn na Yesu da no adi kyerɛ bere a obue nsɔano abiɛsa a aka no? Nnipa aniwa ntumi nhu nsɛm a esisi no bi. Nanso afoforo a aniwa tumi hu no nso bɛba daakye. Nanso, ebenya mmamu ɔkwan biara so. Momma yɛnhwɛ nea ɛyɛ.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Nanso, hyɛ no nsow sɛ Adiyisɛm 12:1 mu “ɔbea” no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so “nsoromma dumien abotiri.”

^ nky. 4 Sɛ wopɛ adanse fefeefe a ɛkyerɛ sɛ Yesu baa n’Ahenni mu afe 1914 mu a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa nhoma a Yehowa Adansefo atintim no kratafa 215-18.

^ nky. 11 Ɛwom sɛ nkyerɛase ahorow bi kyerɛ asɛm yi ase sɛ “di nkonim” (Revised Standard, The New English Bible, King James Version) anaasɛ “wasi ne bo sɛ obedi nkonim” (Phillips, New International Version) de, nanso aorist adeyɛ asɛm a wɔde di dwuma wɔ ha wɔ mfitiase Hela kasa mu no da ntease a ɛkyerɛ biribi a wɔawie yɛ anaasɛ awiei koraa adi. Enti, Word Pictures in the New Testament a Robertson yɛe no ka sɛ: “aorist kabea wɔ ha no kyerɛ nkonimdi koraa.”

^ nky. 22 Hwɛ New World Translation Reference Bible asehɔ asɛm no.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 92 adaka]

Ɔhene No Te Ɔpɔnkɔ So Nkonimdi Mu

Afe 1930 ne 1940 mfe no mu, atamfo a wɔasi wɔn bo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ada adi sɛ mmara mma Yehowa Adansefo ɔsom adwuma no kwan, ɛyɛ nsɛmmɔnedi anaasɛ etutu ɔman ase mpo. (Dwom 94:20) Afe 1936 mu nkutoo no, wɔkyerɛw too hɔ sɛ wɔkyekyeree nnipa 1,149 wɔ United States. Adansefo no dii nsɛm pii mmara kwan so ara koduu United States Asennibea Kɛse no anim, na nkonim titiriw a wodii no bi na edidi so yi.

May 3, 1943, Asennibea Kɛse no buaa Murdock ne Pennsylvania asɛm no sɛ Adansefo no nhia tumi krataa na wɔde nhoma ama agye sika. Saa da no ara, gyinae a wosii wɔ Martin ne city of Struthers asɛm no mu kae sɛ mmara ma ho kwan sɛ wɔbɛbɔ dɔn wɔ apon ano bere a wɔkyekyɛ nsaano nkrataa ne dawurubɔ nneɛma afoforo wɔ afie afie no.

June 14, 1943, Asennibea Kɛse no buaa Taylor ne Mississippi asɛm no sɛ, Adansefo no anhyɛ nokware a wonni aban no ho nkuran wɔ wɔn asɛnka no mu. Saa da no ara, Asennibea no buaa West Virginia State Board of Education ne Barnnette asɛm no sɛ sukuu sohwɛ bagua bi nni ho kwan sɛ wɔpam Yehowa Adansefo mma a wɔampene sɛ wobekyia frankaa no fi sukuu. N’adekyee ara no, Australia Asennibea Kɛse atemmufo yii ɔman no bara a ɛbaraa Yehowa Adansefo no fii hɔ, na wɔkae sɛ “ɛyɛ obi ankasa adwene, adwemmɔne ne nhyɛso.”

[Kratafa 94 adaka]

“Wɔmaa No Kwan sɛ Onyi Asomdwoe Mfi Asase So”

Ɛhe na mfiridwuma ho nyansahu de yɛn rekɔ? The Globe and Mail, a wotintim no Toronto, Canada, January 22, 1987 no bɔɔ nea edidi so yi a efi ɔkasa bi a Ivan L. Head, Amanaman Ntam Nkɔso Hwehwɛbea titrani mae no mu ho amanneɛ sɛ:

“Wɔabu akontaa a wotumi de ho to so sɛ wiase nyansahufo ne mfiridwuma ho animdefo baanan biara mu biako a ɔyɛ nhwehwɛmu ne nkɔso dwuma no reyɛ akode ho adwuma. . . . Afe 1986 akontaabu kyerɛ sɛ sika a wɔsɛee wɔ ho no boro dɔla ɔpepem 1:5 simma biara. . . . So yɛn nyinaa wɔ ahobammɔ kɛse esiane nea afi mfiridwuma so dua a wosi yi mu aba no nti? Nuklea akode korabea ahorow a aman a wɔwɔ tumi no wɔ no mu akode ahoɔden te sɛ akode a Wiase Nyinaa Ko a Ɛto so Abien no mu akofofo nyinaa de dii dwuma no nyinaa—ahorow 6,000. Wiase Nyinaa Ko a Ɛto so Abien no ahorow mpem asia. Efi 1945 reba no, bere a wiase no amfa ne ho anhyɛ sraadi nneyɛe mu no nnu adapɛn ason. Amanaman ntam ɔko anaasɛ ɔman pɔtee bi mu ɔko 150 na aba, na wobu akontaa sɛ akunkum nnipa bɛboro 20 koraa a emu dodow no ara fi mfiridwuma ho nimdeɛ foforo a etumi yɛ adwuma yiye a aba wɔ Amanaman Nkabom bere yi mu no.

Ebeduu afe 2005 no, na ɔko akunkum nnipa bɛboro ɔpepem 20.

[Adaka wɔ kratafa 98, 99]

Adiyisɛm Nhoma no mu Nsɛm

Bere a yɛadu ha tɔnn wɔ Adiyisɛm nhoma a yesusuw ho yi mu no, yefi ase hu nhoma no mu nsɛm pefee. Wɔ nnianim nsɛm a ɛkanyan nnipa (Adiyisɛm 1:1-9) no akyi no, yebetumi abu Adiyisɛm sɛ wɔakyekyɛ mu ayɛ no anisoadehu 16 sɛnea edidi so yi:

ANISOADEHU 1 (1:10–3:22): Yohane nam honhom mu hu Yesu a wɔahyɛ no anuonyam, a ɔde afotu nsɛm a ɛyɛ anigye kɔma asafo ahorow ason no.

ANISOADEHU 2 (4:1–5:14): Yehowa Nyankopɔn ɔsoro ahengua no mfonini fɛfɛ. Oyi de nhoma mmobɔwee bi ma Oguammaa no.

ANISOADEHU 3 (6:1-17): Nhoma mmobɔwee no nsɔano asia a edi kan no anotew, Oguammaa no da nsɛm pii a ebesisi Awurade da no mu ho anisoadehu adi nkakrankakra. Adiyisɛm mu apɔnkɔsotefo baanan no fi adi, Onyankopɔn nkoa a wɔakunkum wɔn sɛ mogya adansefo no nya ntade fitaa, na wɔka abufuw da kɛse no ho asɛm.

ANISOADEHU 4 (7:1-17): Abɔfo so ɔsɛe mframa no mu kosi sɛ wɔbɛsɔw honhom mu Israelfo 144,000 no ano. Nnipakuw kɛse a wofi aman nyinaa mu ka sɛ wɔ nkwagye fi Onyankopɔn ne Kristo, na wɔboaboa wɔn ano ma wɔanya nkwa atwa ahohiahia kɛse no.

ANISOADEHU 5 (8:1–9:21): Bere a wobue nsɔano a ɛto so ason no ano no, wɔte torobɛnto ason hyɛn, anisoadehu a ɛto so anum no mu torobɛnto hyɛn no asia a edi kan. Saa torobɛnto asia hyɛn yi ka Yehowa atemmu a ɛbɛba adesamma so no ho asɛm kyerɛ. Torobɛnto anum ne asia no nso da due a edi kan ne nea ɛto so abien no adi.

ANISOADEHU 6 (10:1–11:19): Ɔbɔfo hoɔdenfo bi de nhoma mmobɔwee ketewaa bi ma Yohane, wosusuw asɔrefi no, na yɛte adansefo baanu no osuahu ahorow. Ɛde torobɛnto hyɛn a ɛto so ason a ɛka due a ɛto so abiɛsa a ɛbɛba Onyankopɔn atamfo so—Yehowa ne ne Kristo Ahenni a ɛreba no ho asɛm na ewie.

ANISOADEHU 7 (12:1-17): Ɛka Ahenni no awo a ɛma Mikael tow ɔwɔ no, Satan, kyene asase so no ho asɛm.

ANISOADEHU 8 (13:1-18): Aboa ɔhoɔdenfo no pue fi ɛpo no mu ba, na aboa a ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguammaa no hyɛ adesamma sɛ wɔnkotow no.

ANISOADEHU 9 (14:1-20): 144,000 a wɔwɔ Sion Bepɔw so no mfonini fɛfɛ a wodi kan hu. Wɔte abɔfo nkrasɛm asase so nyinaa, wotwa asase so bobe no, na wotiatia Onyankopɔn abufuw nsa-kyi-amoa no so.

ANISOADEHU 10 (15:1–16:21): Ɔsoro abangua no mfonini foforo, Yehowa abufuw nkuruwa ason a wohwie gu asase so no di akyi. Ɔfã yi nso de Satan nhyehyɛe no awiei ho nkɔmhyɛ mu nkyerɛkyerɛmu na ewie.

ANISOADEHU 11 (17:1-18): Aguaman kɛse, Babilon Kɛse no, te aboa kɔkɔɔ bi a ɔkɔ bun no mu bere tiaa bi nanso ɛsan pue ba bio bɛyɛ ɔbea no pasaa no so.

ANISOADEHU 12 (18:1–19:10): Wɔka Babilon Kɛse no asehwe ne ne sɛe koraa kyerɛ. Ne sɛe akyi no, ebinom di awerɛhow, afoforo yi Yehowa ayɛ; wɔka Oguammaa no aware kyerɛ.

ANISOADEHU 13 (19:11-21): Yesu di ɔsoro dɔm no anim ma wɔde Onyankopɔn abufuw atemmu ba Satan nhyehyɛe, ne dɔm ne n’aboafo so; nnomaa di wɔn afunu.

ANISOADEHU 14 (20:1-10): Ebun mu a wɔde Satan Ɔbonsam hyɛ, Kristo ne ne mfɛfo ahene no Mfirihyia Apem Ahenni, adesamma sɔhwɛ a etwa to ne Satan ne n’adaemone sɛe.

ANISOADEHU 15 (20:11–21:8): Adesamma nyinaa wusɔre ne Atemmu Da kɛse no; ɔsoro foforo ne asase foforo ba a daa nhyira horow ma adesamma atreneefo ka ho.

ANISOADEHU 16 (21:9–22:5): Yerusalem Foforo, ne Oguammaa no yere ho anisoadehu a ɛyɛ fɛ de Adiyisɛm ba awiei. Onyankopɔn nsiesiei ma adesamma ayaresa ne nkwa sen fi saa kuropɔn no mu.

Adiyisɛm de nkyia ne afotu nsɛm a ɛyɛ anigye a efi Yehowa, Yesu, ɔbɔfo no ne Yohane ankasa nkyɛn na ewie. Nsa a wɔto frɛ obiara ne sɛ “Bra!”—Adiyisɛm 22:6-21.