Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awurade Da no Mu Asasewosow Ahorow

Awurade Da no Mu Asasewosow Ahorow

Ti 18

Awurade Da no Mu Asasewosow Ahorow

1, 2. (a) Sɛ woahu asasewosow kɛse wɔ w’asetra mu pɛn a, ɛte dɛn? (b) Dɛn ho asɛm na Yohane ka bere a wɔtew nsɔano a ɛto so asia no ano no?

SO WOAHU asasewosow kɛse wɔ w’asetra mu pɛn? Ɛnyɛ osuahu a ɛyɛ anigye. Ebia nnyigyei a ano yɛ den yiye na ebefi asasewosow kɛse bi ase. Ebia sɛnea ɛwosow bere ne bere mu no betumi ama ɔwosow no ayɛ kɛse bere a wuguan kɔhwehwɛ hintabea—ebia wɔ ɔpon bi ase no. Anaasɛ ebia ɛbɛba mpofirim, na afei nkuku ne nkaka, adan mu nneɛma ahwehwe ase, na adan mpo abubu agu fam wɔ ɛno akyi. Ebia ɛbɛsɛe nneɛma pii, na ɔwosow nketenkete a ɛba wɔ akyi mpɛn pii no bɛsɛe nneɛma afoforo, na amanehunu no foforo abɛka ho.

2 Bere a eyi wɔ w’adwene mu no, susuw nea Yohane ka ho asɛm no ho, bere a wɔtew nsɔano a ɛto so asia no ano no: “Na ɔtew nsɔano a ɛto so asia no ano no, mihui, na asase wosowee kɛse.” (Adiyisɛm 6:12a) Ɛsɛ sɛ eyi ne nsɔano afoforo no anotetew no nyinaa ba bere koro mu. Bere bɛn wɔ Awurade da no no mu na ɔwosow yi ba, na ɛyɛ asasewosow bɛn?—Adiyisɛm 1:10.

3. (a) Nsɛm a ebesisi bɛn na Yesu ka siei wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa ne ba a ɔbɛba ho nsɛnkyerɛnne no mu? (b) Abusuabɔ bɛn na ɛda asasewosow ankasa ne sɛnkyerɛnne kwan so asasewosow kɛse a ɛwɔ Adiyisɛm 6:12 no ntam?

3 Wɔaka asasewosow ankasa ne sɛnkyerɛnne kwan so de ho asɛm mpɛn pii wɔ Bible mu. Wɔ Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa ba a ɔbɛba Ahenni tumi mu ho sɛnkyerɛnne no mu no, Yesu ka siei sɛ “asasewosow bɛba mmeaemmeae.” Na eyi bɛyɛ “awoko yaw mfiase” no fa bi. Efi 1914 bere a nnipa a wɔte asase no so no dodow ayɛ ɔpepem pii no, asasewosow ankasa nso de bi abɛka yɛn mmere so ahohiahia no ho ɔkwan titiriw bi so. (Mateo 24:3, 7, 8) Nanso, ɛwom mpo sɛ ɛma nkɔmhyɛ bam de, nanso saa asasewosow ahorow no abɛyɛ amanehunu ahorow a ɛnyɛ onipa na ɔde ba. Ɛno na edi Adiyisɛm 6:12 no mu sɛnkyerɛnne kwan so asasewosow kɛse no anim ba. Ampa, eyi ba sɛ asasewosow akɛse a ɛtoatoa so a ɛwosow Satan asase so adesamma nneɛma nhyehyɛe no ma ɛka ne nhyɛase no sɛe a etwa to. *

Adesamma Abusua mu Ɔwosow Ahorow

4. (a) Efi bere bɛn na Yehowa nkurɔfo ahwɛ kwan sɛ nsɛm a emu yɛ den befi ase wɔ 1914 mu? (b) Bere bɛn awiei na 1914 bɛkyerɛ?

4 Efi 1870 mfe no mfinimfini mu hɔ no, na Yehowa nkurɔfo ahwɛ kwan sɛ nsɛnnennen befi ase 1914 mu na ahyɛ Amanaman Mmere no awiei agyirae. Eyi ne “mmere nson” (mfe 2,520) bere a efii ase bere a wotuu Dawid ahenni a na ɛwɔ Yerusalem no gui wɔ 607 A.Y.B. mu kosi bere a wɔde Yesu sii ahengua so wɔ ɔsoro Yerusalem wɔ 1914 Y.B. mu no.​—Daniel 4:24, 25; Luka 21:24, King James Version. *

5. (a) Amanneɛbɔ bɛn na C. T. Russell de mae October 2, 1914? (b) Amammui basabasayɛ bɛn na aba fi 1914?

5 Enti, bere a C. T. Russell puei sɛ ɔne Brooklyn, New York, Betel abusua no besusuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ho October 2, 1914, anɔpa no, ɔde amanneɛbɔ a ɛyɛ nwonwa mae sɛ: “Amanaman no Mmere no aba awiei; wɔn ahene adi wɔn mmere.” Ampa, wiase nyinaa basabasayɛ a efii ase 1914 mu no kɔɔ akyiri ara yiye ma ahemman pii a na atra hɔ akyɛ no gui. Rusiafo ahemman a wotu gui Bolshevik ɔman anidan no mu wɔ 1917 mu no de Marx amammui adwene ne kapitalist amammui adwene ntam ntawntawdi a ɛkɔɔ so bere tenten no bae. Ɔwosow a ɛyɛ amammui mu nsakrae kɔ so haw adesamma abusua no wɔ asase so nyinaa. Ɛnnɛ, nniso horow pii ntumi ntra hɔ nni afe anaa mfe abien. Nsakrae a ɛba amammui mu no ho nhwɛso ne Italy a anya nniso afoforo 47 wɔ mfe 42 pɛ mu wɔ Wiase Nyinaa Ko II akyi no. Nanso ɔwosow a ɛte saa a edi kan ba no yɛ nniso mu basabasayɛ kɛse a ɛbɛba no mfiase ara kwa. Dɛn na ebefi mu aba? Onyankopɔn Ahenni nkutoo begye asase no nyinaa adi so.​—Yesaia 9:6, 7.

6. (a) H. G. Wells kaa bere foforo ne nsɛm akɛse no ho asɛm dɛn? (b) Dɛn na nyansapɛfo ne ɔmanyɛfo bi kyerɛw faa bere a efi 1914 reba no ho?

6 Abakɔsɛm akyerɛwfo, nyansapɛfo ne amammui akannifo atwe adwene asi 1914 so sɛ bere foforo ne nsɛm akɛse mfiase. Saa bere no kɔɔ so mfe dunson no, abakɔsɛm kyerɛwfo H. G. Wells kae sɛ: “Anigye so na odiyifo bɛhyɛ nneɛma pa ho nkɔm. Nanso n’adwuma ne sɛ ɔka nea ohu. Ohu wiase bi a ɛda so ara hyɛ asraafo, ɔmampɛfo, adefo ne sikapɛfo nsa ma wodi so denneennen; wiase a wɔagyaa mu ama nkurɔfo ho adwemmɔne ne nitan, a nea aka wɔ obi ankasa ahofadi ahorow ho no reyera ntɛmntɛm, a akuwakuw ntam ɔko a emu yɛ den resɛe wɔn na wosiesie wɔn ho ama ako afoforo.” Afe 1953 mu no, nyansapɛfo Bertrand Russell kyerɛwee sɛ: “Efi 1914 reba no, obiara a onim nea ɛrekɔ so wɔ wiase no mu no ahaw kɛse wɔ nea ɛte sɛ nkrabea ne aprenten a wɔahyɛ ato hɔ a wɔretu akɔ amanehunu a ɛkyɛn so mu mmere nyinaa . . . Wohu adesamma abusua no te sɛ Hela amanehunu mu ɔkatakyie bi a anyame a wɔn bo afuw repiapia no a onni nkrabea so tumi bio.” Afe 1980 mu no, ɔmanyɛfo Harold Macmillan reka afeha 20 yi mfiase a asomdwoe wom ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Biribiara bɛkɔ so ayɛ yiye. Wiase a wɔwoo me wom nen. . . . Mpofirim, bere a yɛnhwɛ kwan no, ade mu no nyinaa baa awiei da koro anɔpa wɔ 1914 mu.”

7-9. (a) Basabasayɛ ahorow bɛn na awosow adesamma abusua no fi 1914? (b) Awiei koraa no, basabasayɛ bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ nnipa asetra mu bere a Yesu aba no?

7 Wiase Nyinaa Ko ll de basabasayɛ foforo a ɛtoatoa so bae. Ɔko nketenkete ne amumɔyɛsɛm a wodi wɔ aman ahorow mu kɔ so wosow asase no. Amumɔyɛfo anaa aman a wɔde akode a ebetumi akunkum nnipa pii ho hu ayɛ nnipa bebree dadwen.

8 Nanso, ɔko no akyi no, nneɛma foforo awosow adesamma abusua no ma aka ne nhyɛase tɔnn fi 1914. U.S. sikasɛm a ɛsɛe wɔ October 29, 1929 mu no na efii basabasa a ɛsen biara no mu biako ase. Eyi de Ahokyere Kɛse a ɛkaa kapitalist aman nyinaa no bae. Saa ahokyere no koduu ne pɔmpɔn so wɔ 1932 ne 1934 ntam hɔ, nanso yɛda so ara te nea efi mu bae no nka. Efi 1929 de reba no, wɔnam bere tiaa mu nhyehyɛe so apompam wiase bi a ɛyare sika fam. Nniso ahorow de wɔn ho hyɛ boseabɔ mu. Pɛtro ho nsɛnnennen a ɛbae 1973 mu ne aguadi a esii ne ti ase fi 1987 mu de bi bɛkaa wosow a sikasɛm ahemman no wosow no ho. Ɛde besi nnɛ, nnipa ɔpepem pii taa firi nneɛma. Wɔnam sika fam nnaadaa kwan nhyehyɛe akɛse, ne kyakyatow ahorow ne nyansakorɔn afoforo so asisi nnipa bebree, a nniso horow a anka ɛsɛ sɛ ɛbɔ nkurɔfo ho ban no na egyina emu bebree akyi. Kristoman mu television so asɛnkafo mpo teɛ wɔn nsa de gye wɔn kyɛfa a ɛyɛ dɔla ɔpepem pii!—Fa toto Yeremia 5:26-31 ho.

9 Ansa na ɛno bɛba no, na sika fam ɔhaw ahorow abue kwan ama Mussolini ne Hitler ma wɔagye tumi afa. Babilon Kɛse no ansɛe bere koraa sɛ ɛbɛhwehwɛ ɔdom afi wɔn hɔ, na Vatican ne Italy yɛɛ apam wɔ 1929 mu, ne Germany wɔ 1933 mu. (Adiyisɛm 17:5) Ɛda adi sɛ nna bɔne a a ɛbae wɔ ɛno akyi no yɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ne mmae ho a ‘amanaman ho a ɛbɛyeraw wɔn asase so ne ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no a ɛbɛma nnipa atotɔ beraw’ no ka ho no mmamu fã. (Luka 21:7-9, 25-31) * Yiw, ɔwosow a efii ase wosow adesamma abusua no wɔ 1914 mu no akɔ so, na ɔwosow ahorow a emu yɛ den aba wɔ ɛno akyi.

Yehowa Wosow Nneɛma Kakra

10. (a) Dɛn nti na ɔwosow pii wɔ adesamma nsɛm mu saa? (b) Dɛn na Yehowa reyɛ, na ɔresiesie nneɛma ama dɛn?

10 Ɔwosow a ɛtete saa wɔ adesamma nsɛm mu no fi tumi a onipa ntumi nkyerɛ n’ankasa anammɔn kwan no. (Yeremia 10:23) Afei nso, saa ɔwɔ dedaw no, Satan, “nea ɔdaadaa amanaman nyinaa,” no de amanehunu ahorow ba wɔ ne mmɔdenbɔ a etwa to sɛ ɔde bɛdan adesamma afi Yehowa som ho no mu. Nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ ama asase apua ayɛ borɔn biako, faako a ɔmampɛ ne mmusua mu nitan rewosow adesamma abusua no kodu ne nnyinaso so tɔnn, na nea wose wɔfrɛ no Amanaman Nkabom no ntumi nya ano aduru papa biara. Ɛmmae da sɛ onipa redi ne yɔnko onipa so tumi ma adan no bɔne. (Adiyisɛm 12:9, 12; Ɔsɛnkafo 8:9) Nanso Amansan Hene Yehowa, ɔsoro ne asase Yɛfo no ankasa nso rewosow nneɛma bɛboro mfe 90 ni, de reyɛ nsiesiei ama asase so ɔhaw ahorow to atwa prɛko. Ɔkwan bɛn so?

11. (a) Ɔwosow bɛn ho asɛm na wɔaka wɔ Hagai 2:6, 7? (b) Ɔkwan bɛn so na Hagai nkɔmhyɛ no reba mu?

11 Yɛkenkan wɔ Hagai 2:6, 7 se: “Na sɛ asafo [Yehowa] se ni: Pɛnkoro bio: Aka kumaa na mɛwosow ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase kesee, na mɛwosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na me de anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma, asafo [Yehowa] na ose.” Efi 1919 titiriw no, Yehowa ama n’adansefo aka n’atemmu akyerɛ asase no so adesamma abusua no mufo nyinaa. Kɔkɔbɔ a wɔde rema wɔ asase so nyinaa yi ama Satan wiase nhyehyɛe no ahu sɛ ne sɛe abɛn. * Bere a kɔkɔbɔ no mu yɛ den no, akanyan nnipa a wosuro Onyankopɔn, “ade a wɔpɛ” no, ma wɔatwe wɔn ho afi amanaman no ho. Ɛnyɛ sɛ ɔwosow a aba Satan ahyehyɛde no mu no na awosow wɔn agu. Na mmom bere a wohu tebea no, wɔn ankasa si gyinae sɛ wɔne Yohane kuw a wɔasra wɔn no benya anuonyam a wɔde bɛhyɛ Yehowa asɔrefi no ma no mu kyɛfa. Ɔkwan bɛn so na wotumi ma eyi yɛ hɔ? Wɔnam Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpaka adwuma a wɔde nsi yɛ no so. (Mateo 24:14) Ahenni yi, a Yesu ne n’akyidifo a wɔasra wɔn no na wɔwom no, bɛkɔ so agyina hɔ daa ama Yehowa anuonyam sɛ “ahenni a ɛnwosow.”—Hebrifo 12: 26-29.

12. Sɛ woafi ase retie asɛnka a wɔkaa ho asɛm siei wɔ Mateo 24:14 no a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na asasewosow kɛse a wɔka siei wɔ Adiyisɛm 6:12 no aba?

12 So woyɛ obi a woafi ase retie saa asɛnka no anaa? So ebia woka nnipa ɔpepem pii a nnansa yi mfe no mu wɔakɔ Yesu wu Nkae afahyɛ no ase no ho anaa? Sɛ saa a, kɔ so nya nkɔso wɔ Bible mu nokware a wusua no mu. (2 Timoteo 2:15; 3:16, 17) Twe wo ho fi Satan asase so asafo a wɔrebɛsɛe no no asetra kwan a aporɔw no ho koraa! Bra Kristofo wiase foforo asafo no mu tee na nya ne dwumadi mu kyɛfa kosi ase, ansa na “asasewosow” a etwa to no abubu Satan wiase no nyinaa pasaa. Nanso dɛn ne saa asasewosow kɛse no? Afei ma yɛnhwɛ.

Asasewosow Kɛse No!

13. Ɔkwan bɛn so na asasewosow kɛse no yɛ foforo koraa ma adesamma?

13 Yiw, nna a edi akyiri a emu yɛ den yi ayɛ—asasewosow ankasa ne sɛnkyerɛnne kwan so de bere. (2 Timoteo 3:1) Nanso ɔwosow yi mu biara nyɛ ɔwosow kɛse a etwa to a Yohane hu bere a wɔtew nsɔano a ɛto so asia no ano no. Asasewosow a edi kan bere no aba awiei. Afei asasewosow kɛse foforo bi koraa a adesamma nhuu bi da ba. Ɛyɛ kɛse araa ma adesɛe ne ahopopo a ɛma ɛba nyɛ nea wobetumi de Richter susudua anaasɛ ɔdesani susudua foforo biara asusuw. Eyi nyɛ asasewosow a ɛbɛba beae pɔtee bi nko, na mmom ɛyɛ asasewosow a ɛsɛe “asase” mu no nyinaa, adesamma abusua a wɔn abrabɔ asɛe no nyinaa.

14. (a) Nkɔmhyɛ bɛn na ɛka asasewosow kɛse ne nea ebefi mu aba ho asɛm sie? (b) Dɛn ho asɛm na Yoel nkɔmhyɛ ne Adiyisɛm 6:12, 13 ka?

14 Yehowa adiyifo afoforo nso kaa asasewosow a ɛte saa ne ɔsɛe a ɛde bɛba ho asɛm siei. Sɛ nhwɛso no, bɛyɛ 820 A.Y.B. mu no, Yoel kaa “[Yehowa] da kɛse a ɛyɛ hu” a ɛreba no ho asɛm, na ɔkae sɛ saa bere no “owia beduru sum, na ɔsram adan mogya.” Akyiri yi ɔde nsɛm yi ka ho sɛ: “Nnipa yuu, nnipa yuu wɔ atemmu bon no mu; efisɛ [Yehowa] da no abɛn, atemmu bon no mu. Owia ne ɔsram aduru sum, na nsoromma agyae haran. Na [Yehowa] fi Sion bobom na ofi Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowosow; nanso [Yehowa] yɛ guankɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.” (Yoel 2:31; 3:14-16) Nea ɔwosow yi betumi akyerɛ ara nko ne Yehowa atemmu a ɔde ba wɔ ahohiahia kɛse no mu. (Mateo 24:21) Enti ntease wom sɛ, kyerɛwtohɔ a ɛte sɛ ɛno ara a ɛwɔ Adiyisɛm 6:12, 13 no bɛkyerɛ ade koro no ara.​—Hwɛ Yeremia 10:10; Sefania 1:14, 15 nso.

15. Ɔwosow kɛse bɛn ho asɛm na odiyifo Habakuk ka siei?

15 Yoel akyi bɛyɛ mfe 200 no, odiyifo Habakuk ka kyerɛɛ ne Nyankopɔn wɔ mpaebɔ mu sɛ: “[Yehowa], mate wo nka, masuro; [Yehowa], w’adwuma no mfe mfinimfini na yɛ ma ɛmmra, mfe mfinimfini na ma wonhu; abufuhyew mu kae ayamhyehye.” Dɛn na saa “abufuhyew” no bɛyɛ? Habakuk kɔ so kyerɛkyerɛ ahohiahia kɛse no mu pefee, ka wɔ Yehowa ho sɛ: “Ogyina hɔ na ɔwosow asase, ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo. . . . Abohuru mu na wonam fa asase so, abufuw mu na woposaw amanaman. Nanso [Yehowa] mu na medi ahurusi, me ho bɛsɛpɛw me, me nkwagye Nyankopɔn mu.” (Habakuk 3:1, 2, 6, 12, 18) Ɔwosow kɛse bɛn ara na Yehowa bɛma aba asase so sɛɛ yi bere a ɔposa amanaman no!

16. (a) Dɛn na odiyifo Hesekiel ka siei ma bere a Satan de ne ntua a edi akyiri ba Onyankopɔn nkurɔfo so no? (b) Dɛn na efi Adiyisɛm 6:12 asasewosow kɛse no mu ba?

16 Hesekiel nso ka siei sɛ bere a Gog a ofi Magog (Satan a wɔabrɛ no ase no) de ne ntua a edi akyiri ba Onyankopɔn nkurɔfo so no, Yehowa bɛma “ɔwosow kɛse” aba “Israel asase so.” (Hesekiel 38: 18, 19) Ebia na asasewosow ankasa ka ho de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ wɔde Adiyisɛm mae nsɛnkyerɛnne mu. Nkɔmhyɛ yi ne nkɔmhyɛ afoforo a yɛabobɔ din no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de yiye. Enti, ɛte sɛ nea nsɔano a ɛto so asia no anotew no yi wosow a ɛwosow asase so nneɛma nhyehyɛe no nyinaa awiei adi—asasewosow kɛse a emu na wɔsɛe adesamma a wɔsɔre tia Yehowa Nyankopɔn Ahenni no nyinaa no.

Esum Bere

17. Asasewosow kɛse no ka owia, ɔsram ne nsoromma dɛn?

17 Sɛnea Yohane kɔ so kyerɛ no, nsɛm a ɛyɛ hu a ebesisi a ebi ka ɔsoro mpo no ka asasewosow kɛse no ho. Ɔka sɛ: “Na owia dan tumm sɛ nhwi kotoku, na ɔsram dan sɛ mogya. Na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma a mframa kɛse wosow no tetew n’aba bun gu.” (Adiyisɛm 6:12b, 13) Anwonwasɛm bɛn ara ni! So wubetumi asusuw esum a ɛyɛ hu a ebeduru no ho, sɛ anka nkɔmhyɛ no bɛbam saa ankasa? Adekyee a emu yɛ hyew a owia hann a ɛyɛ ahomeka wom nni hɔ bio! Adesae a ɔsram apae fitaa fɛfɛ nni hɔ bio! Na nsoromma bebree no renhyerɛn wɔ ewim fɛfɛ no bio. Mmom no, esum kabii a ɛto ntwa da na ɛbɛba.​—Fa toto Mateo 24:39 ho.

18. Ɔkwan bɛn so na ‘ɔsoro duruu sum’ maa Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu?

18 Honhom mu no, wɔhyɛɛ esum a ɛte saa ho nkɔm kyerɛ tete Israel. Yeremia bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Asase no nyinaa bɛdan amamfõ, nso owie de, merenwie no sɛe. Ɛno nti na asase no di nkɔmmɔ, na ɔsoro biri tumm wɔ so.” (Yeremia 4:27, 28) Afe 607 A.Y.B. mu bere a saa nkɔmhyɛ no baa mu no, na nneɛma aduru sum ama Yehowa nkurɔfo ampa. Wɔn ahenkurow, Yerusalem, tɔɔ Babilonfo nsam. Wɔsɛee wɔn asɔredan no, na wogyaw wɔn asase no too hɔ. Wɔn de, na wonni awerɛkyekye hann biara a efi soro. Mmom no, ɛte sɛ nea Yeremia de nkɔmmɔdi ka kyerɛɛ Yehowa no: “Woakum, woankyɛe so. Wode omununkum kataa wo ho, na mpaebɔ amfa mu annu.” (Kwadwom 3:43, 44) Yerusalem fam de, na saa ɔsoro sum no kyerɛ owu ne ɔsɛe.

19. (a) Onyankopɔn diyifo Yesaia ka sum bi a ɛbɛba ɔsoro ho asɛm fa tete Babilon ho dɛn? (b) Bere bɛn, na ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ no baa mu?

19 Akyiri yi, ɔsoro sum a ɛte saa no kyerɛɛ asiane maa tete Babilon. Eyi ho no, wɔde honhom kaa Onyankopɔn diyifo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ, [Yehowa] da no reba, atirimɔden ne anibere ne abufuhyew, sɛ ɔrebɛdan asase afõ, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfo afi so. Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia beduru sum n’adifi mu, na ɔsram nso renharan. Na mɛba mabɛtwe wiase asõ, ne bɔne ho, ne abɔnefo asõ, wɔn amumɔyɛ ho.” (Yesaia 13:9-11) Nkɔmhyɛ yi baa mu wɔ 539 A.Y.B. mu bere a Babilonfo tɔɔ Mediafo ne Persiafo nsam no. Ɛka esum, anidaso a enni hɔ, awerɛkyekye hann biara a enni hɔ mma Babilon no ho asɛm yiye bere a ɛhwee ase koraa fii ne gyinabea sɛ wiase tumi a ɛso no.

20. Awiei a ɛyɛ hu bɛn na ɛda hɔ ma nneɛma nhyehyɛe yi bere a asasewosow kɛse no ba no?

20 Ɔkwan a ɛte saa ara so no, sɛ asasewosow kɛse no ba a, abasamtu sum kabii beduru wiase nhyehyɛe mũ yi nyinaa. Satan asase so nhyehyɛe no mu nneɛma a ɛhyerɛn te sɛ akanea no remma anidaso hann biara. Ɛnnɛ mpo, asase so amammui mpanyimfo, titiriw no wɔn a wɔwɔ Kristoman mu, agye dimmɔne esiane wɔn ɔporɔw, atorodi ne ɔbrasɛe asetra no nti. (Yesaia 28:14-19) Wɔrentumi mfa ho nto wɔn so bio. Wɔn kanea a ɛreyɛ adum no bedum koraa bere a Yehowa de atemmu ba wɔn so no. Wɔn nkɛntɛnso a ɛte sɛ ɔsram wɔ asase so nsɛm mu no bɛda adi sɛ nea mogya aguare no, nea edi awu. Wɔn wiasefo akunini no bedunnum te sɛ nsoromma a atutu na wɔapete te sɛ borɔdɔma bun ahum kɛse ano. Yɛn okyinnsoroma no nyinaa bɛwosow “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma [bio] da” no ase. (Mateo 24:21) Akwanhwɛ a ɛyɛ hu bɛn ara ni!

“Ɔsoro” Fi Hɔ Kɔ

21. Yohane anisoadehu no mu no, dɛn na ohu wɔ “ɔsoro” ne “bepɔw biara ne supɔw biara” ho?

21 Yohane anisoadehu no toa so sɛ: “Na ɔsoro yii ne ho kɔe te sɛ nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw ne nsupɔw nyinaa tutu fifii nea ɛwowɔe.” (Adiyisɛm 6:14) Ɛda adi pefee sɛ eyi nyɛ ɔsoro ankasa anaasɛ mmepɔw ne nsupɔw ankasa. Nanso ɛyɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

22. Wɔ Edom no, “ɔsoro” bɛn na “wɔbobɔwee sɛ nhoma” no?

22 Ɛdefa “ɔsoro” ho no, nkɔmhyɛ bi a ɛte saa ara a ɛka Yehowa abufuw a ɛbɛba amanaman nyinaa so ho asɛm no boa yɛn ma yɛte ase: “Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔw, na wɔabobɔw ɔsoro sɛ nhoma.” (Yesaia 34:4) Edom titiriw na ɛsɛ sɛ ohu amane. Ɔkwan bɛn so? Babilonfo twiw faa no so wɔ Yerusalem sɛe wɔ 607 mu akyi bere tiaa bi. Saa bere no wɔankyerɛw anto hɔ sɛ nsɛntitiriw bi sisii ɔsoro ankasa. Nanso nsɛm a emu yɛ den sisii wɔ Edom “soro” no mu. * Wɔbrɛɛ ne desani nniso tumi no ase fii gyinabea a wɔama so te sɛ ɔsoro no. (Yesaia 34:5) ‘Wɔbobɔw’ wɔn guu nkyɛn, sɛnea yɛbɛka no no, te sɛ nhoma mmobɔwee dedaw a ɛho nni obiara mfaso bio.

23. Dɛn ne “ɔsoro” a ‘ebefi hɔ sɛ nhoma mmobɔwee no,’ na ɔkwan bɛn so na Petro nsɛm no si ntease yi so dua?

23 Enti, “ɔsoro” a ‘ebefi hɔ akɔ te sɛ nhoma a wɔabobɔw’ no ka nniso horow a ɛsɔre tia Onyankopɔn a edi asase yi so no ho asɛm. Ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo nkonimdifo no beyi wɔn hɔ koraa. (Adiyisɛm 19:11-16, 19-21) Nea ɔsomafo Petro kae bere a ɔhwɛɛ nsɛm a ebesisi a nsɔano a ɛto so asia no anotew bɛkyerɛ no kwan no: “Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde . . . asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.” (2 Petro 3:7) Na asɛm, “mmepɔw ne nsupɔw nyinaa tutu fifi nea ɛwowɔe” no nso ɛ?

24. (a) Bere bɛn wɔ Bible nkɔmhyɛ mu na wose mmepɔw ne nsupɔw wosowee anaa ehinhimii? (b) Ɔkwan bɛn so na ‘mmepɔw wosowee’ bere a Niniwe hwee ase no?

24 Bible nkɔmhyɛ mu no, wɔka sɛ mmepɔw ne nsupɔw wosowosow anaasɛ ehinhim ɔkwan bi so bere a amammui basabasayɛ kɛse ba. Sɛ nhwɛso no, bere a odiyifo Nahum ka Yehowa atemmu ahorow tia Niniwe no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mmepɔw wosow n’anim, na nkoko hono; asase ma ne ho so n’anim.” (Nahum 1:5) Kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ mmepɔw ankasa paapaee bere a Niniwe hwee ase ankasa 632 A.Y.B. mu no. Nanso, wiase tumi bi a kan no na ɛte sɛ bepɔw n’ahoɔden mu no hwee ase mpofirim.​—Fa toto Yeremia 4:24 ho.

25. Nneɛma nhyehyɛe yi awiei a ɛreba no mu no, ɔkwan bɛn so na “bepɔw biara ne supɔw biara” befi nea ɛwɔ?

25 Enti, “mmepɔw ne nsupɔw nyinaa” sɛnea wɔaka ho asɛm bere a wɔtew nsɔano a ɛto so asia no ano no bɛyɛ amammui nniso horow ne wi yi ase ahyehyɛde ahorow a wɔde wɔn ho to wɔn so a ayɛ adesamma pii sɛ nea egyinagyina hɔ pintinn no. Wɔbɛwosow wɔn afi nea wɔwɔ, ma ayɛ wɔn a na kan no wɔde wɔn ho to wɔn so no nwonwa ne hu. Sɛnea nkɔmhyɛ no kɔ so ka no, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ne ne Ba abufuw da kɛse—ɔwosow a edi akyiri a eyi Satan ahyehyɛde no nyinaa fi hɔ—no de aweredi aba!

“Monhwehwe Yɛn So Mfa Yɛn Nhintaw”

26. Ehu bɛka adesamma a wɔsɔre tia Onyankopɔn tumidi no ma wɔayɛ dɛn, na dɛn na wɔde ehu bɛka?

26 Yohane nsɛm no kɔ so se: “Na asase so ahene ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu ne abotan mu. Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhintaw mfi nea ɔte ahengua no so no ne oguammaa no abufuw ho, efisɛ n’abufuw da kɛse no adu, na ɛhena na obetumi agyina ano?”—Adiyisɛm 6:15-17.

27. Israelfo a wɔwɔ Samaria a wɔanni nokware no teɛteɛɛ mu dɛn, na saa nsɛm no baa mu dɛn?

27 Hosea reka Yehowa atemmu agu Samaria, Israel ahenni a ɛwɔ kusuu fam no ahenkurow so no, Ɔka sɛ: “Na wɔbɛsɛe Bet-Awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi wɔn afɔremuka so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw sɛ: Mommɛkata yɛn so! ne nkoko sɛ: Mommɛhwe yɛn so!” (Hosea 10:8) Nsɛm yi baa mu dɛn? Wiɛ, bere a Samaria gui Asiriafo atirimɔdenfo no anim 740 A.Y.B. mu no, na baabiara nni hɔ a Israelfo no beguan akɔ. Hosea nsɛm no ka abasamtu, ehu ankasa ne sɛnea nkurɔfo a wɔadi wɔn so nkonim no tee nka sɛ wɔapow wɔn no ho asɛm. Samaria nkoko ne nhyehyɛe ahorow a ɛte sɛ mmepɔw ankasankasa no antumi ammɔ wɔn ho ban, ɛwom sɛ na bere bi a atwam no, na ɛte sɛ nea ɛbɛtra hɔ daa de.

28. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa mmea a na wɔwɔ Yerusalem no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu kɔkɔbɔ no baa mu?

28 Saa ara na, bere a na Roma asraafo de Yesu rekɔ akokum no no, ɔkasa kyerɛɛ Yerusalem mmea se: “Nna bi reba a wɔbɛka sɛ: Nhyira ne abonin ne ɔyafunu a ɛnwoe da ne nufu a wonnumii da. Ɛnna wobefi ase aka akyerɛ mmepɔw sɛ: Monhwe yɛn so! ne nkoko sɛ: Monkata yɛn so!” (Luka 23:29, 30) Wɔakyerɛw sɛe a Romafo sɛee Yerusalem wɔ 70 Y.B. mu no yiye ato hɔ, na ɛda adi pefee sɛ Yesu nsɛm no kura ntease a ɛte sɛ Hosea de no ara. Ná hintabea biara nni hɔ mma Yudafo a wɔkaa Yudea no. Baabiara a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobehintaw wɔ Yerusalem, anaasɛ bere a woguan kɔɔ bepɔw atifi aban dennen a ɛwɔ Masada no mpo mu no, wɔantumi ankwati Yehowa atemmu a ano yɛ den a oyii no adi no.

29. (a) Bere a Yehowa abufuw da no ba no, dɛn na wɔn a wɔde wɔn ho ama sɛ wɔbɛboa nneɛma nhyehyɛe yi bɛyɛ? (b) Yesu nkɔmhyɛ bɛn na ebenya ne mmamu da a Yehowa beyi n’abufuw akyerɛ no?

29 Afei, nsɔano a ɛto so asia no anotew akyerɛ sɛ biribi a ɛte sɛ ɛno ara bɛba Yehowa abufuw da a ɛreba no mu. Asase so nneɛma nhyehyɛe yi wosow a edi akyiri no mu no, wɔn a wɔde wɔn ho ama sɛ wɔbɛboa no no de ahopere bɛhwehwɛ hintabea, nanso wonnya bi. Atoro som, Babilon Kɛse no, adi wɔn huammɔ dedaw ma ɛyɛ awerɛhow. Abodan ankasa a ɛwɔ mmepɔw mu ne amammui ne aguadi ahyehyɛde ahorow a sɛnkyerɛnne kwan so wɔte sɛ mmepɔw no remma wonnya sika fam ahobammɔ anaasɛ mmoa foforo biara. Biribiara rentumi nkata wɔn so mfi Yehowa abufuw mu. Yesu kaa ehu a ɛbɛka wɔn no ho asɛm yiye sɛ: “Ɛno na onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa besu, na wobehu onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu.”—Mateo 24:30.

30. (a) Dɛn na asemmisa: “Hena na obetumi agyina ano” no kyerɛ? (b) So obi betumi agyina bere a Yehowa atemmu ba no anaa?

30 Yiw, wɔbɛhyɛ wɔn a wɔampene sɛ wobegye ɔpɔnkɔ fitaa no Sotefo nkonimdifo no tumi atom no ma wɔagye wɔn mfomso atom. Adesamma a wɔafi wɔn pɛ mu ayɛ ɔwɔ no asefo no mufo no behyia ɔsɛe bere a Satan wiase twam kɔ no. (Genesis 3:15; 1 Yohane 2:17) Saa bere no mu no wiase tebea bɛyɛ nea nnipa pii bebisa sɛ: “Hena na obetumi agyina ano?” Ɛda adi pefee sɛ wobesusuw sɛ obiara nni hɔ a obetumi afata Yehowa anim saa atemmu da no mu. Nanso wobedi mfomso, sɛnea Adiyisɛm nhoma kɔ so kyerɛ no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Asasewosow nnyigyei a ɛma akraman bobom anaasɛ wotutu mmirika kyinkyin basabasa na ɛkanyan mmoa afoforo ne mpataa, ɛwom sɛ ebia adesamma renhu kosi sɛ ɔwosow no ankasa ba, na ɛtaa di asasewosow ankasa anim.​—Hwɛ Awake! July 8 1982, kratafa 14.

^ nky. 4 Sɛ wopɛ eyi mu nkyerɛkyerɛmu fefeefe a, hwɛ nkratafã 22, 24.

^ nky. 9 Bɛboro mfe 35, fi 1895 kosi 1931 no, wɔfaa Luka 21:25, 28, 31 mu nsɛm no kae wɔ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no akyi de kaa abantenten so kanea a wɔasɔ a ɛhyerɛn nsu a amuna ɛpo a ɛbɔ asorɔkye biribiri so no mu.

^ nky. 11 Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo ankasa de nhomawa The Kingdom, the Hope of the World mpempem pii kɔmaa asɔfo, amansɛmdifo ne adwumawuranom wɔ asase so nyinaa wɔ ɔsatu titiriw bi a wɔyɛɛ no wɔ 1931 mu no mu.

^ nky. 22 Ɔkwan a ɛte saa ara so na wɔde asɛmfua “ɔsoro” dii dwuma no, “ɔsoro foforo” ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 65:17, 18 no nyaa ne mammu a edi kan wɔ nniso nhyehyɛe foforo, a ɛfa Amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanyin Yosua ho, a wɔde sii hɔ wɔ Bɔhyɛ Asase no so bere a Yudafo no san fii Babilon tukɔ mu bae no.​—2 Beresosɛm 36:23; Esra 5:1, 2; Yesaia 44:28.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 105 adaka]

Wohuu 1914 Siei

“Afe 606 A.Y.B. mu na Onyankopɔn ahenni baa awiei, woyii abotiten no, na wɔde asase nyinaa hyɛɛ Amanaman Mufo nsa. Mfe 2,520 a efi afe 606 A.Y.B. mu bɛba awiei 1914 Y.B. mu.” *The Three Worlds, a wotintim no afe 1877, kratafa 83.

“Bible mu adanse no yɛ pefee na ahoɔden wom sɛ Amanaman no Mmere no yɛ bere a ɛyɛ mfe 2520, fi afe 606 A.Y.B. mu de besi 1914 Y.B. a ɛno ka ho.”—Studies in the Scriptures, Po 2, a C. T. Russell kyerɛwee a wotintim no afe 1889, kratafa 79.

Charles Taze Russell ne ne mfɛfo Bible Asuafo dii kan hui mfe du du pii sɛ afe 1914 bɛkyerɛ Amanaman no Bere, anaasɛ amanaman no mmere a wɔahyɛ ato hɔ, no awiei. (Luka 21:24) Bere a saa kan nna no mu wɔante nea eyi bɛkyerɛ ase yiye anwie no, wogye dii sɛ na afe 1914 bɛyɛ bere titiriw bi wɔ wiase abakɔsɛm mu, na na asɛm a wɔkae no wom nso. Hyɛ atesɛm krataa mu nsɛm a wɔafa aka asɛm a edi so yi nsow:

“Ɔko a ɛyɛ hu a ɛbae wɔ Europa ama nkɔmhyɛ bi a ɛkyɛn so aba mu. Mfe aduonu anum no mu no, Amanaman ntam Bible Asuafo a wonim wɔn yiye sɛ Mfirihyia Apem Adekyeefo nam asɛnkafo ne nkrataakyerɛw ahorow so reka akyerɛ wiase sɛ Abufuw da a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Bible mu no bɛba afe 1914 mu. Nea asɛmpakafo akwantufo ɔhaha pii a ateɛm aka ne sɛ ‘Monhwɛ afe 1914 yiye!’—The World, New York atesɛm krataa bi, August 30, 1914.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 75 Adom so no, na saa Bible Asuafo no nhui sɛ ná afe a egyina hɔ ma akontaahyɛde ‘0’ biara nna “A.Y.B.” ne “Y.B.” ntam. Akyiri yi, bere a nhwehwɛmu ma ehiae sɛ wɔsakra 606 A.Y.B. yɛ 607 A.Y.B. no, woyii afe ‘0’ no nso fii hɔ, ma enti nkɔmhyɛ no bɛyɛɛ nokware sɛ “1914 Y.B.”—Hwɛ “The Truth Shall Make You Free,” a Yehowa Adansefo tintim no afe 1943 no kratafa 239.

[Kratafa 106 adaka]

1914—Nsakrae Bere

Nhoma Politikens Verdenshistorie—Historiens Magt og Mening (Politikens Wiase Abakɔsɛm—Abakɔsɛm Tumi ne Asekyerɛ), a wotintim no afe 1987 wɔ Copenhagen no ka nsɛm a edi so yi wɔ kratafa 40 sɛ:

“Afeha a ɛto so 19 no gyidi wɔ nkɔanim ho no nyaa ne bɔtorɔ 1914 mu. Afe a edii anim ansa na ɔko no refi ase no, Denmarkni abakɔsɛm kyerɛwfo ne ɔmansɛmdifo Peter Munch kyerɛwee anidaso mu sɛ: ‘Adanse no nyinaa kyerɛ sɛ ɔko rentumi mma Europa tumi horow akɛse no ntam. “Ɔko ho asiane” nso befi hɔ daakye, sɛnea ayɛ bere ne bere mu fi afe 1871 reba no.’

“Nea ɛbɔ eyi abira no, yɛkan wɔ ne nsɛm a akyiri yi ɔkyerɛwee no mu sɛ: ‘Ɔko a ɛbae 1914 mu no ne adesamma ho abakɔsɛm mu baabi a nneɛma fi danee kɛse. Yefi nkɔso bere fɛfɛ, baabi a yebetumi ayɛ adwuma wɔ ahobammɔ a ɛfata mu hyɛn amanehunu, ehu ne nitan bere bi a dwoodwoo asetra nni baabiara mu. Ná obiara ntumi nkyerɛ, na nnɛ mpo obiara ntumi nka, sɛ esum a eduruu yɛn saa bere no bɛkyerɛ yɛn amammerɛ nhyehyɛe mũ nyinaa a onipa ayɛ ama ne ho mfe mpempem pii ni no anaasɛ dabi.’”

[Kratafa 110 mfonini]

‘Bepɔw biara tutu fii nea ɛwowɔe’

[Kratafa 111 mfonini]

Wohintahintaw abodan mu