Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Babilon Awiei ho Awerɛhodi ne Ahurusidi

Babilon Awiei ho Awerɛhodi ne Ahurusidi

Ti 37

Babilon Awiei ho Awerɛhodi ne Ahurusidi

1. “Asase so ahene” bɛyɛ wɔn ade dɛn wɔ Babilon Kɛse no sɛe a ɛbɛba mpofirim no ho?

BABILON awiei yɛ asɛmpa ma Yehowa nkurɔfo, nanso amanaman no bu no dɛn? Yohane ka kyerɛ yɛn: “Na asase so ahene a wɔne no abɔ aguaman na wɔadi taamu no, sɛ wohu ne hyew wusiw a, wobesu no, na wɔabobɔ wɔn ho abubuw. N’aninyanne no suro nti wobegyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kurow kɛse Babilon, kurow a ɛyɛ den, efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba.”—Adiyisɛm 18:9, 10.

2. (a) Esiane sɛ aboa kɔkɔɔ no sɛnkyerɛnne kwan so mmɛn du no na ɛsɛe Babilon Kɛse no nti, dɛn nti na “asase so ahene” werɛ how wɔ n’awiei ho? (b) Dɛn nti na ahene a wɔn werɛ ahow no fi kurow a wɔasɛe no no ho kogyina akyirikyiri?

2 Ebia amanaman no adeyɛ bɛyɛ sɛ nea ɛyɛ nwonwa esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ aboa kɔkɔɔ no sɛnkyerɛnne kwan so mmɛn du no na ɔsɛee Babilon no nti. (Adiyisɛm 17:16) Nanso bere a Babilon afi hɔ no, ɛda adi sɛ “asase so ahene” no behu sɛnea ná ne ho wɔ mfaso ma wɔn sɛ odwudwo nkurɔfo no bo ma wodi wɔn so no. Asɔfo no apae mu aka sɛ ɔko yɛ ade kronkron, na wɔadi dwuma sɛ dɔm anoboaboafo, na wɔakasa akyerɛ mmerante ma wɔakɔ akono. Nyamesom ama wɔanya kronkronyɛ nkataanim bi a atumfoɔ a wɔn bra asɛe hyɛ akyi di dwuma de hyɛ ɔmamfo so. (Fa toto Yeremia 5:30, 31; Mateo 23:27, 28 ho.) Nanso hyɛ no nsow sɛ ahene a afei wɔn werɛ ahow yi atew wɔn ho afi kurow a wɔasɛe no no ho gyina akyiri. Wɔmmɛn no na wɔaboa no. Ɛyɛ wɔn yaw sɛ wafi hɔ nanso ɛnyɛ wɔn yaw sɛnea ɛsɛ na ama wɔde wɔn ho ato asiane mu wɔ ne ho.

Aguadifo Su na Wodi Nkɔmmɔ

3. Henanom nso na twa a Babilon Kɛse twam kɔ no yɛ wɔn yaw, na Yohane se eyi fi dɛn?

3 Ɛnyɛ asase so ahene nko na Babilon Kɛse a enni hɔ bio no yɛ wɔn yaw. “Na asase so aguadifo besu no na wɔadi ne ho nkɔmmɔ, efisɛ obi ntɔ wɔn aguade bio: sika ne dwetɛ ne aboɔden abo ne nhene pa ne nwera pa ne ntama afasebiri ne sedaa ne nkranhoma aguade ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asommɛn adwinne a wɔde nnua a ɛwɔ din ne ayowa ne dade ne abohemmaa ayɛ nyinaa, ne pɛprɛ ne mmurongo ne nnuru huamhuam ne kurobow ne huamfufu ne nsa ne ngo ne asikresiam bɔkɔbɔkɔ ne awi ne nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nipadua ne nnipa akra. Na nnuaba a wo [Babilon Kɛse] kra kɔn dɔ no afi wo nkyɛn, ma nnepa ne anuonyanne nyinaa afi wo ho ayera, na worenhu bio koraa.”—Adiyisɛm 18:11-14.

4. Dɛn nti na “aguadifo” su na wodi Babilon Kɛse awiei ho nkɔmmɔ?

4 Yiw, ná Babilon Kɛse yɛ aguadifo adefo no adamfo ne wɔn ɔdetɔfo pa. Sɛ nhwɛso no mfehaha no mu no, Kristoman mmarima nkokorafo fi, mmea nkokorafo fi ne asɔre ahorow anya sika, dwetɛ, aboɔden abo, nnua a ne bo yɛ den, ne honam fam ahonyade afoforo pii. Afei, wɔde nyamesom nhyira agu adetɔ ho adammɔ ne asabow nneyɛe a ɛka Buronyadi ne afoforo a wɔfrɛ no nna kronkron a egu Kristo anim ase bebree ho no so. Kristoman asɛmpatrɛwfo akɔ akyirikyiri nsase so akobuebue gua afoforo ama wiase “aguadifo.” Wɔ afeha a ɛto so 17 mu Japan no, Katoleksom a ɛka aguadifo ho bae no de ne ho hyɛɛ amanko no mu mpo. Encyclopædia Britannica rebɔ ɔko bi a etwa to a wɔkoe wɔ Osaka abankɛse afasu ase ho amanneɛ no, ese: “Tokugawa asraafo dɔm no hui sɛ wɔne atamfo a mmeamudua ne Agyenkwa no ne ɔhotefo Yakobo, Spainfo ɔhotefo titiriw no, mfonini wɔ wɔn mfrankaa ahorow mu na ɛreko.” Kuw a edii nkonim no taa Katoleksom na ɛkame ayɛ sɛ wɔpopaa fii saa asase no so koraa. Asɔre no ho a ɛde hyehyɛ wiase nsɛm mu nnɛ no nso remfa nhyira biara mmrɛ no.

5. (a) Ɛnne a efi soro no ka “aguadifo” no nkɔmmɔdi no ho asɛm bio dɛn? (b) Dɛn nti na aguadifo no nso “begyinagyina akyiri”?

5 Ɛnne a efi soro no ka bio sɛ: “Nneɛma yi ho aguadifo a kurow no nti wɔanya ade no begyinagyina akyiri n’aninyanne no suro nti, na wɔasu na wɔadi nkɔmmɔ sɛ: Due, due, kurow kɛse a ofura nwera pa ne ntama afasebiri ne nkranhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho. Efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi.” (Adiyisɛm 18:15-17a) Bere a wɔasɛe Babilon Kɛse no, “aguadifo” di nkɔmmɔ saa aguadi mu ɔhokafo a wayera no nti. Ampa, ‘enye mma wɔn koraa.’ Nanso, hyɛ no nsow sɛ nea enti a wodi ne ho nkɔmmɔ no yɛ pɛsɛmenkominya nkutoo—te sɛ nea ahene no yɛe no—‘wogyinagyina akyiri.’ Wɔmmɛn Babilon Kɛse no na wɔaboa no.

6. Ɛnne a efi soro no ka hyɛn mu akwankyerɛfo ne hyɛn mufo no nkɔmmɔdi no ho asɛm dɛn, na dɛn nti na wosu?

6 Amanneɛbɔ no kɔ so sɛ: “Na hyɛn akwankyerɛfo nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa ne hyɛn mufo ne dodow a wɔyɛ po so adwuma gyinagyina akyiri, na wohuu ne hyew wusiw no, wɔteɛɛm sɛ: Ɛhena na ɔte sɛ kurow kɛse yi? Na wɔde dɔte guu wɔn atifi, na wɔde osu ne nkɔmmɔdi teɛɛm sɛ: Due, due, kurow kɛse yi a n’aboɔdenne nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ po so nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.” (Adiyisɛm 18:17b-19) Ná tete Babilon yɛ aguadi kurow na na ɛwɔ ahyɛn pii. Saa ara nso na Babilon Kɛse de ne nkurɔfo “nsu pii” no yɛ nnwuma bebree. Eyi ma n’anyamesom nkoa no bebree nya adwuma yɛ. Hwɛ sɛnea Babilon Kɛse no sɛe bɛka eyinom kɛse wɔ sikasɛm mu! Beae foforo biara nni hɔ a wobenya asetrade afi da te sɛ ne hɔ.

Ne Sɛe ho Ahurusidi

7, 8. Ɛnne a efi soro no wie ne nkrasɛm a ɛfa Babilon Kɛse ho no dɛn, na henanom na wɔbɛyɛ saa nsɛm no ho ade?

7 Bere a Mediafo ne Persiafo tuu Babilon gui no, Yeremia kae nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Na ɔsoro ne asase ne nea ɛwom nyinaa bɛto Babel so ahurusi dwom.” (Yeremia 51:48) Bere a wɔbɛsɛe Babilon Kɛse no, ɛnne a efi soro bɛka wɔ Babilon Kɛse no ho de awie ne nkrasɛm no sɛ: “Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.” (Adiyisɛm 18:20) Ɛbɛyɛ Yehowa ne abɔfo no anigye sɛ wobehu Onyankopɔn tamfo a wakyɛ no sɛe, sɛnea ɛbɛyɛ asomafo ne tete Kristofo adiyifo, a afei wɔanyan wɔn akɔtra wɔn afã wɔ mpanyimfo 24 nhyehyɛe no mu no nso anigye no.​—Fa toto Dwom 97:8-12 ho.

8 Ampa, “ahotefo” no nyinaa—sɛ wɔanyan wɔn kɔ soro anaasɛ wɔda so te ase wɔ asase so no—de anigye bɛbɔ ose, sɛnea wɔn ahokafo nguan foforo nnipakuw kɛse no nso bɛyɛ no. Bere bi akyi no, wobenyan tete anokwafo no nyinaa akɔ nneɛma nhyehyɛe foforo no mu, na wɔn nso bɛkɔ akɔka ho adi ahurusi. Onyankopɔn nkurɔfo mmɔɔ mmɔden sɛ wobedi atoro nyamesomfo a wɔtaa wɔn no were. Wɔakae Yehowa nsɛm no: “Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa] na ɔka saa.” (Romafo 12:19; Deuteronomium 32:35, 41-43) Wiɛ, afei de Yehowa atua ka. Ná wadi mogya a Babilon Kɛse ahwie agu no nyinaa ho were.

Owiyammo Kɛse a Wɔtow Kyene

9, 10. (a) Dɛn na afei ɔbɔfo hoɔdenfo bi yɛ na ɔka? (b) Ade a ɛte sɛ nea ɔbɔfo hoɔdenfo a wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 18:21 no yɛe bɛn na ɛbae Yeremia bere so, na dɛn ho adanse na edii? (d) Ade a ɔbɔfo hoɔdenfo a Yohane huu no no yɛe no di dɛn ho adanse?

9 Nea Yohane hu bio no si so dua sɛ Yehowa atemmu a ɔde ba Babilon Kɛse so no ne nea etwa to koraa: “Na ɔbɔfo ɔhoɔdenfo bi maa ɔbo bi a ɛte sɛ owiyammo kɛse so tow kyenee po mu sɛ: sɛnea wɔbɛtow kurow kɛse Babilon akyene hwii ne no, na wɔrenhu bio koraa.” (Adiyisɛm 18:21) Yeremia bere so no, wɔyɛɛ ade a ɛte saa ara a ekura nkɔmhyɛ ntease a tumi wom. Wɔde honhom kaa Yeremia ma ɔkyerɛwee sɛ: “Mmusu a ɛbɛba Babel so no . . . nyinaa” wɔ nhoma mu. Ɔde nhoma no maa Seraia, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ontu kwan nkɔ Babilon. Ɛhɔ na Yeremia ahyɛde ahorow akyidi mu no, Seraia kenkan nea wɔaka atia kurow no sɛ: “[Yehowa], wo na woakasa atia ha yi sɛ wubetutu a obiara rentra mu, efi nnipa so kosi afieboa so, na mmom adan daa amamfo ara nko.” Afei Seraia kyekyeree nhoma no fam ɔbo ho na ɔtow kyenee asubɔnten Eufrate mu, se: “Saa ara na Babel bɛmem a ɛrensɔre bio, mmusu a mede mereba so no nyinaa nti.”—Yeremia 51:59-64.

10 Nhoma a wɔakyekyere afam ɔbo ho a wɔtow kyenee asubɔnten no mu no yɛ nea esi so dua sɛ Babilon bɛyera koraa, a ɛrensɔre bio da. Hu a Yohane hu ɔbɔfo hoɔdenfo no sɛ ɔyɛ ade a ɛte saa ara no nso si so dua wɔ ɔkwan a tumi wom so sɛ atirimpɔw a Yehowa wɔ wɔ Babilon Kɛse ho no bɛba mu. Amamfoyɛ korakora tebea a tete Babilon wom nnɛ no yɛ nea ɛbɛba atoro som so nnansa yi ara no ho adanse a emu yɛ den.

11, 12. (a) Afei dɛn na ɔbɔfo hoɔdenfo no ka kyerɛ Babilon Kɛse no? (b) Yeremia hyɛɛ Yerusalem a awae no ho nkɔm dɛn, na dɛn na ɛkyerɛ ma yɛn bere yi?

11 Afei ɔbɔfo hoɔdenfo no kasa kyerɛ Babilon Kɛse no sɛ: “Na wɔrente asankubɔfo ne nnwontofo ne mmɛnhyɛnfo ne ntorobɛntohyɛnfo nne wo mu bio, na wɔrenhu adwini bi mu dwumfo biara wo mu bio, na wɔrente wiyammo bi nka wo mu bio, na ɔkanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforokunu ne ayeforo nne wo mu bio, efisɛ w’aguadifo yɛɛ asase so nnipa akɛse, na wɔde w’aduto adaadaa amanaman nyinaa.”—Adiyisɛm 18:22, 23.

12 Yeremia de nsɛm a ɛte saa ara hyɛɛ Yerusalem a na awae no ho nkɔm sɛ: “Na mama ahosan nne ne anigye nne ne ayeforokunu nne ne ayeforo nne, owiyammo nkate ne ɔkanea hann ayera wɔn mu; na asase yi nyinaa bɛdan amamfõ ne ahodwiriwde.” (Yeremia 25:10, 11) Sɛ́ Babilon Kɛse no fã titiriw no, Kristoman bɛdan amamfõ a nkwa biara nni mu sɛnea wɔde Yerusalem amamfoyɛ tebea wɔ 607 A.Y.B. akyi no yɛɛ ho mfonini yiye no. Kristoman a bere bi ɛde anigye dii ahurusi na wɔyɛ mu gyegyeegye da biara no behu sɛ wɔadi no so nkonim ma wɔagyaw no.

13. Nsakrae bɛn na ɛto Babilon Kɛse mpofirim, na dwuma bɛn na edi wɔ ‘n’aguadifo’ so?

13 Ampa, sɛnea ɔbɔfo no ka kyerɛ Yohane wɔ ha no, Babilon Kɛse no nyinaa bɛdan afi amanaman ntam ahemman a ne ho yɛ den mu abɛyɛ asase fõ te sɛ anhweatam asase. ‘N’aguadifo’ a asikafo akɛse nso ka ho de n’anyamesom adi dwuma de anya wɔn ankasa mfaso anaasɛ wɔde akata nneɛma so, na asɔfo ahu sɛ ɛho wɔ mfaso sɛ wɔne wɔn begye din. Nanso saa aguadifo no rennya Babilon Kɛse ma wɔne no mmom nyɛ adwuma bio. Na ɔremfa n’anyamesom ahintasɛm nneyɛe no nnaadaa asase so amanaman no bio.

Mogya ho Afodi a Ɛyɛ Hu

14. Ɔbɔfo hoɔdenfo no kyerɛe sɛ dɛn nti na Yehowa atemmu no mu yɛ den saa, na dɛn na Yesu kae a ɛte saa ara bere a na ɔwɔ asase so no?

14 Awiei no, ɔbɔfo hoɔdenfo no ka nea enti a Yehowa bu Babilon Kɛse atɛn denneennen saa no. Ɔbɔfo no ka sɛ: “Na ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.” (Adiyisɛm 18:24) Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔka kyerɛɛ nyamesom akannifo a wɔwɔ Yerusalem no sɛ wobebu “mogya trenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, efi Habel trenee mogya so” de rekɔ no ho akontaa. Enti, wɔsɛee saa awo ntoatoaso kɔntɔnkye no wɔ 70 Y.B. mu. (Mateo 23:35-38) Ɛnnɛ, nyamesomfo awo ntoatoaso foforo nso di mogya ho fɔ esiane Onyankopɔn nkoa a wɔtaa wɔn no nti.

15. Ɔkwan bɛn so na Katolek Asɔre a na ɛwɔ Nasi Germany no dii mogya ho fɔ wɔ nsɛm abien mu?

15 Guenter Lewy kyerɛw wɔ ne nhoma The Catholic Church and Nazi Germany no mu sɛ: “Bere a wɔbaraa Yehowa Adansefo wɔ Bavaria April 13 [1933] no, Asɔre no gyee adwuma a Nhomasua ne Nyamesom Asoɛe no de hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmmɔ kuw no muni biara a ɔda so som ɔsom a wɔabara no ho amanneɛ no mpo too mu.” Enti ɛho asɛm da Katolek Asɔre no so sɛ ɛka ho ma wɔde Adansefo mpempem koguu nnadeban mu; Adansefo ɔhaha a wokunkum wɔn no mogya akeka ne nsa ho pɔtɔɔ. Bere a adansefo nkumaa, te sɛ Wilhelm Kusserow, kyerɛe sɛ wobetumi awu akokoduru mu wɔ tuo a wɔbɛtow wɔn anim no, Hitler sii gyinae sɛ tuo a wɔbɛtow akunkum wɔn a ahonim nti wɔsɔre tia no ye ma wɔn dodo, enti wotwaa Wilhelm nua Wolfgang a na wadi mfe 20 no ti. Bere koro no ara mu no, na Katolek Asɔre no rehyɛ Germany Katolekfo nkumaa nkuran sɛ wɔnkowuwu wɔ wɔn man asraafo dɔm no mu. Asɔre no mogya ho afodi no da adi pefee ma wohu!

16, 17. (a) Mogya ho afodi bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde to Babilon Kɛse so, na ɔkwan bɛn so na Vatican bedii mogya ho fɔ Yudafo a wokunkum wɔn wɔ Nasi okunkɛse no mu no ho? (b) Ɔkwan biako bɛn so na wobenunu atoro som wɔ nnipa ɔpepem pii a wɔakunkum wɔn wɔ ɛnnɛ bere yi mu akodi ɔhaha mu no ho?

16 Nanso, nkɔmhyɛ no se ɛsɛ sɛ wɔde “wɔn a wɔakum wɔn asase so nyinaa mogya” ho asɛm to Babilon Kɛse so. Ɛno te saa ampa nnɛ mmere mu. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ Katolek anifere akwan na ɛboa ma Hitler bedii tumi wɔ Germany nti, Vatican nso di mogya ho fɔ a ɛyɛ hu wɔ Yudafo ɔpepem asia a wowuwui wɔ Nasi okunkɛse no mu no mu. Afei, wɔ yɛn bere yi mu no, wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem ɔha koraa wɔ ɔko ahorow ɔhaha pii mu. Atoro som na eyi ho asɛm da no so anaa? Yiw, wɔ akwan abien so.

17 Ɔkwan biako ne sɛ ɔko ahorow pii yɛ nea ɛfa nyamesom mu akasakasa ho. Sɛ nhwɛso no, anuɔdensɛm a ɛkɔɔ so wɔ India wɔ Nkramofo ne Hindufo ntam wɔ 1946-48 mu no fi nyamesom. Wɔhweree akra ɔpehaha. Ɔko a na ɛda Iraq ne Iran ntam 1980 mfe no mu no yɛ nea na ɛfa akasakasa a ɛda ɔsom koro mu akuw ntam ho, na wokunkum nnipa ɔpehaha pii. Basabasayɛ a ɛda Katolekfo ne Protestantfo ntam wɔ Northern Ireland no akunkum akra mpempem pii. Ɔkyerɛwfo C. L. Sulzberger kae wɔ 1976 mu wɔ eyi mu a ɔhwehwɛe no ho sɛ: “Ɛyɛ nokwasɛm a ɛyɛ hu sɛ ebia ɔko a wɔko wɔ wiase nyinaa no mu fã anaa nea ɛboro saa yɛ nyamesom ko pefee anaa nea ɛfa nyamesom mu akasakasa ho.” Ampa, saa na ayɛ Babilon Kɛse ho abakɔsɛm a bagyabagyayɛ wom no nyinaa mu.

18. Ɔkwan a ɛto so abien a wiase nyamesom di mogya ho fɔ ne dɛn?

18 Ɔkwan a ɛto so abien no ne dɛn? Yehowa anim no, wiase nyamesom adi mogya ho fɔ efisɛ wɔnkyerɛkyerɛɛ wɔn akyidifo no nea Yehowa hwehwɛ wɔ n’asomfo ho no ho nokware a etu mpɔn. Wɔnkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo yiye sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nokware asomfo suasua Yesu Kristo na wɔkyerɛ afoforo ho dɔ ɛmfa ho sɛ ɔman bɛn mu na wofi. (Mika 4:3, 5; Yohane 13:34, 35; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; 1 Yohane 3:10-12) Esiane sɛ nyamesom ahorow a wɔbom yɛ Babilon Kɛse no ankyerɛkyerɛ nneɛma yi nti, wɔatwetwe wɔn a wɔde wɔn ho abata wɔn ho no akogu amanaman ntam akodi ahorow mu. Eyi daa adi yiye wɔ afeha a ɛto so 20 no fã a edi kan no mu wiase ko abien no mu, a n’abien nyinaa fii ase wɔ Kristoman mu, na ekowiee wɔn mfɛfo nyamesomfo a wɔne wɔn nyinaa wɔ ɔsom biako mu a wokunkum wɔn mu! Sɛ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no nyinaa de wɔn ho bataa Bible nnyinasosɛm ahorow ho a, anka saa ɔko ahorow no rentumi mma da.

19. Mogya ho afodi a ɛyɛ hu yiye bɛn na ɛda Babilon Kɛse so?

19 Yehowa de mogyahwiegu yi nyinaa ho asodi to Babilon Kɛse so. Sɛ nyamesom akannifo, titiriw no wɔn a wɔwɔ Kristoman mu no, kyerɛkyerɛɛ wɔn nkurɔfo Bible mu nokware a, anka mogyahwiegu bebree a ɛte saa amma. Ampa, ɛnde sɛ ɛyɛ tee anaasɛ ɛnyɛ tee no, ɛsɛ sɛ Babilon Kɛse—aguaman kɛse ne wiase atoro som ahemman—no yi n’ano wɔ “wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya,” a ɛnyɛ “adiyifo ne ahotefo” a wɔataa wɔn na wɔakunkum wɔn no nko kyerɛ Yehowa. Ampa ara sɛ Babilon Kɛse so mogya ho afodi a ɛyɛ hu yiye. Eye dɛn ara sɛ wobeyi no hɔ bere a ne sɛe koraa ba no!

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 270 adaka]

Nsɛm mu a Wogyae Siesie ho Akatua

Guenter Lewy kyerɛw wɔ ne nhoma The Catholic Church and Nazi Germany no mu sɛ: “Sɛ German Katoleksom de ne ho bataa adeyɛ bi ho denneennen fi mfiase de sɔre tiaa Nasi tumidi no a, anka ebia ɛbɛsono ɔkwan a wiase abakɔsɛm faa so. Sɛ saa apereperedi yi antumi anni Hitler so ma asiw n’awudisɛm pii no nyinaa kwan mpo a, anka adwene yi bɛma Asɔre no din pa anya nkɔso kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ anka ɔsɔretia a ɛte saa no bɛma adesamma bebree ahwere wɔn nkwa, nanso anka afɔrebɔ a ɛte saa no bɛyɛ nea wɔabɔ ama adepa bi a ɛsen biara. Sɛ na Hitler ntumi mfa ne ho nto ne manfo so a, anka ɔremmɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛkɔ akɔko ma enti anka wobegye akra ɔpepem pii nkwa. . . . Bere a wɔyɛɛ Germanfo mpempem a wɔsɔre tiaa Nasifo aninyanne ma wowuwui wɔ Hitler nnadeban ahorow mu, bere a wokunkum Polandfo adenimfo, bere a Rusiafo ɔpehaha wuwui esiane nea wɔde yɛɛ wɔn sɛ wɔyɛ Slaviafo Untermenschen [adesamma a wɔba fam] no nti, ne bere a wokunkum adesamma 6,000,000 sɛ ‘wɔnyɛ Aryanfo’ no, Katolek Asɔre no mu mpanyimfo a wɔwɔ Germany boaa nniso a edii awudisɛm ahorow yi. Paapa a ɔwɔ Roma a ɔne Roman Katolek Asɔre no honhom mu ti ne abrabɔ ho kyerɛkyerɛfo pumpuni no yɛɛ komm.”—Nkratafa 320, 341.

[Kratafa 268 mfonini ahorow]

Ahene no ka sɛ, “due, due”

[Mfonini wɔ kratafa 268]

Aguadifo no ka sɛ, “due, due”