Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Babilon Kɛse no Ahwe Ase!”

“Babilon Kɛse no Ahwe Ase!”

Ti 30

“Babilon Kɛse no Ahwe Ase!”

1. Dɛn na ɔbɔfo a ɔto so abien no bɔ ho dawuru, na hena ne Babilon Kɛse no?

ONYANKOPƆN atemmu dɔn adu! Ɛnde, tie ɔsoro nkrasɛm no: “Na ɔbɔfo foforo a ɔto so abien dii akyiri kae sɛ: Babilon kɛse no ahwe ase, ahwe ase, efisɛ wama amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi.” (Adiyisɛm 14:8) Eyi ne bere a edi kan a Adiyisɛm twe adwene si Babilon Kɛse no so, nanso ɛnyɛ nea etwa to. Akyiri yi, ti 17 bɛka ne ho asɛm sɛ aguaman a n’akɔnnɔ ano yɛ den. Ɔne hena? Sɛnea yebehu no, ɔyɛ wiase nyinaa ahemman bi, ɔpɛ nyamesom, na ɔyɛ Satan atoro nhyehyɛe a ɔde di dwuma de ko tia Onyankopɔn ɔbea no aseni no. (Adiyisɛm 12:17) Babilon Kɛse no ne wiase nyinaa atoro som ahemman no. Ɔsom ahorow a ekura tete Babilon nyamesom nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe ahorow na ɛda ne honhom adi no nyinaa ka ho.

2. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Babilon nyamesom trɛw kɔɔ asase afanan nyinaa? (b) Dɛn ne Babilon Kɛse no fa titiriw, na bere bɛn na epuei sɛ ahyehyɛde bi a ɛyɛ den?

2 Babilon na Yehowa yɛɛ wɔn a anka wɔreto Babel Aban Tenten no kasa basabasa, bɛboro mfe 4,000 ni no. Wɔbɔɔ akuw a wɔka kasa horow no hwetee asase so nyinaa, na wɔde awaefo gyidi ne nneyɛe horow a ɛyɛ nyamesom ahorow no mu dodow no ara nnyinaso de bedu nnɛ no kaa wɔn ho kɔe. (Genesis 11:1-9) Babilon Kɛse no ne Satan ahyehyɛde no fã a ɛyɛ nyamesom. (Fa toto Yohane 8:43-47 ho.) Emu fa titiriw nnɛ ne Kristoman a awae, a epuei sɛ ahyehyɛde a enni mmara a ɛwɔ tumi wɔ Kristo akyi afeha a ɛto so anan no mu a ekura gyidi ne guasodeyɛ ahorow a emu fã kɛse no ara fii Babilon nyamesom mu, na ɛnyɛ nea efi Bible mu no.​—2 Tesalonikafo 2:3-12.

3. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aka sɛ Babilon Kɛse no ahwe ase?

3 Ebia wubebisa sɛ, ‘Esiane sɛ nyamesom da so ara di tumi kɛse wɔ asase so nti, dɛn nti na ɔbɔfo no ka sɛ Babilon Kɛse no ahwe ase?’ Wiɛ, dɛn na ɛbae wɔ 539 A.Y.B. akyi bere a tete Babilon hwee ase no? Wogyaa Israel ma wɔsan kɔɔ wɔn kurom asase so ma wɔde nokware som kosii hɔ bio! Enti honhom mu Israel a wɔsan de wɔn baa honhom mu yiyedi fɛfɛ mu wɔ 1919 mu a ɛkɔ so ara trɛw de bedu nnɛ no gyina hɔ sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Babilon Kɛse no hwee ase saa afe no. Enni tumi a ɛde besiw Onyankopɔn nkurɔfo kwan bio. Afei nso, ɔhaw a emu yɛ den fi n’ankasa mu ato no. Efi 1919 no, wɔapa ne porɔw, atoro ne ɔbrasɛe no ho ntama kɛse. Wɔ Europa aman pii mu no, nnipa kakraa bi na wɔda so ara kɔ asɔre, na sohyialist aman bi mu no wobu ɔsom sɛ “awuduru a ɛsɛe nkurɔfo adwene.” Bere a Babilon kɛse no anim agu ase wɔ Onyankopɔn Asɛm mu nokware adɔfo nyinaa anim no, ɔretwɛn ne wu afei sɛnea yɛbɛka no no, ma wɔadi Yehowa trenee atemmu ho dwuma wɔ ne so.

Babilon Animguase Asehwe

4-6. Ɔkwan bɛn so na “Babilon kɛse no . . . maa amanaman nyinaa nom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi”?

4 Momma yɛnhwehwɛ nsɛm a ɛfa Babilon Kɛse animguase asehwe ho no mu nkɔ akyiri. Ɛha no, ɔbɔfo no ka kyerɛ yɛn sɛ ‘Babilon Kɛse no maa amanaman nyinaa nom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi.’ Eyi kyerɛ dɛn? Ɛfa nkonimdi ho. Sɛ nhwɛso no, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Gye abufuhyew nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom, na wɔanom atɔ ntintan abobɔ adam, afoa a meresoma aba wɔn mu no ano.” (Yeremia 25:15, 16) Afeha a ɛto so asia ne ason A.Y.B. mu no, Yehowa de tete Babilon dii dwuma de hwiee sɛnkyerɛnne kwan so ahohia kuruwa bi maa amanaman pii a Yuda a na awae no nso ka ho ma enti wɔde n’ankasa nkurɔfo mpo kɔɔ nnommumfa mu. Afei, eduu Babilon so no, ɛhwee ase efisɛ ne hene maa ne ho so tiaa Yehowa, “ɔsoro wura” no.​—Daniel 5:23.

5 Babilon Kɛse no nso adi nkonim ahorow nanso mpɛn pii no eyinom yɛ anifere kwan so de. Ɔnam aguaman anifere a ɔde dii dwuma so ama amanaman nyinaa ‘anom ne nsa no bi’ na ɔne wɔn abɔ ɔsom mu aguaman. Wadaadaa amammui sodifo ma ɔne wɔn ayɛ apam ahorow na wɔne no afa adamfo. Ɛdenam nyamesom nnaadaa so no, wayɛ amammui, aguadi ne sikasɛm mu nhyɛso ho nhyehyɛe. Amammui ne aguadi nti, ɛde nyamesom mu ɔtaa ne mmeamudua ho akodi ne amanaman ntam akodi ahorow nso aba. Na ɔnam ka a ɔka sɛ ɔyɛ Onyankopɔn pɛ no so atew akodi ahorow yi ho.

6 Nyamesom ho a ɛde hyehyɛ afeha a ɛto so 20 no mu akodi ne amansɛm mu no yɛ ade wonim no yiye—sɛnea ɛte wɔ Shintofo Japan, Hindufo India, Budhafo Vietnam, “Kristofo” Northern Ireland ne Latin Amerika, ne afoforo nso—na yemmu ani ngu asraafo asɔfo kyɛfa a wonyae wɔ wiase ko ahorow abien no afanu no nyinaa mu wɔ mmerante a wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonkunkum wɔn ho wɔn ho no so. Babilon Kɛse no mpenatwe ho nhwɛso a ɛda adi yiye koraa ne kyɛfa a onyae wɔ 1936-39 Spainfo Amanko a anyɛ yiye koraa no wokunkum nnipa 600,000 wɔ mu no mu no. Wɔn a wɔde mogyahwiegu yi bae ne Katolek asɔfo no aboafo ne wɔn nnamfo, esiane sɛ ná Spain mmara kwan so nniso no reyɛ de asɔre no ahode ne ne gyinabea ato asiane mu nti.

7. Hena ne Babilon Kɛse no botae titiriw, na akwan bɛn so na wafa ako atia no?

7 Esiane sɛ Babilon Kɛse ne Satan aseni no fã a ɛyɛ nyamesom nti, ɔde Yehowa “ɔbea,” “ɔsoro Yerusalem,” no ayɛ ne botae titiriw mmere nyinaa. Wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔdaa no adi pefee sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no ne ɔbea no aseni. (Genesis 3:15; Galatifo 3:29; 4:26) Babilon Kɛse no bɔɔ mmɔden sɛ ɔnam asafo a ɛho tew no a ɛbɛdaadaa no ma ɛne no abɔ ɔsom mu aguaman no so bedi no so nkonim. Asomafo Paulo ne Petro bɔɔ kɔkɔ sɛ pii begyae mu asiesie na ɔwae kɛse bi befi mu aba. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Petro 2:1-3) Nkrasɛm ahorow a Yesu de kɔmaa asafo ason no kyerɛe sɛ ɛrekɔ Yohane asetra awiei no, na Babilon Kɛse no renya nkɔanim wɔ ne mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛma nkurɔfo aporɔw no mu. (Adiyisɛm 2:6, 14, 15, 20-23) Nanso na Yesu akyerɛ baabi a wɔbɛma no kwan ma wayɛ akodu dedaw.

Awi ne Wura

8, 9. (a) Dɛn na awi ne wura ho bɛ a Yesu bui no da no adi? (b) Dɛn na ɛbae “bere a nnipa dae no”?

8 Wɔ awi ne wura ho bɛ a Yesu bui no mu no, ɔkaa ɔbarima bi a oguu aba pa wɔ afuw mu ho asɛm. Na “nnipa dae no,” ɔtamfo bi bae beguu wura wom. Enti, wura no bɛkataa awi no so. Yesu de nsɛm yi kyerɛkyerɛɛ ne bɛ no mu sɛ: “Nea ogu aba pa no ne onipa ba no; afuw no ne wiase; aba pa no ne ahenni no mma; wura no ne ɔbɔne no mma; ɔtamfo a ogui no ne ɔbonsam.” Ɛno na afei ɔkyerɛe sɛ wɔbɛma kwan ma awi no ne wura no nyinaa abom anyin akodu “wiase awiei,” bere a abɔfo no ‘bɛboaboa’ sɛnkyerɛnne kwan so wura no ano.​—Mateo 13:24-30, 36-43.

9 Nea Yesu ne asomafo Paulo ne Petro bɔɔ ho kɔkɔ no bae. Bere a “nnipa dae,” sɛ ɛyɛ bere a asomafo no dedae owu mu anaa bere a Kristofo ahwɛfo yɛɛ nyaa wɔ Onyankopɔn nguankuw no so hwɛ mu no, Babilon ɔwae fii ase wɔ asafo no mu pɛɛ. (Asomafo no Nnwuma 20:31) Ankyɛ na wura no yɛɛ pii sen awi no na ɛkataa so a na wonhu bio. Mfehaha pii no, na ɛte sɛ nea Babilon Kɛse no ntade akɛse no akata ɔbea no aseni no so koraa.

10. Ebeduu 1870 mfe no mu no, dɛn na Babilon Kɛse no yɛe wɔ eyi ho?

10 Ebeduu 1870 mfe no mu no, Kristofo a wɔasra wɔn no fii ase de animia bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtew wɔn ho afi Babilon Kɛse aguamammɔ akwan no ho. Wogyaw atoro nkyerɛkyerɛ ahorow a Kristoman fa fii abosonsom mu no na wɔnam akokoduru so de Bible no dii dwuma de kaa asɛm sɛ Amanaman mmere no bewie du wɔ 1914 mu. Babilon Kɛse no adwinnade titiriw a ɛne Kristoman asɔfo no sɔre tiaa kanyan a wɔakanyan wɔn ho de nokware som resan asi hɔ no. Wiase ko a edi kan no mu no, wɔde ɔko bere mu anikrakra no dii dwuma de bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre Kristofo anokwafo kuw ketewaa no ase. Wɔ 1918 mu bere a ɛkame ayɛ sɛ wɔmaa wɔn dwumadi no gyae koraa no, na ɛte sɛ nea Babilon Kɛse no adi nkonim. Na ɛte sɛ nea wɔadi wɔn so nkonim.

11. Dɛn na efii tete Babilon asehwe no mu bae?

11 Sɛnea yedii kan hui no, Babilon kuropɔn a na ɛyɛ ahantan no fi tumidi mu hwee ase kɛse wɔ 539 A.Y.B. mu. Ɛno na wɔtee nteɛm no sɛ: “Ahwe ase oo! Babilon ahwe ase!” Na wiase ahemman no kurow kɛse no ahwe ase Medo-Persia dɔm a ɛhyɛ Kores Ɔkɛse no ase no anim. Ɛwom sɛ wɔansɛe kuropɔn no ankasa wɔ nkonimdi no mu de, nanso na ɛyɛ ampa ara sɛ enni tumi bio, na nea efii mu bae ne sɛ wogyaa ne nnommum a wɔyɛ Yudafo no. Wɔsan kɔɔ Yerusalem de ɔsom kronn kosii hɔ bio.​—Yesaia 21:9; 2 Beresosɛm 36:22, 23; Yeremia 51:7, 8.

12. (a) Wɔ yɛn bere yi mu no, dɛn nti na wobetumi aka sɛ Babilon Kɛse no ahwe ase? (b) Dɛn na edi adanse sɛ Yehowa apow Kristoman koraa?

12 Wɔ yɛn bere yi mu nso no, wɔate nteɛm a ɛne sɛ Babilon Kɛse no ahwe ase no! Wɔdan nkonim a Babilon Kristoman dii bere tiaa bi wɔ 1918 mu no ani ntɛm wɔ 1919 mu bere a wɔnam honhom mu owusɔre so de wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo, Yohane kuw no, bae bio no. Na Babilon Kɛse no ahwe ase wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a ɔbɛfa wɔn nnommum no fam. Te sɛ mmoadabi no, Kristo nuanom a wɔasra wɔn no fii bun no mu bebree, a na wɔasiesie wɔn ho ama dwumadi. (Adiyisɛm 9:1-3; 11:11, 12) Na wɔne nnɛyi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, na Owura no de wɔn sii nea ɔwɔ wɔ asase so no nyinaa so. (Mateo 24:45-47) Dwuma a wɔde wɔn dii ɔkwan yi so no dii adanse sɛ Yehowa apow Kristoman koraa wɔ ka a ɔka sɛ ogyina n’ananmu wɔ asase so no nyinaa akyi. Wɔsan de ɔsom kronn sii hɔ, na hokwan a wɔde bɛyɛ 144,000 no nkaefo—ɔbea no aseni, Babilon kɛse no tamfo a ofi tete no nkaefo—no anoboaboa adwuma no buei. Eyi nyinaa kyerɛɛ nkogudi koraa maa Satan nyamesom ahyehyɛde no.

Ahotefo Boasetɔ

13. (a) Dɛn na ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no bɔ ho dawuru? (b) Atɛn bɛn na Yehowa bu wɔn a wogye aboa no agyirae no?

13 Afei ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no kasa. Tie! “Na ɔbɔfo foforo a ɔto so abiɛsa dii wɔn akyi de nne kɛse teɛɛm sɛ: Sɛ obi kotow aboa no ne ne honi no, na ogye agyirae de si ne moma anaa ne nsa so a, ɔno ara na ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsa a wɔahwie no gyenenn agu n’abufuw kuruwa mu no bi.” (Adiyisɛm 14:9, 10a) Adiyisɛm 13:16, 17 no, wɔdaa no adi sɛ wɔ Awurade da no mu no, wɔn a wɔnkotow aboa no honi no behu amane—wobekunkum wɔn mpo. Afei yehu sɛ Yehowa asi gyinae sɛ obebu wɔn a wɔwɔ “agyirae no anaa aboa no din anaa ne din akontaa nkyerɛwee” no ntɛn. Wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔanom Yehowa abufuw mu ‘abufuhyew kuruwa’ nwenenwene no ano. Eyi bɛkyerɛ dɛn ama wɔn? Wɔ 607 A.Y.B. mu bere a Yehowa hyɛɛ Yerusalem ma ɔnom “n’abufuw kuruwa no,” kurow no huu Babilonfo nsam “ɔsɛe ne obubu ne ɔkɔm ne afoa.” (Yesaia 51:17, 19) Saa ara nso na sɛ wɔn a wɔsom asase so amammui tumi horow ne wɔn honi a ɛne Amanaman Nkabom no nom Yehowa abufuw kuruwa no ano a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ ɔsɛe ama wɔn. (Yeremia 25:17, 32, 33) Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

14. Ansa na wɔn a wɔkotow aboa no ne ne honi no sɛe bɛba mpo no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔte saa hu, na Yohane ka eyi ho asɛm dɛn?

14 Nanso, ansa na ɛno bɛba mpo no, ɛsɛ sɛ Yehowa abufuw ho ahoyeraw ba wɔn a wɔwɔ aboa no agyirae no so. Ɔbɔfo no reka aboa no ne ne honi no somfo ho asɛm no, ɔka kyerɛ Yohane sɛ: “Na wɔayɛ no ayayade, ogya ne sufre mu, abɔfo kronkron ne oguammaa no anim. Na wɔn ayayade wusiw bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkotow aboa no ne ne honi, ne obiara a obegye ne din agyirae no, rennya ɔhome awia ne anadwo.”—Adiyisɛm 14:10b, 11.

15, 16. Dɛn na nsɛm “ogya ne sufre” a ɛwɔ Adiyisɛm 14:10 no kyerɛ?

15 Ebinom abu ogya ne sufre (“ogya ne aduben,” King James Version) din a wɔbɔe wɔ ha no sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ hellgya bi wɔ hɔ. Nanso nkɔmhyɛ bi a ɛte saa ara a yɛhwehwɛ mu tiawa no kyerɛ nea nsɛm yi kyerɛ ankasa wɔ asɛm yi mu. Wɔ Yesaia nna no mu no, Yehowa bɔɔ Edom man no kɔkɔ sɛ esiane sɛ wɔtan Israel nti wɔbɛtwe wɔn aso. Ɔkae sɛ: “Na Edom nsuwansuwa bɛdan amane, na ne dɔte nso adan sufre, na n’asase no ayɛ amane a ɛdɛw; ɛrennum anadwo ne awia, ne wusiw bepun akosi daa, na ayɛ amamfo, awo ntoatoaso nyinaa mu, na obiara remfa hɔ bio koraa.”—Yesaia 34:9, 10.

16 So wɔtow Edom guu ahintasɛm mu hellgya bi mu ma adɛw akosi daa anaa? Dabi. Mmom no ɔman no yera fii wiase koraa te sɛ nea ogya ne sufre ahyew no pasaa. Na asotwe no awiei nyɛ daa aninyanne, na mmom “sakasakayɛ . . . amamfoyɛ . . . obi nni hɔ.” (Yesaia 34:11, 12) Wusiw no a ‘ɛforo soro daa daa’ no yɛ eyi ho mfonini yiye. Sɛ ofi bi hyew a, bere a gyaframa no adum akyi no, wusiw kɔ so fi nsõ no mu kodu bere bi na edi adanse kyerɛ wɔn a wɔhwɛ no sɛ ɔsɛe gya bi adɛw wɔ hɔ. Ɛnnɛ mpo, Onyankopɔn nkurɔfo kae asuade a wonya fii Edom sɛe mu no. Ɔkwan yi so no, ‘hyew a ahyew wusiw’ kɔ so foro soro ara sɛnkyerɛnne kwan so.

17, 18. (a) Dɛn na ɛba wɔn a wogye aboa no agyirae no so? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ aboa no asomfo ayayade? (d) Ɔkwan bɛn so na “wɔn ayayade wusiw foro soro daa daa”?

17 Wɔbɛsɛe wɔn a wɔwɔ aboa no agyirae no nso pasaa, te sɛ nea wɔde ogya ahyew wɔn. Sɛnea nkɔmhyɛ no da no adi akyiri yi no, wobegyaw wɔn afunu agu hɔ a wɔrensie wɔn ma mmoa ne nnomaa adi. (Adiyisɛm 19:17, 18) Enti, ɛda adi pefee sɛ wɔnyɛ wɔn aninyanne ankasa daa daa! Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ wɔn “ayayade ogya ne sufre mu”? Ɛne sɛ nokware a wɔka kyerɛ no pa wɔn ho ntama na ɛbɔ wɔn kɔkɔ Onyankopɔn atemmu a ɛreba no ho. Enti wɔka Onyankopɔn nkurɔfo ho nsɛmmɔne na baabiara a ebetumi ayɛ yiye no, wɔde anifere kasa kyerɛ amammui aboa no ma wɔtaa Yehowa Adansefo na wokunkum wɔn mpo. Awiei koraa no, wɔbɛsɛe asɔretiafo yi te sɛ nea wɔde ogya ne sufre ahyew wɔn. Afei “wɔn ayayade wusiw bɛforo soro daa daa,” kyerɛ sɛ ntɛn a Onyankopɔn bu wɔn no bɛyɛ sɛ nnyinasode sɛ ɛba sɛ daakye wotwa teɛ a Yehowa tumidi teɛ no mpoa a. Na wɔabua saa ɔsɛmpɔw no koraa.

18 Henanom na wɔka nkrasɛm a ɛyɛ wɔn aninyanne no nnɛ? Kae sɛ sɛnkyerɛnne kwan so mmoadabi no wɔ tumi sɛ wɔyɛ nnipa a wonni Onyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma so no aninyanne. (Adiyisɛm 9:5) Ɛda adi pefee sɛ eyinom ne wɔn a wɔwɔ abɔfo akwankyerɛ ase a wɔyɛ aninyanne no. Saa na sɛnkyerɛnne kwan so mmoadabi no kɔ so ara ma “wɔn a wɔbɛkotow aboa no ne ne honi, ne obiara a obegye ne din agyirae no, rennya ɔhome awia ne anadwo.” Na awiei no, wɔn sɛe a ɛyɛ Yehowa tumidi ho san ho adanse kɛse no akyi no, “wɔn ayayade wusiw” no bɛforo soro daa daa. Ɛmmra sɛ Yohane kuw no bɛtɔ wɔn bo ase akodu sɛ wobewie saa din ho san no koraa! Sɛnea ɔbɔfo no wie asɛm no: “Ɛha na ahotefo boasetɔ wɔ, wɔn a wokura Onyankopɔn ahyɛde ne Yesu gyidi mu no.”—Adiyisɛm 14:12.

19. Dɛn nti na wɔhwehwɛ boasetɔ fi ahotefo no hɔ, na dɛn ho amanneɛ na Yohane bɔ a ɛhyɛ wɔn den?

19 Yiw, “ahotefo boasetɔ” no kyerɛ wɔn ho a wɔnam Yesu Kristo so de ama koraa mu a wobefi asom Yehowa. Wɔn nkrasɛm no nyɛ nea nnipa nyinaa pɛ. Ɛde ɔsɔretia, ɔtaa ne mogya dansefo wu mpo ba. Nanso nea edi hɔ a Yohane bɔɔ ho amanneɛ no hyɛ wɔn den: “Na metee nne bi fii soro a ɛka sɛ: Kyerɛw sɛ: Nhyira ne awufo a wowu Awurade mu fi mprempren rekɔ yi. Honhom no se: Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.”—Adiyisɛm 14:13.

20. (a) Ɔkwan bɛn so na bɔhyɛ a Yohane bɔɔ ho amanneɛ no ne Paulo nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu mmae ho no hyia? (b) Hokwan titiriw bɛn ho bɔ na wɔhyɛ wɔn a wɔasra wɔn no mufo a wowu bere a wotu Satan fi soro akyi no?

20 Bɔhyɛ yi ne Paulo nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu mmae ho no hyia yiye: “Kristo mu awufo bɛsɔre kan, ansa na wɔaba abɛfa yɛn [wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ nkwa mu wɔ Awurade da no mu] a yɛtete ase na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yenkohyia Awurade ewim.” (1 Tesalonikafo 4:15-17) Wotuu Satan fii soro akyi no, wɔn a na wɔawuwu Kristo mu no sɔree kan. (Fa toto Adiyisɛm 6:9-11 ho.) Ɛno akyi no, wɔahyɛ wɔn a wɔasra wɔn a wowuwu Awurade da no mu no hokwan titiriw bi ho bɔ. Wɔn wusɔre a wɔde kɔ honhom asetra mu wɔ soro no yɛ nea ɛba amonom, “afrɛ so.” (1 Korintofo 15:52) Eyi yɛ nwonwa dɛn ara! Na wɔn trenee nnwuma no kɔ so ara wɔ ɔsoro hɔnom.

Asase so Nneɛma Twa

21. Dɛn na Yohane ka kyerɛ yɛn wɔ ‘asase so nneɛma no twabere ho’?

21 Afoforo nso benya mfaso atemmu da yi mu, sɛnea Yohane kɔ so ka kyerɛ yɛn no: “Na mihui, na hwɛ, omununkum fitaa, na obi a ɔte sɛ onipa ba te omununkum no so, na ɔbɔ sika abotiri na okura kantankrankyi nnamnam bi. Na ɔbɔfo foforo [nea ɔto so anan] fi asɔredan no mu de nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no sɛ: Tow wo kantankrankyi twitwa, efisɛ twabere adu, na asase so nneɛma ahoa. Na nea ɔte mununkum no so no de ne kantankrankyi tow asase so, na wotwitwaa asase so ade.”—Adiyisɛm 14:14-16.

22. (a) Hena na ɔhyɛ sika ahenkyɛw na ɔte omununkum fitaa so no? (b) Bere bɛn na otwa adwuma no awiei ba, na ɔkwan bɛn so?

22 Akyinnye biara nni onii a nea ɔte omununkum fitaa no so no yɛ no ho. Esiane sɛ ɔte omununkum fitaa no so na ɔte sɛ onipa ba na ɔbɔ sika ahemmotiri nti, ɛda adi pefee sɛ ɔne Yesu, Ɔhene Mesia a Daniel nso huu no wɔ anisoadehu mu no. (Daniel 7:13, 14; Marko 14:61, 62) Nanso dɛn ne twabere a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ ha no? Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔde asuafoyɛ adwuma no toto adesamma wiase no mu nneɛma twa ho. (Mateo 9:37, 38; Yohane 4:35, 36) Otwa adwuma yi ba awiei wɔ Awurade da no mu, bere a wɔde ahenkyɛw hyɛ Yesu sɛ Ɔhene a obu atɛn ma n’Agya no. Enti, bere a ɔde di tumi, fi 1914 no nso ne anigye bere a ɔde nea wɔatwa no bɛba.​—Fa toto Deuteronomium 16:13-15 ho.

23. (a) Hena hɔ na ahyɛde a ese womfi otwa no ase no fi? (b) Otwa adwuma bɛn na akɔ so fi 1919 de abedu mprempren?

23 Ɛwom sɛ Yesu yɛ Ɔhene ne Ɔtemmufo de, nanso ɔtwɛn ahyɛde fi Yehowa ne Nyankopɔn hɔ ansa na wafi ase atwa nnɔbae. Saa ahyɛde no fi “asɔredan no mu” denam ɔbɔfo bi so. Ntɛm ara, Yesu di asɛm no so. Nea edi kan, efi 1919 reba no, ɔma n’abɔfo no wie 144,000 no twa. (Mateo 13:39, 43; Yohane 15:1, 5, 16) Nea edi hɔ no, nguan foforo nnipakuw kɛse no twa ne wɔn anoboaboa ba. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9) Abakɔsɛm kyerɛ sɛ wɔ 1931 ne 1935 ntam hɔ no, nguan foforo yi dodow bi fii ase daa adi. Wɔ 1935 mu no, Yehowa maa Yohane kuw no tee wɔn a Adiyisɛm 7:9-17 mu nnipakuw kɛse no yɛ ankasa no ase. Efi saa bere no reba no, wɔasi nnipakuw yi anoboaboa so dua pii. Eduu afe 2005 mu no, na wɔn dodow aboro ɔpepem asia, na wɔda so ara redɔɔso. Ampa, nea ɔte sɛ onipa ba no atwa aba bebree a ɛyɛ anigye wɔ awiei bere yi mu.​—Fa toto Exodus 23:16; 34:22 ho.

Asase so Bobe no so Atiatia

24. Dɛn na ɔbɔfo a ɔto so anum no kurae wɔ ne nsam, na dɛn na ɔbɔfo a ɔto so asia no ka sɛ wɔnyɛ?

24 Bere a wɔawie nkwagye aba no twa no, na bere adu ama biribi foforo nso twa. Yohane bɔ amanneɛ sɛ: “Na ɔbɔfo foforo [nea ɔto so anum] fii soro asɔredan no mu, na ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam. Na ɔbɔfo foforo [nea ɔto so asia] a ɔwɔ ogya so tumi fii afɔremuka no mu de nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ nea okura kantankrankyi nnamnam no sɛ: Tow wo kantankrankyi nnamnam no twitwa asase so bobe akasiaw, efisɛ n’aba no abere.” (Adiyisɛm 14:17, 18) Wɔde otwa adwuma pii ahyɛ abɔfo dɔm no nsa wɔ Awurade da no mu, ma wɔayi nea eye no afi nea enye no mu!

25. (a) Dɛn na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔbɔfo a ɔto so anum no fi asɔredan no mu fii no kyerɛ? (b) Dɛn nti na ɛfata sɛ ahyɛde a wɔde mae sɛ womfi otwa no ase no fi ɔbɔfo ‘a ofii adi fii afɔremuka no mu’ no hɔ?

25 Ɔbɔfo a ɔto so anum no fi Yehowa anim wɔ asɔrefi hɔ na ɛba; enti otwa a edi akyiri no nso kɔ so sɛnea Yehowa pɛ te. Wɔnam nkrasɛm a wɔde faa ɔbɔfo foforo a ofii adi “fii afɔremuka no mu” no so na ɛde ahyɛde no maa ɔbɔfo no sɛ omfi n’adwuma ase. Nokwasɛm yi kyerɛ biribi yiye, efisɛ akra anokwafo a wɔwɔ afɔremuka no ase no abisa sɛ: “Awurade, ɔkronkronni ne ɔnokwafo, woremmu atɛn, na worenni wɔn a wɔte asase so no yɛn mogya so were kosi da bɛn?” (Adiyisɛm 6:9, 10) Wɔnam asase so bobe no twa so bɛma nteɛm a wɔde bisa aweredi no ho mmuae.

26. Dɛn ne “asase so bobe” no?

26 Nanso dɛn ne “asase so bobe” no? Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔkaa Yudafo man no ho asɛm sɛ Yehowa bobe. (Yesaia 5:7; Yeremia 2:21) Saa ara nso na wɔka Yesu Kristo ne wɔn a wɔne no bɛsom wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no ho asɛm sɛ bobe. (Yohane 15:1-8) Eyi mu no, su a ɛda adi yiye wɔ bobe ho ne sɛ ɛsow aba, na nokware Kristofo bobe no asow aba bebree de ayi Yehowa ayɛ. (Mateo 21:43) Enti, na “asase so bobe” no renyɛ nokware bobe yi, na mmom Satan de a ɛyɛ atoro, ne nniso nhyehyɛe a aniwa hu a aporɔw a edi adesamma so, ne n’adaemone aba a asow mfehaha no mu no “akasiaw” ahorow no. Babilon Kɛse a Kristoman na agye din yiye wɔ mu no anya bobe a bɔre wom yi so nkɛntɛnso kɛse.​—Fa toto Deuteronomium 32:32-35 ho.

27. (a) Dɛn na ɛba bere a ɔbɔfo a okura kantankrakyi no boaboa asase so bobe no ano no? (b) Nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu bɛn na ɛkyerɛ baabi a otwa no kodu?

27 Ɛsɛ sɛ wobu atɛn! “Na ɔbɔfo no de ne kantankrankyi no tow asase so, na otwitwaa asase so bobe aba, na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsa-kyi-amoa kɛse no mu. Na wotiatiaa nsa-kyi-amoa no so kurow no akyi, na mogya fii nsa-kyi-amoa no mu koduu apɔnkɔ nnareka ho teɛe nkwansimma apem ahansia.” (Adiyisɛm 14:19, 20) Wofi bere tenten abɔ Yehowa bo a afuw bobe yi ho dawuru. (Sefania 3:8) Yesaia nhoma no mu nkɔmhyɛ bi ma ɛda adi sɛ wɔbɛsɛe aman mũ nyinaa bere a wotiatia nsa-kyi-amoa no so no. (Yesaia 63:3-6) Yoel nso hyɛɛ nkɔm sɛ wobetiatia saa “nnipa yuu,” aman mũ nyinaa so asɛe wɔn “nsa-kyi-amoa” no mu, wɔ “atemmu bon no mu.” (Yoel 3:12-14) Ampa, eyi yɛ otwa adwuma kɛse ankasa a wɔrenyɛ bi bio da! Sɛnea Yohane anisoadehu no kyerɛ no, ɛnyɛ sɛ bobe aba no nko na wotwa, na mmom wotwa sɛnkyerɛnne kwan so bobe no nyinaa too fam na wɔtow gu nsa-kyi-amoa no mu na wɔatiatia so nso. Enti wobegu asase so bobe no ase na ɛrentumi mfifi bio da.

28. Henanom na wotiatia asase so bobe no so, na nsa-kyi-amoa no so a wobetiatia wɔ “kurow no akyi” no kyerɛ dɛn?

28 Apɔnkɔ na wotiatia anisoadehu mu nsa-kyi-amoa no so efisɛ mogya a wokyi fii bobe no mu no koduu “apɔnkɔ nnareka ho.” Esiane sɛ asɛmfua “apɔnkɔ” no taa ka akodi ho asɛm nti, na eyi bɛyɛ ɔko bere. Wɔka ɔsoro dɔm a wodi Yesu akyi kɔ ɔko a edi akyiri a wɔde tia Satan nneɛma nhyehyɛe no ho asɛm sɛ wotiatia “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, abufuw a ɛyɛ den no nsa-kyi-amoa no so.” (Adiyisɛm 19:11-16) Ɛda adi pefee sɛ eyinom na wotiatia asase so bobe no so no. “Wotiatia [nsa-kyi-amoa no so] kurow no akyi,” kyerɛ sɛ wɔ ɔsoro Sion akyi. Ampa, ɛfata sɛ wotiatia asase so bobe no so. Na wobetiatia so “kurow no akyi” nso, a ɛkyerɛ sɛ ɔhaw biara remma ɔbea no asefo nkaefo a wogyina ɔsoro Sion ananmu wɔ asase so no so. Wɔde eyinom ne nnipakuw kɛse no behintaw dwoodwoo wɔ Yehowa asase so ahyehyɛde no mu.​—Yesaia 26:20, 21.

29. Mogya a efi nsa-kyi-amoa no mu no mu dɔ dɛn, ɛtene kodu he, na eyi nyinaa kyerɛ dɛn?

29 Anisoadehu a emu da hɔ pefee yi wɔ ne nsusuwso wɔ sɛnea Ahenni ɔbo a wɔkaa ho asɛm wɔ Daniel 2:34, 44 mu no bɛdwɛre asase so ahenni horow no mu. Ɔsɛe bi bɛba. Na mogya asubɔnten a ɛsen fi nsa-kyi-amoa no mu no mu dɔ yiye, ekodu apɔnkɔ nnareka ho tɔnn na ɛtene ara kɔ akyiri nkwansimma 1,600. * Saa dodow yi a wɔnam anan ahorow anan a ne du ahorow du (4 x 4 x 10 x 10) so na enya no si asɛm no so dua sɛ ɔsɛe no ho adanse bɛka asase nyinaa. (Yesaia 66:15, 16) Ɛbɛyɛ ɔsɛe pasaa a wɔrentumi nsan no akyi. Satan asase so bobe no remfifi bio da!—Dwom 83:17, 18.

30. Dɛn ne Satan bobe no aba horow, na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo dɛn?

30 Esiane sɛ yɛadu akyiri wɔ awiei bere no mu nti, otwa adwuma abien yi ho anisoadehu no kyerɛ biribi yiye. Yehu Satan bobe no aba ahorow no wɔ baabiara. Yafunu a wotu gu ne awudi afoforo; mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da, awaresɛe, ne ɔbrasɛe nneyɛe afoforo; nokware a wonni ne ɔdɔ a wonni—nneɛma a ɛtete saa nyinaa na ɛma wiase yi yɛ nea asɛe wɔ Yehowa ani so no. Satan bobe no sow “bɔre ne awɔnwene.” N’abosonsom kwan a ɛde ɔsɛe ba no gu adesamma Bɔfo Kɛse no anim ase. (Deuteronomium 29:18; 32:5; Yesaia 42:5, 8) Hokwan bɛn ara na ɛyɛ sɛ wode wo ho bɛbata Yohane kuw no ho ne wɔn ayɛ adwuma wɔ aba pa a Yesu de ba de yi Yehowa ayɛ no twa no mu sɛɛ yi! (Luka 10:2) Momma yɛn nyinaa nsi yɛn bo sɛ yɛremma wiase yi bobe no mma nkekae mma yɛn ho da, na momma yɛmfa saayɛ so nkwati yɛne asase so bobe no so a wobetiatia bere a wodi Yehowa afobu ho dwuma no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 29 Nkwansimma 1,600 no bɛyɛ kilometer 300 anaasɛ borɔfo kwansin 180.​—Adiyisɛm 14:20, New World Translation Reference Bible, asehɔ asɛm.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 208 adaka]

‘N’aguamammɔ Nsa No’

Babilon Kɛse no fa titiriw ne Roman Katolek Asɔre no. Paapa a ɔwɔ Rome no na odi asɔre no so na wɔkyerɛ sɛ paapanom no mu biara yɛ ɔsomafo Petro ɔdedifo. Nea edidi so yi yɛ nokwasɛm a wɔakyerɛw afa wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ adedifo yi ho:

Formosus (891-96): “Formosus wu akyi asram akron no, wotuu n’amu fii Paapanom amusiei na wɔde no kɔɔ afunu asennii bagua bi anim ma wodii n’asɛm a Stephen [Paapa foforo no] na ɔtraa agua mu. Wobuu Paapa a wawu no fɔ sɛ n’ani beree Paapa dibea no dodo ma wɔkae sɛ nea ɔyɛe nyinaa yɛ ɔkwa . . . wɔworɔw Paapa ntade no fii funu no ho; wotwitwaa ne nsa nifa so nsateaa gui.”—New Catholic Encyclopedia.

Stephen VI (896-97): “[Wodii Formosus funu no asɛm akyi] asram kakraa bi mu no, basabasayɛ bi a esii de Paapa Stephen dibea no baa awiei; wogyee Paapa nneɛma no fii ne nsam de no kɔtoo afiase na wotim no amenewa kum no.”—New Catholic Encyclopedia.

Sergius III (904-11): “Wotintim Paapanom baanu a wodii n’anim pɛɛ no amenewa . . . kunkum wɔn wɔ afiase. . . . Theophylactus a wɔkyerɛ sɛ ɔne ne mmabea mu biako, Marozia, woo ɔbabanin (a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Paapa John XI no) abusua na ɛboaa no wɔ Rome.”—New Catholic Encyclopedia

Stephen VII (928-31): “Wɔ ne Paapa a ɔyɛe no mfe a edi akyiri no mu no, Marozia, Rome Donna Senatrix (mmarahyɛ bagua mu ɔbea panyin) faa . . . Pope John X ho abufuw na ɔma wɔde no kɔtoo afiase kum no. Ɛno na afei Marozia de Paapa dibea no maa Paapa Leo VI, a owui bere a obedii ade no akyi asram 6 1/2 no. Stephen VII bedii n’ade, ɛbɛyɛ sɛ ná ɛnam Marozia nkɛntɛnso so. . . . Wɔ ne mfe 2 a odii sɛ Paapa no mu no, na onni tumi wɔ Marozia tumidi ase.”—New Catholic Encyclopedia

John XI (931-35): “Stephen VII wui no . . . , Marozia, a ofi Theophylactus Fi no gyee Paapa dibea no maa ne ba John, aberantewaa a na ɔwɔ ne mfe 20 mfiase mu hɔ. . . . Wɔ Paapa a na John yɛ nyinaa akyi no, ne maame hyɛɛ no so.”—New Catholic Encyclopedia.

John XII (955-64): “Na onnii mfe dunwɔtwe, na ne bere so amanneɛbɔ ahorow nyinaa kyerɛ sɛ na n’ani nnye honhom mu nneɛma ho, anigye hunu na edii ne ti na ɔbɔɔ ahohwi bra kɛse.”—The Oxford Dictionary of Popes.

Benedict IX (1032-44; 1045; 1047-48): “Na wonim no yiye sɛ ɔtɔn paapa dibea no maa nea ogyinaa n’akyi bere a wɔbɔɔ no asu no na afei ɔsan gyee dibea no mprenu.”—The New Encyclopædia Britannica.

Enti, sɛ anka eyinom ne paapanom afoforo bedi ɔnokwafo Petro nhwɛso akyi mmom no, na wɔyɛ nkɛntɛnso bɔne. Wɔmaa kwan ma mogya ho afodi ne honhom ne honam fam aguamammɔ ne Isebel nkɛntɛnso nso sɛee asɔre a na wodi so no. (Yakobo 4:4) Wɔ 1917 mu no, Bible Asuafo no nhoma The Finished Mystery de nokwasɛm ahorow yi bebree sisii hɔ pefee. Na eyi ne ɔkwan biako a saa nna no mu Bible Asuafo de ‘ɔhaw ahorow biara bobɔɔ asase no.’—Adiyisɛm 11:6; 14:8; 17:1, 2, 5.

[Kratafa 206 mfonini]

Kristo a wɔde no asi ahengua so no nam abɔfo mmoa so bu ntɛn

[Kratafa 207 mfonini]

Babilon hwee ase wɔ 539 A.Y.B. mu no, wogyaa ne nneduafo