Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible no Asɛmti Titiriw

Bible no Asɛmti Titiriw

Ti 2

Bible no Asɛmti Titiriw

Kyerɛwnsɛm no Asekyerɛ Ahintasɛm ahorow a wɔde asie Adiyisɛm nhoma no mu no akyere Bible asuafo komapafo adwene bere tenten. Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, ɛsɛ sɛ wohu saa ahintasɛm ahorow no mu, nanso ɔkwan bɛn so, bere bɛn, na henanom na ɛsɛ sɛ wohu mu? Onyankopɔn honhom nkutoo na ebetumi ama wɔate ase, bere a bere a wɔahyɛ no bɛn no. (Adiyisɛm 1:3) Wɔbɛda saa ahintasɛm kronkron no adi akyerɛ Onyankopɔn nkoa nsiyɛfo a wɔwɔ asase so no, sɛnea ɛbɛyɛ na ahyɛ wɔn den ma wɔada n’atemmu ahorow adi akyerɛ. (Mateo 13:10, 11) Ɛnyɛ nea yɛka ne sɛ mfomso bi rentumi mma nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ nhoma yi mu no mu. Te sɛ Yosef a ɔtraa ase tete no, yɛka sɛ: “Onyankopɔn na nkyerɛase wɔ no.” (Genesis 40:8) Nanso bere koro no ara mu no, yegye di yiye sɛ nkyerɛkyerɛmu a yɛde ama wom no ne Bible mũ no mu nsɛm nyinaa hyia, na ɛkyerɛ sɛnea wiase nsɛm a esisi wɔ yɛn ɔhaw mmere yi mu no ama ɔsoro nkɔmhyɛ abam ma ɛyɛ nwonwa.

1. Yehowa atirimpɔw titiriw ne dɛn?

BIBLE mu bɛ bi se: “Asɛm awiei ye sen ne mfiase.” (Ɔsɛnkafo 7:8) Adiyisɛm nhoma no mu na yɛkan Yehowa atirimpɔw titiriw a ɔde bɛsan ne din ho abɔde nyinaa anim no ho asɛm. Sɛnea Onyankopɔn nam ne kan adiyifo no mu biako so kae mpɛn pii no: “Wɔahu sɛ mene [Yehowa].”—Hesekiel 25:17; 38:23.

2. Nimdeɛ a ɛma akomatɔyam bɛn na Adiyisɛm ne Bible mu nhoma ahorow a edi kan no boa yɛn ma yenya?

2 Sɛnea Adiyisɛm ka nneɛma a ɛbɛba awiei nkonimdi mu ho asɛm no, saa ara nso na wɔka ne mfiase ho asɛm kyerɛ yɛn wɔ Bible mu nhoma ahorow a edi kan no mu. Ɛdenam kyerɛwtohɔ yi mu hwehwɛ so no, yetumi te nsɛmpɔw a ɛwom no ase, na yehu Onyankopɔn atirimpɔw ahorow nyinaa. Akomatɔyam bɛn ara na eyi ma yenya sɛɛ yi! Afei nso, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ biribi sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya daakye a ɛyɛ nwonwa a ɛda hɔ ma adesamma no bi. (Dwom 145:16, 20) Ɛde besi ha yi, ɛte sɛ nea ɛfata sɛ yɛbɛka Bible mũ no nyinaa ho abakɔsɛm ne n’asɛmti ho asɛm, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔsɛmpɔw titiriw a esi adesamma nyinaa anim nnɛ, ne Onyankopɔn atirimpɔw a waka ho asɛm pefee sɛ ɔde bedi saa ɔsɛmpɔw no ho dwuma no atra yɛn adwene mu.

3. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis nhoma no mu bɛn na ɛde Bible mũ no nyinaa a Adiyisɛm nso ka ho asɛmti si hɔ?

3 Bible mu nhoma a edi kan, Genesis, no ka “mfiase no” ho asɛm na ɛka Onyankopɔn adebɔ nnwuma a nea ɔde wiee n’asase so adebɔ, a ɔne onipa, nso ka ho no ho asɛm. Genesis nhoma no da ɔsoro nkɔmhyɛ a edi kan a Onyankopɔn ankasa de mae wɔ Eden turo no mu bɛyɛ mfirihyia 6,000 ni no nso adi. Ná wɔde ɔwɔ bi dii dwuma de adaadaa ɔbea a odi kan a ɔne Hawa no nkyɛe ɛ; na ɔno nso ato ne kunu, Adam, brada ma wakɔka ne ho ma wɔato Yehowa mmara denam “papa ne bɔne hu dua” a wodii no so. Onyankopɔn rebu awarefo nnebɔneyɛfo baanu no ntɛn no, ɔka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 1:1; 2:17; 3:1-6, 14, 15) Saa nkɔmhyɛ no de Bible mũ no nyinaa a Adiyisɛm nso ka ho no asɛmti si hɔ.

4. (a) Bere a Onyankopɔn hyɛɛ nkɔm a edi kan no akyi no, dɛn na ɛbaa yɛn awofo a wodi kan no so? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɔre wɔ nkɔmhyɛ a edi kan no ho, na dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu mmuae ahorow no?

4 Onyankopɔn hyɛɛ nkɔm no wiei akyi pɛɛ no, ɔpam yɛn awofo a wodi kan no fii Eden. Ná wɔrentumi nhwɛ daa nkwa wɔ Paradise kwan bio; na ɛsɛ sɛ wɔkɔbɔ wɔn bra wɔ asase a ɛda turo no akyi a wonsiesiee so no so. Esiane sɛ wɔwɔ owu afobu ase nti, wɔbɛwo mma a bɔne adɔre wɔn. (Genesis 3:23-4:1; Romafo 5:12) Nanso, na Eden nkɔmhyɛ no kyerɛ dɛn? Henanom ho na ɛwom? Ɛne Adiyisɛm toa mu dɛn? Nkrasɛm bɛn na ɛwɔ ma yɛn nnɛ? Nea ɛbɛyɛ na yɛn ankasa anya ahotɔ wɔ nea asɛmmɔne a ɛmaa Yehowa hyɛɛ saa nkɔm no de bae no mu no, ɛho hia yiye sɛ yehu nsemmisa ahorow yi mmuae.

Asɛm no mu Atitiriw

5. Bere a ɔwɔ no daadaa Hawa no, dɛn na ɛbae a ɛfa Onyankopɔn tumidi ne ne din ho, na wobedi ntawntawdi no ho dwuma dɛn?

5 Wɔkaa Genesis 3:15 nkɔmhyɛ no kyerɛɛ ɔwɔ a na wadaadaa Hawa, a ɔkyerɛe sɛ Hawa renwu asoɔden a ɔyɛe no ho, na mmom obenya ahofadi na wadan onyamewa no. Ɔwɔ no nam saayɛ so maa Yehowa bɛyɛɛ ɔtorofo, na ɔkae sɛ pow a adesamma bɛpow Yehowa tumidi a ɛkorɔn no betumi ama wɔn tebea ayɛ yiye. (Genesis 3:1-5) Wotwaa Yehowa tumidi mpoa na woguu ne din pa no ho fĩ. Adiyisɛm nhoma no ka sɛnea Ɔtemmufo treneeni, Yehowa, nam ne Ba, Yesu Kristo, Ahenni nniso so bebu ne tumidi bem, na wayi ahohorabɔ nyinaa afi ne din so no ho asɛm.​—Adiyisɛm 12:10; 14:7.

6. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm ma wohu nea ɔnam ɔwɔ bi so kasa kyerɛɛ Hawa no?

6 So saa asɛmfua “ɔwɔ” no fa ɔwɔ ankasa bi nkutoo ho? Dabida! Adiyisɛm ma yehu honhom abɔde a ɔwɔ dimmɔne a ɔnam ɔwɔ no so kasae no. Na ɛyɛ “ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no,” a ɔde ‘n’anitew daadaa Hawa’ no.​—Adiyisɛm 12:9; 2 Korintofo 11:3.

7. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔbea a wɔka ne ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no wɔ ahonhom atrae?

7 Ɛno akyi no, Genesis 3:15 ka “ɔbea no” ho asɛm. So na ɛyɛ Hawa? Ebetumi aba sɛ Hawa susuw saa. (Fa toto Genesis 4:1 ho.) Nanso, Hawa ne Satan ntam daa ɔtan antumi amma bere a Hawa wui bɛboro mfe 5,000 a atwam ni no. Afei nso, esiane sɛ Ɔwɔ a Yehowa kasa kyerɛɛ no no yɛ honhom a aniwa ntumi nhu no nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɔbea no nso wɔ ahonhom atrae. Adiyisɛm 12:1, 2 si eyi so dua, na ɛkyerɛ sɛ sɛnkyerɛnne kwan so ɔbea yi yɛ Yehowa ɔsoro ahyehyɛde a honhom abɔde wom.​—Hwɛ Yesaia 54:1, 5, 13 nso.

Asefo Baanu a Wodi Asi

8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye nea afei wɔka fa asefo baanu no ho ho yiye?

8 Ɛno akyi no, asefo baanu pue wɔ Genesis 3:15. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ eyinom ho anigye kɛse, efisɛ wɔn ho wɔ ɔsɛmpɔw kɛse a ɛfa nea ɔwɔ ho kwan sɛ odi asase yi so tumi ho no mu. Eyi fa yɛn mu biara ho, sɛ ebia yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no. Asefo yi mu hena na wopɛ n’asɛm?

9. Henanom na akyinnye biara nni ho sɛ wɔka Ɔwɔ no asefo no ho?

9 Nea edi kan no, Ɔwɔ no asefo anaa ne mma wɔ hɔ. Ɛyɛ dɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ honhom abɔde afoforo a wɔkɔkaa Satan ho n’atuatew no mu, a awiei koraa no ‘wɔtow wɔne no kyenee’ asase so no nso ka ho. (Adiyisɛm 12:9) Esiane sɛ Satan anaa Beelsebub ne “ahonhommɔne panyin” nti, ɛda adi pefee sɛ wɔn na wɔka bom yɛ n’ahyehyɛde a aniwa nhu no.​—Marko 3:22; Efesofo 6:12.

10. Ɔkwan bɛn so na Bible da afoforo nso adi sɛ wɔka Satan asefo ho?

10 Afei nso, Yesu ka kyerɛɛ ne bere so Yudafo nyamesom akannifo no sɛ: “Mo agya a mufi no mu ne Ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ.” (Yohane 8:44) Ɛdenam Onyankopɔn Ba Yesu a saa nyamesom akannifo no sɔre tiaa no so no, wɔkyerɛe sɛ wɔn nso wɔyɛ Satan asefo. Na wɔka Satan asefo ho, na na wɔsom no sɛ wɔn sɛnkyerɛnne kwan so agya. Abakɔsɛm mu nyinaa no, adesamma afoforo pii nso ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Satan asefo saa ara, denam n’apɛde a wɔyɛ, ne titiriw no, sɔre a wɔsɔre tia Yesu asuafo na wɔtaa wɔn no so. Yebetumi aka saa nnipa yi nyinaa ho asɛm sɛ wɔn na wɔka bom yɛ Satan asase so ahyehyɛde a aniwa hu no.​—Hwɛ Yohane 15:20; 16:33; 17:15.

Wɔahu Nea Ɔbea no Aseni no Yɛ

11. Mfehaha pii mu no, dɛn na Onyankopɔn daa no adi wɔ ɔbea no aseni no ho?

11 Awiei koraa no, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no ka ɔbea no aseni ho asɛm. Bere a Satan renya n’aseni no, na Yehowa reyɛ ahosiesie ma ne “ɔbea,” anaa ɔsoro ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔyere no awo aseni bi. Bɛyɛ mfe 4,000 no, Yehowa kɔɔ so daa aseni a ɔreba no ho nsɛm a ɛkɔ akyiri adi kyerɛɛ adesamma asoɔmmerɛfo a wosuro Onyankopɔn no. (Yesaia 46:9, 10) Enti, na Abraham, Isak, Yakob ne afoforo betumi anya bɔhyɛ no mu gyidi sɛ aseni no bepue wɔ wɔn asefo mu. (Genesis 22:15-18; 26:4; 28:14) Satan ne n’akyigyinafo taa Yehowa asomfo a wɔte saa no mpɛn pii, esiane wɔn gyidi a enhinhim no nti.​—Hebrifo 11:1, 2, 32-38.

12. (a) Bere bɛn, na asɛm bɛn na esii, bere a ɔbea no aseni titiriw no bae? (b) Atirimpɔw bɛn nti na wɔsraa Yesu?

12 Awiei koraa no, onipa Yesu a ɔyɛ pɛ no de ne ho mae wɔ Asubɔnten Yordan ho ma wɔbɔɔ no asu afe 29 wɔ Yɛn Bere yi mu. Ɛhɔ na Yehowa de honhom kronkron woo Yesu, bere a ɔkaa eyi no: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” (Mateo 3:17) Ɛhɔ na wohuu Yesu sɛ wɔsomaa no fi Onyankopɔn honhom mu ahyehyɛde a ɛwɔ ɔsoro no mu. Wɔsraa no nso sɛ ɔsoro Ahenni a ɛbɛsan de tumidi aba asase so wɔ Yehowa din mu no Hene a Wɔapaw no, na wɔnam saayɛ so abua tumidi anaa ahenni ho ɔsɛmpɔw no prɛko. (Adiyisɛm 11:15) Ɛnde, na Yesu ne ɔbea no asefo mu Otitiriw, Mesia a wɔkaa ne ho asɛm siei no.​—Fa toto Galatifo 3:16; Daniel 9:25 ho.

13, 14. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ yebehu sɛ ɔbea no aseni no renyɛ onipa titiriw biako pɛ? (b) Nnipa baahe na Onyankopɔn apaw wɔn afi adesamma mu sɛ wɔnkɔyɛ asefo a wɔka aseni titiriw no ho, na wɔka bom yɛ ahyehyɛde bɛn? (d) Henanom nso na wɔne aseni no resom biakoyɛ mu?

13 So ɔbea no aseni no bɛyɛ onipa titiriw biako pɛ kɛkɛ? Na Satan aseni no nso ɛ? Bible da Satan asefo adi sɛ abɔfo bɔne dɔm a nnipa a wogu Onyankopɔn ho fĩ ka ho. Ɛnde, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ɔbɛpaw mudi mu kurafo 144,000 afi adesamma mu, ma wɔabɛyɛ Mesia Aseni, Yesu Kristo, mfɛfo adedifo a wɔyɛ asɔfo. Adiyisɛm ka eyinom ho asɛm, na ɛka sɛ esiane sɛ Ɔbonsam tan Onyankopɔn ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔbea no nti, okotuu “n’asefo nkae . . . no so sa.”—Adiyisɛm 12:17; 14:1-4.

14 Bible mu no, wɔfrɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ Yesu nuanom, na sɛ ne nuanom no, wɔn nyinaa fi Agya ne ɛna biako. (Hebrifo 2:11) Wɔn Agya ne Yehowa Nyankopɔn. Enti, ɛsɛ sɛ “ɔbea no,” Onyankopɔn ɔsoro ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔyere no yɛ wɔn na. Wɔbɛyɛɛ asefo a wɔka aseni titiriw no ho, a Kristo Yesu ne aseni titiriw. Kristofo a wɔde honhom awo wɔn a wɔwɔ asase so yi asafo no na wɔka bom yɛ Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu a ɛsom wɔ n’ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔbea a ɛwɔ soro, faako a wɔne Kristo Yesu bɛyɛ biako wɔ wɔn wusɔre akyi no ase. (Romafo 8:14-17; Galatifo 3:16, 29) Ɛwom sɛ nguan foforo ɔpepem pii a wofi amanaman nyinaa mu no nka asefo no ho de, nanso wɔreka wɔn abom ma wɔne Onyankopɔn ahyehyɛde a ɛwɔ asase so no asom. So woyɛ nguan foforo yi mu biako anaa? Ɛnde, w’anidaso a ɛyɛ anigye ne daa nkwa wɔ paradise asase so.​—Yohane 10:16; 17:1-3.

Sɛnea Ɔtan Fii Ase

15. (a) Ka nea a ɛyɛe a Satan asefo a wɔyɛ nnipa ne abɔfo no bae ho asɛm. (b) Dɛn na ɛbaa Satan asefo so Noa bere so Nsuyiri no mu?

15 Satan asefo a wɔyɛ adesamma no fii ase daa adi ntɛm wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Sɛ nhwɛso no, Kain, onipa a odi kan a wɔwoo no a ‘ofi ɔbɔne no mu a okum ne nua’ Habel no wɔ hɔ. (1 Yohane 3:12) Akyiri yi Henok kaa Yehowa ho asɛm sɛ ɔne “n’ahotefo mpempem reba abebu wɔn nyinaa atɛn, na wayi wɔn mu amumɔyɛfo nyinaa atɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe nyinaa ne wɔn nsɛm a ɛyɛ den a nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo no kae de tiaa no nyinaa ho.” (Yuda 14, 15) Afei nso, abɔfo atuatewfo kɔkaa Satan ho na wɔbɛkaa n’asefo ho. Eyinom ‘gyaw wɔn ankasa trabea’ wɔ ɔsoro, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔafa ɔhonam nipadua ato wɔn ho so ma wɔawareware nnipa mmabea. Wɔwoo afrafra mma asisifo a wɔwɔ tumi kyɛn nnipa. Nsɛmmɔnedi ne nneɛma bɔne bɛyɛɛ saa wiase no ma, ma enti Onyankopɔn sɛee no Nsuyiri no mu, na ɔnokwafo Noa ne n’abusua nkutoo ne nnipa a wofii mu kae. Wɔhyɛɛ abɔfo asoɔdenfo—mprempren adaemone a wɔwɔ Satan tumi ase—no ma wogyaw wɔn yerenom ne afrafra mma a wɔsɛee wɔn no hɔ. Wɔsakraa wɔn nipadua, na wɔsan kɔɔ ahonhom atrae, faako a wɔretwɛn Onyankopɔn atemmu a ɔde bɛba Satan ne n’asefo so a ɛrebɛn ntɛmntɛm no.​—Yuda 6; Genesis 6:4-12; 7:21-23; 2 Petro 2:4, 5.

16. (a) Ɔhene tirimɔdenfo bɛn na ɔsɔree wɔ Nsuyiri no akyi, na ɔkwan bɛn so na ɔnam kyerɛe sɛ ɔka Satan asefo ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn maa wɔn a anka wɔrebɛto Babilon abantenten no adwuma yɛɛ kwa?

16 Nsuyiri kɛse no akyi pɛɛ no, ɔhene tirimɔdenfo bi a wɔfrɛ no Nimrod puee asase so. Bible ka ne ho asɛm sɛ ‘ɔbɔmmɔfo a ɔwɔ tumi a ɔsɔre tia Yehowa’—ɔyɛ ɔwɔ no asefo no bi ampa. Te sɛ Satan no, ɔdaa atuatew honhom adi na ɔkyekyee kurow Babel, anaa Babilon, de sɔre tiaa Yehowa atirimpɔw a ɛkyerɛ sɛ adesamma ntrɛw asase ani nyinaa no. Na anka Babilon beae a ebegye din titiriw bɛyɛ abankɛse bi “a n’atifi bedu soro.” Onyankopɔn maa wɔn a na wɔbɛto saa aban no adwuma yɛɛ ɔkwa. Ɔyɛɛ wɔn kasa basabasa na “efi hɔnom na [Yehowa] bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani,” nanso ɔmaa kwan maa Babilon ankasa traa hɔ.​—Genesis 9:1; 10:8-12; 11:1-9.

Amammui Tumi Horow Pue

17. Bere a nnipa dɔɔso no, adesamma abusua no mu ade a ɛyɛ ɔporɔw bɛn na ɛdaa adi, na esiane eyi nti, ahemman akɛseakɛse bɛn na ɛbae?

17 Wɔ Babilon no, adesamma abusua no ho nneɛma bi daa adi a etwaa Yehowa tumidi mpoa. Na eyi biako ne amansɛm. Bere a adesamma dɔɔso no, adesamma tumipɛfo afoforo suasuaa Nimrod nhwɛso no na wotuu nniso gui. Onipa fii ase dii onipa so tumi ma ɛdan no bɔne. (Ɔsɛnkafo 8:9) Sɛ nhwɛso no, Sodom, Gomora ne nkurow a ɛbemmɛn no bɛhyɛɛ Sinear ne akyirikyiri nsase afoforo ahene tumi ase wɔ Abraham nna no mu. (Genesis 14:1-4) Awiei koraa no, asraafo ne ahyehyɛde ho abenfo hyehyɛɛ ahemman akɛseakɛse de nyaa wɔn ho ne anuonyam. Bible ka eyinom mu bi ho asɛm a Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela ne Roma nso ka ho.

18. (a) Su bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo yi adi wɔ amammui sodifo ho? (b) Ɔkwan bɛn so na amammui sodifo adi Onyankopɔn nneɛma ho dwuma mmere bi mu? (d) Ɔkwan bɛn so na atumfo pii ada wɔn ho adi sɛ wɔka Ɔwɔ no asefo ho?

18 Yehowa maa kwan ma saa amammui tumi horow no traa hɔ, na Yehowa nkurɔfo yɛɛ osetie a anohyeto wom maa wɔn bere a wɔtraa nsase a ɛwɔ wɔn tumi ase so no. (Romafo 13:1, 2) Ɛtɔ da bi a, amammui sodifo mpo ma Onyankopɔn atirimpɔw ahorow nya nkɔanim anaasɛ wɔbɔ ne nkurɔfo ho ban. (Esra 1:1-4; 7:12-26; Asomafo no Nnwuma 25:11, 12; Adiyisɛm 12:15, 16) Nanso amammui sodifo pii asɔre atia nokware som denneennen, na wɔada wɔn ho adi sɛ wɔka Ɔwɔ no asefo ho.​—1 Yohane 5:19.

19. Wɔada wiase tumi horow no adi wɔ Adiyisɛm nhoma no mu dɛn?

19 Mpɛn pii no, onipa nniso ntumi mfa anigye mmrɛ yɛn a yɛyɛ nnipa, na entumi nnya yɛn ɔhaw ahorow ano aduru ma ɛyɛ awerɛhow. Yehowa ama adesamma kwan ma wɔasɔ nniso biara ahwɛ, nanso ɔmpene ɔporɔw ne sɛnea nnipa di nnipa so tumi ɔkwammɔne so no so. (Mmebusɛm 22:22, 23) Adiyisɛm da wiase tumi horow a ɛhyɛ nkurɔfo so no adi sɛ wɔn na wɔka bom yɛ aboa ɔhantanfo a ne ho yɛ hu no.​—Adiyisɛm 13:1, 2.

Aguadifo Pɛsɛmenkominyafo

20, 21. Kuw a ɛto so abien bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ka “asafohene” ne “atumfo” no ho sɛ wɔka Satan asefo bɔne no ho, na dɛn ntia?

20 Wohuu honam fam nneɛma ho aguadifo asisifo a wɔyɛ amammui akannifo nnamfo paa. Kyerɛwtohɔ ahorow a wotutu fii tete Babilon amamfo so no kyerɛ sɛ na nnwuma a na enya tebea bɔne a mfɛfo nnipa wom mu mfaso no agye din saa bere no. Wiase aguadifo akɔ so ayɛ adwuma de anya pɛsɛmenkominya mfaso abesi nnɛ, bere a nsase pii so nnipa kakraa bi anya wɔn ho tam no, nnipa dodow no ara di hia. Wɔ mfiridwuma bere yi mu no, aguadifo ne aguadeyɛfo atɔn akode pii a ɛyɛ hu a nea ebetumi atɔre nnipa pii ase a ɛho asɛm haw nkurɔfo adwene yiye ka ho ma amammui tumi horow no anya so mfaso bebree. Ɛsɛ sɛ wɔde saa aguadifo akɛse adifudepɛfo ne afoforo a wɔte sɛ wɔn no ka “asafohene” ne “atumfo” no ho sɛ wɔka Satan asefo nsɛmmɔnedifo no ho. Wɔn nyinaa yɛ asase so ahyehyɛde a Onyankopɔn ne Kristo bu no atɛn sɛ ɛfata ɔsɛe no fã.​—Adiyisɛm 19:18.

21 Ɛsɛ sɛ yɛde adesamma abusua no mu ade a ɛto so abiɛsa a ɛfata sɛ Onyankopɔn bu no fɔ no ka amammui a aporɔw ne adifudepɛ aguadi ho. Ɛne dɛn? Ebia nea Adiyisɛm ka fa wiase nyinaa ahyehyɛde a agye din yi ho no bɛyɛ wo nwonwa.

Babilon Kɛse No

22. Ɔsom bɛn na ɛkɔɔ so wɔ tete Babilon?

22 Na Babilon a edi kan no kyekye nyɛ amammui adwuma bi ara kwa. Esiane sɛ wɔkyekyee saa kurow no de twaa Yehowa tumidi mpoa nti, na ɔsom ho asɛm wom. Nokwarem no, tete Babilon bɛyɛɛ abosonsom fibea. N’asɔfo kyerɛkyerɛɛ nkyerɛkyerɛ ahorow a egu Onyankopɔn ho fĩ, te sɛ ɔdesani kra a ɛtra ase wɔ owu akyi, ne sɛ asetra yi akyi yɛ baabi a wɔyɛ ahude ne ayayade daa a adaemone na wɔhwɛ ma wɔyɛ. Wɔde abɔde som ne anyame ne anyamewa pii bae. Wɔtoo anansesɛm ahorow de kyerɛɛ faako a asase ne onipa a ɔte so no fi bae, na wɔyeyɛɛ amanne, na wɔbɔɔ afɔre ahorow a ɛyɛ aniwu a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ na ama nnipa atumi awo na nnɔbae aba na wɔadi ɔko mu nkonim.

23. (a) Bere a na nnipa no fi Babilon retrɛw akɔ no, dɛn na wɔde kaa wɔn ho kɔe, na dɛn na efii mu bae? (b) Din bɛn na Adiyisɛm de frɛ atoro som ahemman a ɛwɔ wiase nyinaa no? (d) Dɛn na atoro som ako atia bere nyinaa?

23 Bere a nnipa a wɔka kasa horow a wofi Babilon no hwete kɔɔ asase so nyinaa no, wɔde Babilon nyamesom kaa wɔn ho kɔe. Enti, amanne ne gyidi horow a ɛte sɛ tete Babilon de no ara trɛwee wɔ wɔn a wodii kan kɔtraa Europa, Afrika, Amerika, Akyirikyiri Apuei ne Kesee Fam Po Ahorow mu no mu; na gyidi horow yi mu pii da so ara wɔ hɔ nnɛ. Ɛnde, ɛfata sɛ Adiyisɛm ka atoro som ahemman a ɛwɔ wiase nyinaa no ho asɛm sɛ kuropɔn a wɔfrɛ no Babilon Kɛse. (Adiyisɛm, atiri 17, 18) Baabiara a wogu atoro som wɔ hɔ no, afifi asɔfodi a ɛhyɛ nnipa so, gyidi hunu, nim a wonnim de, ne ɔbrasɛe. Ayɛ Satan nsam adwinnade a ɛwɔ tumi. Babilon Kɛse ako atia Amansan Hene Yehowa nokware som denneennen bere nyinaa.

24. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Ɔwɔ no tumi kaa ɔbea no Aseni no “nantin”? (b) Dɛn nti na wɔka ɔbea no aseni nantin a wɔkaa no ho asɛm sɛ nantin kuru bi ara kwa?

24 Sɛ́ Ɔwɔ no asefo a wɔn ho wɔ asɛm sen biara no, afeha a edi kan no mu Yudasom akyerɛwfo ne Farisifo dii anim wɔ ɔbea no aseni no nanmusifo otitiriw a wɔtaa no no mu, na awiei koraa no, wokum no. Enti, Ɔwɔ no tumi ‘kaa aseni no nantin.’ (Genesis 3:15; Yohane 8:39-44; Asomafo no Nnwuma 3:12, 15) Dɛn nti na wɔka eyi ho asɛm sɛ nantin kuru bi kɛkɛ? Efisɛ saa opira yi nyaa no so tumi bere tiaa bi pɛ wɔ asase so ha. Antra hɔ daa, efisɛ Yehowa nyan Yesu da a ɛto so abiɛsa no, na ɔmaa no so kɔɔ honhom asetra mu.​—Asomafo no Nnwuma 2:32, 33; 1 Petro 3:18.

25. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no ayɛ ade atia Satan ne n’abɔfo dedaw? (b) Bere bɛn na wobeyi Satan asase so asefo no afi hɔ? (d) Sɛ Onyankopɔn ɔbea no Aseni bɔ Satan, ɔwɔ no, “ti” a, dɛn na ɛbɛkyerɛ?

25 Mprempren, Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no som wɔ Onyankopɔn nifa, na ɔrebu Yehowa atamfo ntɛn. Wayɛ ade atia Satan ne n’abɔfo dedaw, atow wɔn akyene fam, na wama wɔn dwumadi atra asase yi so nko—ade a ama amanehunu adɔɔso wɔ yɛn bere yi mu. (Adiyisɛm 12:9, 12) Nanso Satan asase so asefo a wobeyi wɔn afi hɔ a wɔaka ho asɛm asie no bɛba bere a Onyankopɔn bu Babilon Kɛse ne Satan asase so ahyehyɛde no afã horow nyinaa ntɛn no. Awiei no, Onyankopɔn ɔbea no Aseni, Yesu Kristo, bɛbɔ Satan, ɔwɔ dedaw onitefo no “ti,” na nea ɛbɛkyerɛ ne sɛ wɔbɛsɛe no pasaa na wɔayi no afi adesamma nsɛm mu koraa.​—Romafo 16:20.

26. Dɛn nti na ɛho hia yiye sɛ yɛhwehwɛ Adiyisɛm mu nkɔmhyɛ no mu?

26 Ɛbɛyɛ dɛn na eyi nyinaa aba? Ɛno na woyi kyerɛ yɛn wɔ Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm mu no. Woyi adi kyerɛ yɛn wɔ anisoadehu ahorow a ɛtoatoa so a wɔnam sɛnkyerɛnne ne nhwɛsode ahorow a ɛyɛ nwonwa so ada no adi no mu. Momma yɛmfa ahopere nhwehwɛ nkɔmhyɛ a tumi wom yi mu. Sɛ yetie Adiyisɛm no mu nsɛm na yedi so a, anigye ne yɛn ampa! Ɛdenam saayɛ so no, yebenya Amansan Hene Yehowa din anuonyamhyɛ no mu kyɛfa ne daa nhyira. Yɛsrɛ wo, kɔ so kenkan, na fa nea wuhu no di dwuma nyansa mu. Ebetumi ama woanya nkwa wɔ adesamma abakɔsɛm awiei bere yi mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 13 adaka/mfonini]

Adwumayɛ ho tete cuneiform kyerɛwtohɔ ahorow

Nhoma Ancient Near Eastern Texts a ne samufo ne James B. Pritchard no ka mmara ahorow bɛyɛ 300 a Hammurabi kyerɛwee wɔ Babilonfo mmere so ho asɛm. Eyi kyerɛ sɛ na ehia sɛ wɔbara nsisi kɛse a na ɛda adi sɛ ɛkɔ so wɔ aguadi mu saa bere no. Nhwɛso bi ni: “Sɛ aban panyin bi atɔ anaa ogye dwetɛ anaa sika anaa akoa anaa afenaa anaa nantwi anaa oguan anaa afurum anaa ade foforo biara fi aban panyin bi ba anaa aban panyin bi akoa hɔ sɛ ɔde resie, na adansefo ne nhyehyɛe krataa biara nni ho a, esiane sɛ saa ɔpanyin no yɛ owifo nti, wobekum no.”