Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Due a Ɛto so Abien—Dɔm a Wɔtete Apɔnkɔ So

Due a Ɛto so Abien—Dɔm a Wɔtete Apɔnkɔ So

Ti 23

Due a Ɛto so Abien—Dɔm a Wɔtete Apɔnkɔ So

1. Mmɔden a asɔfo abɔ sɛ wɔbɛtɔre mmoadabi no ase no nyinaa akyi no, dɛn na aba, na dɛn na due abien a ɛbɛba bio no kyerɛ?

EFI 1919 reba no, sɛnkyerɛnne kwan so mmoadabi no ntua a wɔde ba Kristoman so no ama asɔfo ho ahiahia wɔn pii. Wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre mmoadabi no ase, nanso eyinom ho akɔ so ayɛ den sen daa. (Adiyisɛm 9:7) Na ɛnyɛ ne nyinaa nen! Yohane kyerɛw sɛ: “Due biako atwam. Hwɛ, eyi akyi due abien da so reba.” (Adiyisɛm 9:12) Ɔhaw afoforo a ɛde ahoyeraw ba da so wɔ hɔ ma Kristoman.

2. (a) Dɛn na ɛba bere a ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛn ne torobɛnto no? (b) Dɛn na “nne biako a efi sika afɔremuka no mmɛn no mu” no gyina hɔ ma? (d) Dɛn nti na wɔbɔ abɔfo baanan din?

2 Ɛhe na due a ɛto so abien no fi? Yohane kyerɛw sɛ: “Na ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛnee. Na metee nne biako a efi sika afɔremuka a esi Onyankopɔn anim no mmɛn anan no mu sɛ ɛka kyerɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a ɔwɔ torobɛnto no sɛ: Sansan abɔfo baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛse Eufrate ho no.” (Adiyisɛm 9:13, 14) Saa abɔfo a wogyaa wɔn no yɛ nea wɔde bua ɛnne a efi sika afɔremuka no mmɛn no mu no. Eyi ne sika aduhuam afɔremuka no, na mprenu ansa na eyi reba no, na wɔde sika nkuruwa a efi afɔremuka yi so no mu aduhuam abata ahotefo mpaebɔ ho. (Adiyisɛm 5:8; 8:3, 4) Enti, ɛnne biako yi gyina hɔ ma ahotefo a wɔwɔ asase so no mpaebɔ a wɔaka abom. Wɔsrɛ sɛ wonnye wɔn na wɔmfa ahoɔden nkɔ so nsom sɛ wɔn a Yehowa “asoma wɔn,” efisɛ eyi ne Hela kasa mu asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “abɔfo” no asekyerɛ ankasa. Dɛn nti na wɔyɛ abɔfo baanan? Ɛte sɛ nea saa sɛnkyerɛnne kwan so akontaahyɛde yi reyɛ akyerɛ sɛ wɔbɛhyehyɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkata asase no nyinaa so.​—Adiyisɛm 7:1; 20:8.

3. Na ɔkwan bɛn so na ‘wɔasa abɔfo baanan no asubɔnten kɛse Eufrate ho?’

3 Na ɔkwan bɛn so na ‘wɔasesa saa abɔfo no wɔ asubɔnten kɛse Eufrate ho’? Tete no, na Eufrate asubɔnten no ne asase a Yehowa de hyɛɛ Abraham bɔ no hye a ɛwɔ atifi fam apuei. (Genesis 15:18; Deuteronomium 11:24) Ɛda adi pefee sɛ na wɔasiw abɔfo no kwan wɔ asase a Onyankopɔn de ama wɔn anaasɛ baabi a wodi dwuma wɔ asase so no hye so, na na wɔasiw wɔn kwan wɔ adwuma a Yehowa asiesie ama wɔn a wɔde wɔn ho nyinaa bɛhyɛ ne yɛ mu no ho. Afei nso na wɔde Eufrate bata Babilon kuropɔn no ho yiye, na Yerusalem asehwe wɔ 607 A.Y.B. mu akyi no, honam fam Israelfo kodii hɔ mfirihyia 70 wɔ nnommumfa mu, a ná “wɔakyekyere wɔn asubɔnten kɛse Eufrate no ho.” (Dwom 137:1) Afe 1919 bɛtoo honhom mu Israelfo a wɔakyekyere wɔn asiw wɔn kwan saa ara, ná wɔn werɛ ahow na ná wobisa Yehowa hɔ akwankyerɛ.

4. Adwuma bɛn na wɔde ahyɛ abɔfo baanan no nsa, na ɔkwan bɛn so na wɔayɛ awie?

4 Nea ɛyɛ anigye no, Yohane betumi abɔ amanneɛ sɛ: “Na wɔsansan abɔfo baanan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn ne ɛda ne ɔsram ne afe sɛ wonkunkum nnipa nkyem abiɛsa mu biako.” (Adiyisɛm 9:15, NW) Yehowa yɛ Bere sodifo a onim bere pɛpɛɛpɛ. Ɔwɔ bere nhyehyɛe na odi so. Enti ogyaa abɔfo yi wɔ ne bere mu pɛpɛɛpɛ ne ntɛm, na wɔawie nea wɔwɔ yɛ no. Wo de hwɛ anigye ara a wonyae bere a wofii nnommumfa mu bae wɔ 1919 mu a, na wɔasiesie wɔn ho ama adwumayɛ no! Na wɔde adwuma ahyɛ wɔn nsa a ɛnyɛ sɛ wɔbɛhaw nkurɔfo nko na mmom awiei no na ‘wobekunkum nnipa nkyem a ɛto so abiɛsa’ nso. Eyi fa ɔhaw ahorow a torobɛnto hyɛn anan a edi kan no bɔɔ ho dawuru, a ɛkaa asase, ɛpo, ɛpo mu abɔde, nsuaniwa ne nsubɔnten ne ɔsoro hann fibea ahorow no nkyem abiɛsa no ho. (Adiyisɛm 8:7-12) Abɔfo baanan no kɔɔ akyiri sen saa. ‘Wokunkum,’ a ɛkyerɛ sɛ wɔpa Kristoman honhom mu owu tebea no ho ntama wie koraa. Atemmusɛm ahorow a ɛte sɛ nea wɔde torobɛnto na ɛbɔɔ no dawuru, a wofii ase wɔ 1922 mu a atoa so abedu mprempren no na ayɛ eyi.

5. Kristoman fam no, ɔkwan bɛn so na wɔmaa torobɛnto a ɛto so asia no hyɛn no gyigyei wɔ 1927 mu?

5 Kae sɛ, ɔsoro ɔbɔfo no hyɛn torobɛnto a ɛto so asia no nkyɛe ɛ. Nea ɛne eyi hyia no, wɔyɛɛ Bible Asuafo amanaman ntam nhyiam ahorow a wɔyɛ no afe afe no mu nea ɛto so asia no wɔ Toronto, Ontario, Canada. Wɔnam radio dwumadibea ahorow 53 so de Kwasida, July 24, 1927 dwumadi no baa radio so a na ɛne nsɛm a wɔbɔɔ no dawuru kɔɔ akyiri kɛse sen biara de besi saa bere no. Saa nkrasɛm a wɔde ano ka no koduu atiefo a wɔn dodow bedu ɔpepem pii nkyɛn. Nea edi kan no tirimbɔ bi a emu yɛ den paa Kristoman ho ntama sɛ awu honhom mu na ɛtoo nsa frɛe sɛ: “Adwenem basaayɛ bere yi mu no, Yehowa Nyankopɔn kyerɛ nkurɔfo sɛ wonnyaw ‘Kristoman’ anaa ‘Kristosom a wɔahyehyɛ’ na wɔntwe wɔn ho na wɔnnan wɔn ho mfi ho koraa . . . [ma] nkurɔfo mfa wɔn koma ahofama ne nokwaredi nyinaa mma Yehowa Nyankopɔn ne ne Hene ne ahenni no.” Na “Amanaman Ahofadi” ne baguam asɛm a edii akyi no asɛmti. J. F. Rutherford na ɔmaa ɔkasa yi wɔ ne kwan a ɔtaa fa so kasa ahoɔden so, sɛnea ɛfata “ogya ne wusiw ne sufre” a ɛno akyi Yohane hu wɔ anisoadehu mu no so.

6. Yohane ka dɔm a wɔtete apɔnkɔ so a akyiri yi ohu wɔn no ho asɛm dɛn?

6 “Na ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so no ano si ɔpedu ahorow ɔpeduonu, na metee wɔn ano a wosi. Na sɛnea mihuu apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so no, anisoadehu no mu ni: Wɔwɔ ogya ne afasebiri ne sufre nkatabo, na apɔnkɔ no ti te sɛ agyata ti, na ogya ne wusiw ne sufre fifi wɔn anom. Wɔnam ɔhaw abiɛsa yi so de gya ne wusiw ne sufre a efifi wɔn anom no so kunkum nnipa nkyem a ɛto so abiɛsa.”—Adiyisɛm 9:16-18.

7, 8. (a) Hena akwankyerɛ ase na dɔm a wɔtete apɔnkɔ so no tu wɔn mmirika no? (b) Akwan bɛn so na dɔm a wɔtete apɔnkɔ so no te sɛ mmoadabi a edii wɔn anim no?

7 Ɛda adi pefee sɛ apɔnkɔsotefo yi bɔ kirididi fi kɔ wɔ abɔfo baanan no akwankyerɛ ase. Ade a ɛyɛ hu bɛn ara ni! Wo de dwen ho hwɛ sɛ dɛn na anka wobɛyɛ, sɛ wo na apɔnkɔsotefo a wɔte sɛɛ reba wo so a! Hwɛbea no ankasa bɛma wo koma atu. Nanso so wohyɛɛ no nsow sɛnea apɔnkɔsotefo yi sɛ mmoadabi a edii wɔn anim bae no anaa? Na mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ; apɔnkɔ ɛdɔm no mu, ɛnde abien no nyinaa ho asɛm wɔ teokrase akodi mu. (Mmebusɛm 21:31) Mmoadabi no wɔ ɛse a ɛte te sɛ gyata se; ɛdɔm no mu apɔnkɔ no wɔ ti a ɛte sɛ gyata ti. Enti wɔde abien no nyinaa ka Yuda abusua mu gyata, ɔkokodurufo Yesu Kristo a ɔne wɔn Panyin, Ɔsahene, ne Nhwɛsofo no ho.​—Adiyisɛm 5:5; Mmebusɛm 28:1.

8 Mmoadabi no ne dɔm a wɔtete apɔnkɔ so no nyinaa nya Yehowa atemmu adwuma no mu kyɛfa. Mmoadabi no fi wusiw a ɛkyerɛ due ne ɔsɛe gya ma Kristoman no mu na ɛbae; na ogya, wusiw ne sufre pue fi apɔnkɔ no anom. Mmoadabi no wɔ dade nkatabo, a ɛkyerɛ sɛ wɔde wɔn ho a wɔde ama trenee a biribiara ntumi nnan no no abɔ wɔn koma ho ban; dɔm a wɔtete apɔnkɔ so no hyehyɛ nkatabo kɔkɔɔ, afasebiri ne akokɔsrade, a ɛkyerɛ ogya, wusiw ne sufre atemmusɛm a ekum nnipa a etu fi apɔnkɔ no anom no. (Fa toto Genesis 19:24, 28; Luka 17:29, 30 ho.) Na mmoadabi no wɔ dua te sɛ akekantwɛre a wɔde bɛhaw nnipa; apɔnkɔ no wɔ dua a ɛte sɛ awɔ a wɔde bekunkum nnipa! Ɛte sɛ nea apɔnkɔsotefo no bɛtoa nea mmoadabi no fii ase no so ma emu ayɛ den akyɛn so akosi n’awiei.

9. Dɛn ho mfonini na dɔm a wɔtete apɔnkɔ so no yɛ?

9 Enti, dɛn ho mfonini na dɔm a wɔtete apɔnkɔ so yi yɛ? Sɛnea Yohane kuw a wɔasra wɔn no fii Yehowa aweredi atemmu te sɛ nea wɔhyɛn torobɛnto a wɔka tia Kristoman, na wɔmaa wɔn tumi sɛ ‘wɔmmobɔ no na wompira no’ no ase no, saa ara na yɛbɛhwɛ kwan sɛ wɔde ateasefo kuw koro no ara bedi dwuma de ‘akunkum’ wɔn, ne sɛ wɔbɛma wɔahu sɛ Kristoman ne n’asɔfo awu korakora honhom fam, a Yehowa atow wɔn akyene na wɔasiesie wɔn ama daa ɔsɛe “gya fononoo no.” Ampa, ɛsɛ sɛ Babilon Kɛse no nyinaa sɛe. (Adiyisɛm 9:5, 10; 18:2, 8; Mateo 13:41-43) Nanso, sɛ nea ebedi ne sɛe anim no, Yohane kuw no de “honhom mu nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm” no di dwuma, de da Kristoman owu tebea no adi. Abɔfo baanan no ne apɔnkɔsotefo no de sɛnkyerɛnne kwan so kum a wokunkum “nnipa no nkyem abiɛsa” yi ho akwankyerɛ ma. (Efesofo 6:17; Adiyisɛm 9:15, 18) Eyi kyerɛ nhyehyɛe pa ne teokrase akwankyerɛ wɔ Awurade Yesu Kristo hwɛ ase bere a Ahenni adawurubɔfo kuw a wɔn ho yɛ hu no fi adi kɔ ɔko no.

Ɔpedu Ahorow Ɔpeduonu

10. Dɔm a wɔtete apɔnkɔ so ɔpedu ahorow ɔpeduonu a wɔwɔ hɔ no ase ne dɛn?

10 Wɔbɛyɛ dɛn anya ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so ɔpedu ahorow ɔpeduonu? Borɔfo kasa myriad no asekyerɛ ankasa ne 10,000. Enti myriad ahorow myriad abien no dodow bɛyɛ ɔpepem 200. * Nea ɛyɛ anigye no, Ahenni adawurubɔfo ɔpepem pii na wɔwɔ hɔ mprempren, nanso wɔn dodow nnu ɔpepehaha ho hwee! Nanso kae Mose nsɛm a ɛwɔ Numeri 10:36 no: “[Yehowa], san bra Israel mpem pedu ahorow no nkyɛn.” (Fa toto Genesis 24:60 ho.) Nea ɛbɛkyerɛ ankasa ne sɛ, ‘san bra Israel ɔpepedudu nkyɛn.’ Nanso, Mose bere so no, na Israelfo dodow bɛyɛ ɔpepem abien kɔ abiɛsa pɛ. Ɛnde, na Mose kyerɛ dɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛwɔ n’adwene mu sɛ ɛsɛ sɛ Israelfo dodow yɛ nea enni ano sɛ “ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea,” a wontumi nkan wɔn. (Genesis 22:17; 1 Beresosɛm 27:23) Enti ɔde asɛmfua a egyina hɔ ma “myriad” no dii dwuma de kyerɛɛ dodow kɛse a wonnim ano pɔtee. Enti, The New English Bible ka wɔ nkyekyem yi mu sɛ: “Home, Israel mpempem a wonni ano no AWURADE.” Eyi ne asɛmfua a egyina hɔ ma “myriad” a wohu wɔ Hela ne Hebri nsɛm asekyerɛ nhoma ahorow mu no nkyerɛase a ɛto so abien no hyia sɛ: “nnipakuw yuu a wontumi nkan wɔn,” “nnipakuw.”—The New Thayer’s Greek-English Lexicon of the New Testament; A Hebrew and English Lexicon of the Old Testament, a Gesenius yɛe na Edward Robinson kyerɛɛ ase.

11. Dɛn na ebehia na Yohane kuw no abɛyɛ ɔpedu ahorow wɔ sɛnkyerɛnne kwan so mpo?

11 Nanso Yohane kuw no mufo a wɔaka a wɔda so ara wɔ asase so no sua sen 10,000—wosua sen myriad ankasa biako. Ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi de wɔn atoto ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so mpempem a wonni ano no ho? Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɛyɛ myriad sɛnkyerɛnne kwan so mpo no, so ɛrenhia wɔn ahokafo anaa? Nea ehia wɔn nen, na ɛdenam Yehowa ayamye kɛse so no, nea wɔn nsa aka nen! Eyinom fi he na aba?

12, 13. Abakɔsɛm mu nsɛm a esisii fi 1918 kosi 1935 mu bɛn na ɛkyerɛɛ baabi a wɔn a wɔbɛkaa ho no fi?

12 Efi 1918 kosi 1922 mu no, Yohane kuw no fii ase de anidaso a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ “ɔpepem pii a wɔte ase nnɛ renwu da” no maa adesamma a wɔahaw. Wɔ 1923 mu no wɔma wohui nso sɛ Mateo 25:31-34 mu nguanten no benya nkwa wɔ asase so Onyankopɔn Ahenni ase. Anidaso a ɛte saa ara na wɔde mae wɔ nhomawa Freedom for the Peoples a woyii adi wɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ 1927 mu no ase no mu. Wɔ 1930 mfe no mfiase pɛɛ no, wɔdaa no adi sɛ Yonadab kuw a wɔyɛ teefo ne ‘nnipa a wogu ahome na wosi apini’ Kristoman honhom mu tebea a ɛyɛ awerɛhow no ho no ne sɛnkyerɛnne kwan so nguanten a wɔwɔ asase so nkwa ho akwanhwɛ no nyinaa yɛ ade koro. (Hesekiel 9:4; 2 Ahene 10:15, 16) Watchtower a ɛbae August 15, 1934 mu no rekyerɛ wɔn a wɔte saa no kwan akɔ nnɛyi “guankɔbea nkurow” no mu no, ɛkae sɛ: “Wɔn a wɔyɛ Yonadab kuw no mufo no ate Onyankopɔn torobɛnto no nnyigyei na wɔatie kɔkɔbɔ no denam Onyankopɔn ahyehyɛde mu no a wobeguan aba de wɔn ho abɛbɔ Onyankopɔn nkurɔfo no so, na ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wɔtra.”—Numeri 35:6.

13 Wɔ 1935 mu no, wɔhyɛɛ da too nsa frɛɛ wɔn a wɔyɛ Yonadab kuw no mufo yi sɛ wɔnkɔ Yehowa Adansefo nhyiam a wɔyɛe wɔ Washington, D.C., U.S.A., no ase. Ɛhɔ na Fida, May 31 no, J. F. Rutherford maa ne kasa a agye din a ɛne “Nnipakuw Kɛse No,” na emu na ɔkyerɛe pefee sɛ Adiyisɛm 7:9 kuw yi ne Mateo 25:33 nguanten no yɛ ade koro—kuw a wɔahyira wɔn ho so a wɔwɔ asase so anidaso. Sɛ nneɛma a ɛbɛba ho nhwɛso no, wɔbɔɔ Adansefo afoforo 840 asu wɔ saa nhyiam no ase, na na wɔn mu dodow no ara yɛ nnipakuw kɛse no mufo. *

14. Nnipakuw kɛse no benya kyɛfa wɔ sɛnkyerɛnne kwan so dɔm a wɔtete apɔnkɔ so no ntua no mu anaa, na tirimbɔ bɛn na wɔyɛe wɔ 1963 mu?

14 So nnipakuw kɛse yi anya ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so no ntua a efii ase 1922 mu, na wosii so dua titiriw wɔ Toronto nhyiam a wɔyɛɛ no 1927 mu no ase no mu kyɛfa? Abɔfo baanan a wɔne Yohane kuw a wɔasra wɔn no akwankyerɛ ase no, ayɛ saa ampa! “Daa Asɛmpa” Nhyiam a wɔyɛɛ no wiase nyinaa wɔ 1963 mu ase no, wɔne Yohane kuw no boom yɛɛ tirimbɔ bi a ɛkanyan nnipa. Eyi kae sɛ wiase no “hyia ɔhaw bi a emu yɛ den a wonhuu ɛso bi da, na wɔbɛwosow n’amammui nhyehyɛe horow no nyinaa ne ne nnɛyi Babilon nyamesom abubu no pasaa.” Wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ “yɛbɛkɔ so aka daa asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Mesia ahenni ne n’atemmu ahorow ho a ɛte sɛ ɔhaw ahorow ma n’atamfo nanso wobedi ho dwuma ma wɔde agye nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsɔre Onyankopɔn, Ɔbɔadeɛ no, honhom ne nokware mu sɛnea ɛsɔ n’ani no akyerɛ aman nyinaa a animhwɛ nni mu.” Nhyiamfo a wɔn dodow ano si 454,977 a wɔn mu bɛboro ɔha biara mu nkyem 95 yɛ nnipakuw kɛse no mufo de anigye gyee tirimbɔ yi toom wɔ nhyiam ahorow 24 a wɔyɛ no wiase nyinaa no ase.

15. (a) Wɔ 2005 mu no, na nnipakuw kɛse no yɛ dɔm a Yehowa de wɔn di dwuma wɔ asɛnka adwuma no mu no ɔha biara mu nkyem ahe? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu mpaebɔ a ɛwɔ Yohane 17:20, 21 no ka biakoyɛ a ɛda nnipakuw kɛse no ne Yohane kuw no ntam no ho asɛm?

15 Nnipakuw kɛse no akɔ so apae mu aka biako a wɔne Yohane kuw no ayɛ koraa wɔ ɔhaw ahorow a wohwie gu Kristoman so no mu. Wɔ 2005 mu no, na nnipakuw kɛse yi yɛ nnipadɔm a Yehowa de wɔn di dwuma de ka asɛm no mu bɛboro ɔha biara mu nkyem 99.8. Emufo fi wɔn koma nyinaa mu ne Yohane kuw a Yesu bɔɔ wɔn ho mpae wɔ Yohane 17:20, 21 sɛ: “Na ɛnyɛ eyinom nkutoo nti na mesrɛ, na wɔn a wɔnam wɔn asɛm so begye me adi nso nti, sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me” no ayɛ biako. Bere a Yohane kuw a wɔasra wɔn no di anim wɔ Yesu ase no, nnipakuw kɛse mmɔdenbɔfo no ne wɔn nya ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so no ntua a ɛsɛe ade sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu no mu kyɛfa! *

16. (a) Yohane ka sɛnkyerɛnne kwan so apɔnkɔ no ano ne wɔn dua ho asɛm dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔasiesie Yehowa nkurɔfo ano ama ɔsom? (d) Dɛn na ɛne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “wɔn dua te sɛ awɔ” no hyia?

16 Saa dɔm a wɔtete apɔnkɔ so no hia akode ma akodi no. Yehowa de eyi ama ma ɛyɛ nwonwa! Yohane ka ho asɛm sɛɛ se: “Na apɔnkɔ no ahoɔden wɔ wɔn ano ne wɔn dua mu. Na wɔn dua no te sɛ awɔ, na ɛwowɔ ti, na ɛno na wɔde haw.” (Adiyisɛm 9:19) Yehowa ahyɛ n’asomfo a wɔahyira wɔn ho so na wɔabɔ wɔn asu no ama ɔsom yi. Ɛdenam Teokrase Ɔsom Sukuu ne asafo nhyiam afoforo ne sukuu ahorow so no, wɔakyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛka asɛm no, ma enti wotumi de “asuafo tɛkrɛma” ka asɛm tumi so. Ɔde ne nsɛm ahyɛ wɔn anom, na wasoma wɔn sɛ wɔnkɔka n’atemmu ahorow no nkyerɛ “gua so ne afi mu.” (2 Timoteo 4:2; Yesaia 50:4; 61:2; Yeremia 1:9, 10; Asomafo no Nnwuma 20:20) Yohane kuw no ne nnipakuw kɛse no gyaw nkrasɛm a ano yɛ hyew a ɛte sɛ “du” a ɛne Bible, nhoma akɛse, nhomawa ne nsɛmma nhoma ɔpepem pii a wɔakyekyɛ wɔ mfe no mu no wɔ wɔn akyi. Wɔ wɔn a wɔne wɔn di asi a wɔaka “ɔhaw” a efi Yehowa hɔ reba no ho asɛm akyerɛ wɔn no ani so no, saa dɔm a wɔtete apɔnkɔ so yi te sɛ ɔpedu ahorow ɔpeduonu ma wɔn.​—Fa toto Yoel 2:4-6 ho.

17. So Yehowa Adansefo nya kyɛfa bi wɔ dɔm a wɔtete apɔnkɔ so no ntua no mu wɔ nsase a esiane adwuma no a wɔabara wɔ hɔ nti wontumi nkyekyɛ nhoma wɔ hɔ no anaa? Kyerɛkyerɛ mu?

17 Anuanom a wɔwɔ nsase a wɔabara Yehowa Adansefo adwuma wɔ hɔ so no yɛ dɔm a wɔtete apɔnkɔ so yi mu fa a wɔbɔ mmɔden yiye. Te sɛ nguan a wɔwɔ mpataku mfinimfini no, ɛsɛ sɛ eyinom yɛ ‘anifere sɛ awɔ, na wɔyɛ kronn sɛ mmorɔnoma.’ Osetie a wɔyɛ ma Yehowa no mu no, wontumi nnyae nea wɔahu na wɔate no ho asɛnka. (Mateo 10:16; Asomafo no Nnwuma 4:19, 20; 5:28, 29, 32) Esiane sɛ nhoma ahorow kakraa bi na wɔwɔ anaasɛ wonni bi koraa a wɔbɛkyekyɛ no baguam nti, so ɛsɛ sɛ yesusuw sɛ wonni kyɛfa wɔ dɔm a wɔtete apɔnkɔ so no ntua no mu anaa? Dabi! Wɔn ano wɔ hɔ na wɔanya tumi afi Yehowa hɔ sɛ wɔmfa nni dwuma mfa nka Bible mu nokware no nkyerɛ. Eyi na wɔyɛ, bɔnnɔ so ne ɔkwan a ɛdan nnipa adwene so, na wɔne nkurɔfo hyehyɛ Bible adesua na “wɔdan nnipa bebree kɔ trenee mu.” (Daniel 12:3) Ɛwom sɛ ebia wɔmfa wɔn dua nwɔ a ɛkyerɛ sɛ wonnyaw nhoma ahorow a ɛka nsɛm penpen wɔ wɔn akyi de, nanso sɛnkyerɛnne kwan so ogya, wusiw ne sufre fi wɔn anom bere a wɔde anifere ne nhumu di Yehowa din ho san da a ɛreba no ho adanse no.

18. Kasa horow ahe mu ne dodow ahe na dɔm a wɔtete apɔnkɔ so yi akyekyɛ ɔhaw nkrasɛm a wɔatintim no ama akodu?

18 Wɔ mmeae afoforo no, Ahenni nhoma ahorow no kɔ so pa Kristoman Babilon nkyerɛkyerɛ ne akwan horow no ho ntama, de ɔhaw a ɛfata no ba no so sɛnkyerɛnne kwan so. Esiane akwan a nnɛ wɔfa so tintim nhoma nti, saa dɔm a wɔtete apɔnkɔ so bebree yi atumi de mfe 68 akyekyɛ Bible, nhoma, nsɛmma nhoma ne nhomawa ɔpepepem pii wɔ asase so kasa horow bɛboro 450 mu ansa na 2005 reba—ɛdɔɔso koraa sen ɔpedu ahorow ɔpeduonu ankasa mpɛn pii. Saa dua no awowɔ nkurɔfo yiye ma atumi wɔn!

19, 20. (a) Ɛwom sɛ Kristoman ne ɔhaw nkrasɛm ntua ahorow no botae titiriw de, nanso ɔkwan bɛn so na ebinom a wɔwɔ nsase a ɛwɔ Kristoman akyi akyirikyiri no so no ayɛ wɔn ade wɔ ho? (b) Yohane ka nea nnipa dodow no ara yɛ no ho asɛm dɛn?

19 Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔhaw nkrasɛm yi nkunkum “nnipa nkyem abiɛsa.” Enti, nea ɛfa ne ho pɔtee ne Kristoman. Nanso adu nsase a ɛwɔ Kristoman akyi akyirikyiri nso hɔ, a bebree a wonim Kristoman nyamesom nyaatwom no yiye wɔ hɔ no nso ka ho. So nkurɔfo a wɔwɔ nsase yi so no atwiw abɛn Yehowa esiane ɔhaw a ɛba saa nyamesom ahyehyɛde a aporɔw yi so a wohu no nti anaa? Bebree ayɛ saa! Ahobrɛasefo a wɔdɔ wɔn na wɔtete mmeae ahorow a Kristoman nkɛntɛnso nni hɔ pɛɛ no de anigye agye so. Nanso nnipa no mu dodow no ara de, Yohane ka nea wɔyɛ no ho asɛm sɛ: “Na nnipa a aka a wɔankum wɔn ɔhaw horow yi mu no ansakra wɔn adwene amfi wɔn nsa ano nnwuma ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika—ne dwetɛ—ne ayowa—ne abo—ne—dua ahoni a enhu ade na ɛnte asɛm nanso entumi nantew. Na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn awi mu.” (Adiyisɛm 9:20, 21) Sakra a wiase nyinaa bɛsakra biara nni hɔ ma wɔn a wɔtete saa a wɔnsakra wɔn adwene no. Wɔn a wɔkɔ so ara wɔn akwammɔne no so no behyia Yehowa afobu ɛda kɛse a ɔbɛtew ne din ho no mu. Na “obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no, wobegye no nkwa.”—Yoel 2:32; Dwom 145:20; Asomafo no Nnwuma 2:20, 21.

20 Nea yɛaka ho asɛm mprempren no yɛ due a ɛto so abien no fã. Pii bɛba bio ansa na due yi to atwa, sɛnea yebehu wɔ atiri a edi so no mu no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Commentary on Revelation, a Henry Barclay Swete yɛe, no ka dodow a ɛne “myriad ahorow myriad abien” no ho asɛm sɛ; “Dodow pii yi nti, yentumi mmu ho akontaa ankasa, na nkyerɛkyerɛmu a edi so no boa saa gyinaesi yi.”

^ nky. 13 Hwɛ nkratafa 119-26; afei Vindication, Nhoma a Ɛto so Abiɛsa a Yehowa Adansefo tintimii 1932 no nkratafa 83-4.

^ nky. 15 Nea ɛnte sɛ mmoadabi no, dɔm a wɔtete apɔnkɔ so a Yohane hui no nhyɛ nea ɛte “sɛ sika abotiri.” (Adiyisɛm 9:7) Eyi ne nokwasɛm no hyia sɛ nnipakuw kɛse a wɔn na wɔyɛ dɔm a wɔtete apɔnkɔ so no mu fã kɛse no ara nnɛ no nni anidaso sɛ wobedi ahene wɔ Onyankopɔn ɔsoro Ahenni no mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 149 mfonini]

Torobɛnto a ɛto so asia no hyɛn da due a ɛto so abien no adi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 150, 151]

Abɔfo baanan no kyerɛ dɔm a wɔtete apɔnkɔ so ntua a ɛso sen biara wɔ abakɔsɛm mu no kwan

[Kratafa 153 mfonini ahorow]

Dɔm a wɔtete apɔnkɔ so a wɔn dodow nni ano no akyekyɛ nhoma ahorow a egyina Bible so ɔpepem pii

[Kratafa 154 mfonini]

Nnipa a aka no ansakra wɔn adwene