Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Due a Edi Kan—Mmoadabi

Due a Edi Kan—Mmoadabi

Ti 22

Due a Edi Kan—Mmoadabi

1. Henanom na wodi akyi bere a abɔfo no hyɛn wɔn torobɛnto no, na dɛn na torobɛnto hyɛn a ɛto so anum no bɔ ho dawuru?

ƆBƆFO a ɔto so anum no siesie ne ho sɛ ɔbɛhyɛn ne torobɛnto no. Ɔsoro torobɛnto anan agyigye dedaw, na wɔde ɔhaw ahorow anan agu asase nkyem abiɛsa mu biako a Yehowa bu no sɛ ne ho wɔ asɛm sen biara—Kristoman—no so. Wɔada ne wuyare tebea no adi. Ɛbere a abɔfo hyɛn torobɛnto no, adesamma adawurubɔfo nso di akyi wɔ asase so. Afei abɔfo torobɛntohyɛn a ɛto so anum no rebɛbɔ due a edi kan a ɛyɛ hu koraa sen nea abɛsen no ho amanneɛ. Ɛfa mmoadabi ɔhaw bi a ɛyɛ hu ho. Nanso, nea edi kan no, momma yɛnhwehwɛ kyerɛw nsɛm afoforo a ɛbɛboa yɛn ma yɛate ɔhaw yi ase yiye no mu.

2. Bible nhoma bɛn na ɛka mmoadabi ɔhaw bi a ɛte sɛ nea Yohane hui no ho asɛm, na tumi bɛn na enyaa wɔ tete Israel so?

2 Bible mu nhoma a ɛne Yoel a wɔkyerɛwee wɔ afeha a ɛto so akron A.Y.B. mu no ka ntuntummɛ a mmoadabi ka ho ɔhaw bi a ɛte sɛ nea Yohane hu no ho asɛm. (Yoel 2:1-11, 25) * Na ɛbɛma Israel a awae no ho ahia no pii nanso na ɛbɛma Yudafo ankorankoro asakra wɔn adwene na wɔasan aba Yehowa dom mu bio nso. (Yoel 2:6, 12-14) Sɛ saa bere no du a, Yehowa behwie ne honhom agu “ɔhonam nyinaa so,” na nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne abotusɛm bedi “[Yehowa] da kɛse a ɛyɛ hu no” anim.​—Yoel 2:11, 28-32.

Afeha a Edi Kan mu Ɔhaw

3, 4. (a) Bere bɛn na Yoel ti abien nyaa mmamu bi, na wɔ ɔkwan bɛn so? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔhaw bi a ɛte sɛ mmoadabi bebree bae wɔ afeha a edi kan Y.B. no mu, na ɔhaw no kɔɔ so kosii bere bɛn?

3 Yoel ti 2 no wɔ mmamu bi wɔ afeha a edi kan no mu. Saa bere no mu wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu na wohwiee honhom kronkron gui, wɔde sraa Kristofo a wodi kan no na ahyɛ wɔn den ma wɔaka “Onyankopɔn ade kɛse” no akyerɛ wɔ kasa horow pii mu. Nea efii mu bae ne sɛ nnipakuw kɛse boaboaa wɔn ho ano. Ɔsomafo Petro kasa kyerɛɛ bɛhwɛadefo a na wɔn ho adwiriw wɔn no, na ɔfaa asɛm fii Yoel 2:28, 29 kae na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ne mmamu na wɔrehu no. (Asomafo no Nnwuma 2:1-21) Nanso na kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ntuntummɛ ankasa haw bi bae wɔ saa bere no mu a ɛmaa ebinom ho hiaa wɔn na ɛmaa afoforo sakraa wɔn adwene.

4 So na sɛnkyerɛnne kwan so ɔhaw bi wɔ hɔ saa nna no mu anaa? Yiw, na ebi wɔ hɔ! Kristofo a wɔasra wɔn foforo no asɛnka a wɔannyae da no na ɛde bae. * Ɛdenam wɔn so no, Yehowa too nsa frɛɛ Yudafo a wotiei no sɛ wɔnsakra wɔn adwene na wɔanya ne hɔ nhyira horow. (Asomafo no Nnwuma 2:38-40; 3:19) Ankorankoro a wogye toom no nyaa ne dom wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa kɛse so. Na wɔn a wɔampene sɛ wobegye ɔfrɛ no so no de, afeha a edi kan Kristofo no bɛyɛɛ wɔn ani so sɛ mmoadabi bebree a wɔsɛe ade. Wofii ase fii Yerusalem trɛw kɔɔ Yudea nyinaa ne Samaria. Ankyɛ na woduu baabiara, na wɔnam Yesu wusɔre ne nea eyi kyerɛ nyinaa ho asɛm a wɔkaa no baguam no so haw Yudafo a wonnye nni no. (Asomafo no Nnwuma 1:8; 4:18-20; 5:17-21, 28, 29, 40-42; 17:5, 6; 21:27-30) Saa ɔhaw no kɔɔ so ara koduu “da a ɛyɛ hu” no mu wɔ 70 Y.B. mu, bere a Yehowa de Roma asraafo dɔm no baa Yerusalem so ma wɔbɛsɛee no no. Kristofo a wɔnam gyidi mu bɔɔ Yehowa din no nkutoo na wogyee wɔn nkwa.​—Yoel 2:32; Asomafo no Nnwuma 2:20, 21; Mmebusɛm 18:10.

Ɔhaw a Ntutummɛ De Ba Nnɛ

5. Ɔkwan bɛn so na Yoel nkɔmhyɛ no anya mmamu bi fi 1919 reba?

5 Ntease wom sɛ yebetumi ahwɛ Yoel nkɔmhyɛ no mmamu a edi akyiri kwan wɔ awiei bere yi mu. Eyi ayɛ nokware turodoo! Wɔ Bible Asuafo no nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A., wɔ September 1-8, 1919 mu ase no, Yehowa honhom a wohwie gui a ɛdaa adi yiye kanyan ne nkurɔfo ma wɔhyehyɛɛ wiase nyinaa asɛnka ɔsatu bi. Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nyinaa mu no, wɔn nkutoo na bere a wohui sɛ wɔde Yesu asi ahengua so sɛ ɔsoro Hene no, wɔbɔɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛka saa asɛmpa no wɔ mmaa nyinaa. Wɔn adansedi a wonnyae da a wɔde maa nkɔmhyɛ no baa mu no bɛyɛɛ sɛ ɔhaw a ɛma onipa ho yeraw no maa Kristoman a awae no.​—Mateo 24:3-8, 14; Asomafo no Nnwuma 1:8.

6. (a) Dɛn na Yohane hui bere a ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto no? (b) Hena ho mfonini na “nsoromma” yi yɛ, na dɛn ntia?

6 Adiyisɛm a wɔkyerɛw no Yerusalem sɛe akyi bɛyɛ mfe 26 no nso kaa saa ɔhaw no ho asɛm. Dɛn na ɛde ka nea Yoel kae no ho? Ma yɛnhwɛ kyerɛwtohɔ no sɛnea Yohane bɔɔ ho amanneɛ no: Na ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛnee. Na mihuu nsoromma bi a efi soro atɔ asase so, na wɔde ebun abura ano safe maa no. (Adiyisɛm 9:1) Ɛsono “nsoromma” yi wɔ nea ɛwɔ Adiyisɛm 8:10 a Yohane hui sɛ ɛretɔ fam no ho. Ohu “nsoromma bi a efi soro atɔ” asase so a afei wɔama no adwuma bi a ɛfa asase yi ho. So na ɔyɛ honhom anaasɛ ɔhonam nipa? Akyiri yi wɔkaa “ebun abura no ano safe” no kurafo yi ho asɛm sɛ ɔtow Satan kyene “bun no” mu. (Adiyisɛm 20:1-3) Enti na ɔbɛyɛ honhom nipa kɛse bi. Wɔ Adiyisɛm 9:11 no, Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ mmoadabi no wɔ “ɔhene a ɔyɛ bun no mu bɔfo.” Ɛbɛyɛ sɛ nkyekyem abien no nyinaa reka onipa koro no ara ho asɛm, efisɛ ntease wom sɛ ɔbɔfo a okura bun no ano safe no ara bɛyɛ bun no mu bɔfo no. Na ɛbɛyɛ sɛ nsoromma no yɛ Ɔhene a Yehowa apaw no no ho sɛnkyerɛnne, efisɛ ɔbɔfo biako a ɔyɛ Ɔhene a ɔne Yesu Kristo no, nkutoo na Kristofo a wɔasra wɔn no gye no tom.​—Kolosefo 1:13; 1 Korintofo 15:25.

7. (a) Dɛn na ɛba bere a wobue “bun” no ano no? (b) Dɛn ne “bun no,” na henanom na wokodii bere tiaa bi wom?

7 Asɛm no toa so sɛ: “Na obuee ebun abura no ano, na owusiw a ɛte sɛ ɔfononoo kɛse mu wusiw fii abura no mu, na owia ne ahunmu duruu sum, abura no mu wusiw no nti. Na mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛ asase so akekantwɛre tumi.” (Adiyisɛm 9:2, 3) Kyerɛwnsɛm mu no, “bun no” mu yɛ baabi a ahokeka biara nni, owu tebea mu. (Fa toto Romafo 10:7; Adiyisɛm 17:8; 20:1, 3 ho.) Yesu nuanom kuw ketewa no dii bere tiaa bi wɔ “bun” bi a ɛte saa a wontumi nyɛ hwee wom mu wɔ wiase ko a edi kan no awiei (1918-19). Nanso bere a Yehowa hwiee ne honhom guu ne nkoa a wɔanu wɔn ho no so wɔ 1919 mu no, wofii adi yuu kɔyɛɛ adwuma kɛse a ɛda wɔn anim no.

8. Ɔkwan bɛn so na “wusiw” kaa mmoadabi a wogyaa wɔn no ho bae?

8 Sɛnea Yohane hu no, owusiw kumɔnn kaa mmoadabi no a wogyaa wɔn no ho bae, te sɛ “ɔfononoo kɛse mu wusiw.” * Saa na ɛyɛe wɔ 1919 mu. Kristoman ne wiase no nyinaa duruu sum. (Fa toto Yoel 2:30, 31 ho.) Mmoadabi a wɔne Yohane kuw no a wogyaa wɔn no yɛɛ nkogudi maa Kristoman asɔfo a wɔayɛ nhyehyɛe abɔ pɔ bɔne sɛ wobegu Ahenni adwuma no koraa na afei wɔpow Onyankopɔn Ahenni no ampa. Adanse a ɛte sɛ wusiw kumɔnn fii ase trɛw kataa Kristoman a awae no so bere a wɔmaa mmoadabi kuw no tumi a efi soro na wofii ase de bɔɔ atemmusɛm ahorow a tumi wom dawuru no. Esum duruu Kristoman “owia”—ne hwɛbea a ɛte sɛ nea hann wom—no, na ɔsoro atemmu a wɔkae no maa “wim” yɛɛ kusuu bere a wɔkyerɛe sɛ wi yi ase “wim tumi no panyin” ne Kristoman nyame no.​—Efesofo 2:2; Yohane 12:31; 1 Yohane 5:19.

Saa Mmoadabi a Wɔde Ɔhaw ba No!

9. Ɔko ho akwankyerɛ bɛn na mmoadabi no nsa kae?

9 Ɔko ho ahyɛde bɛn na mmoadabi yi nya? Yohane bɔ amanneɛ sɛ: “Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asase so nwura anaa ahaban momono bi anaa dua biara, gye nnipa a wonni Nyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma so no nko. Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wonnkum wɔn, na mmom wɔnhaw wɔn asram anum. Na wɔn haw no te sɛ akekantwɛre a ɔka onipa bi de. Na nna no mu no, nnipa bɛhwehwɛ owu, na wɔrennya, na wɔbɛpɛ sɛ wowu nanso owu beguan wɔn.”—Adiyisɛm 9:4-6.

10. (a) Henanom titiriw so na wɔdan ɔhaw no kyerɛe, na ɛkaa wɔn dɛn? (b) Na aninyanne bɛn na ɛwom? (Hwɛ asehɔ asɛm no nso.)

10 Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ nnipa anaa wɔn mu atitiriw—‘asase so ahaban momono ne nnua’—no so na wodii kan de ɔhaw yi bae. (Fa toto Adiyisɛm 8:7 ho.) Wɔn a ɛsɛ sɛ mmoadabi no haw wɔn no ne nnipa a wonni Onyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma so, wɔn a wɔwɔ Kristoman mu a wose wɔasɔ wɔn ano nanso wɔn ho kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ nea wɔka no yɛ atoro no nkutoo. (Efesofo 1:13, 14) Enti nnɛ mmoadabi no nsɛm a ɛhaw nnipa no yɛ nea wɔka tiaa Kristoman nyamesom mpanyimfo no kan. Hwɛ sɛnea saa nnipa a wɔama wɔn ho so no ho bɛyeraw wɔn bere a wɔte sɛ wɔka no baguam pefee sɛ ɛnyɛ sɛ wɔantumi ankyerɛ wɔn nguankuw kwan ankɔ ɔsoro nko, na mmom wɔn ankasa nso renkɔ hɔ no! * Nokwarem no, na asɛm no ne sɛ ‘onifuraefo rekyerɛ onifuraefo kwan’!—Mateo 15:14.

11. (a) Wɔmaa mmoadabi no tumi sɛ wɔnhaw Onyankopɔn atamfo nkosi bere bɛn, na dɛn nti na ɛno nyɛ bere tiaa ankasa? (b) Ɔhaw no ano yɛ den dɛn?

11 Ayayade no dii asram anum. Sɛ wɔde toto ho a, so ɛno yɛ bere tiaa anaa? Sɛ wɔhwɛ no wɔ mmoadabi ankasa fam a, na ɛnyɛ bere tiaa. Asram anum yɛ saa nkoekoemmoa yi mu biara nkwa nna tenten. Enti bere tenten a nnɛyi mmoadabi no te ase no, wɔbɛkɔ so akeka Onyankopɔn atamfo. Afei, ahoyeraw no mu yɛ den araa ma nnipa hwehwɛ sɛ wowu. Ampa, yenni kyerɛwtohɔ biara a ɛkyerɛ sɛ wɔn a mmoadabi no kekaa wɔn no mu biara bɔɔ mmɔden sɛ obekum ne ho. Nanso asɛm no boa yɛn ma yɛyɛ sɛnea ahoyeraw no mu yɛ den no ho mfonini—te sɛ nkekantwɛre ntua a wonnyae da. Ɛte sɛ amanehunu a Yeremia hu siei sɛ ɛbɛba Israelfo a wɔanni nokware a na Babilonfo nkonimdifo no bɛbɔ wɔn apete na wɔapɛ owu mmom asen nkwa no so.​—Yeremia 8:3; hwɛ Ɔsɛnkafo 4:2, 3 nso.

12. Dɛn nti na wɔmaa mmoadabi no kwan sɛ wɔnhaw Kristoman nyamesom mpanyimfo no honhom mu nanso ɛnsɛ sɛ wokunkum wɔn?

12 Dɛn nti na wɔma kwan sɛ wɔnyɛ eyinom ayayade, honhom mu nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn? Eyi ne due a edi kan a wɔde paa Kristoman atoro ne nea antumi anyɛ no ho ntama, nanso akyiri yi bere a Awurade da no rekɔ anim no, wɔbɛbɔ ne honhom mu owu tebea no ho dawuru awie koraa. Due a ɛto so abien no mu na wobekunkum nnipa no mu nkyem abiɛsa mu biako.​—Adiyisɛm 1:10; 9:12, 18; 11:14.

Mmoadabi a Wɔasiesie Wɔn Ama Ɔko

13. Mmoadabi no hwɛbea te dɛn?

13 Su soronko bɛn na saa mmoadabi no wɔ sɛɛ yi! Yohane ka ho asɛm sɛ: “Na mmoadabi no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko de, na biribi wowɔ wɔn ti so te sɛ sika abotiri, na wɔn anim te sɛ nnipa anim. Na wɔwowɔ nhwi te sɛ mmea nhwi, na wɔn se te sɛ agyata se. Na wɔwowɔ nkatabo te sɛ dade nkatabo, na wɔn ntaban mu gyegyeegye te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔrekɔ ɔsa nteaseɛnam de.”—Adiyisɛm 9:7-9.

14. Dɛn nti na mmoadabi no ho asɛm a Yohane kae no fata Kristofo kuw a wɔsan kanyan wɔn wɔ 1919 mu no?

14 Eyi yɛ Kristofo anokwafo kuw a wɔkanyan wɔn wɔ 1919 mu no ho mfonini yiye. Te sɛ apɔnkɔ no, na wɔasiesie wɔn ho ama ɔko, a wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛko ama nokware wɔ ɔkwan a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm no so. (Efesofo 6:11-13; 2 Korintofo 10:4) Yohane hu nea ɛte sɛ sika ahemmotiri wɔ wɔn ti so. Ɛremfata sɛ wobenya ahemmotiri ankasa efisɛ womfi ase nni tumi bere a wɔda so wɔ asase so. (1 Korintofo 4:8; Adiyisɛm 20:4) Nanso wɔ 1919 mu no, na wɔanya ahene hwɛbea dedaw. Na wɔyɛ Ɔhene no nuanom, na na wɔde wɔn ɔsoro ahemmotiri no asie ama wɔn nanso gye sɛ wɔkɔ so di nokware kosi awiei.​—2 Timoteo 4:8; 1 Petro 5:4.

15. Dɛn na wɔde mmoadabi no (a) dade nkatabo (b) anim a ɛte sɛ nnipa de (d) nhwi a ɛte sɛ ɔbea de? (e) ɛse a ɛte sɛ agyata de? (ɛ) gyegyeegye bebree a wɔyɛ no kyerɛ?

15 Wɔ anisoadehu no mu no, na mmoadabi no wɔ dade nkatabo, a ɛyɛ trenee a hwee ntumi nsɛe no ho sɛnkyerɛnne. (Efesofo 6:14-18) Wɔwɔ anim a ɛte sɛ nnipa anim nso, na eyi kyerɛ ɔdɔ su esiane sɛ wɔyɛɛ onipa Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ no suban so nti. (Genesis 1:26; 1 Yohane 4:16) Wɔn ti nhwi yɛ atenten te sɛ ɔbea ti nhwi, a ɛyɛ wɔn ho ase a wɔbrɛ ma wɔn Hene, bun no mu bɔfo no ho mfonini ma ɛfata yiye. Na wɔn se sɛ gyata se. Gyata de ne se tetew nam. Efi 1919 mu no, Yohane kuw no atumi adi honhom mu aduan a ɛyɛ den bio, titiriw no nokware ahorow a ɛfa Onyankopɔn Ahenni a “Yuda abusuakuw mu gyata” di so no ho. Sɛnea gyata yɛ akokoduru ho sɛnkyerɛnne no, saa ara na na egye akokoduru kɛse ma wɔde adi nkrasɛm a emu yɛ den yi, na wɔde aba nhoma horow mu, na wɔakyekyɛ wɔ asase so nyinaa. Saa sɛnkyerɛnne kwan so mmoadabi no ayɛ gyegyeegye pii, te sɛ “apɔnkɔ bebree a wɔrekɔ ɔsa nteaseɛnam de.” Bere a wodi afeha a edi kan Kristofo nhwɛso akyi no, wɔnnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtra hɔ komm.​—1 Korintofo 11:7-15; Adiyisɛm 5:5.

16. Dɛn na “dua ne hweti a ɛte sɛ akekantwɛre” a mmoadabi no wɔ no kyerɛ?

16 Asɛnka yi kɔ akyiri sen asɛm a wɔde ano ka ara kwa! “Na wɔwowɔ dua te sɛ nkekantwɛre, na hweti wowɔ wɔn dua mu, na wɔn tumi ne sɛ wɔnhaw nnipa asram anum.” (Adiyisɛm 9:10) Dɛn na eyi betumi akyerɛ? Bere a Yehowa Adansefo nam nsɛm a wɔka ne nhoma a wɔatintim so kɔ so yɛ wɔn Ahenni adwuma no, wɔka nsɛm a tumi wom a egyina Onyankopɔn Asɛm so. Asɛm a wɔka no wowɔ te sɛ akekantwɛre efisɛ ɛbɔ Yehowa aweredi da a ɛreba no ho kɔkɔ. (Yesaia 61:2) Ansa na honhom mu mmoadabi no mprempren awo ntoatoaso no nkwa nna tenten bɛba awie no, na wɔawie adwuma a wofi soro ahyɛ sɛ wɔnka Yehowa atemmu ahorow nkyerɛ no yɛ—ma apira abususɛnkafo a wɔasen wɔn kɔn nyinaa.

17. (a) Dɛn na wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Bible Asuafo no nhyiam a wɔyɛe wɔ 1919 mu no ase a na ɛbɛma wɔ a wɔn adansedi no wowɔ no mu ayɛ den? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔahaw asɔfo no, na dɛn na wɔayɛ wɔ ho?

17 Saa mmoadabi kuw no ani gyei mmoroso bere a wɔkaa nsɛmma nhoma foforo, The Golden Age no ho asɛm wɔ wɔn 1919 nhyiam no ase no. Na ɛyɛ nsɛmma nhoma a biako ba dapɛn abien biara, a na wɔasiesie na ama wɔn adansedi a ɛwowɔ no mu ayɛ den. * Nea ɛto so 27 a ɛbae September 29, 1920 mu no paa ano ntanta a asɔfo yɛe ma wɔtaa Bible Asuafo no wɔ United States wɔ 1918-19 bere no mu no ho ntama. Wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu no, The Golden Age de nsɛm ne mfonini ahorow a ano yɛ hyew a ɛdaa wɔn anifere a wɔyɛ de wɔn ho hyehyɛ amansɛm mu, ne titiriw no Katolek asɔfo mpanyimfo kuw no apam ahorow a ɛne Nasi ne Fasist katabaakofo yɛe no adi, de yɛɛ asɔfo no ayayade bio. Ɛho adeyɛ mu no, asɔfo no ‘nam mmara so bɔɔ mmusu’ na wɔhyehyɛɛ akuw a wodi anuɔdensɛm tiaa Onyankopɔn nkurɔfo.​—Dwom 94:20.

Wɔbɔ Wiase Atumfo Nkae

18. Adwuma bɛn na na ɛsɛ sɛ mmoadabi no yɛ, na dɛn na ɛbae wɔ torobɛnto hyɛn a ɛto so anum no ho adeyɛ mu?

18 Na nnɛyi mmoadabi no wɔ adwuma bi yɛ. Na ɛsɛ sɛ wɔka Ahenni ho asɛmpa no. Na ɛsɛ sɛ wɔda mfomso ahorow adi. Na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ nguan a wɔayera no. Bere a mmoadabi no kɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi no, ɛhyɛɛ wiase no ma wɔn ani baa wɔn ho so yiye. Abɔfo no torobɛnto hyɛn no ho osetieyɛ mu no, Yohane kuw no akɔ so apa Kristoman ho ntama de akyerɛ sɛ Yehowa afobu fata no. Torobɛnto a ɛto so anum no ho adeyɛ mu no, wosii atemmusɛm yi mu ade titiriw bi so dua wɔ Bible Asuafo no nhyiam a wɔyɛe wɔ London, England, wɔ May 25-31, 1926 mu no ase. Wɔdaa tirimbɔ bi a ɛne “Adanse Ma Wiase Atumfoɔ” adi na wɔmaa baguam ɔkasa a ne ti ne “Nea Enti a Wiase Tumi Horow Rehinhim—Ano Aduru” wɔ Royal Albert Hall, na London atesɛm krataa bi tintim n’abien nyinaa mu nsɛm no nyinaa n’adekyee. Akyiri yi, mmoadabi kuw no kyekyɛɛ saa tirimbɔ no mfuamfua ɔpepem 50 wɔ wiase nyinaa, sɛ kratawa,—ɛyɛɛ asɔfo no ayayade ankasa! Wɔ mfe bi akyi no na nnipa a wɔwɔ England da so ka asɛm a wɔde paa wɔn ho ntama yi ho asɛm.

19. Akode foforo bɛn bio na sɛnkyerɛnne kwan so mmoadabi no nsa kae, na dɛn na na ɛwɔ ka wɔ London asɛm a asɔfo de wɔn nsa hyɛɛ ase no ho?

19 Wɔ saa nhyiam yi ase no, sɛnkyerɛnne kwan so mmoadabi no nyaa akode foforo, titiriw no nhoma foforo a wɔtoo din Deliverance no. Nea na ɛwom nso ne sɛnkyerɛnne a edi adanse sɛ wɔwoo ‘ɔbabanin’ nniso, Kristo ɔsoro Ahenni no, wɔ 1914 mu no ho asɛm a wofi Kyerɛwnsɛm mu kae. (Mateo 24:3-14; Adiyisɛm 12:1-10) Ɛno akyi no, ɛfaa asɛm a asɔfo baawɔtwe a wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ “wɔka wiase asɛnkafo akɛse a wɔsen biara” ho, de wɔn nsa ahyɛ ase a wotintim no London wɔ 1917 mu no kaa asɛm. Na wogyina Protestantfo nyamesom akuw titiriw—Baptist, Congregational, Presbyterian, Episcopal ne Methodistfo ananmu. Saa asɛm yi kae sɛ “mprempren ahokyere yi kyerɛ Amanaman mmere no awiei” ne sɛ wobetumi ahwɛ “Awurade ahoyi no kwan bere biara.” Yiw, na saa asɔfo no ahu ba a Yesu aba ho sɛnkyerɛnne no! Nanso so na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ ho biribi? Deliverance nhoma no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Asɛm no fã titiriw ne sɛ akyiri yi nnipa a wɔde wɔn nsa hyɛɛ nsɛm no ase no ara powee na wɔpow adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ wiase no awiei ne Awurade mmae a ɛto so abien no da no mu.”

20. (a) Dɛn na asɔfo no apaw wɔ mmoadabi kuw no ne wɔn Hene no ho? (b) Hena na Yohane se odi mmoadabi kuw no so, na wɔfrɛ no dɛn?

20 Sɛ anka Kristoman asɔfo bɛbɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no dawuru no, wɔapaw sɛ wɔbɛtra Satan wiase no mu. Wɔmpɛ sɛ wɔyɛ mmoadabi kuw no ne wɔn Hene no fa biara. Afei Yohane ka ne ho asɛm sɛ: “Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bun no mu bɔfo a wɔfrɛ ne din Hebri kasa mu sɛ Abadon [a ase ne “Ɔsɛe”], na Hela kasa mu de, ɛde Apolion [a ase ne “Ɔsɛefo”].” (Adiyisɛm 9:11) Sɛ “bun no mu bɔfo” ne “Ɔsɛefo” no, na Yesu agyae due a ɛde ahoyeraw ba mu agu Kristoman so ampa ara. Nanso na pii bedi akyi aba!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Fa Yoel 2:4, 5, 7 (faako a wɔaka ntuntummɛ no ho asɛm sɛ apɔnkɔ, nkurɔfo, ne nnipa, ne sɛ wɔyɛ gyegyeegye te sɛ teaseɛnam) no toto Adiyisɛm 9:7-9 ho; afei nso fa Yoel 2:6, 10 (a ɛka nea efi ntuntummɛ haw no mu ba a ɛyɛ yaw) no toto Adiyisɛm 9:2, 5 ho.

^ nky. 4 Hwɛ asɛm “Biako a Wɔyɛ Tia Amanaman wɔ Gyinaesi Bon no Mu” wɔ December 1, 1961 Watchtower no mu.

^ nky. 8 Hyɛ no nsow sɛ wɔrentumi mfa kyerɛw nsɛm yi nkyerɛ sɛ na ogya wɔ bun no mu, te sɛ nea gyama bun no yɛ hellgya bi. Yohane se ohuu wusiw kumɔnn a ɛte “sɛ,” anaasɛ ɛsɛ fononoo kɛse bi mu wusiw. (Adiyisɛm 9:2) Ɔmmɔ amanneɛ sɛ ohuu gyaframa ankasa wɔ bun no mu.

^ nky. 10 Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no ase fi asɛmfua ba·saniʹzo a ɛtɔ mmere bi a wɔde di dwuma de ka ayayadeyɛ ankasa ho asɛm no mu; nanso, wobetumi de adi dwuma de akyerɛ adwenemhaw. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ 2 Petro 2:8 sɛ nnebɔne a Lot hui wɔ Sodom no yɛɛ ne “kra trenee no ayayade.” Asomafo no bere so nyamesom mpanyimfo no nyaa adwenemhaw ɛwom sɛ na ɛyɛ ade foforo bi koraa nti de.

^ nky. 17 Wɔsan too nsɛmma nhoma yi din Consolation wɔ 1937 mu ne Awake! wɔ 1946 mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 143 mfonini]

Torobɛnto a ɛto so anum no hyɛn no de due abiɛsa no mu nea edi kan no ba

[Kratafa 146 mfonini]

W’agyan ano yɛ nnam, ɛwɔ Ɔhene atamfo komam. (Dwom 45:5) Na mfonini a ɛwɔ atifi hɔ a wɔakyerɛw saa nsɛm yi wɔ ase no yɛ pii a wotintimii wɔ 1930 mfe no mu a ɛwowɔɔ “nnipa a wonni Nyankopɔn nsɔano” no mu biako

[Kratafa 147 mfonini]

Royal Albert Hall, faako a woyii nhoma Deliverance no adi na wogyee tirimbɔ “Adanse ma Wiase Atumfoɔ” no toom