Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Hena Na Ɔfata sɛ Obue Nhoma no Mu?”

“Hena Na Ɔfata sɛ Obue Nhoma no Mu?”

Ti 15

“Hena Na Ɔfata sɛ Obue Nhoma no Mu?”

1. Dɛn na afei esi wɔ Yohane anisoadehu no mu?

ƐYƐ FƐ! ƐKANYAN EHU! Saa na Yehowa ahengua ne ne hwɛbea wɔ ogya akanea, Kerubim, mpanyimfo 24, ne ahwehwɛ po ho anisoadehu a ɛkanyan koma no te. Na Yohane, dɛn na wuhu bio? Yohane de n’ani si ɔsoro yi mfinimfini pɛɛ, na ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Na mihuu nhoma bi nea ɔte ahengua no so no nifa mu a wɔakyerɛw emu ne akyiri, na wɔde nsɔano ason asosɔ ano. Na mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Hena na ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔtew ne nsɔano no? Na obiara nni soro anaa asase so anaa asase ase a obetumi abue nhoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu. Na misui pii, efisɛ wonhu obi a ɔfata sɛ obebue nhoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu.”—Adiyisɛm 5:1-4.

2, 3. (a) Dɛn nti na Yohane ho pere no sɛ wobenya obi ma wabue nhoma mmobɔwee no mu, nanso na ɛte sɛ nea ɛho anidaso ne dɛn? (b) Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasra wɔn de ahopere twɛnee yɛn bere yi so?

2 Yehowa ankasa, abɔde nyinaa so Amansan Hene no na okura saa nhoma mmobɔwee no. Ɛbɛyɛ sɛ nsɛm a ɛho hia ayɛ mu ma, efisɛ nkyerɛwee wɔ anim ne akyi. Yɛn ho pere yɛn sɛ yebehu. Dɛn na ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu? Yɛkae nsa a Yehowa to frɛɛ Yohane sɛ: “Foro bra ha, na mɛkyerɛ wo nneɛma a etwa sɛ ɛba” no. (Adiyisɛm 4:1, New World Translation) Yɛde ahopere hwɛ kwan sɛ yebehu saa nneɛma no. Nanso awerɛhosɛm, wɔatare nhoma mmobɔwee no ano papee, wɔde nsɔano ason asɔw ano!

3 So ɔbɔfo hoɔdenfo no benya obi a ɔfata ma wabue nhoma mmobɔwee no mu? Sɛnea Kingdom Interlinear no kyerɛ no, nhoma mmobɔwee no wɔ Yehowa “nsa nifa mu.” Eyi kyerɛ sɛ ɛda ne nsa a wabue mu mu na ɔde ma. Nanso ɛte sɛ nea obiara nni ɔsoro anaa asase so a ɔfata sɛ ogye nhoma mmobɔwee no na obue mu. Na obi nni asase ase mpo, wɔ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔawuwu no mu a ɔfata ma nidi a ɛkorɔn yi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ asɛm no haw Yohane saa! Ebia ɔrenhu “nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba” no. Yɛn bere so nso, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasra wɔn de ahopere atwɛn Yehowa sɛ ɔmma wonhu Adiyisɛm no mu hann ne nokware no. Ɔbɛyɛ eyi nkakrankakra wɔ bere a wɔahyɛ no mu, na ama nkɔmhyɛ no anya mmamu, sɛnea ɛbɛyɛ na wakyerɛ ne nkurɔfo kwan wɔ “nkwagye kɛse” kwan no so.​—Dwom 43:3, 5, NW.

Nea Ɔfata

4. (a) Hena na wohui sɛ ɔfata sɛ obue nhoma mmobɔwee no mu na ɔtetew ne nsɔano no? (b) Akatua ne hokwan bɛn na Yohane kuw no ne wɔn ahokafo no nya mu kyɛfa nnɛ?

4 Yiw, obi wɔ hɔ a obetumi abue nhoma mmobɔwee no mu! Yohane ka sɛ: “Nanso mpanyimfo no mu biako ka kyerɛ me se: Gyae su. Hwɛ! Yuda abusuakuw mu Gyata no, Dawid ntini no, adi nkonim sɛ obebue nhoma mmobɔwee no ne ne nsɔano ason no mu.” (Adiyisɛm 5:5, NW) Enti Yohane, popa saa nusu no! Yohane kuw no ne wɔn ahokafo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso agyina mfe du du pii sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den ano, bere a wɔde boasetɔ twɛn ma wɔanya ntease no. Akatua a awerɛkyekye wom bɛn ara na afei yɛanya a ɛma yɛte anisoadehu no ase, na hokwan bɛn ara na yenya sɛ yebenya ne mmamu mu kyɛfa denam ne nkrasɛm a yɛbɛka akyerɛ afoforo no so sɛɛ yi!

5. (a) Nkɔm bɛn na wɔhyɛɛ wɔ Yuda ho, na Yuda asefo dii tumi wɔ he? (b) Hena ne Silo?

5 Aa, “Yuda abusuakuw mu Gyata no”! Yohane nim nkɔmhyɛ a Yudafo abusua no nana, Yakob, ka faa ne ba a ɔto so anan, Yuda, ho no: “Ogyata ba ne Yuda; hanam na wode anyin, me ba. Ɔkotow, obutuw sɛ gyata ne gyatabere; hena na ɔbɛhwanyan no? Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n’anan ntam kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.” (Genesis 49:9, 10) Onyankopɔn nkurɔfo ahene abusua no fii Yuda mu. Efi Dawid so no, na ahene a wodii tumi wɔ Yerusalem de kosii sɛ Babilonfo sɛee saa kurow no yɛ Yuda asefo. Nanso na wɔn mu biako mpo nyɛ Silo a Yakob hyɛɛ ne ho nkɔm no. Silo ase ne sɛ “Nea [Hokwan] Wɔ No.” Nkɔmhyɛ mu no, saa din yi twee adwene sii Yesu so, nea mprempren Dawid Ahenni no yɛ ne dea daa daa no.​—Hesekiel 21:25-27; Luka 1:32, 33; Adiyisɛm 19:16.

6. Na ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ Yisai “dubaa” ne “Dawid ntini” nso?

6 Yohane hu “Dawid ntini” a wɔka ho asɛm no ntɛm ara. Wɔfrɛ Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ wɔ nkɔmhyɛ mu no sɛ “Yisai [Ɔhene Dawid agya] dunsin no mu . . . dubaa” ne “Yisai ntini mu duforo a esi hɔ sɛ ɔfrankaa ma aman no.” (Yesaia 11:1, 10) Na Yesu yɛ Yisai dubaa, na wɔwoo no too Dawid, Yisai ba, ahene abusua no mu. Afei nso, sɛ Yisai ntini no, na ɔne Nea ɔyɛ maa Dawid ahene abusua no fefɛw bio, na ɔma no nkwa na ɔwowaw no daa daa.​—2 Samuel 7:16.

7. Dɛn na ɛma Yesu fata sɛ ogye nhoma mmobɔwee no fi Nea ɔte ahengua no so no nsam?

7 Yesu ne otitiriw a ɔde nokwaredi som Yehowa wɔ sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den yiye mu, sɛ ɔdesani a ɔyɛ pɛ. Ɔde Satan mpoatwa no ho mmuae a edi mu mae. (Mmebusɛm 27:11) Enti na obetumi aka nea ɔkae anadwo a etwa to ansa na ɔrewu n’afɔrebɔ wu no sɛ: “Me na madi wiase so nkonim.” (Yohane 16:33) Eyi nti, Yehowa de “ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama” Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no. Ɔno nkutoo na ɔfata wɔ Onyankopɔn asomfo nyinaa mu sɛ ogye nhoma mmobɔwee no, na wama wɔada emu nkrasɛm a ehia no adi.​—Mateo 28:18.

8. (a) Ahenni no fam no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu fata? (b) Dɛn nti na ɛfata sɛ mpanyimfo 24 no mu biako na oyi onii a ɔfata sɛ obue nhoma mmobɔwee no mu no adi kyerɛ Yohane?

8 Nokwarem no, ɛfata sɛ Yesu na ɛsɛ sɛ obue nhoma mmobɔwee no mu. Efi 1914 reba no, wɔde no asi ahengua so sɛ Onyankopɔn Mesia Ahenni no Hene, na saa nhoma mmobɔwee no da Ahenni no ne nea ɛbɛyɛ ho nneɛma pii adi. Yesu de nokwaredi dii Ahenni nokware no ho adanse bere a na ɔwɔ asase so ha no. (Yohane 18:36, 37) Ɔkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ Ahenni no ba ho mpae. (Mateo 6:9, 10) Ɔno na ofii Ahenni ho asɛmpaka no ase wɔ Kristofo mmere no mfiase mu hɔ, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ saa asɛnka adwuma no bɛba n’awiei wɔ awiei bere no mu. (Mateo 4:23; Marko 13:10) Saa ara nso na ɛfata sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo 24 no mu biako na ɔda no adi kyerɛ Yohane sɛ Yesu ne nea ɔfata sɛ obue nsɔano no. Dɛn ntia? Efisɛ mpanyimfo yi bɛtra ahengua so na wɔabobɔ abotiri, esiane sɛ wɔne Kristo yɛ yɔnko adedifo wɔ n’Ahenni no mu nti.​—Romafo 8:17; Adiyisɛm 4:4.

‘Oguammaa a Wokum No No’

9. Sɛ anka ɛbɛyɛ gyata mmom no, dɛn na Yohane hu sɛ egyina “ahengua no mfinimfini,” na ɔkaa ho asɛm dɛn?

9 Yohane hwɛ na ama wahu “Yuda abusuakuw mu Gyata” yi. Nanso anwonwasɛm! Sɛnkyerɛnne kwan so nipadua soronko bi koraa pue: “Na mehwɛe, na ahengua no ne ateasefo baanan no ntam ne mpanyimfo no ntam no, oguammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛ wɔakum no. Ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn akɔ asase nyinaa so no.”—Adiyisɛm 5:6.

10. Hena ne “Oguammaa” a Yohane hu no no, na dɛn nti na edin no fata?

10 Na oguammaa bi wɔ mfinimfini pɛɛ wɔ ahengua no nkyɛn wɔ kɔntɔnkrɔn a ateasefo baanan no ne mpanyimfo 24 no atwa no mu! Akyinnye biara nni ho sɛ Yohane hu ntɛm ara sɛ oguammaa yi yɛ “Yuda abusuakuw no mu Gyata” ne “Dawid ntini” no. Onim sɛ mfe bɛboro 60 ansa na eyi reba no, Yohane Osuboni de Yesu kyerɛɛ Yudafo a na wɔrehwɛ no sɛ “Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.” (Yohane 1:29) Te sɛ oguammaa a onni dɛm—Yesu amfa wiase angu ne ho fi—n’asetra nyinaa mu wɔ asase so—ma enti obetumi de ne nkwa a ɛho nni asɛm no ama sɛ afɔre ama adesamma.​—1 Korintofo 5:7; Hebrifo 7:26.

11. Dɛn nti na ɛnyɛ animguase sɛ wɔbɛyɛ Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no ho mfonini sɛ ‘Oguammaa a wɔakum no’?

11 Ɔkwan bi so no, so ɛyɛ animtiaabu anaa animguase sɛ wɔbɛyɛ Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no ho mfonini sɛ ‘oguammaa a wɔakum no’ anaa? Dabida! Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesu dii nokware koduu owu mu no yɛ nkogudi kɛse ma Satan, ne nkonimdi kɛse ma Yehowa Nyankopɔn. Yesu ho mfonini a wɔyɛɛ no saa no da Satan wiase so nkonim a wadi no adi pefee, na ɛma yɛkae ɔdɔ a emu yɛ den a Yehowa ne Yesu wɔ ma adesamma no. (Yohane 3:16; 15:13; fa toto Kolosefo 2:15 ho.) Enti wɔtwe adwene si Yesu so sɛ ɔne bɔhyɛ Aseni a ɔfata yiye sɛ obue nhoma mmobɔwee no mu.​—Genesis 3:15.

12. Oguammaa no mmɛn ason no yɛ dɛn ho mfonini?

12 Dɛn bio nso na ɛde bi ka anisɔ a yɛwɔ ma “Oguammaa” yi ho no ho? Ɔwɔ mmɛn ason. Mmɛn a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no taa yɛ tumi anaa tumidi ho sɛnkyerɛnne, na ason bɛkyerɛ nea edi mu. (Fa toto 1 Samuel 2: 1, 10; Dwom 112:9; 148:14 ho.) Enti Oguammaa no mmɛn ason no gyina hɔ ma sɛnea tumi a Yehowa de ahyɛ Yesu nsa no di mũ. Odi “panyinni ne tumidi ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde to, ɛnyɛ wi yi ase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu” no so. (Efesofo 1: 20-23; 1 Petro 3:22) Yesu adi tumi, ahenni tumi, ne titiriw fi 1914, bere a Yehowa de no sii agua so sɛ ɔsoro Hene no.​—Dwom 2:6.

13. (a) Oguammaa no aniwa ason no yɛ dɛn ho mfonini? (b) Dɛn na Oguammaa no fi ase yɛ?

13 Afei nso, honhom kronkron ahyɛ Yesu ma, sɛnea wɔde Oguammaa no aniwa ason a “ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason” yɛ ho mfonini no. Yesu so na Yehowa adeyɛ tumi nyinaa nam sen kɔ N’asase so asomfo hɔ. (Tito 3:6) Ɛda adi pefee sɛ ɔnam honhom koro yi ara so na ofi soro hu nea ɛkɔ so wɔ asase so ha. Te sɛ n’Agya no, Yesu wɔ nhumu a ewie pɛ yɛ. Hwee nhintaw no. (Fa toto Dwom 11:4; Sakaria 4:10 ho.) Ɛda adi pefee sɛ, Ɔba yi—mudi mu kurafo a odii wiase so nkonim; Yuda abusuakuw no mu Gyata; Dawid ntini; nea ɔde ne nkwa ma maa adesamma; nea tumi nyinaa wɔ no, a honhom kronkron ayɛ no ma, na ɔwɔ nhumu a ɛyɛ pɛ a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ—no, yiw, oyi titiriw na ɔfata sɛ ogye nhoma mmobɔwee no fi Yehowa nsam. So ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ obegye ɔsom adwuma a wɔde hyɛ ne nsa wɔ Yehowa ahyehyɛde a ɛkorɔn no mu no anaa? Dabi! Mmom no, “ɔbae begyee [nhoma mmobɔwee no] fii Nea ɔte ahengua no so no nifa mu.” (Adiyisɛm 5:7) Ɔpɛ mu a wofi yɛ biribi a wɔhwehwɛ ho nhwɛso fɛfɛ bɛn ara ni!

Ayeyi Nnwom

14. (a) Ateasefo baanan no ne mpanyimfo 24 no yɛ wɔn ade dɛn wɔ nhoma mmobɔwee a Yesu gye no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛm a Yohane nsa kae a na ɛfa mpanyimfo 24 no ho no si nnipa ko a wɔyɛ ne wɔn dibea so dua?

14 Afoforo a wɔwɔ Yehowa ahengua anim no yɛ wɔn ade dɛn? “Na ogyee nhoma no no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no hwehwee Oguammaa no anim ase, wɔn nyinaa kurakura asanku ne sika mfamfa a ohuam ayɛ no mama a ɛyɛ ahotefo mpaebɔ no.” (Adiyisɛm 5:8) Te sɛ ateasefo baanan a wɔne Kerubim a wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim no, mpanyimfo 24 no kotow Yesu de gye ne tumi a ɔwɔ no tom. Nanso mpanyimfo yi nkutoo na wokura asanku ne mfamfa a ohuam wom. * Na wɔn nkutoo na afei wɔto dwom foforo bi. (Adiyisɛm 5:9) Enti, wɔte sɛ “Onyankopɔn Israel” ahotefo 144,000, a wɔn nso wokurakura asanku na wɔto dwom foforo bi no. (Galatifo 6:16; Kolosefo 1:12; Adiyisɛm 7:3-8; 14:1-4) Afei, wɔkyerɛ sɛ mpanyimfo 24 no yɛ asɔfodi adwuma bi wɔ ɔsoro, nea wɔde tete Israel asɔfo a wɔhyew aduhuam ma Yehowa wɔ ntamadan no mu no yɛɛ ho mfonini—adwuma a ɛbaa awiei wɔ asase so bere a Onyankopɔn yii Mose Mmara no fii hɔ de kɔbɔɔ Yesu asɛndua no ho no. (Kolosefo 2:14) Eyi nyinaa ma yɛde asɛm no ba awiei dɛn? Ɛne sɛ yehu nkonimdifo a wɔasra wɔn no sɛ wɔwɔ wɔn adwuma titiriw no mu sɛ ‘Onyankopɔn ne Kristo asɔfo a wɔne no di tumi sɛ ahene mfirihyia apem.’—Adiyisɛm 20:6.

15. (a) Wɔ Israel no, na hena nkutoo na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkɔ ntamadan no mu Kronkron mu Kronkronbea hɔ? (b) Dɛn nti na ɛyɛ nkwa anaa owu asɛm ma ɔsɔfo panyin no sɛ ɔbɛhyew aduhuam ansa na wakɔhyɛn Kronkron mu Kronkronbea hɔ?

15 Tete Israel no, na ɔsɔfo panyin no nkutoo na ɔkɔ Kronkron mu Kronkronbea, a ɛyɛ Yehowa anim wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no mu. Ɔno de, na ohuam a obekura no yɛ nkwa ne owu asɛm. Yehowa mmara no kae sɛ: “Na [Aaron] mfa gyasɔ ade nnyansramma ma mfi afɔremuka no so, [Yehowa] anim, ne aduhuam a wɔasiw no fekɔfekɔ ne nsa abien ma, na ɔmfa nkɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi; na ɔmfa aduhuam no ngu ogya no so, [Yehowa] anim, na aduhuam no wusiw nkata mpata Agua a ɛwɔ Adanse no so no ho, na wanwu.” (Leviticus 16:12, 13) Na entumi nyɛ yiye sɛ ɔsɔfo panyin no bɛhyɛn Kronkron mu Kronkronbea hɔ dwoodwoo, gye sɛ wahyew aduhuam ansa.

16. (a) Kristofo nneɛma nhyehyɛe no mu no, hena na wahyɛn Kronkron mu Kronkronbea nsusuwso no mu? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ‘hyew aduhuam’?

16 Kristofo nneɛma nhyehyɛe no mu no, ɛnyɛ Ɔsɔfo panyin no nsusuwso, Yesu Kristo, nko na ɔhyɛn Kronkron mu Kronkronbea nsusuwso a ɛyɛ Yehowa anim wɔ ɔsoro, na mmom nso awiei no, asɔfo nkumaa 144,000 no mu biara nso. (Hebrifo 10:19-23) Saa asɔfo yi a wɔde mpanyimfo 24 no yɛ wɔn ho mfonini no rentumi nhyɛn Kronkron mu Kronkronbea no mu, gye sɛ ‘wɔhyew aduhuam’ ansa, kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ Yehowa mpae koto srɛ no bere nyinaa.​—Hebrifo 5:7; Yuda 20, 21; fa toto Dwom 141:2 ho.

Dwom Foforo Bi

17. (a) Dwom foforo bɛn na mpanyimfo 24 no to? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔtaa de asɛm “dwom foforo” no di dwuma wɔ Bible mu?

17 Afei dwom dɛdɛ bi gyigye. Oguammaa no mfɛfo asɔfo, mpanyimfo 24 no na wɔto ma no: “Na wɔto dwom foforo bi, se: wofata sɛ wugye nhoma mmobɔwee no na wubue nsɔano no, efisɛ wokum wo na wode wo mogya tɔɔ nnipa maa Onyankopɔn fi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu.” (Adiyisɛm 5:9, NW) Asɛm “dwom foforo” no pue mpɛn pii wɔ Bible mu, na ɛtaa ka Yehowa a woyi no ayɛ wɔ ogye ade kɛse bi a wayɛ ho asɛm. (Dwom 96:1; 98:1; 144:9) Enti, dwom no yɛ foforo, efisɛ odwontofo no betumi abɔ Yehowa nnwuma a ɛyɛ nwonwa afoforo dawuru, na afei waka anisɔ foforo a wanya ama Ne din a ɛwɔ anuonyam no ho asɛm.

18. Mpanyimfo 24 no de wɔn dwom foforo no yi Yesu ayɛ wɔ dɛn ho?

18 Nanso ɛha de, mpanyimfo 24 no to dwom foforo bi Yesu anim mmom, na ɛnyɛ Yehowa anim. Nanso nnyinasosɛm no nsakra. Woyi Yesu ayɛ wɔ nneɛma foforo a sɛ Onyankopɔn Ba no, wayɛ ama wɔn no ho. Ɛdenam ne mogya so no, ɔyɛɛ apam foforo no ntamgyinafo ma enti ɔma etumi yɛɛ yiye sɛ wɔkyekyee ɔman foforo bi sɛ Yehowa apɛgyade titiriw. (Romafo 2:28, 29; 1 Korintofo 11:25; Hebrifo 7:18-25) Honhom mu ɔman foforo yi mufo no fi honam fam aman horow pii mu na ɛbae, nanso Yesu kaa wɔn boom yɛɛ wɔn biako asafo biako mu sɛ ɔman biako.​—Yesaia 26:2; 1 Petro 2:9, 10.

19. (a) Nhyira bɛn na nokware a honam fam Israel anni nti, antumi annya? (b) Nhyira bɛn na Yehowa ɔman foforo no nya di mu dɛw?

19 Bere a Yehowa hyehyɛɛ Israelfo no yɛɛ wɔn ɔman Mose nna no mu no, ɔne wɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ sɛ, sɛ wɔammu saa apam no so a, wɔbɛyɛ asɔfo ahemman wɔ n’anim. (Exodus 19:5, 6) Israelfo no anni nokware nti wɔanhu saa bɔhyɛ no mmamu da. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔman foforo a wɔnam apam foforo a Yesu yɛ ntamgyinafo no so hyehyɛe no akɔ so adi nokware. Enti emufo no di asase so sɛ ahene na wɔsom nso sɛ asɔfo, na wɔboa adesamma mu koma mu teefo ma wɔapata wɔne Yehowa ntam. (Kolosefo 1:20) Ɛte sɛ nea dwom foforo no ka no ara pɛ: “Na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.” (Adiyisɛm 5:10) Anigye bɛn ara na saa mpanyimfo 24 no nya wɔ ayeyi dwom foforo yi a wɔto ma Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no mu sɛɛ yi!

Ɔsoro Nnwontofo Kuw

20. Oguammaa no ayeyi dwom bɛn na afei egyigye?

20 Yehowa ahyehyɛde no mu ɔsoro asafo bebree no mufo afoforo gye dwom foforo yi so dɛn? Yohane ani gye sɛ ohu sɛ wofi koma nyinaa mu gye so: “Na mehwɛe, na metee abɔfo bebree a wɔatwa ahengua no ne ateasefo no ne mpanyimfo no ho kɔntɔnkrɔn nne, na wɔn dodow ano si mpempem ne mpem ahorow mpem, na wɔde nne kɛse ka sɛ: Oguammaa a wokum no no fata sɛ ogye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nhyira.” (Adiyisɛm 5:11, 12) Ayeyi dwom a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

21. So Oguammaa no ayeyi yi adwene fi Yehowa tumidi anaa ne dibea so? Kyerɛkyerɛ mu.

21 So eyi kyerɛ sɛ afei, ɔkwan bi so no, Yesu asi Yehowa Nyankopɔn ananmu ma enti abɔde nyinaa reyi no ayɛ mmom sen n’Agya anaa? Dabida! Mmom no, ayeyi dwom yi ne nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no hyia: “Onyankopɔn nso ama [Yesu] so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so, sɛ Yesu din mu na ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa nkotow, na tɛkrɛma nyinaa mpaem nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade mma Agya Onyankopɔn anuonyam.” (Filipifo 2:9-11) Wɔkamfo Yesu wɔ ha esiane ne fam de a ɔyɛe wɔ ɔsɛmpɔw titiriw a esi abɔde nyinaa anim—Yehowa tumi a ɛteɛ no ho san—no bua no mu nti. Nokwarem no, anuonyam bɛn ara na eyi de abrɛ n’Agya sɛɛ yi!

Dwom a Ano Kɔ So Yɛ Den

22. Dwom bɛn na ɛnne a efi asase so to bi?

22 Hwɛbea a Yohane kaa ho asɛm no mu no, ɔsoro asafo no to ayeyi dwom dɛdɛ ma Yesu de gye ne nokwaredi ne ne soro tumi a ɔwɔ no tom. Eyi mu no, ɛnne a efi asase so nso kɔka wɔn ho bere a eyinom nso yi Agya no ne Ɔba no nyinaa ayɛ bi no. Te sɛ nea nneɛma bi a ɔba a ɔyɛ ɔdesani atumi ayɛ betumi de nkamfo kɛse abrɛ awofo no, saa ara nso na nokwaredi kwan a Yesu faa so no yɛ kɛse wɔ abɔde nyinaa mu “ma Agya Onyankopɔn anuonyam.” Enti, Yohane kɔ so bɔ amanneɛ sɛ: “Na abɔde [biara] a ɛwɔ ɔsoro ne asase so ne asase ase ne po so, ne nea ɛwom nyinaa, metee sɛ wose: Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi nka Nea ɔte ahengua no so ne Oguammaa no daa daa.”—Adiyisɛm 5:13.

23, 24. (a) Dɛn na ɛkyerɛ bere a dwom no befi ase wɔ ɔsoro, ne bere a ebefi ase wɔ asase so? (b) Ɔkwan bɛn so na dwom no ano kɔ so yɛ den bere a mfe no retwam no?

23 Bere bɛn na dwom a ɛkyɛn so yi gyigye? Efii ase fi Awurade da no mfiase pɛɛ. Bere a wɔtow Satan ne n’adaemone fii soro kyene fam akyi no, “abɔde [biara] a ɛwɔ soro” betumi abom ato ayeyi dwom yi bi. Na sɛnea kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, fi 1919 de reba no, nnipakuw kɛse bi a wɔredɔɔso wɔ asase so aka bom de wɔn nne reyi Yehowa ayɛ, na wɔn dodow akɔ soro fi mpem kakraa bi abɛyɛ ɔpepem asia ne akyi wɔ afe 2005 mu. * Bere a wɔasɛe Satan asase so nhyehyɛe no nyinaa akyi no, “abɔde [biara] . . . a ɛwɔ asase so” bɛto Yehowa ne ne Ba ho ayeyi dwom. Yehowa ankasa bere a ɛsɛ mu no, awufo ɔpepem pii owusɔre befi ase, na ɛno na “abɔde [biara] . . . a ɛwɔ asase ase” a Onyankopɔn kae no benya hokwan ato dwom no bi.

24 Adesamma ɔpepem pii a wofi “asase ano . . . ɛpo, ne . . . nsuano aman” mu abɛka Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ asase so nyinaa no ho reto dwom foforo yi bi dedaw. (Yesaia 42:10; Dwom 150:1-6) Ayeyi dwom a ɛyɛ anigye yi bedu ne pɔmpɔn so Mfirihyia Apem no awiei, bere a wɔtete adesamma ma wɔadu pɛyɛ mu no. Ɛno akyi no, wɔbɛsɛe saa ɔwɔ dedaw no, ɔdaadaafo kɛse, Satan ankasa, ma Genesis 3:15 aba mu awie koraa, na wɔ awiei a ɛyɛ nkonimdi mu no, abɔde a ɛte ase nyinaa, ahonhom ne nnipa, bɛbom ato dwom sɛ: “Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi nka Nea ɔte ahengua no so ne Oguammaa no daa daa.” Yɛrente atuatew nne foforo biara wɔ amansan no nyinaa mu.

25. (a) Ɛsɛ sɛ Yohane kyerɛwtohɔ a ɛfa amansan dwom no ho kenkan ka yɛn ma yɛyɛ dɛn? (b) Nhwɛso fɛfɛ bɛn na ateasefo baanan no ne mpanyimfo 24 no yɛ ma yɛn bere a anisoadehu no ba awiei no?

25 Anigye bere bɛn ara na ɛno bɛyɛ sɛɛ yi! Akyinnye biara nni ho sɛ nea Yohane ka ho asɛm wɔ ha no ma anigye hyɛ yɛn koma ma na ɛkanyan yɛn ma yɛka ɔsoro asafo no ho to ayeyi nnwom a efi koma mu ma Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo. So ɛnyɛ nea yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛtɔ yɛn bo ase asen bere biara wɔ nnwuma pa yɛ mu anaa? Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ, Yehowa mmoa so no, yɛn nyinaa mmiako mmiako bɛkɔ hɔ awiei a ɛyɛ anigye no mu, na yɛde nne ato saa amansan ayeyi nnwom no bi. Ɛda adi sɛ ateasefo baanan a wɔyɛ Kerubim no ne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn no nyinaa adwene hyia, efisɛ anisoadehu no de nsɛm yi na ewie sɛ: “Na ateasefo baanan no kae sɛ: Amen. Na mpanyimfo no hwehwee ase, na wɔkotow sɔree.”—Adiyisɛm 5:14.

26. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ mu gyidi, na dɛn na Oguammaa no resiesie ne ho ayɛ?

26 Wo, ɔkenkanfo pa, ɛmmra sɛ wobɛkyerɛ gyidi Oguammaa—a ‘ɔfata’—no afɔrebɔ no mu, na woanya nhyira wɔ mmɔden kakra a wobɔ de asɔre Yehowa—“Nea ɔte ahengua no so”—na wosom no no mu. Ma Yohane kuw no mmoa wo nnɛ bere a ɛde honhom mu aduan a ehia “a ɛyɛ wɔn de [rema] bere a ɛsɛ mu” no. (Luka 12:42) Nanso hwɛ! Oguammaa no resiesie ne ho atetew nsɔano ason no. Nneɛma a ɛyɛ anigye bɛn ara na wɔrebeyi adi akyerɛ yɛn sɛɛ yi?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 14 Sɛ yɛka no ɔkasa mmara kwan so a, asɛm “wokurakura asanku ne sika mfamfa a ohuam ayɛ no mama” no betumi ayɛ nea ɛka mpanyimfo no ne ateasefo baanan no nyinaa ho asɛm. Nanso, asɛm no ma ɛda adi pefee sɛ ɛka mpanyimfo 24 no nkutoo ho asɛm.

^ nky. 23 Hwɛ akontaabu pon a ɛwɔ kratafa 64 no.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 86]