Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Kɔ So Kura Nea Wowɔ No Mu Dennen”

“Kɔ So Kura Nea Wowɔ No Mu Dennen”

Ti 12

“Kɔ So Kura Nea Wowɔ No Mu Dennen”

FILADELFIA

1. Wɔde Yesu nkrasɛm a ɛto so asia no kɔmaa asafo a ɛwɔ kurow bɛn so, na saa kurow no din kyerɛ dɛn?

ONUADƆ—su pa bɛn ara ni! Akyinnye biara nni ho sɛ na eyi wɔ Yesu adwene mu bere a ɔde ne nkrasɛm a ɛto so asia a ɔde rekɔma asafo a ɛwɔ Filadelfia no rema no, efisɛ na saa din no ase ne ‘Onuadɔ.’ Yohane a wabɔ akora no da so ara kae saa bere a adi bɛboro mfe 60 bere a Petro sii so dua mprɛnsa kyerɛɛ Yesu sɛ ɔno, Petro, wɔ onuadɔ a emu yɛ den ma ne wura no. (Yohane 21:15-17) Wɔn fam no, so na Kristofo a wɔwɔ Filadelfia no kyerɛ onuadɔ anaa? Ɛda adi sɛ wɔyɛ saa!

2. Na Filadelfia yɛ kurow bɛn, na na asafo bɛn na ɛwɔ hɔ, na dɛn na Yesu ka kyerɛ asafo yi bɔfo?

2 Kurow no da akwansin bɛyɛ 30 wɔ Sardi kesee fam apuei (baabi a nnɛyi Turkey kuropɔn Alasehir da) no, na na Yohane bere so Filadelfia yɛ kuropɔn a na anya nkɔso yiye. Nanso, nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow titiriw ne ɛhɔnom Kristofo asafo no yiyedi. Anigye bɛn ara na wɔde begye ɔsomfo a otuu kwan bɛsraa wɔn, a ɛda adi sɛ ɔkɔfaa Sardi no sɛɛ yi! Nkrasɛm a okurae no wɔ afotu bi a ɛkanyan nnipa ma wɔn. Nanso nea edi kan no, ɛka Onuonyamfo a Ɔde Soma no no tumi ho asɛm. Ose: “Na Filadelfia asafo mu bɔfo no kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni ne ɔnokwafo, nea okura Dawid safe, nea ohiɛ na obi ntom, na ɔtom na obi nhiɛ no, se.”—Adiyisɛm 3:7.

3. Dɛn nti na ɛfata sɛ wɔfrɛ Yesu sɛ “ɔkronkronni,” na ɔkwan bɛn so na wobetumi aka sɛ ɔyɛ “ɔnokwafo”?

3 Na Yohane ate sɛ Petro ka kyerɛ onipa Yesu Kristo sɛ: “Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn Kronkronni no.” (Yohane 6:68, 69) Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn ne kronkronyɛ fibea ankasa nti, ɛsɛ sɛ ne Ba a ɔwoo no koro no nso yɛ “ɔkronkronni.” (Adiyisɛm 4:8) Yesu yɛ “ɔnokwafo” nso. Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no (a·le·thi·nosʹ) kyerɛ kronnyɛ. Ɔkwan yi so no, Yesu ne nokware hann ne nokware abodoo a efi soro sian no. (Yohane 1:9; 6:32) Ɔne nokware bobe no. (Yohane 15:1) Yesu yɛ nokware nso a ntease a ɛwom ne sɛ wotumi de ho to no so. Ɔka nokware bere nyinaa. (Hwɛ Yohane 8:14, 17, 26.) Onyankopɔn Ba yi fata sɛ ɔsom sɛ Ɔhene ne Ɔtemmufo ampa.​—Adiyisɛm 19:11, 16.

“Dawid Safe”

4, 5. “Dawid safe” no bata apam bɛn ho?

4 Yesu kura “Dawid safe.” Sɛ ɔde di dwuma a, “ohiɛ na obi ntom, na ɔtom na obi nhiɛ.” “Dawid Safe” yi yɛ dɛn?

5 Israel Hene Dawid na Yehowa ne no yɛɛ daa ahenni apam. (Dwom 89:1-4, 34-37) Dawid fi traa Yehowa agua so dii tumi wɔ Yerusalem fi afe 1070 kosii 607 A.Y.B., na afei wɔde Onyankopɔn atemmu baa saa ahenni no so efisɛ edii abɔnefosɛm. Enti, Yehowa fii ase maa ne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 21:27, NW, baa mu: “Ɔsɛe, ɔsɛe, ɔsɛe na mɛsɛe [asase so Yerusalem]. Na eyi nso [Dawid asefo ahempoma no], ɛremmɛyɛ obiara dea kosi sɛ nea ɛho kwan wɔ no mmara kwan so no bɛba, na ɛsɛ sɛ mede ma no.”

6, 7. Bere bɛn, ne ɔkwan bɛn so na nea ɔwɔ ‘mmara mu hokwan’ no puei?

6 Bere bɛn na ɔkwan bɛn so na nea “ɛho kwan wɔ no mmara kwan so” yi bepue? Ɔkwan bɛn so na wɔde Dawid ahenni no ahempoma bɛma no?

7 Bɛyɛ mfe 600 wɔ ɛno akyi no, Ɔhene Dawid aseni, Yudani ababaa Maria, nam honhom kronkron so nyinsɛnee. Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel sɛ ɔmmɛbɔ Maria amanneɛ sɛ ɔbɛwo ɔbabanin, na wɔato ne din Yesu. Gabriel de kaa ho sɛ: “Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no Nea Ɔwɔ sorosoro no Ba; na [Yehowa] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.”—Luka 1:31-33.

8. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ne ho adi sɛ ɔfata sɛ odi Dawid Ahenni no?

8 Bere a wɔbɔɔ Yesu asu Yordan Asubɔnten mu wɔ afe 29 Y.B. mu na wɔde honhom kronkron sraa no no, ɔbɛyɛɛ Nea Wɔapaw no sɛ Ɔhene wɔ Dawid asefo mu. Oyii mmɔdenbɔ titiriw bi adi Ahenni no ho asɛmpaka no mu, na ɔde adwuma hyɛɛ n’asuafo nsa sɛ wɔn nso wɔnka asɛm saa ara. (Mateo 4:23; 10:7, 11) Yesu brɛɛ ne ho ase, koduu asɛndua ho wu mu mpo, ma enti ɔkyerɛe sɛ ɔfata koraa sɛ odi Dawid ahenni no. Yehowa nyan Yesu sɛ honhom a onwu da, na ɔmaa no so kɔɔ N’ankasa nifa wɔ ɔsoro. Ɛhɔ na ɔkɔfaa Dawid Ahenni no ho hokwan nyinaa dii. Bere a ɛsɛ mu no, Yesu de hokwan a ɔwɔ no bedi dwuma ‘akodi tumi n’atamfo mfinimfini.’—Dwom 110:1, 2; Filipifo 2:8, 9; Hebrifo 10:13, 14.

9. Ɔkwan bɛn so na Yesu de Dawid safe no hiɛ na ɔtom?

9 Ansa na Yesu bɛyɛ saa no, na ɔde Dawid safe no abue Onyankopɔn Ahenni hokwan ahorow ano. Ɛdenam Yesu so no, afei Yehowa begye Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no afi “sum tumi ase,” na ɔde wɔn akɔ “ne dɔ Ba Ahenni ase.” (Kolosefo 1:13, 14) Ɔde safe no bedi dwuma nso de ato hokwan a ɛte saa ara a obiara a onni nokware no benya no mu. (2 Timoteo 2:12, 13) Esiane sɛ Yehowa gyina Dawid Ahenni no ɔdedifo a ɔtra hɔ daa yi akyi nti, abɔde biara nni hɔ a obetumi asiw no kwan wɔ adwuma ahorow a ɛte saa a ɔyɛ no mu.​—Fa toto Mateo 28:18-20 ho.

10. Nkuranhyɛ bɛn na Yesu de ma asafo a ɛwɔ Filadelfia no?

10 Esiane sɛ Yesu nsɛm a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Filadelfia no fi beae a tumi a ɛte saa wɔ nti, ɛsɛ sɛ ɛkyekye werɛ yiye! Ɔkamfoo wɔn se: “Minim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɔpon a wɔahiɛ masi w’anim a obi ntumi ntom, efisɛ wowɔ ahoɔden ketewa, nanso woadi m’asɛm so, na woampa me din.” (Adiyisɛm 3:8) Na asafo no yɛ nnam, na wɔahiɛ ɔpon bi ama no—akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ ɔsom adwuma ho hokwan pon bi. (Fa toto 1 Korintofo 16:9; 2 Korintofo 2:12 ho.) Enti Yesu hyɛ asafo no nkuran sɛ enso hokwan no mu yiye koraa mfa nka asɛm. Wɔatɔ wɔn bo ase na wɔakyerɛ sɛ wɔwɔ ahoɔden a ɛdɔɔso, denam Onyankopɔn honhom mmoa so, na wɔakɔ so ayɛ “nnwuma” afoforo wɔ Yehowa som mu. (2 Korintofo 12:10; Sakaria 4:6) Wɔadi Yesu ahyɛde so na wɔmpaa Kristo, asɛm mu anaasɛ nneyɛe mu.

‘Wɔbɛkotow Wo’

11. Nhyira bɛn ho bɔ na Yesu hyɛ Kristofo, na ɔkwan bɛn so na wonya eyi?

11 Enti, Yesu hyɛ wɔn abasow ho bɔ: “Hwɛ, mede ebinom a wofi Satan hyiadan mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo na wɔnyɛ, na mmom wodi atoro no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkotow wo nan ase, na wɔahu sɛ madɔ wo.” (Adiyisɛm 3:9) Ebia, sɛnea na ɛte wɔ Smirna no, na ɔhaw bi aba asafo no ne ɛhɔnom Yudafo no ntam. Yesu frɛ eyinom sɛ “Satan hyiadan.” Nanso, anyɛ yiye koraa no, na Yudafo yi binom reyɛ ahu sɛ nea na Kristofo no reka fa Yesu ho no ne nokware no. Ebetumi aba sɛ ba a wɔba ‘abɛkotow no’ no te sɛ nea Paulo ka ho asɛm wɔ 1 Korintofo 14:24, 25 no, ma enti wɔsakraa wɔn adwene nokware mu bɛyɛɛ Kristofo, a wohuu Yesu dɔ kɛse wɔ ma a ɔde ne kra mpo maa n’asuafo no yiye koraa no mu.​—Yohane 15:12, 13.

12. Dɛn nti na ebia Yudafo hyiadan a ɛwɔ Filadelfia no mufo no ho bedwiriw wɔn sɛ wɔbɛte sɛ wɔn mu binom ‘bɛkotow’ Kristofo a wɔwɔ hɔ no?

12 Ebia Yudafo hyiadan a ɛwɔ Filadelfia no mufo ho bedwiriw wɔn sɛ wɔbɛte sɛ ɛsɛ sɛ wɔn mu binom ‘kotow’ Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ no. Esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn a wɔnyɛ Yudafo pii wɔ saa asafo no mu no nti, na wɔbɛhwɛ nea ɛne eyi bɔ abira korakora kwan. Dɛn ntia? Efisɛ Yesaia ka siei sɛ: “Na ahene [a wɔnyɛ Yudafo] bɛyɛ wo [Israel man] gyigyefo, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufumafo; wɔde wɔn anim bebutubutuw fam ama wo.” (Yesaia 49:23; 45:14; 60:14) Saa ara nso na wɔde honhom kaa Sakaria ma ɔkyerɛw sɛ: “Nna no mu na mmarima du [a wɔnyɛ Yudafo] a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sakaria 8:23) Yiw, na wɔn a wɔnyɛ Yudafo bɛkotow Yudafo, na ɛnyɛ Yudafo na ɛbɛkotow wɔn a wɔnyɛ Yudafo!

13. Na henanom ne Yudafo a wohu nkɔmhyɛ ahorow a wɔka kyerɛɛ tete Israel no mmamu no?

13 Wɔkaa saa nkɔmhyɛ ahorow no kyerɛɛ Onyankopɔn man a wapaw wɔn no. Bere a wɔkae no, na honam fam Israel wɔ saa gyinabea a nidi wom no mu. Nanso bere a Yuda man no pow Mesia no, Yehowa tow wɔn kyenee. (Mateo 15:3-9; 21:42, 43; Luka 12:32; Yohane 1:10, 11) Pentekoste afe 33 Y.B. no, wɔpaw Onyankopɔn nokware Israel, Kristofo asafo no, sii wɔn ananmu. Emufo ne honhom fam Yudafo a wɔatwa komam twetia ankasa no. (Asomafo no Nnwuma 2:1-4, 41, 42; Romafo 2:28, 29; Galatifo 6:16) Ɛno akyi no ɔkwan biako pɛ a na honam fam Yudafo ankorankoro betumi afa so asan ne Yehowa anya abusuabɔ pa bɛyɛ denam Yesu mu gyidi a wobenya sɛ Mesia no so. (Mateo 23:37-39) Ɛda adi pefee sɛ na eyi rebɛba saa wɔ nnipa ankorankoro bi a na wɔwɔ Filadelfia no fam. *

14. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 49:23 ne Sakaria 8:23 anya mmamu titiriw nnɛ mmere yi mu?

14 Nnɛ mmere yi mu no, nkɔmhyɛ ahorow te sɛ Yesaia 49:23 ne Sakaria 8:23 anya mmamu titiriw yiye. Esiane Yohane kuw no asɛnka nti, nnipadɔm kɛse bi afa pon a wɔahiɛ no mu aba Ahenni som mu. * Eyinom mu dodow no ara fi Kristoman a n’anyamesom ahorow di atoro ka sɛ ɛyɛ honhom mu Israel no mu. (Fa toto Romafo 9:6 ho.) Eyinom, sɛ nnipakuw kɛse no, nam wɔn gyidi wɔ Yesu afɔrebɔ mogya mu no so horo wɔn ntade ma ɛhoa fitaa. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14) Osetie a wɔyɛ ma Kristo Ahenni nniso nti, wɔwɔ anidaso sɛ wobenya ne nhyira ahorow wɔ asase so ha. Wɔba Yesu nuanom a wɔasra wɔn no nkyɛn ‘bɛkotow’ wɔn wɔ honhom fam, efisɛ ‘wɔate sɛ Onyankopɔn ne wɔn te.’ Wɔsom wɔn a wɔasra wɔn yi a wɔn ankasa ne wɔn ayɛ biako wɔ wiase nyinaa anuanom ayɔnkofa bi mu no.​—Mateo 25:34-40; 1 Petro 5:9.

“Sɔhwɛ Dɔn”

15. (a) Dɛn na Yesu de hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Filadelfia no bɔ, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ dɛn? (b) Na “abotiri” bɛn na Kristofo no hwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka?

15 Yesu kɔ so ka sɛ: “Esiane sɛ wudii me boasetɔ asɛm no so nti, me nso mɛkora wo sɔhwɛ dɔn a ɛbɛba asase a wɔte so no nyinaa so, de asɔ wɔn a wɔte asase so no ahwɛ no mu. Mereba ntɛm. Kɔ so kura nea wowɔ no mu dennen, sɛnea ɛbɛyɛ na obi anye w’abotiri.” (Adiyisɛm 3:10, 11, NW) Ɛwom sɛ na Kristofo a wɔwɔ Yohane bere so no rentra ase nkodu Awurade da (a efii ase afe 1914 mu) no mu de, nanso ahotoso a wɔwɔ sɛ Yesu reba no bɛma wɔn ahoɔden ma wɔakɔ so aka asɛm. (Adiyisɛm 1:10; 2 Timoteo 4:2) “Abotiri,” anaa daa nkwa nkonim bo no, da hɔ retwɛn wɔn wɔ ɔsoro. (Yakobo 1:12; Adiyisɛm 11:18) Sɛ wodi nokware kodu wu mu a, obiara rentumi mma saa akatua no mmɔ wɔn.​—Adiyisɛm 2:10.

16, 17. (a) Dɛn ne “sɔhwɛ dɔn a ɛbɛba asase a wɔte so no nyinaa so” no? (b) Na wɔn a wɔasra wɔn no tebea te dɛn “sɔhwɛ dɔn” no mfiase mu?

16 Nanso, dɛn ne “sɔhwɛ dɔn” no? Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛsɛ sɛ saa Kristofo a na wɔwɔ Asia no gyina ɔtaa foforo a ɛyɛ hu a efi Roma tumidi no hɔ ano. * Nanso, ne mmamu kɛse ne nyiyim ne atemmu bere a awiei no, edui wɔ Awurade da no mu, a n’awiei fii ase afe 1918 de reba no. Na wɔde sɔhwɛ no behu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no afa, anaasɛ ɔwɔ Satan wiase no afa. Ɛbɛba bere tiaa bi, “dɔnhwerew,” biako, nanso na ɛto ntwae ɛ. Ɛnkosi sɛ ɛto betwa no, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ yɛwɔ “sɔhwɛ dɔn” no mu.​—Luka 21:34-36.

17 Afe 1918 mu no, na ɛsɛ sɛ Yohane kuw a wɔyɛ Kristofo a wɔasra wɔn—te sɛ saa asafo a atim wɔ Filadelfia—no hyia ɔsɔretia fi nnɛyi “Satan hyiadan” no hɔ. Kristoman mu nyamesom akannifo a wose wɔyɛ honhom mu Yudafo no, de anifere dɛfɛdɛfɛɛ sodifo ahorow no ma wɔbɔɔ nokware Kristofo ano. Nanso, eyinom bɔɔ mmɔden denneennen sɛ ‘wobedi Yesu boasetɔ asɛm no so’; ma enti wɔnam honhom mu mmoa, a ɛyɛ “ahoɔden ketewaa” titiriw bi so tumi gyinaa ano, na wokanyan wɔn ma wɔhyɛn ɔpon a afei wɔahiɛ ato wɔn anim no mu. Ɔkwan bɛn so?

“Ɔpon a Wɔahiɛ”

18. Hena na Yesu paw no wɔ afe 1919 mu, na ɔkwan bɛn so na nea wɔpaw no no bɛyɛe sɛ Hesekia ofiehwɛfo panyin nokwafo no?

18 Afe 1919 mu no, Yesu maa ne bɔhyɛ no baa mu, na ogyee nokware Kristofo kuw ketewaa a wɔasra wɔn no toom sɛ ‘n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma.’ (Mateo 24:45-47) Eyinom benyaa hokwan bi a ɛte sɛ nea ofiehwɛfo panyin nokwafo Eliakim nyae wɔ Ɔhene Hesekia bere so no ara pɛ. * Yehowa kaa Eliakim ho asɛm sɛ: “Mede Dawid fi safe mato ne mmati, na wahiɛ, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhiɛ.” Eliakim soaa asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru maa Hesekia, Dawid ba ɔdehye no. Saa ara na nnɛ, wɔde “Dawid fi safe no” ato Yohane kuw a wɔasra no no mmati, kyerɛ sɛ wɔde Mesia Ahenni no asase so nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa. Yehowa ahyɛ n’asomfo den ama saa hokwan yi, ama wɔn ahoɔden ketewaa no abɛyɛ tumi kɛse a ɛdɔɔso ma asase so nyinaa adansedi kɛse bi.​—Yesaia 22:20, 22; 40:29.

19. Yohane kuw no dii asɛyɛde ahorow a Yesu de maa no afe 1919 no ho dwuma dɛn, na dɛn na efii mu bae?

19 Efi afe 1919 de reba no, nkaefo a wɔasra wɔn, a wodi Yesu nhwɛso akyi no fii Ahenni ho asɛmpaka ho ɔsatu kɛse bi ase. (Mateo 4:17; Romafo 10:18) Esiane eyi nti, nnɛyi Satan hyiadan, Kristoman, mufo binom baa nkaefo a wɔasra wɔn yi nkyɛn, wɔsakraa wɔn adwene na ‘wɔbɛkotow wɔn,’ na wogyee akoa no tumi toom. Wɔn nso wɔbae sɛ wɔne wɔn a wɔwɔ Yohane kuw no mu dedaw no bɛyɛ biako asom Yehowa. Eyi kɔɔ so ara kosii sɛ wɔboaboaa Yesu nuanom a wɔasra wɔn no nyinaa ano. Eyi akyi no, ‘nnipakuw kɛse a wofi aman nyinaa mu’ aba ‘abɛkotow’ akoa a wɔasra no no. (Adiyisɛm 7:3, 4, 9) Akoa no ne nnipakuw kɛse yi nyinaa ka bom som sɛ Yehowa Adansefo kuw biako.

20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo ho yɛ den gyidi mu titiriw, na wɔyɛ nnam Onyankopɔn som mu nnɛ?

20 Esiane sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no aka abom nokware onuadɔ mu te sɛ Kristofo a na wɔwɔ Filadelfia no nti, wohu sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn asɛnka adwuma no ntɛmntɛm. Ɛrenkyɛ, ahohiahia kɛse no de Satan wiase bɔne no bɛba awiei. Saa bere no, ɛmmra sɛ wobehu yɛn mu biara sɛ ɔwɔ gyidi no mu pintinn na ɔyɛ nnam Onyankopɔn som mu, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔampopa yɛn din amfi Yehowa nkwa nhoma no mu. (Adiyisɛm 7:14) Momma yemmu Yesu afotu a ɔde maa asafo a na ɛwɔ Filadelfia no aniberesɛm yiye, sɛnea ɛbɛyɛ na yɛakura yɛn som hokwan ahorow no mu dennen na yɛn nsa aka daa nkwa akatua no.

Nkonimdifo no Nhyira Horow

21. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no ‘adi Yesu boasetɔ asɛm no so’ nnɛ, na dɛn na ɛda hɔ ma wɔn?

21 Yohane kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no ‘adi Yesu boasetɔ asɛm no so,’ kyerɛ sɛ wɔadi ne nhwɛso no akyi atɔ wɔn bo ase. (Hebrifo 12:2, 3; 1 Petro 2:21) Enti, Yesu nsɛm foforo a ɔka kyerɛɛ asafo a ɛwɔ Filadelfia no ahyɛ wɔn nkuran kɛse: “Nea odi nkonim no, mɛyɛ no odum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi adi bio.”—Adiyisɛm 3:12a.

22. (a) Dɛn ne Yesu Nyankopɔn asɔredan no? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn a wodi nkonim no bɛyɛ te sɛ adum wɔ asɔredan yi mu?

22 Hokwan bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ obi bɛyɛ odum wɔ Yehowa asɔredan mu! Wɔ tete Yerusalem no, na asɔredan ankasa no ne baabi a wɔsom Yehowa. Asɔredan no mu no, na ɔsɔfo panyin no de afɔrebɔ mmoa no mogya ma, da koro afe biara wɔ anwonwa kwan so hann a egyina hɔ ma wɔ a Yehowa wɔ “Kronkron mu Kronkron” no mu no anim. (Hebrifo 9:1-7) Yesu asubɔ mu no, asɔredan foforo bi bae, honhom mu nhyehyɛe kɛse bi a ɛte sɛ asɔredan a wɔde som Yehowa. Asɔredan yi kronkron mu kronkron no wɔ ɔsoro, baabi a bere a ɛsɛ mu no, Yesu kopuei “Onyankopɔn anim” no. (Hebrifo 9:24) Yesu ne Ɔsɔfo Panyin no, na afɔre biako pɛ na ɔbɔe de kataa bɔne so koraa: Onipa Yesu a ɔyɛ pɛ no mogya a wohwie gui. (Hebrifo 7:26, 27; 9:25-28; 10:1-5, 12-14) Mmere dodow a wɔkɔ so di nokware no, Kristofo a wɔasra wɔn no som wɔ asase so sɛ asɔfo nkumaa asɔrefi yi asase so adiwo hɔ. (1 Petro 2:9) Na sɛ wonya di nkonim a, wɔn nso wɔhyɛn ɔsoro kronkron mu kronkron hɔ, na wɔdan nnyinaso a enhinhim, te sɛ asɔredan mu nhyehyɛe ma ɔsom no adum. (Hebrifo 10:19; Adiyisɛm 20:6) Asiane biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ‘wobefi mu bio.’

23. (a) Bɔ bɛn na afei Yesu hyɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wodi nkonim no? (b) Dɛn na efi Yehowa din ne Yerusalem foforo no din a wɔkyerɛw wɔ Kristofo nkonimdifo no so no mu ba?

23 Yesu toa so ka sɛ: “Na mɛkyerɛw me Nyankopɔn din wɔ no so, ne me Nyankopɔn kurow a ɛyɛ Yerusalem foforo a efi soro ba fam fi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforo no.” (Adiyisɛm 3:12b) Yiw, wɔkyerɛw Yehowa—wɔn Nyankopɔn ne Yesu Nyankopɔn—din wɔ saa nkonimdifo yi so. Eyi kyerɛ pefee sɛ Yehowa ne Yesu yɛ nnipa baanu a ɛsono wɔn mu biara na ɛnyɛ onyame bi a obom abiɛsa, anaa Baasakoro bi mu baanu. (Yohane 14:28; 20:17) Ɛsɛ sɛ abɔde nyinaa hu sɛ wɔn a wɔasra wɔn yi yɛ Yehowa dea. Wɔyɛ ne adansefo. Wɔakyerɛw Yerusalem foforo, ɔsoro kurow a esian fi soro ba fam a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛtrɛw n’adɔeyɛ tumidi no mu ma ɛka adesamma anokwafo nyinaa no nso din wɔ wɔn so. (Adiyisɛm 21:9-14) Asase so Kristofo a wɔyɛ nguanten no nyinaa nso behu sɛ saa nkonimdifo a wɔasra wɔn yi yɛ Ahenni no, ɔsoro Yerusalem no manfo.​—Dwom 87:5, 6; Mateo 25:33, 34; Filipifo 3:20; Hebrifo 12:22.

24. Yesu din foforo no gyina hɔ ma dɛn, na ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛw no Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no so?

24 Awiei no, wɔkyerɛw Yesu din foforo no wɔ nkonimdifo a wɔasra wɔn no so. Eyi kyerɛ Yesu dibea foforo ne hokwan soronko ahorow a Yehowa de maa no no. (Filipifo 2:9-11; Adiyisɛm 19:12) Obi foforo biara nhu saa din no, a ntease a ɛwom ne sɛ obi foforo biara nni hɔ a ɔwɔ saa osuahu ahorow no, anaasɛ wɔde saa hokwan ahorow no ama no. Nanso, bere a Yesu kyerɛw ne din wɔ ne nuanom anokwafo no so no, wɔne no ba abusuabɔ a emu yɛ den mu wɔ ɔsoro hɔnom, na wonya hokwan ahorow a ɔwɔ no mu kyɛfa mpo. (Luka 22:29, 30) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu ti n’afotu no mu de wie ne nkrasɛm a ɔde kɔmaa wɔn a wɔasra wɔn a wɔte saa no sɛ: “Nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo no.”—Adiyisɛm 3:13.

25. Ɔkwan bɛn so na Kristoni biara a ɔwɔ hɔ nnɛ no betumi de nnyinasosɛm a ɛhyɛ Yesu afotu a ɔde maa asafo a ɛwɔ Filadelfia no akyi no adi dwuma nnɛ?

25 Nkuranhyɛ kɛse ara bɛn na saa nkrasɛm no bɛyɛ ama Kristofo anokwafo a wɔwɔ Filadelfia no sɛɛ yi! Nokwarem no ekura asuade a tumi wom ma Yohane kuw no nnɛ, Awurade da no mu. Nanso ne nnyinasosɛm ahorow ho hia Kristofo biara, sɛ ebia ɔyɛ nea wɔasra no anaasɛ oguan foforo. (Yohane 10:16) Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bɛkɔ so asow Ahenni aba, sɛnea saa Kristofo a na wɔwɔ Filadelfia no yɛe no. Anyɛ yiye koraa no, yɛn nyinaa wɔ ahoɔden kakra. Yɛn nyinaa betumi ayɛ biribi wɔ Yehowa som mu. Momma yɛmfa saa ahoɔden yi nni dwuma! Wɔ Ahenni hokwan ahorow a adɔɔso no ho de, momma yɛn ani nna yɛn ho so sɛ yɛbɛhyɛn ɔpon biara a wobehiɛ ama yɛn no mu. Yebetumi abɔ Yehowa mpae mpo sɛ onhiɛ ɔpon a ɛte saa mma yɛn. (Kolosefo 4:2, 3) Bere a yedi Yesu boasetɔ nhwɛso no akyi na yedi ne din nokware no, yɛbɛkyerɛ sɛ yɛn nso, yɛwɔ aso a yɛde betie nea Onyankopɔn honhom ka kyerɛ asafo ahorow no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Paulo bere so no, Sostene, a ɔyɛ Yudafo hyiadan a na ɛwɔ Korinto no mu panyin no bɛyɛɛ onua Kristoni.​—Asomafo no Nnwuma 18:17; 1 Korintofo 1:1.

^ nky. 14 Nsɛmma nhoma a ɛne Ɔwɛn–Aban a Yohane kuw no tintim no akɔ so asi ntɛmpɛ a egye sɛ wobeso hokwan yi mu, na wɔanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa sɛnea wobetumi no so dua; sɛ nhwɛso no, hwɛ nsɛm “Momma Yɛn Nyinaa Nhyɛ Yehowa Anuonyam”ne “Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa So” wɔ January 1, 2004 de no mu. “Nhyira Ne Wɔn a Wɔhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” a epuei wɔ June 1, 2004 de no mu no, wosii “ɔpon a wɔahiɛ” no mu a wɔbɛhyɛn akɔyɛ bere nyinaa som dwuma no bi no so dua. Akwampaefo dodow a ɛsen biara 1,093,552 na wobuu ɔsom ho akontaa a ɛte saa wɔ ɔsram biako mu wɔ afe 2005 mu.

^ nky. 16 McClintock ne Strong Cyclopedia (Po X, kratafa 519) bɔ amanneɛ sɛ: “Hooyɛ a akɔmfo a wɔde ehu hwɛɛ sɛnea saa gyidi no renya nkɔso ma ɛyɛ nwonwa no, ma ɛbaa ɔman no mu maa ahempɔn no huu Kristosom, na ɛmaa Trajan [afe 98-117 Y.B.] hyɛɛ mmara ma wɔde nkakrankakra abɔ nkyerɛkyerɛ foforo a ɛsakra nnipa ma wɔbɛyɛ anyame no atamfo no ano. Sɛ Bitinia [a ɛne Roma Asia mantam no bɔ ɔhye wɔ kusuu fam] amrado no, na nneɛma a efi Kristosom a ɛretrɛw ntɛmntɛm no mu ba ne abufuw a ahyɛ abosonsomfo a wɔwɔ ne mantam no mu no aba no de nsɛm abɛtoatoa ne tumidi.”

^ nky. 18 Din Hesekia no ase ne “Yehowa Hyɛ Den.” Hwɛ 2 Ahene 16:20, asehɔ asɛm, New World Translation Reference Bible

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 63 adaka]

Nnipa Pii a Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔakotow

Nnipa 144,000 a wɔasra wɔn a wobenya ɔsoro Ahenni no adi no mu no, ɛte sɛ nea nkaefo bi, Yohane kuw no, mufo a wonnu 9,000 wɔ hɔ a wonnya nwiee wɔn asase so adwuma. Bere koro no ara mu no, nnipakuw kɛse no adɔɔso abɛyɛ nnipadɔm 6,600,000 ne akyi. (Adiyisɛm 7:4, 9) Dɛn na aboa ma nkɔanim kɛse yi aba? Sukuu ahorow a Yehowa Adansefo yɛ no aboa kɛse. Adansefo no sukuu ahorow a ɛnte sɛ Kristoman asɔfo asuae a ɛkyerɛkyerɛ wiase nyansapɛ na egu Bible anim ase no, ama wɔanya Onyankopɔn Asɛm no mu gyidi kɛse a emu dɔ. Wɔkyerɛ sɛnea wɔde di dwuma ankasa ma ɛyɛ yiye wɔ abrabɔ a ɛho tew ne Onyankopɔn som mu ahofama asetra mu. Efi afe 1943 wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo asafo biara yɛ wɔn hɔnom Teokrase Ɔsom Sukuu wɔ n’Ahenni Asa so. Dapɛn biara nnipa ɔpepem pii kɔ sukuu yi, na wodi Bible mu ɔkyerɛkyerɛ nhyehyɛe koro akyi.

Efi afe 1959 no, Yehowa Adansefo ayɛ Ahenni Som Sukuu ahorow nso a wɔde tete asafo mu mpanyimfo ne asomfo. Na efi afe 1977 no, Akwampaefo Ɔsom Sukuu Ahorow no atete anuanom mmarima ne mmea ɔpehaha pii a esiane sɛ wɔwɔ nokware Filadelfiafo honhom nti, wɔde wɔn bere nyinaa som Yehowa asɛnka adwuma no mu. Afe 1987 mu no, wofii Asomfo Ntetee Sukuu a wɔde bɛtete Adansefo mmarima ama adwuma titiriw bi a wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa.

Nea ɛyɛ titiriw wɔ sukuu ahorow a Yehowa Adansefo yɛ no mu ne Gilead Ɔwɛn Aban Bible Sukuu no. Efi afe 1943 reba no, ɛkame ayɛ sɛ adesuafo akuw abien wie asɛmpatrɛw sukuu yi a ɛwɔ New York State mu no afe biara. Wɔka ne nyinaa bom a, atete Yehowa asomfo a wɔboro 7,000 ama asɛmpatrɛw adwuma wɔ amannɔne. Asuafo a wɔawie sukuu yi asom wɔ bɛboro nsase ɔha so, a wɔn titiriw na wokofii Ahenni adwuma no ase wɔ emu pii so. Bɛyɛ mfe 60 akyi no, asɛmpatrɛwfo a wodi kan no mu pii da so ara gu adwuma no so, na wɔne asɛmpatrɛwfo a wɔaba foforo reyɛ adwuma ma Yehowa ahyehyɛde no mu atrɛw wɔ asase so nyinaa. Ntrɛwmu a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na eyi ayɛ sɛɛ yi!

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 64]

Afe 1919 mu no, Ɔhene Yesu a ɔredi tumi no hiɛɛ hokwan pon bi maa Kristofo som adwuma. Kristofo a wɔwɔ ahofama a wɔn dodow redɔɔso aso saa hokwan no mu de di dwuma

Nsase a Kristofo a Bere Nyinaa

Asɛnka no Wɔkaa Asɛm Asɛnkafo *

Afe Adu So no Bi *

1918 14 3,868 591

1928 32 23,988 1,883

1938 52 47,143 4,112

1948 96 230,532 8,994

1958 175 717,088 23,772

1968 200 1,155,826 63,871

1978 205 2,086,698 115,389

1988 212 3,430,926 455,561

1998 233 5,544,059 698,781

2005 235 6,390,022 623,308

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 69 Nea ɛwɔ soro hɔ no yɛ ɔsram biara dodow nkabom nkyekyem.

^ nky. 69 Nea ɛwɔ soro hɔ no yɛ ɔsram biara dodow nkabom nkyekyem.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 65]

Yehowa Adansefo adwuma no fi koma nyinaa mu. Sɛ nhwɛso no, susuw nnɔnhwerew dodow a wɔde aka asɛm, akyerɛkyerɛ, ne Bible adesua bebree a wɔayɛ wɔ nkurɔfo afie kwa no ho.

Nnɔnhwerew a Bible Adesua

Afe Wɔde Aka Asɛm a Wɔyɛe

(Afe no Dodow Nkabom) (Ɔsram Biara)

1918 19,116 Wɔankyerɛw

1928 2,866,164 Wɔankyerɛw

1938 10,572,086 Wɔankyerɛw

1948 49,832,205 130,281

1958 110,390,944 508,320

1968 208,666,762 977,503

1978 307,272,262 1,257,084

1988 785,521,697 3,237,160

1998 1,186,666,708 4,302,852

2005 1,278,235,504 6,061,534

[Kratafa 59 mfonini]

Afeha a edi kan no mu Romafo safe