Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmɔden a Yɛbɛbɔ Ayɛ Nkonimdifo

Mmɔden a Yɛbɛbɔ Ayɛ Nkonimdifo

Ti 8

Mmɔden a Yɛbɛbɔ Ayɛ Nkonimdifo

SMIRNA

1. (a) Asafo bɛn na afei enya nkrasɛm fi Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no hɔ? (b) Yesu nam frɛ a ɔfrɛ ne ho “Odikanfo ne Okyikafo” no so kaee Kristofo a na wɔwɔ saa asafo no mu no wɔ dɛn ho?

ƐNNƐ, tete Efeso adan amamfo. Nanso baabi a Yesu nkrasɛm a ɛto so abien no kɔ no da so ara yɛ baabi a kuropɔn bi a emu yɛ hyew da. Bɛyɛ akwansin 35 wɔ Efeso amamfo no kesee fam na Turkfo kurow Izmir, baabi a wohu Yehowa Adansefo asafo anan a ɛbɔ mmɔden yiye nnɛ mpo da. Ɛha na na Smirna da wɔ afeha a edi kan no mu. Afei, hyɛ Yesu nsɛm a edi hɔ no nsow: “Na Smirna asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Ɔkannifo ne Okyikafo, nea owui na ɔte ase bio no se.” (Adiyisɛm 2:8) Yesu nam eyi a ɔka kyerɛɛ saa Kristofo a na wɔwɔ Smirna no so bɔ wɔn nkae sɛ ɔne mudi mu kurafo a odi kan a Yehowa ankasa nyanee no kɔɔ honhom asetra a owu nni mu mu tẽẽ, ne nea otwa to a onyanee no saa. Yesu ankasa benyan Kristofo afoforo a wɔasra wɔn a wɔaka no nyinaa. Enti ɔfata yiye sɛ ɔde afotu ma ne nuanom a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne no benya ɔsoro asetra a owu nni mu mu no.

2. Dɛn nti na nsɛm a Nea “Owui na ɔte ase bio” no kae no kyekye Kristofo nyinaa werɛ?

2 Yesu ne nea trenee nti odii kan gyinaa ɔtaa ano, na onyaa akatua a ɛfata. Nokware a odi koduu owu mu, ne ne wusɔre wɔ ɛno akyi no yɛ anidaso nnyinaso ma Kristofo nyinaa. (Asomafo no Nnwuma 17:31) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesu ‘wui na ɔte ase bio’ no di adanse sɛ biribiara a nokware no nti obi tɔ ne bo ase wɔ ho no ho bɛba mfaso. Yesu wusɔre no yɛ nkuranhyɛ kɛse ma Kristofo nyinaa, ne titiriw no, sɛ ɛba sɛ esiane wɔn gyidi nti, ɛsɛ sɛ wohu amane a. So eyi ne tebea a wowom anaa? Ɛnde wubetumi afi Yesu nsɛm a edi hɔ a ɔde kɔmaa asafo a ɛwɔ Smirna no nso mu ayɛ nnam:

3. (a) Nkuranhyɛ bɛn na Yesu de maa Kristofo a wɔwɔ Smirna no? (b) Ɛwom sɛ na Kristofo a wɔwɔ Smirna no yɛ ahiafo de, nanso dɛn nti na Yesu se wɔyɛ “ɔdefo”?

3 “Minim w’ahohia ne wo hia no—nanso woyɛ ɔdefo—ne wɔn a wose wɔyɛ Yudafo, na wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.” (Adiyisɛm 2:9) Na Yesu nni ne nuanom a wɔwɔ Smirna no ho asɛm bi ka, sɛ nkamfo a emu yɛ hyew ara nko. Wɔn gyidi nti na wɔahu amane pii. Honam fam no wɔyɛ ahiafo, na ɛbɛyɛ sɛ efi wɔn nokwaredi nti. (Hebrifo 10:34) Nanso, na nea wodwen ho titiriw ne honhom fam nneɛma, na na wɔahyehyɛ ademude ɔsoro, sɛnea Yesu tuu fo no. (Mateo 6:19, 20) Enti, Oguanhwɛfo Panyin no bu wɔn sɛ ‘adefo.’—Fa toto Yakobo 2:5 ho.

4. Henanom hɔ na Kristofo a na wɔwɔ Smirma no nyaa ɔsɔretia pii fii, na Yesu buu saa asɔretiafo no dɛn?

4 Titiriw no, Yesu hu sɛ Kristofo a na wɔwɔ Smirna no agyina honam fam Yudafo nsam ɔsɔretia pii ano. Tete no, ɔsom yi pii sii wɔn bo sɔre tiaa Kristosom trɛw. (Asomafo no Nnwuma 13:44, 45; 14:19) Afei, Yerusalem asehwe akyi mfe du du kakraa bi no, saa Yudafo a wɔwɔ Smirna no reyi Satan honhom koro no ara adi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu bu wɔn sɛ “Satan hyiadan”! *

5. Na amanehunu bɛn na ɛda Kristofo a na wɔwɔ Smirna no anim?

5 Esiane sɛ na saa Kristofo a wɔwɔ Smirna no hyia ɔtan a ɛte saa nti, Yesu kyekye wɔn werɛ sɛ: “Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.” (Adiyisɛm 2:10) Ɛha no, Yesu de Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “mo” a ɛyɛ dodow kabea di dwuma mprɛnsa, de kyerɛ sɛ ne nsɛm no fa asafo no nyinaa ho. Na Yesu rentumi nhyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ na Kristofo a wɔwɔ Smirna no sɔhwɛ ahorow no to atwa. Wɔbɛkɔ so ataa ebinom na wɔde wɔn agu afiase. Wobehu amane “dadu.” Du yɛ akontaahyɛde a ɛkyerɛ sɛ biribi di mũ asase so anaasɛ ade mũ no nyinaa. Wɔbɛsɔ saa honhom mu adefo mudi mu kurafo no mpo ahwɛ akosi ase bere a wɔwɔ ɔhonam mu no.

6. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo a na wɔwɔ Smirna no suro? (b) Yesu wiee ne nkrasɛm a ɔde kɔmaa asafo a ɛwɔ Smirna no dɛn?

6 Nanso ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Smirna no suro anaasɛ wogyaa nsɛm mu siesie. Sɛ wodi nokware kodu awiei a, akatua a ɛne “nkwa abotiri,” da hɔ ma wɔn, na wɔn fam de, ɛyɛ asetra a owu nni mu wɔ soro. (1 Korintofo 9:25; 2 Timoteo 4:6-8) Ɔsomafo Paulo buu nkonim bo a ɛsom bo yi sɛ ɛfata biribi foforo biara a ɔde bɛbɔ afɔre, n’asase so nkwa mpo. (Filipifo 3:8) Ɛda adi pefee sɛ saa anokwafo a na wɔwɔ Smirna no te nka saa ara. Yesu wie ne nkrasɛm no se: “Ma nea ɔwɔ aso ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo no: Nea odi nkonim no owuprenu no renka no.” (Adiyisɛm 2:11) Wɔama nkonimdifo no awerɛhyem sɛ wobenya ɔsoro asetra a owu nnim a owu rentumi nka no.​—1 Korintofo 15:53, 54.

“Amane Dadu”

7, 8. Te sɛ asafo a na ɛwɔ Smirna no, ɔkwan bɛn so na ‘wɔsɔɔ’ Kristofo asafo no ‘hwɛe koraa’ wɔ 1918 mu?

7 Te sɛ Kristofo a na wɔwɔ Smirna no, ‘wɔakɔ so asɔ’ Yohane kuw no ne wɔn ahokafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ‘ahwɛ koraa.’ Wɔn nokwaredi wɔ sɔhwɛ mu no hyɛ wɔn agyirae sɛ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo. (Marko 13:9, 10) Awurade da no fii ase akyi bere tiaa bi no, Yesu nsɛm a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Smirna no de awerɛkyekye ankasa brɛɛ amanaman mu Yehowa nkurɔfo kuw ketewa no. (Adiyisɛm 1:10) Efi 1879 reba no, eyinom abɔre ahwehwɛ honhom mu ahonyade a wɔne afoforo kyɛ no kwa wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Nanso Wiase Nyinaa Ko I mu no, wohyiaa nitan ne ɔsɔretia a emu yɛ den, a ne fã bi fi ɔko no ho anigye a wɔankyerɛ nti, na ne fã bi nso fi akokoduru a wɔde pa Kristoman mfomso ahorow no ho ntama. Ɔtaa a Kristoman mpanyimfo no bi ma ɛbaa wɔn so no duu baabi a emu yɛ den wɔ 1918 mu, na na ɛne nea Kristofo a na wɔwɔ Smirna hui wɔ hɔnom Yudafo nsam no sɛ.

8 Ɔtaa a ɛba toatoaa so wɔ United States, Amerika, no duu ne mpɔmpɔn so bere a wɔde Ɔwɛn Aban Asafo no titrani foforo, Joseph F. Rutherford, ne n’ahokafo baason koguu afiase June 22, 1918, mu, na wɔmaa wɔn mu dodow no ara mu biara mfe 20 no. Asram akron akyi no, wogyinaa wɔn akyi ma woyii wɔn. May 14, 1919, mu no, asennibea a wɔde asɛm no kɔdan no no twaa ntɛnkyea a wobuu wɔn no mu; wɔkyerɛe sɛ na mfomso 130 wɔ asɛm no di mu. Akyiri yi wɔde Roman Katolekni Temmufo Manton, Ɔhotefo Gregory Ɔkɛseɛ kuw no mu panyin, a 1918 no wampene sɛ ɔbɛma wɔagyina Kristofo yi akyi, ayi wɔn no kɔtoo afiase mfe abien wɔ 1939 mu, na wɔbɔɔ no ka dɔla 10,000 wɔ nsɛm asia a wɔde bɔɔ no sobo sɛ wabisa adanmude na wagye no ho.

9. Dɛn na Hitler de yɛɛ Yehowa Adansefo a na wɔwɔ Nasi Germany no, na dɛn na asɔfo no yɛe wɔ ho?

9 Bere a na Nasifo di tumi wɔ Germany no, Hitler baraa Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no koraa. Mfe pii no, wɔde Adansefo mpempem koguu nsraban mu ne afiase atirimɔden so, baabi a pii wuwui, na wokunkum mmerante bɛyɛ 200 a wɔampene sɛ wɔbɛko wɔ Hitler asraafo mu no. Katolek sɔfo bi nsɛm a ɔkae a wotintimii wɔ atesɛm krataa The German Way a ɛyɛ May 29, 1938, de no mu no, di eyi nyinaa akyi a asɔfo gyinae no ho adanse. N’asɛm no fã bi se: “Afei ɔman biako bi wɔ asase so a wɔabara wɔn a wose wɔfrɛ wɔn . . . Bible Asuafo [Yehowa Adansefo] no wɔ hɔ. Ɛne Germany! . . . Bere a Adolph Hitler bedii tumi, na Germany Katolek Mpanyimfo no san kaa wɔn abisade no ho asɛm no, Hitler kae sɛ: Saa nnipa a wose wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo Mmɔdenbɔfo [Yehowa Adansefo] yi haw adwene; . . . Mibu wɔn atorofo; mempene so sɛ Amerika Ɔtemmufo Rutherford yi begu German Katolekfo ho fi saa; magu [Yehowa Adansefo] wɔ Germany.” Ɔsɔfo no gyee so sɛ: “Mo!”

10. (a) Bere a Awurade da no akɔ anim no, ɔtaa bɛn na Yehowa Adansefo ahyia? (b) Dɛn na ɛbae mpɛn pii bere a Kristofo ko maa ɔsom mu ahofadi wɔ asennibea ahorow no?

10 Bere a Awurade da no akɔ anim no, Ɔwɔ no ne n’asefo nnyae sɛ wɔbɛko atia Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo no da. Wɔde eyinom mu pii agugu afiase, na wɔataa wɔn denneennen. (Adiyisɛm 12:17) Saa atamfo no akɔ so ‘nam mmara so abɔ mmusu,’ nanso Yehowa nkurɔfo agyina pintinn aka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn [sɛ sodifo] mmom sen nnipa.” (Dwom 94:20; Asomafo no Nnwuma 5:29) Afe 1954 mu no, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mfe aduanan a atwam ni no, aman bɛboro aduɔson ayɛ mmara a wɔde siw Yehowa Adansefo ano, na ataa wɔn wɔ bere bi mu.” Baabi a atumi ayɛ yiye sɛ wɔbɛko apere ɔsom mu ahofadi wɔ asennibea ahorow no, saa Kristofo yi ayɛ saa, na wɔadi nkonim pefee aman dodow bi mu. United States Asennibea Kɛse no anim nkutoo no, Yehowa Adansefo adi nkonim mpɛn 50.

11. Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ba a waba ho nsɛnkyerɛnne no ho bɛn na aba mu wɔ Yehowa Adansefo so Awurade da no mu?

11 Kuw foforo biara nni hɔ a wofi ahonim pa mu atie Yesu ahyɛde sɛ wɔmfa Kaesare nneɛma mma Kaesare no. (Luka 20:25; Romafo 13:1, 7) Nanso, kuw foforo biara nni hɔ a wɔde emufo ato afiase nsase bebree so wɔ nniso ahorow pii ase sɛ wɔn, na eyi akɔ so ara abesi nnɛ wɔ Amerika, Europa, Afrika ne Asia. Nsɛm yi ka Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa ne ba a waba ho sɛnkyerɛnne no ho: “Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.” (Mateo 24:3, 9) Ɛda adi sɛ eyi abam wɔ Yehowa Adansefo Kristofo fam wɔ Awurade da no mu.

12. Ɔkwan bɛn so na Yohane kuw no ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo den ma wɔagyina ɔtaa ano?

12 Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo den ma wɔagyina ahohiahia ano no, Yohane kuw no akɔ so akaakae wɔn aba a ɛwɔ Yesu nsɛm a ɔde kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Smirna no mu. Sɛ nhwɛso no, bere a Nasifo ɔtaa no fii ase no, 1933 ne 1934 mu Ɔwɛn-Aban no kura nsɛm a ɛte sɛ “Munnsuro Wɔn,” a ɛkaa Mateo 10:26-33 ho asɛm; “Sɔhwɛ Kɛse No,” a egyina Daniel 3:17, 18 so; ne “Agyata Anom,” ne Daniel 6:22 sɛ emu nsɛntitiriw. Wɔ 1980 mfe no mu a wodii kan tintim nhoma yi a na Yehowa Adansefo rehyia ɔtaa a emu yɛ den wɔ nsase bɛboro 40 so no, Ɔwɛn-Aban no de nsɛm te sɛ “Wɔwɔ Anigye Ɛwom Sɛ Wɔtaa Wɔn De!,” ne “Kristofo De Boasetɔ Hyia Ɔtaa,” hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo den. *

13. Te sɛ Kristofo a na wɔwɔ Smirna no, dɛn nti na Yehowa Adansefo Kristofo nsuro ɔtaa?

13 Ampa, Yehowa Adansefo Kristofo hyia ɔtaa ankasa ne sɔhwɛ ahorow sɛnkyerɛnne kwan so dadu. Te sɛ Kristofo a na wɔwɔ tete Smirna no, wonsuro; na enhia sɛ yɛn mu bi suro bere a ɔhaw ahorow mu kɔ so yɛ den wɔ asase so ha no. Yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛtɔ yɛn bo ase wɔ amanehunu mu na yɛde anigye apene ‘fow a wɔfow yɛn nneɛma’ no mpo. (Hebrifo 10:32-34) Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm a yebesua na yɛde ayɛ yɛn ankasa de so no, ebesiesie yɛn ma yɛatumi agyina gyidi no mu pintinn. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi abɔ wo ho ban wo mudi mu, na ɔbɛyɛ saa nso. “Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Petro 5:6-11.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Bɛyɛ Yohane wu akyi mfe 60 no, wɔhyew Polycarp a na wadi mfe 86 no ma owui wɔ Smirna, esiane sɛ na ɔrempa ne gyidi wɔ Yesu mu nti. Nhoma The Martyrdom of Polycarp, a wogye di sɛ wɔkyerɛwee bere a asɛm yi sii no, ka sɛ bere a wɔreboaboa nnyina ano ma wɔahyew no no, “Yudafo de mmɔdenbɔ kɛse boae wɔ ne yɛ mu sɛnea wɔtaa yɛ no”—ɛwom sɛ wokum no “homeda kɛse bi” de.

^ nky. 12 Hwɛ The Watchtower November 1, 1933; October 1 ne 15, December 1 ne 15 1934; May 1, 1983 mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 39 adaka/mfonini]

Mfe pii ni no, abakɔsɛm akyerɛwfo aka nsɛm pii afa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Germany ho wɔ sɛnea wodii nokware wɔ Nasi nniso ase no. Nhoma Mothers in the Fatherland, a abakɔsɛm kyerɛwfo Claudia Koonz tintimii no 1986 mu no ka eyi: “Germanfo dodow no ara a wɔnnyɛ Nasifo no nyaa akwan horow a wɔfaa so traa ase wɔ nniso bi a wobuu no animtiaa ase . . . Akontaabu no ne amammui adwenhorow no nso kaa Yehowa Adansefo 20,000 a ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa ampene da sɛ wɔbɛyɛ osetie biara ama Nasi man no ho asɛm. . . . Ɔsom na ɛhyɛɛ asɔretiafo kuw a na wɔyɛ biako sen biara no den. Efi mfiase no, Yehowa Adansefo ammoa Nasi man no fã biara. Gestapofo sɛee wɔn adwumayɛbea ti a ɛwɔ ɔman no mu 1933 mu, na wɔbaraa kuw no wɔ 1935 mu akyi mpo no, wɔampene sɛ wɔbɛka sɛ ‘Hitler Mo.’ Wɔde Yehowa Adansefo nyinaa mu bɛyɛ fã (mu dodow no ara yɛ mmarima) koguu nsraban mu, kunkum wɔn mu apem, na apem foforo nso wuwui wɔ 1933 ne 1945 ntam hɔ . . . Katolekfo ne Protestantfo tee sɛ wɔn asɔfo kae sɛ wɔne Hitler nyɛ biako. Sɛ wɔsɔre tiae a, na wɔyɛɛ saa de buu asɔre ne ɔman no nyinaa ahyɛde ahorow so.”