Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munyi Yah Ayɛ wɔ N’atemmu Ahorow Ho!

Munyi Yah Ayɛ wɔ N’atemmu Ahorow Ho!

Ti 38

Munyi Yah Ayɛ wɔ N’atemmu Ahorow Ho!

1. Nsɛm bɛn na Yohane te, te “sɛ nnipakuw kɛse nne a ɛyɛ den ɔsoro”?

BABILON Kɛse no nni hɔ bio! Eyi yɛ anigyesɛm ampa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛno nti na Yohane te ayeyi ho anigye nteɛm wɔ ɔsoro no! “Eyinom akyi no metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfo pii nne kɛse ɔsoro sɛ: Haleluia! * nkwagye ne anuonyam ne nidi ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn de; efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ, sɛ obuu aguaman kɛse a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no ntɛn, na odii ne nkoa mogya ho were wɔ ne nsam. Na wɔkae bio sɛ: Haleluia! * na ne wusiw foro soro daa daa.”—Adiyisɛm 19:1-3.

2. (a) Asɛmfua “Haleluia” no kyerɛ dɛn, na te a Yohane te no mprenu wɔ ha no da dɛn adi? (b) Hena na Babilon Kɛse a wɔsɛe no no hyɛ no anuonyam? Kyerɛkyerɛ mu.

2 Haleluia ampa! Saa asɛm no ase ne “Munyi Yah Ayɛ,” “Yah” yɛ Onyankopɔn din, Yehowa a wɔatwa no tiaa. Ɛha no, wɔkae yɛn odwontofo no afotu a ese: “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ. Munyi [Yah] ayɛ!” no. (Dwom 150:6) Te a Yohane te sɛ ɔsoro nnwontofo anigyefo no to “Haleluia!” mprenu wɔ Adiyisɛm mu ha no kyerɛ sɛ nokware a wofi ɔsoro da no adi yi kɔ so daa. Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no Nyankopɔn no ara ne Hebri Kyerɛwnsɛm a edii anim no Nyankopɔn no, na Yehowa ne ne din. Onyankopɔn a ɔmaa tete Babilon hwee ase no abu Babilon Kɛse no ntɛn na wasɛe no afei. Monhyɛ no anuonyam saa ade a wayɛ no nti! Tumi a ɛmaa aguaman no hwee ase no fi ɔno mmom na emfi amanaman a ɔde wɔn dii dwuma sɛ n’adwinnade de yɛɛ no amamfõ no. Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ yebu no sɛ nkwagye fi no.​—Yesaia 12:2; Adiyisɛm 4:11; 7:10, 12.

3. Dɛn nti na aguaman kɛse no atemmu fata no yiye?

3 Dɛn nti na atemmu yi fata aguaman kɛse no saa? Sɛnea mmara a Yehowa de maa Noa—na ɔnam no so de maa adesamma nyinaa—kyerɛ no, sɛ obi hwie mogya gu kwa a, ɛsɛ sɛ wobu no kumfɔ. Wɔsan kaa eyi wɔ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no mu. (Genesis 9:6; Numeri 35:20, 21) Bio, wɔ saa Mose Mmara no ase no, ná honam fam ne honhom fam awaresɛe nyinaa fata owu. (Leviticus 20:10; Deuteronomium 13:1-5) Mfe mpempem pii no, Babilon Kɛse adi mogya ho fɔ, na ɔyɛ aguaman a onye koraa. Sɛ nhwɛso no, Roman Katolek Asɔre no adeyɛ kwan a ɛne sɛ ɛbara n’asɔfo sɛ wɔnnware no akowie ɔbrasɛe a enye koraa mu wɔ wɔn mu pii fam, a ɛnnɛ wɔn mu pii anya AIDS yare no bi. (1 Korintofo 6:9, 10; 1 Timoteo 4:1-3) Nanso ne bɔne kɛse ‘a atoatoa akodu soro tɔnn,’ ne ne honhom mu aguamammɔ nneyɛe a ɛyɛ ahobow—a nea ɛwɔ eyi mu ne atoro a ɛkyerɛkyerɛ ne ne ho a ɛde bɔ amansɛmdifo a wɔaporɔw ho no. (Adiyisɛm 18:5) Esiane sɛ awiei no n’asotwe aba no so nti, afei ɔsoro dɔm no ka Haleluia ne mprenu so.

4. Dɛn ho sɛnkyerɛnne na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wusiw a efi Babilon Kɛse mu no “foro soro daa daa” no yɛ?

4 Wɔato Babilon Kɛse mu gya te sɛ kurow a wɔadi so nkonim, na wusiw a efi mu no kɔ so “foro soro daa daa.” Bere a asraafodɔm a wɔadi nkonim ahyew kurow bi ankasa no, bere dodow a ɔhyew wɔ nsõ no mu no, wusiw kɔ so foro soro. Amamfõ a ɛrehyew no bɛhyehyew obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsan akyekye kurow no bere a ɛda so ara fi wusiw no. Esiane sɛ Babilon Kɛse no wusiw bɛkɔ so aforo soro “daa daa” sɛ n’atemmu a ewie koraa no ho sɛnkyerɛnne nti, obiara rentumi nsan nkyekye kurow bɔne no bio da. Atoro som afi hɔ koraa. Haleluia, ampa!—Fa toto Yesaia 34:5, 9, 10 ho.

5. (a) Dɛn na mpanyimfo 24 no ne ateasefo baanan no yɛ na wɔka? (b) Dɛn nti na Haleluia dwom nnyeso no yɛ dɛ koraa sen Haleluia biara a Kristoman asɔreasɔre nnwontofo akuw tow?

5 Wɔ anisoadehu bi a edi kan mu no, Yohane huu ateasefo baanan wɔ ahengua no ho, a ná wɔka mpanyimfo 24 a wɔyɛ ahenni no adedifo no a wɔwɔ wɔn soro anuonyam dibea mu no ho mfonini no ho. (Adiyisɛm 4:8-11) Afei ohu wɔn bio bere a wɔteɛm ka Haleluia ne mprɛnsa so wɔ Babilon Kɛse no sɛe ho no: “Na mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no kotow sɔree Nyankopɔn a ɔte ahengua no so no se: Amen, Haleluia!” * (Adiyisɛm 19:4) Ɛnde na Haleluia dwom dɛdɛ yi ka Oguammaa no ayeyi “dwom foforo” no ho. (Adiyisɛm 5:8, 9) Afei wɔto nkonimdi dwom dɛdɛ bi, de anuonyam nyinaa ma Amansan Hene Yehowa esiane nkonim prɛko a wadi wɔ aguaman kɛse, Babilon Kɛse so nti. Haleluia ahorow yi gyigye dɛdɛ koraa sen Haleluia dwom biara a wɔto wɔ Kristoman asɔreasɔre, baabi a wɔagu Yehowa anaasɛ Yah anim ase na wɔabu no animtiaa no mu. Afei na wɔama nyaatwom nnwonto a ɛtete saa a ɛbɔ Yehowa din ahohora no to atwa koraa!

6. Hena “nne” na wɔte, dɛn na ɛka sɛ wɔnyɛ, na henanom na wogye so bi?

6 Afe 1918 mu na Yehowa fii ase tuaa ‘wɔn a wosuro ne din, nketewa ne akɛse no ka’—eyinom mufo a wodi kan ne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔawuwu nokwaredi mu, a onyanee wɔn de wɔn kɔɔ mpanyimfo 24 no gyinabea wɔ ɔsoro no. (Adiyisɛm 11:18) Afoforo kɔka eyinom ho wɔ Haleluia nnwom no to mu, efisɛ Yohane bɔ amanneɛ sɛ: “Na ɛnne bi fii ahengua no mu se: Munyi yɛn Nyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa ne mo a musuro no nyinaa, akɛse ne nketewa.” (Adiyisɛm 19:5) Eyi yɛ Yehowa Kasamafo, n’ankasa Ba, Yesu Kristo a ogyina ‘ahengua no mfinimfini’ no “nne.” (Adiyisɛm 5:6) Ɛnyɛ ɔsoro nko na mmom asase so ha nso, “mo a moyɛ ne nkoa . . . nyinaa,” nya nnwonto no mu kyɛfã, na Yohane kuw a wɔasra wɔn no na wodi anim wɔ asase so. Anigye bɛn ara na eyinom nso de tie ahyɛde a ɛne sɛ: “Munyi yɛn Nyankopɔn ayɛ” no sɛɛ yi!

7. Bere a wɔasɛe Babilon Kɛse akyi no, henanom na wobeyi Yehowa ayɛ?

7 Yiw, wɔkan nnipakuw kɛse no mufo nso fra nkoa yi. Efi 1935 no, eyinom refi adi afi Babilon Kɛse no mu na wɔanya Onyankopɔn bɔhyɛ no mmamu sɛ: “Wobehyira wɔn a wosuro [Yehowa], nketewa ne akɛse nyinaa.” (Dwom 115:13) Bere a wɔasɛe Babilon a ɔte sɛ aguaman no, wɔn mu ɔpepem pii—bɛka Yohane kuw no ne ɔsoro dɔm no nyinaa ho—‘ayi yɛn Nyankopɔn ayɛ.’ Akyiri yi, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔanyan wɔn aba asase so, sɛ ná wɔyɛ atitiriw anaa dabi no, sɛ wobehu sɛ Babilon Kɛse no afi hɔ akɔ koraa a, wɔbɛto Haleluia bio. (Adiyisɛm 20:12, 15) Ayeyi nka Yehowa ne nkonim kɛse a wadi aguaman a ofi tete no so no nti!

8. Nkuranhyɛ bɛn na ɛsɛ sɛ ɔsoro nnwontofo kuw a wɔde ayeyi ma a Yohane hui no ma yenya mprempren, ansa na wɔasɛe Babilon Kɛse no?

8 Nkuranhyɛ bɛn na eyi nyinaa de ma yɛn ma yɛde yɛn ho ahyɛ Onyankopɔn adwuma a ɔwɔ ma yɛn nnɛ no mu kɛse sɛɛ yi! Ɛmmra sɛ Yah nkoa nyinaa befi koma ne ɔkra mu de wɔn ho ama aka Onyankopɔn atemmu horow ne Ahenni anidaso kɛse no mprempren ansa na wɔahuan Babilon Kɛse ase agua asɛe no.​—Yesaia 61:1-3; 1 Korintofo 15:58.

‘Haleluia—Yehowa Di Hene!’

9. Dɛn nti na Haleluia a edi akyiri no yɛ nnyigyei a edi mu na ɛyɛ dɛ saa?

9 Nneɛma afoforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma wodi ahurusi, sɛnea Yohane kɔ so ka kyerɛ yɛn no: “Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuw kɛse nne ne nsu bebree nne ne aprannaa a emu yɛ den sɛ: Haleluia! * efisɛ [Yehowa] Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, adi hene.” (Adiyisɛm 19:6) Haleluia a edi akyiri yi na ɛma mpaemuka no di mũ, anaasɛ ɛkari pɛ. Ɛyɛ ɔsoro nnyigyei kɛse a ɛyɛ dɛ sen adesamma nnwontofo kuw biara de, nea ɛso sen asase so nsu biara a ɛworo, na ɛyɛ hu sen asase so aprannaa biara. Ɔsoro dɔm mpempem pii no nne kamfo nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “Yehowa yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, adi hene.”

10. Ntease bɛn mu na wobetumi aka sɛ Yehowa afi ase di tumi sɛ ɔhene wɔ Babilon Kɛse no sɛe akyi?

10 Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa fi ase di hene? Mfe mpempem pii atwam fi bere a odwontofo no paee mu kae sɛ: “Onyankopɔn ne me hene fi teteete.” (Dwom 74:12) Saa bere no mpo, na Yehowa ahenni fi tete, enti ɔkwan bɛn so na amansan nnwontofo kuw no tumi to dwom sɛ ‘Yehowa afi ase di tumi sɛ ɔhene’? Nea ɛte ne sɛ bere a wɔsɛe Babilon Kɛse no, na saa ɔhantanfo ɔsɔretiafo no nni hɔ bio a ɔne Yehowa bɛpere ade na wadan nkurɔfo adwene afi osetie a wɔbɛyɛ ama no sɛ Amansan Hene no so. Atoro som renkanyan asase so atumfoɔ mma wɔnsɔre ntia no bio. Bere a tete Babilon fii wiase tumidi so hwee ase no, Sion tee nkonimdi osebɔ sɛ: “Wo Nyankopɔn di hene!” (Yesaia 52:7) Ahenni no awo wɔ 1914 mu akyi no, mpanyimfo 24 no paee mu kae sɛ: “Yɛda wo, [Yehowa] Nyankopɔn . . . ase, sɛ woafa wo tumi kɛse, na woadi hene.” (Adiyisɛm 11:17) Afei, bere a wɔayɛ Babilon Kɛse no pasaa akyi no, wɔteɛm bio sɛ: ‘Yehowa afi ase di hene.’ Onyame a onipa ayɛ biara renka na ɔne nokware Nyankopɔn Yehowa apere amansan yi so tumidi!

Oguammaa no Aware Abɛn

11, 12. (a) Tete Yerusalem frɛɛ tete Babilon dɛn, na ɛyɛɛ nhwɛso bɛn maa Yerusalem Foforo no ne Babilon Kɛse? (b) Bere a wɔadi Babilon Kɛse so nkonim no, dwom bɛn na ɔsoro dɔm bebree no to, na dɛn na wɔbɔ ho amanneɛ?

11 “Wo ɔbea a woyɛ me tamfo”! Saa na Yerusalem, baabi a na Yehowa asɔrefi si no frɛɛ abosonsom Babilon. (Mika 7:8, NW ) Saa ara nso na “kurow kronkron no, Yerusalem foforo” a emufo yɛ 144,000 no anya biribiara a ebetumi agyina so afrɛ Babilon Kɛse sɛ ne tamfo. (Adiyisɛm 21:2) Nanso afei de nneɛma ankɔ yiye amma aguaman kɛse no, amanehunu ne ɔsɛe ato no. N’ahonhonsɛmdi nneyɛe ne nsoromma mu ahwɛfo antumi annye no. (Fa toto Yesaia 47:1, 11-13 ho.) Eyi yɛ nkonimdi kɛse ma nokware som ampa ara!

12 Afei a aguaman a wokyi no, Babilon Kɛse no, afi hɔ koraa no, wobetumi de adwene asi Oguammaa no ayeforo a ɔyɛ ɔbaabun kronn no so! Enti, ɔsoro dɔm no to dwom yi Yehowa ayɛ, sɛ: “Momma yɛn ani nnye, na yenni ahurusi, na yɛnhyɛ no anuonyam, efisɛ oguammaa no ayeforohyia adu, na ne yere asiesie ne ho. Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa a ɛho tew maa no sɛ omfura. Na nwera pa no ne ahotefo trenee.”—Adiyisɛm 19:7, 8.

13. Ahosiesie ma Oguammaa no aware bɛn na akɔ so mfehaha no mu de abedu nnɛ?

13 Mfehaha no mu nyinaa no, Yesu ayɛ nsiesiei a efi ɔdɔ mu ama ɔsoro aware yi. (Mateo 28:20; 2 Korintofo 11:2) Na ɔretew honhom mu Israelfo 144,000 no ho sɛnea ɛbɛyɛ na “ɔde asafo no asi hɔ anuonyam mu a nkekae anaa mpomponoe anaa eyinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a dɛm nso nni ho.” (Efesofo 5:25-27) Sɛnea ɛbɛyɛ na Kristoni biara a wɔasra no nsa aka “ɔsoro frɛ a Onyankopɔn” afrɛ no no, ɛho hia sɛ oyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe no gu, na ɔhyɛ Kristo nipasu foforo no, na ofi “ɔkra nyinaa mu” yɛ trenee nnwuma sɛ “ɔyɛ ma Yehowa.”—Filipifo 3:8, 13, 14; Kolosefo 3:9, 10, 23, NW.

14. Ɔkwan bɛn na Satan abɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa so asɛe wɔn a daakye wɔbɛyɛ Oguammaa no yere no mufo no?

14 Efi Pentekoste 33 Y.B. reba no, Satan de Babilon Kɛse adi dwuma sɛ n’adwinnade de rebɔ mmɔden sɛ obegu wɔn a daakye wɔbɛyɛ Oguammaa no yere no mufo no ho fĩ. Ebeduu afeha a edi kan no awiei no, ná wagu Babilon nyamesom aba ahorow wɔ asafo no mu. (1 Korintofo 15:12; 2 Timoteo 2:18; Adiyisɛm 2:6, 14, 20) Ɔsomafo Paulo ka wɔn a ná wɔresɛe gyidi no ho asɛm wɔ nsɛm yi mu sɛ: “Na saa nnipa yi yɛ atoro asomafo, nnaadaa adwumayɛfo a wɔdan wɔn ho yɛ sɛ Kristo asomafo. Na ɛnyɛ nwonwa; efisɛ Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.” (2 Korintofo 11:13, 14) Mfehaha a edii akyi bae no mu no, Kristoman a awae, te sɛ Babilon Kɛse fa a aka no, de ahode ne hokwan hyehyɛɛ ne ho, “afasebiri ne nkra nhoma, . . . sika ne aboɔden abo ne nhene pa.” (Adiyisɛm 17:4) N’asɔfo ne ne Paapanom de wɔn ho bɔɔ ahempɔn mogyapɛfo, te sɛ Konstantino ne Charlemagne. Wamfa “ahotefo trenee” nneyɛe anhyehyɛ ne ho da. Sɛ atoro ayeforo no, nokwarem no ná ɔyɛ Satan nnaadaa ade bi a ɔyɛ nnam yiye. Afei de, wafi hɔ koraa!

Oguammaa no Yere Asiesie ne Ho

15. Ɔkwan bɛn so na wɔfa sɔw wɔn ano, na dɛn na wɔhwehwɛ wɔ Kristoni a wɔasra no no ho?

15 Enti afei, wɔ bɛyɛ mfe 2,000 akyi no, ayeforo kuw no mufo 144,000 no nyinaa asiesie wɔn ho. Nanso bere bɛn pɔtee na wɔbɛka sɛ ‘Oguammaa no yere asiesie ne ho’? Nkakrankakra fi Pentekoste afe 33 Y.B. mu reba no, “wɔde bɔhyɛ no honhom kronkron” asɔ gyidifo a wɔasra wɔn no ano na wɔayɛ eyi “ogye da” a ɛreba no nti. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, Onyankopɔn “nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn honhom no de ayɛ guaha ama yɛn wɔ yɛn koma mu.” (Efesofo 1:13; 4:30; 2 Korintofo 1:22) Kristoni biara a wɔasra no no, ‘wɔafrɛ no na wɔapaw no’, na wada ne ho adi sɛ ɔyɛ “ɔnokwafo.”—Adiyisɛm 17:14, NW.

16. (a) Bere bɛn na wowiee ɔsomafo Paulo anosɔw no, na yɛyɛ dɛn hu? (b) Bere bɛn na Oguammaa no yere bewie ‘ne ho siesie’ koraa?

16 Paulo ankasa tumi kae wɔ mfe du du a wɔde sɔɔ no hwɛe akyi sɛ: “Ɔko pa no, mako; mmirika no mawie tu; gyidi no, maso mu masie. Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi.” (2 Timoteo 4:7, 8) Ná ɛte sɛ nea wɔawie ɔsomafo no ano a wɔsɔw no, ɛwom sɛ ná ɔda so ara wɔ ɔhonam mu a wɔrebekum no sɛ mogya dansefo de. Saa ara nso na na bere bi bɛba a wobewie 144,000 no mufo a wɔaka asase so nyinaa anosɔw mmiako mmiako sɛ Yehowa dea. (2 Timoteo 2:19) Eyi bɛyɛ bere a Oguammaa no yere no awie ne ho siesie koraa—a 144,000 no mu dodow no ara nsa aka wɔn soro akatua dedaw na awiei koraa no, wɔapene wɔn a wɔda so wɔ asase so no so na wɔasɔw wɔn ano sɛ wɔyɛ anokwafo.

17. Bere bɛn na Oguammaa no aware no betumi aba?

17 Bere yi mu wɔ Yehowa bere nhyehyɛe mu, bere a wɔawie 144,000 no anosɔw no, abɔfo no gyaa ahohiahia kɛse mframa anan no mu. (Adiyisɛm 7:1-3) Nea edi kan no, wɔde atemmu ba Babilon Kɛse a ɔte sɛ aguaman no so. Afei, Kristo a wadi nkonim no kɔ anim ntɛmntɛm kɔ Harmagedon kɔsɛe Satan asase so ahyehyɛde nkae no na awiei koraa no, ɔde Satan ne n’adaemone agu bun no mu. (Adiyisɛm 19:11–20:3) Sɛ ɛka wɔn a wɔasra wɔn no bi wɔ asase so a, akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ Kristo wie ne nkonimdi no ara pɛ a, wɔn nsa bɛka wɔn soro akatua no na wɔbɛkɔ akɔka mfɛfo ayeforo kuw no mufo no ho. Afei, wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, Oguammaa no ayeforohyia no betumi aba so!

18. Ɔkwan bɛn so na Dwom 45 si nhyehyɛe a ɛfa Oguammaa no ayeforohyia ho no so dua?

18 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 45 no kyerɛ sɛnea nsɛm no besisi nnidiso nnidiso. Nea edi kan no, Ɔhene a wɔde no asi agua so no kɔ kodi n’atamfo so nkonim. (Nkyekyem 1-7) Afei wohyia ayeforo no, na ɔsoro ayeforo no mmaabun ahokafo a wɔne nnipakuw kɛse no ka ne ho wɔ asase so. (Nkyekyem 8-15) Afei aware no sow aba, bere a wɔma adesamma a wɔanyan wɔn afi awufo mu no so kɔ pɛyɛ mu wɔ “asase nyinaa so ahene” no ɔhwɛ ase no. (Nkyekyem 16, 17) Nhyira horow a ɛyɛ nyam bɛn ara na ɛka Oguammaa no ayeforohyia no ho sɛɛ yi!

Anigye ne Wɔn a Wɔahyia Wɔn

19. Dɛn ne Adiyisɛm mu anigye ason no mu nea ɛto so anan, na henanom na wonya anigye titiriw no mu kyɛfa?

19 Afei Yohane kyerɛw Adiyisɛm mu anigye ason no mu nea ɛto so anan no: “Na [ɔbɔfo a na ɔreda nneɛma yi adi kyerɛ Yohane no] ka kyerɛɛ me sɛ: Kyerɛw: Anigye ne wɔn a wɔahyia wɔn Oguammaa no ayeforohyia anwummeduan ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ eyinom yɛ Onyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokware.” (Adiyisɛm 19:9, NW) * Wɔn a wɔahyia wɔn kɔ “Oguammaa no ayeforohyia no ase” no ne ayeforo kuw no mufo. (Fa toto Mateo 22:1-14 ho.) Ayeforo kuw a wɔasra wɔn no mufo nyinaa nya hyia a wɔahyia wɔn yi mu anigye no bi. Wɔn a wɔahyia wɔn no mu dodow no ara kɔ soro dedaw, faako a wɔreto ayeforohyia anwummeduan pon no. Wɔn a wɔda so wɔ asase so no nso ani gye sɛ wɔahyia wɔn. Wɔn afa wɔ ayeforohyia anwummeduan apontow no ase da hɔ ma wɔn. (Yohane 14:1-3; 1 Petro 1:3-9) Bere a wɔanyan wɔn kɔ ɔsoro no, afei ayeforo a wɔaka abom ayɛ biako no nyinaa ne Oguammaa no benya saa aware a ɛyɛ anigye kɛse no mu kyɛfa.

20. (a) Dɛn na nsɛm: “Eyinom yɛ Onyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokware” no kyerɛ? (b) Ɔbɔfo no nsɛm no kaa Yohane dɛn, na dɛn na ɔbɔfo no yɛe wɔ ho?

20 Ɔbɔfo no de ka ho sɛ “eyinom yɛ Onyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokware.” Asɛmfua “nokware” yi yɛ Hela asɛmfua a·le·thi·nosʹ no nkyerɛase na nea ɛkyerɛ ne biribi a ɛyɛ “kronn” anaa “nea wotumi de ho to so.” Esiane sɛ nsɛm yi fi Yehowa ankasa hɔ nti, ɛyɛ nokware na wotumi de ho to so. (Fa toto 1 Yohane 4:1-3; Adiyisɛm 21:5; 22:6 ho.) Sɛ́ obi a na wɔato nsa afrɛ no akɔ saa ayeforohyia no ase no, ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yohane tee ne nhyira horow a ɛda ayeforo kuw no anim no ho a odwen no maa anigye hyɛɛ no ma. Ɛkaa no yiye, ma nokwarem no na ɛsɛ sɛ ɔbɔfo no tu no fo, sɛnea Yohane ka no: “Na mehwee ne nan ase mekotow no; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi: Kotow Nyankopɔn.”—Adiyisɛm 19:10a.

21. (a) Dɛn na Adiyisɛm da no adi wɔ abɔfo no ho? (b) Su bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nya wɔ abɔfo no ho?

21 Adiyisɛm no mu nyinaa no, wɔadi abɔfo nokwaredi ne wɔn mmɔdenbɔ ho adanse a ɛyɛ nwonwa. Wɔka wɔn a wɔnam wɔn so da nokware a woyi kyerɛ no adi no ho. (Adiyisɛm 1:1) Wɔne adesamma bom yɛ adwuma wɔ asɛmpa no ka ne sɛnkyerɛnne kwan so ɔhaw a wohwie gu no mu. (Adiyisɛm 14:6, 7; 16:1) Wɔkaa Yesu ho koe ma wotuu Satan ne n’abɔfo fii soro, na wɔbɛka ne ho ako bio wɔ Harmagedon. (Adiyisɛm 12:7; 19:11-14) Nokwarem no, wonya kwan kɔ Yehowa ankasa anim pɛɛ. (Mateo 18:10; Adiyisɛm 15:6) Nanso, wɔyɛ Onyankopɔn nkoa ahobrɛasefo kɛkɛ. Abɔfosom anaa ɔsom a ɛte sɛ nea wɔnam “ɔhotefo” bi anaasɛ ɔbɔfo bi so som Onyankopɔn biara nni afã wɔ ɔsom kronn mu. (Kolosefo 2:18) Kristofo som Yehowa nkutoo, na wɔyɛ wɔn nkotosrɛ wɔ Yesu din mu.​—Yohane 14:12, 13.

Yesu Afã wɔ Nkɔmhyɛ Mu

22. Dɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛ Yohane, na dɛn na nsɛm no kyerɛ?

22 Afei ɔbɔfo no ka sɛ: “Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.” (Adiyisɛm 19:10b) Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Eyi kyerɛ sɛ wɔhyɛ nkɔm a efi honhom mu no nyinaa esiane Yesu ne nea ɔyɛ wɔ Yehowa atirimpɔw ahorow mu nti. Nkɔmhyɛ a edi kan wɔ Bible mu no hyɛɛ aseni bi mmae ho bɔ. (Genesis 3:15) Yesu na ɔbɛyɛɛ saa Aseni no. Nneɛma a woyii no adi a edii akyi bae no gyinaa bɔhyɛ titiriw yi so de nkɔmhyɛ mu nokware bebree bae. Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ Amanaman muni gyidini Kornelio sɛ: “Ɔno [Yesu] na adiyifo nyinaa di ne ho adanse.” (Asomafo no Nnwuma 10:43) Ɛno akyi bɛyɛ mfe 20 no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Onyankopɔn bɔ dodow a ɔhyɛe no, ɔno [Yesu] mu na yiw no wɔ.” (2 Korintofo 1:20) Mfe 43 foforo akyi no, Yohane ankasa bɔ yɛn nkae sɛ: “Nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.”—Yohane 1:17.

23. Dɛn nti na Yesu dibea a ɛkorɔn ne tumi a ɔwɔ no mmrɛ ɔsom a yɛde ma Yehowa no ase?

23 Eyi brɛ ɔsom a yɛde ma Yehowa no ase ɔkwan bi so anaa? Dabi. Kae ɔbɔfo no kɔkɔbɔ afotu no: “Kotow Nyankopɔn.” Yesu mmɔ mmɔden da sɛ ɔne Yehowa bɛpere ade. (Filipifo 2:6) Ampa, wɔka kyerɛ abɔfo no nyinaa sɛ ‘wɔnsɔre Yesu,’ na ɛsɛ sɛ abɔde nyinaa hu ne dibea a ɛkorɔn sɛnea ɛbɛyɛ a ‘Yesu din mu na nkotodwe nyinaa bɛkotow’ no. Nanso hyɛ no nsow sɛ wɔyɛ eyi ma “Agya Onyankopɔn anuonyam” na ɔno na wahyɛ sɛ wɔnyɛ no saa. (Hebrifo 1:6; Filipifo 2:9-11) Yehowa na ɔde tumi a ɛkorɔn no maa Yesu na sɛ yegye saa tumi no tom a, yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Sɛ yɛpow sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ahyɛ Yesu tumidi ase a, ná ɛkyerɛ sɛ yɛapow Yehowa Nyankopɔn ankasa.​—Dwom 2:11, 12.

24. Nsɛntitiriw abien bɛn na yɛhwɛ kwan, na nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka?

24 Ɛnde, momma yɛn nyinaa mmom nka Nnwom 146 kosi 150 mu nsɛm a wɔde fi ase no sɛ: “Munyi Yah ayɛ!” (Twi Bible Dedaw) Ɛmmra sɛ Haleluia dwom no nnyeso begyigye wɔ nkonim a Yehowa bedi wɔ Babilon wiase atoro som ahemman so no ho akwanhwɛ mu! Na ɛmmra sɛ anigye bɛdɔɔso bere a Oguammaa no ayeforohyia no rebɛn no!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 New World Translation Reference Bible, ase hɔ asɛm.

^ nky. 1 New World Translation Reference Bible, ase hɔ asɛm.

^ nky. 5 New World Translation Reference Bible, ase hɔ asɛm.

^ nky. 9 New World Translation Reference Bible, ase hɔ asɛm.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 273 adaka]

“Nhoma a Wɔde Kɔma Sodom ne Gomora”

Asɛmti yi ase no, London Daily Telegraph a wɔkyerɛwee November 12, 1987 no, bɔɔ asɛm bi a wɔde too gua wɔ Church of England Asɔfo Nhyiam Kɛse no anim no ho amanneɛ. Eyi bisae sɛ wontu Kristofo a wɔne wɔn a wɔne wɔn kura bɔbeasu koro da no mfi asɔre no mu. Ɔkyerɛwfo Godfrey Barker kae sɛ: “Canterbury Ɔsɔfo panyin no de awerɛhow kaa n’adwene nnɛra sɛ: Sɛ Ɔhotefo Paulo rekyerɛw nhoma akɔma Church of England a, anka yebetumi abisa yiye sɛ nhoma bɛn na ɛno bɛyɛ.” Owura Barker ankasa kaa ho asɛm sɛ: “Mmuae no ne sɛ Nhoma a Wɔde Kɔma Sodom ne Gomora,” na ɔde kaa ho sɛ: “Ɔbenfo Runcie [ɔsɔfo panyin no] susuwii sɛ ɛbɛyɛ te sɛ Romafo, Ti 1.”

Ɔkyerɛwfo no faa Paulo nsɛm a ɛwɔ Romafo 1:26-32 no kaa asɛm, sɛ: “Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwu akɔnnɔ. . . . Na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade . . . na wonim Nyankopɔn ahyɛde yiye sɛ owu na ɛsɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi de, nanso ɛnyɛ ɔyɛ nko na wɔyɛ, na wɔpene wɔn a wɔyɛ saa ade no bi.” Owiee n’asɛm no sɛ: “Na ɔhotefo Paulo ahaw wɔ asɔre mma no ho ara kwa. Ɔbenfo Runcie asɛm a ɛhaw no no fa wɔn a wogyina asɛnka agua so no ho.”

Dɛn nti na asɛnnennen a ɛte saa da ɔsɔfo panyin no so? Ná asɛmti a wɔakyerɛw no akɛse wɔ London Daily Mail a wɔkyerɛwee October 22, 1987 mu no aka sɛ: “Asɔfo baasa biara mu biako yɛ ɔbarima a ɔne mmarima da . . . mmarima a wɔne wɔn ho da so sa a wobetu no bɛma wɔato Church of England mu.” Amanneɛbɔ no faa Wɔn a Wɔne Wɔn a Wɔne Kura Bɔbeasu Koro Da Kristofo Kuw no ɔkyerɛwfo panyin a ɔyɛ “ɔsɔfo” no asɛm kae sɛɛ se: “Sɛ wogye asɛm a wɔde ato gua yi tom a ɛbɛsɛe asɔre no, na Canterbury Ɔsɔfo Panyin no nim eyi. Sɛ yebu akontaa a, yegye di sɛ Church of England asɔfo ɔha biara mu 30 kosi 40 yɛ mmarima a wɔne wɔn ho da. Na wɔne wɔn a wɔyɛ hyew sen biara a wɔboa Asɔre no ɔsom dwumadi.” Akyinnye biara nni ho sɛ asɔrekɔfo dodow a ɛso rehuan no fã fi mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da a wokyi wɔn no ɔsom adwuma a emu retrɛw no.

Gyinae bɛn na asɔre no asɔfo nhyiam no sii? Emufo 388 no mu fã kɛse a ɛyɛ nwonwa (asɔfo no mu ɔha biara mu nkyem 95) kae sɛ wonnyae asɛm no mu. Eyi ho no, The Economist a wɔkyerɛwee November 14, 1987 mu no bɔɔ amanneɛ sɛ: Church of England mpene mmarima a wɔne wɔn ho da nneyɛe no so, nanso ɛnyɛ anibere so. Asɔfo Nhyiam kɛse, a ɛne Asɔre no mmarahyɛ bagua no sii gyinae dapɛn yi bere a ná asɔfo mmarima a wɔne wɔn ho da na wɔwɔ wɔn adwene mu no, sɛ mmarima a wɔne wɔn ho da nneyɛe no nyɛ bɔne sɛnea aguamammɔ ne awaresɛe te no: Nea ɛte ara ne sɛ ɛmfata te sɛ ɔbarima ne ɔbea nna a ɛyɛ adeyɛ a ɛkyerɛ ho a wɔde ama obi koraa a ɛyɛ aware a ɛtra hɔ daa mu adeyɛ a ɛfata no.” The Economist no kyerɛw Paulo nsɛm a ɔfa kae no wɔ asɛm “Na Ɔhotefo Paulo nim nea osusuw” no atifi de kyerɛe sɛ Canterbury Ɔsɔfo panyin no gyinabea ne ɔsomafo Paulo asɛm a ɔkaa no pen wɔ Romafo 1:26, 27 no bɔ abira.

Ná Yesu Kristo nso nim nea osusuw na ɔkaa no pefee. Ɔkae sɛ “atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom asase asen” nyamesomfo a wɔpow n’asɛm no. (Mateo 11:23, 24) Ɛha no, na Yesu de akasabebu bi na ɛredi dwuma de akyerɛ sɛnea asɛm da saa nyamesom akannifo a wɔpow Onyankopɔn Ba no ne ne nkyerɛkyerɛ no so sen Sodomfo. Yuda 7 ka sɛ saa Sodomfo no “anya akatua deda hɔ sɛ daa ogya ho sɛnnahɔ,” a ɛkyerɛ daa ɔsɛe. (Mateo 25:41, 46) Ɛnde na wɔn a wɔka sɛ wɔfrɛ wɔn Kristofo akannifo a wɔde anifurae kyerɛ wɔn nguankuw a wɔafura wɔn ani no kwan fi Onyankopɔn Ahenni abrabɔ pa gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no ho kɔ wiase ɔbrasɛe akwan a wɔma biribiara ho kwan wɔ so no so no atemmu ano bɛyɛ den dɛn ara! (Mateo 15:14) Ɛdefa atoro som, Babilon Kɛse ho no, ɛnne a efi soro no de ntɛmpɛ frɛ sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moanya ne haw no bi.”—Adiyisɛm 18:2, 4.

[Kratafa 275 mfonini ahorow]

Haleluia ahorow anan gyigye ɔsoro yi Yah ayɛ wɔ nkonim a etwa to a wadi wɔ Babilon Kɛse so no ho