Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkekaboa Abien a Wɔne Wɔn Di Asi

Nkekaboa Abien a Wɔne Wɔn Di Asi

Ti 28

Nkekaboa Abien a Wɔne Wɔn Di Asi

Anisoadehu 8​—Adiyisɛm 13:1-18

Asɛmti: Aboa a ne ti ason, aboa a ɔwɔ mmɛn abien ne aboa no honi no

Bere a enya mmamu: Efi Nimrod bere so kosi ahohiahia kɛse no mu

1, 2. (a) Dɛn na Yohane ka wɔ ɔtweaseɛ no ho? (b) Yohane ka ahyehyɛde bi a aniwa hu a ɔtweaseɛ no de di dwuma ho asɛm dɛn wɔ sɛnkyerɛnne kwan so?

WƆATOW ɔtweaseɛ kɛse no akyene asase so! Nea yɛasua wɔ Adiyisɛm mu no da no adi sɛ wɔremma Ɔwɔ no anaa n’adaemone akyidifo no kwan mma wɔnsan nkɔ ɔsoro bio da. Nanso yɛne nea wɔfrɛ no “ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa” no nwiei ɛ. Amanneɛbɔ no kɔ so kyerɛ akwan horow a Satan fa so ko tia ‘ɔbea no asefo’ no wɔ ɔkwan a emu da hɔ yiye so. (Adiyisɛm 12:9, 17) Yohane ka wɔ ɔwɔ ɔtweaseɛ no ho sɛ: “Na okogyinaa mpoano anhwea so.” (Adiyisɛm 12:18) Enti momma yɛntwɛn kakra na yɛnhwehwɛ ɔkwan a ɔtweaseɛ no fa so di dwuma no mu.

2 Satan ne n’adaemone nni ɔsoro kronkronbea hɔ bio na wɔahaw ɛhɔfo. Wɔapam saa abɔfo bɔne no afi soro aka wɔn ahyɛ asase so. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi na ama ahonhonsɛmdi adɔɔso bebree wɔ ɛnnɛ bere yi mu no. Ɔwɔ oniferefo no da so ara wɔ ahonhom ahyehyɛde bi a aporɔw. Nanso so ɔde ahyehyɛde a aniwa hu nso redi dwuma de adaadaa adesamma anaa? Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne ti ho. Na aboa a mihuu no no te sɛ ɔsebɔ, na n’anan te sɛ osisi anan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse maa no.”—Adiyisɛm 13:1, 2.

3. (a) Mmoa a wɔyɛ keka bɛn na odiyifo Daniel hui wɔ anisoadehu mu? (b) Ná Daniel ti 7 mu mmoa akɛse no gyina hɔ ma dɛn?

3 Dɛn ne aboa a ne ho yɛ hu yi? Bible no ankasa ma mmuae. Ansa na Babilon rehwe ase wɔ 539 A.Y.B. mu no, Yudani odiyifo Daniel huu anisoade bi a ɛfa mmoa bi a wɔyɛ keka ho. Wɔ Daniel 7:2-8 no, ɔka mmoa anan a wofii po mu sɔree ho asɛm, nea edi kan no te sɛ gyata, nea ɔto so abien te sɛ osisi, nea ɔto so abiɛsa te sɛ ɔsebɔ na “hwɛ, aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu ne nwonwa na ɔyɛ den boro so ni . . . na ɔwɔ mmɛn du.” Eyi ne aboa a Yohane hui bɛyɛ afe 96 Y.B. no sɛ yiye. Saa aboa no nso wɔ su ahorow a ɛte sɛ gyata, osisi ne ɔsebɔ, na ɔwɔ mmɛn du. Dɛn ne mmoa akɛse a Daniel hui no? Ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Mmoa akɛse . . . yi yɛ ahene baanan a wobefi asase so asɔre agyina.” (Daniel 7:17) Yiw, saa mmoa no gyina hɔ ma “ahene,” anaa asase so amammui atumfo.

4. (a) Wɔ Daniel ti 8 no, dɛn ho mfonini na odwennini no ne ɔpapo no yɛe? (b) Dɛn na ɔpapo no abɛn kɛse a ebui na mmɛn anan besii ananmu no kyerɛe?

4 Wɔ anisoadehu foforo bi mu no, Daniel hu odwennini bi a ɔwɔ mmɛn abien a ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛse bi pem no hwee fam. Ɔbɔfo Gabriel kyerɛkyerɛ nea ɛkyerɛ no mu kyerɛ no: “Odwennini . . . no ne Media ne Persia ahene; na ɔpapo a ɔyɛ kekã no ne Hela hene.” Gabriel kɔ so hyɛ nkɔm sɛ wobebu ɔpapo no abɛn kɛse no na mmɛn anan bɛba abesi ananmu. Eyi baa mu ankasa wɔ ɛno akyi bɛboro mfe 200 bere a Aleksanda Ɔkɛse no wui na wɔpaapae n’ahenni no mu yɛɛ no ahemman anan a n’asafohene mpanyimfo baanan dii so no.​—Daniel 8:3-8, 20-25. *

5. (a) Ntease bɛn na Hela asɛmfua a egyina hɔ ma aboa no da no adi? (b) Dɛn na aboa a wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 13:1, 2 ne ne ti ason no gyina hɔ ma?

5 Enti, ɛda adi pefee sɛ Bible a efi honhom mu no Kyerɛwfo no bu asase so amammui atumfo no sɛ mmoa. Mmoa bɛn? Ɔsɛnkyerɛwfo bi frɛ Adiyisɛm 13:1, 2 mu aboa no sɛ “aboa a ne ho yɛ den,” na ɔde ka ho sɛ: “Yegye nea θηρίον [the·riʹon, Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “aboa”] kyerɛ no nyinaa, te sɛ akekaboa bi a ne tirim yɛ den, ɔsɛe ade, ne ho yɛ hu, ne nea ɛkeka ho no tom.” * Ɛno ka amammui nhyehyɛe a mogya ama ho agu fi a Satan de adi adesamma so no ho asɛm yiye dɛn ara! Aboa yi ti ason no gyina hɔ ma wiase tumi horow akɛse asia a Bible abakɔsɛm ka wɔn ho asɛm de besi Yohane bere so—Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela ne Roma—ne wiase tumi a ɛto so ason a wɔhyɛɛ nkɔm sɛ ebepue akyiri yi no.​—Fa toto Adiyisɛm 17:9, 10 ho.

6. (a) Dɛn mu kan na aboa no ti ason no adi? (b) Yehowa de Roma dii dwuma dɛn de dii n’ankasa atemmu ho dwuma wɔ Yudafo nneɛma nhyehyɛe no so, na ɛkowiee Kristofo a na wɔwɔ Yerusalem no dɛn?

6 Ampa, wiase tumi horow atra hɔ abakɔsɛm mu wɔ ason no akyi—sɛnea aboa a Yohane hui no wɔ emũ ne ti ason ne mmɛn du no. Nanso ti ason no gyina hɔ ma tumi akɛse ason a emu biara adi anim wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so mu no. Wɔ 33 Y.B. mu bere a na Roma wɔ so no, Satan de saa aboa no ti no dii dwuma de kum Onyankopɔn Ba no. Saa bere no, Onyankopɔn gyaw Yudafo nneɛma nhyehyɛe a enni gyidi no ma akyiri yi, wɔ 70 Y.B. mu no, ɔmaa Roma kwan ma ɔde n’atemmu baa saa ɔman no so. Nea ɛyɛ anigye no, na wɔadi kan abɔ Onyankopɔn nokware Israel, Kristofo a wɔasra wɔn asafo no kɔkɔ ma wɔn a na wɔwɔ Yerusalem ne Yudea aguan atwa Yordan Asubɔnten no akɔ n’agya dwoodwoo.​—Mateo 24:15, 16; Galatifo 6:16.

7. (a) Na dɛn na bere adu sɛ ɛbɛba bere a nneɛma nhyehyɛe no awiei no du na Awurade da no fi ase no? (b) Dɛn na ɛdaa adi sɛ ɛne Adiyisɛm 13:1, 2 mu aboa no ti a ɛto so ason no?

7 Nanso, eduu afeha a edi kan Y.B. awiei no, ná nnipa bebree a wɔwɔ tete asafo yi mu no awae afi nokware no ho na nwura, “ɔbɔne no mma,” no akata nokware Kristofo awi, “ahenni no mma,” no so. Nanso bere a nneɛma nhyehyɛe no awiei dui no, Kristofo a wɔasra wɔn no san puei bio sɛ kuw a wɔahyehyɛ. Wɔ Awurade da no mu no, na bere adu sɛ atreneefo no “bɛhyerɛn sɛ owia.” Enti wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no maa adwumayɛ. (Mateo 13:24-30, 36-43) Saa bere no, na Roma Ahemman no nni hɔ bio. Ná Britania Ahemman Kɛse a United States, Amerika a ne ho yɛ den no ka ne ho no na wodi wiase no so. Wiase tumi a ɛbɔ ho abien yi bɛdaa adi sɛ ɛne aboa no ti a ɛto so ason no.

8. Dɛn nti na ɛnyɛ ahodwiriw sɛ wɔde Anglo-Amerika wiase tumi a ɛbɔ ho abien no bɛtoto aboa ho?

8 So ɛnyɛ ahodwiriw sɛ wɔbɛka sɛ amammui tumi horow a edi so no yɛ aboa anaa? Saa na asɔretiafo binom kae wɔ Wiase Nyinaa Ko II bere so, bere a wogyee Yehowa Adansefo gyinabea sɛ ahyehyɛde ne sɛ ankorankoro ho akyinnye wɔ asennibea ahorow wɔ asase so nyinaa no. Nanso twɛn na susuw ho hwɛ! So amanaman no ankasa mfa mmoa anaa abɔde ahorow nyɛ wɔn man ho sɛnkyerɛnne ahorow anaa? Sɛ nhwɛso no Britania gyata, Amerika ɔkɔre ne China ɔtweaseɛ no wɔ hɔ. Enti, dɛn nti na sɛ Kyerɛw Kronkron no Kyerɛwfo a ɔwɔ soro no nso de mmoa yɛ wiase tumi horow ho sɛnkyerɛnne a ɛsɛ sɛ obi sɔre tia?

9. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ obi sɔre tia sɛ Bible bɛka sɛ Satan na ɔde tumi kɛse ma aboa no? (b) Wɔka Satan ho asɛm wɔ Bible mu dɛn, na ɔkwan bɛn so na ɔkɛntɛn nniso horow so?

9 Bio nso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi sɔre tia sɛ Bible ka sɛ Satan na ɔde ne tumi kɛse ma aboa no? Saa asɛm no Fibea ne Nyankopɔn, na wɔ n’ani so no ‘amanaman no te sɛ nsu koko a ɛresosɔ fi bokiti ho ne mfutumawa.’ Ɛbɛyɛ papa mmom sɛ saa amanaman no bɛhwehwɛ Onyankopɔn hɔ dom sen sɛ wɔn bo befuw ɔkwan a ne nkɔmhyɛ Asɛm no ka wɔn ho asɛm no ho. (Yesaia 40:15, 17; Dwom 2:10-12) Satan nyɛ ahintasɛm mu nnipa bi a wɔde adwuma ahyɛ ne nsa sɛ ɔnyɛ akra a wɔafi nipadua bi mu aninyanne wɔ hellgya bi mu. Beae a ɛte saa biara nni hɔ. Mmom no wɔka Satan ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu sɛ “hann bɔfo”—obi a wɔaben yiye wɔ nnaadaa mu a odi amansɛm nyinaa mu tumi kɛse.​—2 Korintofo 11:3, 14, 15; Efesofo 6:11-18.

10. (a) Dɛn na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ahemmotiri wɔ ne ti du no mu biara so no kyerɛ? (b) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na mmɛn du ne ahemmotiri du no yɛ?

10 Aboa no wɔ mmɛn du wɔ ne ti ason no so. Ebia na ti no mu anan wowɔ mmɛn mmiako mmiako na ti no mu abiɛsa wowɔ mmɛn abien abien. Afei nso ɛwɔ ahemmotiri du wɔ ne mmɛn no so. Wɔ Daniel nhoma no mu no, wɔka mmoa a wɔn ho yɛ hu ho asɛm na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn mmɛn no dodow no ase sɛ ɛte saa ankasa. Sɛ nhwɛso no, odwennini no mmɛn abien no gyinaa hɔ maa wiase ahemman bi a ayɔnkofo baanu a wɔne Media ne Persia na wɔwom bere a ɔpapo no mmɛn anan no gyinaa hɔ maa ahemman anan a ɛtraa hɔ bere koro mu a ná ne nyinaa fi Aleksanda Ɔkɛseɛ Hela ahemman no mu bae no. (Daniel 8:3, 8, 20-22) Nanso aboa a Yohane hui no de, ɛda adi sɛ mmɛn du no dodow no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. (Fa toto Daniel 7:24; Adiyisɛm 17:12 ho.) Egyina hɔ ma aman ahorow a wɔyɛ Satan amammui nhyehyɛe mũ no nyinaa. Mmɛn yi nyinaa di anuɔdensɛm na wɔyɛ keka, nanso sɛnea ti ason no kyerɛ no, wiase tumi biako pɛ nsam na tiyɛ no wɔ wɔ bere koro bi mu. Saa ara nso na ahemmotiri du no kyerɛ sɛ aman horow no nyinaa ne ɔman, anaa wiase tumi a edi so saa bere no nyinaa bedi tumi bere koro mu.

11. Dɛn na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ aboa no wɔ “abusudin wowɔ ne ti ho” no kyerɛ?

11 Aboa no wɔ “abusudin wowɔ ne ti ho,” na ɔhoahoa ne ho a ɛkyerɛ obu biara a onni ma Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu. Ɛde Onyankopɔn ne Kristo din adi dwuma atoro kwan so ma ɛde anya nea ɛpɛ wɔ amansɛmdi mu; na ɛne atoro som abɔ ma mpo ama asɔfo kwan ma wɔanya n’amansɛm nneyɛe mu kyɛfa. Sɛ nhwɛso no, asɔfo mpanyin wɔ Engiresifo mmarahyɛ bagua kɛse a wɔfrɛ no House of Lords no mu. Katolek asɔfo mpanyin adi amansɛm mu akoten wɔ France ne Italy, na nnansa yi ara asɔfo kurakura amansɛm dwumadi dibea ahorow wɔ Latin America. Nniso horow tintim nyamesom fene ahorow te sɛ “ONYANKOPƆN NA YƐDE YƐN HO TO NO SO” wɔ wɔn sika so, na wɔkyerɛ wɔ wɔn sika ahorow so sɛ Onyankopɔn pene wɔn atumfoɔ no so na sɛ nhwɛso no, wɔka sɛ “Onyankopɔn adom” na apaw eyinom. Nokwarem no, eyi nyinaa yɛ abususɛm, na ɛbɔ mmɔden sɛ ɛde Onyankopɔn bɛba wɔn ɔmampɛ amammui nneyɛe no mu.

12. (a) Dɛn na “ɛpo” no mu a aboa no fi ba no kyerɛ, na bere bɛn na ofii ase puei? (b) Dɛn na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔtweaseɛ no de ne tumi kɛse ma sɛnkyerɛnne kwan so aboa no kyerɛ?

12 Aboa no fi “ɛpo” a ɛyɛ adesamma bebree a wɔyɛ bagyabagya a wɔn mu na adesamma nniso fi no ho sɛnkyerɛnne a ɛfata no mu na ɛba. (Yesaia 17:12, 13) Aboa yi fii ase pue fii adesamma a wɔyɛ bagyabagya po no mu fi Nimrod bere so tɔnn (bɛyɛ afeha a ɛto so 21 A.Y.B. no mu) bere a Nsuyiri akyi nneɛma nhyehyɛe bi a ɛsɔre tia Yehowa dii kan yii ne ho adi no. (Genesis 10:8-12; 11:1-9) Nanso Awurade da no mu nkutoo ansa na ne ti ason no mu nea edi akyiri no ayi ne ho adi koraa. Hyɛ no nsow nso sɛ ɔtweaseɛ no na ɔde “ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse maa [aboa] no.” (Fa toto Luka 4:6 ho.) Aboa no yɛ Satan amammui ade bi a ɔde baa adesamma mu. Nokwarem no, Satan ne “wi yi ase sodifo.”—Yohane 12:31.

Bɔtorɔfɛ

13. (a) Ɔhaw bɛn na ɛto aboa no wɔ Awurade da no mfiase pɛɛ? (b) Dɛn nti na aboa mũ no nyinaa hu amane bere a wɔbɔ eti biako bɔtorɔfɛ no?

13 Awurade da no mfiase pɛɛ no asɛm to aboa no. Yohane bɔ amanneɛ sɛ: “Na mihui sɛ ne ti mu biako te sɛ nea wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔsaa ne bɔtorɔfɛ no, na aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa ma wodii n’akyi.” (Adiyisɛm 13:3) Nkyekyem yi ka sɛ wɔbɔɔ aboa no ti no mu biako bɔtorɔfɛ, nanso nkyekyem 12 kasa te sɛ nea aboa mu no nyinaa na ehuu amane no. Dɛn nti na ɛte saa? Wiɛ, ɛnyɛ aboa no ti no nyinaa na ɛbom di tumi. Ebiara adi adesamma so tumi wɔ ne bere so, titiriw no wɔ Onyankopɔn nkurɔfo so. (Adiyisɛm 17:10) Enti, bere a Awurade da no fi ase no, na eti biako pɛ na ɛwɔ hɔ, nea ɛto so ason no, na edi dwuma sɛ wiase nyinaa tumi a edi so. Saa ti no a wɔbɔ no bɔtorɔfɛ no de ahoyeraw kɛse ba aboa mu no nyinaa so.

14. Bere bɛn na wɔbɔɔ no bɔtorɔfɛ no, na ɔsraani panyin bi kaa dwuma a edii wɔ Satan aboa no so no ho asɛm dɛn?

14 Na dɛn ne bɔtorɔfɛ no? Akyiri yi wɔfrɛɛ no nkrante kuru, na nkrante yɛ ɔko ho sɛnkyerɛnne. Nkrante yi a wɔde twaa no wɔ Awurade da no mfiase pɛɛ no bɛyɛ nea ɛfa wiase ko a edi kan a ɛsɛee Satan amammui aboa no na ɛbrɛɛ no ase no ho. (Adiyisɛm 6:4, 8; 13:14) Ɔkyerɛwfo Maurice Genevoix a na ɔyɛ ɔsraani panyin wɔ saa ɔko no mu no kae wɔ ho sɛ: “Obiara gye tom sɛ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu no, nna kakraa bi na ayɛ titiriw te sɛ August 2, 1914. Europa dii kan na afei ankyɛ na ɛkame ayɛ sɛ adesamma nyinaa hui sɛ wɔwɔ tebea bi a ɛyɛ hu mu. Nhyiam, apam, abrabɔ pa ho mmara nhyɛase horow no nyinaa wosowee; efi da biako so kɔ foforo so no, na biribiara ho aba asɛm. Na asɛm a ɛbae no tra nea nkate bɛkyerɛ ne nea wobetumi afi ntease pa mu ahwɛ kwan nyinaa so. Ɛsõ, ɛyɛ basaa, ɛyɛ hu, ɛda so ara twe yɛn di n’akyi.”—Maurice Genevoix a ɔyɛ Académie Française no muni, wɔfa kaa asɛm wɔ nhoma Promise of Greatness (1968) no mu.

15. Ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ aboa no ti a ɛto so ason no bɔtorɔfɛ?

15 Na ɔko no yɛ amanehunu kɛse ma aboa no ti a ɛto so ason a na edi tumi no. Britania ne Europa aman afoforo hweree wɔn mmerante bebree a na ɛyɛ awerɛhow. Ɔsa biako pɛ mu, Asubɔnten Somme Ɔsa wɔ 1916 mu no, Britaniafo 420,000, ne Fransefo bɛyɛ 194,000 ne Germanfo 440,000 na wowuwui—atɔfo a wɔboro 1,000,000! Sika fam nso, Britania—ne Europa nkae no—yɛɛ pasaa. Amanehunu no maa Britania Ahemman kɛse no tɔɔ ntintan na ne ho nsanee no nwiei da. Ampa, saa ɔko a aman akɛse 28 na wɔkoo bi no ama wiase nyinaa tɔ ntintan te sɛ nea wɔabɔ no bɔtorɔfɛ. August 4, 1979 mu wɔ Wiase Nyinaa Ko I no mfiase akyi mfe 65 pɛ no, nsɛmma nhoma The Economist a wɔkyerɛwee wɔ London, England no kae sɛ: “Wɔ 1914 mu no, wiase hweree nkabom bi a entumi nnyaa bio fi saa bere no.”

16. Wɔ wiase ko a edi kan no mmere no mu no, ɔkwan bɛn so na United States kyerɛe sɛ ɔyɛ wiase tumi a ɛbɔ ho abien no fa?

16 Bere koro no ara mu no Ɔko Kɛse no, sɛnea na wɔfrɛ no saa bere no, buee kwan maa United States bɛyɛɛ Anglo-Amerika Wiase Tumi no fã a ɛda adi pefee. Saa ɔko no mu afe a edi kan no, nea amanfo kae no amma United States amfa ne ho anhyɛ ɔko no mu. Nanso sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Esmé Wingfield-Stratford kyerɛwee no, “na asɛm no nyinaa ne sɛ wɔ amanehunu bere kɛse a ɛsen biara yi mu no, Britania ne United States begyaa wɔn akasakasa no mu na wɔanya [wɔn] biakoyɛ a wɔde bedi tumi na wɔahwɛ nsase afoforo so anaa.” Sɛnea nneɛma kɔe no, wɔyɛɛ saa. Wɔ 1917 mu no, United States de nneɛma ne nnipa bɛkaa ho na wɔde ama Apamfo a wɔtɔ ntintan no ɔko ho mmɔdenbɔ nneɛma no akɔ so. Enti, ti a ɛto so ason a ɛne Britania ne United States a wɔaka abom no dii nkonim.

17. Dɛn na ɛbaa Satan asase so nhyehyɛe no so wɔ ɔko no akyi?

17 Wiase no sakrae koraa wɔ ɔko no akyi. Ɛwom sɛ na bɔtorɔfɛ no ayɛ Satan asase so nhyehyɛe no pasaa de, nanso enyaa nkwa bio ma ɛho bɛyɛɛ den sen bere biara a atwam, na ahoɔden a ɛsan nyae no yɛɛ adesamma nwonwa.

18. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi aka sɛ ‘aboa no ho yɛɛ adesamma nyinaa nwonwa ma wɔkodii n’akyi’?

18 Abakɔsɛm kyerɛwfo Charles L. Mee, Jr., kyerɛw sɛ: “Na nhyehyɛe dedaw no asehwe [a wiase ko a edi kan no de bae] no yɛ nnianim ade a ɛho hia ma aman a wɔn ankasa bedi wɔn ho so mu ntrɛwmu, aman ne akuw afoforo a wɔagye wɔn ho, ne ahofadi ahorow a wobenya.” Nea odii kan wɔ nea wɔyɛe wɔ ɔko akyi bere yi mu ne aboa no ti a ɛto so ason a afei wɔasa no yare na United States, Amerika, ka ne ho ma abedi ti wɔ tumidi mu no. Wiase tumi a ɛbɔ ho abien no dii anim ma wɔde Amanaman Apam ne Amanaman Nkabom no nyinaa bae. Ebeduu afe 2005 mu no, na United States, Amerika, amammui tumi no adi amanaman a wɔwɔ sika no anim wɔ asetra mu gyinapɛn a ɛkorɔn a wɔde si hɔ, nyarewa a wɔko tia ne mfiridwuma a wɔma enya nkɔanim mu. Mpo ɛde nnipa 12 akosi ɔsram so. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ‘aboa no ho yɛɛ [adesamma] nyinaa nwonwa ma wodii n’akyi.’

19. (a) Ɔkwan bɛn so na adesamma akɔ akyiri mpo asen aboa no ho a ɛbɛyɛ wɔn nwonwa? (b) Hena na ɔwɔ asase so ahenni nyinaa so tumi a akyinnye biara nni ho, na yɛyɛ dɛn hu? (d) Ɔkwan bɛn so na Satan de tumi ma aboa no, na dwuma bɛn na edi wɔ nkurɔfo bebree so?

19 Adesamma akɔ akyiri koraa sen aboa no ho a wɔbɛma ayɛ wɔn nwonwa, sɛnea Yohane ka bio no: “Na wɔkotow ɔtweaseɛ no sɛ ɔde ahoɔden ama aboa no, na wɔkotow aboa no kae sɛ: Hena na ɔte sɛ aboa no? Na hena na obetumi ne no ako?” (Adiyisɛm 13:4) Bere a na Yesu wɔ asase so ha no, Satan kyerɛe sɛ ɔwɔ asase so ahenni nyinaa so tumi. Yesu annye eyi ho akyinnye; nokwarem no, ɔno ankasa nso kaa Satan ho asɛm sɛ wiase no sodifo na ɔpowee sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ saa bere no mu amansɛm mu. Akyiri yi, Yohane kyerɛw faa nokware Kristofo ho sɛ: “Yenim sɛ yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19; Luka 4:5-8; Yohane 6:15; 14:30) Satan de tumi ma aboa no, na ɔnam ɔmampɛ kwan so na ɛyɛ eyi. Enti, sɛ anka adesamma bɛka abom wɔ Onyankopɔn dɔ biakoyɛ mu mmom no, abusua, kasa ne ɔman a wofi so ho ahantan apaapae wɔn mu. Nea aba ne sɛ, nnipa mu fã kɛse no ara som aboa no fã a edi tumi wɔ asase no fa baabi a wɔte no. Na saa na aboa mu no nyinaa ho yɛ nwonwa na wɔsɔre no.

20. (a) Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo kotow aboa no? (b) Dɛn nti na Kristofo a wɔsom Yehowa Nyankopɔn nnya aboa no a wɔsom no saa no mu kyɛfa, na hena nhwɛso akyi na wodi?

20 Wɔsom no wɔ ntease bɛn mu? Wɔ ntease a ɛne sɛ wɔde ɔman ho dɔ di Onyankopɔn ho dɔ kan. Nnipa dodow no ara dɔ asase a wɔwoo wɔn wɔ so no. Sɛ ɔmamma pa no, nokware Kristofo nso de obu ma atumfoɔ ne ɔman a wɔte mu no ho nsɛnkyerɛnne no, wodi mmara horow no so, na wɔboa ɔman a wɔte mu ne wɔn yɔnkonom yiyedi tee. (Romafo 13:1-7; 1 Petro 2:13-17) Nanso wontumi mmfa wɔn ho mma ɔman biako bi ntia afoforo nyinaa anifurae so. “Yɛn man, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne” nyɛ Kristofo kyerɛkyerɛ. Enti Kristofo a wɔsom Yehowa Nyankopɔn rentumi nkotow aboa no fa biara wɔ ɔmampɛ ahantan mu, efisɛ eyi bɛkyerɛ ɔtweaseɛ—aboa no tumi fibea—no a wɔsom no. Wɔrentumi mma ɛnyɛ wɔn nwonwa na wommisa sɛ: “Hena na ɔte sɛ aboa no?” Mmom no, wodi Mikael—nea ne din ase ne “Hena Na Ɔte Sɛ Nyankopɔn?”—no nhwɛso akyi, bere a wogyina Yehowa amansan tumidi akyi no. Onyankopɔn bere a wahyɛ mu no, Mikael a ɔne Kristo Yesu no ne aboa no bɛko na wadi no so nkonim sɛnea odii Satan so nkonim na ɔpam no fii soro no.​—Adiyisɛm 12:7-9; 19:11, 19-21.

Ahotefo a Ɔko Tia Wɔn

21. Yohane ka sɛnea Satan hyɛ aboa no de no di dwuma no ho asɛm dɛn?

21 Satan oniferefo no wɔ adwene horow a ɔde dannan aboa no ma ɔyɛ nea ɔpɛ. Yohane kyerɛkyerɛ eyi mu sɛ: “Na wɔmaa [aboa a ɔwɔ ti ason no] ano a ɔde kaa asɛnkɛse ne abususɛm, na wɔmaa no kwan asram aduanan abien. Na obuee n’ano kaa abususɛm tiaa Onyankopɔn, sɛ ɔbɛka ne din ne ne ntamadan ne wɔn a wɔtete soro ho abususɛm. Na wɔmaa no kwan sɛ ontu ahotefo so sa na onni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so tumi. Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no.”—Adiyisɛm 13:5-8.

22. (a) Bere bɛn ho asɛm na asram 42 no ka? (b) Asram 42 no mu no, ɔkwan bɛn so na ‘wodii Kristofo a wɔasra wɔn no so nkonim’?

22 Ɛda adi sɛ asram 42 a wɔbɔɔ din wɔ ha no ara ne mfe abiɛsa ne fã a emu na abɛn a epue fii Daniel nkɔmhyɛ mu mmoa no biako mu no haw ahotefo no. (Daniel 7:23-25; hwɛ Adiyisɛm 11:1-4 nso.) Enti, efi 1914 awiei de kɔ 1918 mu, bere a amanaman a wɔko no retetew wɔn ho wɔn ho mu te sɛ mmoa no, wɔhyɛɛ saa amanaman no mufo ma wɔsom aboa no, na wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔmampɛ som mu ma mpo wosiesiee wɔn ho sɛ wobewu ama wɔn man. Ɔhyɛ a ɛte saa de amanehunu a emu yɛ den baa wɔn a wɔasra wɔn no mu pii a wɔtee nka sɛ wɔn osetie a ɛkorɔn sen biara no yɛ nea wɔde ma Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Kristo Yesu no so. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Wɔn sɔhwɛ no duu ne pɔmpɔn so wɔ June 1918 mu bere a ‘wodii wɔn so nkonim no.’ Wɔ United States no, wodii mfomso de Ɔwɛn Aban Asafo no mu mpanyimfo atitiriw ne ananmusifo afoforo koguu afiase, na wosiw wɔn nuanom Kristofo asɛnka a wɔahyehyɛ no kwan pii. Esiane sɛ na aboa no wɔ “mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so tumi” nti, esiw Onyankopɔn adwuma kwan wɔ wiase nyinaa.

23. (a) Dɛn ne “Oguammaa no nkwa nhoma” no, na dɛn na ɛrekɔ so ma akodu awiei fi 1918 reba no? (b) Dɛn nti na nkonim biara a ɛda adi sɛ Satan ahyehyɛde a aniwa hu no adi wɔ “ahotefo” no so no yɛ hunu?

23 Eyi yɛɛ sɛ nkonimdi maa Satan ne n’ahyehyɛde no. Nanso ná ɛrentumi mma wonnya mfaso a ɛtra hɔ daa, esiane sɛ obiara nni Satan ahyehyɛde a aniwa hu no mu a wɔakyerɛw ne din “Oguammaa . . . no nkwa nhoma mu” nti. Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔn a wɔne Yesu bedi tumi wɔ ne soro Ahenni no mu no din na ná ɛwɔ nhoma mmobɔwee yi mu. Wɔkyerɛw din a edi kan wom no wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu. Na mfe a edii ɛno akyi bae no mu no, wɔakɔ so akyerɛw din no pii aka ho. Efi 1918 reba no, Ahenni adedifo 144,000 no nkaefo no ano a wɔbɛsɔw no akɔ so rekodu n’awiei. Ɛrenkyɛ wɔbɛkyerɛw wɔn nyinaa din Oguammaa no nkwa nhoma no mu a wɔrentumi mpopa. Asɔretiafo a wɔkotow aboa no de, wɔrenkyerɛw eyinom mu biako mpo din wɔ saa nhoma no mu. Enti “ahotefo” no so nkonim biara a ɛda adi sɛ eyinom adi no yɛ hunu, ɛrenkyɛ.

24. Dɛn na Yohane frɛ wɔn a wɔwɔ nhumu no sɛ wontie, na dɛn na nsɛm a wɔtee no kyerɛ ma Onyankopɔn nkurɔfo?

24 Afei Yohane frɛ wɔn a wɔwɔ nhumu no sɛ wɔnyɛ komm ntie no yiye: “Sɛ obi wɔ aso a, ontie.” Afei ɔkɔ so ka sɛ: “Sɛ obi fa nnommum a, wɔbɛfa no dommum. Sɛ obi de nkrante kum a, etwa sɛ wɔde nkrante kum no. Ɛha na ahotefo boasetɔ ne gyidi no wɔ.” (Adiyisɛm 13:9, 10) Yeremia kyerɛw nsɛm a ɛte sɛ eyinom ara wɔ mfe a edii afe 607 A.Y.B. anim no mu de kyerɛe sɛ wɔrensan Yehowa atemmu a ɛwɔ hɔ ma Yerusalem kurow a anni nokware no akyi. (Yeremia 15:2; hwɛ Yeremia 43:11; Sakaria 11:9 nso.) Wɔ Yesu sɔhwɛ kɛse bere no mu no, ɔmaa emu daa hɔ pefee sɛ ɛnsɛ sɛ n’akyidifo gyae nsɛm mu siesie bere a ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu” no. (Mateo 26:52) Saa ara na nnɛ Awurade da no mu no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo so Bible nnyinasosɛm mu denneennen. Ahofadi biara nni hɔ mma wɔn a wɔkotow aboa no a wɔnsakra wɔn adwene no. Ebehia yɛn nyinaa boasetɔ ne gyidi a enhinhim na ama yɛafi ɔtaa ahorow ne sɔhwɛ a ɛda yɛn anim no mu aka.​—Hebrifo 10:36-39; 11:6.

Aboa a Ɔwɔ Mmɛn Abien No

25. (a) Yohane ka sɛnkyerɛnne kwan so aboa foforo bi a obepue wiase no nso ho asɛm dɛn? (b) Dɛn na aboa foforo no mmɛn abien no ne fi a ofi asase mu no kyerɛ?

25 Nanso afei aboa foforo ba wiase. Yohane bɔ amanneɛ sɛ: “Na mihuu aboa foforo bi a ofii asase mu bae, na ɔwɔ mmɛn abien sɛ oguammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ. Na ɔyɛ aboa a odi kan no ahoɔdenne nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete so kotow aboa a odi kan a wɔasa ne wupira no. Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse, na ɔma ogya mpo fi soro ba asase so, nnipa anim.” (Adiyisɛm 13:11-13) Aboa yi wɔ mmɛn abien a ɛkyerɛ amammui tumi horow abien nkabom. Na wɔka ɛho asɛm sɛ efi asase mu na ɛbae na emfi po mu. Enti, efi Satan asase so nneɛma nhyehyɛe a ɔde asi hɔ dedaw no mu na ɛba. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ wiase tumi bi a ɛwɔ hɔ dedaw a ebedi dwuma titiriw bi wɔ Awurade da no mu.

26. (a) Dɛn ne aboa a ɔwɔ mmɛn abien no, na abusuabɔ bɛn na ɛda ɛne aboa a odi kan no ntam? (b) Ɔkwan bɛn so na aboa a ɔwɔ mmɛn abien no mmɛn no te sɛ Oguammaa de, na ɔkwan bɛn so na ɔte sɛ “ɔtweaseɛ” bere a ɔkasa no? (d) Dɛn na nkurɔfo a wokura ɔmampɛ adwene no resom ankasa, na dɛn na wɔde ɔmampɛ toto ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

26 Dɛn na ebetumi ayɛ? Anglo-Amerika Wiase Tumi no—aboa a odi kan no ti a ɛto so ason no ara, nanso wɔ gyinabea titiriw bi mu! Sɛ yɛfa no sɛ aboa soronko bi wɔ anisoadehu no mu a, ɛboa yɛn ma yehu sɛnea ne nkutoo yɛ n’ade wɔ wiase no pefee. Amammui tumi horow abien a wɔte hɔ bere koro mu, na obiara de ne ho nanso wɔbom di dwuma na wɔka bom yɛ sɛnkyerɛnne kwan so aboa a ɔwɔ mmɛn abien yi. Ne mmɛn abien a ‘ɛte sɛ oguammaa’ no kyerɛ sɛ ɛyɛ ne ho sɛ edwo na ɛnyɛ bɔne, na ɛwɔ nniso a ani abue a ɛsɛ sɛ wiase nyinaa dan kɔ ho. Nanso ɔkasa “sɛ ɔtweaseɛ” a ɛkyerɛ sɛ ɔde nhyɛso ne ahunahuna ne mpo anuɔdensɛm na edi dwuma baabiara a wonnye ne nniso kwan no ntom no. Ɛnhyɛ ahobrɛase a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ Onyankopɔn Guammaa no tumidi ase no ho nkuran na mmom no, nea wɔbɛyɛ ama Satan, ɔtweaseɛ kɛse no nneɛma. Ɛde ɔmampɛ mpaapaemu ne nitan aba na ɛhyɛ aboa a odi kan no a wɔbɛkotow no no ho nkuran. *

27. (a) Su bɛn na wɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ aboa a ɔwɔ mmɛn abien no yɛ ma ogya fi soro ba fam no kyerɛ? (b) Nnipa pii bu nea wɔde aboa a ɔwɔ mmɛn abien no yɛɛ ne ho mfonini a ɛwɔ hɔ nnɛ no dɛn?

27 Aboa a ɔwɔ mmɛn abien yi yɛ nsɛnkyerɛnne akɛse, ma mpo ɔma ogya fi soro ba fam. (Fa toto Mateo 7:21-23 ho.) Sɛnkyerɛnne a edi akyiri yi kae yɛn Elia, Onyankopɔn tete diyifo a ɔne Baal adiyifo dii aperepere no. Bere a otumi frɛɛ ogya fii soro bae wɔ Yehowa din mu no, edii adanse a akyinnye biara nni ho sɛ na ɔne nokware diyifo ma enti na Baal adiyifo no yɛ atorofo. (1 Ahene 18:21-40) Te sɛ saa Baal adiyifo no, aboa a ɔwɔ mmɛn abien no te nka sɛ ɛwɔ nea ɛdɔɔso a ɛkamfo no kyerɛ sɛ ɛyɛ odiyifo. (Adiyisɛm 13:14, 15; 19:20) Ɛkyerɛ sɛ, adi tumi bɔne ahorow so nkonim wɔ wiase ko abien mu, na afei adi nea wɔfrɛ no Komunism a ennye Onyankopɔn nni no so nkonim! Ampa, nnipa pii bu nea ɛne aboa a ɔwɔ mmɛn abien a ɔwɔ hɔ nnɛ no sɛ ahofadi ho banbɔfo ne honam fam nnepa fibea.

Aboa no Honi No

28. Ɔkwan bɛn so na Yohane kyerɛe sɛ aboa a ɔwɔ mmɛn abien no nyɛ nea ne ho nni asɛm sɛnea ɛde mmɛn a ɛte sɛ oguammaa de no pɛ sɛ ɛkyerɛ no?

28 So aboa a ɔwɔ mmɛn abien yi ho nni asɛm sɛnea ne mmɛn a ɛte sɛ oguammaa de no kyerɛ no anaa? Yohane kɔ so ka sɛ: “Na nsɛnkyerɛnne a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ aboa no anim no nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase so no ka kyerɛɛ asase sotefo no sɛ wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrante apira no na ɔte ase bio no. Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no honhom, na aboa no honi no po akasa, na wama wɔakum dodow a wɔnkotow aboa no honi no.”—Adiyisɛm 13:14, 15.

29. (a) Aboa no honi no ho atirimpɔw ne dɛn, na bere bɛn na wɔyɛɛ ohoni yi? (b) Dɛn nti na aboa no honi no nyɛ ohoni bi a nkwa nni mu ara kwa?

29 Dɛn ne “aboa no honi” yi, na n’atirimpɔw ne dɛn? Atirimpɔw no ne sɛ wɔde bɛma wɔakotow aboa a ɔwɔ ti ason a ɛyɛ ne honi no na ɛnam saayɛ so ama aboa no akɔ so atra hɔ. Bere a aboa a ɔwɔ ti ason no ho san no fi ne nkrante pira no mu akyi na wɔyɛɛ ohoni yi, kyerɛ sɛ wiase ko a edi kan no akyi. Ɛnyɛ ohoni a nkwa nni mu te sɛ nea Nebukadnesar de sii hɔ wɔ Dura tataw so no. (Daniel 3:1) Aboa a ɔwɔ mmɛn abien no homee nkwa guu ohoni yi mu sɛnea ɛbɛyɛ a ohoni no betumi atra ase na adi dwuma bi wɔ wiase abakɔsɛm mu.

30, 31. (a) Dɛn na abakɔsɛm mu nokwasɛm kyerɛ sɛ ohoni yi yɛ? (b) So wɔakunkum nnipa bi esiane sɛ wɔampɛ sɛ wɔpene sɛ wɔkotow ohoni yi nti anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

30 Abakɔsɛm kɔ so da no adi sɛ ohoni yi yɛ ahyehyɛde bi a Britania ne United States hyɛɛ ho nyansa ma wɔde bae, na wogyinaa akyi na mfiase no wɔfrɛɛ no sɛ Amanaman Apam no. Akyiri yi wɔ Adiyisɛm ti 17 no, epue wɔ sɛnkyerɛnne foforo mu sɛ aboa kɔkɔɔ bi a ɔde ne ho. Saa amanaman ntam kuw yi ‘kasa,’ a ɛkyerɛ sɛ ɔka ahantansɛm sɛ ne nkutoo na ebetumi de asomdwoe ne dwoodwoo asetra abrɛ adesamma. Nanso nokwarem no, abɛyɛ beae bi a aman a wɔwom no keka nsɛm de twitwa wɔn ho adapaa. Ɛde animguase anaasɛ teaseawu ahunahuna ɔman anaasɛ nnipa biara a wɔnkotow ne tumi no. Amanaman Apam no pam aman a wɔannye n’adwenhorow antom no fii mu ampa. Ahohiahia kɛse no mfiase mu hɔ no, aboa no honi yi “mmɛn” a wɔyɛ asraafo no bɛyɛ ɔsɛe adwuma bi.​—Adiyisɛm 7:14; 17:8-16.

31 Efi Wiase Nyinaa Ko II reba yi, aboa no honi—a nnɛ ada adi sɛ Amanaman Nkabom ahyehyɛde no—akum nnipa ankasa dedaw. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1950 mu no, Amanaman Nkabom no dɔm kɔɔ akono wɔ North Korea ne South Korea ntam ɔko no mu. Amanaman Nkabom dɔm no kɔkaa South Korea ho kunkum North Korea ne Chinafo bɛyɛ 1,420,000. Saa ara nso na wɔ 1960 kosi 1964 mu no, Amanaman Nkabom dɔm no dii dwuma wɔ Congo (mprempren wɔfrɛ no Kinshasa). Bio nso, wiase mpanyimfo a paapanom Paul VI ne John Paul II ka ho akɔ so asi so dua sɛ ohoni yi ne onipa asomdwoe ho anidaso a edi akyiri na eye sen biara. Wosi so dua ka sɛ, sɛ adesamma ansom no a, adesamma abusua no bɛtɔre ne ho ase. Wɔnam saayɛ so ma wokunkum adesamma a wɔmpene sɛ wɔne ohoni no bɛbɔ na wɔakotow no no nyinaa sɛnkyerɛnne kwan so.​—Deuteronomium 5:8, 9.

Aboa no Agyiraehyɛde

32. Yohane ka sɛnea Satan de n’ahyehyɛde a aniwa hu no amammui afa horow di dwuma ma Onyankopɔn ɔbea no asefo nkaefo no ahu amane ho asɛm dɛn?

32 Afei Yohane hu sɛnea Satan de n’ahyehyɛde a aniwa hu no amammui afã horow no di dwuma de ma Onyankopɔn ɔbea no asefo nkaefo no hu amane bebree. (Genesis 3:15) Ɔsan ka “aboa no” ankasa ho asɛm sɛ: “Na ɔma nketewa ne akɛse, adefo ne ahiafo, adehye ne nkoa nyinaa pene ma wɔhyɛ wɔn agyirae, wɔn nsa nifa anaa wɔn moma so, nanso obi ntumi ntɔ anaasɛ ɔntɔn gye nea ɔwɔ agyirae no anaa aboa no din anaa ne din akontaa nkyerɛwee nko. Ɛha na nyansa wɔ. Nea ɔwɔ adwene mmu aboa no akontaa nto ano, na ɛyɛ onipa akontaa ntoano, na n’akontaa ntoano si ahansia aduosia asia.”—Adiyisɛm 13:16-18.

33. (a) Aboa no din de dɛn? (b) Wɔde akontaa ntoano asia no gyina hɔ ma dɛn? Kyerɛkyerɛ mu.

33 Aboa no wɔ din, na din yi yɛ akontaa ntoano: 666. Sɛ akontaa ntoano no, wɔde asia ka Yehowa atamfo ho asɛm. Na Filistini ɔbarima bi a ofi Refaim no yɛ “ɔbarima tenten bi,” na ne “nsateaa ne ne nansoaa yɛ asia asia.” (1 Beresosɛm 20:6) Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika honi a ne trɛw mu yɛ basafa asia na ne tenten yɛ basafa aduosia, na ɔde aka n’amammui mpanyimfo abom ayɛ wɔn biako wɔ ɔsom koro mu. Bere a Onyankopɔn nkurɔfo ampene sɛ wɔbɛkotow sika honi no, ɔhene no ma wɔkɔtow wɔn guu ogya fononoo mu. (Daniel 3:1-23) Akontaahyɛde asia no nnu ason a egyina hɔ ma nea edi mũ wɔ Onyankopɔn ani so no. Enti, asia mmɔho abiɛsa no gyina hɔ ma ade a ɛtɔ sin kɛse.

34. (a) Dɛn na wɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ aboa no akontaa ntoano “yɛ onipa akontaa ntoano” no kyerɛ? (b) Dɛn nti na 666 yɛ edin a ɛfata Satan wiase amammui nhyehyɛe no?

34 Edin ma wohu obi. Enti ɔkwan bɛn so na akontaa ntoano yi ma wohu aboa no? Yohane ka sɛ ɛyɛ “onipa akontaa ntoano,” na ɛnyɛ honhom nnipa dea, enti din no boa si so dua sɛ aboa no yɛ asase so de, a ɛyɛ adesamma nniso ho sɛnkyerɛnne. Sɛnea asia nnu ason no, saa ara na 666—asia a ɛbɔ ho abiɛsa—no yɛ din a ɛfata ma wiase amammui nhyehyɛe kɛse a ennu Onyankopɔn pɛyɛ gyinapɛn ho koraa ma ɛyɛ awerɛhow no. Wiase amammui aboa no de din a ɛyɛ akontaa ntoano 666 no na edi tumi koraa bere a amansɛm kɛse, nyamesom kɛse ne aguadi kɛse ma saa aboa no kɔ so di dwuma sɛ adesamma sohyɛfo ne Onyankopɔn nkurɔfo taafo no.

35. Aboa no din a wɔde bɛhyɛ obi agyirae ne moma so anaa ne nsa nifa so no kyerɛ dɛn?

35 Aboa no din a wɔde bɛhyɛ obi agyirae wɔ ne moma so anaa ne nsa nifa no kyerɛ dɛn? Bere a Yehowa de Mmara maa Israel no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa me nsɛm yi nsie mo koma ne mo kra mu, na fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma.” (Deuteronomium 11:18) Na eyi kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ Israelfo no de Mmara no si wɔn anim mmere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ na aka wɔn nneyɛe ne wɔn adwene nyinaa. Wɔka sɛ wɔakyerɛw Agya no din ne Yesu din wɔ 144,000 a wɔasra wɔn no moma so. Eyi hyɛ wɔn agyirae sɛ wɔyɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo dea. (Adiyisɛm 14:1) Satan resuasua eyi no, ɔde aboa no adaemone agyiraehyɛde di dwuma. Wɔhyɛ obiara a ɔde ne ho hyɛ da biara da dwumadi ahorow te sɛ adetɔ ne adetɔn mu sɛ ɔnyɛ nneɛma sɛnea aboa no yɛ no no, te sɛ nnapɔnna ahorow di. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkotow aboa no na wɔama kwan ma adi wɔn asetra so sɛnea ɛbɛyɛ na wɔagye n’agyiraehyɛde no.

36. Asɛnnennen bɛn na ato wɔn a wɔampene sɛ wobegye aboa no agyiraehyɛde no?

36 Wɔn a wɔmpene sɛ wobegye aboa no agyirae no anya ɔhaw bebree. Sɛ nhwɛso no, efi 1930 mfe no mu no, na ɛsɛ sɛ wodi nsɛm pii wɔ asennibea na wogyina mpammoro ne ɔtaa afoforo ano. Katabaako aman mu no, wɔtow wɔn guu nsraban ahorow mu, faako a bebree wuwui. Efi bere a wɔkoo wiase ko a ɛto so abien no reba yi, wɔde mmerante bebree akogu afiase ahyɛ wɔn mmere atenten, ebinom mpo wɔayɛ wɔn aninyanne akunkum wɔn esiane pene a wɔampene sɛ wobegyaa afã biara wonni no mu asiesie nti. Wɔ nsase afoforo so no, Kristofo ntumi ntɔ anaasɛ wɔntɔn ankasa; ebinom ntumi nnya wɔn ankasa agyapade; wɔto afoforo nso mmonnaa, wodi wɔn awu anaasɛ wɔpam wɔn fi wɔn ankasa kurom. Dɛn ntia? Efisɛ wofi ahonim pa mu pow sɛ wɔbɛtɔ amammui kuw bi krataa. *Yohane 17:6.

37, 38. (a) Dɛn nti na wiase yɛ den ma wɔn a wɔmpene sɛ wobegye aboa no agyiraehyɛde no? (b) Henanom na wokura mudi mu, na dɛn na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ?

37 Wɔ asase no so mmeae bi no, nyamesom atim ɔman no asetra mu yiye ma obiara a ogyina hɔ ma Bible mu nokware no abusua ne kan nnamfo twe wɔn ho fi ne ho. Egye gyidi kɛse na wɔde agyina mu. (Mateo 10:36-38; 17:22) Wɔ wiase a nnipa dodow no ara som honam fam ahonyade na atoro adɔɔso yi mu no, mpɛn pii no ɛsɛ sɛ nokware Kristoni no de ne ho to Yehowa so koraa sɛ Obeso ne mu na wanantew trenee kwan so. (Dwom 11:7; Hebrifo 13:18) Wiase a ɔbrasɛe abu so wom yi mu no, egye pintinnyɛ kɛse na obi atra ase wɔ ahotew ne kronnyɛ mu. Nnuruyɛfo ne ayarehwɛfo taa hyɛ Kristofo a wɔyare so sɛ wommu Onyankopɔn mmara a ɛfa kronn a mogya yɛ ho no so; mpo ɛsɛ sɛ wosiw ahyɛde ahorow a efi asennibea a ɛne wɔn gyidi bɔ abira no kwan. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; 1 Petro 4:3, 4) Na nnɛ a adwuma a wonnya nyɛ redɔɔso no, emu kɔ so yɛ den ma nokware Kristoni sɛ ɔbɛkwati adwuma a ɛbɛkyerɛ sɛ wagyaw ne mudi wɔ Onyankopɔn anim no mu asiesie no yɛ.​—Mika 4:3, 5.

38 Yiw, wiase yɛ den ma wɔn a wonni aboa no agyirae no. Ɛyɛ Yehowa tumi ne ne nhyira adiyi a ɛda adi yiye sɛ ɔbea no asefo nkaefo no ne nnipakuw kɛse bɛboro ɔpepem asia no kura wɔn mudi mu wɔ ɔhyɛ a wɔhyɛ wɔn so sɛ wommu Onyankopɔn mmara horow so no nyinaa akyi no. (Adiyisɛm 7:9) Biakoyɛ mu, wɔ asase so nyinaa no, momma yɛn nyinaa nkɔ so nkamfo Yehowa ne ne trenee akwan bere a yɛpow sɛ yebegye aboa no agyiraehyɛde no.​—Dwom 34:1-3.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 The Interpretation of St. John’s Revelation, a R. C. H. Lenski yɛe, nkratafa 390-1.

^ nky. 26 Nsɛnkyerɛwfo aka sɛ sɛnea ɛte no, ɔmampɛ yɛ nyamesom. Enti nkurɔfo a wokura ɔmampɛ adwene no resom aboa no fã a ɛte saa a ɔman a wɔte mu no gyina hɔ ma no. Ɛdefa ɔmampɛ wɔ United States ho no, yɛkenkan sɛ: “Ɔmampɛ, a wobu no sɛ nyamesom no ne nyamesom akɛse a atwam no yɛ ade koro wɔ akwan horow pii so . . . Nnɛyi nyamesom ɔmampɛfo no de ne ho to n’ankasa ne man nyame no so. Ɔte nka sɛ ohia ne mmoa kɛse. Ohu sɛ Ne mu na onya n’ankasa pɛyɛ ne anigye fi. Sɛ wɔhwɛ no ɔsom kwan so a, Ɔbrɛ ne ho ase hyɛ N’ankasa ase. . . . Wobu ɔman no sɛ ɛwɔ hɔ daa, na ne mma anokwafo wu ma no nya din ne anuonyam a entwam da.”—Carlton J. F. Hayes, sɛnea wɔafa aka asɛm wɔ nhoma a ɛne What Americans Believe and How They Worship, a J. Paul Williams yɛe no mu no kratafa 359.

^ nky. 36 Sɛ nhwɛso no, Watchtower yi mu, September 1, 1971, kratafa 520; June 15, 1974, kratafa 373; June 1, 1975, kratafa 341; February 1, 1979, kratafa 23; June 1, 1979, kratafa 20; May 15, 1980, kratafa 10.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 195 mfonini]

Wɔmaa no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no honhom