Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkrasɛm Fremfrem ne Nwenenwene

Nkrasɛm Fremfrem ne Nwenenwene

Ti 24

Nkrasɛm Fremfrem ne Nwenenwene

Anisoadehu 6​—Adiyisɛm 10:1–11:19

Asɛmti: Nhoma ketewaa no ho anisoadehu; asɔrefi osuahu ahorow; torobɛnto a ɛto so ason no hyɛn

Bere a enya mmamu: Efi bere a wɔde Yesu sii agua so 1914 mu kosi ahohiahia kɛse no mu

1, 2. (a) Due a ɛto so abien no kowie dɛn mu, na bere bɛn na wɔbɛka sɛ due yi atwam? (b) Hena na afei Yohane hu sɛ ofi soro resian?

DUE a ɛto so abien no asɛe ade yiye. Ahaw Kristoman ne n’akannifo a wɔne “nnipa nkyem abiɛsa mu biako” a wɔnam saa kwan no so ayi wɔn adi sɛ wɔawuwu honhom fam no. (Adiyisɛm 9:15) Ɛbɛyɛ sɛ Yohane adwenem yɛɛ no naa ɛno akyi wɔ nea due a ɛto abiɛsa no betumi de aba no ho. Nanso twɛn! Due a ɛto so abien no nsae ɛ—ɛrensa kosi sɛ yebedu nea wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Adiyisɛm 11:14 no so ansa. Ansa na ɛno bɛba no, Yohane behu nsɛm a ani adan a ɔno ankasa nso nya mu kyɛfa kɛse. Ɛde adehu bi a ɛyɛ hu na efi ase:

2 “Na mihuu ɔbɔfo foforo hoɔdenfo bi sɛ ofi soro baa fam, na ofura omununkum, na nyankontɔn wɔ ne ti so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya adum.”—Adiyisɛm 10:1.

3. (a) Hena ne “ɔbɔfo hoɔdenfo” no? (b) Nyankontɔn a ɛwɔ ne ti so no kyerɛ dɛn?

3 Hena ne saa “ɔbɔfo hoɔdenfo” yi? Ɛda adi sɛ ɔne Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no a ɔwɔ gyinabea foforo mu. Ofura omununkum a aniwa nhu mu, nea ɛkae yɛn Yohane nsɛm a wɔadi kan aka afa Yesu ho no: “Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no no.” (Adiyisɛm 1:7; fa toto Mateo 17:2-5 ho.) Nyankontɔn a ɛwɔ ne ti so no kae yɛn Yehowa ahengua ho anisoadehu a Yohane dii kan hui a ɛwɔ “nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahabammonobo” no. (Adiyisɛm 4:3; fa toto Hesekiel 1:28 ho.) Saa nyankontɔn no kyerɛ ahotɔ ne asomdwoe a atwa Onyankopɔn ahengua ho ahyia. Ɔkwan koro no ara so no, nyankontɔn yi a ɛwɔ ɔbɔfo no ti so no bɛkyerɛ sɛ ɔyɛ asomdwoe bɔfo titiriw bi, “Asomdwoe Hene” a Yehowa kaa ne ho asɛm siei no.​—Yesaia 9:6, 7.

4. Dɛn na (a) ɔbɔfo hoɔdenfo no anim a ɛte “sɛ owia,” (b) ɔbɔfo no anan a ɛte sɛ “ogya adum,” no kyerɛ?

4 Ɔbɔfo hoɔdenfo no anim “te sɛ owia.” Wɔ Yohane anisoadehu a ɛfa Yesu a ɔwɔ ɔsoro asɔrefi ho no ho mu no, ohui sɛ Yesu anim “te sɛ owia hyerɛn n’ahoɔden mu.” (Adiyisɛm 1:16) Yesu, sɛ “trenee wia” no, hyerɛn a ayaresa wɔ ne ntaban ase a ɛbɛma wɔn a wosuro Yehowa din no anya mu mfaso. (Malaki 4:2) Ɛnyɛ ɔbɔfo yi anim nko, na mmom n’anan nso yɛ fɛ, “te sɛ ogya adum.” Ne gyinabea pintinn no kyerɛ sɛ ɔyɛ Obi a Yehowa de “ɔsoro ne asase so tumi nyinaa” ama no.​—Mateo 28:18; Adiyisɛm 1:14, 15.

5. Dɛn na Yohane hu wɔ ɔbɔfo hoɔdenfo no nsam?

5 Yohane ka bio sɛ: “Na okura nhoma ketewaa bi a emu abue wɔ ne nsam, na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum sii asase so.” (Adiyisɛm 10:2) Nhoma mmobɔwee foforo anaa? Yiw, nanso saa bere yi de, wɔnsɔɔ ano ɛ. Yɛne Yohane betumi ahwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ na yɛahu nneɛma foforo a ɛyɛ anigye a wobeyi adi. Nanso nea edi kan no, wɔama yɛahu nea ebedi akyi aba no ani so.

6. (a) Dɛn nti na ɛfata sɛ Yesu anan sisi asase ne po so? (b) Bere bɛn na Dwom 8:5-8 wiee mu ba koraa?

6 Ma yɛnsan nkɔ Yesu ho asɛm no so. Ɔde n’anan a ɛte sɛ ogya no asi asase ne po a mprempren odi so tumi koraa no so. Ɛte sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ dwom no mu no ara pɛ: “Na [Yehowa] woama aka [Yesu] kakra na wasɛ onyame, wo de anuonyam ne nidi na abɔ no abotiri. Woama wadi wo nsa ano nnwuma so, wode nneɛma nyinaa ahyɛ n’anan ase: nguan ne anantwi nyinaa ne wuram mmoa nso, wim nnomaa ne po mu mpataa, mmoa a ɛnam po mu akwan so.” (Dwom 8:5-8; hwɛ Hebrifo 2:5-9 nso.) Dwom yi wiee mu ba koraa wɔ 1914 mu, bere a wɔde Yesu sii ahengua so sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene, na awiei bere no fii ase no. Enti nea Yohane hu wɔ anisoadehu mu wɔ ha no yɛ adwuma fi saa afe no.​—Dwom 110:1-6; Asomafo no Nnwuma 2:34, 36; Daniel 12:4.

Aprannaa Ason No

7. Ɔbɔfo hoɔdenfo no teɛm dɛn, na ne nteɛm no kyerɛ dɛn?

7 Ɔbɔfo no ankasa kaa biribi de twaa susuw a na Yohane resusuw ɔbɔfo hoɔdenfo yi ho no mu: Na [ɔbɔfo no] de ne kɛse teɛɛm sɛnea gyata bom. Na ɔteɛɛm no, aprannaa ason no de wɔn nne kasae. (Adiyisɛm 10:3) Nteɛm a ano yɛ den saa no bɛtwe Yohane adwene, na esi so dua sɛ Yesu ne “Yuda abusuakuw mu gyata” no ampa. (Adiyisɛm 5:5) Yohane behu nso sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔka sɛ Yehowa nso “bom.” Nkɔmhyɛ kwan so no, bɔ a Yehowa bom no bɔ honhom mu Israel ano a wɔbɛsan aboaboa ne “Yehowa da” a ɛsɛe ade a ɛreba no ho dawuru. (Hosea 11:10; Yoel 3:14, 16; Amos 1:2; 3:7, 8) Ɛnde ɛda adi pefee sɛ, ɔbɔfo hoɔdenfo yi nteɛm a ɛte sɛ gyata de no ka nsɛm akɛse a ɛtete saa ara a ɛbɛba ɛpo ne asase so no ho asɛm. Ɛfrɛ aprannaa ason no sɛ wɔnkasa.

8. Dɛn ne ‘aprannaa ason no nne’ no?

8 Na Yohane adi kan ate sɛ aprannaa fi Yehowa ahengua no ankasa mu fi adi. (Adiyisɛm 4:5) Dawid bere so tɔnn no, ɛtɔ mmere bi a wɔka aprannaa ankasa ho asɛm sɛ “Yehowa nne.” (Dwom 29:3) Bere a Yehowa ma wɔtee n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛhyɛ n’ankasa din anuonyam wɔ Yesu asase so ɔsom adwuma no nna no mu no, egyigyee nnipa pii asom te sɛ aprannaa. (Yohane 12:28, 29) Enti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ ‘aprannaa ason no nne no’ yɛ Yehowa ankasa atirimpɔw ahorow a ɔda no adi. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ɛyɛ aprannaa “ason” no kyerɛ sɛ nea Yohane tee no di mũ.

9. Dɛn na ɛnne bi a efi soro hyɛ sɛ wɔnyɛ?

9 Nanso tie! Ɛnne foforo nso gyigye. Ɛde ahyɛde bi a ebetumi ayɛ Yohane nwonwa ma: “Na aprannaa ason no kasae no, anka meyɛ makyerɛw. Na metee sɛ ɛnne bi fi soro ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔ nea aprannaa ason no aka no ano, na nkyerɛw!” (Adiyisɛm 10:4) Ɛbɛyɛ sɛ na Yohane ho pere no sɛ ɔbɛte na wakyerɛw saa nkrasɛm ahorow a ɛte sɛ aprannaa no ato hɔ, sɛnea Yohane kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no nso de ahopere atwɛn Yehowa sɛnea obeyi ne soro atirimpɔw ahorow adi ma wɔatintim no nhoma ahorow mu no. Adiyi a ɛte saa no ba wɔ Yehowa ankasa bere a wahyɛ mu.​—Luka 12:42; hwɛ Daniel 12:8, 9 nso.

Ahintasɛm Kronkron no Awiei

10. Hena ho ntam na ɔbɔfo hoɔdenfo no ka, na ɛfa atemmusɛm bɛn ho?

10 Ansa na ɛbɛba no, Yehowa wɔ adwuma foforo ma Yohane. Aprannaa ason no gyigyei akyi no, ɔbɔfo hoɔdenfo no kasa bio: “Na ɔbɔfo a mihuu no sɛ ogyina po ne asase so no maa ne nsa nifa so kyerɛɛ ɔsoro. Na ɔkaa nea ɔte ase daa daa, a ɔbɔɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ mu ne asase ne nea ɛwɔ mu ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Ɛrenkyɛ bio.” (Adiyisɛm 10:5, 6, New World Translation) Hena ho ntam na ɔbɔfo hoɔdenfo no ka no? Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no nka n’ankasa ho ntam, na mmom ɔka Tumi a ɛkorɔn sen biara, Ɔbɔadeɛ Yehowa a onwu da a ɔbɔɔ soro ne asase no ho ntam. (Yesaia 45:12, 18) Ɔbɔfo no de ntam yi ma Yohane awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ bio wɔ Onyankopɔn fam.

11, 12. (a) Dɛn na ‘kyɛ a ɛrenkyɛ bio’ no kyerɛ? (b) Dɛn na wɔde ba awiei?

11 Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ “ɛrenkyɛ” no ne khroʹnos a asekyerɛ ankasa ne “bere.” Ebinom ate nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ asɛm a ɔbɔfo no kae yi ase sɛ: “Bere bi nni hɔ bio,” te sɛ nea gyama bere sɛnea yenim no no to betwa. Nanso wɔde asɛmfua khroʹnos no dii dwuma wɔ ha a adekyerɛsɛm pɔtee bi nka ho. Enti ɛnkyerɛ bere sɛnea yenim no na mmom, “bere bi” anaa “bere tenten bi.” Sɛ yɛbɛka no wɔ ɔkwan foforo so a, Yehowa remma bere tenten bi bio (anaasɛ, ɛrenkyɛ bio). Wɔde Hela adeyɛ asɛm bi a woyi fii khroʹnos mu dii dwuma nso wɔ Hebrifo 10:37, faako a bere a Paulo refa asɛm afi Habakuk 2:3, 4 aka no, ɔkyerɛw sɛ “nea ɔbɛba no . . . ɔrenkyɛ” no.

12 “Ɛrenkyɛ bio”—Yohane kuw a wɔrebɔ nkwakoraa no ani gye saa asɛm no ho dɛn ara! Ɔkwan bɛn so na ɛrenkyɛ bio? Yohane ka kyerɛ yɛn: “Na mmom nna a ɔbɔfo a ɔto so ason no bɛhyɛn, bere a ɔrebɛhyɛn ne torobɛnto no, na wɔde Onyankopɔn ahintasɛm kronkron sɛnea ɔka kyerɛɛ n’ankasa ne nkoa adiyifo no sɛnea asɛmpa no te no aba awiei ampa.” (Adiyisɛm 10:7, NW) Yehowa bere adu sɛ ɔde n’ahintasɛm kronkron no bɛba awiei anigye so, wɔ nkonimdi a anuonyam wom mu!

13. Dɛn ne Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no?

13 Dɛn ne saa ahintasɛm kronkron yi? Ɛfa aseni a wodii kan hyɛɛ ne ho bɔ wɔ Eden a ɛbɛdaa adi sɛ ɔne Yesu Kristo titiriw no ho. (Genesis 3:15; 1 Timoteo 3:16) Ɛfa onii a ɔbea a Aseni no fi ne mu ba yɛ no nso ho. (Yesaia 54:1; Galatifo 4:26-28) Afei, ɛka aseni kuw no mufo a wɔto so abien ne Ahenni a Aseni no di hene wom no nso ho asɛm. (Luka 8:10; Efesofo 3:3-9; Kolosefo 1:26, 27; 2:2; Adiyisɛm 1:5, 6) Ɛsɛ sɛ wɔka ɔsoro Ahenni a ɛsono no koraa yi ho asɛmpa no asase so nyinaa wɔ awiei bere no mu.​—Mateo 24:14.

14. Dɛn nti na wɔde due a ɛto so abiɛsa no bata Onyankopɔn Ahenni no ho?

14 Nokwarem no, eyi ne asɛmpa a eye sen biara. Nanso wɔ Adiyisɛm 11:14, 15 no, wɔde due a ɛto so abiɛsa no bata Ahenni no ho. Dɛn ntia? Efisɛ wɔ adesamma a wɔpɛ Satan nneɛma nhyehyɛe no fam no, asɛmpa no a wɔka kyerɛ te sɛ nea wɔhyɛn torobɛnto sɛ wɔde Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no aba awiei—kyerɛ sɛ Onyankopɔn Mesia Ahenni no aba—yɛ asɛmmɔne ma wɔn. (Fa toto 2 Korintofo 2:16 ho.) Ɛkyerɛ sɛ wiase nhyehyɛe a wɔpɛ no yiye no abɛn ne sɛe. Aprannaa ason no nne a ekura amanehunu kɛse ho kɔkɔbɔ a ɛte saa no mu bɛda hɔ pefee na emu akɔ so ayɛ den bere a Yehowa aweredi da kɛse no rebɛn no.​—Sefania 1:14-18.

Nhoma Mmobɔwee a Wɔabue mu No

15. Dɛn na ɛnne a efi soro no ne ɔbɔfo hoɔdenfo no ka kyerɛ Yohane, na nkɛntɛnso bɛn na enya wɔ Yohane so?

15 Bere a Yohane retwɛn torobɛnto a ɛto so ason yi hyɛn ne Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no a wɔde bɛba awiei no, wɔmaa no adwuma foforo: “Na ɛnne a mete fii soro no ne me kasae bio sɛ: Kɔ kogye nhoma ketewa a wɔabue mu no ɔbɔfo a ogyina asase ne po so no nsam. Ne mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn mekɔka mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa nhoma ketewa no mma me. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Gye mene, na ɛbɛyɛ nwenenwene wo yam, na w’anom de, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwo. Na migyee nhoma ketewa no ɔbɔfo no nsam memenee, na ɛyɛɛ fremfrem m’anom sɛ ɛwo, na miwiee di no, ɛyɛɛ nwenenwene me yam. Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfo ne aman ne ɔkasa ne ahene bebree ho adiyisɛm bio.”—Adiyisɛm 10:8-11.

16. (a) Ɔkwan bɛn so na odiyifo Hesekiel huu biribi a ɛte sɛ nea Yohane hui no? (b) Dɛn nti na nhoma mmobɔwee ketewa no yɛɛ Yohane dɛ, nanso dɛn nti na na ɛyɛ nwene wɔ ne yam?

16 Nea Yohane hui no ne nea odiyifo Hesekiel hui bere a na ɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon asase so no sɛ. Ɔno nso wɔhyɛɛ no sɛ onni nhoma mmobɔwee bi a na ɛyɛ dɛ wɔ n’anom. Nanso eduu ne yam no, ɛde asɛyɛde too no so sɛ ɔnka nneɛma a ɛyɛ nwene a ɛwɔ hɔ ma Israel fi atuatewfo no. (Hesekiel 2:8-3:15) Saa ara nso na nhoma mmobɔwee a wɔabue mu a Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no de ma Yohane no yɛ ɔsoro nkrasɛm. Na Yohane bɛka “nkurɔfo ne aman ne ɔkasa ne ahene” ho asɛm. Nhoma yi a obedi no yɛ no dɛ efisɛ efi ɔsoro. (Fa toto Dwom 119:103; Yeremia 15:15, 16 ho.) Nanso ohu sɛ ɛyɛ nwene sɛ obedi efisɛ—sɛnea na adi kan ayɛ wɔ Hesekiel ho no—ɛka nneɛma a ɛnyɛ dɛ a ɛbɛba adesamma atuatewfo so sie.​—Dwom 145:20.

17. (a) Henanom ne wɔn a wɔka kyerɛ Yohane sɛ ɔnhyɛ nkɔm “bio” no, na eyi kyerɛ dɛn? (b) Na bere bɛn na ade a ɛyɛ nwonwa a woyi kyerɛɛ Yohane no bɛba mu?

17 Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔka kyerɛ Yohane sɛ ɔnhyɛ nkɔm bio no ne Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo. Ɛwom sɛ na wɔatwa Yohane asu akɔtra Patmo supɔw so de, nanso na wahyɛ nkurɔfo, aman, kasa horow ne ahene ho nkɔm dedaw denam asɛm a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Adiyisɛm nhoma no mu de abesi saa bere yi mu no so. Asɛmfua “bio” no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw na ɔka nea wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no nkae no kyerɛ. Nanso kae sɛ na Yohane renya nkɔmhyɛ anisoadehu no mu kyɛfa ankasa. Nokwarem no, na nea ɔkyerɛw ato hɔ no yɛ nkɔmhyɛ a ɛbɛba mu wɔ 1914 akyi, bere a ɔbɔfo hoɔdenfo no gyina ne gyinabea a ne nan biako si asase so na biako si ɛpo so no. Ɛnde, dɛn na ade a woyi kyerɛ wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so yi kyerɛ ma Yohane kuw no nnɛ?

Nhoma Mmobɔwee Ketewa no Nnɛ

18. Awurade da no mfiase mu no, anigye bɛn na Yohane kuw no kyerɛe wɔ Adiyisɛm nhoma no mu?

18 Nea Yohane hu no yɛ nea Yohane kuw no hu Awurade da no mfiase no ho mfonini ma ɛyɛ nwonwa. Saa bere no na wɔn ntease wɔ Yehowa atirimpɔw ahorow ho, a nea aprannaa ason no kyerɛ nso ka ho, no nwiee du. Nanso na wɔwɔ Adiyisɛm no ho anigye kɛse, na na Charles Taze Russell aka emu afa horow pii ho nsɛm ne nkwa nna mu. Ne wu wɔ 1916 mu akyi no, wɔboaboaa ne nkyerɛwee no pii ano na wotintim no nhoma a wɔtoo din sɛ The Finished Mystery no. Nanso, bere bi akyi no, ɛbɛyɛɛ nea nhoma yi nkutoo ntumi nkyerɛkyerɛ Adiyisɛm no mu. Na ɛsɛ sɛ Kristo nuanom nkaefo no twɛn kakraa bio, kosi sɛ anisoadehu ahorow no befi ase aba mu, na wɔanya saa kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ho ntease a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ.

19. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Nyankopɔn de Yohane kuw no dii dwuma ansa na wɔrewie aprannaa ason no nne a wɔbɔ no dawuru no? (b) Bere bɛn na wɔde nhoma ketewa a wɔabue mu no maa Yohane kuw no, na eyi kyerɛɛ dɛn maa wɔn?

19 Nanso, te sɛ Yohane no, Yehowa de wɔn dii dwuma mpo ansa na wowiee aprannaa ason no nne a wɔbɔ no dawuru no. Na wɔde nsiyɛ aka asɛm ara mfirihyia 40 ansa na 1914 reba, na na ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho denneennen na ama wɔakɔ so ayɛ nnam wɔ wiase ko a edi kan bere no mu. Na wɔada wɔn ho adi sɛ wɔn na bere a owura no bae no, obehuu wɔn sɛ wɔma fiefo no aduan wɔ bere a ɛsɛ mu. (Mateo 24:45-47) Enti, wɔ 1919 mu no, wɔn na wɔde nhoma ketewa a wɔabue mu no maa wɔn—kyerɛ sɛ, nkrasɛm a emu da hɔ a wɔbɛka akyerɛ adesamma. Te sɛ Hesekiel no, na wɔwɔ nkrasɛm ma ahyehyɛde bi a enni nokware—Kristoman—a ɛka sɛ ɛsom Nyankopɔn nanso, nokwarem no, ɛnsom no no. Te sɛ Yohane no, na ɛsɛ sɛ wɔka asɛm fa “nkurɔfo ne aman ne ɔkasa ne ahene” ho bio.

20. Dɛn ho mfonini na nhoma mmobɔwee no a Yohane menee no yɛe?

20 Nhoma mmobɔwee no a Yohane menee no yɛɛ mfonini a ɛkyerɛ sɛ Yesu nuanom no gyee adwuma yi too mu. Ne yɛ kaa wɔn hɔ araa ma afei de, wɔde Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no fa yi na ehu wɔn, na wonya aduan fi mu. Nanso na nea ɛwɔ nea wɔwɔ ka no mu no ne Yehowa atemmu ahorow a na ɛnyɛ adesamma bebree dɛ no. Ampa, na ɔhaw ahorow a wɔka siei wɔ Adiyisɛm ti 8 no ka ho. Nanso, na ɛyɛ dɛ ma Kristofo anokwafo yi sɛ wobehu saa atemmu ahorow no na wɔahu sɛ Yehowa de wɔn redi dwuma bio ma wɔabɔ no dawuru.​—Dwom 19:9, 10.

21. (a) Ɔkwan bɛn so na nhoma mmobɔwee ketewa no mu nkrasɛm no bɛyɛɛ nnipakuw kɛse no nso dɛ? (b) Dɛn nti na asɛmpa no yɛ asɛmmɔne ma nnipa a wɔsɔre tia no?

21 Bere rekɔ so no, nhoma mmobɔwee yi mu nkrasɛm no bɛyɛɛ “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” a wohuu wɔn sɛ wosi apini akyide a wohui sɛ wɔyɛ wɔ Kristoman mu nti no nso dɛ. (Adiyisɛm 7:9; Hesekiel 9:4) Eyinom nso de ahoɔden ka asɛmpa no, na wɔde nsɛm a eye na ɛyɛ dɛ ka Yehowa nsiesiei a ɛyɛ nwonwa a wayɛ ama Kristofo a wɔte sɛ nguan yi kyerɛ. (Dwom 37:11, 29; Kolosefo 4:6) Nanso wɔ wɔn a wɔsɔre tia no fam no, eyi yɛ asɛmmɔne ma wɔn. Dɛn ntia? Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nhyehyɛe a wɔde wɔn ho to so—na ebia ɛde abotɔyam bi a ɛntra hɔ daa abrɛ wɔn no—fi hɔ kɔ. Wɔn fam de, asɛmpa no kyerɛ ɔsɛe ma wɔn.​—Filipifo 1:27, 28; fa toto Deuteronomium 28:15; 2 Korintofo 2:15, 16 ho.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 160 mfonini ahorow]

Yohane kuw no ne wɔn ahokafo ka nkrasɛm a ɛyɛ fremfrem ne nwenenwene kyerɛ adesamma nyinaa