Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Ɛba Ntɛm

Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Ɛba Ntɛm

Ti 3

Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Ɛba Ntɛm

1. Ɔkwan bɛn so na wubetumi aguan Onyankopɔn atemmu a ɔde bɛba wiase yi so no?

ƐSƐ sɛ wususuw wiase nsɛm a esisi nnɛ no ho yiye. Dɛn ntia? Efisɛ wiase yi rentumi nguan atemmu ho dwuma a Onyankopɔn bedi no. Na wo de, wubetumi aguan. Wubetumi ayɛ saa denam “wiase” a wɔrebɛsɛe no no ‘fã’ a worenyɛ no so. Eyi nkyerɛ sɛ paw nkokorafo asetra a ɛyɛ den. Ɛkyerɛ sɛ bere a wunya asetra pa a akomatɔyam wom no, ɛsɛ sɛ wotwe wo ho fi amansɛm mu ɔporɔw, adifudepɛ aguadi ne nyamesom a egu Onyankopɔn ho fi, ne basabasayɛ ne ɔbrasɛe su ho. Bere koro no ara mu no, ɛsɛ sɛ wudi Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn a ɛfa abrabɔ pa ho no so, na wohwehwɛ sɛ wobɛyɛ n’apɛde. (Yohane 17:14-16; Sefania 2:2, 3; Adiyisɛm 21:8) Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm kyerɛ sɛnea ɛho hia sɛ woyɛ eyinom, na wosakra w’asetra kwan sɛnea ehia.

2. Ɔsomafo Yohane fi Adiyisɛm no mu nkɔmhyɛ kɛse no ase dɛn, na hena na Onyankopɔn de nkrasɛm a emu yɛ duru yi maa no?

2 Ɔsomafo Yohane de nsɛm yi na efi nkɔmhyɛ titiriw yi ase sɛ: “Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm.” (Adiyisɛm 1:1a, New World Translation) Enti, Yesu Kristo a na wɔanyan no no na ogyee nkrasɛm a emu yɛ duru yi fii Onyankopɔn hɔ. Wɔma ɛda adi wɔ ha sɛ Yesu hyɛ n’Agya ase, na ɔnyɛ Baasakoro ahintasɛm bi muni koraa. Ɔkwan koro no ara so no, “nkoa” a wɔka bom yɛ Kristofo asafo no hyɛ Yesu Kristo ase, ma enti ‘wodi n’akyi baabiara a ɔkɔ.’ (Adiyisɛm 14:4; Efesofo 5:24) Nanso henanom na nnɛ wɔyɛ Onyankopɔn “nkoa” ampa, na ɔkwan bɛn so na wonya Adiyisɛm no mu mfaso?

3. (a) Henanom ne “nkoa” a wɔhyɛ Yesu Kristo ase no? (b) Adwuma bɛn na nkoa anokwafo no reyɛ wɔ abɔfo akwankyerɛ ase?

3 Ɔsomafo Yohane a ɔkyerɛw Adiyisɛm too hɔ no ka n’ankasa ho asɛm sɛ ɔyɛ akoa a ɔte saa. Ná ɔne asomafo no mu nea otwa to a owui, ne “nkoa” kuw a wɔapaw wɔn a wɔde honhom asra wɔn a wonya asetra a owu nni mu wɔ ɔsoro no mu biako. Ɛnnɛ, eyinom mu mpem kakraa bi na wɔaka wɔ asase so. Onyankopɔn wɔ nkoa afoforo nso, a wɔyɛ mmarima, mmea ne mmofra kuw kɛse a mprempren wɔn dodow yɛ ɔpepem pii. Eyinom ne “nkoa” a wɔasra wɔn no nya daa asɛmpa a wɔka kyerɛ adesamma nyinaa no mu kyɛfa wɔ abɔfo akwankyerɛ ase. Oo, hwɛ sɛnea “nkoa” yi nyinaa yere wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaboa asase sofo a wodwo no ma wɔanya nkwagye! (Mateo 24:14; Adiyisɛm 7:9, 14; 14:6) Adiyisɛm kyerɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya asɛmpa a ɛde anigye ba no mu mfaso.

4. (a) Esiane sɛ bɛboro mfe 1,900 ni a Yohane kyerɛw Adiyisɛm no nti, ɔkwan bɛn so na otumi ka “nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm” ho asɛm? (b) Dɛn na adanse no kyerɛ afei wɔ nsɛm a wɔaka asie no ho?

4 Nanso ɔkwan bɛn so na Yohane tumi kae sɛ wɔde “nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm” no bɛkyerɛ “nkoa” yi? So wɔanka saa nsɛm no bɛboro mfe 1,900 a atwam ni no? Yehowa a mfirihyia apem te sɛ “nnɛra” wɔ n’ani so no fam de, sɛ wɔde mfirihyia 1,900 toto mmeresanten a ɔde bɔɔ asase na osiesiei sɛnea ɛbɛyɛ na adesamma atra so no ho a, na ɛyɛ bere tiaa bi. (Dwom 90:4) Ɔsomafo Paulo kyerɛw n’ankasa ‘akwanhwɛ ne anidaso a emu yɛ den’ ho asɛm, na na akyinnye biara nni ho sɛ na ɛte sɛ nea n’akatua a obenya no abɛn pɛɛ. (Filipifo 1:20) Nanso, nnɛ, adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nneɛma a wɔaka asie no nyinaa bɛbam wɔ ne bere mu pɛpɛɛpɛ. Ɛmmae wɔ abakɔsɛm mu da sɛ nkwa a adesamma benya no ho aba asɛm sɛ nnɛ. Onyankopɔn nkutoo na ɔwɔ ano aduru!—Yesaia 45:21

Kaseɛbɔ Kwan

5. Ɔkwan bɛn so na wɔnam de Adiyisɛm no maa ɔsomafo Yohane, ne afei asafo ahorow no nso?

5 Adiyisɛm 1:1b, 2, NW, toa so se: “Na [Yesu] somaa ne bɔfo ma ɔde [Adiyisɛm] maa n’akoa Yohane a wadi Nyankopɔn Asɛm, ne Yesu Kristo adanse ne nea ohui nyinaa ho adanse no wɔ nsɛnkyerɛnne mu.” Enti, Yohane nam ɔbɔfo a wɔsomaa no so na ne nsa kaa honhom mu kyerɛwtohɔ no. Ɔkyerɛw no nhoma mmobɔwee mu de kɔmaa ne bere so asafo ahorow no. Nea ɛyɛ yɛn anigye ne sɛ Onyankopɔn akora so ma ayɛ nkuranhyɛ ama ne nkoa a wɔyɛ biako a wɔwɔ asase so nnɛ no asafo ahorow bɛyɛ 100,000 no.

6. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ ɔkwan a ɔnam so de honhom mu aduan bɛma ne ‘nkoa’ nnɛ?

6 Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɔfaa so de Adiyisɛm no mu nsɛm no mae wɔ Yohane bere so, na na Yohane ne asase soni a ɔka wɔn a wɔnam wɔn so de mae no ho. Saa ara nso na Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɔnam so de honhom mu aduan ma ne ‘nkoa’ nnɛ. Wɔ Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa nneɛma nhyehyɛe no awiei ho no mu no, ɔdaa asase sofo a ɔnam wɔn so no adi sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu.” (Mateo 24:3, 45-47) Ɔde Yohane kuw yi di dwuma ma nkɔmhyɛ no mu ntease da adi.

7. (a) Ɛsɛ sɛ nsɛnkyerɛnne a yehu wɔ Adiyisɛm mu no ka yɛn dɛn? (b) Yohane kuw no mufo binom anya Adiyisɛm mu anisoadehu ahorow no mmamu mu kyɛfa bere tenten ahe?

7 Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ Yesu de Adiyisɛm no mae wɔ “nsɛnkyerɛnne” mu. Eyinom mu da hɔ pefee na ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛhwehwɛ mu. Ɛkyerɛ dwumadi a ahoɔden wom, a ɛsɛ sɛ ɛno nso kanyan yɛn na yɛde nnamyɛ ama afoforo ahu nkɔmhyɛ no ne nea ɛkyerɛ. Adiyisɛm de anisoadehu dodow bi a ɛyɛ nwonwa a Yohane nyaa emu biara mu kyɛfa anaasɛ ɔhwɛe ma yɛn. Yohane kuw no mufo a ebinom anya anisoadehu ahorow yi mmamu mu kyɛfa mfe pii ni no, ani agye sɛ Onyankopɔn honhom ama emu ntease no ada adi sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo.

8. (a) Dɛn na ɛda nsow wɔ Adiyisɛm mu anisoadehu ahorow no biara ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Daniel nkɔmhyɛ no boa yɛn ma yɛte nea Adiyisɛm mu mmoa no yɛ ase?

8 Wɔamfa Adiyisɛm mu anisoadehu ahorow yi amma nnidiso nnidiso sɛnea bere a esisii no te. Emu biara wɔ bere a ebenya mmamu. Anisoadehu no mu bebree ka nkɔm ahorow a wɔadi kan ahyɛ, a ɛma yenya nnyinasode a yɛde betumi akyerɛ ase mu nsɛm kyerɛ. Sɛ nhwɛso no, Daniel nkɔmhyɛ no kaa mmoa anan a wɔn ho yɛ hu ho asɛm, na ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ na eyinom yɛ tumi horow a edi tumi wɔ asase so no ho mfonini. Enti ɛboa yɛn ma yɛte ase sɛ Adiyisɛm no mu mmoa no gyina hɔ ma amammui tumi horow, a nea a ɛwɔ hɔ nnɛ no ka ho.​—Daniel 7:1-8, 17; Adiyisɛm 13:2, 11-13; 17:3.

9. (a) Te sɛ Yohane no, su bɛn na Yohane kuw no ayi adi akyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yohane kyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya anigye?

9 Yohane dii nokware wɔ nkrasɛm a Onyankopɔn nam Yesu Kristo so de brɛɛ no ho adanse a odii no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ “nea ohui nyinaa” mu fefeefe. Yohane kuw no de mmɔdenbɔ ahwehwɛ Onyankopɔn ne Yesu Kristo hɔ akwankyerɛ, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔate nkɔmhyɛ no ase awie na wɔada aba pa a ɛwom no adi akyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Sɛnea ɛbɛyɛ na ayɛ mfaso ama asafo a wɔasra no (ne amanaman ntam nnipakuw kɛse a Onyankopɔn bɛkyɛe wɔn so ahohiahia kɛse no mu nso) no, Yohane kyerɛw sɛ: “Anigye ne nea ɔkan no den ne wɔn a wɔte nkɔmhyɛ yi mu nsɛm, ne nea odi nneɛma a wɔakyerɛw wɔ mu no so; na bere a wɔahyɛ no abɛn.”—Adiyisɛm 1:3, NW.

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Adiyisɛm ho na yɛanya anigye?

10 Wonam Adiyisɛm no kenkan so benya mfaso kɛse, na sɛ wudi nsɛm a wɔakyerɛw wom no so a, wubenya nea ɛboro saa mpo. Yohane kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nkrataa no biako mu sɛ: “Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den. Efisɛ biribiara a Onyankopɔn woe no di wiase so nkonim, na nkonim a adi wiase so ne yɛn gyidi.” (1 Yohane 5:3, 4) Sɛ woma gyidi a ɛte saa no yɛ kɛse a, wubetumi anya anigye kɛse!

11. (a) Dɛn nti na egye ntɛmpɛ sɛ yedi nkɔmhyɛ no mu nsɛm no so? (b) Bere bɛn na mprempren abɛn ma ɛyɛ hu?

11 Ehia ntɛm sɛ yedi nkɔmhyɛ no mu nsɛm no so, efisɛ “bere a wɔahyɛ no abɛn.” Bere a wɔahyɛ ama dɛn? Bere a wɔahyɛ ama Adiyisɛm no mu nkɔmhyɛ ahorow no mmamu, a Onyankopɔn atemmu ahorow nso ka ho. Bere no abɛn sɛ Onyankopɔn ne Yesu Kristo de atemmu a etwa to ba Satan wiase nhyehyɛe no so. Bere a na Yesu wɔ asase so ha no, ɔkae sɛ n’Agya nkutoo na onim “da no ne dɔn no.” Esiane sɛ na Yesu hwɛ ɔhaw ahorow a adɔɔso wɔ asase so wɔ yɛn bere yi so kwan nti, ɔkae nso sɛ: “Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba ansa.” Enti ɛbɛyɛ sɛ bere a wɔahyɛ sɛ wɔde bedi Onyankopɔn gyinaesi ho dwuma no rebɛn yiye ma ɛyɛ hu. (Marko 13:8, 30-32) Sɛnea Habakuk 2:3 ka no: “Adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ, na ɛpere repɛ awiei, na ɛrenni atoro; sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ɔba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.” Nkwa a wobegye yɛn wɔ ahohiahia kɛse no mu no gyina Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm no a yebedi so no so.​—Mateo 24:20-22.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 15 adaka]

Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛate Adiyisɛm nhoma no ase no ehia

● Sɛ yenya Yehowa honhom no mmoa

● Sɛ yehu bere a Awurade da no fii ase

● Sɛ yehu akoa nokwafo ne ɔbadwemma no nnɛ