Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipakuw Kɛse Bebree Bi

Nnipakuw Kɛse Bebree Bi

Ti 20

Nnipakuw Kɛse Bebree Bi

1. Yohane kaa 144,000 no anosɔw ho asɛm akyi no, kuw foforo bɛn na ohu?

BERE a Yohane aka 144,000 no anosɔw ho asɛm awie no, ɔtoa so bɔ adiyi ahorow a ɛyɛ anigye sen biara wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nyinaa biako ho amanneɛ. Ɛbɛyɛ sɛ ne koma de anigye hurui bere a ɔrebɔ ho amanneɛ, sɛ: “Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no anim ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw.” (Adiyisɛm 7:9) Yiw, mframa anan no ano a wosiw no ma kwan ma wogye kuw foforo nkwa ka honhom mu Israel 144,000 no mufo no ho: amanaman mu nnipakuw kɛse bi a wɔka kasa horow pii. *Adiyisɛm 7:1.

2. Wiase asɛnkafo kyerɛ sɛ nnipakuw kɛse no yɛ henanom, na bere a atwam no mu no, Bible Asuafo no mpo buu saa kuw yi dɛn?

2 Wiase nsɛnkafo akyerɛ sɛ nnipakuw kɛse yi yɛ nnipa a wɔnyɛ honam fam Yudafo a wɔasakra aba Kristosom mu anaasɛ mogya adansefo Kristofo a wɔbɛkɔ soro. Bible Asuafo no mpo buu wɔn sɛ ɔsoro kuw a ɛto so abien wɔ bere a atwam no mu, sɛnea wɔkae wɔ 1886 mu Studies in the Scriptures, The Divine Plan of the Ages, Po 1 no mu no: “Ahengua no ho nkonimdi bo ne onyamesu no bɔ wɔn, nanso, awiei no, wɔbɛwo wɔn sɛ honhom mufo a wɔba fam sen onyamesu no. Ɛwom sɛ wɔayɛ eyinom kronkron ampa de, nanso wiase honhom adi wɔn so akosi baabi a wɔantumi amfa wɔn nkwa ammɔ afɔre.” Na nnansa yi ara wɔ 1930 mu no, wɔdaa adwene no adi wɔ Light Nhoma a Edi kan no mu sɛ: “Wɔn a wɔka bom yɛ nnipakuw kɛse yi annye nsa a wɔto frɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Awurade no adansefo a wɔyɛ nsi no so.” Wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ kuw bi a wobu wɔn ho atreneefo, a wɔwɔ nokware no ho nimdeɛ bi, nanso wɔammɔ ne ka ho mmɔden kɛse biara. Wɔbɛkɔ soro sɛ kuw a ɛto so abien a wɔne Kristo renni ahene.

3. (a) Anidaso bɛn na komapafo bi a akyiri yi wɔbɛyɛɛ nsi wɔ asɛnka adwuma no mu no benya? (b) Ɔkwan bɛn so na 1923 mu no, The Watch Tower no kyerɛkyerɛɛ nguanten ne mpapo ho bɛ no mu?

3 Nanso, na Kristofo a wɔasra wɔn no ahokafo afoforo wɔ hɔ a akyiri yi wɔbɛyɛɛ nsi kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu. Na wonni anidaso biara sɛ wɔbɛkɔ soro. Nokwarem no, na wɔn anidaso ne baguam ɔkasa a Yehowa nkurɔfo mae fi 1918 kosi 1922 no hyia. Mfiase no, na ɛyɛ “Wiase Aba N’awiei—Ɔpepem a Wɔte Ase Nnɛ Renwu Da.” * Ɛno akyi pɛɛ no Watch Tower nsɛmma nhoma a wotintim October 15, 1923, no kyerɛkyerɛɛ nguanten ne mpapo ho bɛ (Mateo 25:31-46) a Yesu bui no mu, na ɛkae sɛ: “Nguanten gyina hɔ ma amanaman mufo nyinaa, ɛnyɛ wɔn a wɔde honhom awo wɔn, na mmom wɔn a wɔpɛ trenee, a wɔde wɔn adwene gye Yesu Kristo tom sɛ Awurade, na wɔhwɛ kwan sɛ bere pa bi bɛba wɔ ne nniso ase na wɔwɔ ho anidaso.”

4. Ɔkwan bɛn so na hann a ɛfa asase so kuw no ho no hyerɛn kɛse wɔ 1931 mu? wɔ 1932 mu? wɔ 1934?

4 Mfe bi akyi wɔ 1931 mu no, Vindication Nhoma a Edi Kan no kaa Hesekiel ti 9 ho asɛm, na ɛdaa nnipa a wɔahyɛ wɔn agyirae wɔ wɔn moma so ma wɔakyɛe wɔn so wiase awiei mu no adi sɛ nguanten a wɔwɔ bɛ a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no mu. Vindication Nhoma a Ɛto so Abiɛsa a woyii no adi 1932 mu no, kaa ɔbarima Yonadab a ɔnyɛ Yudani, a ɔkɔkaa Israel Hene Yehu a na wɔasraa no ho wɔ ne teaseɛnam no mu na ɔne no kɔe kohuu Yehu nsiyɛ a ɔde tɔree atoro nyamesomfo ase no koma pa ho asɛm. (2 Ahene 10:15-17) Nhoma no kae sɛ: “Na Yonadab gyina hɔ ma saa nnipa a mprempren wɔwɔ asase so, bere a Yehu adwuma [Yehowa atemmu horow a wɔka kyerɛ] rekɔ so a wokura koma pa, na wɔne Satan ahyehyɛde no nyɛ adwene, a wogyina trenee afa, a wɔne wɔn a Awurade bɛkyɛe wɔn so Harmagedon bere no mu, na ɔde wɔn atwa saa amanehunu no, na wama wɔn daa nkwa wɔ asase so kuw no. Eyinom na wɔka bom yɛ nguanten kuw no.” Afe 1934 mu no, The Watchtower no kaa no pefee sɛ ɛsɛ sɛ saa Kristofo a wɔwɔ asase so anidaso yi hyira wɔn ho so ma Yehowa, na wɔbɔ wɔn asu. Hann a ɛfa asase so kuw yi ho no kɔ so hyerɛn yiye bere nyinaa.​—Mmebusɛm 4:18.

5. (a) Wɔkyerɛe sɛ nnipakuw kɛse no yɛ henanom wɔ 1935 mu? (b) Bere a J. F. Rutherford bisaa nhyiamfo wɔ 1935 mu sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa no nsɔre nnyina hɔ no, dɛn na ɛbae?

5 Afei na wɔrebɛma Adiyisɛm 7:9-17 mu ntease mu ada hɔ pefee ne hyerɛn nyinaa mu! (Dwom 97:11) Na Watchtower nsɛmma nhoma no akɔ so ada anidaso no adi mpɛn pii sɛ nhyiam kɛse bi a na wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ wɔ Washington D.C., U.S.A., fi May 30 kosi June 3, 1935 mu no bɛyɛ “awerɛkyekye ne mfaso ankasa” ama wɔn a Yonadab yɛ wɔn ho mfonini no. Ɛbae saa! J. F. Rutherford, a na odi asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa anim no saa bere no de Kyerɛwnsɛm mu adanse mae sɛ, nnɛyi nguan foforo no ne Adiyisɛm 7:9 mu nnipakuw kɛse no yɛ ade koro wɔ kasa bi a ɛkanyan koma a ɛfa “Nnipakuw Kɛse” no ho a ɔma kyerɛɛ nhyiamfo bɛyɛ 20,000 no mu. Ɔkasa yi awiei no, ɔkasafo no bisae sɛ: “Mesrɛ mo, wɔn a wɔwɔ asase so daa asetra ho anidaso no bɛsɔre agyina hɔ anaa?” Bere a nnipa no mu fã kɛse ara sɔre gyinaa hɔ no, ɔkasafo no kae sɛ: “Monhwɛ! Nnipakuw kɛse no!” Ɛhɔ yɛɛ dinn, na afei osebɔ dii akyi. Yohane kuw no ani gyei yiye—na saa ara na Yonadab kuw no nso ani gyei! Ade kyee no, wɔbɔɔ Adansefo afoforo 840 asu, na na eyinom mu dodow no ara kyerɛ sɛ wɔyɛ nnipakuw kɛse no mufo.

Nea Nnipakuw Kɛse no Yɛ So Duasi

6. (a) Dɛn nti na yebetumi ate ase pefee sɛ nnipakuw kɛse no ne nnɛyi Kristofo a wɔahyira wɔn ho so kuw a wɔn ani da so sɛ wɔbɛtra asase so daa no? (b) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na nnipakuw kɛse no ntade fitaa no yɛ?

6 Yɛbɛyɛ dɛn atumi aka no pen sɛ nnipakuw kɛse no ne nnɛyi Kristofo kuw a wɔahyira wɔn ho so a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn asase so no? Ná Yohane adi kan ahu ɔsoro kuw a wɔatɔ wɔn “ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu” no wɔ anisoadehu mu. (Adiyisɛm 5:9, 10) Nnipakuw kɛse no nso fi beae koro no ara nanso ɛsono wɔn anidaso. Wonnii kan nhyɛɛ wɔn dodow ntoo hɔ te sɛ Onyankopɔn Israel ɛ. Onipa biara nni hɔ a obetumi adi kan akyerɛ sɛnea wɔn dodow bɛyɛ. Wɔahoro wɔn ntade ma ahoa Oguammaa no mogya mu, wɔn trenee gyinabea wɔ Yehowa anim denam wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ Yesu afɔrebɔ no mu no so ho sɛnkyerɛnne. (Adiyisɛm 7:14) Na wohinhim berɛw, kamfo Mesia sɛ wɔn Hene.

7, 8. (a) Akyinnye biara nni ho sɛ berɛw a wohinhim no kaee ɔsomafo Yohane nsɛm a esisi bɛn? (b) Dɛn na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔn a wɔyɛ nnipakuw kɛse no mufo no rehinhim berɛw no kyerɛ?

7 Bere a Yohane kɔ so hwɛ wɔ anisoadehu yi mu no, ebia n’adwene de no bɛsan n’akyi akɔ bɛboro mfe 60 wɔ Yesu dapɛn a etwa to wɔ asase so no so. Nisan 9, 33 Y.B. bere a nnipakuw no tuu yuu kɔmaa Yesu akwaaba baa Yerusalem no, “wɔfofaa berɛw, na wofii adi sɛ wɔrekohyia no, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔreba [Yehowa] din mu no, Israel hene no!” (Yohane 12:12, 13) Ɔkwan koro no ara so no, berɛw a wohinhim ne nnipakuw kɛse no nteɛteɛm no kyerɛ wɔn anigye a hwee nsianka no a wɔde gye Yesu tom sɛ Ɔhene a Yehowa apaw no no.

8 Akyinnye biara nni ho sɛ berɛw ne anigye nteɛm no nso bɛkae Yohane tete Israelfo Asese Afahyɛ no. Yehowa de ahyɛde mae wɔ afahyɛ yi ho sɛ: “Na ɛda a edi kan no momfa nnua afɛfɛ so ade, berɛw ne nnua kusuu abaa ne nsukɔn so nnua, na mo ani nnye [Yehowa] mo Nyankopɔn anim nnanson.” Wɔde berɛw no dii dwuma sɛ anigye ho agyiraehyɛde. Ná asese a ɛtra hɔ bere tiaa bi no ma wɔkae sɛ Yehowa agye ne nkurɔfo nkwa afi Misraim ma wɔakɔtratra ntamadan mu wɔ sare so. “Ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo” nso dii afahyɛ yi bi. Ná ‘anigye ara nko’ na ɛsɛ sɛ Israel nyinaa nya.​—Leviticus 23:40; Deuteronomium 16:13-15.

9. Anigye nteɛm bɛn na nnipakuw kɛse no nya mu kyɛfa?

9 Ɛnde, na ɛfata sɛ nnipakuw kɛse no nso, ɛwom sɛ wɔnnyɛ honhom mu Israel no mufo de, nanso ɛsɛ sɛ wohinhim berɛw, efisɛ wɔde anigye ne aseda ka sɛ nkonimdi ne nkwagye fi Onyankopɔn ne Oguammaa no, sɛnea Yohane hu wɔ ha no: “Na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so no ne Oguammaa no dea.” (Adiyisɛm 7:10) Ɛwom sɛ wɔapaw nnipakuw kɛse no afi mmusuakuw nyinaa mu de, nanso wɔde “nne kɛse” koro no ara na ɛteɛm. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ayɛ eyi, aman ne kasa horow mu a wofi no nyinaa akyi?

10. Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no betumi ayɛ biako de “nne kɛse” koro ateɛm, aman ne kasa horow mu a wofi nyinaa akyi?

10 Nnipakuw kɛse yi yɛ nokware ahyehyɛde biako pɛ a wofi aman horow bebree mu aka abom ayɛ biako nokware mu wɔ asase so nnɛ no mufo. Wonni gyinapɛn ahorow a ɛsonsonoe ma aman horow, na mmom wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow a ɛteɛ no di dwuma bere nyinaa wɔ baabiara a wɔte. Wɔmmfa wɔn ho nhyɛ ɔmampɛ, ɔman anidan nneyɛe ahorow mu, na mmom ‘wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw’ nokware mu. (Yesaia 2:4) Wɔn mu mpaapae nyɛɛ ɔsom anaa akuw horow, na ama wɔaka nkrasɛm a ntease nnim anaa abirabɔ wom sɛnea Kristoman mu nyamesom ahorow no yɛ no; na wonnyaw mma asɔfokuw a wɔde ayɛ wɔn adwuma sɛ wɔn na wɔmfa wɔn ayeyi mma mma wɔn. Wɔnteɛm nka sɛ wɔn nkwagye fi honhom kronkron, efisɛ wɔnyɛ baasakoro nyame bi asomfo. Aman bɛyɛ 200 a ɛwɔ asase so nyinaa mu no, wɔde biakoyɛ bɔ Yehowa din bere a wɔka nokware kasa kronn biako no. (Sefania 3:9) Wogye tom baguam ma ɛfata sɛ wɔn nkwagye fi Yehowa, nkwagye Nyankopɔn no, denam Yesu Kristo, Ne nkwagye ho Adwumayɛfo Panyin no so—Dwom 3:8; Hebrifo 2:10.

11. Ɔkwan bɛn so na nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ aboa nnipakuw kɛse no mufo ma wɔn nne ayɛ den kɛse?

11 Nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ aboa ma nnipakuw kɛse a wɔyɛ biako no nne kɛse no agyigye kɛse mpo. Enhia nyamesom kuw foforo biara a ɛwɔ asase so sɛ ebetintim Bible sua mmoa nhoma horow wɔ kasa horow bɛboro 400 mu, esiane sɛ kuw foforo biara nni hɔ a n’ani gye ho sɛ ɛde nkrasɛm biako bɛkɔ akɔma asase sofo nyinaa nti. Sɛ eyi mu mmoa foforo bio no, wɔayɛ tintim afiri a etumi di kasa horow bebree (MEPS) ho dwuma wɔ Yehowa Adansefo Sodikuw a wɔasra wɔn no ɔhwɛ ase. Bere a yɛretintim eyi no, na wɔde MEPS ahorow ahorow redi dwuma wɔ mmeae bɛboro 125 wɔ asase so nyinaa, na eyi aboa ma atumi ayɛ yiye sɛ wobetintim wɔn nsɛmma nhoma a ɛba mprenu ɔsram biara a ɛne Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa horow bɛboro 130 mu wɔ bere koro mu. Yehowa Adansefo tintim nhoma horow te sɛ eyi sɛɛ nso wɔ kasa horow bebree mu bere koro mu. Enti, Yehowa Adansefo a nnipakuw kɛse no na wɔyɛ emu dodow no ara no tumi de nhoma horow ɔpepehaha ma wɔ kasa horow nyinaa a wonim yiye no mu, na ɛma nnipa dɔm foforo bebree a wofi mmusua ne kasa horow nyinaa mu tumi sua Onyankopɔn Asɛm ma wɔde wɔn nne bɛka nnipakuw kɛse no nne a ano yɛ den no ho.​—Yesaia 42:10, 12.

Wɔ Ɔsoro anaa Asase so?

12, 13. Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no “gyina ahengua no ne Oguammaa no anim”?

12 Yɛyɛ dɛn hu sɛ “gyinagyina ahengua no anim” no nkyerɛ sɛ nnipakuw kɛse no wɔ ɔsoro? Asɛm yi ho adanse a emu da hɔ pefee pii wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha sɛ “anim” (e·noʹpion) no ase ankasa ne “ani tua,” na wɔde di dwuma mpɛn pii de ka adesamma a wɔwɔ asase so a wɔwɔ Yehowa “anim” anaa ‘n’ani tua wɔn’ no ho asɛm. (1 Timoteo 5:21; 2 Timoteo 2:14; Romafo 14:22; Galatifo 1:20) Bere bi, bere a na Israelfo wɔ sare no so no, Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo asafo no nyinaa sɛ: Muntwiw mmɛn [Yehowa] anim, efisɛ wate mo anwiinwii no.” (Exodus 16:9) Ná enhia sɛ wɔde Israelfo no kɔ ɔsoro ma wokogyina Yehowa anim saa bere no. (Fa toto Leviticus 24:8 ho.) Mmom no, ɛhɔ ara wɔ sare no so no, na wogyina Yehowa anim, na na n’adwene wɔ wɔn so.

13 Afei nso, yɛkenkan sɛ: “Onipa ba no bɛba n’anuonyam mu . . . wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim.” * Bere a saa nkɔmhyɛ yi benya mmamu no, na nnipa nyinaa nkɔɔ soro. Nokwarem no, wɔn a wobefi “hɔ akɔ daa ahoyeraw mu” no nni ɔsoro. (Mateo 25:3-33, 41, 46) Mmom no, adesamma gyina asase so wɔ Yesu anim, na ɔdan n’adwene si wɔn so bu wɔn ntɛn. Saa ara nso na nnipakuw kɛse no wɔ “ahengua no ne Oguammaa no anim,” kyerɛ sɛ Yehowa ne ne Hene Kristo Yesu, a obu wɔn bem no hu wɔn.

14. (a) Henanom na wɔka wɔn ho asɛm sɛ ‘wɔatwa ahengua no ho asi’ na wɔwɔ “[ɔsoro] Bepɔw Sion” so no? (b) Ɛwom sɛ nnipakuw kɛse no som Onyankopɔn wɔ “n’asɔredan mu” de, nanso dɛn nti na eyi mma wɔnyɛ asɔfokuw?

14 Wɔka mpanyimfo 24 no ne 144,000 kuw a wɔasra wɔn no ho asɛm sɛ ‘wɔatwa Yehowa ahengua no ho asi,’ na wɔwɔ ɔsoro “Sion Bepɔw so.” (Adiyisɛm 4:4; 14:1) Nnipakuw kɛse no nyɛ asɔfokuw na wɔn nsa nka saa dibea a ɛkorɔn no. Ampa, wɔka ho asɛm akyiri yi wɔ Adiyisɛm 7:15 sɛ wɔsom Nyankopɔn “n’asɔredan mu.” Nanso asɔredan yi nkyerɛ kronkronbea a ɛwɔ mu no, Kronkron mu Kronkron. Mmom no ɛyɛ Onyankopɔn honhom mu asɔredan no asase so adiwo. Hela asɛmfua na·os’ a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ “asɔredan” no taa ka ntease a emu trɛw a ɛkyerɛ ɔdan mu no nyinaa a wɔasi ama Yehowa som no ho asɛm. Ɛnnɛ, eyi yɛ honhom mu ɔdan a ɔsoro ne asase nyinaa ka ho.​—Fa toto Mateo 26:61; 27:5, 39, 40; Marko 15:29, 30 Yohane 2:19-21 ho, New World Translation Reference Bible, ase hɔ asɛm.

Amansan Nyinaa Ayeyi Nteɛm

15, 16. (a) Dɛn na wɔyɛe wɔ ɔsoro wɔ nnipakuw kɛse no pue ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa honhom abɔde no yɛ wɔn ade wɔ n’atirimpɔw foforo biara a woyi no adi no ho? (d) Ɔkwan bɛn so na yɛn a yɛwɔ asase so no betumi ato ayeyi dwom no bi?

15 Nnipakuw kɛse no reyi Yehowa ayɛ, nanso afoforo nso reto ne ho ayeyi dwom. Yohane bɔ amanneɛ sɛ: “Na abɔfo no nyinaa atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho asi, na wɔde wɔn anim butubutuw fam, ahengua no anim, na wɔkotow Nyankopɔn se: Amen, nhyira ne anuonyam ne nyansa ne aseda ne nidi ne tumi ne ahoɔden yɛ yɛn Nyankopɔn dea daa daa. Amen.”—Adiyisɛm 7:11, 12.

16 Bere a Yehowa bɔɔ asase no, ɔsoro abɔfo kronkron no nyinaa “boom too ahurusi dwom, na Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose.” (Hiob 38:7) Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa atirimpɔw foforo biara adiyi ma wɔtoo abɔfo ayeyi dwom a ɛte saa ara. Bere a mpanyimfo 24—144,000 a wɔwɔ wɔn soro anuonyam mu—no teɛm denneennen de gye Oguammaa no tom no, Onyankopɔn ɔsoro abɔde a wɔaka no nyinaa nso de ayeyi to dwom ma Yesu ne Yehowa Nyankopɔn. (Adiyisɛm 5:9-14) Na abɔde yi ani agye mmoroso dedaw sɛ wɔahu Yehowa atirimpɔw sɛ obenyan adesamma anokwafo a wɔasra wɔn no akɔ beae bi a ɛyɛ nyam wɔ ahonhom trabea no mmamu. Afei Yehowa ɔsoro abɔde anokwafo no nyinaa to ayeyi dwom dɛdɛ bere a nnipakuw kɛse no pue no. Ampa, Yehowa nkoa nyinaa fam no, Awurade da no yɛ anigye bere a wɔbɛtra mu. (Adiyisɛm 1:10) Wɔ asase so ha no, hokwan bɛn ara na yɛanya sɛɛ yi sɛ yɛbɛto ayeyi dwom no bi denam Yehowa Ahenni no ho adanse a yebedi so!

Nnipakuw Kɛse No Pue

17. (a) Asɛm bɛn na mpanyimfo 24 no mu biako bisa, na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔpanyin no betumi ahu mmuae no kyerɛ dɛn? (b) Bere bɛn na wobuaa ɔpanyin no asemmisa no?

17 Efi ɔsomafo Yohane bere so besi Awurade da no mu no, na Kristofo a wɔasra wɔn no ntumi nhu wɔn a nnipakuw kɛse no yɛ. Ɛnde na ɛfata sɛ mpanyimfo 24 no mu biako a ogyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ ɔsoro dedaw no kanyan Yohane adwene bisa asɛm bi a ɛfata sɛ. “Na mpanyimfo no mu biako bua see me sɛ: Eyinom a wɔhyehyɛ ntade yuu fitaa yi yɛ henanom na wofi he? Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim.” (Adiyisɛm 7:13, 14a) Yiw, na saa ɔpanyin no betumi ahu mmuae no na ɔde ama Yohane. Eyi kyerɛ sɛ ebia mpanyimfo 24 kuw no mufo a wɔanyan wɔn no ho wɔ ɔsoro nokware ahorow a wɔde ma nnɛ no mu. Wɔn fam de, Yohane kuw no mufo a wɔwɔ asase so no huu wɔn a nnipakuw kɛse no yɛ denam hwɛ a wɔhwɛɛ nea Yehowa reyɛ wɔ wɔn mu no yiye no so. Wohuu ɔsoro hann a ɛharan teokrase ahunmu nyinaa wɔ 1935 mu, bere a Yehowa bere dui no ntɛm.

18, 19. (a) Anidaso bɛn na Yohane kuw no sii so dua wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu, nanso henanom na wɔn mu bebree gyee nkrasɛm no so? (b) Hu a wohuu nnipa ko a nnipakuw kɛse no yɛ wɔ 1935 mu no kyerɛɛ dɛn wɔ 144,000 no ho? (d) Dɛn na Nkaedi akontaabu ahorow da no adi?

18 Wɔ 1920 mfe no ne 1930 mfiase mu hɔ no, na Yohane kuw no asi ɔsoro anidaso no so dua, wɔ nhoma ahorow ne asɛnka adwuma no nyinaa mu. Ɛda adi pefee sɛ na 144,000 dodow no nyinaa nnui ɛ. Nanso wɔn a wotiee nkrasɛm no na wɔdaa nsiyɛ adi wɔ adansedi adwuma no mu dodow no ara kyerɛɛ ase a wɔbɛtra daa wɔ Paradise asase so no ho anigye. Na wonni ɔpɛ biara sɛ wɔbɛkɔ ɔsoro. Na ɛnyɛ wɔn frɛ nen. Na wɔnyɛ kuw ketewa no mufo, na mmom nguan foforo no mufo. (Luka 12:32; Yohane 10:16) Na hu a wohuu wɔn 1935 mu sɛ wɔyɛ nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no kyerɛ sɛ 144,000 no paw reyɛ aba awie saa bere no.

19 Akontaabu ahorow foa nea yɛaka yi nsɛmmoa anaa? Yiw, ɛte saa. Afe 1938 mu wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo 59,047 na wɔyɛɛ ɔsom adwuma no bi. Eyinom mu 36,732 dii nkae aduan no bi wɔ Yesu wu Nkae afe afe afahyɛ no ase, na wɔnam saayɛ so kyerɛe sɛ wɔanya ɔsoro frɛ. Efi saa bere no reba no, wɔn a wodi bi no dodow so akɔ so ahuan, ne titiriw no esiane sɛ Yehowa Adansefo anokwafo wie wɔn asase so asetra wɔ owu mu nti. Wɔ 2005 mu no, nnipa 8,524 pɛ na wodii Nkae aduan no bi—wonnu 16,390,116 a wɔkɔɔ nkaedi no ase no mu ɔha biara mu nkyem 0.05.

20. (a) Wiase Nyinaa Ko II no mu no, asɛm bɛn na J. F. Rutherford kae kokoam wɔ nnipakuw kɛse no ho? (b) Nokwasɛm ahorow bɛn na mprempren ɛkyerɛ sɛ nnipakuw kɛse no dɔɔso ampa?

20 Bere a wiase nyinaa ko a ɛto so abien pae gui no, Satan bɔɔ mmɔden denneennen sɛ ɔbɛma wɔagyae nnipakuw kɛse no anoboaboa no. Wosiw Yehowa adwuma no kwan wɔ aman pii so. Saa nna bɔne no mu, ne bere tiaa bi ansa na J. F. Rutherford rewu January wɔ 1942 mu no, wɔtee sɛ ɔreka sɛ: “Wiɛ . . . ɛte sɛ nea nnipakuw kɛse no dodow rennɔɔso ahe biara.” Nanso Onyankopɔn nhyira kyerɛe sɛ ɛnte saa! Eduu 1946 no, na Adansefo a wɔresom wɔ wiase nyinaa no dodow akɔ soro akodu 176,456—na eyinom mu dodow no ara yɛ nnipakuw kɛse no mufo. Wɔ 2005 mu no, na Adansefo a wɔsom Yehowa nokwaredi mu wɔ nsase 235 so no yɛ 6,390,022—NNIPAKUW KƐSE ampa! Na wɔn dodow no rekɔ soro.

21. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo anoboaboa wɔ Awurade da no mu no ne Yohane anisoadehu no hyia pɛpɛɛpɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛho hia fii ase baa mu?

21 Onyankopɔn nkurɔfo anoboaboa wɔ Awurade da no mu no ne Yohane anisoadehu no hyia pɛpɛɛpɛ: nea edi kan ne 144,000 no nkaefo no anoboaboa; nea edi hɔ afei ne nnipakuw kɛse no anoboaboa. Sɛnea Yesaia hyɛɛ nkɔm no, afei “nna a edi akyiri no mu no”, nnipa a wofi aman nyinaa mu resen yuu abenya Yehowa ɔsom kronn no mu kyɛfa. Na nokwarem no, yɛn ani gye Yehowa “ɔsoro foforo ne asase foforo” a wabɔ a yehu no ho. (Yesaia 2:2-4; 65:17, 18) Onyankopɔn reboaboa “nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so.” (Efesofo 1:10) Ɔsoro Ahenni no adedifo a wɔasra wɔn—a wɔapaw wɔn mfehaha pii no mu fi Yesu bere so de reba no—ne “nea ɛwɔ ɔsoro” no. Na afei nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no apue sɛ “nea ɛwɔ asase so” no mufo a wodi kan. Som a wobɛsom ma ɛne saa nhyehyɛe no ahyia no betumi akyerɛ daa anigye ama wo.

Nnipakuw kɛse no Nhyira Horow

22. Asɛm bɛn bio na Yohane nya fa nnipakuw kɛse no ho?

22 Ɛdenam ɔsoro kaseɛbɔ kwan no so no, Yohane nsa ka nsɛm foforo fa nnipakuw kɛse yi ho: “Na [ɔpanyin no] ka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa wɔ Oguammaa no mogya no mu. Eyi nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na nea ɔte ahengua no so no bɛkata wɔn so.”—Adiyisɛm 7:14b, 15.

23. Dɛn ne ahohiahia kɛse a nnipakuw kɛse no ‘fi mu fi’ no?

23 Ná Yesu aka wɔ bere bi a atwam no mu sɛ, ba a ɔbɛba Ahenni anuonyam mu no bɛkɔ akowie “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba” mu. (Mateo 24:21, 22) Sɛ saa nkɔmhyɛ no mmamu no, abɔfo no begyaw asase so mframa anan no mu na asɛe Satan wiase nhyehyɛe no. Nea ebedi kan asɛe ne Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no. Ɛno na afei bere a ahohiahia no adu ne mpɔmpɔn so no, Yesu begye 144,000 no nkaefo a wɔwɔ asase so no ne nnipakuw kɛse a wɔdɔɔso a wɔka wɔn ho no.​—Adiyisɛm 7:1; 18:2.

24. Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no mu ankorankoro fata sɛ wofi mu ka?

24 Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no mufo ankorankoro fata ma nkwagye? Ɔpanyin no ka kyerɛ Yohane sɛ “wɔahohoro wɔn ntade ma ahoa Oguammaa no mogya no mu.” Ɔkwan foforo so no, wɔanya Yesu mu gyidi sɛ wɔn Gyefo, wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa, na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ wɔn ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne, na wɔnam wɔn abrabɔ pa so ‘kura ahonim pa mu.’ (1 Petro 3:16, 21; Mateo 20:28) Enti, wɔn ho tew na wɔyɛ atreneefo Yehowa ani so. Na woyi wɔn ho fi “wiase nkekae mu.”—Yakobo 1:27.

25. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no de ɔsom kronn ma Yehowa “awia ne anadwo n’asɔredan mu”? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa trɛw ne ntamadan mu wɔ nnipakuw kɛse no so?

25 Afei, wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo a wɔyɛ nsi—“wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu.” So woyɛ nnipakuw kɛse a wɔahyira wɔn ho so yi mu biako anaa? Sɛ saa a, na ɛyɛ hokwan a woanya sɛ wɔbɛsom Yehowa wɔ ne honhom mu asɔredan kɛse no asase so adiwo hɔ a wunnyae da. Ɛnnɛ, wɔ wɔn a wɔasra wɔn no akwankyerɛ ase no, nnipakuw kɛse no reyɛ adansedi adwuma no mu fã kɛse no ara. Honam fam adwuma mu asɛyɛde ahorow a ɛda wɔn so nyinaa akyi no, wɔn mu ɔpehaha pii anya kwan ayɛ bere nyinaa som adwuma no sɛ akwampaefo. Sɛ wowɔ saa kuw no mu anaasɛ dabi no, sɛ nnipakuw kɛse a wɔahyira wɔn ho so no muni no, w’ani betumi agye sɛ esiane wo gyidi ne wo nnwuma nti, wɔabu wo ɔtreneeni sɛ Onyankopɔn adamfo na ɔyɛ wo atuu sɛ ɔhɔho ne ntamadan mu. (Dwom 15:1-5; Yakobo 2:21-26) Enti Yehowa ‘trɛw ne ntamadan mu’ wɔ wɔn a wɔdɔ no no so, na sɛ ofiewura pa no, ɔbɔ wɔn ho ban.​—Mmebusɛm 18:10.

26. Nhyira afoforo bɛn na nnipakuw kɛse no benya?

26 Ɔpanyin no toaa so sɛ: “Ɔkɔm renne wɔn bio, nso osukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahohuru biara rento wɔn. Na Oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛn wɔn, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.” (Adiyisɛm 7:16, 17) Yiw, Yehowa yɛ ɔyamyefo ampa! Nanso nsɛm yi mu ntease mu dɔ dɛn?

27. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia hyɛɛ biribi a ɛte sɛ ɔpanyin no nsɛm no ara ho nkɔm? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no fii ase baa mu wɔ Kristofo asafo no so wɔ Paulo bere so?

27 Momma yɛn nsusuw nkɔmhyɛ bi a wɔaka no saa ara ho nhwɛ: “Sɛ [Yehowa] se ni: Anisɔ bere mu na matie wo, na nkwagye da mu na maboa wo . . . Ɔkɔm renne wɔn, na osukɔm renne wɔn, na kumaforote ne owia renka wɔn, na nea ohu wɔn mmɔbɔ no begyaw wɔn, na wɔakyerɛ wɔn mmasu so kwan.” (Yesaia 49:8, 10; hwɛ Dwom 121:5, 6 nso.) Ɔsomafo Paulo faa nkɔmhyɛ yi mu fã bi kaa asɛm, na ɔkae sɛ ɛfa “nkwagye da” a efii ase fii Pentekoste wɔ 33 Y.B. mu no ho. Ɔkyerɛwee se: “Na [Yehowa ka] sɛ: Bere a ɛsɛ mu na matie wo, na nkwagye da na maboa wo; hwɛ, afei ne ɔdom bere, hwɛ ɛnnɛ ne nkwagye da.”—2 Korintofo 6:2.

28, 29. (a) Yesaia nsɛm no baa mu dɛn wɔ afeha a edi kan no mu? (b) Adiyisɛm 7:16 nsɛm no ba mu wɔ nnipakuw kɛse no ho dɛn? (d) Dɛn na ebefi “nkwa asuti” a wɔbɛkyerɛ nnipakuw kɛse no kwan akɔ ho no mu aba? (e) Dɛn nti na nnipakuw kɛse no bɛyɛ soronko wɔ adesamma mu?

28 Na ɔkɔm anaa osukɔm a ɛrenne wɔn anaa ɔhyew bi a ɛrenka wɔn ho bɔhyɛ no fa dɛn ho saa bere no? Ɛda adi sɛ, ɔkɔm ne sukɔm ankasa dee Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no mmere bi. (2 Korintofo 11:23-27) Nanso honhom mu no, na wɔwɔ ade bebree. Na wɔama wɔn nneɛma pii, ma enti honhom mu nneɛma ho kɔm ne sukɔm anne wɔn. Afei nso, Yehowa amma n’abufuw mu ɔhyew no anhye wɔn bere a ɔsɛee Yudafo nneɛma nhyehyɛe no wɔ 70 Y.B. mu no. Adiyisɛm 7:16 nsɛm no kura honhom mu mmamu a ɛte saa ara ma nnipakuw kɛse no nnɛ. Wɔne Kristofo a wɔasra wɔn no bom nya honhom mu aduan bebree.​—Yesaia 65:13; Nahum 1:6, 7.

29 Sɛ woyɛ saa nnipakuw kɛse no mu biako a, wo komam tebea pa bɛma wode ‘ato ahurusi dwom,’ ɛmfa ho sɛ dɛn na ɛsɛ sɛ wugyina ano wɔ ohia ne nhyɛso horow a ɛbɛba wo so Satan nhyehyɛe no mfe kakraa a aka no mu. (Yesaia 65:14) Wɔ saa kwan yi so no, mprempren mpo, Yehowa betumi ‘apopa nusu nyinaa afi w’aniwa mu.’ Onyankopɔn afobu “owia” a ɛyɛ hyew nhaw wo bio, na sɛ wogyaw ɔsɛe mframa anan no mu a, wobetumi akora wo so afi Yehowa abufuw “ahohuru” no mu. Bere a saa ɔsɛe no aba awiei no, Oguammaa no bɛkyerɛ wo kwan na woanya “nkwa asuti” a ɛma ahoɔden no mu mfaso koraa, eyinom gyina hɔ ma Yehowa nsiesiei nyinaa a wayɛ na ama woanya daa nkwa no. Wobebu Oguammaa no mogya no mu gyidi a wowɔ no bem, kyerɛ sɛ wɔbɛma woanya ɔdesani pɛyɛ nkakrankakra. Mo a moyɛ nnipakuw kɛse no mufo no bɛyɛ soronko wɔ adesamma mu sɛ “ɔpepem pii” a ɛnsɛ sɛ wowu mpo! Ntease koraa mu no, na wɔapopa nusu nyinaa afi w’aniwa mu.​—Adiyisɛm 21:4.

Ɔfrɛ no mu den a Wɔbɛhyɛ

30. Mfonini fɛfɛ bɛn na ebue ma yɛn wɔ Yohane anisoadehu no mu, na henanom na wobetumi “agyina”?

30 Mfonini fɛfɛ bɛn na saa nsɛm yi ma yehu sɛɛ yi! Yehowa ankasa te n’agua so, na n’asomfo nyinaa, wɔn a wɔwɔ soro ne wɔn a wɔwɔ asase so, bom yi no ayɛ. Ne nkoa a wɔwɔ asase so no hu hokwan a ɛyɛ hu a ɛyɛ sɛ wobɛto ayeyi dwom a ano reyɛ den yi bi. Ɛrenkyɛ koraa, Yehowa ne Kristo Yesu bebu atɛn na wɔbɛte nteɛm no sɛ: “Wɔn abufuw da kɛse no adu, na hena na obetumi agyina ano?” (Adiyisɛm 6:17, NW) Mmuae no ne dɛn? Adesamma mu nnipa kakraa bi, a 144,000 a wɔasɔ wɔn ano no nkaefo no mu biara a ebia ɔda so ara wɔ ɔhonam mu ne nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no na ‘wobegyina ano,’ kyerɛ sɛ, wɔne wɔn na ebenya nkwa.​—Yeremia 35:19; 1 Korintofo 16:13.

31. Ɛsɛ sɛ Yohane anisoadehu no mmamu no ka Kristofo a wɔasra wɔn ne nnipakuw kɛse no mufo nyinaa dɛn?

31 Esiane nokwasɛm yi nti, Yohane kuw no mu Kristofo a wɔasra wɔn no yere wɔn ho denneennen ‘pɛ botae no ho adu akonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu frɛ no mu nkonim bo no.’ (Filipifo 3:14) Wonim yiye sɛ nsɛm a ɛrekɔ so wɔ nnɛ bere yi mu no hwehwɛ boasetɔ titiriw bi wɔ wɔn fam. (Adiyisɛm 13:10) Nokwaredi a wɔde asom Yehowa mfe pii akyi no, wokura wɔn gyidi mu pintinn, na wɔn ani gye sɛ “wɔakyerɛw [wɔn] din wɔ ɔsoro.” (Luka 10:20; Adiyisɛm 3:5) Nnipakuw kɛse no mufo no nso nim sɛ “nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no” nkwa. (Mateo 24:13) Esiane sɛ wɔahyɛ nnipakuw kɛse no agyirae sɛ kuw na ama wɔafi ahohiahia kɛse no mu afi nti, ɛsɛ sɛ wɔn mufo ankorankoro yere wɔn ho denneennen sɛ wɔn ho bɛtew na wɔayɛ nnam.

32. Tebea a egye ntɛmpɛ bɛn na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ akuw abien pɛ na ‘wobegyina’ Yehowa abufuw da no mu no si so dua?

32 Adanse biara nni hɔ sɛ akuw abien yi akyi no obi ‘begyina’ Yehowa abufuw da no mu. Dɛn na eyi kyerɛ ma nnipa ɔpepem pii a afe biara wɔkyerɛ obu ma Yesu afɔrebɔ no denam ne wu Nkae no afahyɛ ase ase a wɔkɔ no so, nanso wɔnkyerɛɛ Yesu afɔrebɔ no mu gyidi nkoduu baabi a ɛbɛma wɔayɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so abɔ wɔn asu, na wɔyɛ adwuma wɔ ne som mu no? Afei, wɔn a bere bi anka wɔyɛ adwuma nanso wɔama kwan ma ‘nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw ahyɛ wɔn koma so’ nso ɛ? Ɛmmra sɛ wɔn a wɔtete saa nyinaa bɛkanyan wɔn ho, na wɔn ani ada hɔ sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi “aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na [wɔakogyina] onipa Ba”—Yesu Kristo—“no anim.” Bere no yɛ tiaa!—Luka 21:34-36.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 See New World Translation Reference Bible, ase hɔ asɛm no.

^ nky. 3 The Watch Tower, April 1, 1918, kratafa 98.

^ nky. 13 Nea ɛkyerɛ ankasa ne “wɔ n’anim,” The Kingdom Interlinear Translation of the Greek Scriptures.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 119 adaka]

Onyankopɔn na Nkyerɛase Ahorow Wɔ No

Yohane kuw no de mfe du du pii hwehwɛe sɛ wobehu nea kuw kɛse yi yɛ, nanso wɔannya nkyerɛkyerɛmu a ɛma akomatɔyam biara. Dɛn ntia? Yehu mmuae no wɔ ɔnokwafo Yosef nsɛm no mu, bere a ɔkae sɛ: “Onyankopɔn na nkyerɛase wɔ no” no. (Genesis 40:8) Bere bɛn, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn kyerɛ ne nkɔmhyɛ ahorow mmamu ase? Mpɛn pii no, ɛyɛ bere a ɛrebenya mmamu anaasɛ ɛrenya mmamu no, sɛnea ɛbɛyɛ na ne nkoa a wɔhwehwɛ nsɛm mu no atumi ahu nkrasɛm a ɛwom no pefee. Wɔde ntease yi ma ‘sɛ wɔmfa nkyerɛkyerɛ yɛn na yɛafa boasetɔ ne kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.’—Romafo 15:4.

[Kratafa 124 adaka]

Nnipakuw kɛse no mufo

▪ fi aman ne mmusua ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu

▪ gyinagyina Yehowa ahengua anim

▪ wɔahohoro wɔn ntade ma ahoa Oguammaa no mogya mu

▪ ka sɛ nkwagye fi Yehowa ne Yesu

▪ wofi ahohiahia kɛse no mu fi

▪ som Yehowa n’asɔrefi awia ne anadwo

▪ wonya Yehowa ahobammɔ ne ne hwɛ a ɔdɔ wom

▪ Yesu yɛn wɔn de wɔn kɔ nkwa asuti ho

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 121]

[Kratafa 127 mfonini]

The great crowd owes salvation to God and to the Lamb

[Kratafa 128 mfonini]

The Lamb will guide the great crowd to fountains of waters of life