Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ahintasɛm Kronkron—N’awiei a Anuonyam Wom!

Onyankopɔn Ahintasɛm Kronkron—N’awiei a Anuonyam Wom!

Ti 26

Onyankopɔn Ahintasɛm Kronkron—N’awiei a Anuonyam Wom!

1. (a) Ɔkwan bɛn so na Yohane bɔ yɛn amanneɛ sɛ wɔde ahintasɛm kronkron no aba awiei? (b) Dɛn nti na abɔfo dɔm no kasa denneennen?

SO WOKAE asɛm a ɔbɔfo hoɔdenfo no de ntam kae a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Adiyisɛm 10:1, 6, 7, New World Translation, no anaa? Ɔkae sɛ: “Ɛrenkyɛ bio; na mmom nna a ɔbɔfo a ɔto so ason no bɛhyɛn, bere a ɔrebɛhyɛn ne torobɛnto no, na wɔde Onyankopɔn ahintasɛm kronkron sɛnea ɔka kyerɛɛ n’ankasa ne nkoa adiyifo no sɛnea asɛmpa no te no aba awiei ampa.” Yehowa bere adu sɛ wɔhyɛn torobɛnto a edi akyiri no! Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wɔde ahintasɛm kronkron no ba awiei? Nokwarem no, Yohane ani gye mmoroso sɛ ɔbɛka akyerɛ yɛn! Ɔkyerɛw sɛ: “Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.” (Adiyisɛm 11:15) Saa abɔfo dɔm no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔkasa denneennen, mpo sɛ wɔbobom sɛ aprannaa! Efisɛ amanneɛbɔ titiriw yi ho hia amansan nyinaa. Ehia abɔde a wɔte ase nyinaa yiye.

2. Bere bɛn, ne asɛm a esii bɛn na ɛde ahintasɛm kronkron no baa awiei nkonimdi mu?

2 Ahintasɛm kronkron no ba n’awiei wɔ anigye mu! Anuonyam mu, ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so no, wɔde baa awiei nkonimdi mu wɔ 1914 mu bere a Awurade Yehowa de ne Kristo no traa agua so sɛ Ɔhene a ɔka ne ho no. Bere a Yesu Kristo resi n’Agya ananmu ayɛ ade no, ɔfa tumi di ankasa wɔ adesamma wiase bi a ɛtan no mfinimfini. Sɛ́ Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, ogye Ahenni tumi sɛnea ɛbɛyɛ na wasɛe Ɔwɔ no ne n’asefo na wasan de Paradise asomdwoe aba asase yi so bio. (Genesis 3:15; Dwom 72:1, 7) Sɛ́ Mesia Ɔhene no, Yesu nam saayɛ so bɛma Yehowa asɛm abam na wabu n’Agya, “mmeresanten Hene” a ɛsɛ sɛ odi tumi sɛ Amansan Hene “mmeresanten nnasanten” no bem.​—1 Timoteo 1:17.

3. Ɛwom sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ Ɔhene mmere nyinaa de, nanso dɛn nti na wama ahenni afoforo kwan ma atra asase so?

3 Nanso ɛyɛɛ dɛn na ‘wiase ahenni bɛyɛɛ yɛn Awurade [Yehowa] ahenni’? So na Yehowa Nyankopɔn nyɛ Ɔhene daa anaa? Ɛno yɛ nokware, efisɛ Lewini Asaf too dwom sɛ: “Onyankopɔn ne me Hene fi teteete.” Na odwontofo foforo kae sɛ: “[Yehowa] di hene . . . w’agua tim hɔ fi tete, wowɔ hɔ fi daa.” (Dwom 74:12; 93:1, 2) Nanso wɔ ne nyansa mu no, Yehowa ama tumidi ahorow kwan sɛ wɔntra asase so. Na saa kwan no so na wobetumi asɔ ɔsɛmpɔw a wɔde bae wɔ Eden sɛ onipa betumi akwati Onyankopɔn adi ne ho so anaasɛ dabi no ahwɛ akodu ase. Onipa tumidi adi huammɔ ma ɛyɛ awerɛhow. Onyankopɔn diyifo no nsɛm no wom ampa: “[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Efi bere a yɛn awofo a wodi kan no dan fii ne ho no, asase no nyinaa aba “ɔwɔ dedaw,” Satan tumidi ase. (Adiyisɛm 12:9; Luka 4:6) Afei, bere adu sɛ nsakrae kɛse bi ba! Sɛnea ɛbɛyɛ na Yehowa asan ne dibea a ɛfata no no ho no, ofi ase di ne tumi asase no so wɔ ɔkwan foforo bi so, denam ne Mesia Ahenni a ɔde asi hɔ no so.

4. Bere a torobɛnto hyɛn no fii ase wɔ 1922 mu no, dɛn na wɔde dii kan? Kyerɛkyerɛ mu.

4 Bere a wofii ase hyɛn ntorobɛnto ason no wɔ 1922 mu no, J. F. Rutherford maa ɔkasa bi wɔ Bible Asuafo no nhyiam a wɔyɛɛ no Cedar Point, Ohio, no ase, a na egyina kyerɛwsɛm a ese “Ɔsoro ahenni no abɛn” no so. (Mateo 4:17) Ɔde nsɛm yi wiei sɛ: “Ɛnde monsan nkɔ adwuma no so, mo ɔsorosoro Nyankopɔn no mma! Mommia mo akotade! Mo ani nna hɔ, monwɛn, mo ho nyɛ hyew, mo bo nyɛ duru. Monyɛ Awurade nokware adansefo anokwafo. Monkɔ anim ɔko no mu nkosi sɛ Babilon ho biribiara bɛyɛ amanfo. Monka nkrasɛm no nkyerɛ wɔ mmaa nyinaa. Ɛsɛ sɛ wiase hu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn ne sɛ Yesu Kristo ne ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade. Eyi ne da a ɛkyɛn ne nyinaa. Hwɛ, Ɔhene no di so! Mo na moyɛ n’adawurubɔfo. Enti mommɔ, mommɔ, mommɔ, Ɔhene no ne n’ahenni dawuru.” Wɔde Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Kristo Yesu so no dii biribiara kan, na ɛno na ɛde Ahenni asɛnka kɛse no bae a atemmu ahorow a wɔnam abɔfo ntorobɛnto ason no nyinaa hyɛn so ka kyerɛe no nso ka ho.

5. Wɔ 1928 mu no, dɛn na ɛbae wɔ Bible Asuafo no nhyiam ase a ɛmaa torobɛnto a ɛto so ason no hyɛn no mu daa hɔ yiye?

5 Wɔdaa ɔbɔfo a ɔto so ason no torobɛnto nnyigyei no adi Bible Asuafo nhyiam a wɔyɛe wɔ Detroit, Michigan, July 30 kosi August 6, 1928 no ase nsɛntitiriw no mu. Saa bere no, wɔde radio dwumadibea ahorow 107 toatoaa mu wɔ nea The New York Times kaa ho asɛm sɛ ‘abakɔsɛm nyinaa mu radio ntoatoamu a ɛkɔ akyiri na ɛho ka so sen biara’ no mu. Nhyiam kɛse no de anigye gyee tirimbɔ bi a emu yɛ den a ɛne “Mpaemuka a Wɔde Tia Satan na wɔde Gyina Yehowa Akyi,” a ɛkyerɛ sɛnea wobetu Satan ne n’ahyehyɛde bɔne no agu wɔ Harmagedon, na wɔagye trenee adɔfo nyinaa no toom. Onyankopɔn Ahenni no nkoa anokwafo ani gyei sɛ wɔn nsa kaa nhoma a woyii no adi wɔ nhyiam no ase, a ɛne Government nhoma a ekura nkratafa 368 no. Eyi de adanse ahorow a emu da hɔ pefee sen biara mae “sɛ Onyankopɔn de ne Hene a Wɔasra no sii n’agua so wɔ 1914 mu.”

Yehowa Fa Tumi

6. Yohane de kaseɛbɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔde Kristo asi ahengua so wɔ Onyankopɔn Ahenni mu ho amanneɛbɔ ma dɛn?

6 Wɔde Kristo asi Onyankopɔn Ahenni no so hene—anigye bɛn ara na na saa amanneɛbɔ yi de ba sɛɛ yi! Yohane bɔ amanneɛ sɛ: “Na mpanyimfo aduonu anan a wɔtete wɔn nhengua so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam na wɔsɔree Onyankopɔn, se: ‘Yɛda wo, Yehowa Nyankopɔn, Ade nyinaa so tumfoɔ, Nea ɔwɔ hɔ na ɔwɔɔ hɔ, no ase, efisɛ woafa wo tumi kɛse na woafi ase di tumi sɛ ɔhene.’”—Adiyisɛm 11:16, 17, NW.

7. Ɔkwan bɛn so na eyinom daa Yehowa Nyankopɔn ase (a) sɛnkyerɛnne kwan so mpanyimfo 24 no nkaefo a wɔwɔ asase so? (b) sɛnkyerɛnne kwan so mpanyimfo 24 no mufo a wɔanyan wɔn ma wɔakɔfa wɔn dibea wɔ ɔsoro no?

7 Wɔn a wɔde aseda yi ma Yehowa Nyankopɔn no ne mpanyimfo 24 a wɔyɛ Kristo nuanom a wɔasra wɔn wɔ wɔn soro dibea no mu no ho sɛnkyerɛnne. Efi 1922 no, 144,000 a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔwɔ asase so no de wɔn ho hyɛɛ adwuma a torobɛnto hyɛn no fii ase no mu denneennen a adagyew nnim koraa. Wobehuu nea sɛnkyerɛnne a ɛwɔ Mateo 24:3–25:46 kyerɛ no yiye koraa. Nanso, Awurade da no mfiase mu hɔ mpo, na wɔanyan wɔn mfɛfo adansefo a ‘wɔadi nokware akodu wu mu mpo’ no dedaw ma wɔakɔtratra wɔn afa wɔ ɔsoro, ma enti wobetumi agyina hɔ ama 144,000 kuw no nyinaa wɔ wɔn anim a wɔde butubutuw fam kamfo Yehowa no mu. (Adiyisɛm 1:10; 2:10) Aseda bɛn ara na eyinom nyinaa de ma sɛɛ yi sɛ wɔn Amansan Hene no antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde n’ahintasɛm kronkron no bɛba awiei koraa!

8. (a) Dwuma bɛn na torobɛnto a ɛto so ason no di wɔ amanaman no so? (b) Henanom na amanaman no ayi wɔn abufuw adi atia wɔn?

8 Ɔkwan foforo so no, torobɛnto a ɛto ason no hyɛn no mfa anigye biara mmrɛ amanaman no. Bere adu sɛ Yehowa abufuw ba wɔn so. Sɛnea Yohane bɔ amanneɛ no: “Na amanaman no bo afuw, na w’abufuw ne awufo bere no adu sɛ wobebu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wosuro wo din, nketewa ne akɛse no, akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.” (Adiyisɛm 11:18) Efi 1914 reba no, wiase aman no de anibere ada abufuw adi atia wɔn ho wɔn ho, Onyankopɔn Ahenni, ne titiriw no, Yehowa adansefo baanu no.​—Adiyisɛm 11:3.

9. Ɔkwan bɛn so na amanaman no resɛe asase no, na dɛn na Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ wɔ ho?

9 Wɔ abakɔsɛm mu nyinaa no, amanaman no nam wɔn akodi a wonnyae da ne nneɛma a wɔnhwɛ so yiye no so resɛe asase no. Nanso fi 1914 reba no, adesɛe yi atrɛw adu baabi a ɛyɛ hu yiye. Adifudepɛ ne ɔporɔw ama anhweatam ahorow retrɛw na wɔahwere asase a ɛma nnɔbae kɛse. Nsu yerɛdɛdɛ a ɛtɔ ne mframa bɔne asɛe asase no fã kɛse no ara. Wɔasɛe mmeae a wonya nnuan fi. Wɔama efi aba mframa a yɛhome ne nsu a yɛnom no mu. Nnwuma akɛse aguade mu nneɛma funu de asase so ne ɛpo mu abɔde nkwa reto asiane mu. Bere bi wiase aman a wɔwɔ tumi kɛse no yii nnipa hu sɛ wɔde nuklea akode bɛtɔre adesamma nyinaa ase. Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no’; obebu adesamma ahantanfo a wonsuro Nyankopɔn a wɔn na tebea a ɛyɛ awerɛhow a ɛwɔ asase so no fi wɔn no ntɛn asɛe wɔn. (Deuteronomium 32:5, 6; Dwom 14:1-3) Enti, Yehowa yɛ nhyehyɛe ma due a ɛto so abiɛsa no aba na ɛne saa adebɔneyɛfo yi abedi.​—Adiyisɛm 11:14.

Adesɛefo no Nnue!

10. (a) Dɛn ne due a ɛto so abiɛsa no? (b) Ɔkwan bɛn so na due a ɛto so abiɛsa no de nea ɛboro ɔhaw ara kwa ba?

10 Ɛnde na due a ɛto so abiɛsa no ni. Ɛba ntɛm! Ɛyɛ ɔkwan a Yehowa nam so de ɔsɛe ba wɔn a wohura ne “nan ntiaso,” asase fɛfɛ a yɛte so yi, ho no so. (Yesaia 66:1) Mesia Ahenni—Onyankopɔn ahintasɛm kronkron—no na ɛde ba. Due abien a edi kan no ahaw Onyankopɔn atamfo, titiriw no Kristoman akannifo—mmoadabi ne dɔm a wɔtete apɔnkɔ so no ɔhaw no na ɛde ba titiriw! Nanso due a ɛto so abiɛsa a Yehowa Ahenni no ankasa na ɛde ba no de nea ɛboro ɔhaw ara kwa na ɛba. (Adiyisɛm 9:3-19) Ɛde owu a eyi adesamma abusua no mufo adesɛefo ne sodifo ahorow no fi hɔ koraa no na ɛba. Eyi bɛba sɛ Yehowa atemmu wɔ Harmagedon no awiei. Ɛte sɛ nea Daniel hyɛɛ ho nkɔm no ara pɛ: “Na ahene [sodifo a wɔsɛe asase] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ma asã, na ɛno de, ebegyina daa.” Te sɛ bepɔw kɛse bi no, Onyankopɔn Ahenni bedi asase a wɔayɛ no fɛfɛɛfɛ no so, asan Yehowa tumidi ho, na ɛde daa anigye abrɛ adesamma.​—Daniel 2:35, 44; Yesaia 11:9; 60:13.

11. (a) Anigye nsɛm a esisi bɛn ho asɛm na nkɔmhyɛ no ka? (b) Ɔdom a ɛnsɛ wɔn bɛn na wonya, wonya wɔ ɔkwan bɛn so, na henanom na wonya?

11 Anigyesɛm a esisi ntoatoaso wɔ Awurade da no mu ka due a ɛto so abiɛsa no ho. Ɛne bere a ‘wobebu awufo no ntɛn, na Onyankopɔn de ne nkoa adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wosuro ne din no akatua ama wɔn.’ Ɛno kyerɛ owusɔre a wobenya afi awufo mu! Ahotefo a wɔasra wɔn a wɔadeda wɔ owu mu dedaw fam de, eyi ba ma wɔn wɔ Awurade da no mfiase mu hɔ pɛɛ. (1 Tesalonikafo 4:15-17) Bere a ɛsɛ mu no, ahotefo a aka no nam owusɔre a ɛba afrɛ so so kɔka eyinom ho. Wobetua afoforo nso ka, a Onyankopɔn nkoa a wɔne adiyifo a wɔtraa ase tete mmere mu ne adesamma afoforo a wɔabesuro Yehowa din no nyinaa nso ka ho, sɛ wɔyɛ nnipakuw kɛse a wonya ahohiahia kɛse no mu nkwa no mufo anaasɛ wɔyɛ “awufo, akɛse ne nketewa” a wonyan wɔn ba nkwa mu wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mufo no. Esiane sɛ Onyankopɔn Mesia Ɔhene no na okura owu ne Hades nsafe nti, n’Ahenni tumidi no bue kwan ma ɔde daa nkwa ama wɔn a woso saa nsiesiei a ne bo yɛ den no mu no nyinaa. (Adiyisɛm 1:18; 7:9, 14; 20:12, 13; Romafo 6:22; Yohane 5:28, 29) Sɛ ɛyɛ nkwa a owu nnim wɔ ɔsoro anaa daa nkwa wɔ asase so no, saa nkwa akyɛde yi yɛ ɔdom a ɛnsɛ wɔn a efi Yehowa, a ɛsɛ sɛ obiara a ne nsa ka no da ho ase daa!—Hebrifo 2:9.

Hwɛ N’apam Adaka No!

12. (a) Sɛnea Adiyisɛm 11:19 kyerɛ no, dɛn na Yohane hu wɔ ɔsoro? (b) Na dɛn ho sɛnkyerɛnne na apam adaka no yɛ, na Israel kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon akyi no, dɛn na ɛbaa so?

12 Yehowa di tumi! Ɛdenam ne Mesia Ahenni no so no, odi adesamma so hene wɔ anwonwa kwan so. Nea edi hɔ a Yohane hu no si eyi so dua: “Na wohiɛɛ Onyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wohuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam ne nne ne aprannaa ne asasewosow ne asukɔtweaagu kɛse bae.” (Adiyisɛm 11:19) Eyi nkutoo ne Onyankopɔn apam adaka no din a wɔbɔe wɔ Adiyisɛm no mu. Na Adaka no yɛ wɔ a Yehowa ne ne man Israel wɔ hɔ no ho sɛnkyerɛnne a aniwa hu. Wɔde siei ntamadan no mu ne akyiri yi asɔredan a Salomo sii no Kronkron mu Kronkron hɔ. Nanso bere a Israel kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon wɔ 607 A.Y.B. mu no, wɔyɛɛ Yerusalem amamfo na apam adaka no yerae. Ɛno ne bere a ananmusifo a wofi Dawid fi gyaee sɛ wɔbɛtra ‘Yehowa agua so sɛ ahene.’—1 Beresosɛm 29:23. *

13. Dɛn na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wohuu Onyankopɔn apam adaka no wɔ Onyankopɔn soro Kronkronbea no kyerɛ?

13 Afei, bɛboro mfe 2,600 akyi no, wohu Adaka no bio. Nanso wɔ Yohane anisoadehu no mu no, na Adaka yi nni asase so asɔredan bi mu. Epue wɔ Onyankopɔn ɔsoro Kronkronbea hɔ. Yehowa nam ɔhene a ofi Dawid adehye abusua mu no so na edi tumi bio. Nanso, afei de, wɔde Ɔhene Kristo Yesu atra agua so wɔ ɔsoro Yerusalem—gyinabea a wɔama so kɔ sorosoro a ofi hɔ di Yehowa atemmu ahorow ho dwuma no. (Hebrifo 12:22) Adiyisɛm mu atiri a edidi so no bɛda eyinom adi akyerɛ yɛn.

14, 15. (a) Wɔ tete Yerusalem no, hena nkutoo na na ohu apam adaka no, na dɛn ntia? (b) Wɔ Onyankopɔn ɔsoro asɔredan mu hɔ no, henanom na wohuu n’apam adaka no?

14 Wɔ tete asase so Yerusalem no, na ɛnyɛ Israelfo nyinaa na ehu Adaka no, na asɔfo a wɔsom wɔ asɔrefi hɔ no mpo nhu, efisɛ na ɛwɔ Kronkron mu Kronkron a wɔde mmɔhɔɔ atwa ɛne Kronkronbea no ntam no mu. (Numeri 4:20; Hebrifo 9:2, 3) Ɔsɔfo panyin no nkutoo na ohu bere a ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ afe afe Mpata Da no. Nanso, bere a wobue asɔredan Kronkronbea a ɛwɔ soro no ano no, ɛnyɛ Yehowa Sɔfo Panyin Yesu Kristo nkutoo na ohu sɛnkyerɛnne kwan so adaka no, na mmom n’asɔfo nkumaa 144,000 a Yohane ka ho no nso.

15 Saafo a wodi kan a wɔanyan wɔn akɔ ɔsoro no bɛn sɛnkyerɛnne kwan so adaka yi pɛɛ hu efisɛ wɔakɔtra wɔn afa sɛ mpanyimfo 24 no mufo a wɔatwa Yehowa ahengua no ho ahyia. Ná Yehowa honhom abue Yohane kuw a ɛwɔ asase so no adwenem ma wɔte wɔ a [Yehowa] wɔ Ne honhom mu asɔrefi hɔ no ase. Nsɛnkyerɛnne nso wɔ hɔ a ɛbɛma adesamma nyinaa ani aba wɔn ho so wɔ anwonwade a ɛrekɔ so yi ho. Yohane anisoadehu no ka anyinam, ɛnne, aprannaa, asasewosow ne asukɔtweaa ho asɛm. (Fa toto Adiyisɛm 8:5 ho.) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na eyinom yɛ?

16. Ɔkwan bɛn so na anyinam, ɛnne, aprannaa, asasewosow ne asukɔtweaa kɛse aba?

16 Efi 1914 reba no, basabasayɛ kɛse aba wɔ nyamesom mu. Nanso, nea ɛyɛ anigye no, ɛnne a eye na ɛka Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho nkrasɛm a emu da hɔ pefee no aka “asasewosow” yi ho aba. Wɔde ‘ahum ho kɔkɔbɔ’ a egyigye sɛ aprannaa fi Bible mu ama. Wɔahu Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm ho ntease hann a ɛpaapae te sɛ anyinam na wɔaka akyerɛ. Wɔagyaw “asukɔtweaa” a ɛtɔ denneennen a ɛyɛ ɔsoro atemmu a emu yɛ den mu agu Kristoman ne atoro som nyinaa so. Anka ɛsɛ sɛ nkurɔfo hu eyi nyinaa. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ dodow no ara antumi anhu Adiyisɛm mu nsɛnkyerɛnne yi mmamu—sɛnea Yesu bere so Yerusalemfo yɛe no.​—Luka 19:41-44.

17, 18. (a) Asɛyɛde bɛn na abɔfo baason no torobɛntohyɛn no de abrɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so? (b) Kristofo reyɛ wɔn adwuma no dɛn?

17 Abɔfo baason no kɔ so hyɛn wɔn torobɛnto no de kyerɛ nsɛm akɛse a esisi wɔ asase so ha no. Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no wɔ asɛyɛde kɛse sɛ wɔkɔ so bɔ nsɛm yi dawuru kyerɛ wiase no. Anigye bɛn ara na wɔde reyɛ saa adwuma no sɛɛ yi! Eyi ada adi efisɛ wɔ mfe 20 mu, efi 1986 besi 2005 no mu, ɛkame ayɛ sɛ nnɔnhwerew a wɔde yɛ adwuma afe biara no buu bɔɔ ho—efi 680,837,042 abedu 1,278,235,504. Ampa ara sɛ, wɔrema wɔahu “Onyankopɔn ahintasɛm [kronkron] no, sɛnea ɔkaa ho asɛmpa” kyerɛe no “asase nyinaa so.”—Adiyisɛm 10:7; Romafo 10:18.

18 Anisoadehu afoforo retwɛn yɛn mprempren bere a wɔkɔ so yi Onyankopɔn Ahenni atirimpɔw ahorow adi no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 12 Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus bɔ amanneɛ sɛ bere a wɔko faa Yerusalem wɔ 63 A.Y.B. mu, na Cneius Pompeius kɔhyɛn asɔrefie no kronkronbea hɔ no, ohui sɛ ɛhɔ da mpan. Na apam adaka biara nni mu.​—Tacitus History, 5.9.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 173 adaka]

Yehowa Atemmu a Ɛte sɛ Torobɛntohyɛn ho Dawurubɔ mu Nsɛntitiriw

1. 1922 Cedar Point, Ohio: Mpoatwa ma Kristoman akannifo a wɔwɔ nyamesom, amammui, ne nnwuma akɛse mu sɛ wɔnkyerɛ sɛ asomdwoe, yiyedi ne anigye a wɔantumi amfa amma no fata. Mesia Ahenni no ne ano aduru.

2. 1923 Los Angeles, California: Baguam ɔkasa a ɛne sɛ “Mprempren Amanaman Nyinaa Retu Aprenten Akɔ Harmagedon, nanso Ɔpepem pii a Wɔte Ase Nnɛ Renwu Da” no frɛɛ “nguanten” a wɔpɛ asomdwoe sɛ wommfi adesamma po a ekum nnipa no mu.

3. 1924 Colombus, Ohio: Wɔbɔɔ asɔfo sobo wɔ wɔn ahomaso ne pow a wɔapow sɛ wɔbɛka Mesia Ahenni no ho asɛm akyerɛ no ho. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ka Onyankopɔn aweredi kyerɛ na wɔkyekye adesamma nkɔmmɔdifo werɛ.

4. 1925 Indianapolis, Indiana: Anidaso nkrasɛm a ɛde Ahenni asomdwoe, yiyedi, akwahosan, nkwa, ahofadi ne daa anigye ho bɔhyɛ a ɛharan bɔ honhom mu sum a ɛwɔ Kristoman mu no abira.

5. 1926 London, England: Ɔhaw a ɛte sɛ mmoadabi de ba Kristoman ne n’asɔfo so, na ɛpaa wɔn ho ntama sɛ wɔapow Onyankopɔn Ahenni, na ɛbɔɔ saa ɔsoro nniso no awo ho ose.

6. 1927 Toronto, Canada: Ɔfrɛ a wɔde too gua a ɛte sɛnea wɔde faa dɔm a wɔtete apɔnkɔ so so, a na ɛka kyerɛ nkurɔfo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi ‘Kristosom a wɔahyehyɛ’ ho na wɔmfi koma nyinaa mu nni nokware mma Yehowa Nyankopɔn ne ne Hene ne n’Ahenni.

7. 1928 Detroit, Michigan: Mpaemuka a etia Satan na egyina Yehowa akyi, a ɛda no adi pefee sɛ Onyankopɔn Hene a wɔasra no, a wɔde no sii ahengua so wɔ 1914 mu no bɛsɛe Satan ahyehyɛde bɔne no na wagye adesamma.

[Kratafa 175 adaka]

Asase no Sɛe

“Wɔ anibu abiɛsa biara mu no, mfitiase kwae a ne kɛse te sɛ beae a wɔbɔ bɔɔl yera. . . . yera a mfitiase kwae reyera no resɛe afifide ne mmoa mpempem pii.”—Illstrated Atlas of the World (Rand McNally).

“Mfe ahanu a wɔatra [Atare Akɛse no] ho mu no, ɛnonom nso abɛyɛ wiase amoa a ɛsen biara a wɔde nneɛma fi gu mu.”—The Globe and Mail (Canada).

Na April 1986 mu biribi a ɛpaee ne ogya a efi nuklea ahoɔden fibea a ɛwɔ Chernobyl, U.S.S.R. no na “ɛyɛ nuklea ho asɛm a ɛdaa adi yiye sen biara . . . fi bere a wɔtow ɔtopae guu Hiroshima ne Nagasaki so,” eyii “nsõ a bɔre wom a ɛtra hɔ kyɛ guu mframa mu, asase ani ne nsu mu na ná ne dodow te sɛ nuklea nneɛma a wɔasɔ ahwɛ ne ɔtopae ahorow a wɔatoto nyinaa.”—JAMA; The New York Times.

Wɔ Minamata, Japan no, nnuruyɛbea bi hwiee aduru a wɔfrɛ no methylmercury guu baka no mu. Mpataa ne akɔtɔ a nnuru no aka wɔn no a wɔwee no de Minamata yare (MD) a ɛyɛ “adwenem yare bi a wontumi nsa bae. . . . Ɛde bedu nnɛ [1985 mu] no, wɔadi ho adanse sɛ nnipa 2578 a wɔwɔ Japan nyinaa na wɔanya MD no.”—International Journal of Epidemiology.

[Kratafa 176 adaka]

Atemmusɛm ahorow a emu yɛ duru a ɛwɔ Adiyisɛm 11:15-19 no di anisoadehu ahorow a edi so no anim. Adiyisɛm ti 12 yɛ amanneɛbɔ ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ Adiyisɛm 11:15, 17 no a wɔsan ka ho asɛm na wɔkyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri. Ti 13 ma wohu 11:18 mu nsɛm no yiye, efisɛ ɛka sɛnea ɛyɛe a Satan amammui ahyehyɛde no de ɔsɛe aba asase no so no fii ase ne sɛnea akɔ so ho asɛm. Atiri 14 ne 15 ka Ahenni atemmu ahorow a ɛtoa torobɛnto a ɛto so ason no hyɛn ne due a ɛto so abiɛsa no mu ho nsɛm fefeefe bio.

[Kratafa 174 mfonini ahorow]

Yehowa bɛsɛe ‘wɔn a wɔsɛe asase no’