Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Atemmu Da—Nea Efi Mu Ba a Ɛyɛ Anigye!

Onyankopɔn Atemmu Da—Nea Efi Mu Ba a Ɛyɛ Anigye!

Ti 41

Onyankopɔn Atemmu Da—Nea Efi Mu Ba a Ɛyɛ Anigye!

Anisoadehu 15​—Adiyisɛm 20:11–21:8

Asɛmti: Adesamma nyinaa wusɔre, atemmu da ne ɔsoro foforo ne asase foforo nhyira horow

Bere a enya mmamu: Mfirihyia Apem Ahenni no mu

1. (a) Dɛn na adesamma hweree bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no? (b) Onyankopɔn atirimpɔw bɛn na ɛnsakrae ɛ, na yɛyɛ dɛn hu?

SƐ ADESAMMA no, wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛntra ase daa. Sɛ Adam ne Hawa tiee Onyankopɔn ahyɛde a, anka wɔrenwu da. (Genesis 1:28; 2:8, 16, 17; Ɔsɛnkafo 3:10, 11) Nanso, bere a wɔyɛɛ bɔne no, wɔn ankasa ne wɔn asefo hweree pɛyɛ ne nkwa, na owu bedii adesamma so hene sɛ ɔtamfo a ɔyɛ den. (Romafo 5:12, 14; 1 Korintofo 15:26) Nanso, Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ obenya adesamma a wɔyɛ pɛ ma wɔatra ase daa wɔ paradise asase so no ansakra. Ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma adesamma nti, ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu, a ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ mae sɛ agyede maa Adam asefo “pii” no baa asase so. (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Afei Yesu betumi de n’afɔrebɔ bo a ɛfata wɔ mmara kwan so yi adi dwuma de ama adesamma a wogye di akɔ pɛyɛ asetra mu bio wɔ paradise asase so. (1 Petro 3:18; 1 Yohane 2:2) Ntease pa a enti ɛsɛ sɛ adesamma ‘ani gye na wodi ahurusi’ bɛn ara ni!—Yesaia 25:8, 9.

2. Dɛn na Yohane bɔ ho amanneɛ wɔ Adiyisɛm 20:11, na dɛn ne “ahengua fitaa kokuroo” no?

2 Bere a wɔaka Satan ahyɛ bun mu no, Yesu Mfirihyia Apem Ahenni a anuonyam wom no fi ase. Eyi ne “da” a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ “ɔnam ɔbarima bi a wɔayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu” no. (Asomafo no Nnwuma 17:31; 2 Petro 3:8) Yohane ka sɛ: “Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne soro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.” (Adiyisɛm 20:11) Dɛn ne “ahengua fitaa kokuroo” yi? Ɛrentumi nyɛ foforo biara sɛ “nnipa nyinaa Ɔtemmufo, Onyankopɔn” atemmu agua. (Hebrifo 12:23) Afei obebu adesamma atɛn de akyerɛ nea obenya Yesu ogye afɔre no mu mfaso.​—Marko 10:45.

3. (a) Dɛn na wɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn ahengua yɛ “kokuroo” ne “fitaa” no kyerɛ? (b) Hena na obebu atɛn Atemmu Da no, na obegyina dɛn so?

3 Onyankopɔn ahengua yɛ “kokuroo,” a esi Yehowa kɛseyɛ so dua sɛ Amansan Hene, na ɛyɛ “fitaa” a ɛtwe adwene si ne treneeyɛ a ɛho nni dɛm no so. Ɔne adesamma nyinaa Temmufo a ɔkyɛn obiara. (Dwom 19:7-11; Yesaia 33:22; 51:5, 8) Nanso ɔde atemmu adwuma no ahyɛ Yesu Kristo nsa: “Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ ɔba no nsa.” (Yohane 5:22) Wɔn a wɔka Yesu ho ne n’ahokafo 144,000 a “wɔde atemmu maa wɔn . . . mfirihyia apem” no. (Adiyisɛm 20:4) Ɛno mpo, Yehowa gyinapɛn ahorow na ɛkyerɛ nea ɛbɛba ankorankoro biara so Atemmu Da no mu.

4. Dɛn na ‘asase ne soro a eguan’ no kyerɛ?

4 Ɔkwan bɛn so na “asase ne soro guan n’anim”? Eyi ara ne ɔsoro a efii hɔ te sɛ nhoma mmobɔwee bere a wɔtew nsɔano a ɛto so asia no ano—adesamma tumi horow a wodi tumi a “wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.” (Adiyisɛm 6:14; 2 Petro 3:7) Asase no ne nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ saa tumidi yi ase no. (Adiyisɛm 8:7) Aboa no ne asase so ahene ne wɔn dɔm no ne wɔn a wogye aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no sɛe na egyina hɔ ma guan a ɔsoro ne asase yi guan no. (Adiyisɛm 19:19-21) Bere a wɔadi atemmu ho dwuma atia Satan asase ne soro no, Ɔtemmufo Kɛse no hyɛ Atemmu Da foforo.

Mfirihyia Apem Atemmu Da

5. Bere a asase dedaw ne ɔsoro dedaw no guan kɔ akyi no, henanom na wɔaka a wobebu wɔn atɛn no?

5 Henanom na wɔaka a wobebu wɔn atɛn bere a asase dedaw ne ɔsoro dedaw no guan kɔ no akyi? Ɛnyɛ 144,000 a wɔasra wɔn no nkaefo no, efisɛ wɔabu eyinom atɛn asɔw wɔn ano dedaw. Sɛ wɔn a wɔasra wɔn no mu binom da so te ase wɔ asase so wɔ Harmagedon akyi a, ɛsɛ sɛ wowuwu ɛno akyi bere tiaa bi na wokonya wɔn soro akatua denam owusɔre so. (1 Petro 4:17; Adiyisɛm 7:2-4) Nanso, nnipakuw kɛse ɔpepem pii a afei na wɔafi ahohiahia kɛse no mu no gyina “ahengua no” anim pefee. Yesu mogya a ohwie gui no mu gyidi a eyinom wɔ nti, wɔabu wɔn atreneefo dedaw ama nkwagye, nanso ɛsɛ sɛ wɔn atemmu no kɔ so ara Mfirihyia Apem no mu bere a Yesu kɔ so kyerɛkyerɛ wɔn kwan kɔ “nkwa nsuti” ho no. Afei, bere a wɔasan de wɔn aba ɔdesani pɛyɛ mu na ɛno akyi wɔasɔ wɔn ahwɛ no, wobebu wɔn atreneefo koraa. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14, 17) Ɛho behia sɛ wobu mmofra a wonya wɔn ti didi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu ne mma biara a nnipakuw kɛse no bɛwo Mfirihyia Apem no mu nso atɛn wɔ mfirihyia apem no mu.​—Fa toto Genesis 1:28; 9:7; 1 Korintofo 7:14 ho.

6. (a) Nnipa dɔm bɛn na Yohane hu, na dɛn na wɔde nsɛm “nketewa ne akɛse” no kyerɛ? (b) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔkwan bɛn so na wɔnam de nnipa ɔpepem pii a wonni ano a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no befi aba?

6 Nanso, Yohane hu nnipa pii a wɔdɔɔso sen nnipakuw kɛse a wonyaa wɔn ti didii mu no koraa. Wɔn dodow bɛyɛ ɔpepepem pii! “Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu.” (Adiyisɛm 20:12a) Wɔn a wɔwɔ “nketewa ne akɛse” no mu ne adesamma mu atitiriw ne wɔn a wɔnyɛ atitiriw a wɔatra asase yi so na wɔawuwu mfe 6,000 a atwam no mu no. Asɛmpa a ɔsomafo Yohane kyerɛwee bere a ɔkyerɛw Adiyisɛm no akyi bere tiaa bi no mu no, Yesu kae wɔ Agya no ho sɛ: “Wama [Yesu] tumi sɛ ommu atɛn nso, efisɛ ɔyɛ onipa ba. Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.” (Yohane 5:27-29) Adwuma a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni—owu ne afunsie a wɔbɛma agyae abakɔsɛm nyinaa mu! Akyinnye biara nni ho sɛ wɔde nnipa ɔpepem pii a wonnim wɔn dodow a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no bɛba nkakrankakra sɛnea ɛbɛyɛ a nnipakuw kɛse no—a sɛ wɔde wɔn toto ho a wosua koraa—betumi adi nsɛnnennen a ebia ɛbɛsɔre no ho dwuma esiane sɛ mfiase no wɔn a wɔanyan wɔn no bɛpɛ sɛ wodi wɔn asetra kwan dedaw, ne ne honam fam mmerɛwyɛ ne su horow no akyi nti.

Henanom Na Wonyan Wɔn na Wobu Wɔn Atɛn No?

7, 8. (a) Nhoma mmobɔwee bɛn mu na wobue, na ɛno akyi no, dɛn na ɛba? (b) Owusɔre nni hɔ mma henanom?

7 Yohane de ka ho sɛ: “Na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. Na ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na owu ne asaman yii awufo a ɛwɔ mu no mae, na wobuu wɔn mu biara atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.” (Adiyisɛm 20:12b, 13) Biribi a ɛyɛ nwonwa yiye ni ampa! ‘Ɛpo, owu ne Hades’ mu biara nya mu kyɛfa, nanso hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ nea ɛsono nea nsɛm yi mu biara nkutoo kyerɛ. * Bere a na Yona wɔ apataa no yam ma enti na ɔwɔ po mfinimfini no, ɔkaa ne ho asɛm sɛ ná ɔwɔ Sheol, anaa Hades. (Yona 2:2) Ɛnde na ɛda adi sɛ sɛ owu a yenya fii Adam hɔ no fa obi a, ná ɔno nso wɔ Hades. Saa nkɔmhyɛ nsɛm no ma awerɛhyem a emu yɛ den sɛ wɔremmu ani ngu obiara so.

8 Nokwarem no, nnipa a wonnim wɔn dodow wɔ hɔ a wɔrennyan wɔn. Wɔn a wɔbɛka eyinom ho ne akyerɛwfo ne Farisifo a wɔansakra wɔn adwene na wɔpow Yesu ne asomafo no, nyamesom “onipa a onni mmara,” ne Kristofo a wɔasra wɔn a ‘wɔawae’ no. (2 Tesalonikafo 2:3; Hebrifo 6:4-6; Mateo 23:29-33) Yesu kaa nkurɔfo a wɔte sɛ mpapo wɔ wiase awiei a wɔkɔ “daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu,” a ɛne ‘daa ntwa-fi-hɔ’ no nso ho asɛm. (Mateo 25:41, 46) Owusɔre biara nni hɔ ma eyinom!

9. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo kyerɛ sɛ ebinom benya ɔdom titiriw wɔ owusɔre no mu, na henanom na wɔka eyinom ho?

9 Ɔkwan foforo so no, wobeyi ɔdom adi akyerɛ ebinom titiriw wɔ owusɔre no mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ eyi bere a ɔkae sɛ: “Mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Ɛdefa asase so owusɔre no ho no, wɔn a wɔbɛka “wɔn a wɔteɛ” no ho ne mmarima ne mmea anokwafo a wɔtraa ase tete—Abraham, Rahab ne afoforo pii—a adamfo a wɔne Onyankopɔn fae nti wobuu wɔn atreneefo no. (Yakobo 2:21, 23, 25) Kuw yi ara mu na nguan foforo atreneefo a wowuwui bere a wɔadi nokware ama Yehowa nnɛ mmere yi mu no wɔ. Ɛda adi sɛ wobenyan mudi mu kurafo a wɔtete saa no nyinaa wɔ Yesu Mfirihyia Apem Ahenni no mfiase mu hɔ. (Hiob 14:13-15; 27:5; Daniel 12:13; Hebrifo 11:35, 39, 40) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔde hokwan titiriw binom bɛhyɛ atreneefo a wɔanyan wɔn yi mu bebree nsa ma wɔahwɛ adwuma kɛse a wɔbɛyɛ de Paradise asan aba no so.​—Dwom 45:16; fa toto Yesaia 32:1, 16-18; 61:5; 65:21-23 ho.

10. Wɔn a wobenyan wɔn no mu no, henanom ne “wɔn a wɔnteɛ” no?

10 Nanso, henanom ne “wɔn a wɔnteɛ” a wɔbɔɔ wɔn din wɔ Asomafo no Nnwuma 24:15 no? Wɔn a wɔbɛka eyinom ho ne adesamma pii a wɔawuwu abakɔsɛm mu nyinaa, titiriw no wɔn a wɔtraa ase ‘mmere a wonnim’ no mu no. (Asomafo no Nnwuma 17:30) Esiane baabi a wɔwoo wɔn anaa bere a wɔtraa ase nti, eyinom annya hokwan biara ansua osetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa apɛde. Nea ɛka ho bio no, ebia ebinom wɔ hɔ a wɔtee nkwagye asɛm no nanso wɔanyɛ ho ade anwie saa bere no anaasɛ wowuwui ansa na wɔn nimdeɛ akɔ anim akodu sɛ wobehyira wɔn ho so na wɔabɔ wɔn asu. Owusɔre no mu no, sɛ wobenya hokwan a ɛbɛma wɔanya daa nkwa yi mu mfaso a, na ebehia sɛ wɔn a wɔtete saa yɛ nsakrae ahorow bio wɔ wɔn adwene ne wɔn asetra kwan mu.

Nkwa Nhoma No

11. (a) Dɛn ne “nkwa nhoma no,” na henanom din na wɔkyerɛw wɔ nhoma yi mu? (b) Dɛn nti na wobebue nkwa nhoma no mu Mfirihyia Apem Ahenni no mu?

11 Yohane ka “nkwa nhoma” ho asɛm. Eyi yɛ wɔn a wobenya daa nkwa afi Yehowa hɔ no ho kyerɛwtohɔ. Wɔakyerɛw Yesu nuanom a wɔasra wɔn, nnipakuw kɛse ne nnipa anokwafo a wɔtraa ase tete hɔ, te sɛ Mose no din wɔ nhoma yi mu. (Exodus 32:32, 33; Daniel 12:1; Adiyisɛm 3:5) Ɛde bedu sesɛɛ no, wɔnkyerɛw wɔn a “wɔnteɛ” a wɔanyan wɔn no mu biara din wɔ nkwa nhoma no mu. Enti wobebue nkwa nhoma no mu wɔ Mfirihyia Apem Ahenni no mu na wɔanya kwan akyerɛw afoforo a wɔbɛfata no din wɔ mu. Wɔtow wɔn a wɔankyerɛw wɔn din wɔn nkwa nhoma anaasɛ nhoma no mu no gu “ogya tare no mu.”—Adiyisɛm 20:15; fa toto Hebrifo 3:19 ho.

12. Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔbɛkyerɛw obi din nkwa nhoma a wobue mu no mu, na ɔkwan bɛn so na Ɔtemmufo a Yehowa apaw no no yɛɛ ho nhwɛso?

12 Ɛnde, na dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw obi din wɔ nkwa nhoma a wobue mu saa bere no mu? Ade titiriw no bɛyɛ sɛnea na ɛte wɔ Adam ne Hawa nna no mu no: osetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa. Sɛnea Ɔsomafo Yohane kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo a ɔdɔ wɔn no: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:4-7, 17) Osetie ho asɛm no mu no, Ɔtemmufo a Yehowa apaw no no yɛ nhwɛso: “[Yesu] yɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie, na onya yɛɛ pɛ no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae.”—Hebrifo 5:8, 9.

Nhoma Afoforo a Wobue Mu

13. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔanyan wɔn no da wɔn osetieyɛ adi, na nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ wodi akyi?

13 Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔanyan wɔn yi da wɔn osetieyɛ adi? Yesu ankasa twee adwene sii mmara nsɛm akɛse abien no so, sɛ: “Nea edi . . . kan ne: Israel, tie, [Yehowa] yɛn Nyankopɔn yɛ [Yehowa] koro; na dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu. Na nea ɛto so abien no ni: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Marko 12:29-31) Yehowa nnyinasosɛm ahorow a wɔde asisi hɔ yiye nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodi akyi, te sɛ nea ɛbɛma wɔagyae korɔnbɔ, atorodi, awudi ne ɔbrasɛe.​—1 Timoteo 1:8-11; Adiyisɛm 21:8.

14. Nhoma mmobɔwee afoforo bɛn na wobue mu, na dɛn na ɛwom?

14 Nanso, ɛnkyɛe na Yohane aka nhoma afoforo a wobebuebue mu Mfirihyia Apem Ahenni no mu ho asɛm. (Adiyisɛm 20:12) Ɛbɛyɛ sɛ eyinom yɛ dɛn? Mmere bi wɔ hɔ a Yehowa de ahyɛde pɔtee bi ama tebea horow pɔtee bi mu. Sɛ nhwɛso no, Mose bere so no, ɔde mmara horow a emu da hɔ mae a na sɛ Israelfo no di so a, ɛbɛkyerɛ nkwa ama wɔn. (Deuteronomium 4:40; 32:45-47) Afeha a edi kan no mu no, wɔde ahyɛde afoforo mae na aboa anokwafo ma wɔadi Yehowa nnyinasosɛm ahorow akyi wɔ Kristofo nneɛma nhyehyɛe no ase. (Mateo 28:19, 20; Yohane 13:34; 15:9, 10) Afei Yohane bɔ amanneɛ sɛ wɔnam ‘nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo no atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.’ Ɛnde, ɛda adi sɛ nhoma yi mu a wobue bɛkyerɛ Yehowa ahwehwɛde a emu da hɔ a ɛwɔ hɔ ma adesamma wɔ mfirihyia apem no mu no. Ɛdenam saa nhoma no mu ahyɛde ne mmara nsɛm ahorow no a adesamma a wɔyɛ osetie no de bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu no so no, wobetumi ama wɔn nkwa nna aware, na awiei no wɔanya daa nkwa.

15. Ɔkyerɛkyerɛ ho ɔsatu bɛn na ebehia wɔ owusɔre bere no mu, na ebetumi aba sɛ owusɔre no bɛkɔ so dɛn?

15 Teokrase nkyerɛkyerɛ ho ɔsatu a ɛkɔ akyiri bɛn ara na ɛho behia sɛɛ yi! Wɔ 2005 mu no, sɛ wɔkyekyem a, na Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa reyɛ Bible adesua bɛboro 6,061,534 wɔ mmeae ahorow. Nanso wɔ owusɔre no mu no, akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛyɛ adesua ɔpepem pii a enni ano, a egyina Bible ne nhoma afoforo a wobebuebue mu no so! Ɛho behia sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa bɛyɛ akyerɛkyerɛfo na wɔyere wɔn ho. Akyinnye biara nni ho sɛ bere a wɔn a wɔanyan wɔn no nya nkɔanim no, wobenya ɔkyerɛkyerɛ dwumadi kɛse yi mu kyɛfa. Ɛda adi sɛ owusɔre no bɛkɔ so ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔn a wɔte ase no ani agye sɛ wɔbɛma wɔn kan abusuafo ne amannifo akwaaba na wɔn nso bɛma afoforo akwaaba na wɔakyerɛkyerɛ wɔn. (Fa toto 1 Korintofo 15:19-28, 58 ho.) Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem asia a wɔyɛ adwuma de trɛw nokware no mu nnɛ no reto nhyɛase pa ama hokwan ahorow a wɔn ani da so sɛ wobenya wɔ owusɔre bere no mu no.​—Yesaia 50:4; 54:13.

16. (a) Henanom din na wɔrenkyerɛw wɔ nkwa nhoma, anaa nhoma no mu? (b) Henanom na wɔn de no bɛyɛ “nkwa” sɔre?

16 Ɛdefa asase so owusɔre no ho no, Yesu kae sɛ ‘wɔn a wɔyɛɛ nneɛma pa no befi adi aba nkwa sɔre mu, wɔn a wɔyɛɛ nneɛma bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.’ Ɛha no, wɔde “nkwa” ne “atemmu” toto ho de kyerɛ sɛ sɛ wɔn a wɔanyan wɔn no yɛ bɔne wɔ bere a wɔafi Kyerɛwnsɛm ne nhoma ahorow a efi honhom mu no mu akyerɛkyerɛ wɔn no akyi a, wobebu wɔn atɛn sɛ wɔmfata sɛ wonya nkwa. Wɔrenkyerɛw wɔn din nkwa nhoma anaa nhoma no mu. (Yohane 5:29) Eyi bɛba saa wɔ obiara a ɔfaa nokwaredi kwan so mfiase no nanso afei de biribi nti wɔaman wɔ Mfirihyia Apem Ahenni no mu no nso ho. Wobetumi apopa nkurɔfo din. (Exodus 32:32, 33) Ɔkwan foforo so no, wɔn a wofi osetieyɛ mu di nneɛma a wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu akyi no din bɛkɔ so atra kyerɛwtohɔ no mu, nkwa nhoma no mu, na wɔakɔ so atra ase. Wɔn de, ɛbɛda adi sɛ wɔn wusɔre no yɛ “nkwa” sɔre.

Owu ne Hades Awiei

17. (a) Adeyɛ a ɛyɛ nwonwa bɛn na Yohane ka ho asɛm? (b) Bere bɛn na wɔbɛma Hades ada mpan? (d) Bere bɛn na wɔbɛtow owu a yenya fii Adam hɔ no akyene “ogya tare no mu”?

17 Ɛno akyi no, Yohane ka biribi a nokwarem no ɛyɛ nwonwa ho asɛm! “Na wɔtow owu ne [Hades] kyenee ogya tare no mu. Eyi ne owuprenu no. Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔde no ahyɛ nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.” (Adiyisɛm 20:14, 15) Ebedu mfirihyia apem Atemmu Da no awiei no, ná wɔayi “owu ne Hades” afi hɔ koraa. Dɛn nti na eyi gye mfirihyia apem? Wɔma Hades, adesamma nyinaa damoa no da mpan bere a wonyan nea odi akyiri koraa wɔ Onyankopɔn nkae mu no. Nanso mmere dodow a bɔne a wɔde woo wɔn no da so wɔ adesamma binom ho no, owu a efi Adam mu no bɛkɔ so atra wɔn so. Ɛho behia sɛ wɔn a wonyan wɔn ba asase so no nyinaa ne nnipakuw kɛse a wotwaa Harmagedon no tie nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no kosi sɛ wɔde Yesu agyede no bedi wɔn ho dwuma de ayi ɔyare, onyin ne mmerɛwyɛ afoforo a wɔde woo wɔn no nyinaa afi hɔ koraa. Saa bere no na wɔbɛtow owu a wonya fii Adam hɔ no ne Hades akyene “ogya tare no mu.” Wobefi hɔ akɔ koraa!

18. (a) Ɔsomafo Paulo ka Yesu tumidi sɛ Ɔhene no yiyedi ho asɛm dɛn? (b) Yesu yɛ adesamma abusua a wɔayɛ pɛ no dɛn? (d) Nneɛma foforo bɛn na ɛba mfirihyia apem no awiei?

18 Ɔkwan yi so na nhyehyɛe a Ɔsomafo Paulo ka ho asɛm wɔ ne nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no mu no bɛba awiei: “Na etwa sɛ [Yesu] di hene kosi sɛ [Onyankopɔn] de atamfo no nyinaa begu ne nan ase. Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu [a efi Adam mu].” Dɛn na ɛba ɛno akyi? “Na sɛ onya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, ɛno na ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase.” Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, Yesu de “ahenni no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa.” (1 Korintofo 15:24-28) Yiw, bere a Yesu nam ne ogye afɔre no so adi owu a efi Adam mu no so nkonim awie no, ɔde adesamma abusua a wɔayɛ pɛ no bɛhyɛ n’Agya, Yehowa nsa. Ɛda adi pefee sɛ, ɛha, wɔ mfirihyia apem no awiei na wobegyaa Satan na sɔhwɛ a edi akyiri no aba na wɔde ahu wɔn a wɔn din bɛtra nkwa nhoma no mu daa. ‘Yere wo ho dennen’ sɛnea ɛbɛyɛ na wo din aka ho!—Luka 13:24; Adiyisɛm 20:5.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Asase sotefo a wɔaporɔw a wɔyerae wɔ Noa bere so Nsuyiri no mu no renka wɔn a wobenyan wɔn afi po mu no ho; na saa ɔsɛe no yɛ prɛko sɛnea Yehowa atemmu a wobedi ho dwuma ahohiahia kɛse no mu no nso bɛyɛ no.​—Mateo 25:41, 46; 2 Petro 3:5-7.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 298 mfonini]

Wobetumi akyerɛw “wɔn a wɔnteɛ” a wɔanyan wɔn a wotie nhoma mmobɔwee ahorow a wobuebue mu wɔ Mfirihyia Apem Ahenni no mu no nso din wɔ nkwa nhoma no mu