Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Israel Anosɔw

Onyankopɔn Israel Anosɔw

Ti 19

Onyankopɔn Israel Anosɔw

Anisoadehu 4​—Adiyisɛm 7:1-17

Asɛmti: Wɔasɔw 144,000 no ano, na wohu nnipakuw kɛse bi a wogyina Yehowa ahengua no ne Oguammaa no anim

Bere a enya mammu: Efi bere a wɔde Kristo Yesu sii ahengua so 1914 mu de kosi ne Mfirihyia Apem Ahenni no mu

1. “Hena na obetumi agyina” Onyankopɔn abufuw da kɛse no mu?

“ƐHENA na obetumi agyina ano?” (Adiyisɛm 6:17) Yiw, ampa, hena? Bere a Onyankopɔn abufuw sɛe Satan nhyehyɛe no, wiase atumfo ne nkurɔfo betumi abisa saa asɛm no yiye. Wɔn de, ɛbɛyɛ wɔn sɛ ɔsɛe a ɛreba no bɛtɔre adesamma nyinaa ase. Na ɛbɛba saa anaa? Anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn diyifo no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Na obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no, wobegye no nkwa.” (Yoel 2:32) Asomafo Petro ne Paulo si saa nokwasɛm no so dua. (Asomafo no Nnwuma 2:19-21; Romafo 10:13) Yiw, wɔn a wɔbɔ Yehowa din na wobefi mu aka. Henanom ne eyinom? Bere a anisoadehu a edi so no da adi no, yebehu.

2. Dɛn nti na ɛyɛ nwonwa sɛ ebinom befi Yehowa atemmu da no mu aka?

2 Ɛyɛ nwonwa ampa sɛ obi benya nkwa Yehowa atemmu da no mu, efisɛ Onyankopɔn diyifo foforo nso ka ho asɛm nsɛm yi mu sɛ: “Hwɛ, [Yehowa] ahum ne abufuhyew retu, ahum a edi kyinhyia besi abɔnefo atifi. [Yehowa] abufuw hyewhyew rensan, gye sɛ ayɛ ne komam nsusuwii ama atim ansa.” (Yeremia 30:23, 24) Ɛsɛ sɛ yɛde ntɛmpɛ yɛ ade na ama yɛanya yɛn ti adidi mu!—Mmebusɛm 2:22; Yesaia 55:6, 7; Sefania 2:2, 3.

Mframa Anan No

3. (a) Adwuma titiriw bi a abɔfo yɛ bɛn na Yohane hu? (b) “Mframa anan” no yɛ dɛn ho mfonini?

3 Ansa na Yehowa behwie abufuhyew yi agu no, ɔsoro abɔfo yɛ adwuma titiriw bi. Afei Yohane hu eyi anisoadehu mu: “Eyi akyi no mihuu abɔfo baanan a wogyinagyina asase afanan no ano kurakura asase mframa anan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.” (Adiyisɛm 7:1) Eyi kyerɛ dɛn ma yɛn nnɛ? “Mframa anan” yi yɛ ɔsɛe atemmu ho sɛnkyerɛnne a ɛda adi yiye, a wɔrebegyaw mu agu asase so abɔnefo asafo bi, adesamma amumɔyɛfo “ɛpo” a ɛpem kɔ ba no so, ne atumfo a wɔkorɔn te sɛ nnua na wonya wɔn mmoa ne aduan fi asase sofo hɔ no so.​—Yesaia 57:20; Dwom 37:35, 36.

4. (a) Abɔfo baanan no gyina hɔ ma dɛn? (b) Sɛ wogyaw mframa anan no mu a, tumi bɛn na ebenya wɔ Satan asase so ahyehyɛde no so?

4 Akyinnye biara nni ho sɛ saa abɔfo baanan yi gyina hɔ ma abɔfo akuw anan, a Yehowa de wɔn di dwuma de twentwɛn atemmu ase kosi sɛ bere a wɔahyɛ no bedu. Sɛ abɔfo yi gyaa Onyankopɔn abufuw mframa yi mu ma ɛbobɔw prɛko fi kusuu fam, kesee fam, apuei ne atɔe a, ɔsɛe no bɛyɛ kɛse yiye. Ɛbɛyɛ sɛ mframa anan a Yehowa de dii dwuma de bɔɔ tete Elamfo petee, bobɔɔ wɔn na ɔtɔree wɔn ase no, nanso ɛbɛso akyɛn ɛno. (Yeremia 49:36-38) Ɛbɛyɛ ahum mframa kɛse bi a ɛbɛsɛe ade asen “ahum” a Yehowa de dii dwuma de tɔree Amon man no ase no. (Amos 1:13-15) Satan ahyehyɛde a ɛwɔ asase so no mu fa biara rentumi nnyina Yehowa abufuw da no mu, bere a ɔsan ne tumidi ho kosi daa no.​—Dwom 83:15, 18; Yesaia 29:5, 6.

5. Ɔkwan bɛn so na Yeremia nkɔmhyɛ no boa yɛn ma yɛte ase sɛ Onyankopɔn atemmu no bɛka asase mu no nyinaa?

5 So yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn atemmu horow no bɛsɛe asase mu no nyinaa anaa? Tie ne diyifo Yeremia bio: “Hwɛ, bɔne fi ɔman so kɔ ɔman so, na ahum kɛse retu afi asase anoano. Na da no na [Yehowa] bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei.” (Yeremia 25:32, 33) Ahum kɛse yi mu na esum bɛkata wiase yi so. Wɔbɛwosow wɔn a wodi so no atɔre wɔn ase. (Adiyisɛm 6:12-14) Nanso daakye rennuru sum mma nnipa nyinaa. Ɛnde, henanom nti na wosiw mframa anan no ano?

Onyankopɔn Nkoa Anosɔw

6. Hena na ɔka kyerɛ abɔfo no sɛ wonsiw mframa anan no ano, na eyi ma wonya bere de yɛ dɛn?

6 Yohane kɔ so ka sɛnea wɔbɛhyɛ ebinom agyirae ma wɔafi mu aka ho asɛm sɛ: “Na mihuu ɔbɔfo foforo a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano sɛ ofi owia apuei reba, na ɔde nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ abɔfo baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnhaw asase ne ɛpo no sɛ: Monnhaw asase anaa ɛpo anaa nnua kosi sɛ yɛde [nsɔano] besisi yɛn Nyankopɔn nkoa moma so.”—Adiyisɛm 7:2, 3.

7. Hena ankasa ne ɔbɔfo a ɔto so anum no, na adanse bɛn na ɛboa yɛn ma yehu onii a ɔyɛ no?

7 Ɛwom sɛ wɔammɔ ɔbɔfo a ɔto so anum yi din de, nanso adanse no nyinaa kyerɛ sɛ ɔbɛyɛ Awurade Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no. Nea ɛne asɛm no hyia sɛ Yesu ne ɔbɔfopanyin no, wɔakyerɛw wɔ ha sɛ ɔwɔ abɔfo afoforo no so tumi. (1 Tesalonikafo 4:16; Yuda 9) Ɔforo fi apuei sɛ “ahene a wofi owia apuei”—Yehowa ne Kristo—a wɔreba abebu atɛn, te sɛ nea ahene Dario ne Kores yɛe bere a wɔbrɛɛ tete Babilon ase no. (Adiyisɛm 16:12; Yesaia 45:1; Yeremia 51:11; Daniel 5:31) Ɔbɔfo yi nso sɛ Yesu esiane sɛ wɔde Kristofo a wɔasra wɔn no anosɔw ahyɛ ne nsa nti. (Efesofo 1:13, 14) Afei, bere a wogyaa mframa no mu no, Yesu na odi ɔsoro dɔm no anim de atemmu ba amanaman no so. (Adiyisɛm 19:11-16) Ɛnde, na nea ntease wom ara ne sɛ, Yesu na ɔbɛhyɛ sɛ mma wɔnnsɛe Satan asase so ahyehyɛde no kosi sɛ wɔbɛsɔw Onyankopɔn nkoa ano awie ansa.

8. Dɛn ne anosɔw no, na bere bɛn na efii ase?

8 Dɛn ne saa nsɔano yi, na henanom ne saa Onyankopɔn nkoa yi? Nsɔano no fii ase fi Pentekoste 33 Y.B. bere a wɔde honhom kronkron sraa Yudafo Kristofo a wodi kan no. Akyiri yi, Onyankopɔn fii ase frɛɛ “amanaman mufo” na ɔsraa wɔn. (Romafo 3:29; Asomafo no Nnwuma 2:1-4, 14, 32, 33; 15:14) Ɔsomafo Paulo kyerɛw faa Kristofo a wɔasra wɔn no ho sɛ wɔwɔ bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ ‘Kristo de,’ na ɔde kaa ho sɛ Onyankopɔn “na wasɔw yɛn ano, na wama yɛn honhom no de ayɛ guaha ama yɛn wɔ yɛn koma mu.” (2 Korintofo 1:21, 22; fa toto Adiyisɛm 14:1 ho.) Enti, bere a wogye saa nkoa yi sɛ Onyankopɔn honhom mu mma no, wodi kan nya wɔn soro apɛgyade no ho adanse bi—nsɔano bi, anaasɛ ntam. (2 Korintofo 5:1, 5; Efesofo 1:10, 11) Ɛno ansa na wobetumi aka sɛ: “Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛne no anuonyam bi.”—Romafo 8:15-17.

9. (a) Boasetɔ bɛn na wɔhwehwɛ wɔ Onyankopɔn mma a wɔde honhom awo wɔn no nkaefo no fam? (b) Wɔn a wɔasra wɔn no sɔhwɛ no bɛkɔ so akosi bere bɛn?

9 “Gye sɛ yɛne no hu amane ansa”—ɛno kyerɛ dɛn? Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nkwa abotiri no, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no tɔ wɔn bo ase, di nokware kodu owu mu mpo. (Adiyisɛm 2:10) Ɛnyɛ asɛm no ne sɛ ‘sɛ wonya gye wo nkwa a, na wɔagye wo nkwa daa.’ (Mateo 10:22; Luka 13:24) Mmom no, wotu wɔn fo sɛ: “Mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo paw no den.” Te sɛ ɔsomafo Paulo no, awiei no, ɛsɛ sɛ wotumi ka sɛ: “Ɔko pa no mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie.” (2 Petro 1:10, 11; 2 Timoteo 4:7, 8) Enti, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn mma a wɔde honhom awo wɔn no nkaefo no sɔhwɛ ne wɔn mu a woyiyi no kɔ so kosi sɛ Yesu ne abɔfo a wɔka ne ho no de nsɔano no besisi eyinom nyinaa ‘moma so’ pintinn, na ahyɛ wɔn nsow pefee sɛ wɔyɛ “yɛn Nyankopɔn nkoa” a wɔasɔ wɔn ahwɛ ne anokwafo. Ɛnde na saa nsɔano no bɛyɛ agyiraehyɛde a ɛtra hɔ daa. Ɛda adi pefee sɛ, bere a wobegyaa ahohiahia mframa anan no mu, na wɔasɔw honhom mu Israelfo nyinaa ano awie koraa, ɛwom sɛ ɛbɛyɛ nea wɔn mu kakraa bi da so ara te ase ɔhonam mu de. (Mateo 24:13; Adiyisɛm 19:7) Wɔn dodow no nyinaa bewie du!—Romafo 11:25, 26.

Dodow Ahe Na Wɔsɔ Wɔn Ano?

10. (a) Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔato wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodow ano hye? (b) Wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodow yɛ ahe, na wɔakyerɛkyerɛw wɔn din dɛn?

10 Yesu ka kyerɛ wɔn a wɔbɛsɔw wɔn ano yi sɛ: “Kuw ketewa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.” (Luka 12:32) Kyerɛwnsɛm afoforo, te sɛ Adiyisɛm 6:11 ne Romafo 11:25 kyerɛ sɛ wɔato kuw ketewa yi mufo dodow ano hye ampa, na nokwarem no, na wɔahyɛ ato hɔ. Yohane nsɛm a edi hɔ no si eyi so dua: “Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodow: Mpem ɔha aduanan anan na wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuw nyinaa mu. Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumien, Ruben abusuakuw mu, mpem dumien, Gad abusuakuw mu, mpem dumien, Aser abusuakuw mu, mpem dumien, Naftali abusuakuw mu, mpem dumien, Manase abusuakuw mu, mpem dumien, Simeon abusuakuw mu, mpem dumien, Lewi abusuakuw mu mpem dumien, Isakar abusuakuw mu, mpem dumien, Sebulon abusuakuw mu, mpem dumien, Yosef abusuakuw mu, mpem dumien, Benyamin abusuakuw mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano, mpem dumien.”—Adiyisɛm 7:4-8.

11. (a) Dɛn nti na mmusuakuw 12 no ho asɛm a wɔka no rentumi mfa honam fam Israel ankasa ho? (b) Dɛn nti na Adiyisɛm kyerɛkyerɛw mmusuakuw 12 no din? (d) Dɛn nti na abusua bi nni Onyankopɔn Israel no mu a wɔn nkutoo na wodi ahene anaa asɔfo?

11 So eyi nka honam fam Israel ankasa ho asɛm anaa? Dabi, efisɛ Adiyisɛm 7:4-8 anhyehyɛ mmusua no din nnidiso nnidiso sɛnea wɔtaa yɛ no. (Numeri 1:17, 47) Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ sɛnea wɔhyehyɛɛ din no wɔ ha no atirimpɔw ne sɛ wɔde Yudafo no mmusuakuw behu wɔn, na mmom sɛ wɔde bɛda ahyehyɛde a ɛte saa ara ma honhom mu Israel no adi. Eyi kari pɛ. Ɛsɛ sɛ ɔman foforo yi mufo dodow yɛ 144,000 pɛpɛɛpɛ—12,000 fi mmusuakuw 12 no biara mu. Abusua biara nni Onyankopɔn Israel yi mu a ɛno nkutoo na edi ahene anaa ɛyɛ asɔfo. Ɔman no nyinaa bedi tumi sɛ ahene, na ɔman mu no nyinaa bɛsom sɛ asɔfo.​—Galatifo 6:16; Adiyisɛm 20:4, 6.

12. Dɛn nti na ɛfata sɛ mpanyimfo 24 no de Adiyisɛm 5:9, 10 mu nsɛm to dwom wɔ Oguammaa no anim?

12 Ɛwom sɛ wɔmaa honam fam Israelfo ne wɔn a wɔsakra bɛyɛɛ Yudafo no hokwan a edi kan na ama wɔapaw wɔn ama honhom mu Israel de, nanso saa ɔman no mu nnipa kakraa bi pɛ na wosoo mu. Enti Yehowa frɛɛ Amanaman mufo nso bi. (Yohane 1:10-13; Asomafo no Nnwuma 2:4, 7-11; Romafo 11:7) Sɛnea na ɛte wɔ Efesofo a na kan wɔyɛ “ananafo a wɔnyɛ Israel man mma” fam no, afei de, na wobetumi de Onyankopɔn honhom asɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo ano, na wɔabɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn asafo no mufo. (Efesofo 2:11-13; 3:5, 6; Asomafo no Nnwuma 15:14) Ɛnde, na ɛfata sɛ mpanyimfo 24 no to dwom Oguammaa no anim sɛ: “Wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu, na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.”—Adiyisɛm 5:9, 10.

13. Dɛn nti na Yesu nã ba Yakobo betumi akyerɛw ne krataa no akɔma “mmusuakuw 12 a wɔahwete no” ma afata?

13 Kristofo asafo no yɛ “abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron.” (1 Petro 2:9) Esiane sɛ ebesii honam fam Israel ananmu sɛ Onyankopɔn man nti, ɛdan yɛ Israel foforo a ɛyɛ “Israel ankasa.” (Romafo 9:6-8, New World Translation; Mateo 21:43) * Eyi nti, na ɛfata yiye sɛ Yesu na ba Yakobo kyerɛw ne krataa no “kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no,” ɛne sɛ de kɔma Kristofo a wɔasra wɔn no asafo a ɛwɔ wiase nyinaa a awiei no wɔn dodow bɛyɛ 144,000 no.​—Yakobo 1:1.

Onyankopɔn Israel Nnɛ

14. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo aka bere nyinaa sɛ 144,000 no yɛ wɔn a wɔka bom yɛ honhom mu Israel no dodow ankasa?

14 Anigyesɛm ne sɛ Charles T. Russell, huu 144,000 no sɛ ɛyɛ nnipa ankorankoro ankasa dodow bi a wɔka bom yɛ honhom mu Israel. Ɔkyerɛwee wɔ ne Studies in the Scriptures a ɛyɛ The New Creation a wɔkyerɛw no 1904 mu no Po a ɛto so VI no mu sɛ: “Yɛwɔ biribiara a yebetumi agyina so agye adi koraa sɛ wɔn a wɔapaw wɔn [wɔn a wɔasra wɔn na wɔapaw wɔn] no dodow a wɔde asi hɔ, a ɛyɛ pɔtee no ne nea wɔaka no mpɛn pii wɔ Adiyisɛm mu (7:4; 14:1); a ɛne 144,000 a wɔagye wɔn afi nnipa mu no.” Wɔaka nso wɔ Light, Nhoma a Edi Kan a Bible Asuafo no kyerɛw no 1930 mu no mu sɛ: “Enti Kristo nipadua no mufo 144,000 no wɔ nhyiam no mu a wɔde wɔn akyerɛ sɛ wɔapaw wɔn na wɔasra wɔn, anaasɛ wɔasɔ wɔn ano.” Yehowa Adansefo akura saa ntease yi mu mmere nyinaa sɛ Kristofo a wɔasra wɔn 144,000 ankasa na wɔka bom yɛ honhom mu Israel no.

15. Bere tiaa bi ansa na Awurade da no reba no, dɛn na Bible asuafo anokwafo susuwii sɛ honam fam Yudafo benya bere a Amanaman no Mmere no aba awiei akyi no?

15 Nanso, so honam fam Israel a ɛwɔ hɔ nnɛ mfata sɛ enya ɔdom titiriw bi anaa? Bere a edii Awurade da no anim pɛɛ no mu, bere a na Bible Asuafo anokwafo resan ahu Onyankopɔn Asɛm mu mfitiase nokware ahorow pii no, wosusuwii sɛ ebedu bere a Amanaman no Mmere no bɛba awiei no, Yudafo no benya ɔdom gyinabea bi wɔ Onyankopɔn anim bio. Enti, C. T. Russell nhoma The Time Is at Hand (Studies in the Scriptures no Po II), a wotintim no 1889 mu no kae sɛ Yeremia 31:29-34 faa honam fam Yudafo ho, na ɛkae sɛ: “Wiase adi nokwasɛm no ho adanse sɛ Israel asotwe wɔ Amanaman no tumidi ase no atoa so ara fi A.Y.B. [607], ɛda so ara kɔ so, na hwee nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛsan ahyehyɛ wɔn sɛ ɔman ansa na 1914 Y.B. aba, baabi a wɔn mmere nson—mfe 2520 no kodu no.” Na ɛte sɛ nea Yudafo no bɛsan akyekye wɔn man no bio, na ɛda adi sɛ anidaso yi mu yɛɛ den wɔ 1917 mu bere a Balfour Mpaemuka no hyɛɛ bɔ sɛ Britania bɛboa ma wɔayɛ Palestina Yudafo man no.

16. Mmɔden bɛn na Yehowa Adansefo bɔe sɛ wɔde Kristofo nkrasɛm no bedu honam fam Yudafo nkyɛn, na dɛn na efii mu bae?

16 Wiase nyinaa ko a edi kan no akyi no, wɔde Palestina hyɛɛ Great Britain ase, na ɔkwan bue maa Yudafo pii ma wɔsan kɔɔ saa asase no so. Wɔ 1948 mu no, wɔwoo Israel amammui Man no. So na eyi nkyerɛ sɛ na Yudafo no rebenya Onyankopɔn nhyira anaa? Mfe pii no na Yehowa Adansefo gye di sɛ eyi te saa. Enti, wɔ 1925 mu no, wɔkyerɛw nhoma a ekura nkratafa 128, Comfort for the Jews no. Wɔ 1929 mu no, woyii nhoma Po fɛfɛ bi a ekura nkratafã 360, a ɛne Life, a wɔyɛe na akanyan Yudafo anigye a na ɛka Bible mu Hiob nhoma no nso ho asɛm adi. Wɔbɔɔ mmɔden kɛse, ne titiriw no wɔ New York kurom sɛ wɔde Mesia nkrasɛm yi bedu Yudafo nkyɛn. Anigyesɛm ne sɛ, nnipa kakra tiee, nanso Yudafo no dodow ara pow ba a Mesia no aba no ho adanse no te sɛ nea wɔn agyanom a wɔtraa ase afeha a edi kan no mu yɛe no.

17, 18. Dɛn na Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ asase so no tee ase faa apam foforo no ne Bible mu nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa san a wɔbɛsan aba no ho?

17 Ɛda adi sɛ Yudafo no, sɛ nnipa ne sɛ ɔman no, nyɛ ɔman Israel a wɔkaa ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:4-8 anaa wɔ Bible nkɔmhyɛ afoforo a ɛfa Awurade da ho no mu no. Esiane sɛ na Yudafo no di atetesɛm akyi nti, wɔkɔɔ so kwatii sɛ wɔde din kronkron no bedi dwuma. (Mateo 15:1-3, 7-9) Nhoma Jehovah a Yehowa Adansefo tintimii wɔ 1934 no reka Yeremia 31:31-34 ho asɛm no, ɛkaa no pefee sɛ: “Apam foforo no mfa Israel honam fam asefo ne amanaman no nyinaa ho hwee, na mmom . . . ɛfa honhom mu Israel nkutoo ho.” Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛka ba a wɔbɛsan aba ho asɛm no mfa honam fam Yudafo anaa amammui Israel a ɛyɛ Amanaman Nkabom no muni ne wiase a Yesu kaa ho asɛm wɔ Yohane 14:19, 30 ne 18:36 no fã ho.

18 Wɔ 1931 mu no, na Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ asase so no de anigye kɛse agye edin Yehowa Adansefo no. Ná wobetumi afi wɔn koma nyinaa mu apene nsɛm a ɛwɔ Dwom 97:11 no so sɛ: “Wɔde hann agu ama ɔtreneeni, ne anigye ama koma mu teefo.” Na wobetumi ahu pefee sɛ honhom mu Israel nkutoo na wɔde no aba apam foforo no mu. (Hebrifo 9:15; 12:22, 24) Na honam fam Israel asowuifo no nni afa biara wom, na saa ara nso na amanaman nyinaa nso nni afa biara wom. Ntease yi buee kwan ma ɔsoro hann hyerɛn fɛfɛ, na ɛda nsow wɔ teokrase abakɔsɛm mu. Eyi bɛkyerɛ sɛnea Yehowa yi ne mmɔborɔhunu, ayamye ne nokware adi kyerɛ adesamma nyinaa a wotwiw bɛn no ma ɛboro so. (Exodus 34:6; Yakobo 4:8) Yiw, wɔ Onyankopɔn Israel akyi no, afoforo nso benya ɔsɛe mframa anan no ano a abɔfo no siw no mu mfaso. Eyinom bɛyɛ henanom? So wubetumi ayɛ wɔn mu biako? Afei ma yɛnhwɛ.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Edin Israel no ase ne “Onyankopɔn Ko; nea ɔne Onyankopɔn Ko (Mmɔdenbɔfo)”—Genesis 32:28, New World Translation Reference Bible, asehɔ asɛm.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 114]

[Kratafa 117 mfonini ahorow]

Onyankopɔn nokware Israel no paw fii ase fi Pentekoste da no so 33 Y.B., de beduu 1935, bere a wɔdan adwene sii nnipakuw kɛse bi a wɔwɔ asase so asetra ho anidaso anoboaboa so wɔ Yehowa Adansefo nhyiam kɛse bi a wɔyɛe wɔ Washington, D.C., a abɛyɛ abakɔsɛm no ase no (Adiyisɛm 7:9)