Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

San Kanyan Saa Kan Dɔ No!

San Kanyan Saa Kan Dɔ No!

Ti 7

San Kanyan Saa Kan Dɔ No!

EFESO

1. Asafo bɛn na wɔde Yesu nkrasɛm a edi kan no kɔmaa no, na ɔkae ahwɛfo no wɔ dɛn ho?

YESU nkrasɛm a edi kan no yɛ nea ɔde kɔma asafo a ɛwɔ Efeso, a saa bere no na ɛyɛ Asia Kumaa mpoano kuropɔn a ɛrenya nkɔso a ɛbɛn Patmo Supɔw no. Ɔhyɛ Yohane sɛ: “Efeso asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura nsoromma ason ne nifa mu, nea ɔnam sika akaneadua ason no mfinimfini no se.” (Adiyisɛm 2:1) Sɛnea ɛte wɔ nkrasɛm afoforo asia no mu no, Yesu twe adwene si biribi a ɛkyerɛ ne dibea a tumi wom no so wɔ ha. Ɔkae ahwɛfo a wɔwɔ Efeso no sɛ mpanyimfo nyinaa wɔ n’ankasa ɔhwɛ a ahobammɔ wom ase, na ɔhwehwɛ asafo ahorow no nyinaa mu. Wakɔ so adi tiyɛ a ɔdɔ wom yi abedu yɛn bere yi so tɔnn, wahwɛ mpanyimfo no so, na ɔde ayamye ahwɛ wɔn a wɔde wɔn ho abɔ asafo no nyinaa. Ɔsakra asafo no nhyehyɛe ahorow bere ne bere mu, sɛnea ɛbɛyɛ na hann no atumi ahyerɛn yiye. Yiw, Yesu ne Oguanhwɛfo Panyin wɔ Onyankopɔn nguankuw no so.​—Mateo 11:28-30; 1 Petro 5:2-4.

2. (a) Nneɛma pa bɛn na Yesu kamfoo Efeso asafo no wɔ ho? (b) Ɔsomafo Paulo afotu bɛn na ɛda adi sɛ Efeso mpanyimfo no tiei?

2 Afei Yesu yɛ nhwɛso bi wɔ ne nkrasɛm ason no mu, gye abien pɛ, denam nkamfo nsɛm a ɔdɔ wom a ɔde fi ase no so. Na ɔwɔ nkrasɛm yi ma Efesofo no sɛ: “Minim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wuntumi nkura wɔn a wɔyɛ bɔne, na woasɔ wɔn a wose wɔyɛ asomafo na wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn atorofo. Na wowɔ boasetɔ, na me din nti woahaw wo ho, na woammrɛ.” (Adiyisɛm 2:2, 3) Mfe bi ansa na ɔreka eyi no, na ɔsomafo Paulo abɔ Efeso mpanyimfo no kɔkɔ wɔ “mpataku bɔne,” awaefo a wɔhaw nguankuw no ho, na waka akyerɛ saa mpanyimfo no sɛ ‘wɔnwɛn,’ na wonni n’ankasa nhwɛso a wammrɛ wom no akyi. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 31) Esiane sɛ afei Yesu kamfo wɔn wɔ wɔn adwuma ne wɔn boasetɔ, ne brɛ a wɔammrɛ no ho nti, ɛbɛyɛ sɛ wɔde saa afotu no dii dwuma.

3. (a) Ɔkwan bɛn so na “atoro asomafo” ahwehwɛ sɛ wɔbɛdaadaa anokwafo wɔ yɛn bere yi so? (b) Awaefo ho kɔkɔbɔ bɛn na Petro de mae?

3 Awurade da no mu nso, “atoro asomafo” a “wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi” nso aba. (2 Korintofo 11:13; Asomafo no Nnwuma 20:30; Adiyisɛm 1:10) Wose ɔsom ahorow a wɔn mu apaapae a wɔn adwene nhyia no nyinaa ye, wɔka sɛ Onyankopɔn nni ahyehyɛde, na wɔkyerɛ sɛ Yesu annya Ahenni tumi wɔ 1914 mu. Wɔma nkɔmhyɛ a ɛwɔ 2 Petro 3:3, 4 no ba mu: “Nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba abɛka sɛ: Né ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.”

4. (a) Ɔkwan bɛn so na fɛwdifo ahantan ne atuatew no da adi? (b) Dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no yɛ de tia asɔretiafo atorofo de kyerɛ sɛ wɔte sɛ Efesofo no?

4 Fɛwdifo yi tew adwene a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔka wɔn gyidi ho asɛm kyerɛ baguam no ho atua. (Romafo 10:10) Wɔagye mmoa afi Kristoman asɔfo ne atesɛm nkrataa ne television dwumadibea ahorow hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔama atosɛm a ɛfa wɔn a anka wɔne wɔn bɔ ho no ahyeta. Ɛnkyɛ na anokwafo ahu sɛ nokware nni nnaadaafo yi nsɛm ne wɔn abrabɔ mu. Te sɛ Efesofo no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ‘ntumi nkura nnipa bɔne,’ enti wotu wɔn fi wɔn asafo ahorow no mu. *

5. (a) Mmerɛwyɛ bɛn na Yesu kae sɛ na Efesofo no wɔ? (b) Nsɛm bɛn na anka ɛsɛ sɛ Efesofo no kae?

5 Nanso, afei, sɛnea ɔyɛ wɔ asafo ason no mu anum ho no, Yesu twe adwene si ɔhaw bi a anibere wom so titiriw. Ɔka kyerɛ Efesofo no sɛ: “Nanso, mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ woagyaw wo kan dɔ no.” (Adiyisɛm 2:4) Ɛnsɛ sɛ anka ɛba saa wɔ wɔn fam, efisɛ na Paulo adi kan akyerɛw wɔn mfe 35 a atwam no mu, aka Onyankopɔn “dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn” no ho asɛm de ahyɛ wɔn nkuran sɛ: “Munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔ mo” no. (Efesofo 2:4; 5:1, 2) Afei nso, na anka ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Yesu nsɛm yi wɔ wɔn koma so a wontumi mpopa, sɛ: “[Yehowa] yɛn Nyankopɔn yɛ [Yehowa] koro; na dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu.” (Marko 12:29-31) Na Efesofo no ayera saa kan dɔ no.

6. (a) Sɛ ebia yɛyɛ wɔn a wɔbaa asafo no mu akyɛ anaasɛ abɛɛfo no, asiane ne su horow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn dɔ ma Onyankopɔn no ka yɛn ma yɛyɛ?

6 Sɛ ebia yɛyɛ wɔn a wɔbaa asafo no mu akyɛ anaa abɛɛfo no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyera yɛn kan dɔ a yɛwɔ ma Yehowa no. Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi ayera? Yebetumi ama yɛn ho a yɛde afam yɛn honam fam adwuma ho, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebenya sika pii, anaasɛ anigyede akyidi abɛyɛ yɛn asetra mu ade titiriw. Yɛnam saayɛ so betumi abɛyɛ nnipa a wodwen honam fam nneɛma ho mmom sen honhom fam de ho. (Romafo 8:5-8; 1 Timoteo 4:8; 6:9, 10) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no kanyan yɛn ma yesiesie su horow biara a ɛtete saa, na ‘yɛakɔ so ahwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan,’ sɛnea ɛbɛyɛ na ‘yɛahyehyɛ ademude ɔsoro.’—Mateo 6:19-21, 31-33.

7. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan ɔsom a yɛde ma Yehowa no? (b) Dɛn na Yohane kae wɔ ɔdɔ ho?

7 Momma yɛmma ɔdɔ a efi koma mu tɔnn a yɛwɔ ma Yehowa no nkanyan ɔsom a yɛde ma no no bere nyinaa. Momma yennya nea Yehowa ne Kristo ayɛ ama yɛn no nyinaa ho anisɔ a emu yɛ den. Sɛnea Yohane ankasa kyerɛw akyiri yi no: “Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.” Yohane kɔ so ka kyerɛ yɛn sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔdɔ, na nea ɔtra ɔdɔ mu no ne Onyankopɔn tra biakoyɛ mu na Onyankopɔn ne no tra biakoyɛ mu.” Ɛmmra sɛ yɛremma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa, yɛn Awurade Yesu Kristo, ne Onyankopɔn Asɛm a ɛwɔ nkwa no ano mmrɛ ase da! Ɛnyɛ nsi a yɛde som Onyankopɔn no mu nko na yebetumi ada ɔdɔ yi adi, na mmom nso, “ahyɛde yi [a] yɛanya ne nkyɛn sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso” no so a yebedi mu.​—1 Yohane 4:10, 16, 21; Hebrifo 4:12; hwɛ 1 Petro 4:8; Kolosefo 3:10-14; Efesofo 4:15 nso.

“Yɛ Kan Nnwuma No”

8. Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ Efesofo yɛ wɔn ade dɛn?

8 Na ɛsɛ sɛ saa Efesofo no san kanyan ɔdɔ a anka wɔwɔ bere bi no, sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyera a. “Enti,” Yesu ka kyerɛ wɔn sɛ, “kae nea wufi hwee ase, na sakra w’adwene, na yɛ kan nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabeyi wo kaneadua mafi ne sibea, gye sɛ wosakra w’adwene.” (Adiyisɛm 2:5) Kristofo a na wɔwɔ Efeso asafo no mu no gyee saa nsɛm no dɛn? Yennim. Yɛwɔ anidaso sɛ wonuu wɔn ho, na wotumi san kanyan ɔdɔ a na wɔwɔ ma Yehowa no. Wɔanyɛ saa a, ɛnde wɔn kanea bedum, na wɔayi wɔn kaneadua no afi hɔ. Hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛma nokware no ahyerɛn no befi wɔn nsa.

9. (a) Na nkuranhyɛsɛm bɛn na Yesu wɔ ma Efesofo no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yohane bere no akyi asafo ahorow no antie Yesu afotu a ɔde maa Efesofo no?

9 Nanso, na Yesu wɔ nkuranhyɛ nsɛm yi ma Efesofo no: “Nanso eyi na wowɔ, sɛ wotan Nikolaifo nnwuma a me nso metan no.” (Adiyisɛm 2:6) Anyɛ yiye koraa no, na wɔtan ɔsom mu mpaapaemu te sɛ nea Awurade Yesu Kristo nso tan no. Nanso, bere a mfe no twaam no, asafo ahorow pii antie saa nsɛm a Yesu kae no. Ɔdɔ a na wonni mma Yehowa, nokware no, ne wɔn ho wɔn ho no ma wɔtwee wɔn ho kɔɔ honhom mu sum mu. Wɔn mu paapae yɛɛ ɔsom bebree a wɔne wɔn ho wɔn ho ham. Atoro “Kristofo” a na wonni ɔdɔ biara ma Yehowa no yii Onyankopɔn din ankasa fii Hela Bible nsaano nkyerɛwee ahorow no mu. Ɔdɔ a na wonni no nso ma wɔkyerɛkyerɛɛ Babilon ne Hela nkyerɛkyerɛ ahorow te sɛ hell-gya, ahodwiragya, ne Baasakoro wɔ Kristosom din mu. Esiane sɛ na wonni ɔdɔ biara ma Onyankopɔn ne nokware no nti, wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no mu pii gyaee Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ka. Asɔfo pɛsɛmenkominyafo kuw bi a wɔhyehyɛɛ wɔn ankasa ahenni wɔ asase so ha no dii wɔn so tumi.​—Fa toto 1 Korintofo 4:8 ho.

10. Na Kristoman mu nyamesom ahorow wɔ tebea bɛn mu wɔ 1918 mu?

10 Bere a atemmu fii ase wɔ Onyankopɔn fi wɔ 1918 mu no, na Kristoman asɔfo a wɔde mpaapaemu ba no reboa Wiase Nyinaa Ko I baguam, na wɔhyɛɛ Katolekfo ne Protestantfo a wɔwɔ afanu no nyinaa nkuran sɛ wonkunkum wɔn ho wɔn ho. (1 Petro 4:17) Esiane sɛ Kristoman mu nyamesom ahorow no nte sɛ Efeso asafo a na ɛtan nea na Nikolaisom no reyɛ no nti, nkyerɛkyerɛ a abirabɔ wom, a ɛsɔre tia Onyankopɔn ayɛ mu ma, na wɔn asɔfo de wɔn ho abɔ wiase a Yesu se ɛnsɛ sɛ n’asuafo yɛ ne fã no ho. (Yohane 15:17-19) Na wɔn asafo ahorow a wonnim Bible no asɛmti a ɛne Onyankopɔn Ahenni no, nyɛ akaneadua a ɛma Kyerɛwnsɛm mu nokware no hyerɛn, na wɔn asafo mma nso nyɛ Yehowa honhom mu asɔredan no fã. Na wɔn mmarima (ne mmea) atitiriw no nyɛ nsoromma, na mmom wɔpaa wɔn ho ntama sɛ wɔyɛ “onipa a onni mmara no” fã.​—2 Tesalonikafo 2:3; Malaki 3:1-3.

11. (a) Kristofo kuw a na wɔwɔ wiase wɔ 1918 mu bɛn na wɔde Yesu nsɛm a ɔde kɔmaa Efesofo no dii dwuma? (b) Dɛn na Yohane kuw no yɛe fi 1919 reba no?

11 Nanso, Yohane kuw no pue fii wiase nyinaa ko a edi kan no basabasayɛ nna no mu, a na wɔwɔ ɔdɔ ma Yehowa ne nokware no, na ɛkaa wɔn ma wɔde nsi a ano yɛ den som no. Wosiw wɔn a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde ɔsom mu mpaapaemu bɛba denam Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan, Charles T. Russell, a wɔyɛɛ no onyame ne wu akyi wɔ 1916 mu no so no kwan. Esiane sɛ na ɔtaa ne amanehunu ateɛ Kristofo kuw yi so nti, wonyaa atemmu a ɛne “mo” fii wɔn Wura no hɔ, ne ɔfrɛ a ɛne sɛ wɔmmra n’anigye mu. (Mateo 25:21, 23) Wiase nsɛm a na ɛresisi, ne wɔn ankasa osuahu ma wohuu sɛnkyerɛnne a na Yesu de ama sɛ ɛbɛhyɛ ne ba a waba Ahenni tumi mu a aniwa nhu no agyirae no mmamu. Efi 1919 reba no, wɔkɔɔ wɔn anim sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya Yesu nkɔmhyɛ kɛse no mmamu foforo mu kyɛfa: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 6:9, 10; 24:3-14) Sɛ na anka wɔn dɔ ma Yehowa no tɔ sin ɔkwan bi so a, wohuw mu ma ɛdɛw fii saa bere no.

12. (a) Nhyiam titiriw bi a wɔyɛe wɔ 1922 mu ase no, dɛn na wɔde too gua? (b) Din bɛn na nokware Kristofo gye toom 1931 mu, na wɔsakraa wɔn adwene wɔ dɛn ho?

12 Nhyiam titiriw bi a Kristofo yi mu bɛyɛ 18,000 kɔe wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A., September 5-13, 1922, ase no, wɔde too gua sɛ: “Monsan nkɔ adwuma no so, mo ɔsorosoroni Nyankopɔn no mma! . . . Ɛsɛ sɛ wiase no hu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn ne sɛ, Yesu Kristo ne ahene mu Hene ne awuranom Awurade. . . . Enti mommɔ, mommɔ, mommɔ, Ɔhene no ne n’ahenni dawuru.” Na wɔrema Yehowa din a ɛsom bo no ada adi kɛse. Afe 1931 mu no, Kristofo yi yɛɛ nhyiam kɛse wɔ Columbus, Ohio, U.S.A., na wɔde anigye gyee din a Onyankopɔn akyerɛ wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu—Yehowa Adansefo no toom, na wɔde too wɔn ho so. (Yesaia 43:10, 12) Efi nea wotintim no March 1, 1939, so no, wɔsakraa ahyehyɛde no nsɛmma nhoma titiriw no din frɛɛ no Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ, na wɔnam saayɛ so de nidi titiriw maa wɔn Bɔfo ne n’ahenni nniso no. Yehowa Adansefo a na wɔasan ahyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no mu den no asakra wɔn adwene, wɔ sɛnea ebia wɔantumi anni ne din kɛse ne n’Ahenni no ni na wɔamma so kɛse no biara ho.​—Dwom 106:6, 47, 48.

“Nea Odi Nkonim No”

13. (a) Sɛ Efesofo no ‘di nkonim’ a, nhyira bɛn na ɛda hɔ ma wɔn? (b) Ɔkwan bɛn so na Efeso Kristofo ‘bedi nkonim’?

13 Awiei no, sɛnea Yesu yɛ wɔ ne nkrasɛm afoforo no nso mu no, ɔtwe adwene si Onyankopɔn honhom so sɛ ɛnam Yesu so ma wohu nokwaredi ho akatua ahorow. Ɔka kyerɛ Efesofo no sɛ: “Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafotow no: nea odi nkonim no, mɛma no nkwadua a esi Onyankopɔn paradise mu no aba bi adi.” (Adiyisɛm 2:7) Wɔn a wɔwɔ aso a etie no de ahopere betie saa nkrasɛm a ehia no, a wonim sɛ emfi Yesu ankasa hɔ, na mmom Amansan Hene Yehowa ankasa hɔ, denam Ne honhom kronkron anaasɛ N’adeyɛ tumi no so. Wɔbɛyɛ dɛn ‘adi nkonim’? Wɔnam Yesu a okuraa ne mudi mu ara koduu wu mu ma enti otumi kae sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim” no anammɔn akyi a wobedi pɛɛ no so.​—Yohane 8:28; 16:33; hwɛ 1 Yohane 5:4 nso.

14. “Onyankopɔn Paradise” a Yesu kaa ho asɛm no bɛyɛ dɛn?

14 Esiane sɛ wonni anidaso biara sɛ wɔbɛtra ase wɔ asase so paradise bi mu nti, ɔkwan bɛn so na wɔde “nkwa dua a esi Nyankopɔn paradise mu” no di tua Kristofo a wɔasra wɔn, te sɛ wɔn a wɔwɔ Efeso no ka? Eyi rentumi nyɛ Paradise a asan aba asase so no, efisɛ na wɔtɔ Kristofo 144,000 a wɔasra wɔn a, wɔn a wɔwɔ Efeso asafo no mu nso ka ho no fi adesamma mu ma wɔne Oguammaa no akodi hene wɔ ɔsoro Bepɔw Sion so sɛ honhom mu mma. (Efesofo 1:5-12; Adiyisɛm 14:1, 4) Ne saa nti, ɛsɛ sɛ nea wɔka ho asɛm wɔ ha no fa ɔsoro trabea a ɛte sɛ turo a saa nkonimdifo yi bɛtra mu no ho. Ɛhɔ, Onyankopɔn “paradise mu,” yiw, Yehowa ankasa anim pɛɛ no, nkonimdifo yi a wɔama wɔn daa nkwa a owu nni mu no bɛkɔ so atra ase daa, sɛnea wɔde nkwadua no bi a wodi yɛɛ ho mfonini wɔ ha no.

15. Dɛn nti na Yesu nkuranhyɛ sɛ wonni nkonim no ho hia nnipakuw kɛse a wɔwɔ hɔ nnɛ no yiye?

15 Na 144,000 a wɔasra wɔn no asase so akyigyinafo anokwafo no nso ɛ? Saa Adansefo ayɔnkofo kuw kɛse yi nso redi nkonim. Nanso wɔn anidaso gyina asase so paradise bi mu hyɛn so, baabi a wɔbɛnom “nkwa nsu asubɔnten” no bi, na wɔanya ayaresa afi “nnua” a wɔatɛw wɔ saa asubɔnten no ho no nhaban “mu.” (Adiyisɛm 7:4, 9, 17; 22:1, 2) Sɛ woyɛ kuw yi muni a, ɛmmra sɛ wo nso wobɛkyerɛ ɔdɔ a emu yɛ den ama Yehowa na woadi gyidi mu nkonim no bi. Wonam saayɛ so benya daa nkwa wɔ Paradise asase so no mu anigye.​—Fa toto 1 Yohane 2:13, 14 ho.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Ɛdefa abakɔsɛm mu nsɛm a ɛfa atoro asomafo a wɔbae ho no, hwɛ Reasoning From the Scriptures nhoma a Yehowa Adansefo atintim no nkratafa 37-44.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 36 adaka]

Ɔdɔ mu a Wofi Yi Yehowa ne Ne Ba Ayɛ

Dwom nhoma a Yehowa nkurɔfo yɛe wɔ 1905 mu no, na nnwom a wɔde yi Yesu ayɛ no dɔɔso sen nnwom a wɔde yi Yehowa Nyankopɔn ayɛ no mmɔho. Wɔn 1928 dwom nhoma no mu no, nnwom a wɔde kamfo Yesu ne nea wɔde kamfo Yehowa no dodow reyɛ ayɛ pɛ. Nanso dwom nhoma a wɔyɛe nnansa yi ara wɔ 1984 mu no, nnwom dodow a wɔde yi Yehowa ayɛ no dɔɔso sen nea wɔde yi Yesu ayɛ no mpɛn anan. Eyi ne Yesu ankasa nsɛm no hyia: “M’agya no yɛ kɛse sen me.” (Yohane 14:28) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma Yehowa di kan, na ɔdɔ a emu dɔ ma Yesu ne anisɔ ma n’afɔre a ne bo yɛ den ne ne dibea sɛ Onyankopɔn Sɔfopanyin ne Ɔhene no ho anisɔ ka ho.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 34]

Yesu Afotu Nhwɛso

(ɛkyerɛ Adiyisɛm mu atiri ne nkyekyem)

Nkrasɛm a Tumi Nkamfo Wɔakyerɛ Nteɛso Nhyira a

wɔde ma a wɔde a wɔde ɔhaw no ne/anaa efi mu ba

asafo no tu fo fi ase pefee nkuranhyɛ

Efeso 2:1 2:2, 3 2:4 2:5, 6 2:7

Smirna 2:8 2:92:10 2:11

Pergamo 2:12 2:13 2:14, 15 2:16 2:17

Tiatira 2:18 2:19 2:20, 21 2:24, 25 2:26-28

Sardi 3:13:1, 2 3:3, 4 3:5

Filadelfia 3:7 3:83:8-11 3:12

Laodikea 3:143:15-17 3:18-20 3:21