Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Satan Nneɛma a Emu Dɔ” a Yebekyi

“Satan Nneɛma a Emu Dɔ” a Yebekyi

Ti 10

“Satan Nneɛma a Emu Dɔ” a Yebekyi

TIATIRA

1. Na Tiatira da he, sɛ wode toto asafo afoforo a aka no ho a, na ɔsom bɛn na ɛwɔ hɔ?

BƐYƐ akwansin 40 wɔ Bergama (Pergamo) kesee fam apuei, na Turkfo kurow Akhisar a ɛrenya nkɔso no da. Bɛyɛ mfe 1900 a atwam ni no, na kurow yi ne baabi a Tiatira da. Ɔhwɛfo kwantuni betumi afa ɔkwan bi so afi Pergamo akodu Tiatira ntɛm, na afei wafi ase akɔ asafo ahorow a aka a ɛwɔ Adiyisɛm ti 3—Sardi, Filadelfia ne Laodikea—no mu mmiako mmiako. Ɛte sɛ nea Tiatira nyɛ baabi titiriw a Ɔhempɔn som wɔ te sɛ Pergamo, nanso na ɛwɔ abosonnan ne asɔredan ahorow a wɔahyira so ama abosonsomfo anyame. Na Tiatira wɔ din sɛ aguadi kurow.

2, 3. (a) Na dɛn na wɔadi kan akyerɛw ato hɔ afa Tiatirani bi a ɔbɛyɛɛ Kristoni ho? (b) Na “Onyankopɔn Ba” a Yesu yɛ, ne sɛ ɔwɔ “aniwa te sɛ gyaframa” no ho hia Kristofo a na wɔwɔ Tiatira no dɛn?

2 Bere a na Paulo ka asɛm wɔ Makedonia no, ohyiaa Tiatirani ɔbea bi a ne din de Lidia a ɔtɔn tankɔkɔɔ. Lidia ne ne fifo nyinaa de anigye gyee asɛm a na Paulo reka no, na woyii ahɔhoyɛ su soronko bi adi kyerɛe. (Asomafo no Nnwuma 16:14, 15) Ɔbɛyɛɛ Tiatirani a odi kan a wɔakyerɛw ato hɔ sɛ ogyee Kristosom toom. Bere kɔɔ so no, kurow no ankasa benyaa Kristofo asafo. Yesu de ne nkrasɛm a ɛware sen ne nyinaa no ma wɔ hɔ: “Na Tiatira asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn Ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ [kɔbere] fɛfɛ no se.”—Adiyisɛm 2:18.

3 Eyi nkutoo ne bere a asɛm “Onyankopɔn Ba” no pue wɔ Adiyisɛm no mu, ɛwom sɛ mmeae afoforo no, Yesu ka Yehowa ho asɛm sɛ “m’Agya” de. (Adiyisɛm 2:27; 3:5, 21) Ɛda adi sɛ abodin no a wɔde di dwuma wɔ ha no bɛma Tiatira Kristofo no akae abusuabɔ a emu yɛ den a Yesu ne Yehowa wɔ no. Ɔba yi wɔ aniwa “te sɛ gyaframa”—kɔkɔbɔ ma Kristofo a wɔwɔ Tiatira no sɛ n’atemmu bɛdɛw ahyɛ biribiara a ohu sɛ egu asafo no ho fi no. Ɔnam ne nan a ɛte sɛ kɔbere a ɛbere kɔɔ no ho asɛm a ɔka ne mprenu so no si n’ankasa nokwaredi ho nhwɛso fɛfɛ a ɔyɛe bere a ɔnantew asase yi so no so dua. Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo a wɔwɔ Tiatira no tiee n’afotu no, na saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ!—1 Petro 2:21.

4, 5. (a) Na dɛn nti na Yesu betumi akamfo Kristofo a na wɔwɔ Tiatira no? (b) Ɔkwan bɛn so na asafo a na ɛwɔ Tiatira no yɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no nsusuwso?

4 Anigyesɛm ne sɛ, na Yesu betumi akamfo wɔn a na wɔwɔ Tiatira no. Ose: “Minim wo nnwuma ne wo dɔ ne wo gyidi ne wo som ne wo boasetɔ no, ne sɛ wo nnwuma a edi akyiri sen nea edi kan no.” (Adiyisɛm 2:19) Na Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ no nyeraa wɔn kan dɔ a wɔwɔ ma Yehowa no te sɛ Efesofo no. Wɔn gyidi yɛ den. Afei nso, wɔn nnwuma sen kan de no, na, te sɛ asafo ahorow abiɛsa a edi kan no, Kristofo a wɔwɔ Tiatira no retɔ wɔn bo ase. Hwɛ sɛnea ɛyɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛyɛ 100,000 a ɛwɔ asase so nnɛ no ho nhwɛso yiye! Yehowa ho dɔ da adi wom, bere a ɔsom mu mmɔdenbɔ honhom da adi ahyehyɛde no mu, na ɛkanyan mmofra ne mpanyin nyinaa no. Wɔn mu pii yere wɔn ho sɛ akwampaefo, ma enti wɔde bere a aka no redi dwuma nyansa mu de ka Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no anuonyam anidaso no ho asɛm akyerɛ!—Mateo 24:14; Marko 13:10.

5 Mfe du du ni no, anokwafo bebree, nkaefo a wɔasra wɔn no ne nnipakuw kɛse no nyinaa mufo, reyi Onyankopɔn som mu boasetɔ a ɛyɛ nwonwa adi, bere a wiase a atwa wɔn ho ahyia no remem wɔ sum a anidaso biara nni mu no mu no. Nanso momma yɛn bo nyɛ duru! Adiyisɛm si adanse a Onyankopɔn adiyifo a wodii kan traa ase no dii no so dua. “[Yehowa] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ.”—Sefania 1:14; Yoel 2:1; Habakuk 2:3; Adiyisɛm 7:9; 22:12, 13.

“Saa Ɔbea Isebel”

6. (a) Nneɛma a ɛfata nkamfo no nyinaa akyi no, asɛnnennen bɛn na Yesu hu wɔ Tiatira asafo no mu a ehia sɛ wodi ho dwuma ntɛm? (b) Na hena ne Isebel, na na ɔwɔ nnyinaso pa bi a ɔde bɛkyerɛ sɛ ɔyɛ odiyifobea anaa?

6 Yesu aniwa a ɛte sɛ ogyaframa no ahwɛ nneɛma akɔ akyiri bio. Ohu biribi a ehia sɛ wodi ho dwuma ntɛm. “Nanso,” ɔka kyerɛ Kristofo a wɔwɔ Tiatira no sɛ, “Mewɔ wo ho asɛm, sɛ woma saa ɔbea Isebel a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifo no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnnaadaa me nkoa na wɔmmɔ aguaman na wonni nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom.” (Adiyisɛm 2:20, New World Translation) Afeha du A.Y.B. mu no, na Ɔhemmaa Isebel, Israel Hene Ahab yere a ɔsom Baal no awudi, awaresɛe, nhyɛso akwan no ama wanya dimmɔne. Na Yehu, sɛ nea Yehowa asra no no, ma wokum no. (1 Ahene 16:31; 18:4; 21:1-16; 2 Ahene 9:1-7, 22, 30, 33) Na ɔbosonsonni Isebel nni ho kwan biara sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ odiyifobea. Na ɔnte sɛ Miriam ne Debora a wɔsomee sɛ adiyifommea anokwafo wɔ Israel no. (Exodus 15:20, 21; Atemmufo 4:4; 5:1-31) Na Yehowa honhom anka no sɛ ɔnhyɛ nkɔm sɛnea ɛkaa aberewa Anna ne ɔsɛmpakafo Filipo mmabea baanan no.​—Luka 2:36-38; Asomafo no Nnwuma 21:9.

7. (a) Ɛdenam “saa ɔbea Isebel no” din a Yesu bɔe no so no, na ɛda adi sɛ ɔreka nkɛntɛnso bɛn ho asɛm? (b) Ɔkwan bɛn so na ebia mmea bi a wɔde wɔn ho abɔ asafo no ho buu wɔn ho bem wɔ wɔn ahopɛ kwan no ho?

7 Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, “saa ɔbea Isebel” no a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ odiyifobea wɔ Tiatira no yɛ ɔtorofo. Na Onyankopɔn honhom nnyina n’akyi. Ɔne hena? Ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ ɔbea bi anaa mmea kuw bi a wɔyɛ ɔporɔw nnwuma wɔ asafo no mu, a wɔn ani nwu ade. Ebia na mmea bi a wɔde wɔn ho abɛbɔ asafo no ama asafo no mufo de wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu, bere a wɔde kyerɛw nsɛm di dwuma ɔkwan a ɛnteɛ so de bu wɔn ho bem pefee wɔ wɔn ahopɛ kwan a wɔnam so no so. Atoro nkɔmhyɛ ampa! Wɔbɛdaadaa afoforo ma wɔakɔfa wɔn ankasa “aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom” akwan no so. (Kolosefo 3:5) Wɔbɛma wɔn a wɔwɔ asafo no mu no de wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe, ahopɛ asetra kwan ahorow a mprempren wɔpene so, anaa wobu ani gu so, wɔ Kristoman nyamesom pii mu no mu.

8. (a) Yesu atemmusɛm a ɛfa “Isebel” a ɔwɔ Tiatira no ho ne dɛn? (b) Wɔate mmea nkɛntɛnso a ɛmfata nka nnɛ mmere yi mu dɛn?

8 Yesu kɔ so ka kyerɛ mpanyimfo a wɔwɔ Tiatira no sɛ: “Na memaa no bere sɛ ɔmfa nsakra n’adwene, na ɔmpɛ sɛ ɔsakra n’adwene fi n’aguamammɔ no mu. Hwɛ! Merebɛtow no makyene ɔyare mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe aware no magu ahohia kɛse mu, gye sɛ wɔsakra wɔn adwene wɔ ne nnwuma ho.” (Adiyisɛm 2:21, 22, NW) Ɛda adi pefee sɛ, sɛnea mfiase Isebel dii Ahab so tumi, na afei otwaa Onyankopɔn brafo, Yehu, mpoa no, saa na ebia mmea nkɛntɛnso yi rebɔ mmɔden adaadaa okununom ne mpanyimfo no. Ɛte sɛ nea mpanyimfo a wɔwɔ Tiatira no rema Isebel nkɛntɛnso bɔne yi ho kwan. Ɛha no, Yesu de kɔkɔbɔ bi a emu yɛ den rema wɔne Yehowa nkurɔfo asafo a ɛwɔ asase so nyinaa nnɛ no nso. Nnɛ mmere yi mu no, mmea a wɔn asɛm yɛ den saa no bi ahyɛ wɔn kununom ma wɔadan awaefo mpo, na wɔama wɔasamana Yehowa nkoa anokwafo.​—Fa toto Yuda 5-8 ho.

9. (a) Dɛn nti na Yesu nsɛm a ɛfa Isebel ho no ngu mmea a wɔwɔ asafo no mu nyinaa no anim ase? (b) Bere bɛn nkutoo na Isebel nkɛntɛnso no sɔre?

9 Eyi nka mmea anokwafo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu ho asɛmmɔne ɔkwan biara so. Ɛnnɛ mmere yi mu no, anuanom mmea anokwafo na wɔyɛ adansedi adwuma no mu fã kɛse no ara; ɛdenam ofie Bible adesua ahorow a wɔyɛ so no, wɔde afoforo bebree reba asafo no mu. Onyankopɔn ankasa hyira nhyehyɛe yi so, sɛnea wɔakyerɛ wɔ Dwom 68:11, NW: “Yehowa ankasa ka asɛm no; mmea a wɔka asɛmpa no yɛ dɔm kɛse.” Ɔyerenom abrabɔ a odwo ne obu wom, a “ne bo yɛ den Onyankopɔn anim” no betumi aka okununom ɔkwan pa so. (1 Petro 3:1-4) Ɔhene Lemuel kamfo ɔyepa nsiyɛfo no. (Mmebusɛm 31:10-31) Ɛyɛ bere a mmea atere ho denam mmarima a wɔdaadaa wɔn anaa wogye ho kyim anaa wommu nkutoo so na Isebel nkɛntɛnso no sɔre.​—Efesofo 5:22, 23; 1 Korintofo 11:3.

10. (a) Dɛn nti na Isebel ne ne mma nya atemmu? (b) Asiane tebea bɛn mu na wɔn a wɔbɛyɛ Isebel mma no wɔ, na dɛn na ɛsɛ sɛ saafo no yɛ?

10 Yesu reka “saa ɔbea Isebel no” ho asɛm no, ɔkɔ so se: “Na mede [owuyare] mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ mene nea ɔhwehwɛ asabo ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.” (Adiyisɛm 2:23) Na Yesu ama Isebel ne ne mma no bere sɛ wɔmfa nsakra wɔn adwene, nanso wɔkɔ so fa ɔbrasɛe akwan no so, ma enti ɛsɛ sɛ wonya atemmu. Nkrasɛm a tumi wom wɔ ha ma Kristofo nnɛ. Wɔn a wosuasua Isebel, sɛ wɔyɛ mmarima anaa mmea, ma enti wɔbɛyɛ ne mma denam tiyɛ ne Bible abrabɔ pa ho nnyinasosɛm ahorow sobu so anaasɛ wɔn ti yɛ den ma enti wobu ani gu teokrase nhyehyɛe pa so no, yare denneennen honhom mu. Ampa, sɛ obi a ɔte saa frɛ asafo no mu mpanyimfo ba ne nkyɛn ma wɔbɛbɔ no so mpae a, “gyidi mpaebɔ no bɛma ɔyarefo no ho ayɛ no den na Yehowa bɛma no so”—sɛ ɔde ahobrɛase yɛ n’ade ma ɛne saa mpaebɔ ahorow no hyia a. Nanso mma obiara nsusuw sɛ ɔnam ɔbrasɛe nneyɛe a ɔbɛbɔ mmɔden de ahintaw so anaasɛ ɔsom adwuma mu mmɔdenbɔ a ɔde bɛkyerɛ no so betumi adaadaa Onyankopɔn anaa Kristo.​—Yakobo 5:14, 15, NW.

11. Ɔkwan bɛn so na wɔboa asafo ahorow a wɔwɔ hɔ nnɛ no ma wɔn ani da wɔn ho so wɔ mmea nkɛntɛnso a mmara mma kwan a ɛbɛba mu no ho?

11 Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa Adansefo asafo ahorow no mu pii ani da wɔn ho so nnɛ wɔ asiane yi ho. Mpanyimfo no ani da wɔn ho so wɔ su horow a ɛnyɛ teokrase de, ne bɔneyɛ biara ho. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa mmarima ne mmea nyinaa a wɔwɔ asiane kwan mu no ma eyinom anya honhom mu su, asakra wɔn su ansa na aka akyi dodo. (Galatifo 5:16; 6:1) Saa Kristofo ahwɛfo yi de ɔdɔ ne pintinnyɛ siw mmɔden biara a mmea bɔ sɛ wɔbɛtew kuw bi a ɛde biribi te sɛ mmea ahofadi ba no ano. Afei nso, bere ne bere no, wɔde afotu a ɛyɛ ne bere mu de ma wɔ Yehowa Adansefo nhoma ahorow no mu. *

12. Ɔkwan bɛn so na Yohane kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no yi mmɔdenbɔ a ɛte sɛ Yehu de no adi?

12 Nanso, baabi a ɔbrasɛe a anibere wom akɔ so, ne titiriw no baabi a eyi abɛyɛ su no, ɛsɛ sɛ wotu nnebɔneyɛfo a wɔnsakra wɔn adwene no fi asafo no mu. Yɛkae mmɔden a Yehu bɔe de yii Isebel nkɛntɛnso ho nneɛma nyinaa fii Israel no. Saa ara nso na Yohane kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no di dwuma denneennen, wɔyɛ nhwɛso ma wɔn ahokafo “Yonadabfo” no, na wɔda wɔn ho adi sɛ ɛsono wɔn koraa wɔ Kristoman asomfo a wɔma biribiara ho kwan no ho.​—2 Ahene 9:22, 30-37; 10:12-17.

13. Dɛn na ɛbɛba wɔn a wogyaa mu ma mmea nkɛntɛnso a enye no so?

13 Sɛ Yehowa Bɔfo ne Temmufo no, Onyankopɔn Ba no yɛ ade ɔkwan a ɛteɛ so de kyerɛ onii a nnɛyi Isebel yɛ, na ɔka no to ɔyare mpa so, efisɛ ne honhom mu yare no ano nni aduru ampa. (Malaki 3:1, 5) Wɔn a wɔama saa mmea nkɛntɛnso bɔne yi anya wɔn no nso benya ahohia kɛse—awerɛhow a ɛbɛto wɔn sɛ wɔatu wɔn afi asafo mu, wɔatwa wɔn afi Kristofo asafo no ho te sɛ nea wɔawu. Gye sɛ eyinom sakra wɔn adwene, dan wɔn ho, na wɔsan gye wɔn ba asafo no mu bio, anyɛ saa a honam fam owu nso da hɔ ma wɔn denam “owuyare” so—akyɛ koraa no, ahohiahia kɛse no mu. Ansa na saa bere no bedu no, sɛ wonu wɔn ho koraa wɔ wɔn nneyɛe bɔne no ho a, wobetumi asan agye wɔn.​—Mateo 24:21, 22; 2 Korintofo 7:10.

14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu de mpanyimfo no di dwuma de di nsɛnnennen bi te sɛ Isebel nkɛntɛnso no ho dwuma? (b) Ɛsɛ sɛ asafo no gyina mpanyimfo a wodi nsɛnnennen a ɛtete saa ho dwuma no akyi dɛn?

14 Ɛsɛ sɛ “asafo no nyinaa” hu sɛ Yesu hwehwɛ “asaabo,” nkate a emu dɔ yiye, ne ‘koma,’ sɛnea yɛte wɔ yɛn mu tɔnn, a adwene a yɛde yɛ nneɛma nso ka ho no mu. Eyi nti, ɔde nsoromma anaa mpanyimfo a ogye wɔn di na edi nsɛnnennen bi te sɛ Isebel nkɛntɛnso no ho dwuma. (Adiyisɛm 1:20) Bere a mpanyimfo yi ahwehwɛ asɛm bi a ɛte saa mu yiye, na wɔabu ntɛn akyi no, ɛnyɛ nnipa ankorankoro adwuma sɛ wɔhwehwɛ nea enti ne ɔkwan ko a wɔfaa so yɛɛ saa no mu. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa de ahobrɛase gye sɛnea mpanyimfo no dii asɛm no tom na wɔkɔ so boa saa asafo nsoromma ahorow yi. Wobetua nokwaredi ma Yehowa ne n’asafo nhyehyɛe ahorow no ho ka. (Dwom 37:27-29; Hebrifo 13:7, 17) W’ankasa wo fam no, ɛmmra sɛ wo kyɛfa bɛyɛ nhyira bere a Yesu ma obiara sɛnea ne nnwuma te no.​—Galatifo 5:19-24; 6:7-9.

“Munso Nea Mowɔ no mu Dennen”

15. (a) Na dɛn na Yesu wɔ ka kyerɛ wɔn a na Isebel nnya nsɛee wɔn no? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na ɛnyɛ wɔn a wose wɔyɛ Kristofo wɔ 1918 mu no nyinaa na Kristoman a awae no asɛe wɔn?

15 Yesu nsɛm a edi hɔ no de awerɛkyekye ba: “Nanso, mise mo a moaka Tiatira no, dodow a wonni saa kyerɛ yi, wɔn a wonhuu ‘Satan nneɛma a emu dɔ’ mu, sɛnea wɔka no no, sɛ: Meremfa adesoa foforo biara nto mo so. Nanso, munso nea mowɔ no mu dennen nkosi sɛ mɛba.” (Adiyisɛm 2:24, 25, NW) Akra anokwafo wɔ Tiatira a Isebel nnyaa wɔn so tumi ɛ. Saa ara nso na mfe 40 ansa na 1918 reba, ne fi saa bere no, ɛnyɛ wɔn a wose wɔyɛ Kristofo nyinaa na wɔapene ɔbrasɛe, ɔporɔw akwan a abu so wɔ Kristoman mu, no so. Bible Asuafo kuw ketewa bi a mprempren wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo, a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa asɔrekɔfo ma wɔahu faako a Kristoman nkyerɛkyerɛ bebree a emfi Kristosom mu no fi no, atwe wɔn ho afi Babilon gyidi horow ne nneyɛe ahorow a ɛnam Kristoman a awae no so nyae no nyinaa ho. “Saa ɔbea Isebel” no nkyerɛkyerɛ a ɛma biribiara ho kwan no ka eyi ho.

16. Ɛwom sɛ Yesu ne afeha a edi kan no mu Kristofo sodikuw no amfa adesoa biara anto yɛn so de, nanso nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

16 Ɛnnɛ Yohane kuw no ahyɛ wɔn ahokafo, nnipakuw kɛse, no nso nkuran sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ ɔbrasɛe nkɛntɛnso ahorow te sɛ nea ɛwɔ anigyede a ɛsɛe ɔbra pa mu no ho. Enhia sɛ biribi a wɔpɛ ahu nti, wɔhwɛ ɔporɔw anaasɛ wɔde wɔn ho hyem sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔkwati. Nyansa wom sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi “Satan nneɛma a emu dɔ” no ho akɔ akyirikyiri. Sɛnea Yesu ka no: “Meremfa adesoa foforo biara nto mo so.” Eyi kae yɛn afeha a edi kan no mu Kristofo sodikuw no ahyɛde no: “Na ɛyɛɛ honhom kronkron ne yɛn sɛ eye sɛ wɔmfa adesoa bi nto mo so, gye nea ehia yi ara, ɛne sɛ munyi mo ho mfi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu; ɛno na sɛ muyi mo ho fi ho a, eye.” (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Twe wo ho fi atoro som, mogya a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so (sɛnea wɔyɛ wɔ mogya a wɔtwe gu obi mu no mu), ne ɔbrasɛe ho na woadi yiye wɔ honhom mu! Na ebetumi abɔ wo honam fam akwahosan nso ho ban.

17. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan de “nneɛma a emu dɔ” asɔ nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ahwɛ? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su wɔ Satan wiase hwanyann no “nneɛma a emu dɔ” no ho?

17 Satan wɔ “nneɛma a emu dɔ” foforo nnɛ, te sɛ nsusuwii a asete yɛ den ne nyansapɛ ahorow a ɛdɛfɛdɛfɛ adwene no. Wɔ ɔbrasɛe adwenhorow a ɛma biribiara ho kwan akyi no, ahonhonsɛmdi ne adannandi nkyerɛkyerɛ nso ka eyinom ho. Ɔbɔadeɛ a nyansa nyinaa wɔ no no bu saa “nneɛma a emu dɔ” yi dɛn? Ɔsomafo Paulo fa Ɔbɔadeɛ no asɛm ka sɛɛ se: “Mɛsɛe anyansafo nyansa.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ” no asete nyɛ den, emu da hɔ pefee, na ɛma koma ani gye. Kristofo anyansafo kwati Satan wiase hwanyann no “nneɛma a emu dɔ” no. Kae sɛ, “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Korintofo 1:19; 2:10, Kingdom Interlinear; 1 Yohane 2:17.

18. Nhyira bɛn na Yesu de hyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wodi nokware kosi ase no bɔ, na hokwan bɛn na eyinom a wɔanyan wɔn afi awufo mu no benya wɔ Harmagedon?

18 Afei, Yesu ka nsɛm a ɛma koma ani gye yi kyerɛ saa Kristofo a wɔwɔ Tiatira no. Wɔhyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nso nkuran nnɛ: “Na nea odi nkonim na okura me nnwuma kosi ase no, mɛma no amanaman no so tumi, na ɔde dade poma bɛyɛn nnipa no na wabobɔ wɔn asinasin sɛ dɔte nkuku, sɛnea me nso manya afi m’Agya nsam no.” (Adiyisɛm 2:26, 27, NW) Hokwan a ɛyɛ nwonwa ampa! Tumi yi a nkonimdifo a wɔasra wɔn no nsa ka, bere a wonyan wɔn fi awufo mu no yɛ Yesu a wɔne no bom de ɔsɛe “dade poma” no bobɔ amanaman atuatewfo no wɔ Harmagedon. Sɛ etumi yɛ bi koraa a na saa amanaman no nuklea atuo no ahoɔden begyigye te sɛ mmofra tuo a atɔ nsu mu bere a Kristo bobɔ n’atamfo pasaa te sɛ nea ɔbobɔ nkuku no.​—Dwom 2:8, 9; Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11-13, 15.

19. (a) Hena ne “adekyee nsoromma” no, na ɔkwan bɛn so na wɔde no bɛma wɔn a wodi nkonim no? (b) Nkuranhyɛ bɛn na wɔde ma nnipakuw kɛse no?

19 Yesu de ka ho sɛ: “Na mɛma no adekyee nsoromma no.” (Adiyisɛm 2:28) Akyiri yi Yesu ankasa kyerɛ nea “nsoromma” yi yɛ sɛ: “Mene Dawid ntini ne n’aseni, adekyee nsoromma a ɛharan no.” (Adiyisɛm 22:16) Yiw, Yesu na ɔma nkɔm a Yehowa hyɛe ma efii Bileam anom fii a ɛnyɛ ne pɛ so no ba mu: “Nsoromma bepue Yakob mu, na ahempoma befi Israel mu asɔre.” (Numeri 24:17) Ɔkwan bɛn so na Yesu de “adekyee nsoromma no” bɛma wɔn a wodi nkonim no? Ɛda adi pefee sɛ, ɔnam ne ho a ɔde bɛma wɔn no so, denam ayɔnkofa a emu yɛ den sen biara a ɔbɛma wɔne no anya no so. (Yohane 14:2, 3) Nokwarem no, ade a tumi wom a ɛbɛka wɔn ma wɔatɔ wɔn bo ase bɛn ara ni! Ɛkanyan nnipakuw kɛse no nso ma wohu sɛ ɛrenkyɛ na “adekyee nsoromma a ɛharan no” de n’Ahenni tumi no adi dwuma ma Paradise asan aba asase so ha bio!

Kura Wo Mudi Mu

20. Nsɛm a ɛrekɔ so wɔ Kristoman mu bɛn na ɛma yɛkae mmerɛwyɛ ahorow a na ɛwɔ Tiatira asafo no mu no?

20 Ɛbɛyɛ sɛ nkrasɛm yi hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Tiatira no nkuran kɛse. Wo de hwɛ—Onyankopɔn Ba a wɔahyɛ no anuonyam a ɔwɔ soro no ankasa kasa kyerɛ Kristofo a wɔwɔ Tiatira no wɔ wɔn nsɛnnennen no bi ho! Ampa, anyɛ yiye koraa no, asafo no mu binom penee ɔdɔ mu ɔhwɛ a ɛte saa so. Nkrasɛm ason no mu nea ɛware sen ne nyinaa yi nso boa yɛn ma yehu nokware Kristofo asafo no nnɛ. Afe 1918 mu bere a Yesu baa Yehowa asɔrefi sɛ ɔrebebu ntɛn no, na abosonsom ne honhom mu ɔbrasɛe agu ahyehyɛde ahorow a wose wɔyɛ Kristofo no mu dodow ara ho fi. (Yakobo 4:4) Na ebinom de wɔn gyidi agyina afeha a ɛto so 19 no mu mmea bi a wɔn asɛm yɛ den, te sɛ Seventh Day Adventists mu Ellen White ne Christian Scientists mu Mary Baker Eddy nkyerɛkyerɛ ahorow so, na nnansa yi de, mmea pii fi asɛnka agua so ka asɛm. (Hwɛ nsonoe a ɛda ɛne 1 Timoteo 2:11, 12 ntam.) Katoleksom ahorow ahorow mu no, wɔtaa de nidi ma Maria sen Onyankopɔn ne Kristo. Yesu anhyɛ no anuonyam saa. (Yohane 2:4; 19:26) So wubetumi agye ahyehyɛde ahorow a ɛpene mmea nkɛntɛnso a mmara mma kwan a ɛte sɛɛ so atom sɛ wɔyɛ Kristofo ampa anaa?

21. Asuade ahorow bɛn na ɛwɔ Yesu nkrasɛm a ɔde kɔmaa Tiatira no mu ma nnipa ankorankoro?

21 Eye sɛ Kristofo ankorankoro, sɛ wɔyɛ Yohane kuw no mufo anaasɛ nguan foforo no mufo no, susuw nkrasɛm yi ho. (Yohane 10:16) Ɛbɛdɔ ebinom kɔn sɛ wɔbɛfa ɔkwan bi a ɛyɛ mmerɛw so, sɛnea saa Tiatira Isebel asuafo yɛe no. Afei nso nsɛm mu a wobegyaa de asiesie ho sɔhwɛ no wɔ hɔ. Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ wohyia nsɛmpɔw te sɛ nnuan a mogya wom di anaa mogya a wɔbɛtwe agu obi mu no. Ɛbɛyɛ ebinom sɛ asɛnka adwuma no mu mmɔdenbɔ anaa ɔkasa horow a wɔma no ma wɔn kwan sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ katee wɔ nsɛm afoforo mu, te sɛ basabasayɛ ne ɔbrasɛe sini ahorow ne video ahorow a wɔbɛhwɛ, anaa mmosa a wɔnom ma ɛboro so ho. Yesu kɔkɔbɔ a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Tiatira no ka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde ahofadi a yenya no yɛ nneɛma a ɛtete saa. Yehowa pɛ sɛ yɛn ho tew, yefi yɛn kra nyinaa mu yɛ ade, na yɛnnyɛ ntanta sɛnea na Kristofo pii te wɔ Tiatira no.

22. Yesu si hia a ehia sɛ wonya aso a etie asɛm no so dua dɛn?

22 Awiei koraa no, Yesu pae mu ka sɛ: “Nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo no.” (Adiyisɛm 2:29) Mpɛn anan ni a Yesu reti asɛm a ɛkanyan nnipa yi mu ka wɔ ha, na ɛno na wɔde bewie nkrasɛm abiɛsa a ɛreba no nyinaa mu biara. So wowɔ aso a etie saa anaa? Ɛnde kɔ so yɛ aso bere a Onyankopɔn nam ne honhom so kɔ so de afotu fa ne kaseɛbɔ kwan no so ma no.

[Ase hɔ nsɛm]

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 51 mfonini ahorow]

Ɛnnɛ, anuanom mmea anokwafo na wɔyɛ adansedi adwuma no mu fã kɛse no bere a wɔde ahobrɛase gyina teokrase tumidi akyi no