Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wo Din wɔ Nkwa Nhoma no Mu?

So Wo Din wɔ Nkwa Nhoma no Mu?

Ti 11

So Wo Din wɔ Nkwa Nhoma no Mu?

SARDI

1. Asafo a ɛwɔ Sardi no honhom tebea te dɛn, na Yesu fi ne nkrasɛm no ase dɛn?

ƐYƐ akwansin 30 wɔ nnɛyi Akhisar (Tiatira) kesee fam ne baabi a asafo a edi hɔ a enyaa nkrasɛm fii Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no hɔ: Sardi, da. Afeha a ɛto so asia ansa na Yɛn Bere yi reba no, na kuropɔn yi yɛ tete Lidia ahemman kɛse no anuonyam ahenkurow ne baabi a Ɔhene Kroesus ɔdefo kɛse no te. Ebeduu Yohane bere so no, na aba ahokyere mu, na ne kan anuonyam a na ɛwɔ wɔ Kroesus ase no yɛ abakɔsɛm ara kwa. Saa ara nso na na Kristofo asafo a na ɛwɔ hɔ no di hia honhom fam. Eyi ne nea edi kan a Yesu amfa nkamfo amfi ne nkrasɛm no ase. Mmom no, ose: “Na Sardi asafo mu bɔfo no kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no se: Minim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.”—Adiyisɛm 3:1.

2. (a) Na “ahonhom ason” a Yesu wɔ no kyerɛ dɛn ma Kristofo a wɔwɔ Sardi no? (b) Na din bɛn na Sardi asafo no wɔ, nanso na nokwasɛm ahorow no ne dɛn?

2 Dɛn nti na Yesu da ne ho adi sɛ nea “ɔwɔ . . . ahonhom ason”? Efisɛ ahonhom yi gyina hɔ ma Yehowa honhom kronkron mu no nyinaa a ɛresen. Akyiri yi, Yohane ka wɔn ho asɛm nso sɛ “aniwa ason,” na ɛkyerɛ anisoadehu a ɛkanyan nkate kɛse a Onyankopɔn honhom kronkron de ama Yesu no. (Adiyisɛm 5:6) Enti otumi hu tebea horow biara a ebia ɛwɔ hɔ no na odi ho dwuma. (Mateo 10:26; 1 Korintofo 4:5) Asafo a ɛwɔ Sardi no wɔ din sɛ ɛte ase, ɛyɛ hyew. Nanso Yesu tumi hu sɛ awu honhom fam. Ɛda adi pefee sɛ emufo dodow no ara abɛyɛ anibiannaso te sɛ tebea a na wɔwom ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo no ara pɛ.​—Fa toto Efesofo 2: 1-3; Hebrifo 5: 11-14 ho.

3. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ “Sardi asafo no bɔfo no” hyɛ nokwasɛm a ɛne sɛ Yesu wɔ “nsoromma ason” no nsow titiriw? (b) Afotu a emu yɛ den bɛn na Yesu de ma asafo a ɛwɔ Sardi no?

3 Yesu bɔ “Sardi asafo no” nkae nso sɛ Ɔne nea ɔwɔ “nsoromma ason no.” Okura saa asafo no mu mpanyimfo no wɔ ne nsa nifa mu, na ɔwɔ tumi a ɔde bɛkyerɛ wɔn kwan wɔ wɔn nguanhwɛ adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn koma si ‘sɛnea nguankuw no ho te a wobehu no yiye’ no so. (Mmebusɛm 27:23) Enti, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ aso yiye tie Yesu nsɛm a edi hɔ yi: “Wɛn, na hyɛ nkae a ɛrebewu no den. Na manhu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim. Enti kae sɛnea woanya na woate, na di so, na sakra w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifo, na worenhu dɔn ko a mɛba wo so.”—Adiyisɛm 3:2, 3.

4. Ɔkwan bɛn so na Petro nsɛm no bɛboa asafo a ɛwɔ Sardi no na ‘ahyɛ nneɛma a aka no den’?

4 Ehia sɛ mpanyimfo a wɔwɔ Sardi no kae anigye a na wɔwɔ kan no, bere a wohuu nokware no ne nhyira horow a wonyae saa bere no. Nanso afei de, wɔawu honhom mu dwumadi fam. Wɔn asafo no kanea no reyɛ adum esiane gyidi nnwuma a enni nti. Mfe pii ansa na ɛno reba no, ɔsomafo Petro kyerɛw asafo ahorow a na ɛwɔ Asia (a ɛda adi sɛ na Sardi ka ho) no, na ɔde ama wɔanya anuonyam asɛmpa a Kristofo agye atom, na “wɔde honhom kronkron a wɔsoma fi soro”—sɛnea wɔde Yohane anisoadehu no mu ahonhom ason no gyina hɔ ma—aka akyerɛ no ho anisɔ. Petro bɔɔ saa Asia Kristofo no nkae nso sɛ wɔyɛ ‘abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, sɛ wɔnka nea ɔfrɛɛ wɔn fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ nkyerɛ.’ (1 Petro 1:12, 25; 2:9) Honhom fam nokware ahorow a ɛtete saa ho a wobedwen no bɛboa asafo a ɛwɔ Sardi no ma asakra n’adwene na ‘ahyɛ nneɛma a aka no den.’—Fa toto 2 Petro 3:9 ho.

5. (a) Dɛn na ɛbaa anisɔ a Kristofo a wɔwɔ Sardi no wɔ no so? (b) Sɛ Kristofo a wɔwɔ Sardi no antie Yesu afotu no a, dɛn na ɛbɛba?

5 Mprempren no, wɔn anisɔ ne ɔdɔ a wɔwɔ ma nokware no te sɛ ogya a aka kakraa bi ma adum. Nyansramma kakraa bi na ennya nnumii. Yesu hyɛ wɔn nkuran sɛ womfita mu, mma ogya no ano nyɛ den, nsakra wɔn adwene wɔ bɔne a wɔn ani a wobu guu nneɛma so no ma wɔyɛe no ho, na asan abɛyɛ asafo a ɛte ase honhom fam bio. (Fa toto 2 Timoteo 1:6, 7 ho.) Anyɛ saa a, bere a Yesu ba mpofirim—“sɛ owifo”—abebu ntɛn no, na asafo a ɛwɔ Sardi no nsiesiee ne ho.​—Mateo 24:43, 44.

Ɔreba “Sɛ Owifo”

6. Yesu bae “sɛ owifo” wɔ 1918 mu dɛn, na tebea bɛn na obehui wɔ wɔn a wose wɔyɛ n’akyidifo no mu?

6 Yesu kɔkɔbɔ sɛ ɔbɛba “sɛ owifo” no bedu nnɛ mmere yi mu. Na ɛkyerɛ biribi titiriw ma Kristofo a wɔtra ase adu Awurade da no mu no. Afe 1914 akyi pɛɛ no, Malaki nkɔmhyɛ no nyaa mmamu: “Na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no ne apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’sɔrefi: Hwɛ, ɔreba, asafo [Yehowa] na ose.” (Malaki 3:1; Adiyisɛm 1:10) Sɛ “apam bɔfo” no, Yesu baa nsrahwɛ na wabebu wɔn a wose wɔyɛ n’akyidifo no ntɛn. (1 Petro 4:17) Saa bere no, wɔ 1918 mu no, na Kristoman de ne ho ahyɛ mogya a wohwie gu wɔ Wiase Nyinaa Ko I mu no mu, na na awu korakora wɔ honhom fam. Nokware Kristofo mpo a na wɔaka asɛm no mmɔdenbɔ so ansa na ɔko no reba no, faa honhom mu nkotɔ bere bi mu. Wɔde wɔn mpanyimfo no mu atitiriw bi koguu afiase, na ɛkame ayɛ sɛ wogyaee asɛnka adwuma no. Bere a Yehowa honhom nyan saa Kristofo yi afe a edi hɔ no mu no, na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔasiesie wɔn ho. Na ebinom a wɔte sɛ Yesu bɛ no mu mmabaa nkwasea no, nsiesiee wɔn ho honhom fam mmaa hokwan a wobenya asom Yehowa no. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, na bebree wɔ hɔ a wɔatie Yesu kɔkɔbɔ a edi so yi te sɛ mmabaa mmadwemma no: “Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no.”—Mateo 25:1-13.

7. Dɛn nti na ehia sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ma wɔn ani da hɔ?

7 Hia a ehia sɛ Kristoni ani da ne ho so no amma awiei Awurade da no mfiase mu hɔ. Yesu de kɔkɔbɔ bi a emu yɛ den mae wɔ ne nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa “bere ko a eyinom bɛba . . . ho nsɛnkyerɛnne” no ho no mu sɛ: “Na da no ne dɔn no de, obi nnim . . . monhwɛ yiye, monwɛn . . . na munnim da ko a bere no du. Na nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn!” (Marko 13: 4, 32, 33, 37) Yiw, ɛde bedu dɔn yi mu pɛɛ no, sɛ yɛyɛ wɔn a wɔasra wɔn no mufo anaa nnipakuw kɛse no mufo no, ehia sɛ yɛn ani da yɛn ho so na yɛko tia da a yɛbɛda honhom mu. Sɛ Yehowa da no ba “sɛ owifo ba anadwo” a, ɛmmra sɛ wobehu yɛn sɛ yɛn ani da hɔ yiye, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabu yɛn bem.​—1 Tesalonikafo 5:2, 3; Luka 21:34-36; Adiyisɛm 7:9.

8. Ɔkwan bɛn so na Yohane kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no akanyan Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔ ani ada hɔ wɔ honhom fam?

8 Yohane kuw no ankasa ani da hɔ nnɛ wɔ hia a ehia sɛ ɔkanyan Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔn ani da hɔ honhom fam no ho. Eyi nti, wɔyɛ nhyiam atitiriw ho nhyehyɛe wɔ asase so afanan nyinaa mpɛn pii afe biara. Nnansa yi afe bi mu no, nnipa dodow a wɔkɔɔ ɔmantam nhyiam 2,981 no dodow si 10,953,744, na wɔbɔɔ gyidifo afoforo 122,701 asu. Bɛboro mfe ɔha ni no, Yohane kuw no de Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no adi dwuma de aka Yehowa din ne n’atirimpɔw akyerɛ. Wɔ ɔtaa a ano yɛ den a ɛbae wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu no ho dwumadi mu no, Ɔwɛn-Aban no kanyan Yehowa Adansefo ma wɔhyɛɛ wɔn mmɔdenbɔ mu den denam nsɛm horow te sɛ “Nhyira ne Akokodurufo” (1919), “Ɔfrɛ ma Dwumadi” (1925), ne “Ɔtaa so Nkonimdi” (1942), a wotintimii no so.

9. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa bisabisa wɔn ho? (b) Nkuranhyɛ bɛn na Ɔwɛn-Aban de ama?

9 Sɛnea na ɛte wɔ Sardi no, saa ara na ehia ma Kristofo nyinaa sɛ wɔkɔ so hwehwɛ wɔn ho mu hwɛ wɔ asafo ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so bisabisa yɛn ho sɛ: So ‘yɛayɛ yɛn nnwuma nyinaa yiye’ yɛn Nyankopɔn anim anaa? Bere a yemmu afoforo ntɛn no, so yɛn ankasa nya ho a wɔde bɔ afɔre honhom, na yɛbɔ mmɔden sɛ yebefi kra nyinaa mu asom Onyankopɔn anaa? Ɛdefa eyi ho no, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no de nkuranhyɛ ama denam nsɛmti te sɛ “Monkɔ So Mpɛɛpɛɛ Mo Mu Nhwɛ?” ne “Yɛnte Ase Mma Yɛn Ho Bio,” ho nsɛm a ɛkae no so. * Esiane sɛ yɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu mmoa a ɛte sɛɛ nti, momma yɛnhwehwɛ yɛn ankasa mu tɔnn, bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde ahobrɛase ne mpaebɔ bɛnantew mudi mu wɔ Yehowa anim no.​—Dwom 26:1-3; 139:23, 24.

“Din Kakraa Bi”

10. Ade a ɛhyɛ nkuran bɛn na Yesu hui wɔ asafo a ɛwɔ Sardi no mu, na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn dɛn?

10 Yesu nsɛm a edi hɔ a ɔde kɔmaa Sardi asafo no hyɛ nkuran yiye. Ose: “Nanso wɔwo din kakraa bi a wonguu wɔn ntade ho fi wɔ Sardi, na wɔne me bɛnantew ntade fitaa mu, efisɛ wɔfata. Nea odi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atade fitaa saa, na merempopa ne din mfi nkwa nhoma no mu, na mɛbɔ ne din m’Agya ne n’abɔfo anim.” (Adiyisɛm 3:4, 5) So nsɛm yi nkanyan yɛn nhyɛ yɛn den yɛn bo a yɛasi sɛ yebedi nokware no mu anaa? Nneɛma ase a mpanyimfo kuw bi toto no nti, ebia asafo mu nyinaa bɛda hatee honhom mu. Nanso, ebia nnipa ankorankoro bi a wɔwom bɛbɔ mmɔden akokoduru so sɛ wobekura wɔn Kristofo kronnyɛ mu, na wɔremma nkekae biara mma wɔn ho, na wɔnam saayɛ so akɔ so anya din pa Yehowa anim.​—Mmebusɛm 22:1.

11, 12. (a) Ɔwae kɛse no mu mpo, na ɔkwan bɛn so na ebinom bɛyɛ sɛ saa anokwafo “din kakraa bi” a ɛwɔ Sardi no? (b) Ahotɔ bɛn na ɛba maa Kristofo a wɔte sɛ awi Awurade da no mu?

11 Yiw, saa “ntade” no kyerɛ trenee agyirae a obi wɔ sɛ Kristoni. (Fa toto Adiyisɛm 16:15; 19:8 ho.) Ɛbɛyɛ Yesu anigye yiye sɛ obehu sɛ, wɔ nnipa dodow no ara anibiannaso akyi no, “din kakraa bi,” Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ Sardi kakraa bi, da so kura saa agyirae yi mu ara. Saa ara nso na, bere a na wɔtwe wɔn a wose wɔyɛ Kristofo kɔ Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no mu wɔ mfehaha pii ɔwae kɛse no mu no, ɛbɛyɛ sɛ na nnipa ankorankoro kakraa bi wɔ hɔ bere nyinaa a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Yehowa apɛde, nsɛm a emu yɛ den nyinaa akyi. Na eyinom yɛ atreneefo te sɛ awi a ahintaw ɔsom mu akuw nwura bebree mu.​—Adiyisɛm 17:3-6; Mateo 13:24-29.

12 Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛka Kristofo a wɔte sɛ awi yi ho “nna nyinaa de bɛkɔ akosi nneɛma nhyehyɛe no awiei.” Onim nnipa ko a wɔyɛ, ne din pa a wɔanya ama wɔn ho. (Mateo 28:20, NW; Ɔsɛnkafo 7:1) Hwɛ anigye ara a saa anokwafo “kakraa bi” a na wɔda so ara te ase Awurade da no mfiase no wɔ! Awiei no wɔtew wɔn fii Kristoman a awu honhom fam no ho, na wɔboaboaa wɔn ano kɔɔ trenee asafo bi a na ɛte sɛ asafo a na ɛwɔ Smirna no mu.​—Mateo 13:40-43.

13. Nhyira horow bɛn na ɛda hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn a “wonguu wɔn ntade ho fi” no?

13 Wɔn a wɔwɔ Sardi a wodi nokware kodu ase, na wongu wɔn Kristofo agyirae ho fi no nya anidaso bi a ɛyɛ nwonwa mmamu. Bere a wɔde Yesu Mesia Ahenni no sii hɔ 1914 akyi no, wonyan wɔn kɔ honhom asetra mu, na sɛ nkonimdifo no, wɔhyɛ wɔn ntade fitaa de yɛ wɔn trenee a nkekae ne mfomso biara nni mu no ho sɛnkyerɛnne. Esiane sɛ wɔanantew ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so nti, wobenya daa akatua.​—Mateo 7:14; hwɛ Adiyisɛm 6:9-11 nso.

Daa Wɔ Nkwa Nhoma Mu!

14. Dɛn ne “nkwa nhoma” no, na henanom din na wɔakyerɛw wɔ mu?

14 Dɛn ne “nkwa nhoma” no, na henanom din na wɔbɛma atra mu? Nkwa nhoma, anaa nhoma mmobɔwee no ka Yehowa asomfo a wobenya daa nkwa akyɛde no kyerɛwtohɔ ho asɛm. (Malaki 3:16) Wɔ Adiyisɛm mu ha no, wɔhyɛ da ka Kristofo a wɔasra wɔn no din ho asɛm. Nanso wɔkyerɛw wɔn a wobenya daa nkwa wɔ asase so no nso din wom. Afei nso, wobetumi ‘apopa’ edin ahorow afi saa nhoma no mu. (Exodus 32:32, 33) Nanso Yohane kuw no mufo a wɔn din tra nkwa nhoma no mu kodu wɔn wu mu no nsa ka asetra a owu nnim wɔ soro. (Adiyisɛm 2:10) Eyinom ne din a Yesu hyɛ da bɔ wɔ n’Agya ne N’abɔfo anim no. Akatua pa bɛn ara ni!

15. Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no bɛma wɔakyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu a ɛmpopa da?

15 Nnipakuw kɛse a wɔn nso wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu no, befi ahohiahia kɛse no mu aka a wɔanwu. Ɛdenam gyidi a wɔbɛkyerɛ wɔ Yesu Mfirihyia Apem Ahenni no mu nyinaa, ne sɔhwɛ a etwa to a ebedi ɛno akyi aba no mu so no, wɔde daa nkwa wɔ Paradise asase so betua eyinom ka. (Daniel 12:1; Adiyisɛm 7:9, 14; 20:15; 21:4) Ɛno na wɔn din bɛtra nkwa nhoma no mu a ɛrentumi mpopa da. Esiane sɛ wonim nea wɔnam honhom kronkron so de kyerɛ wɔ ha no nti, so womfa anigye nnye Yesu afotu a wati mu aka no so sɛ: “Nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo no” anaa?Adiyisɛm 3:6.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Hwɛ July 15, 2005 ne March 15, 2005 Ɔwɛn-Aban mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 57 mfonini]

Ɛmmra sɛ wo din bɛkɔ so atra nkwa nhoma no mu