Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tɔ Sika a Wɔde Ogya Apa Mu

Tɔ Sika a Wɔde Ogya Apa Mu

Ti 13

Tɔ Sika a Wɔde Ogya Apa Mu

LAODIKEA

1, 2. Ɛhe na asafo ahorow ason a wɔn nsa kaa nkrasɛm fii Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no hɔ no mu nea etwa to no da, na kurow no mu nneɛma no bi ne dɛn?

LAODIKEA ne asafo ahorow ason no mu nea etwa to a enyaa nkrasɛm fii Yesu a wɔanyan no no hɔ. Na asɛm a ɛtew ani, na ɛkanyan anigye bɛn ara na ɛde ma sɛɛ yi!

2 Ɛnnɛ, wubehu Laodikea amamfo no wɔ baabi a ɛbɛn Denizli, bɛyɛ akwansin 55 wɔ Alasehir kesee fam apuei. Afeha a edi kan no mu no, na Laodikea yɛ kuropɔn a ɛrenya nkɔso. Esiane sɛ na ɛda ɔkwantempɔn bi nkwanta so nti, na ɛyɛ sikakorabea ne aguadibea titiriw. Aniduru bi a agye din a na wɔtɔn wɔ hɔ no maa n’ahode kɔɔ anim, na na agye din nso esiane ntade pa a wɔde nguan nhwi tuntum fɛfɛ yɛ wɔ hɔ no nti. Na wɔadi nsu ho a ɛyɛ na, a na ɛne ɔhaw titiriw a ɛwɔ kurow no mu ho dwuma denam nsuka a wotwa too nsuhyew aniwa a ɛwɔ akyirikyiri kakra no mu no so. Ne saa nti, bere a nsu no bedu kurow no mu no, na ayɛ boturobodwo.

3. Yesu fi ne nkrasɛm a ɔde kɔmaa Laodikea asafo no ase dɛn?

3 Na Laodikea bɛn Kolose. Ɔsomafo Paulo rekyerɛw Kolosefo no, ɔbɔ krataa bi a na ɔde akɔma Laodikeafo no din. (Kolosefo 4:15, 16) Yennim nea Paulo kyerɛwee wɔ saa krataa no mu, nanso nkrasɛm a afei Yesu de kɔma Laodikeafo no kyerɛ sɛ wɔatɔ honhom mu tebea bi a ɛyɛ awerɛhow mu. Nanso, sɛnea Yesu taa yɛ no, odi kan ka onii a n’ankasa yɛ no ho asɛm sɛ: “Na Laodikea asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Eyi ne nneɛma a Amen, nokware ɔdansefo ne ɔnokwafo, Onyankopɔn abɔde mfiase no, se.”—Adiyisɛm 3:14, New World Translation.

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ “Amen”?

4 Dɛn nti na Yesu frɛ ne ho sɛ “Amen”? Abodin yi de atemmu tumi bi ka ne nkrasɛm no ho. “Amen” yɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase sɛ “ampa ara,” “ɛmmra mu saa,” na wɔka wɔ mpaebɔ ahorow awiei de si adwene a wɔda no adi wom no so dua. (1 Korintofo 14:16) Yesu ne “Amen” no, efisɛ ne mudi a ɛho nni asɛm ne n’afɔrebɔ wu no sii so dua, na edii adanse sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɛsom bo no nyinaa bɛba mu. (2 Korintofo 1:20) Efi saa bere no, wɔde mpae a wɔbɔ Yehowa nyinaa no fa Yesu so ma ɛfata.​—Yohane 15:16; 16:23, 24.

5. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ “nokware ɔdansefo ne ɔnokwafo”?

5 Yesu yɛ “nokware ɔdansefo ne ɔnokwafo” nso. Nkɔmhyɛ mu no, wɔtaa de no bata nokwaredi, nokware ne trenee ho, efisɛ ɔyɛ nea wotumi de ho to no so koraa sɛ Yehowa Nyankopɔn akoa. (Dwom 45:4; Yesaia 11:4, 5; Adiyisɛm 1:5; 19:11) Ɔne Yehowa Ɔdansefo a ɔkyɛn obiara. Ampa, sɛ “Onyankopɔn abɔde mfiase” no, Yesu aka Onyankopɔn anuonyam fi mfiase pɛɛ. (Mmebusɛm 8:22-30) Sɛ onipa wɔ asase so no, odii nokware no ho adanse. (Yohane 18:36, 37; 1 Timoteo 6:13) Ne wusɔre akyi no, ɔde honhom kronkron hyɛɛ n’asuafo bɔ na osee wɔn sɛ: “[Mobɛyɛ] m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.” Efi Pentekoste 33 Y.B. mu reba no, Yesu akyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn yi kwan wɔ asɛmpa no a wɔka no “wiase abɔde nyinaa mu” no mu. (Asomafo no Nnwuma 1:6-8; Kolosefo 1:23) Ampa, ɛfata sɛ wɔfrɛ Yesu nokware ɔdansefo ne ɔnokwafo. Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ Laodikea no nam ne nsɛm no tie so benya mfaso.

6. (a) Yesu ka asafo a ɛwɔ Laodikea no honhom mu tebea ho asɛm dɛn? (b) Yesu nhwɛso pa bɛn akyi na Kristofo a wɔwɔ Laodikea no antumi anni?

6 Nkrasɛm bɛn na Yesu wɔ ma Laodikeafo no? Onni nkamfo asɛm biara ma wɔn. Ɔka kyerɛ wɔn pefee sɛ: “Minim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwini na wonyɛ hyew. Sɛ woyɛ nwini anaa hyew a, anka eye. Na afei de, sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyew anaa nwini nti, merebɛfe wo mafi m’anom.” (Adiyisɛm 3:15, 16) Wubetie nkrasɛm a ɛte sɛɛ a efi Awurade Yesu Kristo nkyɛn no dɛn? So worensɔre nhwehwɛ wo ho mu nhwɛ anaa? Nokwarem no, ehia sɛ saa Laodikeafo no kanyan wɔn ho, efisɛ wɔabɛyɛ honhom mu anihafo, na ɛda adi sɛ wɔde nneɛma pii di agoru dodo. (Fa toto 2 Korintofo 6:1 ho.) Sɛ Kristofo no, Yesu a anka ɛsɛ sɛ wosuasua no no da nsiyɛ adi wɔ Yehowa ne ne som mu bere nyinaa. (Yohane 2:17) Afei bio, ahobrɛasefo ahu sɛ ne yam ye na odwo bere nyinaa te sɛ nsuonwini kuruwa wɔ da a ɔhyew wom mu. (Mateo 11:28, 29) Nanso Kristofo a wɔwɔ Laodikea no nyɛ hyew na wɔnyɛ nwini nso. Te sɛ nsu a ɛsen ba wɔn kurow no mu no, wɔayɛ boturobodwo. Wɔfata sɛ Yesu pow wɔn koraa, ‘fe wɔn fi n’anom’! Ɛmmra sɛ yɛn de, yɛde nsiyɛ bɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛbɛma afoforo ahome honhom fam te sɛ nea Yesu yɛe no.​—Mateo 9:35-38.

“Wuse: Meyɛ Ɔdefo”

7. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛ faako a Kristofo a wɔwɔ Laodikea no haw no fi ba? (b) Dɛn nti na Yesu se Laodikea Kristofo no yɛ ‘anifuraefo ne dagyawee’?

7 Dɛn titiriw na ɛde Laodikeafo ɔhaw no ankasa bae? Yenya ɛho adwene pa bi fi Yesu nsɛm a edi hɔ no mu: “Efisɛ wuse: Meyɛ ɔdefo na manya me ho, na hwee nhia me, na wunnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufo ne mmɔboroni ne ohiani ne onifuraefo ne dagyawee.” (Adiyisɛm 3:17; fa toto Luka 12:16-21 ho.) Esiane sɛ wɔte kurow bi a ahonyade wom mu nti, na wɔn ahode no ma wogye wɔn ho di. Ɛda adi sɛ na agodibea, adehwɛbea ne agumadibea ahorow no aka wɔn asetra kwan ma enti wɔabɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” * (2 Timoteo 3:4) Nanso na Laodikeafo a wɔanya wɔn ho honam fam no yɛ honhom mu ahiafo. Na ‘ademude kakraa bi na wɔahyehyɛ ɔsoro,’ sɛ na wɔwɔ bi mpo a. (Mateo 6:19-21) Wɔamma wɔn aniwa anyɛ nea eye, na wɔamfa Onyankopɔn Ahenni anni kan wɔ wɔn asetra mu. Nokwarem no, na wɔwɔ sum mu, wɔn ani afura, na wonni honhom mu adehu biara. (Mateo 6:22, 23, 33) Afei nso, ntade fɛfɛ a wɔn honam fam ahonyade betumi ma wɔatɔ no nyinaa akyi no, na wɔda adagyaw wɔ Yesu ani so. Wonni honhom mu ntade biara a ɛbɛma wɔahu wɔn sɛ Kristofo.​—Fa toto Adiyisɛm 16:15 ho.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na tebea bi a ɛte sɛ nea na ɛwɔ Laodikea no wɔ hɔ nnɛ nso? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo binom adaadaa wɔn ho wɔ adifudepɛ wiase yi mu?

8 Tebea a ɛyɛ ahodwiriw bɛn ara ni! Nanso so yɛntaa nhu tebea a ɛte saa ara nnɛ mmere yi mu? Dɛn titiriw na ɛma ɛba saa? Ɛyɛ gye a obi gye ne ho di dodo su a efi ne ho a ɔde to honam fam nneɛma a ɔwɔ ne ɔdesani ade dodow so no mu na ɛba. Te sɛ Kristoman asɔrekɔfo no, Yehowa nkurɔfo binom adaadaa wɔn ho, susuw sɛ wɔnam nhyiam a wɔkɔ no nnakoro nnakoro so bɛsɔ Onyankopɔn ani. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ biribi kakra de akyerɛ sɛ wɔyɛ “asɛm no yɛfo.” (Yakobo 1:22) Kɔkɔbɔ ahorow a efi Yohane kuw no hɔ a wɔde ama mpɛn pii nyinaa akyi no, wɔde wɔn koma si ntade, kar ne afie a ɛyɛ fɛ a aba so, ne ahomegye ne anigyede asetra so. (1 Timoteo 6:9, 10; 1 Yohane 2:15-17) Eyi nyinaa mma wonhu ade yiye wɔ honhom fam. (Hebrifo 5:11, 12) Sɛ anka wɔbɛyɛ boturobodwo atra so mmom no, ehia sɛ wofita ‘honhom mu gya’ no mu, na wɔkyerɛ ahopere a ahomeka wom de ‘ka asɛm no.’—1 Tesalonikafo 5:19; 2 Timoteo 4:2, 5.

9. (a) Yesu nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ epusuw Kristofo a wɔyɛ boturobodwo no, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na asafo no bɛboa “nguan” a wɔafom kwan no?

9 Yesu bu Kristofo a wɔyɛ boturobodwo no dɛn? Ɛsɛ sɛ ne nsɛm a emu da hɔ pefee no pusuw wɔn: “Na wunnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufo ne mmɔboroni ne ohiani ne onifuraefo ne dagyawee.” Wɔn ahonim ano akum akodu baabi a wontumi nhu wɔn tebea a ɛyɛ abofono no mpo. (Fa toto Mmebusɛm 16:2; 21:2 ho.) Wontumi mpia tebea a anibere wom wɔ asafo no mu yi nto nkyɛn sɛ ɛho nhia kɛse. Mpanyimfo ne afoforo a wɔde adwuma ahyɛ wɔn nsa no nam mmɔdenbɔ ho nhwɛso pa a wɔbɛyɛ ne ɔdɔ mu a wobefi ahwɛ nguan no so betumi akanyan “nguan” a wɔrefom kwan yi ma wɔasan aba wɔn kan anigye a ɛne ɔsom a efi koma nyinaa mu no mu bio.​—Luka 15:3-7.

‘Ɔdefo a Wɔbɛyɛ’ ho Afotu

10. Dɛn ne “sika” a Yesu ka kyerɛ Kristofo a wɔwɔ Laodikea sɛ wɔntɔ mfi ne nkyɛn no?

10 So tebea a ɛyɛ awerɛhow a ɛwɔ Laodikea no ano aduru wɔ hɔ? Yiw, sɛ saa Kristofo no bedi Yesu afotu yi akyi a: “Mitu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔapa mu ogya mu, na woanya ade.” (Adiyisɛm 3:18a) Nokware Kristoni “sika” a wɔapa mu ogya mu a wɔayiyi mu fi no nyinaa bɛma wayɛ ‘ɔdefo Onyankopɔn fam.’ (Luka 12:21) Ɛhe na wobetumi atɔ sika a ɛte saa? Ɛnyɛ hɔnom sikakorafo nkyɛn, na mmom Yesu hɔ! Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ nea saa sika no yɛ no mu bere a ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔnhyɛ Kristofo adefo “sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsa nteɛ, na wɔmfa nhyehyɛ ase pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye.” Na ɛnam wɔn ho wɔbɛyere wɔ ɔkwan yi nkutoo so no so na wobetumi ‘aso nokware nkwa no mu pintinn.’ (1 Timoteo 6:17-19) Ɛsɛ sɛ anka Laodikeafo a wɔanya wɔn ho honam fam no di Paulo afotu no akyi na wɔnam saayɛ so abɛyɛ honhom mu adefo.​—Hwɛ Mmebusɛm 3:13-18 nso.

11. Nnɛyi nhwɛso horow bɛn na yɛwɔ a ɛfa wɔn a wɔtɔ “sika a wɔapa mu ogya mu” no ho?

11 So wɔn a wɔtɔ “sika a wɔapa mu ogya mu” no ho nnɛyi nhwɛso ahorow wɔ hɔ anaa? Yiw, wɔwɔ hɔ! Bere a Awurade da no rebɛn no, na Bible asuafo kuw ketewaa bi rehu atoro a Kristoman Babilon nkyerɛkyerɛ ahorow pii, te sɛ Baasakoro, ɔkra a enwu da, hell-gya mu aninyanne, nkokoaa asubɔ ne ahonisom (a mmeamudua ne Maria honi nso ka ho) yɛ no. Kristofo yi bɔɔ Yehowa Ahenni no dawuru sɛ ɛne adesamma anidaso koro pɛ, ne sɛ Yesu ogye afɔre no ne nkwagye nnyinaso wɔ Bible mu nokware a wɔka kyerɛe no mu. Bɛyɛ mfe 40 ansa na 1914 reba no, wɔtwee adwene si saa afe no so sɛ afe a wɔahyɛ no agyirae wɔ Bible nkɔmhyɛ mu sɛ Amanaman no mmere awiei, a nsɛm a ɛyɛ nwonwa besisi wɔ asase so.​—Adiyisɛm 1:10; Luka 21:24-26.

12. Na hena ne wɔn a na wodi anim wɔ Kristofo a wɔrenyan no mu biako, na ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ ademude a wɔhyehyɛ ɔsoro no ho nhwɛso titiriw bi?

12 Onii a na odi Kristofo a wɔrenyan yi anim ne Charles Taze Russell, a 1870 mfe no mfiase mu hɔ no, ɔhyehyɛɛ Bible adesua kuw bi wɔ Allegheny (a mprempren ɛyɛ Pittsburgh fa no), wɔ Pennsylvania, U.S.A. (Amerika). Bere a Russell fii ase hwehwɛɛ nokware no, na ɔne n’agya abom reyɛ adwuma a na wasi kwan so rebɛyɛ osikani a ɔwɔ sika ɔpepem pii. Nanso ɔtɔn n’aguadidan pii no, na ɔde ne sika no boae ma wɔde bɔɔ Onyankopɔn Ahenni no dawuru asase so nyinaa. Afe 1884 mu no, Russell bɛyɛɛ adwumakuw bi a seesei wɔfrɛ no Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no titrani a odi kan. Owui 1916 mu wɔ keteke mu wɔ baabi a ɛbɛn Pampa, Texas, bere a ɔnam kwan so rekɔ New York, a na n’asɛnka akwantu a etwa to a ɔde kɔɔ United States atɔe fam no ama wabrɛ no. Ɔyɛɛ honhom mu ademude a wɔbɛhyehyɛ ɔsoro ho nhwɛso kɛse, nhwɛso a asomfo akwampaefo a wɔde wɔn ho bɔ afɔre ɔpehaha pii di akyi nnɛ.​—Hebrifo 13:7; Luka 12:33, 34; fa to 1 Korintofo 9:16; 11:1, ho hwɛ.

Honhom mu Aniduru a Wɔde Bedi Dwuma

13. (a) Honhom mu aniduru besiesie Laodikeafo no tebea ma ayɛ yiye dɛn? (b) Ntade bɛn na Yesu kamfo kyerɛ, na dɛn ntia?

13 Yesu tu saa Laodikeafo no fo denneennen nso sɛ: “Tɔ . . . atade fitaa na woahyɛ, na w’adagyaw ahohora anna adi, ne aniduru a wode bɛsra w’aniwa, na woahu ade.” (Adiyisɛm 3:18b) Ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ wɔn honhom mu anifurae no ano aduru denam aniduru a Yesu nkutoo na obetumi de ama, na mmom ɛnyɛ nea ɛhɔnom ayaresafo yɛ a wɔbɛtɔ no so. Eyi bɛboa wɔn ma wɔanya honhom mu adehu, na aboa wɔn ma wɔanantew “treneefo kwan” so a wɔde wɔn aniwa a ɛhyerɛn no asi Onyankopɔn apɛdeyɛ so. (Mmebusɛm 4:18, 25-27) Saa kwan no so no, wɔbɛhyɛ “atade [pa] fitaa” a ɛka hokwan a wɔanya sɛ wɔyɛ Yesu Kristo akyidifo no ho asɛm kyerɛ, na ɛnyɛ kuntu tuntum ntade a ne bo yɛ den a wɔyɛ wɔ Laodikea hɔnom no.​—Fa toto 1 Timoteo 2:9, 10; 1 Petro 3:3-5 ho.

14. (a) Honhom mu aniduru bɛn na ɛwɔ hɔ fi 1879? (b) Ɛhe titiriw na Yehowa Adansefo nya sika a wɔde boa wɔn no? (d) Ntoboa a wɔde di dwuma fam no, ɔkwan bɛn so na ɛsono Yehowa Adansefo wɔ afoforo ho?

14 So honhom mu aniduru wɔ hɔ wɔ nnɛ mmere yi mu anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ ebi wɔ hɔ! Afe 1879 mu no, Ɔhwɛfo Russell, sɛnea na wɔtaa frɛ no ɔdɔ kwan so no fii ase tintim nsɛmma nhoma a ɔde pere nokware a nnɛ wonim wɔ wiase nyinaa sɛ Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ no. Ɔkae wɔ nea ɛto so abien a otintimii no mu sɛ: “Yegye di sɛ [nsɛmma nhoma yi] wɔ YEHOWA sɛ n’akyigyinafo, na bere a eyi te saa no, ɛremmisa na ɛrensrɛ nnipa sɛ ennyina akyi da. Sɛ Ɔno a ose: “Mmepɔw so sika ne dwetɛ nyinaa wɔ me” no antumi amfa sika a ehia no amma a, yɛbɛte ase sɛ bere adu sɛ yennyae ne tintim ansa.” Television so asɛnkafo binom anya wɔn ho tam na wɔtra ase sɛ adefo a ɛnyɛ wɔn aniwu (ɛtɔ da bi a, wobu bra bɔne). (Adiyisɛm 18:3) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible Asuafo, a wonim wɔn nnɛ sɛ Yehowa Adansefo no de wɔn ntoboa nyinaa a wɔansrɛsrɛ no hyehyɛ Yehowa Ahenni a ɛreba no ho asɛnka wɔ wiase nyinaa no ma akɔ so. Ɛde bedu nnɛ no, Yohane kuw no na ɛhwɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan nsɛmma nhoma a n’abien nyinaa dodow a wotintim 2006 no nkabom boro ɔpepem 59 no tintim so. Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa horow bɛyɛ 150 mu. Ɛne Kristofo a wɔboro ɔpepem asia asafo no nsɛmma nhoma titiriw, na wɔde saa honhom mu aniduru yi adi dwuma de abue wɔn ani wɔ atoro som ne ntɛmpɛ a egye sɛ wɔka asɛmpa no amanaman nyinaa mu no ho.​—Marko 13:10.

Nkaanim ne Nteɛso mu Mfaso a Yenya

15. Dɛn nti na Yesu de afotu a emu yɛ den ma Kristofo a wɔwɔ Laodikea no, na ɛsɛ sɛ asafo no yɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

15 Momma yɛnsan nkɔ Laodikeafo no hɔ. Wobetie Yesu afotu a emu yɛ den no dɛn? So ɛsɛ sɛ wɔn aba mu bu na wɔte nka sɛ Yesu mpɛ wɔn bio sɛ n’akyidifo anaa? Dabi, asɛm no nte saa koraa. Nkrasɛm no kɔ so ka sɛ: “Dodow a medɔ wɔn no, meka wɔn anim na metwe wɔn aso; enti bɔ mmɔden na sakra w’adwene.” (Adiyisɛm 3:19, NW) Sɛnea ɛte wɔ nteɛso a efi Yehowa hɔ ho no, Yesu nteɛso yɛ ne dɔ ho sɛnkyerɛnne. (Hebrifo 12:4-7) Na ɛsɛ sɛ Laodikea asafo no nya ɔdɔ mu a ofi dwen wɔn ho no mu mfaso, na wɔde n’afotu di dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene, na wohu sɛ wɔn boturobodwoyɛ no kyerɛ bɔneyɛ. (Hebrifo 3:12, 13; Yakobo 4:17) Ɛsɛ sɛ wɔn mpanyimfo no pow honam fam ade dodowpɛ akwan no, na wɔka akyɛde a wɔanya afi Nyankopɔn hɔ no ‘sɔ ano te sɛ ogya.’ Bere a honhom mu aniduru no reyɛ adwuma no, ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa nya ahodwo te sɛ nea wonya fi nsu aniwa a edwo no mu mframa a emu dwo mu no.​—2 Timoteo 1:6; Mmebusɛm 3:5-8; Luka 21:34.

16. (a) Woyi ɔdɔ a Yesu wɔ no adi dɛn nnɛ? (b) Sɛ wɔde afotu a emu yɛ den ma yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

16 Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no nso ɛ? Yesu da so ara ‘dɔ wɔn a wɔyɛ n’ankasa de a wɔwɔ wiase no.’ Eyi na ɔbɛyɛ “nna nyinaa de bɛkɔ akodu nneɛma nhyehyɛe no awiei.” (Yohane 13:1; Mateo 28:20, NW) Ɔnam nnɛyi Yohane kuw no ne nsoromma, anaasɛ mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no so yi ne dɔ adi. (Adiyisɛm 1:20) Mmere a emu yɛ den pii yi mu no, mpanyimfo no ani gye ho yiye sɛ wɔbɛboa yɛn nyinaa, mpanyin ne mmofra, na yɛatra teokrase ban no mu, asiw wiase no ahofadi, honam fam ade dodowpɛ ho anibere ne ɔbrasɛe no ano. Sɛ ɛtɔ da bi na wɔde afotu anaa nteɛso a emu yɛ den ma yɛn a, kae sɛ “nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan.” (Mmebusɛm 6:23) Yɛn nyinaa nyɛ pɛ na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sakra yɛn adwene sɛnea ehia, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasiesie yɛn na yɛatra Onyankopɔn dɔ mu.​—2 Korintofo 13:11.

17. Ɔkwan bɛn so na ahonyade betumi ayɛ honhom mu asiane ama yɛn?

17 Ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma honam fam ade dodowpɛ, ahonyade, anaa ahonyade a yenni no ma yɛyɛ boturobodwo. Ahonyade betumi aboa ma wɔabue hokwan afoforo ama ɔsom, nanso ebetumi ayɛ asiane nso. (Mateo 19:24) Ebia ɔdefo bi bɛte nka sɛ enhia sɛ ɔyɛ nsi wɔ asɛnka adwuma no mu sɛ afoforo, sɛ ɔma ntoboa a ɛkɔ anim wɔ bere ne bere mu nkutoo a. Anaasɛ ebia ɔbɛte nka sɛ ade a ɔwɔ nti, ɛsɛ sɛ onya hokwan ahorow bi. Bio nso, ɔdefo wɔ anigyede pii a afoforo rentumi nya. Nanso saa anigyede no sɛe bere, na ebetumi atwe obi a n’ani nna ne ho so afi Kristofo som adwuma no mu, ma enti ɛbɛma nea ɔnyɛ ahwɛyiye no ayɛ boturobodwo. Momma yɛnkwati mfiri a ɛtete saa nyinaa, na yɛafi koma nyinaa mu akɔ so ‘ayɛ adwuma dennen na yɛayere yɛn ho,’ a yɛhwɛ kwan sɛ yebenya daa nkwa.​—1 Timoteo 4:8-10; 6:9-12.

‘Anwummeduan no Di’

18. Hokwan bɛn na Yesu de si Kristofo a wɔwɔ Laodikea no anim?

18 Yesu kɔ so ka se: “Hwɛ! Migyina ɔpon no ano na mebom. Sɛ obi te me nne na ohiɛ pon no a, mɛba ne fi na me ne no abedi anwummeduan na ɔne me adidi.” (Adiyisɛm 3:20, NW) Sɛ Laodikea Kristofo no begye Yesu aba wɔn asafo no mu a, anka ɔbɛboa wɔn na wɔadi wɔn boturobodwoyɛ no so nkonim!—Mateo 18:20.

19. Na Yesu kyerɛ dɛn, bere a ɔhyɛ bɔ sɛ ɔne asafo a ɛwɔ Laodikea no bedi anwummeduan no?

19 Akyinnye biara nni ho sɛ anwummeduan din a Yesu bɔ no ma Laodikeafo no kae mmere a ɔne n’asuafo didii no. (Yohane 12:1-8) Na mmere horow a ɛtete saa no de honhom mu nhyira horow brɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no bere nyinaa. Saa ara nso na mmere titiriw bae Yesu wusɔre no akyi bere a na ɔne n’asuafo wɔ hɔ redidi no, na saa mmere yi hyɛɛ wɔn den kɛse. (Luka 24:28-32; Yohane 21:9-19) Enti, ne bɔ a ɔhyɛe sɛ ɔbɛba Laodikea asafo no mu na ɔne wɔn abedi anwummeduan no yɛ bɔhyɛ sɛ, sɛ wobegye no nkutoo a, ɔde honhom mu mfaso bebree bɛbrɛ wɔn.

20. (a) Awurade da no mfiase no, dɛn na efii Kristoman boturobodwoyɛ no mu bae? (b) Yesu atemmu no aka Kristoman dɛn?

20 Yesu afotu a ɔdɔ wom a ɔde kɔmaa Laodikeafo no kyerɛ biribi kɛse ma Kristofo nkaefo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no. Eyinom mu binom kae sɛ bere a Awurade da no fii ase no, na Kristoman nyamesomfo ayɛ boturobodwo akodu baabi a ɛyɛ hu. Sɛ anka wobegye Awurade sanba no wɔ 1914 atom mmom no, wɔn asɔfo de wɔn ho hyɛɛ Wiase Nyinaa Ko l a aman 28 a wɔkoe no mu 24 kae sɛ wɔyɛ Kristofo no mu nnipakum no mu. Wɔn mogya ho asodi no so dɛn ara! Wiase Nyinaa Ko ll a Kristoman mu titiriw na wɔkoe no, atoro som nnebɔne ‘toatoae bio koduu soro tɔnn.’ (Adiyisɛm 18:5) Afei nso, na asɔfo no nam Amanaman Apam, Amanaman Nkabom ne ɔmampɛ, ne ɔman anidan ahyehyɛde ahorow, a emu biara nni hɔ a ebetumi anya adesamma nsɛnnennen ano aduru a wogyinaa akyi no so adan wɔn akyi akyerɛ Yehowa Ahenni a ɛreba no. Na Yesu apow asɔfo no dedaw, abu wɔn fɔ atow wɔn akyene, sɛnea ɔpofoni tow nam a enye a wabuma n’asau mu gu no. Kristoman asɔreasɔre no tebea a ɛyɛ awerɛhow nnɛ no di saa n’atemmu no ho adanse. Momma nea awiei koraa no ɛbɛba no so no nyɛ kɔkɔbɔ mma yɛn!—Mateo 13:47-50.

21. Efi 1919 de reba no, Kristofo a wɔwɔ nokware asafo no mu no agye Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Laodikea no so dɛn?

21 Nokware asafo no mu mpo, na boturobodwofo bi wɔ hɔ a wɔte sɛ nsu a ɛnyɛ hyew a ɛbɛka onipa hyew, na ɛnyɛ nwini a ɛbɛma onipa ho adwo no. Nanso Yesu da so ara dɔ n’asafo no yiye. Ɔma Kristofo a wɔde ahɔhoyɛ su gye no no hu no, na bebree agye no, te sɛ nea wogye no ba anwummeduan ase. Esiane eyi nti, fi 1919 reba no, wɔabue wɔn ani ma wɔahu nea Bible nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ. Wɔanya ntease bere kɛse mu anigye.​—Dwom 79:11; 2 Petro 1:19.

22. Daakye anwummeduan bɛn na ebia ɛwɔ Yesu adwene mu, na henanom na wobedi bi?

22 Ebia na Yesu wɔ anwummeduan foforo bi wɔ n’adwenem, bere a na ɔrekasa akyerɛ Laodikeafo no. Akyiri yi yɛkenkan wɔ Adiyisɛm no mu sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔahyia wɔn Oguammaa no ayeforohyia anwummeduan no di ase.” Eyi yɛ nkonimdi apontow kɛse a wɔde yi Yehowa ayɛ bere a ɔde atemmu aba atoro som so no akyi—apontow a Kristo ne n’ayeforo 144,000 no nyinaa nya mu kyɛfa ɔsoro. (Adiyisɛm 19:1-9, NW) Saa tete Laodikea asafo no mufo a wotie—yiw, ne Kristo Yesu nuanom anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ, a wɔhyɛ agyiraehyɛde ntade a ɛho tew sɛ nokware Kristofo a wɔasra wɔn—nyinaa ne wɔn Ayeforokunu no bedi saa anwummeduan no. (Mateo 22:2-13) Ade a tumi wom a ɛbɛka wɔn ma wɔayɛ nsi na wɔasakra wɔn adwene bɛn ara ni!

Ahengua ma Nkonimdifo No

23, 24. (a) Akatua foforo bɛn ho asɛm na Yesu ka? (b) Bere bɛn na Yesu traa ne Mesia ahengua no so, na bere bɛn na ofii ase buu wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no ntɛn? (d) Bɔ a ɛyɛ nwonwa bɛn na Yesu hyɛɛ n’asuafo bere a ɔde ne wu Nkaedi sii hɔ no?

23 Yesu ka akatua foforo bi ho asɛm bio, se: “Nea odi nkonim no, mɛma ɔne me atra m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahengua so no.” (Adiyisɛm 3:21) Esiane sɛ mudi mu kurafo Yesu dii wiase no so nkonim, na wonyan no 33 Y.B. mu, na wɔmaa no so ma ɔne n’Agya traa Ne soro ahengua so nti, ɛmaa Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 110:1, 2 no nyaa mmamu. (Asomafo no Nnwuma 2:32, 33) Afe foforo a nneɛma mu yɛ den, 1914, mu no, Yesu bae sɛ ɔbɛtra n’ankasa Mesia ahengua so sɛ Ɔhene ne Ɔtemmufo. Ɛda adi sɛ atemmu no fii ase fii wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no so 1918 mu. Afei na wobenyan nkonimdifo a wɔasra wɔn a wowuwui ansa na saa bere no reba no ma wɔakɔka Yesu ho n’Ahenni mu. (1 Petro 4:17) Na wahyɛ wɔn eyi ho bɔ, bere a ɔde ne wu no Nkaedi resi hɔ no, na ɔka kyerɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo, na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatra nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”—Luka 22:28-30.

24 Adwuma a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni—sɛ wɔne Ɔhene a ɔredi tumi no bɛtra ase “adebɔ foforo” no mu, na wɔagyina n’afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ no so ne no anya adesamma asoɔmmerɛfo wiase no a wɔbɛma so ma aba Eden pɛyɛ mu! (Mateo 19:28, NW; 20:28) Sɛnea Yohane ka kyerɛ yɛn no, Yesu de wɔn a wodi nkonim no yɛ ‘ahenni, asɔfo ma ne Nyankopɔn ne Agya,’ na wɔatra nhengua a atwa Yehowa ankasa ɔsoro anuonyam ahengua kɛse no ho ahyia so. (Adiyisɛm 1:6; 4:4) Momma yɛn nyinaa—sɛ yɛyɛ wɔn a wɔasra wɔn no mufo anaasɛ asase foforo asafo no mufo a wɔn anidaso ne sɛ wobɛtra Paradise a wɔbɛsan de aba no mu bi—mfa Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ Laodikeafo no nhyɛ yɛn komam!—2 Petro 3:13; Asomafo no Nnwuma 3:19-21.

25. (a) Sɛnea ɛte wɔ nkrasɛm a edi anim no ho no, Yesu wie ne nkrasɛm a wɔde kɔɔ Laodikea no dɛn? (b) Ɛsɛ sɛ Kristofo ankorankoro a wɔwɔ hɔ nnɛ gye Yesu nsɛm a ɔde kɔmaa asafo a ɛwɔ Laodikea no so dɛn?

25 Sɛnea na ɛte kan nkrasɛm ahorow no ho no, Yesu de afotu nsɛm wie eyi nso sɛ: “Nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo no.” (Adiyisɛm 3:22) Yɛakɔ akyiri yiye awiei bere no mu. Adanse no nyinaa atwa yɛn ho ahyia sɛ Kristoman yɛ nwini ɔdɔ fam. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ nokware Kristofo no, momma yɛmfa ɔhyew nye Yesu nkrasɛm a ɔde kɔmaa Laodikea asafo no so, yiw, nnye yɛn Awurade nkrasɛm ason a ɔde kɔmaa asafo ahorow no nyinaa so. Yebetumi ayɛ eyi denam Yesu nkɔmhyɛ kɛse ma yɛn da yi mmamu mu kyɛfa a yebenya ahoɔden so no so sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:12-14.

26. Bere bɛn na Yesu kasa tee kyerɛ Yohane bio, na dɛn mu kyɛfa na onya?

26 Yesu afotu a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no aba awiei. Ɔnnkasa nnkyerɛ Yohane bio wɔ Adiyisɛm no mu kosi ti a etwa to no so; nanso onya anisoadehu ahorow no mu bebree mu kyɛfa, sɛ nhwɛso no, Yehowa atemmu ahorow no ho dwumadi. Afei, momma yɛnkɔka Yohane kuw no ho nhwehwɛ anisoadehu a ɛto so abien a ɛyɛ nwonwa a Awurade Yesu Kristo yii adi no mu nhwɛ.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tete nneɛma akofunufunu mmeae yi wɔ baabi a na Laodikea da no.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 73 adaka]

Honam Fam Ade Dodowpɛ ne Nyansa Asidi

Afe 1956 mu tɔnn no, sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Wobu akontaa sɛ afeha a atwam ni no, na onipa a ɔnkyɛn so biara wɔ nneɛma 72 a ɔpɛ, na wobuu 16 sɛ ahiade. Ɛnnɛ wobu akontaa sɛ onipa a ɔnkyɛn so biara no wɔ nneɛma 474 a ɔpɛ, na wobu emu 94 sɛ ahiade. Afeha a atwam ni no, adetɔnfo de nneɛma 200 hyɛɛ onipa a ɔnkyɛn so biara no so sɛ ɔntɔ—nanso nnɛ de nneɛma 32,000 wɔ hɔ a ɛhwehwɛ sɛ ɔko tia ne tɔ. Onipa ahiade yɛ kakraa bi—nea ɔpɛ de, enni ano.” Ɛnnɛ, wɔde adwene a ɛkyerɛ sɛ honam fam nneɛma ne ahode ne asetra mu ade titiriw no puapua nkurɔfo. Enti, bebree bu ani gu Ɔsɛnkafo 7:12, NW, afotu a nyansa wom no so, nea ese: “Nyansa yɛ ahobammɔ sɛnea sika yɛ ahobammɔ no, nanso nimdeɛ mfaso ne sɛ nyansa gye ne wuranom nkwa.”

[Kratafa 67 mfonini]

Nsu a ebedu Laodikea no bɛyɛ boturobodwo. Na Kristofo a wɔwɔ Laodikea wɔ boturobodwo honhom a ɛmfata