Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔahu Ahintasɛm Bi a Ɛyɛ Nwonwa Ano

Wɔahu Ahintasɛm Bi a Ɛyɛ Nwonwa Ano

Ti 34

Wɔahu Ahintasɛm Bi a Ɛyɛ Nwonwa Ano

1. (a) Dɛn na Yohane yɛ bere a ohu aguaman kɛse no ne n’aboa huhu a ɔte no so no, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na Yohane kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no yɛ ade bere a nsɛm a esisi ma nkɔmhyɛ anisoadehu no nya mmamu no?

DƐN na Yohane yɛ bere a ohu aguaman kɛse no ne aboa huhu a ɔte no so no? Ɔno ankasa bua sɛ: “Na mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa kɛse.” (Adiyisɛm 17:6b) Ná ɔdesani adwenem mfoniniyɛ ara kwa rentumi nyɛ biribi a ɛte saa da. Nanso, na ɛwɔ hɔ—sare so hɔ—aguaman hohwini bi te aboa kɔkɔɔ bi a ne ho yɛ hu so! (Adiyisɛm 17:3) Ɛyɛ Yohane kuw no nso nwonwa kɛse bere a nneɛma ahorow a esisi no ma nkɔmhyɛ anisoadehu no ba mu no. Sɛ nnipa a wɔwɔ wiase tumi hu a, anka wɔbɛteɛm sɛ, ‘Ɛdɛn ni!’ na wiase atumfo begye so aka sɛ, ‘Ɛyɛ nwonwa!’ Nanso anisoadehu no bɛba mu wɔ yɛn bere yi mu ma nnipa ho adwiriw wɔn. Onyankopɔn nkurɔfo anya anisoadehu no mmamu mu kyɛfa bi a ɛyɛ nwonwa dedaw, na eyi ma wɔn awerɛhyem sɛ nkɔmhyɛ no bɛkɔ so ara akodu n’awiei a ɛyɛ nwonwa.

2. (a) Dɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yohane esiane n’ahodwiriw no nti? (b) Dɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ Yohane kuw no, na ɔkwan bɛn so na wɔnam ayɛ eyi?

2 Ɔbɔfo no hu sɛnea asɛm no ayɛ Yohane nwonwa no. Yohane toa so sɛ: “Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwonwa? Mɛka wo ɔbea no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du no ho ahintasɛm no.” (Adiyisɛm 17:7) Yiw, afei ɔbɔfo no bɛkyerɛkyerɛ ahintasɛm no mu! Ɔkyerɛkyerɛ anisoadehu no afã horow ne nsɛm a ɛyɛ nwonwa a ɛrebesisi no mu kyerɛ Yohane a wahan n’ani no. Saa ara nso na bere a Yohane kuw no som wɔ abɔfo akwankyerɛ ase nnɛ no, wɔada nea nkɔmhyɛ no kyerɛ adi akyerɛ wɔn. So ɛnyɛ “Onyankopɔn na nkyerɛase wɔ no” anaa? Te sɛ ɔnokwafo Yosef no, yegye di sɛ saa na ɛte. (Genesis 40:8; fa toto Daniel 2:29, 30 ho.) Wɔde Onyankopɔn nkurɔfo agyina mfinimfini, sɛnea yɛbɛka no no, bere a Yehowa kyerɛkyerɛ anisoadehu no ne sɛnea ɛka wɔn asetra no mu kyerɛ wɔn no. (Dwom 25:14) Ne bere mu pɛpɛɛpɛ no wama wɔate ɔbea no ne aboa no ho ahintasɛm no ase.​—Dwom 32:8.

3, 4. (a) Baguam ɔkasa bɛn na N. H. Knorr mae wɔ 1942 mu, na ɔkwan bɛn so na ɛkyerɛɛ nea aboa kɔkɔɔ no yɛ? (b) Nsɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yohane bɛn ho asɛm na N. H. Knorr kae?

3 Efi September 18 kosi 20, 1942, bere a na Wiase Nyinaa Ko II adu ne pɔmpɔn so no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ United States yɛɛ wɔn Wiase Foforo Teokrase Nhyiam. Wɔnam telefon so kaa Cleveland, Ohio a na ɛne nhyiam kurow titiriw no toaa nhyiam nkurow afoforo 50 mu ma wonyaa nnipa dodow a wɔkɔe a na ɛsen biara a na ɛyɛ 129,699. Baabi a ɔko bere no mu tebea horow no maa hokwan no, nhyiam afoforo tii dwumadi koro no ara mu wɔ wiase nyinaa. Saa bere no, Yehowa nkurɔfo pii hwɛɛ kwan sɛ ɔko no bɛkɔ so ara akowie Onyankopɔn ko Harmagedon mu; enti baguam ɔkasa no asɛmti a ɛne “Asomdwoe—So Ɛbɛkyɛ?” no kanyan akwanhwɛ pii. Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔwɛn Aban Asafo no titrani foforo, N. H. Knorr, atumi aka sɛ ɔreka asomdwoe ho asɛm bere a na ɛte sɛ nea ɛne ɛno bɔ abira ankasa na ɛda hɔ ma amanaman no? * Nea enti a ɛte saa ne sɛ na Yohane kuw no tie Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm “no yiye.”—Hebrifo 2:1; 2 Petro 1:19.

4 Ntease bɛn na ɔkasa “Asomdwoe—So Ebetumi Akyɛ?” no ma wonyae wɔ nkɔmhyɛ no mu? N. H. Knorr rekyerɛ pefee sɛ Adiyisɛm 17:3 aboa kɔkɔɔ no ne Amanaman Apam no, ogyinaa ɔbɔfo no nsɛm a edi so yi a ɔka kyerɛɛ Yohane no so kaa n’adwuma a ɛrentumi nnyina no ho asɛm sɛ: “Aboa a wuhuu no no, da bi ná ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu.”—Adiyisɛm 17:8a.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na “da bi ná aboa . . . no wɔ hɔ” na afei “onni hɔ”? (b) N. H. Knorr maa asemmisa “So Apam no bɛka bun no mu anaa?” no ho mmuae dɛn?

5 “Aboa . . . no, da bi na ɔwɔ hɔ.” Yiw, na atra hɔ sɛ Amanaman Apam fi January 10, 1920, na ɛtɔ da bi a, na aman 63 na ɛwom. Nanso, Japan, Germany ne Italy fii Apam no mu mmiako mmiako, na woyii kan Soviet Union fii mu. September 1939 mu no, Germany Nasi katabaako sodifo no fii Wiase Nyinaa Ko II no ase. * Esiane sɛ Amanaman Apam no antumi amma asomdwoe antra wiase nti, ɛkame ayɛ sɛ Amanaman Apam no tɔɔ bun bi a ahokeka biara nni mu mu. Ebeduu 1942 mu no, na abɛyɛ nea da bi na ɔwɔ hɔ. Ɛnyɛ bere yi anaa ɛno akyi bere foforo bi—na mmom saa bere titiriw no mu na Yehowa kyerɛɛ anisoadehu no ho ntease a emu dɔ no nyinaa mu kyerɛɛ ne nkurɔfo. Wiase Foforo Teokrase Nhyiam no ase no, na N. H. Knorr tumi pae mu ka ma ɛne nkɔmhyɛ no hyiae sɛ ‘aboa no nni hɔ.Afei obisae sɛ, “So Apam no bɛka bun no mu anaa?” Ɔfaa Adiyisɛm 17:8 mu asɛm kae na obuae sɛ: “Wiase aman nkabom no bɛsɔre bio.” Sɛnea ɛyɛe ara ne no—de maa Yehowa nkɔmhyɛ Asɛm no baa mu ampa!

Bun no mu a Obefi Aba

6. (a) Bere bɛn na aboa kɔkɔɔ no foro fii bun no mu bae, na din foforo bɛn na ɔde bae? (b) Dɛn nti na nokwarem no, Amanaman Nkabom no yɛ aboa kɔkɔɔ no a wɔasan de no aba?

6 Aboa kɔkɔɔ no foro fii bun no mu bae ampa. June 26 1945 mu no, aman 50 de hooyɛ tow aba wɔ San Francisco, U.S.A., sɛ wonnye Amanaman Nkabom ahyehyɛde no Mmara no ntom. Na kuw yi bɛhwɛ ma “amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra atra hɔ.” Na nsɛdi pii wɔ Apam no ne Amanaman Nkabom no ntam. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Akwan bi so no, Amanaman Nkabom no sɛ Amanaman Apam a wɔhyehyɛe Wiase Nyinaa Ko I akyi no . . . Aman a wɔde Amanaman Nkabom no sii hɔ no mu bebree na wɔde Apam no nso sii hɔ. Te sɛ Apam no, wɔde Amanaman Nkabom no sii hɔ na aboa ama asomdwoe atra amanaman ntam. Amanaman Nkabom no nhyehyɛe atitiriw no te sɛ Apam no de no ara.” Ɛnde na Amanaman Nkabom no yɛ aboa kɔkɔɔ no a wɔasan de no aba ankasa. Emufo bɛyɛ aman 190 no dɔɔso koraa sen Apam no de 63 no; ɛde asɛyɛde a ɛdɔɔso koraa sen nea adi n’anim no de ato ne ho so.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na aboa kɔkɔɔ no a ɔsan bae no ho yɛɛ asase sotefo nwonwa ma wɔkamfoo no? (b) Botae bɛn na Amanaman Nkabom no nsa nkae, na dɛn na ne kyerɛwfo panyin no kae wɔ eyi ho?

7 Mfiase no, wonyaa Amanaman Nkabom no ho anidaso akɛse. Na eyi yɛ nea ɛma ɔbɔfo no nsɛm no ba mu sɛ: “Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase so a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu no nwonwa sɛ wobehu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.” (Adiyisɛm 17:8b) Asase sotefo akamfo ohoni foforo kɛse a efi ne dwumadibea ti a ɛwɔ New York East River so di dwuma yi. Nanso Amanaman Nkabom no ntumi mfaa asomdwoe ne dwoodwoo asetra mmae ɛ. Wɔ afeha a ɛto so 20 no fã kɛse no ara mu no, “wɔn ho wɔn ho a wɔbɛsɛe”—a wotwa no tiaa sɛ MAD no ho hu na ama wiase asomdwoe atra hɔ na akodeyɛ ho akansi no akɔ so anya nkɔanim. Amanaman Nkabom mmɔden a ɛde bɛyɛ mfe 40 abɔ akyi no, ne kyerɛwfo panyin, Javier Pérez de Cuéllar a na ɔwɔ hɔ saa bere no dii yaw wɔ 1985 mu sɛ: “Kateefo bere foforo mu na yɛte yi, na yennim nea yɛbɛyɛ wɔ ho.”

8, 9. (a) Dɛn nti na Amanaman Nkabom no nni wiase nsɛnnennen no ano aduru, na dɛn na ɛbɛba no so nnansa yi ara sɛnea Onyankopɔn ahyɛde te? (b) Dɛn nti na wɔnkyerɛw wɔn a wɔde Amanaman Nkabom no bae ne wɔn a wɔkamfo no no din wɔ Onyankopɔn “nkwa nhoma” no mu? (d) Dɛn na Yehowa Ahenni no betumi ayɛ?

8 Amanaman Nkabom no nni ano aduru. Na dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ adesamma nyinaa Nkwamafo no na ɔde Amanaman Nkabom no bae. Ne nkwa nna bɛyɛ tiaa, efisɛ sɛnea Onyankopɔn ahyɛ no, ɛbɛkɔ “ɔsɛe mu.” Wɔnkyerɛw wɔn a wɔde Amanaman Nkabom no sii hɔ ne wɔn a wɔkamfo no no din wɔ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa nnebɔneyɛfo a wowuwu a wɔn mu pii di Onyankopɔn din ho fɛw atumi afa Amanaman Nkabom no so anya nea Yehowa Nyankopɔn aka sɛ ɔbɛyɛ, a ɛnyɛ adesamma so na ɔnam na mmom denam ne Kristo Ahenni no so no?—Daniel 7:27; Adiyisɛm 11:15.

9 Nokwarem no, Amanaman Nkabom no yɛ Onyankopɔn Mesia Ahenni a ɛnam n’Asomdwoe Hene Yesu Kristo—nea n’ahenni tumidi to rentwa da—no ho asuasuade a ɛyɛ abusude. (Yesaia 9:6, 7) Sɛ Amanaman Nkabom no tumi de asomdwoe ba bere tiaa bi mpo a, ɛrenkyɛ na ɔko aba bio. Eyi ne nnipa nnebɔneyɛfo su. “Wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu.” Ɛnyɛ sɛ Yehowa Ahenni a ɛnam Kristo so no de daa asomdwoe bɛba asase so nko, na mmom, ɛdenam Yesu ogye afɔre no so no, obenyan awufo, atreneefo ne wɔn a wɔnteɛ a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Obiara a wagyina pintinn wɔ Satan ne n’asefo ntua nyinaa akyi ne afoforo a wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ asoɔmmerɛwfo, ka eyi ho. Ɛda adi pefee sɛ wɔn a wɔde wɔn ho bata Babilon Kɛse ho dennen anaa obiara a ɔkɔ so kotow aboa no honi no din renkɔ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu da.​—Exodus 32:33; Dwom 86:8-10; Yohane 17:3; Adiyisɛm 16:2; 17:5.

Asomdwoe ne Dwoodwoo Asetra—Anidaso Hunu

10, 11. (a) Dɛn na Amanaman Nkabom no bɔɔ no dawuru wɔ 1986 mu, na wɔyɛɛ ho ade dɛn? (b) “Nyamesom mmusuakuw” ahe na wohyiaa mu wɔ Assisi, Italy, na wɔbɔɔ asomdwoe ho mpae, na so Onyankopɔn bua mpaebɔ a ɛte saa no anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Bere a Amanaman Nkabom no rebɔ mmɔden sɛ ɛbɛhyɛ adesamma anidaso ahorow mu den no, ɛkae sɛ 1986 bɛyɛ “Amanaman Ntam Asomdwoe Afe,” a na asɛmti ne sɛ “Wɔde Bɛbɔ Asomdwoe Ne Adesamma Daakye Ho Ban.” Wɔka kyerɛɛ aman a wɔne wɔn ho wɔn ho ko no sɛ wɔmmfa wɔn akode ngu hɔ, anyɛ yiye koraa no, afe biako. Dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Sɛnea Amanaman Ntam Asomdwoe Nhwehwɛmu Ahyehyɛde no amanneɛbɔ kyerɛ no, 1986 nkutoo mu akodi kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem anum! Ɛwom sɛ wɔhyɛɛ da yɛɛ sika ne stamp ahorow a wɔde kae de, nanso aman no mu dodow no ara anyɛ biribi titiriw biara a wɔde tiw asomdwoe ho adwene saa afe no mu. Nanso wiase nyamesom ahorow—a mmere nyinaa wɔn ho pere wɔn sɛ wɔne Amanaman Nkabom no bɛfa ayɔnko—no kɔɔ so bɔɔ afe no ho dawuru akwan horow so. January 1, 1986 no, Paapa John Paul II kamfoo Amanaman Nkabom no dwumadi na ohyiraa afe foforo no so maa asomdwoe. Na October 27 no, ɔboaboaa wiase nyamesom no mu bebree mpanyimfo ano wɔ Assisi, Italy, ma wɔbɔɔ asomdwoe ho mpae.

11 So Onyankopɔn bua asomdwoe ho mpaebɔ a ɛte saa no anaa? Wiɛ, na Onyankopɔn bɛn na saa nyamesom mpanyimfo no bɔ no mpae? Sɛ wubisa wɔn a, kuw biara bɛma mmuae soronko. So asɔredan bi wɔ hɔ a anyame ɔpepem pii wom a wobetumi atie na wɔayɛ adesrɛ ahorow a wɔnam akwan bebree so asrɛ no anaa? Wɔn a wɔkɔɔ bi no mu pii sɔre Kristoman Baasakoro no. * Budhafo, Hindufo ne afoforo de mpaebɔ yɛɛ dwom to maa anyame pii a wonnim wɔn dodow. Ne nyinaa mu no, “nyamesom mmusuakuw” 12 na ehyiae a na atitiriw te sɛ Canterbury Anglican Ɔsɔfo panyin, Budhasom Dalai Lama, Rusia Ortodoks asɔre panyin, Tokyo Shinto Abosomfi Nkabom no titrani, Afrika abosonsomfo ne Amerika Indiafo baanu a wɔhyehyɛ ntakra kyɛw no gyina wɔn ananmu. Na ɛyɛ kuw a ɛyɛ fɛ yiye, sɛ yɛbɛka no tiaa a, na eye sɛ woyi no TV so. Kuw biako de nnɔnhwerew 12 na ɛbɔɔ mpae bere koro mu a wɔannyae. (Fa toto Luka 20:45-47 ho.) Nanso so saa mpaebɔ no mu bi foro kɔɔ soro traa suwusiw a ɛkata saa nhyiamfo no so no anaa? Dabi, esiane nea edidi so yi nti:

12. Dɛn nti na Onyankopɔn ammua wiase nyamesom mu mpanyimfo asomdwoe ho mpae ahorow a wɔbɔe no?

12 Nea ɛne wɔn a wɔnantew “Yehowa din mu” no bɔ abira no, saa nyamesomfo no mu biako mpo ammɔ Yehowa, Onyankopɔn teasefo, a ne din pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ mfitiase Bible nkyerɛwee no mu no mpae. (Mika 4:5; Yesaia 42:8, 12) * Sɛ kuw no, wɔankɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ Yesu din mu, na na wɔn mu dodow no ara nnye Yesu Kristo nni mpo. (Yohane 14:13; 15:16) Wɔn mu biara nyɛ Onyankopɔn apɛde a ɛwɔ hɔ ma yɛn da yi, a ɛne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no ho asɛm wiase nyinaa—ɛnyɛ Amanaman Nkabom—akyerɛ sɛ adesamma anidaso ankasa. (Mateo 7:21-23; 24:14; Marko 13:10) Titiriw no, wɔn nyamesom ahyehyɛde ahorow no de wɔn ho ahyɛ abakɔsɛm mu ɔko ahorow a wɔahwie mogya bebree agu wom no mu, a afeha a ɛto so 20 yi mu wiase ko ahorow abien no nso ka ho. Wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn ka kyerɛ wɔn sɛ: “Sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie: mogya ayɛ mo nsa mama.”—Yesaia 1:15; 59:1-3.

13. (a) Dɛn nti na wiase nyamesom mpanyimfo ne Amanaman Nkabom no a wɔyɛ biako hwehwɛ asomdwoe no kyerɛ biribi? (b) Asomdwoe ho nteɛm no bɛkɔ akowie awiei bɛn a Onyankopɔn aka asie mu?

13 Afei nso, sɛ wiase nyamesom mu mpanyimfo ne Amanaman Nkabom no bɛyɛ biako de ahwehwɛ asomdwoe saa bere yi mu no kyerɛ biribi. Wɔbɛhwehwɛ sɛ wonya Amanaman Nkabom no so nkɛntɛnso na wɔde anya wɔn ankasa mfaso, titiriw no nnɛ mmere yi mu bere a wɔn nkurɔfo pii regyaw wɔn nyamesom no. Te sɛ tete Israel mpanyimfo a wɔanni nokware no, wɔka sɛ, “Asomdwoe! Asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ.” (Yeremia 6:14) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn asomdwoe ho nteɛm no bɛkɔ so aforo soro araa de aboa awiei a ɔsomafo Paulo hyɛɛ ho nkɔm sɛ: “[Yehowa] da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan” no.​—1 Tesalonikafo 5:2, 3.

14. Ɔkwan bɛn so na “Asomdwoe ne ahotɔ!” nteɛm no bɛba, na ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi akwati daadaa a ɛbɛdaadaa no?

14 Mfe kakra ni no, amammuifo de asɛm “asomdwoe ne ahotɔ!” no atwe adwene asi nnipa nhyehyɛe ahorow so. So saa mmɔden a wiase akannifo bɔ no kyerɛ sɛ 1 Tesalonikafo 5:3 afi ase renya mmamu? Anaasɛ na Paulo retwe adwene asi asɛnkɛse pɔtee bi a ebesi a wiase no behu so? Esiane sɛ yɛtaa te Bible mu nkɔmhyɛ ase koraa wɔ bere a anya mmamu no akyi nti, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn na yɛhwɛ nea ɛbɛba. Nanso, Kristofo nim sɛ asomdwoe ne ahotɔ biara a ɛbɛyɛ sɛ amanaman no anya no renyɛ nsakrae titiriw biara. Pɛsɛmenkominya, nitan, awudi, mmusua mu mpaapaemu, ɔbrasɛe, nyarewa, awerɛhow ne owu bɛkɔ so atra hɔ. Ɛno nti na ɛnsɛ sɛ woma “asomdwoe ne ahotɔ” a wɔbɛka biara no daadaa wo, bere a wuhu nea nsɛm a esisi wɔ wiase no kyerɛ na wutie Onyankopɔn Asɛm mu nkɔmhyɛ a ɛyɛ kɔkɔbɔ no.​—Marko 13:32-37; Luka 21:34-36.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 J. F. Rutherford wui January 8, 1942, na N. H. Knorr besii n’ananmu sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani.

^ nky. 5 November 20, 1940 mu no, Germany, Italy, Japan ne Hungary de wɔn nsa hyɛɛ “Amanaman Apam foforo” ase, na ɛno akyi nnannan no Vatican nam radio so bɔɔ Mass na ɔbɔɔ mpae srɛɛ nyamesom asomdwoe ne nneɛma nhyehyɛe foforo. Saa “Apam foforo” no anyɛ yiye da.

^ nky. 11 Baasakoro ho adwene no fi tete Babilon, baabi a wɔsɔree owia nyame Shamash, ɔsram nyame Sin ne nsoromma nyame Ishtar sɛ baasakoro no. Misraim dii nhwɛso koro no ara akyi, sɔree Osiris, Isis ne Horus. Wɔyɛ Asiria nyame panyin Asshur ho mfonini sɛ ɔwɔ ti abiɛsa. Wɔ nhwɛso koro no ara akyidi mu no, wohu ahoni ahorow wɔ Katolekfo asɔredan ahorow mu a wɔayɛ Onyankopɔn ho mfonini sɛ ɔwɔ ti abiɛsa.

^ nky. 12 Webster’s Third New International Dictionary, 1993 de no kyerɛ Yehowa Nyankopɔn ase sɛ “onyame pumpuni a ɔno nkutoo na Yehowa Adansefo gye no tom na wɔsɔre no.”

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 250 adaka]

“Asomdwoe” Abirasɛm No

Ɛwom sɛ Amanaman Nkabom no kae sɛ 1986 yɛ Amanaman Ntam Asomdwoe Afe de, nanso akode a wɔde bedi wɔn ho dɔm ho akansi nyaa nkɔanim. Nhoma World Military and Social Expeditures 1986 de nokwasɛm a ɛma onipa dwen yi ma:

1986 mu no, ka a wɔbɔe wɔ sraadi ho wɔ wiase nyinaa no duu dɔla ɔpepepem 900.

Sraadi ho ka a wɔbɔ wɔ dɔnhwerew biako mu wɔ wiase nyinaa no betumi ama wɔde nnuru asesa nnipa ɔpepem 3.5 a wowuwu afe biara no de abɔ wɔn ho ban wɔ nsanyare ho.

Wiase nyinaa no, nnipa baanum biara mu biako yɛ ohiani buruburoo. Anka wobetumi de sika a wiase no sɛe de yɛ nnanu akode no ahwɛ nnipa a ɔkɔm rekum wɔn yi nyinaa afe biako.

Ɔtopae ahoɔden a ɛwɔ wiase nuklea akode a wɔaboaboa ano no mu no boro nea ɛpaee wɔ Chernobyl no so mpɛn 160,000,000.

Wobetumi atow nuklea ɔtopae a n’ahoɔden boro ɔtopae a wotow guu Hiroshima so wɔ 1945 mu no so mpɛn 500.

Nea ɛboro Hiroshima de no so mpɛn ɔpepem biako na ɛwɔ ɛnnɛ nuklea akode korabea no mu. Na egyina hɔ ma ɔtopae ahoɔden a wogyaw gui wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu no mpɛn 2,700, bere a nnipa ɔpepem 38 wuwui no.

Akodi adɔɔso ntɛmntɛm na ekunkum nnipa kɛse. Na wɔn a wowuwui wɔ ɔko mu wɔ afeha a ɛto so 18 mu no dodow si ɔpepem 4.4, ɔpepem 8.3 wɔ afeha a ɛto so 19 mu, ɔpepem 98.8 wɔ afeha 20 no mfe 86 a edi kan no mu. Efi afeha a ɛto so 18 de reba no, ɔko mu atɔfo dodow akɔ anim mpɛn asia sen sɛnea wiase nnipa dodow akɔ anim. Afeha a ɛto so 20 mu ɔko biara mu atɔfo dodow yɛ afeha a ɛto so 19 mu de no mpɛn du.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 247]

Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm faa aboa kɔkɔɔ no ho no, Amanaman Apam no kɔɔ bun mu Wiase Nyinaa Ko II no mu nanso wɔsan de bae sɛ Amanaman Nkabom

[Kratafa 249 mfonini ahorow]

Sɛ nea wiase nyamesom ahorow de boa Amanaman Nkabom “Asomdwoe Afe” no, wɔn ananmusifo bɔɔ mpae ahorow wɔ Assisi, Italy, nanso wɔn mu biako mpo ammɔ Onyankopɔn teasefo Yehowa mpae