Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔasɛe Kurow Kɛse No

Wɔasɛe Kurow Kɛse No

Ti 36

Wɔasɛe Kurow Kɛse No

Anisoadehu 12​—Adiyisɛm 18:1–19:10

Asɛmti: Babilon Kɛse asehwe ne ne sɛe; wɔbɔ Oguammaa no ayeforohyia no ho amanneɛ

Bere a enya mmamu: Efi 1919 kosi ahohiahia kɛse no mu

1. Dɛn na ɛbɛhyɛ ahohiahia kɛse no mfiase agyirae?

MPOFIRIM, ahodwiriw, ɔsɛe pasaa—sɛnea Babilon Kɛse no wu bɛyɛ nen! Ɛbɛyɛ abakɔsɛm nyinaa mu nsɛm a ɛyɛ hu sen biara no mu biako, na ɛbɛyɛ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da” no mfiase.​—Mateo 24:21.

2. Ɛwom sɛ amammui ahemman ahorow asɔresɔre na ahwehwe ase de, nanso ahemman bɛn na akɔ so atra hɔ?

2 Atoro som atra hɔ akyɛ. Atra hɔ fi mogyapɛfo Nimrod a ɔsɔre tiaa Yehowa na ɔhyɛɛ nnipa ma wɔtoo Babel aban tenten no bere so ara abedu nnɛ. Bere a Yehowa yɛɛ atuatewfo no kasa basabasa na ɔbɔɔ wɔn petee asase so nyinaa no, Babilon atoro som ne wɔn kɔe. (Genesis 10:8-10; 11:4-9) Efi saa bere no, amammui ahemman ahorow asɔre na ahwehwe ase, nanso Babilon nyamesom atra hɔ. Ada ne ho adi akwan ne su horow bebree mu, ma abɛyɛ wiase nyinaa atoro som ahemman, Babilon Kɛse a wɔhyɛɛ ho nkɔm no. Ne fã titiriw ne Kristoman a efi tete Babilon nkyerɛkyerɛ ahorow ne “Kristosom” a awae no nkyerɛkyerɛ a wɔde afrafra no mu bae no. Babilon Kɛse ho abakɔsɛm a akyɛ yiye no nti, ɛyɛ den ma nkurɔfo pii sɛ wobegye adi sɛ wɔbɛsɛe no.

3. Adiyisɛm si atoro som sɛe so dua dɛn?

3 Enti ɛfata sɛ Adiyisɛm si atoro som atemmu so dua denam nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri abien a ɛfa n’asehwe ne nsɛm a ɛbɛtoatoa so asisi a ɛde ne sɛe koraa bɛba no so. Yɛahu no sɛ “aguaman kɛse” a awiei no ne kan adɔfo a wɔyɛ amammuifo bɛyɛ no pasaa dedaw. (Adiyisɛm 17:1, 15, 16) Afei, anisoadehu foforo nso mu no, yebehu no sɛ kurow bi, tete Babilon nyamesom nsɛso.

Babilon Kɛse no Hwe Ase

4. (a) Anisoadehu bɛn na Yohane hu bio? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ahu ɔbɔfo ko, na dɛn nti na ɛfata sɛ ɔno na ɔka Babilon Kɛse no asehwe ho asɛm kyerɛ?

4 Yohane toa asɛm no so, na ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Na eyinom akyi no mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro sian ba, na ɔwɔ ahoɔden kɛse, na n’anuonyam nti asase haranee! Na ɔde nne a emu yɛ den teɛɛm sɛ: Wahwe ase, Babilon kɛse no ahwe ase.” (Adiyisɛm 18:1, 2a) Ɛne ne mprenu so a Yohane ate saa asɛm a ɔbɔfo ka no. (Hwɛ Adiyisɛm 14:8.) Nanso afei de ɔsoro ɔbɔfo no ahoɔfɛ si nea ɛkyerɛ no so dua, efisɛ n’anuonyam ma asase no nyinaa haran! Obetumi ayɛ hena? Mfehaha ansa na ɛno reba no, bere a odiyifo Hesekiel rebɔ ɔsoro anisoadehu bi ho amanneɛ no, ɔkae sɛ ‘Yehowa anuonyam maa asase haranee.’ (Hesekiel 43:2) Ɔbɔfo a ne nkutoo haran anuonyam mu te sɛ Yehowa no bɛyɛ Awurade Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn “anuonyam no haran ne ne su sɛso” ankasa no. (Hebrifo 1:3) Wɔ 1914 mu no, Yesu bɛyɛɛ Ɔhene wɔ soro, na efi saa bere no ɔredi asase nyinaa so tumi sɛ Ɔhene ne Ɔtemmufo a ɔka Yehowa ho. Ɛnde na ɛfata sɛ ɔno na ɔka Babilon Kɛse no asehwe kyerɛ.

5. (a) Henanom na ɔbɔfo no de wɔn di dwuma de bɔ Babilon Kɛse no asehwe ho dawuru? (b) Bere a atemmu fii ase wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ “Onyankopɔn fi” so no, ɛtoo Kristoman dɛn?

5 Henanom na ɔbɔfo a ɔwɔ tumi kɛse yi de wɔn di dwuma de ka anwonwasɛm yi kyerɛ adesamma? Ɛyɛ nkurɔfo a wogyaa wɔn esiane saa asehwe no nti, wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔwɔ asase so no, Yohane kuw no. Efi 1914 kosi 1918 mu no, eyinom huu amane kɛse wɔ Babilon Kɛse no nsam, nanso wɔ 1918 mu no, Awurade Yehowa “ne [Abraham] apam bɔfo,” Yesu Kristo fii atemmu ase “Onyankopɔn fi,” wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo so. Enti wodii Kristoman a awae no asɛm. (Malaki 3:1; 1 Petro 4:17) Mogya ho fɔ kɛse a edii wiase ko a edi kan no mu, ne ho a ɛde hyɛɛ mu taa Yehowa Adansefo anokwafo ne ne Babilon gyidikasɛm ahorow no ammoa no atemmu bere no mu; na na Babilon Kɛse no fa biara nso mfata Onyankopɔn anim.​—Fa toto Yesaia 13:1-9 ho.

6. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ Babilon Kɛse hwee ase wɔ 1919 mu?

6 Enti wɔ 1919 mu no ná Babilon Kɛse no ahwe ase, na ebuee kwan ma wogyaa Onyankopɔn nkurɔfo, na sɛnea yɛbɛka no no, da koro wɔsan de wɔn baa wɔn honhom mu yiyedi asase so bio. (Yesaia 66:8) Eduu saa afe no so no, na Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo, Dario Ɔkɛseɛ ne Kores Ɔkɛseɛ akyerɛkyerɛ nneɛma kwan ma enti atoro som rentumi nnya Yehowa nkurɔfo so tumi bio. Na ɛrentumi nsiw wɔn Yehowa a wɔsom no no ne wɔn a wobetie nyinaa a wɔbɛma wɔahu sɛ wɔrebɛsɛe Babilon Kɛse a ɛte sɛ aguaman na Yehowa amansan tumidi no ho a wɔbɛsan no abɛn no kwan bio!—Yesia 45:1-4; Daniel 5:30, 31.

7. (a) Ɛwom sɛ wɔansɛe Babilon Kɛse wɔ 1919 mu de, nanso Yehowa buu no dɛn? (b) Bere a Babilon Kɛse no hwee ase wɔ 1919 mu no, dɛn na efii mu baa Yehowa nkurɔfo so?

7 Ampa, wɔansɛe Babilon Kɛse no wɔ 1919 mu—sɛnea nso wɔansɛe tete Babilon kurow no wɔ 539 A.Y.B. mu, bere a Persiani Kores asraafo dɔm dii so nkonim no. Nanso wɔ Yehowa ani so no, na saa ahyehyɛde no ahwe ase. Ná wadi atemmu mu fɔ, ma ɔtwɛn ne sɛe; enti atoro som rentumi mfa Yehowa nkurɔfo nnommum bio. (Fa toto Luka 9:59, 60 ho.) Ná wɔagyaa eyinom sɛ wɔnsom sɛ owura no akoa nokwafo ne ɔbadwemma na wɔmmfa honhom mu aduan mma bere a ɛsɛ mu. Na wɔabu wɔn ntɛn ama wɔn “Amo” na wɔde adwuma ahyɛ wɔn nsa bio sɛ wɔnkɔyɛ Yehowa adwuma kɛse.​—Mateo 24:45-47; 25:21, 23; Asomafo no Nnwuma 1:8.

8. Asɛm bɛn na Yesaia 21:8, 9 mu ɔwɛmfo no bɔ ho dawuru, na hena ho mfonini na saa ɔwɛmfo no yɛ nnɛ?

8 Mfe mpempem a atwam mu no, Yehowa de adiyifo afoforo dii dwuma ma wɔkaa asɛnkɛse a ɛbɛba yi siei. Yesaia kaa ɔwɛmfo bi a “ɔteɛɛm sɛ gyata sɛ: O [Yehowa], migyina awɛnee ha ara adesae, na migyina m’ahwɛe ara anadwo nyinaa” ho asɛm. Na dɛn na ɔwɛmfo no hui a ɔde akokoduru a ɛte sɛ gyata ka kyerɛe no? Eyi: “Ahwe ase oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, [Yehowa] abubu agu fam.” (Yesaia 21:8, 9) Ɔwɛmfo yi yɛ Yohane kuw a n’ani da hɔ yiye nnɛ no ho mfonini ma ɛfata, bere a ɛde Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no ne teokrase nhoma ahorow di dwuma de bɔ dawuru kyerɛ wiase nyinaa sɛ Babilon ahwe ase no.

Babilon Kɛse no Asehwe

9, 10. (a) Babilon nyamesom nkɛntɛnso so atew wɔ dɛn mu fi Wiase Nyinaa Ko I? (b) Ɔbɔfo ɔhoɔdenfo no ka Babilon Kɛse asehwe tebea no ho asɛm dɛn?

9 Tete Babilon asehwe wɔ 539 A.Y.B. mu no yɛ n’asehwe a ɛkyɛe a ekowiee n’amamfoyɛ mu no mfiase. Saa ara nso na efi wiase ko a edi kan no so reba yi, Babilon nyamesom nkɛntɛnso no so ahuan ara yiye wɔ wiase nyinaa. Wɔ Japan no, woguu Shinto ɔhempɔn som wɔ wiase ko a ɛto so abien no akyi. Wɔ China no, Komunist nniso no na edi wɔn a wɔde wɔn sisi nyamesom dibea ahorow ne ne dwumadi so. Europa atifi fam a wɔyɛ Protestantfo mu no, nkurɔfo no mu dodow no ara mfa ɔsom asɛnhia. Na mpaapaemu ne akasakasa a ɛwɔ Roman Katolek Asɔre no mu no ama ayɛ mmerɛw nnansa yi wɔ ne tumi a ɛwɔ wɔ wiase nyinaa no mu.​—Fa toto Marko 3:24-26 ho.

10 Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɛrekɔ so yi nyinaa yɛ ‘asubɔnten Eufrate a ɛreyow’ na asiesie ɔkwan ama ntua a asraafo dɔm de bɛba Babilon Kɛse no fã so. ‘Ne yow’ yi da adi wɔ nea paapa no kae wɔ October 1986 mu sɛ ɛsɛ sɛ “asɔre no bɛyɛ ɔdesrɛfo bio”—esiane ka kɛse a abɔ no nti. (Adiyisɛm 16:12) Titiriw no, efi 1919 reba yi na Babilon Kɛse no ho ada hɔ ama aman nyinaa ahu no sɛ honhom mu asase bi a awu, sɛnea ɔbɔfo ɔhoɔdenfo no ka wɔ ha no: “Na adan ahonhommɔne trabere ne ahonhom fĩ nyinaa atɛwee ne nnomaa a wɔyɛ fĩ na wokyi wɔn nyinaa atɛwee.” (Adiyisɛm 18:2b) Ɛrenkyɛ ɛbɛyɛ asase a awu ankasa, a asɛe te sɛ Babilon amamfõ a ɛwɔ nnɛyi Iraq no.​—Hwɛ Yeremia 50:25-28 nso.

11. Ɔkwan bɛn so na Babilon Kɛse abɛyɛ “ahonhommɔne trabere” ne ‘ahonhom fĩ nyinaa ne nnomaa a wɔyɛ fi na wokyi wɔn atɛwee’?

11 Ɛda adi sɛ asɛm “ahonhommɔne” a ɛwɔ ha no yɛ asɛm “nsasabonsam” (se‘i·rimʹ) a wohu wɔ sɛnea Yesaia ka Babilon a ahwe ase no ho asɛm no nsɛso: “Na sare so mmoa na wɔbɛdeda hɔ, na mpatu bɛyɛ wɔn adan amaama, na nsohori nso bɛtra hɔ, na nsasabonsam asaw hɔnom.” (Yesaia 13:21) Ebia na ɛnka adaemone ankasa ho asɛm na mmom sare so mmoa a wɔn ho nhwi yɛ basaa a ɛma wɔn a wohu wɔn no adwene kɔ ahonhommɔne so. Babilon Kɛse no amamfo so no, mmoa a wɔtete saa sɛnkyerɛnne kwan so, ne mframa a asɛe a egyina faako (“ahonhom fĩ nyinaa atɛwee”) ne nnomaa a wɔyɛ fĩ a wɔwɔ hɔ no yɛ ne honhom mu owu tebea no ho mfonini. Enni nkwa ho anidaso biara ma adesamma.​—Fa toto Efesofo 2:1, 2 ho.

12. Babilon Kɛse tebea ne Yeremia nkɔmhyɛ a ɛwɔ ti 50 mu no hyia dɛn?

12 Ne tebea no ne Yeremia nkɔmhyɛ no hyia nso: “Afoa wɔ Kaldeafo so, [Yehowa] asɛm ni, ne Babelfo so ne wɔn mmapɔmma ne wɔn anyansafo so. . . . Ɔyow wɔ ne nsu so na ayoyow, efisɛ ɛyɛ ahoni asase, na wɔbobɔ abosom a ɛyɛ hu ho dam. Ɛno nti sare so mmoa ne nkuntumpaa bɛtra hɔ, na nsohori bɛtra mu; na nnipa rentra mu da biara da, awo ntoatoaso a edidi so mu biara renkyekye bio.” Abosonsom ne mpae a wɔkankye rentumi nnye Babilon Kɛse mfi akatua a ɛte sɛ Sodom ne Gomora a Onyankopɔn sɛe no no mu.​—Yeremia 50:35-40.

Nsã a Ɛkanyan Akɔnnɔ

13. (a) Ɔbɔfo ɔhoɔdenfo no twe adwene si sɛnea Babilon Kɛse no aguamammɔ atrɛw akɔ akyiri no so dɛn? (b) Ɔbrasɛe a na abu so wɔ tete Babilon bɛn na wohu wɔ Babilon Kɛse no nso ho?

13 Nea edi hɔ no, ɔbɔfo ɔhoɔdenfo no twe adwene si sɛnea Babilon Kɛse aguamammɔ atrɛw akɔ akyiri no so, na ɔka sɛ: “Esiane sɛ n’aguamammɔ * nsa no kanyan akɔnnɔ nti, amanaman nyinaa anom bi, na asase so ahene ne no abɔ aguaman, na asase so aguadifo nam ne taamudi ahoɔden so anya wɔn ho.” (Adiyisɛm 18:3, New World Translation) Ɔde ne nyamesom akwan a ɛho ntew no akyerɛkyerɛ adesamma amanaman nyinaa mufo. Wɔ tete Babilon no, sɛnea Hela abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kyerɛ no, na wɔhwehwɛ sɛ ababaa biara de ne baabunyɛ bɔ aguaman wɔ asɔrefi ɔsom mu. Ɛde besi nnɛ nyinaa no, wohu ɔbarima ne ɔbea nna mu afideyɛ ho mfonini wɔ ahoni a ɔko asɛe no wɔ Angkor Wat a ɛwɔ Kampuchea ne asɔredan ahorow a ɛwɔ Khajuraho, India no mu a ɛkyerɛ Hindu nyame Vishnu a wɔde ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa mu nneyɛe ahorow a ɛyɛ aniwu atwa ne ho ahyia. Wɔ United States no, TV so asɛmpakafo ɔbrasɛe nneyɛe a ɛdaa adi wɔ 1987 mu, ne afei wɔ 1988 mu no, ne nyamesom asɔfo mu mmarima a wɔne wɔn ho da adeyɛ a atrɛw bebree no kyerɛ sɛ Kristoman mpo pene aguamammɔ ankasa nneyɛe a abu so a ɛyɛ ahodwiriw no so. Nanso aguamammɔ bi a anibere wom kyɛn so koraa aka amanaman nyinaa.

14-16. (a) Honhom mu nyamesom ne amammui ayɔnkofa a ennye bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Fasist Italy? (b) Bere a Italy kɔtoaa Abyssinia no, nsɛm bɛn na Roman Katolek Asɔre no asɔfo mpanyin kekae?

14 Yɛadi kan asusuw nyamesom ne amammui ntam ayɔnkofa bɔne a ɛmaa Hitler dii tumi wɔ Nasi Germany no ho dedaw. Aman afoforo nso huu amane esiane nyamesom ho a ɛde hyehyɛ wiase nsɛm mu no nti. Sɛ nhwɛso no: Wɔ Fasist Italy wɔ February 11, 1929 mu no, Mussolini ne Ɔsɔfo panyin Gasparri de wɔn nsa hyɛɛ Lateran Apam no ase de maa Vatican Kurow bɛyɛɛ ɔman a ɛde ne ho. Paapa Pius XI kae sɛ “ɔde Italy asan ama Onyankopɔn, na ɔde Onyankopɔn asan ama Italy.” So ná ɛno yɛ nokware anaa? Susuw nea esii wɔ ɛno akyi mfirihyia asia no ho. Wɔ October 3, 1935 mu no, Italy kɔtoaa Abyssinia, kae sɛ ɛyɛ “ahamufo asase a ɛda so ara de nkurɔfo yɛ nkoa.” Nokwarem no, ná hena na ɔyɛ ɔhamuni? So Katolek Asɔre no kasa tiaa Mussolini ɔhamuni nneyɛe no? Na paapa no nsɛm mu nna hɔ yiye de nanso n’asɔfo mpanyin no hyiraa wɔn Italy “asase” no so asraafo adɔm no pefee. Wɔ nhoma The Vatican in the Age of the Dictators no mu no, Anthony Rhodes bɔ amanneɛ sɛ:

15 “Wɔ Asɔfo Krataa a Udine [Italy] Ɔsɔfo panyin no de kɔmaa asafo ahorow wɔ October da a ɛto so 19 [1935] mu no mu no, ɔkyerɛwee sɛ, ‘ɛnyɛ bere yi mu na ɛmfata nso sɛ yɛbɛkyerɛ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ wɔ asɛm no mu. Yɛn adwuma sɛ Italiafo, na titiriw sɛ Kristofo ne sɛ yɛbɛboa ama yɛn akode no adi yiye.’ Padua Ɔsɔfo panyin no kyerɛwee October da a ɛto so 21 no sɛ, wɔ ‘mmere a emu yɛ den a yɛnam mu yi mu no, yɛsrɛ mo sɛ munnya yɛn aman mpanyimfo ne yɛn asraafo dɔm ahorow no mu gyidi.’ October da a ɛto so 24 no, Cremona Ɔsɔfo panyin no hyiraa asraafo akuw mfrankaa dodow bi so yɛɛ no kronkron na ɔkae sɛ: ‘Onyankopɔn nhyira mmra asraafo yi a Afrika asase so no, wobedi nsasebere afoforo so ama Italia opumpuni no, na wɔnam saayɛ so akyerɛ wɔn Romafo ne Kristofo amammerɛ. Ɛmmra sɛ Italia begyina hɔ bio sɛ Kristofo kyerɛkyerɛfo ama wiase nyinaa.”

16 Wɔde Roman Katolek asɔfo nhyira twiw faa Abyssinia so. So eyinom mu biara betumi aka wɔ ɔkwan bi so sɛ na wɔte sɛ ɔsomafo Paulo a wɔn “ho afi [nnipa] nyinaa mogya ho” anaa?—Asomafo no Nnwuma 20:26.

17. Ɔkwan bɛn so na Spain huu amane esiane sɛ n’asɔfo amfa wɔn ‘nkrante ammobɔ nsɔw’ nti?

17 Fa ɔman foforo a Babilon Kɛse aguamammɔ aka no no nso ka Germany, Italy ne Abyssinia ho—Spain. Amanko a ɛbaa saa asase no so wɔ 1936-39 mu no fã bi fi nea kwasafo nniso no yɛe ma ɛde abrɛ Roman Katolek Asɔre no tumi kɛse a ɛwɔ no ase no. Bere a ɔko no fii ase no, ɔman anidanfo dɔm no Fasist panyin a ɔyɛ Katolekni, Franco kaa n’ankasa ho asɛm sɛ “Mmeamudua Akodi Kronkron Kristoni Ɔsahene Panyin,” mmaran a akyiri yi ogyaa mu. Spaniafo ɔpehaha pii wuwui ɔko no mu. Eyi akyi, sɛnea akontaabu bi a emu nna hɔ yiye kyerɛ no, ná Franco Nationalistfo no akunkum kuw a wɔfrɛ no Popular Front no mufo 40,000, bere a eyinom nso akunkum asɔfo 8,000—nkokorafo, asɔfo, mmea asɔfo ne abɛɛfo. Eyinom yɛ ɔmanko mu ahude ne amanehunu, na ɛkyerɛ nyansa a ɛwɔ Yesu nsɛm yi a wobetie no mu: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52) Hwɛ sɛnea ɛyɛ akyide sɛ Kristoman de ne ho hyɛ mogyahwiegu pii a ɛte saa mu! N’asɔfo antumi koraa sɛ ‘wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw’!—Yesaia 2:4.

Aguadifo No

18. Henanom ne “asase so aguadifo” no?

18 Henanom ne “asase so aguadifo” no? Akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛfrɛ wɔn adetɔnfo, aguadi mu abran, nnwuma akɛse wuranom nnɛ. Eyi nkyerɛ sɛ adwuma a mmara ma kwan a obi de ne ho hyem no yɛ mfomso. Bible de afotu a nyansa wom ma adwumayɛfo, na ɛde kɔkɔbɔ ma wɔ atorodi, adifudepɛ ne nea ɛtete saa ho. (Mmebusɛm 11:1; Sakaria 7:9, 10; Yakobo 5:1-5) Nea mfaso wɔ so kɛse ne “onyamesom pa a ɔpene wom.” (1 Timoteo 6:6, 17-19) Nanso Satan wiase nni trenee nnyinasosɛm ahorow akyi. Nneyɛe bɔne abu so. Wohu wɔ nyamesom, amammui—ne nnwuma akɛse mu. Bere ne bere mu no, atesɛm nkrataa da aniwusɛm ahorow te sɛ aban mpanyimfo a wɔadi sika ne akode a wowiawia wɔn ho tɔn di no adi.

19. Nokwasɛm a ɛfa wiase sikasɛm ho bɛn na ɛboa ma yehu nea enti a wɔnka asase so aguadifo ho asɛmpa wɔ Adiyisɛm mu no?

19 Amanaman ntam akode ho aguadi mu mfaso boro $1,000,000,000,000 afe biara, nanso asetra mu ahiade abɔ nnipa ɔpepehaha pii. Ɛno nnye koraa. Nanso ɛte sɛ nea akode ne ade titiriw a ɛboa wiase sikasɛm. April 11, 1987 mu no, asɛm bi a epuei wɔ London Spectator mu bɔɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ yɛkan nnwuma a ɛho wom tee no nkutoo a, nnwuma bɛyɛ 400,000 na wɔn ho wom wɔ United States ne 750,000 wɔ Europa. Nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, bere a afã a asetra ne sikasɛm nya wɔ akodeyɛ mu no nya akɔso no, wɔabu ani agu asemmisa ankasa a ɛne sɛ so wɔn a wɔyɛ akode no wɔ ahobammɔ anaa no so koraa.” Bere a wɔtontɔn ɔtopae ne akode ahorow wɔ asase so nyinaa, ma mpo wɔtontɔn ma wɔn a wobetumi adan wɔn atamfo no, wonya mfaso bebree. Daakye bi, saa ɔtopae ahorow no bɛsan aba wɔn a wɔtontɔnee no so abɛsɛe wɔn wɔ okunkɛse mu. Abirabɔsɛm bɛn ni! Nea ɛka eyi ho ne korɔn a wɔbɔ wɔ akodeyɛ adwumayɛbea hɔ no. Wɔ United States nkutoo no, sɛnea Spectator kyerɛ no, “afe biara Pentagon hwere akode ne nneɛma a ne bo som dɔla ɔpepem 900 a wontumi nte ase.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ Adiyisɛm nka asase so aguadifo no ho asɛmpa!

20. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛnea nyamesom de no ho ahyehyɛ nnwuma mu nneyɛe a aporɔw mu?

20 Sɛnea na ɔbɔfo onuonyamfo no aka asie no, nyamesom de ne ho ahyɛ nnwuma mu nneyɛe a aporɔw a ɛtete saa no mu akɔ akyiri yiye. Sɛ nhwɛso no, Vatican ho a ɛwɔ Italy Banco Ambrosiano a egui wɔ 1982 mu no wɔ hɔ. Wɔtwee asɛm no mu ara wɔ 1980 mfe no mu, na asemmisa a wontumi nnya ho mmuae no ne sɛ: Ɛhe na sika no fae? February 1987 mu no, Milan atemmufo maa tumi krataa sɛ wɔnkɔkyere Vatican asɔfo baasa a Amerikani ɔsɔfo panyin bi nso ka ho a wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔka ho na wodii atoro sɛ sikakorabea no abɔ ka no, nanso Vatican ampene abisade a wɔde kɔtoo wɔn anim sɛ wonnyi wɔn mma no so. Wɔ July 1987 mu no, wɔ ɔsɔretia hooyɛ bebree mu no, Italy Asennibea Kunini no twaa tumi krataa a wɔde rekɔkyere wɔn no mu esiane apam dedaw bi a ɛda Vatican ne Italy aban no ntam no nti.

21. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu amfa ne ho antoatoa ne bere so nnwuma mu nneyɛe a ɛho wɔ asɛm mu, nanso dɛn na yehu nnɛ wɔ Babilon nyamesom ho?

21 So Yesu de ne ho hyɛɛ ne bere so nnwuma mu nneyɛe a ɛho wɔ asɛm mu anaa? Dabi. Ná onni agyapade mpo, efisɛ na “onni nea ɔde ne ti to.” Yesu tuu aberante sodifo ɔdefo bi fo sɛ: “Kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi!” Ná ɛno yɛ afotu pa, efisɛ na ebetumi ayi adwuma ho adwennwen nyinaa afi ne so. (Luka 9:58; 18:22) Nea ɛne eyi bɔ abira no, mpɛn pii na Babilon nyamesom de ne ho hyehyɛ nnwuma akɛse a ɛmfata mu. Sɛ nhwɛso no, 1987 mu no, Albany Times Union no bɔɔ amanneɛ sɛ Katolek mantam a ɛwɔ Miami, Florida, U.S.A. no sikasɛm sohwɛfo no gye toom sɛ asɔre no wɔ kyɛfa wɔ nnwuma a wɔyɛ nuklea akode, sini ahorow a ɔbrasɛe wom ne sigaret no mu.

“Me Man, Mumfi ne Mu”

22. (a) Dɛn na ɛnne a efi soro no ka? (b) Dɛn na ɛmaa Onyankopɔn nkurɔfo ani gyei wɔ 537 A.Y.B. ne 1919 Y.B. mu?

22 Yohane nsɛm a edi hɔ no kyerɛ nkɔmhyɛ nhwɛso no mmamu foforo: “Na metee nne foforo fii soro sɛ: Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.” (Adiyisɛm 18:4) Nea ɛka wɔ tete Babilon asehwe ho nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu ho ne Yehowa ahyɛde a ɔde maa ne nkurɔfo sɛ: “Munguan mfi Babel” no. (Yeremia 50:8, 13) Saa ara nso na Babilon Kɛse amamfõyɛ a ɛreba no nti, wɔka kyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo nnɛ sɛ wonguan. Wɔ 537 A.Y.B. mu no, hokwan a Israelfo anokwafo no nyae sɛ wobeguan afi Babilon no maa wɔn ani gyei pii. Ɔkwan koro no ara so no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔmaa wofii Babilon nnommumfa mu wɔ 1919 mu no ani gyei. (Adiyisɛm 11:11, 12) Na efi saa bere no, afoforo ɔpepem pii atie ahyɛde a ɛne sɛ wonguan no.

23. Ɔkwan bɛn so na ɛnne a efi soro no si hia a ɛho hia sɛ woguan fi Babilon Kɛse no mu ntɛm so dua?

23 So egye ntɛmpɛ ankasa sɛ wobeguan afi Babilon Kɛse no mu, na wɔatwe wɔn ho afi ho na wɔanyɛ wiase nyamesom no mufo na wɔatew wɔn ho afi ho koraa saa anaa? Ɛte saa efisɛ ɛho hia sɛ yehu tete nyamesom a ne ho yɛ hu, Babilon Kɛse yi te sɛ nea Onyankopɔn hu no no. Wamfɛre sɛ ɔbɛfrɛ no aguaman kɛse. Enti afei ɛnne a efi soro no ka aguaman yi ho asɛm kyerɛ Yohane bio sɛ: “Efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ. Muntua no ka, sɛnea otuaa mo ka, na momfa mmɔ ho abien mma no, sɛnea ne nnwuma te. Kuruwa a ɔfrae no, momfra mmu mmɔ ho abien mma no. Dodow a ɔhyɛɛ ne ho anuonyam na odii taamu no, momma n’ayayade ne n’awerɛhow nnɔɔso sa; efisɛ ɔkae ne komam sɛ: Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafo, na merenni awerɛhow da. Eyi nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ [Yehowa] Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.”—Adiyisɛm 18:5-8.

24. (a) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo guan fi Babilon Kɛse no mu na wɔakwati dɛn? (b) Nnebɔne bɛn mu kyɛfa na wɔn a wonguan mfi Babilon Kɛse no mu no nya?

24 Ɛnonom yɛ nsɛm a emu yɛ den! Enti ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ biribi. Yeremia hyɛɛ ne bere so Israelfo no sɛ wɔnyɛ biribi se: “Munguan mfi Babel, . . . na Yehowa aweretɔ bere ni, ɔretua no ne nneyɛe so ka. Me man, mumfi adi mfi ne mu, na munnyigye mo kra mfi [Yehowa] abufuw mu gya no ano.” (Yeremia 51:6, 45) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, ɛnne a efi soro no bɔ Onyankopɔn nkurɔfo kɔkɔ nnɛ sɛ wonguan mfi Babilon Kɛse no mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔannya ne haw no bi. Wɔreka Yehowa atemmu ahorow a ɛte sɛ ɔhaw a ɛba wiase a Babilon Kɛse no ka ho, no so mprempren. (Adiyisɛm 8:1-9:21; 16:1-21) Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo mpɛ sɛ wonya atoro som ɔhaw yi bi na awiei no wɔne no wu a, ɛnde ɛho hia sɛ wɔtew wɔn ho fi ne ho. Nea ɛka ho bio no, sɛ wɔkɔ so tra saa ahyehyɛde no mu a, ɛbɛma wɔayɛ ne nnebɔne no bi. Wobedi fɔ sɛnea wɔadi honhom mu awaresɛe ne “wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya” ho fɔ no.​—Adiyisɛm 18:24; fa toto Efesofo 5:11; 1 Timoteo 5:22 ho.

25. Akwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo fii tete Babilon?

25 Nanso ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo nam fi Babilon Kɛse no mu? Tete Babilon asɛm no mu no, ná ɛsɛ sɛ Yudafo no tu kwan ankasa fi Babilon kurow no mu ara san kɔ Bɔhyɛ Asase no so. Nanso ná nneɛma pii wom sen saa. Yesaia ka kyerɛɛ Israelfo no nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa [Yehowa] nnwinne no.” (Yesaia 52:11) Yiw ɛsɛ sɛ wogyaw Babilon nyamesom nneyɛe a ɛho ntew a ebetumi agu ɔsom a wɔde ma Yehowa ho fi no nyinaa.

26. Ɔkwan bɛn so na Korintofo Kristofo no tiee nsɛm ‘mumfi wɔn mu na monnka nea ɛyɛ fi’ no?

26 Ɔsomafo Paulo faa Yesaia nsɛm no kae wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no mu sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? . . . Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho, sɛnea [Yehowa] se ne no, na monnka nea ɛyɛ fi.” Ná ɛho nhia sɛ Korintofo Kristofo no fi Korinto sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi saa ahyɛde no so. Nanso, na ɛsɛ sɛ wɔkwati atoro som asɔredan ahorow mu afide no honam fam, na wɔtew wɔn ho honhom fam fi saa abosonsomfo nneyɛe a ɛho ntew no ho. Wɔ 1919 mu no, Onyankopɔn nkurɔfo fii ase guan fii Babilon Kɛse no mu ɔkwan yi so na wɔtew wɔn ho fii nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a ɛho ntew ho nkae biara ho. Ɔkwan yi so no, wotumi som no sɛ ne nkurɔfo a wɔatew wɔn ho.​—2 Korintofo 6:14-17; 1 Yohane 3:3.

27. Nsɛdi ahorow bɛn na ɛwɔ tete Babilon atemmu ne Babilon Kɛse no de no mu?

27 Ná tete Babilon asehwe ne n’amamfõyɛ a efii mu bae no yɛ ne nnebɔne ho asotwe. Ná “n’atemmu akodu ɔsoro.” (Yeremia 51:9) Saa ara nso na Babilon Kɛse no bɔne “atoatoa abedu soro,” ma enti abedu Yehowa ankasa anim. Odi amumɔyɛ, abosonsom, ɔbrasɛe, nhyɛso, dwowtwa ne awudi ho fɔ. Ná tete Babilon asehwe no fa bi yɛ nea wɔayɛ atia Yehowa asɔrefi ne ne nokware asomfo no ho aweredi. (Yeremia 50:8, 14; 51:11, 35, 36) Saa ara nso na Babilon Kɛse no asehwe ne sɛe a awiei koraa no wɔbɛsɛe no no nso yɛ nea ɔde ayɛ nokware asomfo mfehaha no mu no ho aweredi ahorow. Nokwarem no, sɛe a awiei no wɔbɛsɛe no pasaa no ne “yɛn Nyankopɔn aweredi da” no mfiase.​—Yesaia 34:8-10; 61:2; Yeremia 50:28.

28. Atemmu bɛn ho dwuma na Yehowa di wɔ Babilon Kɛse no ho, na dɛn ntia?

28 Mose Mmara ase no, sɛ Israelni wia ne yɔnko ade a, anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ otua ho ka mmɔho abien. (Exodus 22:1, 4, 7, 9) Babilon Kɛse no sɛe a ɛreba no mu no, atemmu gyinapɛn a ɛte sɛ ɛno ara ho dwuma na Yehowa bedi. Obenya nea ɔde mae no mmɔho abien. Ɔrenna mmɔborohunu biara adi efisɛ Babilon Kɛse no ankyerɛ mmɔborɔhunu biara amma wɔn a ne nsa kaa wɔn no. Odidii asase sofo ho na ama wɔakɔ so adi “taamu.” Afei de, obehu amane na wadi awerɛhow. Ɛyɛɛ tete Babilon sɛ na ɔte hɔ dwoodwoo koraa, hoahoaa ne ho sɛ: “Merentra kuna mu, na merenni mmasigyaw.” (Yesaia 47:8, 9, 11) Babilon Kɛse no te nka nso sɛ ɔte hɔ dwoodwoo. Nanso ne sɛe a Yehowa a ɔyɛ “ɔhoɔdenfo” ahyɛ no bɛba mu ntɛm, te sɛ nea ɛba “da koro”!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 New World Translation Reference Bible, ase hɔ asɛm.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 263 adaka]

“Ahene ne . . . no Abɔ Aguaman”

1800 mfe no mfiase mu hɔ pɛɛ no, na Europa aguadifo wiawia wɔn ho de opium (aduru a enya adwene so tumi) pii kɔ China. March 1839 mu no, China mpanyimfo gyee aduru no nnaka akɛse 20,000 fii Britania aguadifo nsam de bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma sum ase aguadi yi agyae. Eyi de basabasayɛ baa Britaniafo ne Chinafo ntam. Bere a ayɔnkofa a ɛda aman abien no ntam no kɔɔ so sɛee no, Protestant asɛmpatrɛwfo bi hyɛɛ Britania nkuran sɛ wɔne wɔn nkɔko, kekaa nsɛm sɛnea edidi so yi:

“Hwɛ sɛnea nsɛnnennen yi ma me koma ani gye efisɛ misusuw sɛ ɛbɛhyɛ Engiresi aban no abufuw, na Onyankopɔn fi Ne tumi mu bebubu nea esiw Kristo asɛmpa no a ɛbɛkɔ China no kwan no mu.”—Henrietta Shuck, Southern Baptist ɔsɛmpatrɛwfo.

Awiei no, ɔko bae—ɔko a ɛnnɛ wɔfrɛ no sɛ Opium Ɔko. Asɛmpatrɛwfo fi wɔn koma nyinaa mu hyɛɛ Britania nkuran wɔ nsɛm te sɛ eyinom mu:

“Mede animia abu kɔmpɔ rehwɛ mprempren nsɛm tebea no, ɛnyɛ nnuru a etumi nya adwene so tumi anaasɛ Engiresifo ho asɛm ankasa na mmom ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe kɛse a ɔde brɛ onipa abɔnefosɛm ase na wadi Ne mmɔborohunu atirimpɔw ahorow ho dwuma wɔ China denam ne fasu a ɛde aka ne ho ahyem a wabubu no no so.”—Peter Parker, Congregationalfo ɔsɛmpatrɛwfo.

Congregationalfo ɔsɛmpatrɛwfo foforo, Samuel W. Williams, de kaa ho sɛ: “Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn nsa wɔ nea akɔ so no nyinaa mu anwonwa kwan bi so, na yennye ho akyinnye sɛ Nea ɔkae sɛ ɔbae na ɔde nkrante aba asase so no aba ha na wabɛsɛe N’atamfo ntɛmntɛm na ɔde N’ankasa ahenni abesi hɔ. Ɔbɛdan ani na wadan ani kosi sɛ Ɔde Asomdwoe Hene no besi hɔ.”

Ɛdefa kum a ɛyɛ hu a wokunkum Chinafo no ho no, ɔsɛmpatrɛwfo J. Lewis Shuck kyerɛwee sɛ: “Mibu adeyɛ a ɛte saa . . . sɛ Awurade adwinnade tee a ɔde prapra nwura a esiw Ɔsoro Nokware nkɔso kwan no fi hɔ.”

Congregationalfo ɔsɛmpatrɛwfo Elijah C. Bridgman de kaa ho sɛ: “Mpɛn pii na Onyankopɔn de wiase tumi basa a ɛyɛ den adi dwuma de abɔ kwan ama N’ahenni . . . Ɔyɛmafo wɔ mmere titiriw yi mu no yɛ ɔdesani; ɔsoro tumi na ɛkyerɛ kwan. Amanaman nyinaa amrado a ɔkorɔn no de England adi dwuma na ɔde atwe China aso abrɛ no ase.”—Wɔfaa nsɛm no fii nhoma “Ends and Means,” 1974, asɛm bi a Stuart Creighton Miller kyerɛwee wɔ The Missionary Enterprise in China and America (Harvard Nhwehwɛmu bi a ne samufo ne John K. Fairbank).

[Kratafa 264 adaka]

“Aguadifo . . . Anya Wɔn Ho”

Wɔ 1929 ne Wiase Nyinaa Ko II ntam hɔ no, [Bernadino] Nogara [Vatican sikasɛm sohwɛfo no] de adwuma hyɛɛ Vatican otitiriw ne Vatican adwumayɛfo ahorow no nsa sɛ wɔnkɔyɛ adwuma wɔ Italy sikasɛm ho nhyehyɛe ãfã horow no mu—titiriw no anyinam ahoɔden, telefon so nkitahodi nhyehyɛe, adefiri ne sikakorabea ahorow, keteke akwan nketenkete ne kuayɛ ho adwumayɛde, semɛnte ne ntama ahorow nwene mu. Wonyaa nnwuma ahorow yi mu pii mu mfaso.

“Nogara gyigyee nnwuma akuw dodow bi a La Società Italiana della Viscosa, La Supertessile, La Società Meridionale Industrie Tessili ne La Cisaraion ka ho. Bere a Nogara kaa eyinom boom yɛɛ no adwuma kuw biako a ɔtoo ne din sɛ CISA-Viscosa na ɔde hyɛɛ Baron Francesco Maria Oddasso, Vatican asɔre mma a wogye wɔn di yiye no mu biako nsa sɛ ɔnhwɛ so no, afei ɔyɛɛ akwan maa Italia ntama nwene adwuma a ɛso sen biara, SNIA-Viscosa gyee adwumayɛbea foforo kaa wɔn de no ho. Awiei no, kyɛfa a Vatican wɔ wɔ SNIA-Viscosa mu no kɔɔ so yɛɛ kɛse mmere nyinaa, na bere bi akyi Vatican begyee adwuma no dii so—na nokwasɛm no ho adanse ne sɛ Baron Oddasso bɛyɛɛ adwuma no titrani abadiakyiri.

“Nogara nam saayɛ so wuraa ntama nwene adwuma no mu. Ɔnam akwan afoforo so de ne ho hyɛɛ nnwuma afoforo mu, efisɛ na Nogara nim nnaadaa akwan pii. Ebetumi aba sɛ ɔbarima yi a ɔde ne ho nyinaa mae . . . no yɛɛ pii ma Italia sikasɛm yɛɛ yiye sen adwumawura foforo biara wɔ Italia abakɔsɛm mu . . . Benito Mussolini antumi anya ahemman a ɔsoo ho dae sɛ obenya no da, nanso otumi maa Vatican ne Bernadino Nogara yɛɛ ahenni foforo bi.”—The Vatican Empire, a Nino Lo Bello kyerɛwee, nkratafa 71-3.

Eyi yɛ biakoyɛ a emu yɛ den a ɛda asase so aguadifo ne Babilon Kɛse ntam no ho nhwɛso biako pɛ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ wɔn adwuma mu ɔhokafo yi nni hɔ bio a aguadifo yi bedi awerɛhow!

[Kratafa 259 mfonini]

Bere a adesamma hwete kɔɔ asase so nyinaa no, wɔde Babilon nyamesom kaa wɔn ho kɔe

[Kratafa 261 mfonini]

Te sɛ ɔwɛmfo no, Yohane kuw no bɔ dawuru sɛ Babilon ahwe ase

[Kratafa 266 mfonini]

Tete Babilon amamfõ yɛ Babilon Kɛse no sɛe a ɛreba ho mfonini