Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔawo Onyankopɔn Ahenni No!

Wɔawo Onyankopɔn Ahenni No!

Ti 27

Wɔawo Onyankopɔn Ahenni No!

Anisoadehu 7​—Adiyisɛm 12:1-17

Asɛmti: Ɔsoro ɔbea no wo, Mikael ne Satan ko na ɔtow no kyene asase so

Bere a enya mmamu: Efi bere a wɔde Kristo Yesu sii ahengua so wɔ 1914 mu kosi ahohiahia kɛse no mu

1. Ɔkwan bɛn so na nsɛnkyerɛnne a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm atiri 12 kosi 14 no ho ntease bɛboa yɛn?

WƆABUE Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no ano. (Adiyisɛm 10:7) Yehowa Ahenni a ɛnam ne Mesia so no abɛyɛ ade paa a tumi wom afei. Edi tumi! Ba a aba no kyerɛ ɔsɛe ma Satan ne n’asefo na ɛyɛ nkonimdi fɛfɛ ma Onyankopɔn ɔsoro ahyehyɛde no Aseni no. Nanso ɔbɔfo a ɔto so ason no nwiee ne torobɛnto no hyɛn, efisɛ ɔwɔ pii bio a obeyi no adi akyerɛ yɛn wɔ due a ɛto so abiɛsa no ho. (Adiyisɛm 11:14) Nsɛnkyerɛnne a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm atiri 12 kosi 14 no bɛboa yɛn ma yɛn anisɔ a yɛwɔ wɔ nneɛma a ɛwɔ saa due no mu nyinaa ne Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no a ɛde ba awiei no ho no ayɛ kɛse.

2. (a) Sɛnkyerɛnne kɛse bɛn na Yohane hu? (b) Bere bɛn na woyii nea sɛnkyerɛnne kɛse no kyerɛ adi?

2 Afei Yohane hu sɛnkyerɛnne kɛse bi—nea Onyankopɔn nkurɔfo ani gye ho kɛse. Ɛda nkɔmhyɛ anisoadehu bi a ɛyɛ anigye a wodii kan kyerɛw nea ɛkyerɛ no wɔ March 1, 1925, The Watch Tower no mu asɛm bi a wɔtoo ne din sɛ “Ɔman no Awo” na afei wɔsan kyerɛwee wɔ 1926 mu wɔ nhoma a ɛne Deliverance mu no adi. Bible mu ntease hann a ɛharan yi bɛyɛɛ Yehowa adwuma no nkɔso ho abakɔsɛm mu agyiraehyɛde bi. Enti ma Yohane nka asɛm no bere a efi ase da adi no: “Na sɛnkyerɛnne kɛse bi yii ne ho adi ɔsoro: Ɔbea bi a ofura owia, na ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien abotiri bobɔ ne ti, na wafa afuru, na ɔteɛm reko awo, na awo no aden no.”—Adiyisɛm 12:1, 2.

3. Dɛn na wɔde hu onii ko a ɔbea a wohuu no ɔsoro no yɛ no?

3 Eyi ne bere a edi kan a Yohane hu ɔbea bi wɔ ɔsoro. Nanso, ɔnyɛ ɔbea ankasa. Mmom no ɔyɛ biribi ho sɛnkyerɛnne, anaasɛ mfonini. (Adiyisɛm 1:1) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na ɔyɛ? Wɔ nkɔmhyɛ ahorow a efi honhom mu no mu no, ɛtɔ mmere bi a mmea gyina hɔ ma ahyehyɛde ahorow a “wɔaware” nnipa atitiriw binom. Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔkaa Israel ho asɛm sɛ Yehowa Nyankopɔn yere. (Yeremia 3:14) Wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔka Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no ho asɛm sɛ Kristo ayeforo. (Adiyisɛm 21:9-14) Obi aware ɔbea a Yohane hu no wɔ ha no nso, na ɔrebɛwo. Hena ne ne kunu? Wiɛ, akyiri yi “wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua no nkyɛn.” (Adiyisɛm 12:5) Ɔkwan yi so no, Yehowa gye ɔba no sɛ n’ankasa ba. Enti na ɔbea a Yohane hu no no bɛyɛ Yehowa sɛnkyerɛnne kwan so yere.

4. Henanom ne Onyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so ɔyere no mma no, na ɔsomafo Paulo frɛ ɔbea a Yohane huu no no dɛn?

4 Bɛyɛ mfe ahanwɔtwe ansa na eyi reba no, na Yehowa akasa akyerɛ sɛnkyerɛnne kwan so ɔyere yi sɛ: “Wo mma nyinaa bɛyɛ wɔn a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn.” (Yesaia 54:5, 13, New World Translation) Yesu faa nkɔmhyɛ yi kaa asɛm na ɔkyerɛe sɛ mma yi ne n’akyidifo anokwafo a akyiri yi wɔbɛyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn asafo no. (Yohane 6:44, 45) Enti asafo yi mufo a wɔka wɔn ho asɛm sɛ Onyankopɔn mma no nso ne Onyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so ɔyere no mma. (Romafo 8:14) Ɔsomafo Paulo de asɛm no ho fa kakraa bi a edi akyiri no ka ho bere a ose: “Na ɔsoro Yerusalem no de, ɛde ne ho, ɛne yɛn na.” (Galatifo 4:26) Ɛnde, na “ɔbea” a Yohane huu no no ne “ɔsoro Yerusalem no.”

5. Esiane sɛ wɔde nsoromma dumien abɔ Yehowa sɛnkyerɛnne kwan so ɔyere no abotiri nti, dɛn ankasa ne Yerusalem a ɛwɔ soro no?

5 Nanso, dɛn pɔtee ne Yerusalem a ɛwɔ soro no? Esiane sɛ Paulo kaa ho asɛm sɛ ɛwɔ “ɔsoro,” na Yohane hu no wɔ ɔsoro nti, ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ asase so kuropɔn bi; na ɛnyɛ ɛno ara nso ne “Yerusalem Foforo” no esiane sɛ saa ahyehyɛde no yɛ Kristo ayeforo na ɛnyɛ Yehowa yere no nti. (Adiyisɛm 21:2) Hyɛ no nsow sɛ wɔde nsoromma dumien abɔ no abotiri. Akontaahyɛde 12 no yɛ nea wɔde bata ahyehyɛde a edi mu ho. * Enti, nsoromma 12 yi betumi akyerɛ ɔsoro ahyehyɛde nhyehyɛe bi, sɛnea na tete Yerusalem yɛ wɔ asase so no. Ɔsoro Yerusalem no ne Yehowa amansan ahyehyɛde a abɔde a wɔyɛ ahonhom na ɛwom a wodi dwuma sɛ ne yere, wɔ som a ɛsom no ne mma a ɛwo no nyinaa mu.

6. (a) Dɛn na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔbea a Yohane huu no no fura owia, na ɔsram wɔ ne nan ase na nsoromma abotiri bɔ ne ti no kyerɛ? (b) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na wɔde ɔbea a wafa afuru no awoko yaw no yɛ?

6 Yohane hu ɔbea yi sɛ ofura owia na ɔsram wɔ n’anan ase. Sɛ yɛde n’abotiri a nsoromma wom no ka ho a, na ɔsoro hann ahorow atwa ne ho nyinaa ahyia. Onyankopɔn dom hyerɛn wɔ ne so awia ne anadwo. Yehowa ɔsoro ahyehyɛde a ɛyɛ fɛ ho sɛnkyerɛnne a ɛfata bɛn ara ni! Wɔafa afuru nso, na ɔte awoko yaw. Teɛ a ɔteɛm hwehwɛ ɔsoro mmoa no kyerɛ sɛ ne bere adu sɛ ɔwo. Bible mu no, awoko yaw taa yɛ adwumaden a ehia sɛ wɔyɛ ma wɔde anya biribi a ehia ho sɛnkyerɛnne. (Fa toto Dwom 90:2; Mmebusɛm 25:23; Yesaia 66:7, 8 ho.) Akyinnye biara nni ho sɛ wohuu awoko yaw a ɛte saa bere a Yehowa ɔsoro ahyehyɛde no resiesie ne ho ama awo titiriw yi no.

Ɔtweaseɛ Kakraka Kɔkɔɔ Bi

7. Dɛn ne sɛnkyerɛnne foforo a Yohane hu wɔ ɔsoro?

7 Dɛn na Yohane hu bio? “Na sɛnkyerɛnne foforo yii ne ho adi ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du, na ahemmotiri ason bobɔ ne ti; na ne dua twe ɔsoro nsoromma nkyem abiɛsa mu biako, na ɔtow guu asase so. Na ɔtweaseɛ no kɔɔ so gyinaa ɔbea a ɔrebɛwo no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.”—Adiyisɛm 12:3, 4, NW.

8. (a) Dɛn na wɔde hu onii ko a ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ no yɛ no? (b) Dɛn na wɔde ɔtweaseɛ no ti ason, mmɛn du ne ahemmotiri a ɛwɔ eti no biara so no kyerɛ?

8 Ɔtweaseɛ yi ne Satan, “ɔwɔ dedaw no.” (Adiyisɛm 12:9; Genesis 3:15) Ɔyɛ ɔsɛefo a n’ani yɛ den—ɔtweaseɛ a ɔwɔ ti ason, anaasɛ nea ɔmene obi a obetumi amene nea ne nsa bɛka no no koraa. Ne ho yɛ hu yiye! Saa ti ason ne mmɛn du no kyerɛ sɛ ɔne amammui aboa a wɔrebɛka ne ho asɛm mpren wɔ Adiyisɛm ti 13 mu no farebae. Aboa yi nso wɔ ti ason ne mmɛn du. Esiane sɛ Satan wɔ ahemmotiri wɔ ti no biara so—a ne nyinaa yɛ ason—nti, yebetumi agye adi ampa sɛ wiase tumi horow a aboa no gyina hɔ ma wɔn no atra ne tumidi ase. (Yohane 16:11) Mmɛn du no yɛ tumi a ewie koraa a wadi wɔ wiase no ho sɛnkyerɛnne a ɛfata.

9. Dɛn na wɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔtweaseɛ no dua “twe ɔsoro nsoromma mu nkyem abiɛsa mu biako” ba asase so no kyerɛ?

9 Ɔtweaseɛ no wɔ tumi wɔ ahonhom trabea hɔ nso. Ɔde ne dua “twe ɔsoro nsoromma nkyem abiɛsa mu biako.” Nsoromma betumi agyina hɔ ama abɔfo. (Hiob 38:7) “Nkyem abiɛsa mu biako” din a wɔbɔe no si so dua sɛ Satan adaadaa abɔfo a wɔdɔɔso ara yiye. Bere a eyinom abɛhyɛ ne tumidi ase no, ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so aguan. Wɔrentumi nsan nkɔ Onyankopɔn ahyehyɛde kronkron no mu bio. Wɔbɛyɛɛ adaemone, a sɛnea yɛbɛka no no, wɔn hene anaa sodifo Satan twee wɔn. (Mateo 12:24) Satan tow wɔn guu asase so nso. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi twe adwene si bere a Noa traa ase wom ansa na Nsuyiri no reba no so, bere a Satan daadaa Onyankopɔn mma asoɔdenfo sɛ wɔmmra asase so na wɔne nnipa mmabea mmɛda no. Sɛ asotwe no, Onyankopɔn atow “abɔfo a wɔyɛɛ bɔne” yi agu afiase tebea bi a wɔfrɛ no Tataro mu.​—Genesis 6:4; 2 Petro 2:4; Yuda 6.

10. Ahyehyɛde ahorow a wɔne wɔn ho wɔn ho di asi bɛn na wohu, na dɛn nti na ɔtweaseɛ no hwehwɛ sɛ ɔmene ɔba no bere a ɔbea no wo no?

10 Enti, ahyehyɛde abien a wɔne wɔn ho wɔn ho di asi apue ma ɛda adi pefee—Yehowa ɔsoro ahyehyɛde a wɔde ɔbea no yɛɛ ho mfonini ne Satan adaemone ahyehyɛde a etwa Onyankopɔn amansan tumi mpoa no. Ɛsɛ sɛ wobua amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw kɛse no. Nanso ɔkwan bɛn nso? Satan a ɔda so ara twe adaemone no ka ne ho no te sɛ akekaboa bɔne bi a ɔredɛɛdɛɛ akyere obi. Ɔretwɛn ma ɔbea no awo. Ɔpɛ sɛ ɔmene akokoaa a ɔrebɛwo no yi efisɛ onim sɛ ɔyɛ asiane kɛse ma tra a ɔne wiase a odi so tumi no bɛkɔ so atra hɔ no.​—Yohane 14:30.

Ɔbabanin

11. Yohane ka ɔbea no ba no awo no ho asɛm dɛn, na dɛn nti na wɔfrɛ ɔba no sɛ “ɔbabanin”?

11 Bere a wɔahyɛ amanaman no sɛ wɔmfa nni tumi a Onyankopɔn mmfa ne ho nnye no baa awiei wɔ 1914 mu. (Luka 21:24) Ɛno na afei wɔ bere ano pɛpɛɛpɛ no, ɔbea no woo ne ba: “Na ɔwoo ɔbabanin a ɔde dade poma rebɛyɛn amanaman nyinaa. Na wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua no nkyɛn. Na ɔbea no guan kɔɔ sare so, nea Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia.” (Adiyisɛm 12:5, 6) Ɔba no yɛ “ɔbabanin.” Dɛn nti na Yohane de nsɛmfua abien a ɛkyerɛ ade koro yi di dwuma? Ɔyɛ saa na ɔde akyerɛ fata a ɔba yi fata, di a odi mũ sɛ ɔde tumi a ɛdɔɔso di amanaman no so. Esi sɛnea awo yi hia ne sɛnea ɛyɛ anigye bere nso so dua! Edi dwuma titiriw bi wɔ Onyankopɔn ahintasɛm kronkron a wɔde bɛba awiei no mu. Ɛdɛn, ɔbabanin yi de “dade poma rebɛyɛn amanaman nyinaa” nso!

12. (a) Nnwom nhoma no mu no, dɛn ho bɔ na Yehowa hyɛe nkɔmhyɛ kwan so wɔ Yesu ho? (b) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na wɔde ɔbabanin “a ɔde dade poma bɛyɛn amanaman” a ɔbea no woo no no yɛ?

12 Afei, saa asɛm no te sɛ nea woate pɛn anaa? Yiw, Yehowa hyɛɛ Yesu ho bɔ wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Wode dade poma bebubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.” (Dwom 2:9) Wɔhyɛɛ ne ho nkɔm nso sɛ: “Wo tumidi poma no, [Yehowa] fi Sion bɛteɛ. Di hene w’atamfo mfinimfini!” (Dwom 110:2) Enti, awo a Yohane hui no fa Yesu Kristo ho pɛɛ. Dabi, ɛnyɛ Yesu a ɔbaabun woo no ansa na yɛn bere so afeha a edi kan no reba; na entumi ntwe adwene nkɔ nyan a wonyan Yesu kɔɔ honhom asetra mu bio wɔ 33 Y.B. mu no so nso. Afei, ɛnyɛ nipadua foforo a wɔfa to wɔn ho so wɔ owu mu ho asɛm biara. Mmom no, ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no awo wɔ 1914 mu no sɛ biribi a esii ankasa, a mprempren wɔde Yesu—a ɔwɔ ɔsoro seesei bɛboro mfeha 20 no asi agua so sɛ Ɔhene.​—Adiyisɛm 12:10.

13. Dɛn na wɔde ɔbabanin no a wɔfaa no “kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua nkyɛn” no kyerɛ?

13 Yehowa remma kwan da mma Satan mmene Ne yere anaa Ne ba a wɔawo no foforo no! Wɔwoo ɔbabanin no, wɔfaa no “kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua nkyɛn.” Enti ɔba Yehowa a ɔbɛhwɛ Ahenni a wɔawo no foforo yi a ɛne n’adwinnade a ɔde bɛsan Ne din kronkron no ho koraa no ahobammɔ ase koraa. Bere koro no ara mu no ɔbea no guan kɔ baabi a Onyankopɔn asiesie ama no wɔ sare so. Akyiri yi ɛno ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri bɛba! Ɛdefa Satan ho no, wɔasiesie biribi titiriw bi a ɛbɛma ɛrenyɛ yiye bio da sɛ ɔbɛhaw Ahenni no wɔ ɔsoro afei. Dɛn ne saa asɛm no?

Ɔko ba Ɔsoro!

14. (a) Sɛnea Yohane ka no no, dɛn na ɛbae a amma Satan antumi anhaw Ahenni no bio? (b) Ɛhe na wɔaka Satan ne n’adaemone no ahyɛ?

14 Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.” (Adiyisɛm 12:7-9) Enti sɛ́ biribi a ɛyɛ nwonwa a ɛkɔ so a ɛde Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no bɛba awiei no, wotu Satan fi ɔsoro tow no kyene na wɔtow n’adaemone no ka ne ho gu asase so. Awiei no, wɔka nea wadaadaa asase mũ no nyinaa akodu sɛ wabɛyɛ ne nyame no hyɛ okyinnsoroma yi mpɔtam ha, baabi a ofii n’atuatew no ase no.​—2 Korintofo 4:3, 4.

15, 16. (a) Hena ne Mikael, na yɛyɛ dɛn hu? (b) Dɛn nti na Mikael na ɔtow Satan fi soro kyene asase so?

15 Hena na odi nkonim kɛse yi wɔ Yehowa din mu no? Bible no ka sɛ ɛyɛ Mikael ne n’abɔfo. Na hena ne Mikael? Edin “Mikael” no ase ne “Hena na ɔte sɛ Nyankopɔn?” Enti na Mikael bɛyɛ obi a n’ani gye amansan hene a Yehowa yɛ no ho san ho denam kyerɛ a ɔkyerɛ sɛ obiara nni hɔ a wobetumi de no atoto Ne ho no so. Wɔfrɛ no wɔ Yuda nkyekyem 9 sɛ “ɔbɔfo panyin Mikael.” Nea ɛyɛ anigye no, wɔde abodin “ɔbɔfo panyin” no di dwuma wɔ Bible mu baabi foforo de ka onipa biako pɛ ho asɛm: Yesu Kristo. * Paulo ka ne ho asɛm sɛ: “Awurade ankasa de osebɔ, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian.” (1 Tesalonikafo 4:16) Abodin “ɔbɔfo panyin” no kyerɛ “abɔfo no mu ɔpanyin.” Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Adiyisɛm ka “Mikael ne n’abɔfo” ho asɛm. Mmeae afoforo a Bible bɔ abɔfo a wɔhyɛ Onyankopɔn trenee somfo ase din no ka Yesu ho asɛm. Enti na Paulo ka sɛ “wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo” no.​—2 Tesalonikafo 1:7; hwɛ Mateo 24:30, 31; 25:31 nso.

16 Eyinom ne kyerɛw nsɛm afoforo ma yesi gyinae a akyinnye biara nni ho sɛ Mikael nyɛ obi foforo biara sɛ Awurade Yesu Kristo wɔ ne soro dibea mu. Afei, wɔ Awurade da no mu no, ɔrenka nkyerɛ Satan ara kwa sɛ: “[Yehowa] nka w’anim.” Esiane sɛ eyi yɛ atemmu bere nti, Yesu, sɛ Mikael no, tow ɔbɔnefo Satan ne n’adaemone abɔfo no fi soro gu fam. (Yuda 9; Adiyisɛm 1:10) Ɛfata yiye koraa sɛ Ɔno na ɔyɛ eyi esiane sɛ Ɔno ne Ɔhene a wɔde no asi agua so foforo no nti. Yesu ne Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ wɔ Eden a awiei no ɔbɛpɛtɛw Ɔwɔ no ti ma ɔde saayɛ ayi no afi hɔ akɔ prɛko nso. (Genesis 3:15) Ɛdenam tu a otuu Satan fii soro no so no, Yesu atu ne nan wɔ ɔdwerɛw a edi akyi no mu.

‘Mo Ɔsoro, Momma Mo Bo Ntɔ Mo Yam’

17, 18. (a) Nea wɔyɛɛ wɔ ɔsoro bɛn ho amanneɛ na Yohane bɔ wɔ Satan a ofi soro hwee ase no ho? (b) Ɛbɛyɛ sɛ ɛhe na ɛnne kɛse a Yohane te no fi?

17 Yohane bɔ anigyesɛm a ɛba ɔsoro Satan asehwe kɛse yi ho no ho amanneɛ sɛ: “Na metee nne kɛse bi ɔsoro sɛ: Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na ahoɔden ayɛ Kristo no dea, efisɛ wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo. Na wɔn na wɔnam oguammaa no mogya ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim, na wɔannɔ wɔn kra de akosi wu mu. Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam.”—Adiyisɛm 12:10-12a.

18 Hena nne kɛse na Yohane te no? Bible no nka. Nanso nteɛm a ɛte saa ara a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Adiyisɛm 11:17 no fi mpanyimfo 24 a wɔanyan wɔn a wɔwɔ wɔn dibea so wɔ ɔsoro, baabi a afei wobetumi agyina ahotefo 144,000 no ananmu no hɔ na ɛbae. (Adiyisɛm 11:18) Na esiane sɛ wɔka Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn a wɔtaa wɔn a wɔda so wɔ asase so ha no ho asɛm sɛ “yɛn nuanom” nti, asɛm yi betumi afi beae hɔ ara. Akyinnye biara nni ho sɛ saa anokwafo yi betumi de nne koro akasa esiane sɛ wɔn wusɔre no bedi Satan ne n’adaemone dɔm a wɔtow fi soro guu fam no akyi pɛɛ nti.

19. (a) Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no awiei no bue kwan ma Yesu ma ɔyɛ dɛn? (b) Dɛn na Satan a wɔfrɛɛ no sɛ nea “ɔtoto yɛn nuanom ano” no kyerɛ?

19 Onyankopɔn ahintasɛm kronkron awiei no hwehwɛ sɛ Yesu gye tumi Yehowa Ahenni mu. Enti ɔkwan abue ama Onyankopɔn adi n’atirimpɔw kɛse no ho dwuma de agye adesamma anokwafo. Ɛnyɛ Yesu asuafo a wosuro Onyankopɔn a wɔwɔ asase so nnɛ no nkutoo na ɔde nkwagye brɛ wɔn, na mmom ɔde brɛ awufo ɔpepem pii a wontumi nkan wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no nso. (Luka 21:27, 28) Satan a wɔfrɛ no sɛ “yɛn nuanom anototofo” no kyerɛ sɛ, ɛwom sɛ wɔkyerɛe sɛ asɛm a ɔde too Hiob so no yɛ atoro de, nanso wakɔ so ara agye Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so no mudi ho kyim. Ɛda adi pefee sɛ wɔati asɛm no mu aka mpɛn pii sɛ onipa de nea ɔwɔ nyinaa bɛma de agye ne kra. Satan adi nkogu ma ɛyɛ awerɛhow dɛn ara!—Hiob 1:9-11; 2:4, 5.

20. Ɔkwan bɛn so na Kristofo anokwafo adi Satan so nkonim?

20 Kristofo a wɔasra wɔn a “oguammaa no mogya” nti wɔabu wɔn atreneefo no kɔ so ara di Onyankopɔn ne Yesu Kristo ho adanse ɔtaa ahorow nyinaa akyi. Bɛboro mfe 120 ni no, Yohane kuw yi akɔ so atwe adwene asi ɔsɛmpɔw akɛse a ɛwɔ Amanaman Mmere a ɛbaa awiei wɔ 1914 mu no mu no so. (Luka 21:24) Na mprempren nnipakuw kɛse no ka wɔn ho resom nokwaredi mu. Eyinom mu biara nsuro wɔn a “wokum nipadua na wontumi nkum ɔkra” no sɛnea Yehowa Adansefo asetra mu osuahu ahorow ada no adi mpɛn pii wɔ yɛn bere yi so no. Wɔnam asɛm a wɔde ano ka ne Kristofo abrabɔ pa so adi Satan so nkonim na wɔada no adi mmere nyinaa sɛ ɔyɛ ɔtorofo. (Mateo 10:28; Mmebusɛm 27:11; Adiyisɛm 7:9) Sɛ wonyan Kristofo a wɔasra wɔn yi kɔ soro a, anigye bɛn ara na wobenya sɛɛ yi esiane sɛ Satan nni ɔsoro hɔ bio na watoto wɔn nuanom ano nti! Ampa ɛyɛ bere a abɔfo dɔm no nyinaa de anigye begye ɔfrɛ no so sɛ: “Mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam!”

Due a Ɛne no Bɔ Abira!

21. Ɔkwan bɛn so na Satan de due aba asase ne ɛpo so?

21 Esiane sɛ Satan bo afuw wɔ due a ɛto so abiɛsa no ho nti, afei ɔbɔ ne tirim sɛ ɔde n’ankasa due pɔtee bi bɛhaw adesamma. Ɛne: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12b) Ampa, tu a wotuu Satan fii soro no kyerɛ due ma asase a adesamma pɛsɛmenkominyafo a odi wɔn so resɛe no no ankasa. (Deutoronomium 32:5) Nea ɛkyɛn saa koraa no, Satan adwene a ɛne sɛ ‘medi so anaa mɛsɛe no’ no de due ba sɛnkyerɛnne kwan so asase a ɛne adesamma abusua nhyehyɛe ne sɛnkyerɛnne kwan so ɛpo a ɛne adesamma bebree a wɔyɛ bagyabagya no ankasa nso so. Wɔ wiase ko abien no mmere no mu no, Satan abufuw no daa adi wɔ amanaman a wɔhyɛ n’ase no so na adaemone abufuw a ɛte saa a woyi no ara kɔ so de bedu nnɛ—nanso ɛrenkɔ so nkyɛ bio! (Marko 13:7, 8) Nanso ɛmfa ho sɛnea Ɔbonsam akwan ahorow no bɛyɛ hu afa no, ennu nea due a ɛto so abiɛsa no de bɛba—dwuma a Onyankopɔn Ahenni no bedi—a ɛbɛba Satan ahyehyɛde a aniwa hu no so no ho hwee!

22, 23. (a) Yohane se dɛn na ɛba bere a na wɔatow ɔtweaseɛ no akyene asase so akyi no? (b) Ɔkwan bɛn so na etumi yɛ yiye sɛ ɔtweaseɛ no taa “ɔbea a ɔwoo ɔbabanin no”?

22 Efi bere a wɔpam Satan wɔ ɔsɛe kwan so no, ɔde n’abufuw nyinaa abɛsoɛ Kristo nuanom a wɔda so wɔ asase so no so. Yohane bɔ amanneɛ sɛ: “Na ɔtweaseɛ no hui sɛ wɔatow no akyene asase so no, ɔtaa ɔbea a ɔwoo ɔbabanin no. Na wɔmaa ɔbea no ɔkɔre kɛse ntaban abien sɛ ɔmfa ntu nkɔ sare so wɔ ne trabere, nea wɔbɛhwɛ no ɛbere ne mmere ne ɛbere fa afi ɔwɔ no anim.”—Adiyisɛm 12:13, 14.

23 Ɛha no, anisoadehu no san ka adwene a wɔada no adi wɔ nkyekyem 6 no mu no kyerɛ yɛn sɛ bere a ɔbea no wo ne ba no akyi no, oguan kɔ sare so fi ɔtweaseɛ no anim. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ ɛbɛyɛ dɛn na ɔtweaseɛ no atumi ataa ɔbea no bere a ɔbea no wɔ soro na mprempren wɔatow ɔtweaseɛ no akyene asase so no. Wiɛ, kae sɛ ɔbea no wɔ mma wɔ asase so ha, n’asefo no. Akyiri yi wɔ anisoadehu yi mu no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ Satan yi n’abufuw a ɔwɔ wɔ ɔbea no ho no adi denam taa a ɔtaa n’asefo no so. (Adiyisɛm 12:17) Wobetumi abu nea ɛba ɔbea no asefo a wɔwɔ asase so ha no so sɛ ɔbea no ankasa so na ɛba. (Fa toto Mateo 25:40 ho.) Na asefo a wɔn dodow kɔ so dɔɔso wɔ asase so ha no nso benya ɔtaa ahorow yi bi.

Ɔman Foforo

24. Dɛn na Bible Asuafo no hui a ɛte sɛ gye a wogyee Israelfo fii Misraim no?

24 Bere a na wɔreko wiase ko a edi kan no, Yesu nuanom anokwafo no kɔɔ so dii wɔn adanse no ara sɛ nea wobetumi. Wɔyɛɛ eyi wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den a efi Satan ne n’apamfo anuɔdenfo no hɔ no anim. Awiei no, ɛkame ayɛ sɛ wɔmaa Bible Asuafo no baguam adansedi no gyaee koraa. (Adiyisɛm 11:7-10) Saa bere no na wohyiaa tebea bi a ɛte sɛ nea Israelfo hui wɔ Misraim a wɔn nso wɔtɔɔ wɔn bo ase ɔhyɛ kɛse ase no. Saa bere no na wɔ ahoɔhare so te sɛ nea wɔwɔ ɔkɔre ntaban no, Yehowa de wɔn baa dwoodwoo asetra mu wɔ Sinai sare so. (Exodus 19:1-4) Saa ara nso na ɔtaa a ano yɛ den a ɛbae wɔ 1918-19 mu no akyi no, Yehowa gyee n’adansefo a wogyina hɔ ma ne ɔbea no kɔɔ honhom mu tebea bi a ɛyɛ dwoodwoo ma wɔn te sɛ nea sare so hɔ yɛ maa Israelfo no. Eyi bae sɛ wɔn mpae a wɔbɔe no ho mmuae.​—Fa toto Dwom 55:6-9 ho.

25. (a) Dɛn na Yehowa de bae wɔ 1919 mu a ɛte sɛ Israelfo a ɔde wɔn bae sɛ ɔman wɔ sare so hɔ no? (b) Henanom na wɔka bom yɛ ɔman yi, na dɛn mu na wɔde wɔn aba?

25 Wɔ sare no so no, Yehowa woo Israelfo no sɛ ɔman, na ɔmaa wɔn honhom mu ne honam fam nneɛma. Saa ara nso na efi 1919 mu no, Yehowa de ɔbea no asefo no bae sɛ honhom mu man. Ɛnsɛ sɛ wɔde eyi ne Mesia Ahenni a ɛredi so fi soro fi 1914 no fra. Mmom no wɔn a wɔyɛ ɔman foforo yi ne adansefo a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔwɔ asase so a wɔde wɔn baa honhom mu anuonyam tebea mu wɔ 1919 mu no. Bere a afei wɔma eyinom “wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu” no, wɔhyɛ wɔn den ma adwuma a ɛda wɔn anim no.​—Luka 12:42; Yesaia 66:8.

26. (a) Bere a wɔbɔɔ din wɔ Adiyisɛm 12:6, 14 no tenten yɛ ahe? (b) Na atirimpɔw bɛn na ɛwɔ mmere abiɛsa ne fa no ho, bere bɛn na efii ase na bere bɛn na ɛbaa awiei?

26 Onyankopɔn ɔbea no asefo no home bere yi koduu bere bɛn? Adiyisɛm 12:6 ka sɛ nnafua 1,260. Adiyisɛm 12:14 frɛ bere no sɛ bere, mmere ne bere fa; ɔkwan foforo so no mmere abiɛsa ne fã. Nokwarem no, nsɛm abien no nyinaa gyina hɔ ma mfe abiɛsa ne fã, na wɔ Asasetifi no, efi 1919 fefɛw bere mu kosi 1922 twabere mu. Na eyi yɛ ahosan bere a ɛmaa wɔn ho tɔɔ wɔn ne nhyehyɛeyɛ bere bi ma Yohane kuw a wɔasan de wɔn aba no.

27. (a) Sɛnea Yohane amanneɛbɔ no kyerɛ no, dɛn na ɔtweaseɛ no yɛe wɔ 1922 akyi? (b) Na Satan atirimpɔw wɔ ɔtaa pii a opuw guu Adansefo no so no ho ne dɛn?

27 Ɔtweaseɛ no ampa abaw! “Na ɔwɔ no puw n’anum nsu sɛ asubɔnten guu ɔbea no akyi, sɛ anka ɛmfa no.” (Adiyisɛm 12:15) Dɛn na “nsu sɛ asubɔnten,” anaasɛ “nsu a eyiri” (The New English Bible) no kyerɛ? Tete Ɔhene Dawid kaa nnipa bɔne a wɔsɔre tiaa no no ho asɛm sɛ “abɔnefo asuasu” [“ahuhufo asuten,” Young]. (Dwom 18:4, 5, 16, 17) Nea Satan hwie gu nnɛ no nso yɛ ɔtaa a efi ahuhufo anaa “abɔnefo” hɔ. Wɔ 1922 akyi no, Satan puw ɔtaa bebree guu Adansefo no so. (Mateo 24:9-13) Ɔhwe ankasa, ‘mmara so a wɔnam bɔ mmusu,’ afiase a wɔde wɔn kogu ne okum mpo a wɔnam sɛn a wɔsɛn wɔn, tuo a wɔtotow bobɔ wɔn ne wɔn ti a wotwitwa ka eyi ho. (Dwom 94:20) Satan a wɔabrɛ no ase a wɔmmma onnya Onyankopɔn ɔsoro ɔbea no ho kwan tee bio no de abufuw kɔtoa ɔbea no asefo nkaefo a wɔwɔ asase so no sɛ ɔbɛsɛe wɔn tee anaasɛ nso ɔbɛma Onyankopɔn dom abɔ wɔn denam wɔn mudi mu a ɔmma wonkura so. Nanso wɔn bo a wɔasi no te sɛ Hiob de no: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.”—Hiob 27:5.

28. Ɔkwan bɛn so na ɔtaa no duu ne pɔmpɔn so wɔ Wiase Nyinaa Ko II no mu?

28 Ɔtaa bɔne bebrebe yi duu ne pɔmpɔn so wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu. Wɔ Europa no, wɔkyeree Adansefo bɛyɛ 12,000 koguu Nasi adwumayɛban ne afiase ahorow mu, na bɛyɛ 2,000 wuwui. Akodi mu akatakyie a wodii Italy, Japan, Korea ne Taiwan so ase no, wɔyɛɛ Adansefo anokwafo atirimɔdenne a ɛtete saa. Nea wose wɔfrɛ wɔn kwasafoman nsase so mpo, Katolek Adeyɛkuw kɔtoaa Adansefo no boroo wɔn de amã srasraa wɔn ho de ntakra tuatuaa wɔn ho na wɔpam wɔn fii nkurow mu. Wɔsɛee Kristofo nhyiam horow na wɔpam Adansefo mmofra fii sukuu.

29. (a) Yohane ka ahotɔ a efi baabi a wɔnhwɛ kwan bae no ho asɛm dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na “asase boaa ɔbea no”? (d) Dɛn na ɔtweaseɛ no akɔ so ayɛ?

29 Ahotɔ fii beae bi a wɔanhwɛ kwan bae: “Nanso asase boaa ɔbea no, na asase buee n’anom menee asubɔnten a ɔtweaseɛ no puw fii n’anom no. Na ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbea no, na okotuu n’asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu ho adansedi adwuma no so sa.” (Adiyisɛm 12:16, 17, NW) “Asase no”—Satan ankasa nneɛma nhyehyɛe no mu nneɛma horow—fii ase menee “asubɔnten,” anaasɛ “nsuyiri” no. Wɔ 1940 mfe no mu no, Adansefo no dii bem ahorow wɔ United States Asennibea Kɛse mu ne nsase horow binom so atumfo a wɔpene ɔsom mu ahofadi so no hɔ. Awiei, no Amanaman a Wɔaka Abom no menee Nasifo ne Fasistfo ntwirididii no na wɔmaa Adansefo a na wɔahu amane wɔ katabaakofo atirimɔdenfo ase no ho tɔɔ wɔn. Ɔtaa no to antwa koraa, ɔtweaseɛ no abufuw no akɔ so ara abedu nnɛ, na ɔkɔ so ne wɔn a “wokura Yesu ho adansedi adwuma no” ko ara. Wɔ nsase pii so no, Adansefo anokwafo da so ara gu afiase, na ebinom da so ara wuwu wɔn mudi nti. Nanso nsase yi bi so no, bere ne bere mu no, atumfo no gow wɔn nhyɛso no mu kakra, na Adansefo no nya ahofadi kakra kodu baabi. * Enti, nea ɛma nkɔmhyɛ no ba mu no, asase no kɔ so mene ɔtaa asubɔnten no.

30. (a) Asase no de ahotɔ a ɛdɔɔso ama ma ɛde dɛn aba? (b) Onyankopɔn nkurɔfo mudi mu kura kowie dɛn mu?

30 Wɔ saa kwan yi so no, asase no de ahotɔ a ɛdɔɔso bɛba na ama kwan ma Onyankopɔn adwuma atrɛw akɔ nsase bɛyɛ 235 so na ɛde asɛmpakafo anokwafo a wɔboro ɔpepem asia aba. Amanaman ntam gyidifo afoforo nnipakuw kɛse ka ɔbea no asefo nkae no ho redi Onyankopɔn ahyɛde a ɛfa wɔn ho a wɔbɛtwe afi wiase ho, atew wɔn abrabɔ fam, na wɔadodɔ wɔn nuanom ho no so na wodi Mesia Ahenni no ho adanse. Wɔn mudi no bua Satan ahohorabɔ mpoatwa no, ma enti ɛde Satan ne ne nneɛma nhyehyɛe no sɛe ho kɔkɔbɔ ma.​—Mmebusɛm 27:11.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Fa toto honam fam Israel mmusuakuw 12, asomafo 12 no, honhom fam Israel mmusuakuw 12, ne apon 12, abɔfo 12, Yerusalem Foforo nhyɛase abo 12 no ho.​—Adiyisɛm 21:12-14.

^ nky. 15 Nanso hyɛ no nsow sɛ Adiyisɛm 12:9 ka “ɔtweaseɛ kɛse . . . ne n’abɔfo” no ho asɛm. Enti ɛnyɛ sɛ ɔbonsam yɛ ne ho atoro nyame bi nko na mmom ɔbɔ mmɔden nso sɛ ɔbɛyɛ ne ho sɛ ɔbɔfo panyin, ɛwom sɛ Bible mfa saa abodin no mma no da de.

^ nky. 29 Asennibea a ɛkorɔn sen biara wɔ nsase binom so no ama Yehowa Adansefo ho atɔ wɔn; wɔakyerɛw bem ahorow a wɔadi yi bi wɔ adaka a ɛwɔ kratafa 92 no mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 185 adaka]

“Asase Buee N’anom”

Satan agyaa ne taa a eyiri sram so no mu agu Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo so wɔ nsase pii so. Nanso mpɛn pii no nneɛma a ɛkɔ so wɔ Satan ankasa nneɛma nhyehyɛe no mu memene saa nsuyiri no.

Mpammoro ne afiase nna bebree wɔ United States no mu bem ahorow a wodii wɔ Asennibea Kɛse no mu wɔ 1940 mfe no mu no memenee emu fã kɛse no ara.

1945: Apamfo nkonimdi ahorow wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu no maa ɔtaa a ano yɛ den wɔ nsase horow a Germany ne Japan dii so no so no gyaee.

Bere a wɔbaraa Yehowa Adansefo wɔ Dominican Republic no, wɔde Adansefo no koguu afiase, wotwaa wɔn mmaa na wɔde tubona boroo wɔn. Wɔ 1960 mu no, mpaapaemu a ɛbaa katabaakofo Rafael Trujillo ne Roman Katolek Asɔre no ntam no ma woyii bara a wɔbaraa wɔn no fii Yehowa Adansefo so.

Tuo a wɔtotow wɔn, hyew a wɔhyew wɔn, mmonnaa a wɔto wɔn, ɔhwe, aninyanne a wɔyɛ wɔn ne kum a wokunkum Adansefo no wɔ amanko mu wɔ Nigeria no baa awiei wɔ 1970 mu bere a aban no asraafo dii atuatewfo no so nkonim wɔ ɔmansin a na saa nneɛma no rekɔ so wɔ mu no mu no.

Wɔ Spain no, wɔtow hyɛɛ afie so na wɔbɔɔ Kristofo ka de wɔn koguu afiase sɛ wɔayɛ “bɔne” sɛ wɔaka Onyankopɔn ho asɛm na wɔayɛ Kristofo nhyiam. Awiei no, ɔtaa yi to twae wɔ 1970 mu na esiane sɛ aban no sakraa n’adwene wɔ asɔre afoforo a wɔnyɛ Katolekfo ho no nti, wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu.

Wɔ Portugal no, wɔhwehwɛɛ afie ɔhaha pii mu a na wonkura tumi krataa biara. Wopirapiraa Adansefo no na wɔde wɔn koguu afiase, gyigyee wɔn Bible. ‘Wɔmenee’ awudisɛm yi bere a wɔ 1974 mu no, asraafo ɔman anidan kowiee nniso no mu nsakrae mu na wɔhyɛɛ mmara a ɛmaa nhyiam mu ahofadi ho kwan no.

Wɔ Argentina no, wɔ asraafo nniso bi ase no, wɔpam Yehowa Adansefo mma fii sukuu na wɔkyekyeree ɔman no mu Adansefo sɛ wɔaka asɛmpa no nti. Awiei no, ɔtaa yi to twae wɔ 1984 mu bere a nniso a ɛwɔ hɔ saa bere no gyee Yehowa Adansefo Kuw no too mu wɔ mmara kwan so no.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 183]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

1914 Ahenni no Awo

1919 Ɔman foforo no awo

1919-1922 Ahosan bere

1922- Ɔtaa bebree

[Kratafa 182 mfonini ahorow]

Asase nnue