Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔsɛe Babilon Kɛse No

Wɔsɛe Babilon Kɛse No

Ti 35

Wɔsɛe Babilon Kɛse No

1. Ɔbɔfo no ka aboa kɔkɔɔ no ho asɛm dɛn, na nyansa bɛn na ehia ma wɔde ate Adiyisɛm mu nsɛnkyerɛnne no ase?

ƆBƆFO no reka Adiyisɛm 17:3 aboa kɔkɔɔ no ho asɛm bio no, ɔka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Ɛha na adwene a nyansa wom no wɔ. Ti ason no yɛ mmepɔw ason a ɔbea no te so, na ɛyɛ ahene baason. Baanum agu, obiako wɔ hɔ, ɔfoforo no nnya mmae ɛ, na ɔba a, etwa sɛ ɔtra hɔ kakraa bi.” (Adiyisɛm 17:9, 10) Ɛha no, ɔbɔfo no kyerɛ nyansa a efi soro, nyansa a ɛno nkutoo na ɛbɛma wɔate Adiyisɛm mu nsɛnkyerɛnne no ase. (Yakobo 3:17) Nyansa yi ma Yohane kuw no ne wɔn ahokafo hu aniberesɛm a ɛwɔ mmere a yɛte mu no mu no. Ɛma komapafo nya Yehowa atemmu ahorow a afei na wɔrebedi ho dwuma no ho anisɔ, na ɛma wonya Yehowa ho suro pa. Sɛnea Mmebusɛm 9:10 ka no: “Nyansa mfiase ne [Yehowa] suro, na Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.” Dɛn na ɔsoro nyansa da no adi kyerɛ yɛn wɔ aboa no ho?

2. Aboa kɔkɔɔ no ti ason no kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na na “anum agu, [na] obiako wɔ hɔ”?

2 Saa aboa a ɔyɛ keka no ti ason no gyina hɔ ma “mmepɔw” ason, anaasɛ “ahene” baason. Wɔka nsɛm abien no nyinaa Kyerɛwnsɛm mu de kyerɛ nniso tumi horow. (Yeremia 51:24, 25; Daniel 2:34, 44, 45) Bible mu no, wɔabobɔ wiase tumi horow asia din sɛ wɔanya Onyankopɔn nkurɔfo nsɛm so tumi: Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela ne Roma. Eyinom mu no, na anum abetwam kɔ dedaw bere a Yohane nsa kaa Adiyisɛm no, bere a na Roma da so ara yɛ wiase tumi a ne ho yɛ den. Eyi ne nsɛm “baanum agu, obiako wɔ hɔ” no hyia yiye. Na “ɔfoforo” a ɔrebɛba no nso ɛ?

3. (a) Ɔkwan bɛn so na Roma Ahemman no mu paapae? (b) Nneɛma bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Atɔe? (d) Ɛsɛ sɛ wobu Roma Ahemman Kronkron no dɛn?

3 Roma Ahemman no traa ase ma mpo emu trɛwee mfehaha pii Yohane bere no akyi. Afe 330 Y.B. mu no, Ɔhempɔn Konstantino yii n’ahenkurow no fii Roma kɔɔ Byzantium, na ɔtoo ne din foforo sɛ Constantinople. Afe 395 Y.B. mu no, wɔpaapae Roma Ahemman no mu yɛɛ no Apuei Fam de ne Atɔe Fam de. Afe 410 Y.B. mu no, Roma ankasa gui Wisigotfo (Germanfo abusuakuw bi a wɔasakra abɛyɛ Arianfo “Kristosom”) hene Alarik anim. Germanfo mmusuakuw bi (a wɔn so wɔyɛ “Kristofo”) dii Spain ne Romafo asase a ɛda Afrika Atifi fam no pii so nkonim. Basabasayɛ, ahotɔ a enni hɔ ne nsakrae pii bae wɔ Europa mfehaha. Ahempɔn akɛse sɔresɔree wɔ Atɔe, te sɛ Charlemagne a ɔne Paapa Leo III yɛɛ apam afeha ɛto so 9 no mu, ne Frederick II, a odii tumi afeha 13 no mu no. Nanso, ɛwom sɛ wɔfrɛɛ wɔn ahemman no Roma Ahemman Kronkron de, nanso ná esusuae koraa sen Roma Ahemman a edii kan traa se bere a ná adu ne pɔmpɔn so no. Ná ɛyɛ tete tumi yi a wɔasan de asi hɔ anaasɛ ne ntoaso mmom na ɛnyɛ ahemman foforo.

4. Yiye bɛn na Roma Apuei Fam Ahemman no dii, na dɛn na ɛbaa tete Roma kan nsase a ná ɛwɔ Afrika Atifi Fam, Spain ne Syria no mu pii so?

4 Roma Apuei Fam Ahemman a na ne ti wɔ Constantinople no ne Atɔe fam Ahemman no anya abusuabɔ. Afeha a ɛto so asia no mu no, Apuei Fam Ɔhempɔn Justinian I tumi dii Afrika Atifi Fam afa horow pii so nkonim bio, na ɔde ne ho kogyee Spain ne Italia nsɛm mu nso. Afeha a ɛto so ason no mu no, Justinian II san kogyee Makedonia mmeae ahorow a na Slaviafo bi adi so nkonim no maa Ahemman no. Nanso eduu afeha a ɛto so awotwe no mu no, ná tete Roma nsa a egu Afirika Atifi, Spain, ne Syria no abɛhyɛ Nkramofo ahemman foforo no ase ma enti afi Konstantinople ne Roma nyinaa tumi ase.

5. Ɛwom sɛ Roma kuropɔn no gui afe 410 Y.B. mu de, nanso ɔkwan bɛn so na egyee mfehaha pii bio ansa na amammui Roma Ahemman no ho nkae nyinaa refi wiase.

5 Konstantinople kuropɔn no ankasa traa hɔ kyɛe kakra. Egyinae ntua a na ɛtaa ba no so fi Persiafo, Arabiafo, Bulgarfo, ne Rusiafo hɔ no ano kosii sɛ awiei no egui afe 1203 mu—ɛnyɛ Nkramofo anim, na mmom mmeamudua akofofo a wofi Atɔe no anim. Nanso, wɔ 1453 mu no, ɛbɛhyɛɛ Nkramofo Ottoman tumidifo Mehmed II no tumi ase na ankyɛ na ɛbɛyɛɛ Ottoman, anaasɛ Turkifo, Ahemman no ahenkurow. Enti, ɛwom sɛ Roma kuropɔn no gui wɔ 410 Y.B. mu de, nanso egyee mfehaha pii bio ansa na amammui Roma Ahemman no ho nkae nyinaa refi wiase. Na ɛno mpo, na wɔda so ara hu ne nkɛntɛnso wɔ nyamesom ahemman ahorow a egyina Roma paapanom ne Apuei Fam Ortodoks asɔre ahorow no tumidi so no mu.

6. Ahemman afoforo koraa bɛn na ɛbae, na nea ɛwɔ he na edii yiye sen ne nyinaa?

6 Nanso, eduu afeha a ɛto so 15 no mu no, ná aman bi rehyehyɛ ahemman afoforo. Bere a na tumi afoforo yi bi wɔ kan Roma atubra nsase so no, ná wɔn ahemman ahorow no nyɛ Roma Ahemman no ntoaso ara kwa. Portugal, Spain, Franse ne Holland nyinaa bɛyɛɛ mmeae a wofi di tumi kɔ akyirikyiri. Nanso nea edii yiye sen wɔn nyinaa ne Britania a ebedii ahemman kɛse bi a ‘owia ntɔ wɔ so da’ so no. Ahemman yi trɛwee mmere horow mu kɔɔ Amerika Atifi fam afa ahorow pi, Afrika, India ne Asia Kesee fam ne Pasifik Kesee fam tɛtrɛɛ no mu.

7. Ɔkwan bɛn so na wiase tumi a ɛbɔ ho abien bi bae, na Yohane se saa ‘ti,’ anaasɛ wiase tumi, a ɛto so ason no bɛtra hɔ bere tenten bɛn?

7 Eduu afeha a ɛto so 19 no mu no, ná atubra man a ɛwɔ Amerika atifi fam no bi atew wɔn ho afi Britania ho dedaw abɛyɛ United States, Amerika a ɛde ne ho. Amammui fam no, ɔko kɔɔ so wɔ ɔman foforo no ne ɔman a kan ɛhyɛ n’ase no ntam. Nanso, wiase nyinaa ko a edi kan no hyɛɛ aman abien no nyinaa ma wohuu nneɛma a ehia wɔn nyinaa na wɔkaa ho bɔɔ mu wɔ abusuabɔ titiriw bi mu. Enti, wiase tumi bi a ɛbɔ ho abien bae, a wɔn a wɔwom ne United States a mprempren ɛne ɔman a anya ne ho sen biara wɔ wiase, ne Britania Kɛse a ɛne wiase ahemman a ɛso sen biara no trabea. Enti, eyi ne ‘ti’ a ɛto so ason, anaasɛ wiase tumi a ɛkɔ so kodu awiei bere no mu a ne nsase so na wodii kan hyehyɛɛ nnɛyi Yehowa Adansefo no. Sɛ wɔde ti a ɛto so asia no ahenni bere tenten no toto ho a, ná nea ɔto so ason no atra hɔ “kakraa bi” kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe amanaman no nyinaa.

Dɛn Nti na Wɔfrɛ no Ɔhene a Ɔto so Awotwe?

8, 9. Ɔbɔfo no frɛ sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɔkɔɔ no dɛn, na ɔkwan bɛn so na ofi ason no mu?

8 Ɔbɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu bio kyerɛ Yohane sɛ: “Na aboa bi a da bi na ɔwɔ hɔ na afei de, onni hɔ no, ɔno ara nso ne nea ɔto so awotwe, na ofi ason no mu, na ɔkɔ ɔsɛe mu.” (Adiyisɛm 17:11) Sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɔkɔɔ no “fi” ti ason no mu; kyerɛ sɛ wofi saa mfitiase “aboa . . . a ofi po mu” a aboa kɔkɔɔ no yɛ ne honi, no ti ahorow no mu na ɛwoo no, anaasɛ n’asetra fi no. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, wɔ 1919 mu no, ná Anglo-Amerika tumi no na ɛyɛ ti a edi so. Ná atiri asia a edi kan no agu, na wiase so tumidi dibea no asen akɔ ti a ɛbɔ ho abien yi hɔ ma afei ne mu na ɛwɔ. Na ti a ɛto so ason yi, sɛnea mprempren egyina hɔ wɔ wiase tumi horow a adidi so no ananmu no, ne tumi a ɛkaa nkurɔfo ma wɔde Amanaman Apam no sii hɔ na ɛda so ara yɛ otitiriw a ɔma Amanaman Nkabom no wɔ hɔ na ɛboa no sika fam. Enti, sɛnkyerɛnne kwan so no, aboa kɔkɔɔ—ɔhene a ɔto so awotwe no—“fi” mfitiase ti ason no mu. Sɛ wɔhwɛ no ɔkwan yi so a, asɛm a wɔkae sɛ efi ason no mu no ne adiyi a edi kan sɛ aboa a ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguammaa (Anglo-Amerika Wiase Tumi, mfitiase aboa no ti a ɛto so ason) a ɔhyɛe sɛ wɔnyɛ ohoni no na ɔmaa no nkwa no hyia pɛpɛɛpɛ.​—Adiyisɛm 13:1, 11, 14, 15.

9 Nea ɛka ho bio no, wɔn a na wɔka Britania Kɛse ho yɛ Amanaman Apam no mufo fi mfiase no ne nniso horow a edii tumi wɔ atiri a adi kan no mu binom nkongua so, a wɔne Hela, Iran (Persia) ne Italia (Roma). Awiei no, nniso horow a edi nsase a wiase tumi horow asia a adi kan no dii so no bɛyɛɛ aboa no honi no aboafo. Ɔkwan yi so nso no, wobetumi aka sɛ aboa kɔkɔɔ no fi wiase tumi ason no mu na ɛbae.

10. (a) Dɛn nti na wobetumi aka sɛ aboa kɔkɔɔ no “ara nso ne [Ɔhene a] ɔto so awotwe”? (b) Kan Soviet Union ɔmampanyin bi kyerɛe sɛ ɔboa Amanaman Nkabom no dɛn?

10 Hyɛ no nsow sɛ aboa kɔkɔɔ no ankasa “nso ne [ɔhene] a ɔto so awotwe.” Enti wɔhyehyɛɛ Amanaman Nkabom no nnɛ te sɛ wiase nniso bi. Adi dwuma mpo mmere bi sɛ nniso ma asoma asraafo sɛ wɔnkɔ akono nkɔpata amanaman ntam akameakamedi sɛnea wɔyɛe wɔ Korea, Sina Nsu Ntam Asase no so, Afrika aman binom ne Lebanon no. Na ɛyɛ ɔhene bi honi ara kwa. Te sɛ nyamesom honi bi no, enni nkɛntɛnso anaa tumi ankasa biara wɔ nea wɔn a wɔde bae na wɔkotow no no de maa no no akyi. Ɛtɔ mmere bi a, sɛnkyerɛnne kwan so aboa yi yɛ sɛnea ayɛ mmerɛw; nanso enhuu gyaw a emufo a wokura katabaako adwene a wɔmaa Amanaman Apam no tɔɔ ntintan kɔhwee bun no mu no nyinaa begyaw no no bi da. (Adiyisɛm 17:8) Ɛwom sɛ wokurakura adwenhorow a ɛsonsonoe koraa wɔ nsɛm ahorow ho de, nanso wɔ 1987 mu no, kan Soviet Union ɔkannifo bi a ɔyɛ otitiriw kɔkaa Roma paapanom ho kyerɛe sɛ wogyina Amanaman Nkabom no akyi. Ɔkae mpo sɛ wɔmfa “amanaman ntam dwoodwoo asetra nhyehyɛe bi a edi mu” a egyina Amanaman Nkabom no so nsi hɔ. Sɛnea afei Yohane hu no, bere bi bɛba a Amanaman Nkabom no de tumi a ɛdɔɔso ara yiye bedi dwuma. Ɛno na afei ɛno nso bɛkɔ “ɔsɛe mu.”

Dɔnhwerew Biako ma Ahene Du

11. Dɛn na Yehowa bɔfo no ka wɔ sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɔkɔɔ no mmɛn du no ho?

11 Adiyisɛm ti a edii eyi anim no mu no, abɔfo a wɔto so asia ne ason no hwiee Onyankopɔn abufuw nkuruwa no gui. Enti, wɔma yɛtee sɛ wɔreboaboa asase so ahene ano akɔ Onyankopɔn ko wɔ Harmagedon ne sɛ ‘wɔbɛkae Babilon Kɛse wɔ Onyankopɔn anim.’ (Adiyisɛm 16:1, 14, 19) Afei yebehu sɛnea wobedi Onyankopɔn atemmu ahorow ho dwuma wɔ eyinom so no mu yiye. Tie Yehowa bɔfo no bio bere a ɔkasa kyerɛ Yohane no. Na mmɛn du a wuhui no ne ahene du a wonnyaa ahenni ɛ, nanso wɔne aboa no benya ahoɔden sɛ ahene dɔnhwerew biako. Eyinom wɔ adwenkoro, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no. Eyinom ne oguammaa no bɛko, na oguammaa no bedi wɔn so nkonim,—efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene,—ɔne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wodi no nokware no.”— Adiyisɛm 17:12-14.

12. (a) Dɛn na mmɛn du no yɛ ho mfonini? (b) Ɔkwan bɛn so na na sɛnkyerɛnne kwan so mmɛn du no ‘nnyaa ahenni bi ɛ’? (d) Ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so mmɛn du no wɔ “ahenni” nnɛ, na ebedi bere tenten bɛn?

12 Mmɛn du no gyina hɔ ma amammui tumi horow a edi wiase so mprempren na egyina aboa no honi no akyi no nyinaa. Aman a ɛwɔ hɔ mprempren no mu kakraa bi na ná wonim wɔn wɔ Yohane nna no mu. Na ɛnnɛ no, wɔn a ná wɔwɔ hɔ, te sɛ Misraim ne Persia (Iran) no wɔ amammui nhyehyɛe a ɛyɛ soronko koraa. Enti, wɔ afeha a edi kan no mu no, ná ‘mmɛn du no nyaa ahenni.’ Nanso, mprempren wɔ Awurade da no mu no, wɔanya “ahenni” anaasɛ amammui tumi. Esiane sɛ tete ahemman akɛse no ahwehwe ase, titiriw wɔ wiase ko a ɛto so abien no mu nti, wɔawo aman afoforo pii. Ɛsɛ sɛ eyinom ne tumi ahorow a wɔde sisii hɔ akyɛ no di tumi sɛ ahene bere tiaa bi—“dɔnhwerew biako” pɛ—ansa Yehowa de wiase amammui tumi nyinaa aba awiei wɔ Harmagedon.

13. Ɔkwan bɛn so na mmɛn du no wɔ “adwenkoro,” na su a wokura wɔ Oguammaa no ho bɛn na eyi si so dua?

13 Ɛnnɛ, ɔmampɛ yɛ tumi horow a emu yɛ den sen biara a ɛkanyan mmɛn du yi no mu biako. Wɔwɔ “adwenkoro” a ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔkora wɔn ɔman tumidi no so mmom sen sɛ wobegye Onyankopɔn Ahenni atom. Wɔn atirimpɔw a ɛma wɔde wɔn ho kɔbataa Amanaman Apam ne Amanaman Nkabom ahyehyɛde no ho nea edi kan ni—sɛ wɔbɛkora wiase asomdwoe so na wɔnam saayɛ so abɔ wɔn ankasa asetra ho ban. Su a ɛte saa no si so dua sɛ mmɛn no bɛsɔre atia Oguammaa, “awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene” no, efisɛ Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔrenkyɛ na n’Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo ase no ayi ahenni horow yi nyinaa afi hɔ na abesi ananmu.​—Daniel 7:13, 14; Mateo 24:30; 25:31-33, 46.

14. Ɔkwan bɛn so na etumi yɛ yiye sɛ wiase atumfo ne Oguammaa no ko, na dɛn na ebefi mu aba?

14 Nokwarem no, hwee nni hɔ a wiase atumfo betumi ayɛ atia Yesu ankasa. Ɔwɔ ɔsoro, a wɔn nsa rentumi nka no koraa. Nanso Yesu nuanom, ɔbea no aseni nkaefo no da so wɔ asase so na ɛda adi sɛ nsa betumi aka wɔn. (Adiyisɛm 12:17) Mmɛn no mu bebree ada ɔtan a wɔtan wɔn yiye no adi dedaw, na ɔkwan yi so no, wɔne Oguammaa no ako. (Mateo 25:40, 45) Nanso, ɛrenkyɛ na bere adu sɛ Onyankopɔn Ahenni “bebubu ahenni horow no nyinaa ma asa.” (Daniel 2:44) Saa bere no, asase so ahene ne Oguammaa no bɛko ɔko a ɛde ɔsɛe koraa bɛba, sɛnea ɛrenkyɛ yebehu no. (Adiyisɛm 19:11-21) Nanso ɛha no, yɛahu nea ɛdɔɔso a ɛbɛma yɛahu sɛ amanaman no renni yiye. Ɛwom sɛ wɔne Amanaman Nkabom aboa kɔkɔɔ no wɔ “adwenkoro” de, nanso wontumi nni “awuranom Awurade ne ahene mu Hene” kɛse no so nkonim, na wontumi “wɔn a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wɔyɛ anokwafo a wɔka ne ho,” a n’akyidifo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no nso ka ho no so nkonim. Ná eyinom nso adi nkonim denam wɔn mudi mu a wokura de bua Satan anototo bɔne ahorow no so.​—Romafo 8:37-39; Adiyisɛm 12:10, 11.

Aguaman no a Wɔyɛ no Pasaa

15. Dɛn na ɔbɔfo no ka fa aguaman no ne su a aboa no mmɛn du no wɔ wɔ ne ho, ne nea wɔde bɛyɛ no no ho?

15 Ɛnyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nko na mmɛn du no bɛtan wɔn. Afei ɔbɔfo no san twe Yohane adwene si aguaman no so: “Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu a wuhui a aguaman no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow. Na mmɛn du a wuhui no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.”—Adiyisɛm 17:15, 16.

16. Dɛn nti na Babilon Kɛse rentumi mfa ne ho nto ne nsu no so na aboa no abɔ ne ho ban bere a amammui nniso horow dan hyɛ no no?

16 Sɛnea tete Babilon de ne ho too n’ahobammɔ so no, saa ara na Babilon Kɛse no de ne ho to “nkurɔfo ne nnipa akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow” bebree a wɔwɔ no mu no so nnɛ. Ɔbɔfo no twe yɛn adwene si nneɛma yi so sɛnea ɛfata ansa na ɔreka yɛn biribi a ɛyɛ hu a ɛreba no ho asɛm: Asase yi so amammui nniso horow no bɛdan ahyɛ Babilon kɛse no anuɔden so. Dɛn na “nkurɔfo ne nnipa akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow” no nyinaa bɛyɛ saa bere no? Onyankopɔn nkurɔfo rebɔ Babilon Kɛse no kɔkɔ dedaw sɛ Eufrate asubɔnten no mu nsu no bɛyow. (Adiyisɛm 16:12) Awiei no, saa nsu no nyinaa bɛyow koraa. Wɔrentumi mmoa aguaman dedaw a ɔyɛ akyide no ɔkwan a edi mũ biara so wɔ bere a ohia mmoa sen biara no mu.​—Yesaia 44:27; Yeremia 50:38; 51:36, 37.

17. (a) Dɛn nti na Babilon Kɛse ahonya no rentumi nnye? (b) Ɔkwan bɛn so na Babilon Kɛse awiei renyɛ fɛ koraa? (d) Mmɛn du, anaa aman mmiako mmiako, no akyi no, dɛn nso na ɛkɔka ho ma wɔfow Babilon Kɛse no?

17 Ɛda adi sɛ Babilon Kɛse no ahonyade pii no rentumi nnye no. Ebia ɛbɛma ne sɛe no ayɛ ntɛm mpo, efisɛ anisoadehu no kyerɛ sɛ, bere a aboa no ne mmɛn du no da ɔtan adi kyerɛ no no, wɔbɛworɔw n’adehye ntade ne n’agude no nyinaa afi ne ho. Wɔbɛfow n’ahode. Wɔbɛma wada “adagyew,” ama ne su ankasa ada adi wɔ animguase mu. Ɔsɛe pasaa bɛn ni! N’awiei nso nyɛ fɛ koraa. Wɔsɛe no, “di ne nam,” ma ɛka ne nnompe nko a nkwa nni mu. Awiei no, wɔde ‘ogya hyew no koraa.’ Wɔhyew no te sɛ obi a nsanyare wɔ ne ho, a wonsie no nidi mu! Ɛnyɛ amanaman no nko, sɛnea mmɛn du no gyinaa wɔn ananmu, na wɔsɛe aguaman kɛse no na mmom “aboa no” a ɛkyerɛ sɛ Amanaman Nkabom no ankasa nso, ka wɔn ho wɔ adesɛe yi mu. Ɛbɛpene atoro som sɛe no so. Amanaman Nkabom no mu aman 190 ne akyi no mu pii nam wɔn abatow so ayi ɔtan a wɔwɔ wɔ nyamesom ho no adi dedaw, titiriw no Kristoman de no.

18. (a) Ade a ɛbɛma amanaman no adan ahyɛ Babilon nyamesom no bɛn na wɔahu dedaw? (b) Dɛn na ɛbɛyɛ ade titiriw a wobegyina so de nea wɔwɔ nyinaa atoa aguaman kɛse no?

18 Dɛn nti na amanaman no bɛyɛ nea na anka ɔyɛ wɔn mpena no bɔne saa? Yɛahu nea ɛbɛma wɔasɔre atia Babilon nyamesom ɔkwan a ɛte saa so no wɔ nnansa yi abakɔsɛm mu. Aban mpanyimfo ɔsɔretia abrɛ nyamesom nkɛntɛnso a ɛwɔ no ase kɛse wɔ nsase te sɛ kan Soviet Union ne China so. Europa afa horow a wɔyɛ Protestantfo mu no, nsɛm a ɛmfa wɔn ho bio ne akyinnyegye bebrebe ama asɔredan ahorow no mu ada mpan, ma enti ɛkame ayɛ sɛ nyamesom awu koraa. Atuatew ne biakoyɛ a enni hɔ apaapae Katolek ahemman kɛse no mu a n’akannifo ntumi nnwudwoo ano. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn ani pa nokwasɛm no so sɛ ntua kɛse a edi akyiri a ɛbɛba Babilon Kɛse so yi ba sɛ Onyankopɔn atemmu a wontumi nsakra no a ɛbɛba aguaman kɛse no so.

Onyankopɔn Tirim Asɛm a Wɔbɛma Aba Mu

19. (a) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de Yerusalem a na awae no atemmu a ɛbaa no so wɔ 607 A.Y.B. mu no ayɛ Yehowa atemmu ho dwuma a wobedi atia aguaman kɛse no ho mfonini? (b) Dɛn ho nhwɛso na Yerusalem amamfoyɛ a obi nte hɔ koraa wɔ 607 A.Y.B. akyi tebea no yɛ maa yɛn bere yi?

19 ɔkwan bɛn so na Yehowa nam di atemmu yi ho dwuma? Yebetumi de nea Yehowa yɛ tiaa ne nkurɔfo a wɔwaee wɔ tete mmere mu no ayɛ eyi ho mfonini, wɔn a ɔkae wɔ wɔn ho sɛ: “Na Yerusalem adiyifo no mu nso, mahu ahodwiriwde, awaresɛe ne atoro mu nantew, na wɔhyɛ nnebɔneyɛfo nsa den, nea ɛbɛyɛ na obiara ansan amfi ne bɔne mu; wɔn nyinaa adan me sɛ Sodom, na emufo ayɛ sɛ Gomora.” (Yeremia 23:14) Wɔ 607 A.Y.B. mu no, Yehowa de Nebukadnesar dii dwuma ma ɔworɔw ‘saa kurow a na asɛe aware honhom mu no ntade no yii nnwinne afɛfɛ no fii hɔ, na ogyaw no adagyaw ne kwaterekwa mu.’ (Hesekiel 23:4, 26, 29) Ná saa bere no mu Yerusalem yɛ nnɛ Kristoman ho nhwɛso, na sɛnea Yohane hui wɔ anisoadehu ahorow a adi kan no mu no, Yehowa de asotwe a ɛte saa ara na ɛbɛba Kristoman ne atoro som a aka no nyinaa nso so. Yerusalem amamfoyɛ a obiara nte mu tebea mu afe 607 A.Y.B. akyi no kyerɛ sɛnea nyamesom Kristoman bɛyɛ bere a wɔaworɔw n’ahonyade nyinaa afi ne ho na wɔapa ne ho ntama animguase mu no. Na ɛrensi Babilon Kɛse nkae no nso yiye.

20. (a) Ɔkwan bɛn so na Yohane kyerɛe sɛ Yehowa de adesamma atumfo bedi dwuma bio de adi n’atemmu ho dwuma? (b) Onyankopɔn “tirim asɛm” ne dɛn? (d) Ɔkwan bɛn so na amanaman no bedi wɔn “adwenkoro” no ho dwuma, nanso hena adwene ho dwuma na wobedi ankasa?

20 Yehowa de adesamma atumfo di dwuma wɔ atemmu ho dwuma mu bio. “Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne tirim asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no nkosi sɛ Onyankopɔn asɛm bɛba mu.” (Adiyisɛm 17:17) Dɛn ne Onyankopɔn “tirim asɛm”? Sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma wɔn a wobekum Babilon Kɛse no aka wɔn ho abom, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasɛe no pasaa. Nokwarem no, adwene a atumfo no de bɛtoa no ne sɛ wɔde bɛma wɔn ankasa “adwenkoro” no ayɛ hɔ. Ɛbɛyɛ wɔn sɛ aguaman kɛse a wɔbɛsɛe no no bɛma wɔn ɔmampɛ nneɛma akɔ so yiye ama wɔn. Ebia wobesusuw sɛ nyamesom a wɔahyehyɛ a ɛbɛkɔ so atra wɔn nsase so no yɛ asiane ma wɔn tumidi. Nanso na Yehowa na ɔrekyerɛ nneɛma kwan ankasa; wɔbɛma ne tirim asɛm ayɛ hɔ denam ɔbɔprɛko a wɔde bɛsɛe ne tamfo ɔwaresɛefo a ofi tete no so!—Fa toto Yeremia 7:8-11; 34 ho.

21. Esiane sɛ wɔde aboa kɔkɔɔ no bedi dwuma de asɛe Babilon Kɛse no nti, ɛda adi sɛ dɛn na amanaman no bɛyɛ wɔ Amanaman Nkabom no ho?

21 Yiw, amanaman no de aboa kɔkɔɔ, Amanaman Nkabom no, bedi dwuma de asɛe Babilon Kɛse no. Womfi wɔn ankasa pɛ mu nyɛ ade, efisɛ Yehowa na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ “wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no.” Sɛ bere no du a, ɛda adi sɛ amanaman no behu sɛ ɛho hia sɛ wɔnhyɛ Amanaman Nkabom no den. Wɔbɛma no ɛse, sɛnea yɛbɛka no no, na wɔde tumi ne ahoɔden biara a wɔwɔ bɛfɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi adan ne ho ahyɛ atoro som so na ɛne no ako adi no so nkonim kosi sɛ “Onyankopɔn asɛm no bɛba mu.” Ɔkwan yi so no, tete aguaman no bɛba awiei koraa. Na eye dɛn ara sɛ wafi hɔ!

22. (a) Wɔ Adiyisɛm 17:18 no, dɛn na wɔde ɔkwan a ɔbɔfo no so wie n’adansedi no kyerɛ? (b) Yehowa Adansefo yɛ wɔn ade dɛn wɔ ahintasɛm no mu nkyerɛkyerɛ mu no ho?

22 Te sɛ nea ɔbɔfo no resi Yehowa atemmu ho dwumadi a ɛbɛba wiase atoro som ahemman so ampa so dua no, ɔde eyi wie n’adansedi no: “Na ɔbea a wuhuu no no ne kurow kɛse a edi asase so ahene so hene no.” (Adiyisɛm 17:18) Sɛnea ná Belsasar bere so Babilon te no, “wɔakari [Babilon Kɛse no] nsenia mu, na . . . wɔahu sɛ onnu.” (Daniel 5:27) Ne sɛe no bɛyɛ ntɛm ne nea ɛde biribiara ba awiei. Na Yehowa Adansefo yɛ wɔn ade dɛn wɔ aguaman kɛse no ne aboa kɔkɔɔ no ho ahintasɛm no ho nkyerɛkyerɛmu no ho? Wɔde nnamyɛ ka Yehowa atemmu da no kyerɛ bere a wɔde ‘ɔkasa a ɛho wɔ nyam’ bua komapafo a wɔhwehwɛ nokware no. (Kolosefo 4:5, 6; Adiyisɛm 17:3, 7) Sɛnea ti a edi so no bɛkyerɛ no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ti didi mu bere a wɔsɛe aguaman kɛse no yɛ biribi, na wɔyɛ no ntɛm!

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 252 mfonini ahorow]

Wiase Tumi Ahorow Ason no Nnidiso

MISRAIM

ASIRIA

BABILON

MEDO-PERSIA

HELA

ROMA

ANGLO-AMERIKA

[Kratafa 254 mfonini]

“Ɔno ara nso ne [ɔhene] a ɔto so awotwe”

[Kratafa 255 mfonini]

Bere a wɔdan wɔn akyi kyerɛ Oguammaa no, “wɔde wɔn ahoɔden ne tumi ma aboa no”

[Kratafa 257 mfonini]

Kristoman, sɛ Babilon Kɛse no fã titiriw no bɛyɛ te sɛ tete Yerusalem wɔ ɔsɛe pasaa mu