Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔto Nkonimdi Dwom Foforo

Wɔto Nkonimdi Dwom Foforo

Ti 29

Wɔto Nkonimdi Dwom Foforo

Anisoadehu 9​—Adiyisɛm 14:1-20

Asɛmti: Nnipa 144,000 no ne Oguammaa no wɔ Sion Bepɔw so; abɔfo atemmusɛm ahorow gyigye fa asase so; wotwa aba horow

Bere a enya mmamu: Efi 1914 kosi ahohiahia kɛse no mu

1. Dɛn na yɛahu wɔ Adiyisɛm atiri 7, 12, ne 13 ho dedaw, na dɛn na afei yebehu?

ANIGYE bɛn ara na ɛyɛ sɛ yɛbɛdan akɔ Yohane anisoadehu a edi hɔ no so sɛɛ yi! Nea ɛne ɔtweaseɛ no ahyehyɛde ahorow huhu a ɛte sɛ mmoa no bɔ abira no, afei yehu Yehowa nkoa anokwafo ne wɔn dwumadi ahorow wɔ Awurade da no mu. (Adiyisɛm 1:10) Adiyisɛm 7:1, 3 ayi no adi akyerɛ yɛn dedaw sɛ wɔasiw ɔsɛe mframa anan no ano de kosi sɛ wobewie nkoa 144,000 a wɔasra wɔn yi nyinaa anosɔw no. Adiyisɛm 12:17 ama yɛahu sɛ “ɔbea no asefo nkae” yi bɛyɛ Satan, ɔtweaseɛ no ntua botae titiriw wɔ saa bere no mu. Na Adiyisɛm ti 13 ayɛ amammui nhyehyɛe horow a Satan de aba asase so ma ɛde nhyɛso a emu yɛ den ne atirimɔden ɔtaa aba Yehowa asomfo anokwafo so no ho mfonini fefeefe. Nanso ɔtamfo kɛse yi rentumi mma Onyankopɔn atirimpɔw nyɛ hunu! Afei yebehu sɛ Satan dwumadi bɔne no nyinaa akyi no, wɔaboaboa 144,000 no nyinaa ano nkonimdi mu.

2. Awiei a ɛyɛ anigye bɛn na Yohane ma yedi kan hu wɔ Adiyisɛm 14:1, na hena ne Oguammaa no?

2 Wɔma Yohane ne Yohane kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ a wɔka ne ho no di kan hu saa anigyesɛm a aba no: “Na mihui, na hwɛ, oguammaa no gyina Sion bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’agya din wɔn moma so no ka ne ho.” (Adiyisɛm 14:1) Sɛnea yɛahu no, Oguammaa yi ara ne Mikael a ɔtow ɔbonsam ne n’adaemone gui de tew ɔsoro ho no. Ɔne Mikael a Daniel ka ne ho asɛm sɛ “ogyina hɔ ma [Onyankopɔn] man mma” bere a osiesie ne ho ‘sɔre gyina hɔ’ adi Yehowa trenee atemmu horow ho dwuma no. (Daniel 12:1; Adiyisɛm 12:7, 9) Efi 1914 no, Onyankopɔn Guammaa a ɔde ne ho bɔɔ afɔre yi agyina Sion bepɔw so sɛ Ɔhene Mesia.

3. Dɛn ne “Sion Bepɔw” a Oguammaa no ne 144,000 no “gyina” so no?

3 Ɛte sɛ nea Yehowa ka siei no ara pɛ: “Na me na masi me hene, me bepɔw kronkron Sion so.” (Dwom 2:6; 110:2) Eyi nyɛ asase so bepɔw Sion, faako a na asase so Yerusalem a na ɛne kuropɔn a ahene a wofi Dawid ase dii ahene wɔ hɔ no wɔ no. (1 Beresosɛm 11:4-7; 2 Beresosɛm 5:2) Dabi, efisɛ wɔ Yesu wu ne ne wusɔre wɔ 33 Y.B. mu akyi no, wɔde no sii ahengua so sɛ twea tibo wɔ ɔsoro bepɔw Sion so, ɔsoro beae a Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔde “Onyankopɔn teasefo kurow, ɔsoro Yerusalem,” no besi no. Enti, “Sion bepɔw” a ɛwɔ ha no gyina hɔ ma Yesu ne ne yɔnko adedifo a wɔbom yɛ ɔsoro Yerusalem a ɛne Ahenni no gyinabea a wɔama so no. (Hebrifo 12:22, 28; Efesofo 3:6) Ɛne anuonyam ahenni tebea a Yehowa ma wɔn so kɔ mu wɔ Awurade da no mu no. Wɔ mfehaha no mu no, Kristofo a wɔasra wɔn sɛ “abo a nkwa wom” no ahwɛ kwan anibere so sɛ wobegyina saa ɔsoro Sion bepɔw no so a wɔne Awurade Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no abom wɔ n’Ahenni a ɛkorɔn no mu.​—1 Petro 2:4-6; Luka 22:28-30; Yohane 14:2, 3.

4. Ɔkwan bɛn so na 144,000 no nyinaa gyina Sion Bepɔw so?

4 Ɛnyɛ Yesu nkutoo na Yohane hu no, na mmom ɔsoro Ahenni no yɔnko adedifo 144,000 kuw no nyinaa na wogyina Sion bepɔw no so. Sɛnea ɛda adi wɔ anisoadehu no mu no, na 144,000 no mu bebree wɔ soro dedaw nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa. Akyiri yi wɔ anisoadehu koro no ara mu no, Yohane hu sɛ na ɛsɛ sɛ ahotefo no bi tɔ wɔn bo ase ara tra mu na wowu nokwaredi mu. (Adiyisɛm 14:12, 13) Ɛnde, na ɛda adi pefee sɛ 144,000 no mu bi da so ara wɔ asase so. Enti ɔkwan bɛn so na Yohane hu sɛ wɔn nyinaa ne Yesu gyina Sion bepɔw so? * Ɛne sɛ, sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no mufo no, mprempren eyinom aba “Sion bepɔw ne Onyankopɔn teasefo kurow, ɔsoro Yerusalem, ho.” (Hebrifo 12:22) Te sɛ Paulo bere a na ɔda so ara wɔ asase so no, na wɔanyan wɔn dedaw ma wɔne Kristo Yesu akɔbom wɔ soro hɔnom—honhom mu. (Efesofo 2:5, 6) Bio nso, wɔ 1919 mu no, wogyee ɔfrɛ “momforo mmra ha” no so na sɛnkyerɛnne kwan so no, “wɔforo faa omununkum no mu.” (Adiyisɛm 11:12) Esiane kyerɛw nsɛm yi nti, yebetumi ahu sɛ—honhom mu no—144,000 no nyinaa ne Yesu Kristo wɔ Sion Bepɔw no so.

5. Henanom din na wɔakyerɛw wɔ 144,000 no moma so na din no biara kyerɛ dɛn?

5 Nnipa 144,000 no ne aboa no asomfo a wɔde sɛnkyerɛnne kwan so akontaa ntoano 666 no ahyɛ wɔn agyirae no nni twaka biara. (Adiyisɛm 13:15-18) Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔakyerɛw Onyankopɔn ne Oguammaa no din wɔ anokwafo yi moma so. Akyinnye biara nni ho sɛ Yohane a ɔyɛ Yudani no huu Onyankopɔn din wɔ Hebri nkyerɛwde, יהוה. * no mu. Esiane Yesu n’Agya din a wɔakyerɛw wɔn moma so wɔ sɛnkyerɛnne kwan so nti, wɔn a wɔasɔw wɔn ano yi ma nnipa nyinaa hu sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo, Ne nkoa. (Adiyisɛm 3:12) Yesu din a wɔakyerɛw wɔ wɔn moma so no nso kyerɛ sɛ wogye tom sɛ wɔyɛ ne de. Ɔne wɔn “kunu” a wagye wɔn aware, na wɔne ne daakye “ayeforo,” “abɔde foforo” a wɔsom Nyankopɔn a ɔsoro asetra na ɛyɛ wɔn anidaso. (Efesofo 5:22-24; Adiyisɛm 21:2, 9; 2 Korintofo 5:17) Abusuabɔ a emu yɛ den a ɛda wɔne Yehowa ne Yesu Kristo ntam no ka wɔn adwene ne wɔn nneyɛe nyinaa.

Wɔto Dwom Foforo Bi

6. Dwonto bɛn na Yohane te, na ɔka ho asɛm dɛn?

6 Nea ɛne eyi hyia no, Yohane bɔ amanneɛ sɛ: “Na metee nne bi fi soro te sɛ nsu bebree nne ne sɛ aprannaa kɛse nne. Na nne a metee no te sɛ asankubɔfo a wɔbɔ wɔn asanku dwonto. Na wɔtoo dwom foforo bi, ahengua ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan anan a wɔatɔ wɔn afi asase so no nko.” (Adiyisɛm 14:2, 3) Ɛnyɛ nwonwa sɛ 144,000 no nne a wɔka boom too dwom dɛdɛ no kae Yohane nsu a ɛworo ne aprannaa a ɛbobɔ mu. Sankubɔ a emu da hɔ yiye a ɛka nnwonto no ho yɛ dɛ dɛn ara! (Dwom 81:2) Nnwontofo kuw bɛn na ɛwɔ asase so a ebetumi ato dwom ma ayɛ dɛ saa?

7. (a) Dɛn ne Adiyisɛm 14:3 mu dwom foforo no? (b) Ɔkwan bɛn so na dwom 149:1 mu dwom no yɛ foforo wɔ yɛn bere so?

7 Na dɛn ne “dwom foforo” yi? Sɛnea yehui bere a yɛkaa Adiyisɛm 5:9, 10 ho asɛm no, dwom no fa Yehowa Ahenni atirimpɔw ne ne nsiesiei a ɛyɛ nwonwa a ɔnam Yesu Kristo so yɛe, na ɔde ayɛ honhom mu Israel “ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn” no ho. Ɛyɛ Yehowa ayeyi dwom a ɛka nneɛma afoforo a ɔnam Onyankopɔn Israel so yɛ na ɔyɛ ma no no ho asɛm. (Galatifo 6:16) Honhom mu Israel yi mufo gye odwontofo no frɛ no so sɛ: “Munyi [Yah] ayɛ! Monto dwom foforo mma [Yehowa], monka n’ayeyi, [anokwafo] asafo mu. Ma Israel ani nnye ne Yɛfo [kɛse] ho, ma Sion mma nni wɔn Hene ho ahurusi.” (Dwom 149:1, 2) Ampa, mfehaha pii ni a wɔkyerɛw saa nsɛm no, nanso yɛn bere yi so no, wɔde ntease foforo atow. Wɔ 1914 mu no, wɔwoo Mesia Ahenni no. (Adiyisɛm 12:10) Wɔ 1919 mu no, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ asase so no fii ase de nnam foforo kaa “ahenni asɛm no.” (Mateo 13:19) Bere a 1919 afe asɛm (Yesaia 54:17) no kanyan wɔn a honhom mu paradise a wɔsan de wɔn bae no hyɛɛ wɔn nkuran no, wofii ase fi saa afe no ‘too dwom maa Yehowa bɔɔ sanku wɔ wɔn koma mu.’—Efesofo 5:19.

8. Dɛn nti na 144,000 no nkutoo na wotumi sua Adiyisɛm 14:3 mu nsɛm no?

8 Nanso dɛn nti na 144,000 no nkutoo na wotumi sua dwom a wɔbɔɔ din wɔ Adiyisɛm 14:3 no? Efisɛ ɛfa osuahu ahorow a wɔwɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni no adedifo a wɔapaw wɔn no ho. Wɔn nkutoo na wɔagye wɔn sɛ Onyankopɔn mma na wɔde honhom kronkron asra wɔn. Wɔn nkutoo na wɔatɔ wɔn afi asase so ma wɔabɛyɛ ɔsoro Ahenni no fa na wɔn nkutoo ‘na wɔbɛyɛ asɔfo na wɔne Yesu Kristo adi tumi sɛ ahene’ mfirihyia apem na wɔde adesamma aba pɛyɛ mu. Wɔn nkutoo na wohuu wɔn sɛ “wɔto dwom foforo” Yehowa anim pɛɛ. * Wɔn osuahu ahorow a ɛda nsow yi ne anidaso ahorow a wɔwɔ no ma wɔn nkutoo nya Ahenni no ho anisɔ soronko na, ɛma wotumi to ho dwom ɔkwan a obi foforo biara ntumi ntow so.​—Adiyisɛm 20:6; Kolosefo 1:13; 1 Tesalonikafo 2:11, 12.

9. Nnipakuw kɛse no agye wɔn a wɔasra wɔn no dwonto no so dɛn, na afotu bɛn na wɔnam saayɛ so adi ho dwuma?

9 Nanso afoforo tie na wogye wɔn dwonto no so. Efi 1935 mu no, nguan foforo no mu nnipakuw kɛse bi a wɔn dodow renya nkɔanim bere nyinaa ate wɔn nkonimdi dwom no na aka wɔn ma wɔabɛka wɔn ho wɔ Onyankopɔn Ahenni a wɔka ho asɛm kyerɛ no mu. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9) Ampa, abɛɛfo yi rentumi nsua dwom foforo no tow pɛpɛɛpɛ sɛnea Onyankopɔn Ahenni no daakye adedifo no to no no. Nanso, wɔn nso wɔto Yehowa ayeyi dwom dɛdɛ bi a ɛyɛ dwom a wɔde kamfo Yehowa nneɛma foforo a ɔreyɛ no nti. Enti, wɔma odwontofo no afotu no bam sɛ: “Monto dwom foforo mma [Yehowa], asase nyinaa, monto dwom mma [Yehowa]. Monto dwom mma [Yehowa], munhyira ne din, monka ne nkwagye da biara da. Monka n’anuonyam, amanaman mu, n’anwonwade, aman nyinaa mu. Aman mmusuakuw, momfa mma [Yehowa], momfa anuonyam ne tumi mma [Yehowa]. Monka amanaman mu sɛ, [Yehowa] di hene.”—Dwom 96:1-3, 7, 10; 98:1-9.

10. Ɔkwan bɛn so na etumi yɛ yiye sɛ 144,000 no to dwom sɛnkyerɛnne kwan so mpanyimfo 24 no “anim”?

10 Ɛbɛyɛ dɛn na 144,000 no atumi ato dwom mpanyimfo no “anim,” esiane sɛ mpanyimfo 24 no ara ne 144,000 no wɔ wɔn ɔsoro anuonyam tebea no mu no nti? Awurade da no mfiase mu hɔ no, wonyan wɔn a “wowu Kristo mu” sɛ honhom abɔde. Enti, Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn a wɔadi nkonim no wɔ soro afei, na sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔnyɛ nnwuma a ɛne asɔfo mpanyimfo akuw 24 no de sɛ. Wɔka Yehowa ɔsoro ahyehyɛde no ho anisoadehu no ho. (1 Tesalonikafo 4:15, 16; 1 Beresosɛm 24:1-18; Adiyisɛm 4:4; 6:11) Enti, 144,000 no nkaefo a wɔda so wɔ asase so no reto dwom foforo no wɔn nuanom a wɔanyan wɔn afi awufo mu a wɔwɔ soro no anim anaasɛ wɔ faako a wohu wɔn.

11. Dɛn nti na wɔka nkonimdifo a wɔasra wɔn no ho asɛm sɛ mpanyimfo 24 ne 144,000 nso?

11 Ɛha no, yebetumi abisa nso sɛ: Dɛn nti na wɔka nkonimdifo a wɔasra wɔn yi ho asɛm sɛ wɔne sɛnkyerɛnne kwan so mpanyimfo 24 no na wɔn nso ara ne 144,000 no? Efisɛ Adiyisɛm ka kuw koro yi ara ho asɛm wɔ akwan horow abien so. Mmere nyinaa wɔka mpanyimfo 24 yi ho asɛm sɛ wɔatwa Yehowa ahengua ho ahyia a wɔde wɔn asisi hɔ sɛ ahene ne asɔfo wɔ ɔsoro. Wɔyɛ 144,000 kuw no wɔ wɔn soro dibea mu no ho mfonini, ɛwom sɛ mprempren yi wɔn mu nkaefo ketewa bi da so ara wɔ asase so de. (Adiyisɛm 4:4, 10; 5:5-14; 7:11-13; 11:16-18) Nanso, Adiyisɛm ti 7 twe adwene si 144,000 no so sɛ wɔde wɔn fi adesamma mu na esi Yehowa atirimpɔw fɛfɛ no so dua sɛ ɔbɛsɔw honhom mu Israelfo ankorankoro no dodow no nyinaa ano, na ɔde nkwagye ama nnipakuw kɛse a wonnim wɔn dodow. Adiyisɛm ti 14 yɛ mfonini bi a esi so dua sɛ wɔbɛboaboa Ahenni kuw no mu nkonimdifo nkorɛnkorɛ 144,000 no nyinaa ano akɔka Oguammaa no ho wɔ Sion Bepɔw so. Nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wɔafata sɛ wɔbɛkan wɔn afra 144,000 no mu no nso yɛ nea wɔama yɛahu, sɛnea yebehu mprempren no. *

Oguammaa no Akyidifo

12. (a) Yohane toa 144,000 no ho asɛm a ɔreka no so dɛn? (b) Ntease bɛn mu na wɔka 144,000 no ho asɛm sɛ mmabun?

12 Yohane rekɔ so aka 144,000 a “wɔatɔ wɔn afi asase so” no ho asɛm no, ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Eyinom ne wɔn a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, wɔyɛ mmabun, wɔn na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ. Eyinom na wɔatɔ wɔn afi nnipa mu ayɛ wɔn mmakan ama Onyankopɔn ne Oguammaa no, na wɔanhu atoro bi wɔ wɔn anom; na wonni dɛm.” (Adiyisɛm 14:4, 5) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ 144,000 no yɛ “mmabun” no nkyerɛ sɛ kuw yi mufo no nware ɔhonam mu ankasa. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ ɔsoro frɛ no sɛ, bere a mfaso horow wɔ Kristoni ɔhokwafoyɛ mu no, aware mmom ye wɔ tebea horow bi mu. (1 Korintofo 7:1, 2, 36, 37) Nea ɛwɔ kuw yi ho ne honhom mu ɔbaabunyɛ. Wɔatwe wɔn ho afi honhom mu aware a wɔne wiase amammui ne atoro som bɛsɛe no ho. (Yakobo 4:4; Adiyisɛm 17:5) Sɛ Kristo ayeforo a wagye no aware no, wɔayɛ wɔn ho kronn “a wonni dɛm nnɛ mma abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea” no mu.​—Filipifo 2:15.

13. Dɛn nti na 144,000 no yɛ ayeforo a ɔfata ma Yesu Kristo, na ɔkwan bɛn so na wɔkɔ so “di oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ”?

13 Afei nso, “wɔanhu atoro bi wɔ wɔn anom.” Eyi mu no, wɔte sɛ wɔn Hene, Yesu Kristo. Sɛ ɔdesani a ɔyɛ pɛ no, “wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom.” (1 Petro 2:21, 22) Esiane sɛ 144,000 no ho nni dɛm na wɔyɛ anokwafo nso nti, na wɔasiesie wɔn sɛ Yehowa Sɔfo Panyin no ayeforo a ne ho tew. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔtoo nsa frɛɛ komam teefo sɛ wonni n’akyi. (Marko 8:34; 10:21; Yohane 1:43) Wɔn a wogyee so no suasuaa n’asetra kwan na wodii ne nkyerɛkyerɛ no so. Enti, wɔn asase so asetra bere mu no, wɔkɔɔ so dii “oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ” bere a ɔkyerɛkyerɛ wɔn kwan fa Satan wiase no mu no.

14. (a) Ɔkwan bɛn so na 144,000 no yɛ mmakan ma Onyankopɔn ne Oguammaa no? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no nso yɛ mmakan?

14 Wɔatɔ 144,000 no “afi asase so,” “wɔatɔ wɔn afi nnipa mu.” Wɔagye wɔn sɛ Onyankopɔn mma, na wɔn wusɔre akyi no, wɔrenyɛ honam ne mogya nnipa ara kwa bio. Sɛnea wɔabɔ din wɔ nkyekyem 4 no, wɔbɛyɛ “mmakan ama Onyankopɔn ne oguammaa no.” Ampa afeha a edi kan no mu no, na Yesu ne “wɔn a wɔadeda no mu aba a edi kan.” (1 Korintofo 15:20, 23) Nanso 144,000 no yɛ adesamma a wɔnyɛ pɛ no mu “adekan bi,” a wɔnam Yesu afɔrebɔ so tɔɔ wɔn. (Yakobo 1:18) Nanso, aba ano a wɔbɛboaboa afi adesamma mu no to ntwa wɔ wɔn so. Adiyisɛm nhoma no akyerɛ nnipakuw kɛse bi a obi ntumi nkan wɔn a wɔde nne kɛse teɛm sɛ: “Yɛn nkwagye fi Onyankopɔn, a ɔte ahengua no so, ne oguammaa no” anoboaboa dedaw. Nnipakuw kɛse yi benya ahohiahia kɛse no mu nkwa, na bere a wɔkɔ so ma “nkwa nsuti” yi dwudwo wɔn no, wɔbɛma wɔn so akɔ ɔdesani pɛyɛ mu wɔ asase so. Ahohiahia kɛse no akyi bere bi no, wɔbɛma Hades ada mpan, na wobenyan adesamma ɔpepem pii a wonnim wɔn dodow afi owu mu ma wɔabenya hokwan anom nkwa nsu koro no ara bi. Eyi a ɛwɔ adwene mu nti, ɛbɛyɛ nea ɛteɛ sɛ wɔbɛfrɛ nnipakuw kɛse no sɛ nguan foforo no mu aba a edi kan—wɔn na wodi kan ‘hohoro wɔn ntade ma ɛhoa Oguammaa no mogya mu’ a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa.​—Adiyisɛm 7:9, 10, 14, 17; 20:12, 13.

15. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ mmakan ahorow abiɛsa yi ne Mose Mmara no ase afahyɛ ahorow no mu?

15 Mmakan ahorow abiɛsa yi (Yesu Kristo, 144,000 no, ne nnipakuw kɛse no) wɔ nsɛdi ahorow bi a ɛyɛ anigye wɔ afahyɛ ahorow a na ɛwɔ tete Mose Mmara no mu no mu. Nisan 16 Apiti Afahyɛ no mu no, na wɔde atoko aba a edi kan a wobetwa no fĩ biako bɔ afɔre ma Yehowa. (Leviticus 23:6-14) Nisan 16 ne da a wonyan Yesu fii awufo mu. Da a ɛto so 50 fi Nisan 16, ɔsram a ɛto so abiɛsa no mu no, na Israelfo no di awi a ahoa no mu aba a edi kan no twabere afahyɛ mu. (Exodus 23:16; Leviticus 23:15, 16) Wɔbɛfrɛɛ afahyɛ yi sɛ Pentekoste (a efi Hela asɛmfua a ase ne “nea ɛto so aduonum”), na na ɛyɛ Pentekoste afe 33 Y.B. mu na wɔde honhom kronkron sraa 144,000 no mufo a wodi kan no. Awiei no, ɔsram a ɛto so ason no mu bere a wɔaboaboa aba a wɔatwa no nyinaa ano awie no, Asese Afahyɛ no du, a na ɛyɛ aseda bere a anigye wom bere a Israelfo no tratraa asese a wɔde berɛw, ne nneɛma afoforo abobɔ mu dapɛn biako no. (Leviticus 23:33-43) Nea ɛne eyi hyia no, nnipakuw kɛse a wɔyɛ anoboaboa kɛse no fã no ‘kurakura berɛw’ na wɔde aseda ma wɔ ahengua no anim.​—Adiyisɛm 7:9.

Daa Asɛmpa a Wɔka Kyerɛ

16, 17. (a) Yohane hu ɔbɔfo bi sɛ otu nam he, na dɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛ? (b) Henanom ho na ɛwɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu, na osuahu ahorow bɛn na ɛkyerɛ eyi?

16 Yohane kɔ so kyerɛw sɛ: “Na mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asuti no.” (Adiyisɛm 14:6, 7) Ɔbɔfo no tu nam “ɔsoro mfinimfini,” baabi a nnomaa tu fa. (Fa toto Adiyisɛm 19:17 ho.) Enti, wobetumi ate ne nne wɔ asase so nyinaa. Ɔbɔfo yi asɛm a ɔka wɔ wiase nyinaa no kɔ akyiri koraa sen television so atesɛm biara!

17 Wɔka kyerɛ obiara sɛ onsuro Yehowa a ne ho yɛ den koraa sen sɛnkyerɛnne kwan so aboa biara a Satan di no so no, na ɛnyɛ aboa no ne ne honi no. Ɛdɛn, Yehowa na ɔbɔɔ ɔsoro ne asase, na afei bere adu sɛ obu asase ntɛn! (Fa toto Genesis 1:1; Adiyisɛm 11:18 ho.) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔhyɛɛ nkɔm faa yɛn da yi ho sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no reyɛ adwuma yi. (1 Korintofo 9:16; Efesofo 6:15) Ɛha no, Adiyisɛm da no adi sɛ abɔfo a aniwa nhu wɔn nso ho wɔ asɛnka adwuma yi mu. Mpɛn ahe ara na ada adi sɛ abɔfo akwankyerɛ de Yehowa Adansefo mu biako akɔ ofi bi mu baabi a ɔkra bi a wahaw rehwehwɛ honhom mu mmoa ma mpo ɔrebɔ ho mpae!

18. Sɛnea ɔbɔfo a otu nam ɔsoro mfinimfini no kyerɛ no, dɔn a wɔde bɛyɛ dɛn na adu, na henanom na wɔde amanneɛbɔ afoforo bi bɛma bio?

18 Sɛnea ɔbɔfo a otu nam ɔsoro mfinimfini no aka no, atemmu dɔn adu. Atɛn bɛn na afei Onyankopɔn bebu? Nea abɔfo a wɔto so abien, abiɛsa, anan ne anum no amanneɛbɔ no bɛma nkurɔfo asom ayɛ wɔn yɔnn.​—Yeremia 19:3.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Sɛnea 1 Korintofo 4:8 kyerɛ no, Kristofo a wɔasra wɔn no nni tumi sɛ ahene bere a wɔwɔ asase so ha. Nanso sɛnea Adiyisɛm 14:3, 6, 12, 13 mu nsɛm no kyerɛ no, wɔto dwom foforo bi denam asɛmpa no a wɔka kyerɛ bere a wɔtɔ wɔn bo ase kodu wɔn asase so asetra awiei no so.

^ nky. 5 Hebri din horow a wɔde adi dwuma wɔ anisoadehu afoforo mu no si eyi so dua; wɔde Hebri din “Abadon” (a ase ne “Ɔsɛe”) na ɛfrɛ Yesu na obu atɛn wɔ baabi a “wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.”—Adiyisɛm 9:11; 16:16.

^ nky. 8 Kyerɛwsɛm no se ‘te sɛ dwom foforo,’ efisɛ wɔkyerɛw dwom no ankasa too hɔ nkɔmhyɛ nsɛm mu tete mmere mu. Nanso na obi nni hɔ a ɔfata sɛ ɔbɛto. Afei, bere a wɔde Ahenni no asi hɔ na wɔanyan ahotefo no afi wu mu no, nokwasɛm ahorow no ada adi ma nkɔmhyɛ ahorow no aba mu, ma enti bere adu sɛ wɔto dwom no ne dɛ nyinaa mu.

^ nky. 11 Wobetumi de tebea no atoto akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ɔma fifo no aduan wɔ bere a ɛsɛ mu de no ho. (Mateo 24:45) Ɛyɛ akoa no adwuma sɛ kuw sɛ ɛde aduan no ma nanso fifo a wɔyɛ saa kuw no mufo ankorankoro no nam saa honhom mu aduan no di so nya ahoɔden. Ɛyɛ kuw koro no ara nanso wɔde din horow na ɛka wɔn ho asɛm—sɛ kuw ne sɛ ankorankoro.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 202, 203]

144,000

Mpanyimfo 24

Oguammaa, Kristo Yesu yɔnko adedifo sɛnea wofi gyinabea ahorow abien hu wɔn