Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobue Ahintasɛm Kronkron Bi So

Wobue Ahintasɛm Kronkron Bi So

Ti 6

Wobue Ahintasɛm Kronkron Bi So

1. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ mfonini fɛfɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 1:10-17 no ho?

YESU a wɔahyɛ no anuonyam no ho anisoadehu no yɛ hu ampa! Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ na yɛka ɔsomafo Yohane ho wɔ hɔ sɛ bɛhwɛadefo a, anka saa anuonyam haran no bebunkam yɛn nso so, ma yɛada fam sɛnea ɔyɛe no. (Adiyisɛm 1:10-17) Wɔakora anisoadehu a ɛkyɛn so a efi honhom mu yi so ma akanyan yɛn ama dwumadi nnɛ. Te sɛ Yohane no, ɛsɛ sɛ yefi ahobrɛase mu kyerɛ nea anisoadehu no kyerɛ nyinaa ho anisɔ. Ɛmmra sɛ yebenya obu a ɛfata ama Yesu dibea sɛ Ɔhene a wɔde no asi ahengua so, Ɔsɔfopanyin ne Ɔtemmufo bere nyinaa.​—Filipifo 2:5-11.

“Ɔkannifo ne Okyikafo”

2. (a) Abodin bɛn na Yesu de daa ne ho adi kyerɛe? (b) Dɛn na ɛkyerɛ, bere a Yehowa se: “Mene odikanfo na mene okyiridifo” no? (d) Yesu abodin a ɛne “Ɔkannifo ne Okyikafo” no twe adwene si dɛn so?

2 Nanso, enhia sɛ yɛma ehu a aka yɛn no dan osuro a ɛmfata. Yesu maa Yohane awerɛhyem, sɛnea ɔsomafo no toa so ka no. “Na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene Ɔkannifo ne Okyikafo, ne nea ɔte ase no.” (Adiyisɛm 1:17b, 18a) Yesaia 44:6 no, Yehowa ka n’ankasa ne dibea ho asɛm ɔkwan a ɛteɛ so sɛ ɔno nkutoo ne ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn, se: “Mene odikanfo na mene okyiridifo, na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko.” * Bere a Yesu de abodin “Ɔkannifo ne Okyikafo” no da ne ho adi no, na ɔnkyerɛ sɛ ɔne Yehowa, Ɔbɔadeɛ Kɛse no, yɛ pɛ. Na ɔde abodin a Onyankopɔn de ama no wɔ ɔkwan a ɛfata so no na edi dwuma. Wɔ Yesaia nhoma no mu no, na Yehowa reka Ne dibea a ɛda nsow sɛ nokware Nyankopɔn no ho asɛm. Ɔne daa Nyankopɔn, na n’akyi no Onyankopɔn bi nni hɔ ampa. (1 Timoteo 1:17) Adiyisɛm mu no, na Yesu reka abodin a wɔde ama no no ho asɛm, na na ɔretwe adwene asi ne wusɔre soronko no so.

3. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ “Ɔkannifo ne Okyikafo”? (b) Dɛn na “owu ne [Hades] nsafe” a Yesu kura no kyerɛ?

3 Ampa, na Yesu ne ɔdesani a ‘Odi kan’ a wonyan no kɔɔ honhom asetra a owu nni mu. (Kolosefo 1:18) Afei nso, ɔne “Okyikafo” a Yehowa ankasa nyanee no saa. Enti, wayɛ ‘nea ɔte ase daa daa.’ Ɔwɔ nkwa a owu nni mu. Eyi mu no, ɔte sɛ n’Agya a ontumi nwu da a wɔfrɛ no “Onyankopɔn a ɔte ase no.” (Adiyisɛm 7:2; Dwom 42:2) Adesamma afoforo a wɔaka nyinaa de, Yesu ankasa na ɔyɛ “Sɔre ne nkwa” ma wɔn. (Yohane 11:25) Nea ɛne eyi hyia no, ɔka kyerɛ Yohane sɛ: “Na miwui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mikura owu ne [Hades] nsafe.” (Adiyisɛm 1:18b) Yehowa ama no tumi sɛ ɔmfa nyan awufo. Enti na Yesu betumi aka sɛ okura nsafe a ɔde behiɛ apon no ama wɔn a owu ne Hades (ɔdamoa) akyekyere wɔn no.​—Fa toto Mateo 16:18 ho.

4. Ahyɛde bɛn na Yesu san tĩ mu bio, na ɛyɛ mfaso ma henanom?

4 Ɛha no, Yesu san ti n’ahyɛde no mu sɛ wɔnkyerɛw anisoadehu no nto hɔ, na ɔka kyerɛ Yohane sɛ: “Kyerɛw nea woahu, ne nea ɛwɔ hɔ, ne nea eyi akyi no ɛrebɛba.” (Adiyisɛm 1:19) Nneɛma a ɛyɛ anigye bɛn na Yohane bɛda no adi ma wɔde akyerɛkyerɛ yɛn?

Nsoromma no ne Akaneadua No

5. Yesu kyerɛkyerɛ “nsoromma ason” ne “akaneadua ason” no mu dɛn?

5 Ná Yohane ahu Yesu wɔ sika akaneadua ason no mfinimfini a nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu. (Adiyisɛm 1:12, 13, 16) Afei Yesu kyerɛkyerɛ eyi mu: “Nsoromma ason a wuhui me nifa so no ho ahintasɛm kronkron no, ne sika akaneadua ason no de: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo no, na akaneadua ason no yɛ asafo ason.”—Adiyisɛm 1:20.

6. Nsoromma ason no gyina hɔ ma dɛn, na dɛn nti na wɔhyɛɛ da de nkrasɛm no kɔmaa eyinom?

6 “Nsoromma” no yɛ “asafo ason no abɔfo no.” Adiyisɛm no mu no, ɛtɔ mmere bi a wɔde nsoromma yɛ ɔsoro abɔfo ankasa ho mfonini, nanso ɛbɛyɛ den sɛ Yesu de ɔdesani ɔkyerɛwfo bi bedi dwuma de akyerɛw biribi akɔma honhom abɔde a aniwa nhu wɔn. Enti, na “nsoromma” no bɛyɛ ahwɛfo, anaa mpanyimfo a wɔyɛ nnipa a wɔwɔ asafo ahorow no mu a wobu wɔn sɛ Yesu abɔfo. * Wɔka nkrasɛm ahorow no kyerɛ nsoromma no, efisɛ eyinom na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔhwɛ Yehowa nguan no.​—Asomafo no Nnwuma 20:28.

7. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ kasa a Yesu kasa kyerɛɛ asafo biara mu ɔbɔfo biako pɛ no nkyerɛ sɛ na asafo biara wɔ ɔpanyin biako pɛ? (b) Ɛnde, na nsoromma ason a ɛwɔ Yesu nsa nifa mu no gyina hɔ ma henanom?

7 Esiane sɛ na “ɔbɔfo” biako pɛ na Yesu kasa kyerɛ no wɔ asafo biara mu nti, so eyi kyerɛ sɛ asafo biara wɔ ɔpanyin biako pɛ anaa? Dabi. Paulo bere so tɔnn no, na mpanyimfo dodow bi na ɛwɔ Efeso asafo no mu na ɛnyɛ obiako pɛ. (Adiyisɛm 2:1; Asomafo no Nnwuma 20:17) Enti, bere a wɔde nkrasɛm kɔmaa nsoromma ason no sɛ wɔnkenkan nkyerɛ asafo ahorow (a biako a na ɛwɔ Efeso nso ka ho) wɔ Yohane bere so no, na ɛbɛyɛ sɛ nsoromma no gyina hɔ ma wɔn a wɔsom wɔ mpanyimfo kuw no mu wɔ Yehowa asafo a wɔasra no no mu no nyinaa. Saa ara nso na ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ kenkan nkrataa a wɔn nsa ka fi Sodikuw a emufo yɛ ahwɛfo a wɔasra wɔn a wɔsom wɔ Yesu tiyɛ ase no kyerɛ wɔn asafo ahorow no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw a wɔwɔ wɔn asafo mu no hwɛ hu sɛ wɔn asafo ahorow no di Yesu afotu akyi. Ampa, wɔde afotu no ma wɔn a wɔde wɔn ho abɔ asafo ahorow no nyinaa na wɔanya mu mfaso, na ɛnyɛ mpanyimfo no nkutoo.​—Hwɛ Adiyisɛm 2:11a.

8. Yesu nsa nifa mu a mpanyimfo no wɔ no kyerɛ dɛn?

8 Esiane sɛ Yesu ne asafo no Ti nti, wɔka no yiye sɛ mpanyimfo no wɔ ne nsa nifa mu, kyerɛ sɛ, wɔwɔ ne tumi ne n’akwankyerɛ ase. (Kolosefo 1:18) Ɔne Oguanhwɛfo Panyin, na wɔne nguanhwɛfo nkumaa no.​—1 Petro 5:2-4.

9. (a) Akaneadua ason no gyina hɔ ma dɛn, na dɛn nti na akaneadua yɛ eyinom ho sɛnkyerɛnne a ɛfata? (b) Ɛda adi sɛ dɛn na anisoadehu no bɛma ɔsomafo Yohane akae?

9 Akaneadua ason no yɛ asafo ason a Yohane de Adiyisɛm nhoma no kɔma wɔn no: Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea. Dɛn nti na wɔde akaneadua yɛ asafo ahorow ho mfonini? Efisɛ ɛsɛ sɛ Kristofo, sɛ ebia ankorankoro anaasɛ wɔaka abom sɛ asafo no, ma ‘wɔn akanea hyerɛn nnipa anim’ wiase a emu aduru sum yi mu. (Mateo 5:14-16) Bio nso, na akaneadua ka nneɛma a wɔde siesie Salomo asɔredan no mu no ho. Ɛda adi sɛ asafo ahorow no a wɔfrɛ no sɛ akaneadua no bɛma Yohane akae sɛ, wɔ mfatoho kwan so no, wɔn a wɔasra wɔn no asafo biara yɛ “Onyankopɔn asɔredan,” baabi a Onyankopɔn honhom te. (1 Korintofo 3:16) Afei nso, wɔ Yudafo asɔrefi nhyehyɛe ho nsusuwso no mu no, wɔn a wɔasra wɔn no asafo no mufo som sɛ “ahene asɔfokuw” wɔ Yehowa honhom mu asɔredan nhyehyɛe kɛse a Yesu ne ne Sɔfopanyin no mu, beae a Yehowa ankasa te wɔ ɔsoro Kronkron mu Kronkron hɔ no.​—1 Petro 2:4, 5, 9; Hebrifo 3:1; 6:20; 9:9-14, 24.

Ɔwae Kɛse No

10. Dɛn na ɛbaa Yudafo nhyehyɛe no ne n’akyigyinafo a wɔansakra wɔn adwene no so wɔ 70 Y.B. mu?

10 Bere a Yohane kyerɛw Adiyisɛm no, na Kristosom adi mfe bɛboro 60. Mfiase no, na atumi agyina Yudafo som nsam ɔsɔretia a ɛkɔɔ so mfe 40 no ano. Afei wɔbɔɔ Yudafo nhyehyɛe no bɔtrɔ 70 Y.B., bere a Yudafo a wɔansakra wɔn adwene no man no bɔe, na nea ɛkame ayɛ sɛ wobuu no sɛ ohoni bi—Yerusalem asɔrefi—sɛee no.

11. Dɛn nti na na bere aso pɛpɛɛpɛ sɛ Oguanhwɛfo Panyin no bɔ asafo ahorow no kɔkɔ wɔ nsɛm a ɛrekɔ so no ho?

11 Nanso, na ɔsomafo Paulo aka asie sɛ ɔwae bi bɛba Kristofo a wɔasra wɔn no mu, na na Yesu nkrasɛm ahorow no kyerɛ sɛ na ɔwae yi afi ase dedaw wɔ Yohane nkwakoraa bere mu. Na Yohane ne nea otwa to wɔ wɔn a wodii dwuma sɛ nea esiw Satan kwan wɔ saa mmɔden nyinaa a ɔbɔe sɛ ɔbɛsɛe ɔbea no aseni no yi mu. (2 Tesalonikafo 2:3-12; 2 Petro 2:1-3; 2 Yohane 7-11) Enti na ɛyɛ bere a ɛfata sɛ Yehowa Guanhwɛfo Panyin no kyerɛw kɔma asafo ahorow no mpanyimfo, na ɔbɔ wɔn kɔkɔ wɔ nea ɛrekɔ so no ho, na ɔhyɛ komapafo nkuran sɛ wonnyina pintinn mma adetreneeyɛ.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔwae no fii ase wɔ Yohane bere no akyi wɔ mfehaha no mu? (b) Ɛyɛɛ dɛn na Kristoman bae?

12 Yennim sɛnea asafo ahorow a na ɛwɔ 96 Y.B. mu no gyee Yesu nkrasɛm ahorow no. Nanso yenim sɛ ɔwae no kɔɔ so ntɛmntɛm Yohane wu akyi. “Kristofo” ankɔ so amfa Yehowa din anni dwuma, na wɔde “Awurade” anaa “Onyankopɔn” sii ananmu wɔ Bible nsaano nkyerɛwee ahorow mu. Ebeduu afeha a ɛto so anan no mu no, na atoro nkyerɛkyerɛ a ɛne Baasakoro abɛhyɛn asafo ahorow no mu. Bere koro yi ara mu no, na wɔregye ɔkra a enwu da ho adwene no nso atom. Awiei no, Roma Ɔhempɔn Konstantino maa ɔman no penee so sɛ “Kristosom” yɛ Ɔman som, na eyi na ɛde Kristoman bae, baabi a Asɔre ne Ɔman ka bom dii tumi mfirihyia apem. Na ɛyɛ mmerɛw sɛ obi bɛyɛ “Kristoni” foforo yi. Mmusuakuw mũ nyinaa sakraa wɔn kan abosonsom gyidi horow no ma ɛne ɔsom yi nkyerɛkyerɛ ahorow hyiae. Kristoman akannifo pii bɛyɛɛ amammui atumfo atirimɔdenfo, na wɔde nkrante hyɛɛ nkurɔfo ma wogyee wɔn ɔwae adwene no toom.

13. Kɔkɔbɔ a Yesu de mae wɔ awaefo kuw ho nyinaa akyi no, ɔkwan bɛn so na Kristofo a na wɔrewae no fae?

13 Kristofo a na wɔrewae no buu ani guu Yesu nsɛm a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no so koraa. Na Yesu abɔ Efesofo kɔkɔ sɛ wɔnsan nkɔfa wɔn kan dɔ no. (Adiyisɛm 2:4) Nanso, esiane sɛ na Kristoman mufo nyɛ biako wɔ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no mu nti, wɔkoo ako a emu yɛ den, na wɔtaa wɔn ho wɔn ho ɔkwan a ɛyɛ hu so. (1 Yohane 4:20) Na Yesu abɔ asafo a ɛwɔ Pergamo no kɔkɔ wɔ ɔsom mu mpaapaemu ho. Nanso, ɔsom mu mpaapaemu bae wɔ afeha a ɛto so abien no mu mpo, na nnɛ Kristoman wɔ akuw nketewa ne ɔsom mpempem pii a wɔne wɔn ho wɔn ho di akameakame.​—Adiyisɛm 2:15.

14. (a) Ɛwom sɛ Yesu de kɔkɔbɔ mae wɔ honhom mu a wobewu no ho de, nanso ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no fae? (b) Akwan bɛn so na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no antumi antie Yesu kɔkɔbɔ a etia abosonsom ne ɔbrasɛe no?

14 Na Yesu abɔ Sardi asafo no kɔkɔ wɔ honhom mu a na awu no ho. (Adiyisɛm 3:1) Te sɛ wɔn a na wɔwɔ Sardi no, wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no werɛ fii Kristofo nnwuma ntɛm ara, na ankyɛ wɔdan asɛnka adwuma a ehia yiye no hyɛɛ asɔfo kuw ketewa bi a wotua wɔn ka nsa. Na Yesu abɔ Tiatira asafo no kɔkɔ wɔ abosonsom ne aguamammɔ ho. (Adiyisɛm 2:20) Nanso Kristoman penee ahoni a wɔde di dwuma so baguam, na ɛhyɛɛ abosonsom a ɛyɛ den kɛse sɛ wobehu a ɛne ɔmampɛ ne honam fam ade dodowpɛ nso ho nkuran. Na ɛwom sɛ ɛtɔ da bi a, wɔkasa tia ɔbrasɛe de, nanso wɔpene so wɔ mmeae pii bere nyinaa.

15. Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ asafo ason no paa dɛn ho ntama wɔ Kristoman mu asɔre ahorow ho, na Kristoman asɔfo ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ dɛn?

15 Enti, Yesu nsɛm a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no paa nkogu koraa a Kristoman mu asɔre ahorow nyinaa adi sɛ wɔn na wɔyɛ Yehowa nkurɔfo titiriw no ho ntama. Ampa, Kristoman asɔfo na wɔayɛ Satan asefo no mufo atitiriw. Ɔsomafo Paulo reka eyinom ho asɛm sɛ ‘mmaratofo’ no, ɔka siei sɛ wɔn ‘ba no, wɔba no Satan adwumayɛ so, atoro tumi ne sɛnkyerɛnne ne ahodwiride nyinaa mu ne nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa mu.’—2 Tesalonikafo 2:9, 10.

16. (a) Henanom na Kristoman akannifo tan wɔn titiriw? (b) Dɛn na ɛbae wɔ Kristoman mu wɔ Mfinimfini Mmere no mu? (d) So Protestant atuatew, anaa Ɔsesɛw Foforo no sakraa Kristoman ɔwae akwan no anaa?

16 Bere a Kristoman akannifo ka sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nguankuw no ahwɛfo wɔ ɔsom ne wiase fam no, wɔfaa obiara a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ Bible akenkan ho nkuran anaasɛ obiara a ɔpaa wɔn nneyɛe a ennyina kyerɛwsɛm so no ho ntama no ho tan titiriw. Wɔtaa John Hus ne Bible asekyerɛfo William Tyndale, na wokunkum wɔn sɛ mogya adansefo. Mfinimfini Mmere a na esum wom no mu no, ɔwae tumidi duu ne pɔmpɔn so wɔ Katolek Atirimɔden Asenii a wɔyɛɛ atirimɔdenne wom no mu. Wɔbɔɔ obiara a ogyee asɔre no nkyerɛkyerɛ anaa tumi ho kyim no ano atirimɔden so, na wɔyɛɛ wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ ɔsom mu atuatewfo mpempem pii ayayade ma wowuwui anaasɛ wɔhyew wɔn dua so. Ɛdenam saayɛ so no, Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwɛ ma wɔadwɛre Onyankopɔn ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔbea no nokware aseni biara ntɛm. Bere a Protestant atuatew, anaa Ɔsesɛw Foforo, no bae (fi 1517 reba) no, Protestant asafo ahorow pii daa afoforo ho koma a wonni honhom a ɛte saa ara adi. Wɔn nso, wɔnam wɔn a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi Onyankopɔn ne Kristo nokware a wokunkum wɔn no so dii mogya ho fɔ. Ampa, wohwiee “ahotefo mogya” gui bebree!—Adiyisɛm 16:6; fa toto Mateo 23:33-36 ho.

Aseni no Gyina Ano

17. (a) Dɛn na Yesu bɛ a ɛfa awi ne wura ho no ka siei? (b) Dɛn na ɛbae 1918 mu, na ɛma wɔpow dɛn, na wɔpaw dɛn?

17 Yesu bɛ a obui a ɛfa awi ne wura ho no mu no, ɔkaa esum bere a ɛbɛba bere a Kristoman di tumi no ho asɛm siei. Nanso, ɔwae a ɛbɛba mfehaha no nyinaa mu no, nokware Kristofo ankorankoro a wɔte sɛ awi a wɔasra wɔn no bɛtra hɔ. (Mateo 13:24-29, 36-43) Enti, bere a Awurade da no dui wɔ October 1914 mu no, na nokware Kristofo da so ara wɔ asase so. (Adiyisɛm 1:10) Ɛda adi sɛ Yehowa baa ne honhom mu asɔrefi sɛ obebu ntɛn bɛyɛ mfirihyia abiɛsa ne fã wɔ ɛno akyi, wɔ 1918 mu a na Yesu ka ne ho sɛ “apam bɔfo.” (Malaki 3:1; Mateo 13:47-50) Na bere adu sɛ Owura no pow atoro Kristofo koraa, na ɔpaw ‘akoa nokwafo ne ɔbadwemma de no si ne nneɛma nyinaa so.’—Mateo 7:22, 23; 24:45-47.

18. “Dɔn” bɛn na edui wɔ 1914 mu, na na bere aso sɛ akoa no yɛ dɛn?

18 Na bere adu nso sɛ akoa yi de n’adwene si nneɛma a wɔakyerɛw wɔ Yesu nkrasɛm a ɔde kɔmaa asafo ason no mu no so titiriw, sɛnea yehu wɔ nea wɔaka wom no mu no. Sɛ nhwɛso no, Yesu ka ntɛn a ɔbɛba abebu asafo ahorow no ho asɛm, atemmu a efii ase 1918. (Adiyisɛm 2:5, 16, 22, 23; 3:3) Ɔka Filadelfia asafo no ho ban a ɔbɛbɔ afi “sɔhwɛ dɔn a ɛbɛba wiase nyinaa so” no mu ho asɛm. (Adiyisɛm 3:10, 11) Awurade da no ba wɔ 1914 mu nkutoo na “sɔhwɛ dɔn” yi du, na wɔsɔ Kristofo hwɛ wɔ wɔn nokwaredi ma Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho wɔ ɛno akyi.​—Fa toto Mateo 24:3, 9-13 ho.

19. (a) Asafo ason no yɛ dɛn ho mfonini nnɛ? (b) Nnipa a wɔdɔɔso bebree bɛn na wɔde wɔn ho abɛbɔ Kristofo a wɔasra wɔn no, na dɛn nti na Yesu afotu ne tebea horow a ɔka ho asɛm no fa wɔn nso wɔn ho? (d) Ɛsɛ sɛ yebu Yesu nkrasɛm ahorow a ɔde kɔmaa afeha a edi kan no mu asafo ason no dɛn?

19 Eyi nti, Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ asafo ahorow no anya ne mmamu kɛse fi 1914. Wɔ tebea yi mu no, asafo ason no yɛ Kristofo a wɔasra wɔn no asafo ahorow nyinaa a ɛwɔ Awurade da no mu no ho mfonini. Afei nso, mfe 70 ne nea ɛboro saa a atwam no mu no, gyidifo pii a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so no abɛka Kristofo a wɔasra wɔn, a Yohane yɛ wɔn ho mfonini no ho. Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no afotu ne nea ohui wɔ asafo ason no mu, esiane sɛ ɔbɛhwɛe nti no, nso fa eyinom ho kɛse, efisɛ trenee ne nokwaredi ho gyinapɛn koro pɛ na ɛwɔ hɔ ma Yehowa nkoa nyinaa. (Exodus 12:49; Kolosefo 3:11) Enti, Yesu nkrasɛm a ɔde kɔmaa afeha a edi kan no mu asafo ason a na ɛwɔ Asia Kumaa no nyɛ abakɔsɛm mu nsɛm bi a wɔpɛ ahu ara kwa. Ɛkyerɛ nkwa anaa owu ma yɛn mu biara. Ɛnde, momma yentie Yesu nsɛm no yiye.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Mfitiase Hebri kasa a ɛwɔ Yesaia 44:6 mu no, na nea ɛkyerɛ ade pɔtee biara nni nsɛmfua “odikanfo” ne “okyiridifo” no ho, bere a Yesu ankasa ho asɛm a na ɔreka wɔ mfitiase Hela kasa no mu wɔ Adiyisɛm 1:17 no, wohu nea ɛkyerɛ ade pɔtee wɔ hɔ. Enti, wɔ ɔkasa mmara kwan so no, Adiyisɛm 1:17 kyerɛ abodin bi, bere a Yesaia 44:6 ka Onyankopɔn a Yehowa yɛ ho asɛm.

^ nky. 6 Hela asɛmfua agʹge·los (a wɔbɔ din sɛ “anʹge·los”) no kyerɛ “nea wɔasoma no” ne “ɔbɔfo” nso. Wɔ Malaki 2:7 no, wɔka Lewi sɔfo bi ho asɛm sɛ ‘ɔbɔfo’ (Hebri, mal·’akhʹ).​—Hwɛ New World Translation Reference Bible, asehɔ asɛm no.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 32 adaka]

Sɔhwɛ ne Atemmu Bere

Wɔbɔɔ Yesu asu sraa no sɛ Ɔhene a Wɔapaw no wɔ Yordan Asubɔnten ho bɛyɛ October afe 29 Y.B. mu. Ɛno akyi mfe abiɛsa ne fã, afe 33 Y.B. mu no, ɔbaa Yehowa asɔrefi bɛpam wɔn a na wɔde hɔ ayɛ adwowtwafo atu no. Ɛte sɛ nea nsɛdi bi wɔ eyi ne mfe abiɛsa ne fã bere a efi bere a wɔde Yesu traa ahengua so wɔ ɔsoro October 1914 kosi sɛ ɔba bɛhwɛɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo bere a atemmu fii ase Onyankopɔn fi no mu. (Mateo 21:12, 13; 1 Petro 4:17) Wɔ 1918 mu tɔnn no, Yehowa nkurɔfo Ahenni ho dwumadi no hyiaa ɔsɔretia kɛse. Na ɛyɛ sɔhwɛ bere wɔ asase so nyinaa, na woyii ahufo fii mu. Wɔ 1918 May mu no, Kristoman asɔfo yɛ ma wɔde Ɔwɛn Aban Asafo no mu mpanyimfo koguu afiase, nanso asram akron akyi no wogyaa wɔn. Akyiri yi, wotwaa asɛm a wɔde too wɔn so no mu. Efi 1919 no, Onyankopɔn nkurɔfo ahyehyɛde a wɔasɔ ahwɛ na wɔayiyi mu no de nsi bɔɔ Yehowa Ahenni a ɛhyɛ Kristo Yesu nsa no dawuru sɛ anidaso ma adesamma.​—Malaki 3:1–3.

Bere a Yesu fii ne nsrahwɛ no ase 1918 mu no, akyinnye biara nni ho sɛ wobuu Kristoman asɔfo fɔ. Ɛnyɛ sɛ wɔama wɔataa Onyankopɔn nkurɔfo nko, na mmom wɔnam amanaman a wodii ako wɔ wiase nyinaa ko a edi kan mu no akyi a wogyinae no so adi mogya ho fɔ nso. (Adiyisɛm 18:21, 24) Afei saa asɔfo no de Amanaman Apam a nnipa na ɛyɛe no yɛɛ wɔn anidaso. Kristoman ne wiase nyinaa atoro som ahemman no ahwere Onyankopɔn anim dom koraa fi 1919.

[Asase mfonini wɔ kratafa 28, 29]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

EFESO

SMIRNA

PERGAMO

TIATIRA

SARDI

FILADELFIA

LAODIKEA

[Kratafa 31 mfonini]

Kristoman asɔre ahorow dii mogya ho fɔ kɛse denam wɔn a wɔkyerɛɛ Bible no ase, kenkanee, anaasɛ na wɔwɔ bi mpo a ɛtaa wɔn na ekunkum wɔn no so