Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ɔhaw Ahorow a Ɛba Kristoman So

Yehowa Ɔhaw Ahorow a Ɛba Kristoman So

Ti 21

Yehowa Ɔhaw Ahorow a Ɛba Kristoman So

Anisoadehu 5​—Adiyisɛm 8:1–9:21

Asɛmti: Torobɛnto ason no mu asia hyɛn

Bere a enya mmamu: Efi bere a wosii Yesu hene wɔ 1914 mu kosi ahohiahia kɛse no mu

1. Dɛn na ɛba bere a Oguammaa no tew nsɔano a ɛto so ason no ano no?

“WƆASIW mframa anan no” ano de kosi sɛ wɔbɛsɔ honhom mu Israelfo 144,000 no ano na wɔapene nnipakuw kɛse no so ama nkwagye. (Adiyisɛm 7:1-4, 9) Nanso, ansa na saa ahum kɛse no betu wɔ asase so no, ɛsɛ sɛ wɔma wohu Yehowa afobu a ɛbɛba Satan wiase no so no nso! Bere a Oguammaa no fi ase tew nsɔano a ɛto so ason no ne nea edi akyiri no ano no, ɛbɛyɛ sɛ Yohane gyen n’ani yiye hwɛɛ nea ɛbɛba. Afei ɔka nea ohui no kyerɛ yɛn: “Na bere a [Oguammaa no] tew nsɔano a ɛto so ason no ano no, ɔsoro yɛɛ dinn bɛyɛ sɛ dɔnhwerew fa. Na mihuu abɔfo baason a wogyinagyina Onyankopɔn anim no, na wɔmomaa wɔn ntorobɛnto ason.”—Adiyisɛm 8:1, 2.

Mpaebɔ a Emu Yɛ Den Bere

2. Dɛn na ɛba wɔ sɛnkyerɛnne kwan so dɔnhwerew fã a wɔyɛɛ komm wɔ ɔsoro no mu?

2 Kommyɛ a ɛkyerɛ biribi titiriw ni! Dɔnhwerew fã betumi ayɛ te sɛ bere tenten, bere a woretwɛn ma biribi asi no. Afei de wɔnte ɔsoro ayeyi dwom a wɔto mmere nyinaa no mpo bio. (Adiyisɛm 4:8) Dɛn ntia? Yohane hu nea enti a ɛte saa no wɔ anisoadehu mu: “Na ɔbɔfo foforo bae begyinaa afɔremuka no ho, okura sika huam kuruwa, na wɔmaa no nnuhuam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefo nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔremuka a esi ahengua no anim no so. Na nnuhuam no wusiw kaa ahotefo mpaebɔ ho fi ɔbɔfo no nsam foro kɔɔ Onyankopɔn anim.”—Adiyisɛm 8:3, 4.

3. (a) Dɛn na aduhuam a wɔhyew kae yɛn? (b) Dɔnhwerew fa kommyɛ wɔ ɔsoro no atirimpɔw ne dɛn?

3 Eyi kae yɛn sɛ wɔ Yudafo no nneɛma nhyehyɛe no ase no, wɔhyew aduhuam da biara da wɔ ntamadan no mu ne akyiri yi mfe no mu wɔ asɔrefi a na ɛwɔ Yerusalem no mu. (Exodus 30:1-8) Bere a wɔhyew aduhuam saa no, Israelfo a wɔnyɛ asɔfo no twɛn wɔ kronkronbea no mfikyiri bɔ Nea aduhuam no wusiw foro kɔ ne nkyɛn no mpae—akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɔɔ no komm wɔ wɔn komam. (Luka 1:10) Afei Yohane hu biribi a ɛte saa ara a ɛrekɔ so wɔ ɔsoro. Aduhuam a ɔbɔfo no hyew no bata “ahotefo mpaebɔ” ho. Nokwarem no, anisoadehu bi a edi kan no mu no, wɔka sɛ aduhuam gyina hɔ ma mpaebɔ a ɛte saa. (Adiyisɛm 5:8; Dwom 141:1, 2) Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, sɛnkyerɛnne kwan so komm a wɔyɛe wɔ ɔsoro no yɛ nea ɛbɛma wɔatie ahotefo a wɔwɔ asase so no mpaebɔ.

4, 5. Abakɔsɛm mu nsɛm a esisii bɛn na ɛboa yɛn ma yehu bere ko a ɛne sɛnkyerɛnne kwan so dɔnhwerew fa kommyɛ no hyia?

4 So yebetumi akyerɛ bere ko a eyi bae? Yiw, yebetumi, denam nsɛm afoforo a ɛka ho ne abakɔsɛm mu nsɛm a esisii wɔ Awurade da no mfiase mu hɔ pɛɛ a yɛbɛhwehwɛ mu no so. (Adiyisɛm 1:10) Wɔ 1918 ne 1919 mu no, nsɛm a esisii asase so ne nea wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 8:1-4 no hyiae pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛɛ nwonwa. Mfe 40 ansa na 1914 reba no, na Bible Asuafo—sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no—de akokoduru reka sɛ Amanaman no bere bɛba awiei saa afe no. Nsɛm a ɛhaw adwene a ɛbae wɔ 1914 mu no dii adanse sɛ wɔn asɛm no wom. (Luka 21:24; Mateo 24:3, 7, 8) Nanso na wɔn mu pii nso gye di sɛ wɔ 1914 mu no wɔbɛfa wɔn afi asase yi so akɔ wɔn soro apɛgyade no mu. Ɛno amma. Mmom no, wiase nyinaa ko a edi kan no mu no, wohyiaa ɔtaa bere a emu yɛ den yiye. Wɔ October 31, 1916 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan, Charles T. Russell wui. Afei July 4, 1918 mu no, wɔde otitrani foforo, Joseph F. Rutherford, ne Asafo no ananmusifo afoforo baason kɔɔ Atlanta Georgia afiase, a na wɔabu wɔn ntɛnkyea sɛ wɔmfa wɔn nkogu afiase bere tenten.

5 Yohane kuw a wɔne Kristofo anokwafo no yɛɛ basaa. Na dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ bio? Bere bɛn na wɔbɛfa wɔn akɔ soro? Asɛm bi a ne ti ne “Twabere Aba Awiei—Dɛn na Ebedi Akyi?” no puei May 1, 1919, The Watch Tower no mu. Esusuw tebea a wonhu mu yiye yi ho, na ɛhyɛɛ anokwafo no nkuran sɛ wɔnkɔ so ntɔ wɔn bo ase, na ɛde kaa ho sɛ: “Yegye di sɛ ɛyɛ nokwasɛm afei sɛ wɔawie ahenni kuw no anoboaboa, sɛ wɔasɔ wɔn a wɔtete saa no nyinaa ano awie, ne sɛ wɔato ɔpon no mu.” Wɔ bere a emu yɛ den yi mu no, na Yohane kuw no mpaebɔ a emu yɛ den no reforo kɔ soro, te sɛ nea ɛwɔ aduhuam bebree no wusiw no mu. Na wɔretie wɔn mpaebɔ no!

Ogya a Wɔtow Gu Asase So

6. Ɔsoro kommyɛ no akyi no, dɛn na ɛba, na eyi yɛ dɛn ho adeyɛ?

6 Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na ɔbɔfo no faa ohuam kuruwa no de afɔremuka no so gya no bi hyɛɛ mu ma, na ɔtow guu asase so. Na aprannaa ne nne horow ne anyinam ne asasewosow bae.” (Adiyisɛm 8:5) Kommyɛ no akyi no, dwumadi bi kɔɔ so mpofirim! Ɛda adi sɛ na eyi yɛ ahotefo no mpaebɔ no ho mmuaema, esiane sɛ ogya a wɔfa fii ohuam afɔremuka no so no na ɛde eyi bae nti. Wɔ 1513 A.Y.B. mu tɔnn, wɔ Bepɔw Sinai ho no, aprannaa ne anyinam, nnyigyei a ano yɛ den, ogya ne bepɔw no a ɛwosow ma ɛyɛɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Yehowa adan n’adwene aba ne nkurɔfo so. (Exodus 19:16-20) Nneɛma a ɛtete saa ara a Yohane bɔɔ ho amanneɛ na ɛkyerɛ sɛ Yehowa adan n’adwene aba n’asomfo so wɔ asase so nso. Nanso wɔde nea Yohane hu no ma wɔ nsɛnkyerɛnne mu. (Adiyisɛm 1:1) Enti wɔbɛkyerɛ sɛnkyerɛnne kwan so ogya, aprannaa, ɛnne, anyinam ne asasewosow no ase dɛn nnɛ?

7. (a) Sɛnkyerɛnne kwan so ogya bɛn na Yesu sɔe wɔ asase so wɔ ne som adwuma no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu honhom mu nuanom sɔɔ Kristoman mu gya?

7 Bere bi Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Mebae sɛ mebɛma ogya asɔ asase so.” (Luka 12:49) Ampa, ɔsɔɔ ogya. Yesu nam n’asɛnka a ɔde nsi yɛe no so maa Onyankopɔn Ahenni yɛɛ ɔsɛmpɔw titiriw wɔ Yudafo anim, na eyi de akyinnyegye a emu yɛ den baa saa ɔman no mu nyinaa. (Mateo 4:17, 25; 10:5-7, 17, 18) Wɔ 1919 mu no, Yesu honhom mu nuanom a wɔwɔ asase so, Kristofo a wɔasra wɔn no kuw ketewa a wofii Wiase Nyinaa Ko I amanehunu nna no mu fii no maa ogya a ɛte saa ara sɔe wɔ Kristoman mu. Saa afe no September mu no, Yehowa honhom daa adi yiye bere a n’adansefo fi mmeae a ɛbemmɛn ne akyirikyiri behyiaam wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. no. Joseph F. Rutherford a na afei na wɔayi no afi afiase, na ɛno akyi bere tiaa bi no wotwaa sobo a wɔde bɔɔ no no nyinaa mu no de akokoduru kasa kyerɛɛ saa nhyiamfo no se: “Yɛn Wura no ahyɛde ho osetieyɛ mu, ne bere a yehu sɛ yɛwɔ hokwan na ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yehu bɔne a ayɛ aban dennen na ɛde nkurɔfo ayɛ nkoa bere tenten no so no, na yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛka Mesia anuonyam ahenni a ɛreba no akyerɛ na ɛda so ara yɛ yɛn adwuma.” Ɛno ne ɔsɛmpɔw titiriw—Onyankopɔn Ahenni!

8, 9. (a) J. F. Rutherford kaa Onyankopɔn nkurɔfo su ne nea na wɔpɛ wɔ ɔko mfe a emu yɛ den no mu no ho asɛm dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔtow gya guu asase so? (d) Ɔkwan bɛn so na aprannaa, ɛnne, anyinam ne asasewosow aba?

8 Ɔkasafo no reka nsɛnnennen a na Onyankopɔn nkurɔfo hyiae nkyɛe ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Na ɔtamfo no ntua no yɛ nea mmɔborɔhunu biara nnim koraa ma enti na Awurade nguan a ɔdɔ wɔn no mu pii nhu nea wɔnyɛ, wɔde ahodwiriw gyinaa hɔ komm, wɔbɔɔ mpaebɔ, na wɔtwɛn Awurade sɛ ɔnkyerɛ n’apɛde. . . . Nanso abaw a wɔpae bere tiaa bi no nyinaa akyi no, na wɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛbɔ ahenni nkrasɛm no dawuru.”—Hwɛ, September 15, 1919 The Watch Tower kratafa 280.

9 Wɔ 1919 mu no, wodii saa ɔpɛ no ho dwuma. Honhom mu no, wɔkanyan Kristofo kuw ketewaa a wɔyɛ hyew yi ma wofii wiase nyinaa asɛnka ɔsatu bi ase. (Fa toto 1 Tesalonikafo 5:19 ho.) Wɔtow gya guu asase so a ɛkyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni yɛɛ ɔsɛmpɔw a emu yɛ den, na saa na ɛda so te! Ɛnne a emu yɛ den besii kommyɛ ananmu, kaa Ahenni nkrasɛm no ma emu daa hɔ pefee. Wofi Bible mu de kɔkɔbɔ a egyigye denneennen te sɛ aprannaa mae. Te sɛ anyinam a ɛpaapae no, nokware dom ahorow a ɛharan fi Yehowa nkɔmhyɛ Asɛm mu hyerɛnee, na te sɛ asasewosow kɛse bi no, wɔwosow nyamesom koduu ne nhyɛase so pɛɛ. Yohane kuw no hui sɛ adwuma wɔ hɔ a wɔbɛyɛ. Na de bedu nnɛ no, saa adwuma no kɔ so trɛw fɛfɛɛfɛ asase so nyinaa!—Romafo 10:18.

Ahosiesie ma Torobɛnto Ahorow no Hyɛn

10. Dɛn na abɔfo baason no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ, na dɛn ntia?

10 Yohane kɔ so ka sɛ: “Na abɔfo baason a wokurakura ntorobɛnto ason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn.” (Adiyisɛm 8:6) Saa ntorobɛnto no hyɛn kyerɛ dɛn? Israel nna no mu no, wɔhyɛn torobɛnto de bɔɔ nna atitiriw anaasɛ nsɛntitiriw bi ho amanneɛ. (Leviticus 23:24; 2 Ahene 11:14) Saa ara nso na ntorobɛnto hyɛn a Yohane bɛte no bɛtwe adwene asi nkwa ne owu nsɛm so.

11. Na ahosiesie adwuma bɛn na Yohane kuw no reyɛ wɔ asase so a adagyew nnim fi 1919 kosi 1922?

11 Bere a abɔfo no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛhyɛn saa ntorobɛnto no, akyinnye biara nni ho sɛ na wɔrekyerɛ ahosiesie adwuma bi wɔ asase so kwan. Efi 1919 kosi 1922 mu no, na Yohane kuw a wɔasan akanyan wɔn no reyɛ nhyehyɛe ama baguam ɔsom adwuma no, na na wɔresisi adan a wobetintim nhoma wom a adagyew nnim. Wɔ 1919 mu no, na wɔde nsɛmma nhoma The Golden Age, a wonim no nnɛ sɛ Nyan! no aba sɛ “Nokwasɛm, Anidaso ne Gyidi ho Nsɛmma Nhoma”—adwinnade a ebedi dwuma titiriw bi ma wɔde apa atoro som ho a ɛde hyehyɛ amansɛm mu no ho ntama.

12. Dɛn na torobɛnto no biara ka, na ɛkae yɛn dɛn wɔ Mose bere so?

12 Sɛnea afei yebehu no, torobɛnto no biara hyɛn bɔ adeyɛ titiriw bi ho amanneɛ a emu na ɔhaw ahorow a ɛyɛ hu ka asase no afa horow bi. Eyinom bi kae yɛn ɔhaw ahorow a Yehowa de twee Misrifo aso wɔ Mose bere so no. (Exodus 7:19–12:32) Na eyinom yɛ Yehowa atemmu a ɔka guu saa ɔman no so, na ebuee kwan maa Onyankopɔn nkurɔfo guan fii nkoasom mu. Ɔhaw ahorow a Yohane hui no yɛ biribi a ɛte saa ara. Nanso, ɛnyɛ ɔhaw ankasa. Ɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ Yehowa trenee atemmu horow ho mfonini.​—Adiyisɛm 1:1.

“Nkyem Abiɛsa mu Biako” no a Yebehu

13. Dɛn na ɛba bere a wɔhyɛn torobɛnto anan no mu nea edi kan no, na asemmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?

13 Sɛnea yebehu no, bere a wɔhyɛn ntorobɛnto anan a edi kan no, wɔde ɔhaw ba asase, ɛpo, asuten ne nsuaniwa, ne asase no hann fibea mu “nkyem abiɛsa mu biako” so. (Adiyisɛm 8:7-12) Nkyɛm abiɛsa mu biako yɛ biribi mu fã kɛse nanso ɛnyɛ ade mũ no nyinaa. (Fa toto Yesaia 19:24; Hesekiel 5:2; Sakaria 13:8, 9 ho.) Enti, “nkyem abiɛsa mu biako” bɛn na ɔhaw ahorow yi bɛfata no asen biara? Adesamma mu fã kɛse no ara na Satan ne n’asefo afura wɔn ani na wɔama wɔaporɔw. (Genesis 3:15; 2 Korintofo 4:4) Tebea no te sɛ nea Dawid ka ho asɛm no: “Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.” (Dwom 14:3) Yiw, adesamma nyinaa wɔ asiane a ɛbɛma wɔabu wɔn fɔ mu. Nanso emu fã biako bi na edi fɔ titiriw. Ɔfã biako—“nkyem abiɛsa mu biako”—na ɛsɛ sɛ anka ehu nea eye sen biara! Saa “nkyem abiɛsa mu biako” no ne dɛn?

14. Dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so nkyem abiɛsa mu biako a enya ɔhaw nkrasɛm a efi Yehowa hɔ no?

14 Ɛne Kristoman! Wɔ 1920 mfe no mu no, na edi adesamma mu bɛyɛ nkyem abiɛsa mu biako so. Ne nyamesom yɛ aba a efi ɔwae kɛse a wɔwae fii nokware Kristosom ho no mu—ɔwae a Yesu ne n’asuafo kaa ho asɛm siei no. (Mateo 13:24-30; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Tesalonikafo 2:3; 2 Petro 2:1-3) Kristoman asɔfo kyerɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn asɔrefi na wɔka sɛ wɔyɛ Kristosom akyerɛkyerɛfo. Nanso wɔn nkyerɛkyerɛ ahorow ne Bible nokware ntam ware yiye, na wɔkɔ so gu Onyankopɔn din anim ase mmere nyinaa. Esiane sɛ wɔde sɛnkyerɛnne kwan so nkyem abiɛsa mu biako no yɛ Kristoman ho mfonini ma ɛfata nti, wonya nkrasɛm a emu yɛ den na ɔhaw wom fi Yehowa hɔ. Onyankopɔn dom biara mfata saa adesamma mu nkyem abiɛsa mu biako no koraa!

15. (a) So torobɛnto hyɛn no biara yɛ afe pɔtee bi nko mu de anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Henanom na wɔabɛka Yohane kuw no ho reka Yehowa atemmu ahorow no akyerɛ?

15 Nea ɛne torobɛnto hyɛn a edidi so no hyia no, wɔde tirimbɔ titiriw ahorow bi mae wɔ nhyiam akɛse ason a wɔyɛe fi 1922 kosi 1928 no ase. Nanso ɛnyɛ saa mfe no nkutoo mu na wɔhyɛn torobɛnto no. Kristoman akwammɔne no ho ntama a wɔpa wɔ ɔkwan a tumi wom so no kɔ so ara bere a Awurade da no kɔ anim no. Ɛsɛ sɛ wɔka Yehowa atemmu no wɔ amansan nyinaa mu kyerɛ amanaman nyinaa, a nitan ne ɔtaa a efi amanaman nyinaa hɔ no mfa ho. Ɛno akyi nkutoo na Satan nhyehyɛe no ba awiei. (Marko 13:10, 13) Nea ɛyɛ anigye no, afei de nnipakuw kɛse no de wɔn nne abɛka Yohane kuw no de ho de ka saa atemmusɛm a ehia wɔ wiase nyinaa no ma egyigye denneennen.

Asase Nkyem Abiɛsa mu Biako Hyew

16. Dɛn na edi akyi ba bere a ɔbɔfo a odi kan no hyɛn ne torobɛnto no?

16 Yohane rebɔ abɔfo no ho amanneɛ no, ɔkyerɛw sɛ: “Na nea odi kan no hyɛnee ne torobɛnto no. Na amparuwbo ne ogya ne mogya a adi afra bae, na wɔtow guu asase so; na asase nkyem abiɛsa mu biako hyewee, na nnua nkyem abiɛsa mu biako hyewee, na wura momono nyinaa hyewee.” (Adiyisɛm 8:7, New World Translation) Eyi te sɛ ɔhaw a ɛto so ason a ɛbaa Misraim so no, nanso dɛn na ɛkyerɛ ma yɛn bere yi?—Exodus 9:24.

17. (a) Dɛn na wɔde asɛmfua “asase” a ɛwɔ Adiyisɛm 8:7 no gyina hɔ ma? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔhyew asase no nkyem abiɛsa mu biako a ɛyɛ Kristoman de no?

17 Wɔ Bible mu no, wɔtaa ka asɛmfua “asase” de fa adesamma ho. (Genesis 11:1; Dwom 96:1) Esiane sɛ ɔhaw a ɛto so abien no ba ɛpo a ɛno nso fa adesamma ho no so nti, “asase no” bɛkyerɛ adesamma abusua a Satan de asi hɔ a ɛte sɛ nea atim a ne bere adu sɛ wɔsɛe no no. (2 Petro 3:7; Adiyisɛm 21:1) Ɔhaw no da no adi sɛ Yehowa abufuw mu gya no hyew ka Kristoman asase nkyem abiɛsa mu biako no. Yehowa afobu a wɔpae mu ka no hyew n’atitiriw—a wɔte sɛ nnua wɔ ne mfinimfini no. Kristoman asɔre mma ɔpepehaha no kɔ so boa n’anyamesom no a, wɔbɛyɛ sɛ nwura a ogya ahyew ma akisa honhom mu wɔ Onyankopɔn ani so.​—Fa toto Dwom 37:1, 2 ho. *

18. Wɔkaa Yehowa atemmu nkrasɛm no kyerɛe dɛn wɔ 1922 Cedar Point nhyiam no ase?

18 Ɔkwan bɛn so na wɔka atemmusɛm yi kyerɛ? Titiriw no, ɛnyɛ wiase nsɛm ho amanneɛbɔfo a wɔyɛ wiase no fa na mpɛn pii no wɔbɔ Onyankopɔn “akoa” no ahohora no so na wɔnam yɛ saa. (Mateo 24:45) Wɔka kyerɛe ɔkwan titiriw bi so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo abakɔsɛm mu nhyiam a ɛto so abien a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio, September 10, 1922 no ase. Eyinom de biakoyɛ ne anigye gyee tirimbɔ a wɔtoo ne din sɛ “Mpoatwa ma Wiase Akannifo” no too mu. Nsɛm a wɔka no penpen mu no, ɛka kyerɛɛ nnɛyi sɛnkyerɛnne kwan so asase no sɛnea edi so yi sɛ: “Enti yɛka kyerɛ asase so amanaman, wɔn atumfo ne mpanyimfo ne wɔn asɔre horow a ɛwɔ asase so no akuw nyinaa mu asɔfo, wɔn akyidifo ne wɔn apamfo, aguadifo akɛse ne amansɛmdifo akɛse sɛ wɔnkyerɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ gyinabea a wɔapaw sɛ wobetumi de asomdwoe ne yiyedi aba asase so na wɔde anigye abrɛ nkurɔfo no fata; na sɛ wɔantumi anyɛ eyi a, yebisa sɛ wontie adanse a yedi sɛ Awurade adansefo no, na afei ma wɔnka sɛ yɛn adanse no yɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware.”

19. Onyankopɔn Ahenni ho adanse bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo de maa Kristoman?

19 Adanse bɛn na Kristofo yi dii? Eyi: “Yekura mu na yɛpae mu ka sɛ Mesia ahenni no ne adesamma ɔhaw nyinaa ano aduru koro pɛ a ɛde asomdwoe bɛba asase so na anya nnipa ho anisɔ, nea amanaman nyinaa pɛ; sɛ wɔn a wofi wɔn pɛ mu de wɔn ho ma ne trenee nniso a afi ase no a, wɔde daa asomdwoe, nkwa, ahofadi ne anigye a enni awiei behyira wɔn.” Mmere a aporɔw yi mu, bere a nniso horow a nnipa ayɛ, titiriw no nea ɛwɔ Kristoman mu, ntumi nyɛ hwee koraa sɛ wobehu wiase nsɛnnennen ahorow ano no, mpoatwa a ɛte sɛ torobɛnto a wɔhyɛn no gyigye ma emu yɛ den sen 1922 mu de no mpo. Ɛyɛ nokware dɛn ara sɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ ne Kristo a odi nkonim no nsa no ne adesamma anidaso koro pɛ!

20. (a) Akwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no nam kaa atemmu nkrasɛm no kyerɛe wɔ 1922 mu ne ɛno akyi? (b) Torobɛnto a edi kan no hyɛn no kowiee dɛn wɔ Kristoman mu?

20 Ɛdenam tirimbɔ, nkratawa, nhomawa, nhoma, nsɛmma nhoma ne ɔkasa ahorow so no, wɔnam Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no so kaa eyi ne atemmusɛm ahorow kyerɛe. Nea efii torobɛnto hyɛn a edi kan no mu bae ne amparuwbo nsu a akyenkyen a wɔde boroo Kristoman. Wɔada ne mogya ho afodi a efi ne ho a ɛde hyɛɛ afeha 20 no mu akodi ahorow mu no adi pefee, na wɔakyerɛ sɛ ɔfata Yehowa abufuw mu gya a ɛbɛba no so no. Yohane kuw no a akyiri yi nnipakuw kɛse no abɛboa wɔn no akɔ so aka torobɛnto hyɛn a edi kan no akyerɛ na wɔatwe adwene asi sɛnea Yehowa bu Kristoman no so sɛ ɛfata ɔsɛe.​—Adiyisɛm 7:9, 15.

Te sɛ Bepɔw a Ɛrehyew

21. Dɛn na ɛba bere a ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛn ne torobɛnto no?

21 Na ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛn ne torobɛnto no. Na wɔtow ade bi a ɛte sɛ bepɔw kɛse a ogya rehyew kyenee po mu, na po no nkyem abiɛsa mu biako dan mogya, na abɔde a wɔwɔ akra a wɔwɔ po mu no mu nkyem abiɛsa mu biako wuwui, na ahyɛn mu nkyem abiɛsa mu biako nso sɛee.” (Adiyisɛm 8:8, 9, NW) Dɛn ho mfonini na ade a ɛyɛ hu yi yɛ?

22, 23. (a) Tirimbɔ bɛn na akyinnye biara nni ho sɛ torobɛnto a ɛto so abien no hyɛn nti wɔyɛe? (b) “Ɛpo no nkyem abiɛsa mu biako” no gyina hɔ ma dɛn?

22 Sɛ yɛhwɛ nhyiam kɛse a Yehowa nkurɔfo yɛe wɔ Los Angeles, California, U.S.A., wɔ August 18-26, 1923 mu no a, yebetumi ate ase yiye. Na ɔkasa titiriw a J. F. Rutherford mae Memeneda awiabere no fa “Nguanten ne Mpapo” ho. Wohuu “nguanten” no pefee sɛ wɔne nnipa a wokura trenee adwene a wobenya Onyankopɔn Ahenni no asase no adi no. Tirimbɔ bi a edii akyi twee adwene sii “asɔfo a wɔawae afi gyidi ho ne ‘wɔn nguankuw no mu atitiriw’ a wɔyɛ wiasefo a wɔwɔ sika ne amammui tumi pii” no nyaatwom no so. Ɛtoo nsa frɛɛ “nnipadɔm a wɔpɛ asomdwoe ne nhyehyɛe pa a wɔwɔ asɔreasɔre mu no . . . sɛ wɔntwe wɔn ho mfi amumɔyɛ asɔfo nhyehyɛe a Awurade frɛ no sɛ Babilon no ho” na wonsiesie wɔn ho “nnye Onyankopɔn ahenni mu nhyira horow no.”

23 Akyinnye biara nni ho sɛ, saa tirimbɔ yi bae esiane torobɛnto a ɛto so abien no hyɛn nti. Wɔn a bere a ɛsɛ mu no wobegye saa nkrasɛm no so no bɛtew wɔn ho afi wɔn a Yesaia kaa wɔn ho asɛm wɔ nsɛm yi mu no ho: “Na abɔnefo te sɛ ɛpo a ehuru kutukutu; na entumi nyɛ komm, na emu nsu puw dontori ne dɔte gu.” (Yesaia 57:20; 17:12, 13) Enti, “ɛpo no” yɛ adesamma a wɔyɛ basabasa a wɔn ho nnwo na wɔyɛ atuatewfo a wopuw basabasayɛ ne ɔman anidan gu no ho mfonini yiye. (Fa toto Adiyisɛm 13:1 ho.) Bere bi bɛba a ɛbɛyɛ nea saa “ɛpo” no nni hɔ bio. (Adiyisɛm 21:1) Nanso ansa na ɛno bɛba no, Yehowa ka atemmusɛm tia ne nkyem abiɛsa mu biako—ne fa a ɛyɛ basabasa a ɛwɔ Kristoman ankasa mu no wɔ torobɛnto a ɛto so abien no hyɛn mu.

24. Dɛn na wɔde nea ɛte sɛ bepɔw a ɛrehyew a wɔtow kyenee po mu no yɛ ho mfonini?

24 Wɔtow ade bi a ɛte sɛ bepɔw kɛse a ogya rehyew too “ɛpo” yi mu. Wɔ Bible mu no, mmepɔw taa yɛ nniso horow ho mfonini. Sɛ nhwɛso no, wɔyɛ Onyankopɔn Ahenni ho mfonini sɛ bepɔw. (Daniel 2:35, 44) Babilon ɔdesɛefo no bɛyɛɛ “bepɔw a ahyew.” (Yeremia 51:25) Nanso ade a ɛte sɛ bepɔw a Yohane hu no da so ara dɛw. Tow a wɔtow kyenee ɛpo no mu no gyina hɔ ma sɛnea wiase ko a edi kan no mu ne ɛno akyi no nniso ho asɛm bɛyɛɛ ɔsɛmpɔw a emu yɛ den wɔ adesamma mu, titiriw no Kristoman nsase so no yiye. Wɔ Italy no, Mussolini de Fasistfo amammuisɛm bae. Germany gyee Hitler Nasi amammuisɛm toom, bere a aman afoforo sɔɔ Sohyialist amammui ahorow hwɛe no. Nsakrae bi a emu yɛ den bae wɔ Rusia, faako a Bolsefik ɔman anidan de Komunism ɔman a edi kan no bae, a nea ɛde bae ne sɛ Kristoman nyamesom akannifo hweree wɔn tumi ne nkɛntɛnso wɔ nea na anka ɛyɛ wɔn aban dennen ahorow mu biako mu no.

25. Ɔkwan bɛn so na nniso kɔɔ so yɛɛ ɔsɛmpɔw a emu yɛ den Wiase Nyinaa Ko II akyi?

25 Wiase ko a ɛto so abien no maa Fasistfo ne Nasifo nneɛma a wɔresɔ ahwɛ no yɛɛ kwa, nanso nniso kɔɔ so yɛɛ ɔsɛmpɔw a ano yɛ den, na adesamma ɛpo no kɔɔ so de ɔman anidan nniso horow afoforo bae. Wɔ mfe pii mu wɔ1945 akyi no, wɔde eyinom sisii hɔ wɔ mmeae ahorow pii, te sɛ China, Vietnam, Cuba ne Nicaragua. Wɔ Greece no, asraafo katabaako nniso bi a wɔsɔ hwɛe gui. Wɔ Kampuchea (Cambodia) no, mfitiase Komunism a wɔsɔ hwɛe kowiee nnipa bɛyɛ ɔpepem abien ne akyi a wowuwui a wɔbɔɔ ho amanneɛ mu.

26. Ɔkwan bɛn so na “bepɔw a ogya rehyew no” no akɔ so ama adesamma po no abɔ asorɔkye?

26 Saa “bepɔw . . . a ogya rehyew” no akɔ so ama adesamma ɛpo no bɔ asorɔkye. Wɔabɔ nniso ho apereperedi ho amanneɛ wɔ Afrika, Amerika, Asia ne Pasifik nsupɔw so. Apereperedi yi mu pii akɔ so wɔ Kristoman nsase so anaa faako a Kristoman asɛmpatrɛwfo de wɔn ho hyem bi no. Roman Katolek asɔfo mpo de wɔn ho bɔɔ Komunist akofofo akuw na wɔne wɔn boom koe. Bere koro no ara mu no, Protestant asɛmpaka akuw yɛɛ adwuma wɔ Central America sɛ wɔde resiw nea wɔfrɛ no Komunistfo “tumipɛ ho anibere bɔne a enni awiei” no ano. Nanso adesamma ɛpo no mu ɔwosow biribiriw yi mu biara ntumi mfaa asomdwoe ne dwoodwoo asetra mmae.​—Fa toto Yesaia 25:10-12; 1 Tesalonikafo 5:3 ho.

27. (a) Ɔkwan bɛn so na “ɛpo no nkyem abiɛsa mu biako” abɛyɛ sɛ mogya? (b) Ɔkwan bɛn so na ‘abɔde a wɔwɔ po mu no mu nkyem abiɛsa mu biako’ awuwu, na dɛn na ɛbɛba “ahyɛn nkyem abiɛsa mu biako” no so?

27 Torobɛnto a ɛto so abien no hyɛn da no adi sɛ adesamma a wɔde wɔn ho hyɛɛ nniso ho ɔman anidan ntawntawdi mu mmom sen sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Onyankopɔn Ahenni ase no di mogya ho fɔ. Titiriw no, Kristoman “ɛpo no mu nkyem abiɛsa mu biako” no abɛyɛ sɛ mogya. Ateasefo a wɔwom nyinaa abɛyɛ sɛ awufo wɔ Onyankopɔn ani so. Amansɛmdifo anuɔdenfo nhyehyɛe horow a ɛtɛn saa ɛpo no mu nkyem abiɛsa mu biako ani te sɛ ahyɛn no rentumi nkwati gu a wobegu asu. Anigye bɛn ara na yɛanya sɛɛ yi sɛ nnipa ɔpepem pii a wɔte sɛ nguan atie ɔfrɛ a ɛte sɛ torobɛnto nnyigyei sɛ wɔntew wɔn ho mfi wɔn a wɔda so ara yantam saa ɔmampɛ ne mogya ho afodi ɛpo hiahiaa no mu no ho!

Nsoromma Bi Fi Soro Hwɛ Fam

28. Dɛn na ɛba bere a ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hyɛn ne torobɛnto no?

28 “Na ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hyɛn ne torobɛnto no. Na nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ kanea fi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔnten nkyem abiɛsa mu biako ne nsu aniwa so. Na nsoromma no din de Awɔnwene, na nsu no nkyem abiɛsa mu biako dan awɔnwene, na nnipa pii wuwui, nsu no nwene a ɛyɛe no nti!” (Adiyisɛm 8:10, 11, NW) Bio, Bible mu afã afoforo boa yɛn ma yehu sɛnea kyerɛwsɛm yi yɛ adwuma wɔ Awurade da no mu.

29. Dɛn na ɛma nea wɔde “nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ kanea” no yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no nya mmamu, na dɛn ntia?

29 Yɛahyia nea nsoromma ho sɛnkyerɛnne no yɛ dedaw wɔ Yesu nkrasɛm a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no a emu no nsoromma ason no yɛ asafo ahorow no mu mpanyimfo ho sɛnkyerɛnne no mu. * (Adiyisɛm 1:20) “Nsoromma” a wɔasra wɔn, ne afoforo a wɔasra wɔn nyinaa te ɔsoro wɔ honhom fam fi bere a wɔde honhom kronkron sɔ wɔn ano sɛ wɔn soro apɛgyade no ho sɛnkyerɛnne no. (Efesofo 2:6, 7) Nanso, ɔsomafo Paulo bɔ kɔkɔ sɛ awaefo, wɔn a wɔde mpaapaemu ba befi wɔn a wɔte sɛ nsoromma no mu aba, na wɔbɛdaadaa nguankuw no. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Nokware a wonni wɔ ɔkwan a ɛte saa so no bɛkɔ akowie gyidi ho ɔwae kɛse bi mu, na mpanyimfo a wɔahwe ase yi bɛka abom ayɛ onipa a onni mmara kuw bi a ɛbɛma ne ho so sɛ onyame wɔ adesamma mu. (2 Tesalonikafo 2:3, 4) Paulo kɔkɔbɔ ahorow no baa mu bere a Kristoman asɔfo puei wɔ wiase no. Wɔde sɛnkyerɛnne a ɛne “nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ kanea” gyinaa hɔ maa kuw yiye.

30. (a) Bere a wɔkasa kyerɛɛ Babilon hene sɛ obi a ofi soro ahwe ase no, na wɔkyerɛ dɛn? (b) Dɛn nso na wobetumi de ɔsoro a wofi hwe ase no aka ho asɛm?

30 Yohane hu nsoromma pɔtee yi sɛ efi soro hwe fam. Ɔkwan bɛn so? Osuahu ahorow a ɔhene bi a ɔtraa ase wɔ tete no nyae no boa yɛn ma yɛte ase. Bere a Yesaia rekasa akyerɛ Babilon hene no, ɔkae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wufi soro ahwe ase, nsoromma hyerɛnfo, adekyee ba, wɔatwa wo ahwe fam, wo a wobrɛɛ amanaman ase no.” (Yesaia 14:12) Nkɔmhyɛ yi baa mu bere a Kores dɔm tuu Babilon gui, na ne hene fi wiase nyinaa so tumidibea a ɛkorɔn no hwee ase mpofirim animguase nkogudi mu no. Enti, ɔsoro a wofi hwe fam no betumi akyerɛ dibea bi a ɛkorɔn a efi obi nsa na n’anim gu ase.

31. (a) Bere bɛn na Kristoman asɔfo fi “ɔsoro” gyinabea bi hwee ase? (b) Ɔkwan bɛn so na nsu a asɔfo no de ma no abɛdan “awɔnwene,” na dɛn na afi mu aba nnipa bebree so?

31 Bere a Kristoman asɔfo wae fii nokware Kristosom ho no, wofi “ɔsoro” gyinabea a ɛkorɔn a Paulo kaa ho asɛm wɔ Efesofo 2:6, 7 no hwee ase. Sɛ anka wɔde nokware nsu pa bɛma mmom no, wɔde “awɔnwene” a ɛne atoro ahorow a ɛyɛ nwene te sɛ hellgya, ahodwiragya mfinimfinibea, Baasakoro ne hyɛbea na ɛma; afei nso wodii amanaman no anim kɔɔ ɔko na wɔantumi anhyɛ wɔn den sɛ Onyankopɔn asomfo a wobu ɔbra pa. Ekowiee dɛn? Honhom mu bɔre na wɔde maa wɔn a wogyee atoro ahorow yi dii no. Wɔn asɛm no te sɛ Yeremia bere so Israel a anni nokware a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, merema wɔn awɔnwene adi na mama wɔn bɔre nsu anom, efisɛ Yerusalem adiyifo mu nkɔnkɔnsasɛm [ɔwae] afi kɔ asase no nyinaa so” no.​—Yeremia 9:15; 23:15.

32. Bere bɛn na honhom mu ɔsoro a Kristoman fi hwee ase no bɛdaa adi, na wɔyɛɛ ho ɔyɛkyerɛ dɛn?

32 Honhom mu ɔsoro a wofi hwee ase yi bɛdaa adi wɔ 1919 mu bere a wɔde Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo ketewaa no sii Ahenni nneɛma so mmom sen sɛ wɔde Kristoman asɔfo besi so no. (Mateo 24:45-47) Na efi 1922 mu no, wɔama saa asehwe no ada adi yiye bere a Kristofo kuw yi san hyɛɛ wɔn ɔsatu a wɔde pa nea Kristoman asɔfo antumi anyɛ ho ntama pefee mu den no.

33. Wɔpaa Kristoman asɔfo ho ntama dɛn wɔ 1924 nhyiam no ase wɔ Columbus, Ohio, U.S.A.?

33 Na nea ɛda adi yiye wɔ eyi fam ne mpaemuka a wɔde mae wɔ nea The Golden Age nsɛmma nhoma no kaa ho asɛm sɛ “nhyiam kɛse a ɛsen biara a Bible Asuafo ayɛ wɔ mfe yi mu” no ase no. Wɔyɛɛ nhyiam yi wɔ Columbus, Ohio, wɔ July 20-27, 1924 mu. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔ ɔbɔfo a ɔhyɛn torobɛnto a ɛto so abiɛsa no akwankyerɛ ase no, wogyee tirimbɔ bi a emu yɛ den yiye toom wɔ hɔ, na akyiri yi wɔde mfuamfua ɔpepem 50 memae sɛ nkratawa. Wotintim no asɛmti a ɛne Ecclesiastics Indicted no ase. Asɛmti ketewaa bi de asɛm no si hɔ sɛ: “Bɔhyɛ Aseni no ne Ɔwɔ no Aseni no Asidi.” Sobo no ankasa paa Kristoman asɔfo ho ntama pefee wɔ nsɛm te sɛ nyamesom mu abodin akɛse a wɔfa to wɔn ho so, aguadifo akɛse ne amansɛmdifo a wɔde wɔn yɛ wɔn nguankuw no mu atitiriw, pɛ a wɔpɛ sɛ wɔhyerɛn wɔ nnipa anim, ne pow a wɔpow sɛ wɔbɛka Mesia Ahenni nkrasɛm no akyerɛ nkurɔfo no mu. Esii so dua sɛ Onyankopɔn de adwuma ahyɛ Kristoni biara a wahyira ne ho so no nsa sɛ ɔnka ‘yɛn Nyankopɔn aweredi da nkyerɛ na ɔnkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.’—Yesaia 61:2.

34, 35. (a) Dɛn na aba asɔfo no tumi ne nkɛntɛnso a wɔwɔ no so fi bere a ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no fii ase hyɛn ne torobɛnto no? (b) Dɛn na ɛbɛba Kristoman asɔfo no so daakye?

34 Efi bere a ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no fii ase hyɛn ne torobɛnto no, tumidi dibea a asɔfo no wɔ wɔ adesamma mu no refi wɔn nsa kosi sɛ nnɛ no, wɔn mu kakraa bi na wɔda so ara kura tumi te sɛ onyame bi a wodii mfehaha a etwaam mu no. Yehowa Adansefo asɛnka no nti, nnipa bebree abehu sɛ nkyerɛkyerɛ ahorow pii a asɔfo no de ama no yɛ honhom mu bɔre—“awɔnwene.” Bio nso, ɛkame ayɛ sɛ tumi a asɔfo no wɔ wɔ Europa atifi fam no asa koraa, bere a wɔ nsase afoforo bi so no, nniso no tew wɔn nkɛntɛnso no so koraa. Europa ne Amerika afa horow a wɔyɛ Katolekfo no, asɔfo nneyɛe bɔne wɔ sika, amammui ne abrabɔ fam a ada adi ɔman nyinaa anim no agu wɔn din ho fi. Efi nnɛ rekɔ no, kɔ ara nko na wɔn gyinabea betumi akɔ so asɛe, esiane sɛ ɛrenkyɛ na awiei a ɛbɛba atoro nyamesom afoforo nyinaa so no aba wɔn so nti.​—Adiyisɛm 18:21; 19:2.

35 Ɔhaw a Yehowa de ba Kristoman so no nsae ɛ. Susuw nea ɛba torobɛnto hyɛn a ɛto so anan no akyi no ho.

Esum!

36. Dɛn na ɛba bere a ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛn ne torobɛnto no akyi?

36 Na ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛn ne torobɛnto no. Na wɔboroo owia nkyem abiɛsa mu biako ne ɔsram nkyem abiɛsa mu biako ne nsoromma nkyem abiɛsa mu biako, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn nkyem abiɛsa mu biako aduru sum na adekyee mu nkyem abiɛsa mu biako annya ɔhyerɛn, na anadwo nso saa ara.” (Adiyisɛm 8:12, NW) Na ɔhaw a ɛto so akron a ɛbaa Misraim so no yɛ esum ankasa. (Exodus 10:21-29) Nanso dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so esum a eduru no?

37. Asomafo Petro ne Paulo kaa wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no akyi no honhom mu tebea ho asɛm dɛn?

37 Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ ne mfɛfo gyidifo sɛ na anka wɔwɔ sum mu, wɔ honhom mu ansa na wɔbɛyɛɛ Kristofo. (1 Petro 2:9) Paulo nso de asɛmfua “sum” dii dwuma de kaa honhom mu tebea a wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no akyi no wom no ho asɛm. (Efesofo 5:8; 6:12; Kolosefo 1:13; 1 Tesalonikafo 5:4, 5) Na wɔn a wɔwɔ Kristoman mu a wɔka sɛ wogye Onyankopɔn di na wose wogye Yesu tom sɛ wɔn Agyenkwa no nso ɛ?

38. Nokwasɛm a ɛfa Kristoman “hann” ho bɛn na ɔbɔfo a ɔto so anan no ka kyerɛ?

38 Yesu kae sɛ wɔde nokware Kristofo aba na ebehu wɔn, ne sɛ nnipa pii a wɔbɛka sɛ wɔyɛ n’akyidifo bɛyɛ wɔn a wɔyɛ “nea ɛnteɛ!” (Mateo 7:15-23) Obiara nni hɔ a ɔhwɛ wiase nkyem abiɛsa mu biako a wɔwɔ Kristoman mu no aba a wɔasow no a obetumi aka sɛ wonni honhom mu sum kabii mu. (2 Korintofo 4:4) Asɛm kɛse da no so, efisɛ ose ɔyɛ Kristoni. Enti, ɛfata sɛ ɔbɔfo a ɔto so anan no ka nokwasɛm no kyerɛ denneennen sɛ, nokwarem no Kristoman “hann” no aduru sum, na ne “hann” fi Babilon—ɛnyɛ Kristosom mu.​—Marko 13:22, 23; 2 Timoteo 4:3, 4.

39. (a) Tirimbɔ a wogye toom wɔ 1925 nhyiam no ase no kaa Kristoman atoro hann no ho asɛm dɛn? (b) Ade ho ntama a wɔpa bɛn bio na wɔyɛe wɔ 1955 mu?

39 Nea ɛne saa asɛm a wofi soro kae no hyia no, Onyankopɔn nkurɔfo kuw kɛse bi hyiaa mu wɔ nhyiam kɛse bi ase wɔ Indianapolis, Indiana, U.S.A., wɔ August 29, 1925 mu na wogyee tirimbɔ bi a wɔtoo din “Anidaso Nkrasɛm” a wɔaka no pen toom sɛ wontintim. Bio nso, wɔde mfuamfua bɛyɛ ɔpepem 50 memae wɔ kasa ahorow bi mu. Ɛkaa atoro hann a aguadifo adifudepɛfo, amammui mpanyimfo ne nyamesom asɔfo nkabom no de ma no ho asɛm sɛ ɛno nti na “nkurɔfo no aka sum mu.” Na ɛtwee adwene sii Onyankopɔn Ahenni no so sɛ anidaso ankasa a wɔde benya “asomdwoe nhyira horow, yiyedi, akwahosan, nkwa, ahofadi ne daa anigye.” Na egye akokoduru na Kristofo a wɔasra wɔn kuw ketewaa no de aka nkrasɛm a ɛte saa atia Kristoman ahyehyɛde kɛse no. Nanso wɔayɛ saa ara fi 1920 mfe no mfiase de abedu mprempren. Nnansa yi ara, wɔ 1955 mu no, wɔnam nhomawa bi a wɔtoo din sɛ Christendom or Christianity—Which One Is “the Light of the World”? a wɔkyekyɛe wɔ wiase nyinaa kasa horow pii mu no so paa asɔfokuw no ho ntama bio. Ɛnnɛ, Kristoman nyaatwom no abɛda adi yiye ma nnipa pii a wɔwɔ wiase no ankasa betumi ahu. Nanso Yehowa nkurɔfo nnyae sɛ wɔbɛma wɔahu no sɛnea ɔte: esum ahemman.

Ɔkɔre a Otu

40. Torobɛnto anan no hyɛn no daa Kristoman adi sɛ ɛyɛ dɛn?

40 Nokwarem no, torobɛnto anan a edi kan yi hyɛn no kowiee Kristoman amamfoyɛ tebea a owu wom no adiyi mu. Wɔdaa no adi sɛ “asase” no fa a ɛyɛ ne de no fata Yehowa atemmu. Wɔakyerɛ sɛ atuatew nniso horow a asɔre wɔ ne nsase so ne mmeae ahorow no mpɛ honhom mu asetra. Wɔdaa n’asɔfo asehwe tebea no adi pefee, na wɔdaa ne honhom mu tebea a aduru sum no adi ma obiara hui. Nokwarem no Kristoman ne Satan nneɛma nhyehyɛe no fa a ne ho wɔ asɛm sen biara.

41. Torobɛnto hyɛn a ɛtoatoa so no gyaee kakra no, dɛn na Yohane hu na ɔte?

41 Dɛn bio na ɛwɔ hɔ a wobeyi no adi? Ansa na yɛbɛhwehwɛ asemmisa yi ho mmuae no, wogyae torobɛnto hyɛn a ɛtoatoa so no kakra. Yohane ka nea edi hɔ a ohu no ho asɛm: “Na mihui, na metee sɛ ɔkɔre biako a otu faa ɔsoro mfinimfini no de nne kɛse teɛɛm sɛ: Wɔn a wɔte asase so nnue, wonnue, wonnue, torobɛnto a aka a abɔfo baasa no rebɛhyɛn no nne no nti!”—Adiyisɛm 8:13.

42. Ɔkɔre a otu no betumi ayɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne, na ne nkrasɛm no ne dɛn?

42 Ɔkɔre bi tu kɔ soro akyirikyiri, ma enti nkurɔfo a wɔwɔ akyirikyiri betumi ahu no. N’ani hu ade yiye na ebetumi ahu ade wɔ akyirikyiri. (Hiob 39:29) Wɔyɛɛ Kerubim ateasefo baanan a wɔatwa Onyankopɔn ahengua ho ahyia no mu biako ho mfonini sɛ ɔkɔre a otu. (Adiyisɛm 6:7) Sɛ ɛyɛ Kerubim yi anaasɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn somfo foforo bi a ohu ade kɔ akyirikyiri no, ɔka nkrasɛm bi a emu yɛ den se: “Wonnue, wonnue, wonnue”! Ɛsɛ sɛ asase sotefo hyɛ no nsow sɛ torobɛnto abiɛsa no hyɛn a aka no mu biara ne due yi mu biako na ɛnam.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 17 Nea ɛbɔ eyi abira no, Adiyisɛm 7:16 kyerɛ sɛ Yehowa abufuw mu gya nka nnipakuw kɛse no.

^ nky. 29 Bere a nsoromma ason a ɛwɔ Yesu nifa mu no yɛ Kristofo asafo no so ahwɛfo a wɔasra wɔn no ho mfonini no, mpanyimfo a wɔwɔ asafo ahorow bɛyɛ 100,000 mu wɔ wiase no mu dodow no ara yɛ nnipakuw kɛse no mufo. (Adiyisɛm 1:16; 7:9) Wɔn gyinabea ne dɛn? Esiane sɛ wɔnam honhom kronkron so na ɛpaw wɔn denam akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw a wɔasra no so nti, wobetumi aka sɛ eyinom wɔ Kristo tumi nsa nifa no mu efisɛ wɔn nso wɔyɛ n’ahwɛfo nkumaa. (Yesaia 61:5, 6; Asomafo no Nnwuma 20:28) Wɔboa “nsoromma ason” no esiane sɛ wɔsom wɔ baabi a anuanom mmarima a wɔasra wɔn na wɔfata nni hɔ nti.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 139]

Wɔada Kristoman Nsu Adi sɛ Ɛyɛ Awɔnwene

Kristoman Gyidi ne Su Horow Nea Bible Ka Ankasa

Onyankopɔn ankasa din ho nhia: Yesu bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn

“Din pa biara a wɔde bɛfrɛ din ho ntew. Petro kae sɛ:

Onyankopɔn koro pɛ no . . . “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa]

mfata koraa mma Kristofo din no, wobegye no nkwa.”

Asɔre amansan gyidi no.” (Asomafo no Nnwuma 2:21;

(Revised Standard Version Yoel 2:32; Mateo 6:9;

nnianim) Exodus 6:3; Adiyisɛm 4:11;

15:3; 19:6)

Onyankopɔn yɛ Baasakoro: Bible se Yehowa yɛ kɛse sen

“Agya no yɛ Onyankopɔn, Yesu na ɔyɛ Kristo Nyankopɔn

Ɔba no yɛ Onyankopɔn, Honhom ne ne ti. (Yohane 14:28; 20:17;

Kronkron no yɛ Onyankopɔn, 1 Korintofo 11:3)

nanso ɛnyɛ Onyankopɔn baasa Honhom kronkron no yɛ

na ɛwɔ hɔ na mmom Onyankopɔn Onyankopɔn adeyɛ tumi.

biako.” (The Catholic (Mateo 3:11; Luka 1:41;

Encyclopedia, 1912 de) Asomafo no Nnwuma 2:4)

Ɔdesani kra no nwu: “Bere a Onipa yɛ ɔkra. Wɔ owu mu no,

onipa awu no ne kra ne ne ɔkra no nnwen anaa ɔnte nka

nipadua no ntam tetew. Ne bio na ɔsan kɔ dɔte a wɔde yɛɛ

nipadua . . . porɔw . . . no no mu. (Genesis 2:7; 3:19;

nanso, ɔdesani kra no de enwu.” Dwom 146:3, 4;

(What Happens After Death, Ɔsɛnkafo 3:19, 20; 9:5, 10;

Roman Katolekfo nhoma bi) Hesekiel 18:4, 20)

Wɔtwe abɔnefo aso wɔ owu Bɔne so akatua ne owu, ɛnyɛ

akyi wɔ hell: “Sɛnea Kristofo nkwa wɔ aninyanne mu.

atetesɛm gyidi kyerɛ no, hell (Romafo 6:23) Awufo home a

yɛ beae a ahoyeraw ne ɛyaw to wonnim hwee wɔ hell (Hades,

ntwa da.” (The World Book Sheol), wɔretwɛn owusɔre.

Encyclopedia, 1987 de) (Dwom 89:48; Yohane 5:28, 29;

11:24, 25; Adiyisɛm 20:13, 14)

“Wɔde abodin Mediatrix Ntamgyinafo koro pɛ a ɔwɔ

[ɔbea ntamgyinafo] no frɛ Onyankopɔn ne nnipa ntam ne

Yɛn Awuraa no.” (New Catholic Yesu. (Yohane 14:6; 1 Timoteo 2:5;

Encyclopedia, 1967 de) Hebrifo 9:15; 12:24)

Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkokoaa asu: Asubɔ wɔ hɔ ma wɔn a wɔayɛ

“Efi mfiase pɛɛ no, asɔre no wɔn asuafo na wɔakyerɛkyerɛ

abɔ nkokoaa asu. Ɛnyɛ sɛ na wɔn ma wodi Yesu ahyɛde ahorow

wobu adeyɛ yi sɛ mmara ma ho so no. Sɛnea ɛbɛyɛ na obi afata

kwan nko, na mmom wɔakyerɛ sɛ ama asubɔ no, ɛsɛ sɛ ɔte

ɛho hia koraa ma nkwagye nso.” Onyankopɔn Asɛm ase na ɔkyerɛ

(New Catholic Encyclopedia, gyidi. (Mateo 28:19, 20;

1967 de) Luka 3:21-23; Asomafo no Nnwuma 8:35, 36)

Wɔakyekyɛ asɔre ahorow Na afeha a edi kan Kristofo

pii mu ayɛ no asafo mma ne nyinaa yɛ asomfo na wonyaa

asɔfo kuw a wɔsom asafo mma asɛmpa no ka mu kyɛfa.

no. Wɔtaa tua asɔfo no ka wɔ (Asomafo no Nnwuma 2:17, 18;

wɔn som no ho na wɔde abodin Romafo 10:10-13; 16:1)

ahorow te sɛ “Nea Osuro Sɛ No,” Ɛsɛ sɛ Kristoni ma “kwa,”

“Papa” anaasɛ “Otitiriw,” ma na onnnye akatua. (Mateo 10:7, 8)

wɔn ho so wɔ asafo mma no so. Yesu baraa nyamesom abodin

ahorow a wɔde di dwuma koraa.

(Mateo 6:2; 23:2-12; 1 Petro 5:1-3)

Ahoni, nyamesom mfonini ne Ɛsɛ sɛ Kristofo guan fi

mmeamudua ahorow yɛ nea wɔde abosonsom biara ho, a nea

dii dwuma wɔ ɔsom mu: “Ɛsɛ sɛ wose wɔfrɛ no ntotoho som nso

wɔde Kristo, Onyankopɔn Nã ka ho. (Exodus 20:4, 5;

Ɔbaabun no ne ahotefo afoforo 1 Korintofo 10:14; 1 Yohane 5:21)

ahoni . . . sie wɔ asɔredan Ɛnyɛ ohu mu na wɔnam som

ahorow no mu na wɔde obu ne Onyankopɔn na mmom wɔnam

nidi a ɛfata ma.” (Trent Bagua honhom ne nokware mu.

no Mpaemuka [1545-63]) (Yohane 4:23, 24; 2 Korintofo 5:7)

Wɔakyerɛkyerɛ asɔre mma sɛ Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni ho

amansɛmdi so na wɔnam bɛma asɛm, ɛnyɛ amansɛm ahyehyɛde

Onyankopɔn atirimpɔw ahorow bi, sɛ anidaso a ɛwɔ hɔ ma

ayɛ hɔ. Ɔsɔfo Panyin Spellman adesamma. (Mateo 4:23; 6:9, 10)

a wawu no kae sɛ: “Asomdwoe Ɔpowee sɛ ɔde ne ho bɛhyehyɛ

kwan koro pɛ na ɛwɔ hɔ. . . . amansɛm mu. (Yohane 6:14, 15)

demokrase ɔkwantempɔn no.” Na n’Ahenni nyɛ wiase yi fã;

Atesɛm ahorow bɔ nyamesom ho enti, na ɛnsɛ n’akyidifo yɛ

a ɛde hyehyɛ wiase amansɛm mu wiase no fa. (Yohane 18:36;

(tumidi anim atuatew mu mpo) 17:16) Yohane bɔɔ wiase adamfo

ne Amanaman Nkabom no akyi a a wɔbɛyɛ no ho kɔkɔ. (Yakobo 4:4)

egyina sɛ ɛno ne biakoyɛ ne

asomdwoe ho anidaso a etwa to

no ho amanneɛ.”

[Kratafa 132 mfonini]

Nsɔano ason no a wɔtetew ano no de ntorobɛnto ason no hyɛn ba

[Kratafa 140 mfonini ahorow]

“Mpoatwa ma Wiase Akannifo” (1922) Tirimbɔ yi boae ma wɔbɔɔ ɔhaw a Yehowa wɔ tia “asase no” dawuru

[Mfonini wɔ kratafa 140]

“Kɔkɔbɔ ma Kristofo Nyinaa” (1923) Tirimbɔ yi kaa Yehowa afobu tiaa “ɛpo no mu nkyem abiɛsa mu biako” kyerɛɛ wiase nyinaa

[Kratafa 141 mfonini ahorow]

“Wɔbɔ Asɔfo Sobo.” (1924) Kratawa yi a wɔkyekyɛɛ bebree no boae ma wɔmaa nkurɔfo hui sɛ Kristoman asɔfo “nsoromma” no ahwe ase

[Mfonini wɔ kratafa 141]

“Anidaso Nkrasɛm” (1925) Wɔde tirimbɔ a wɔkaa no penpen yi dii dwuma de paa nea wɔfa no sɛ ɛyɛ Kristoman hann fibea ahorow no ho ntama sɛ nokwarem no ɛyɛ sum fibea ahorow