Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ɔsoro Ahengua no Anuonyam

Yehowa Ɔsoro Ahengua no Anuonyam

Ti 14

Yehowa Ɔsoro Ahengua no Anuonyam

Anisoadehu 2​—Adiyisɛm 4:1–5:14

Asɛmti: Nneɛma a ɛyɛ hu a ɛkɔ so wɔ Onyankopɔn atemmu agua anim

Bere a ɛba mu: Anisoadehu yi da nsɛm a esisi fi 1914 kosi Mfirihyia Apem Ahenni no awiei ne akyi, bere a abɔde biara a ɔwɔ soro ne asase so beyi Yehowa ayɛ adi.​—Adiyisɛm 5:13

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye anisoadehu ahorow a Yohane ka mu nsɛm kyerɛ no ho yiye?

YOHANE fi ase ka anisoadehu afoforo a ɛkanyan koma mu nsɛm kyerɛ yɛn. Na ɔnam honhom mu da so ara wɔ Awurade da no mu. Enti, nea ɔka ho asɛm no kura ntease a emu dɔ ma yɛn a yɛte ase wɔ saa da no mu ankasa no. Ɛdenam anisoadehu ahorow yi so no, Yehowa ma nkataanim a ɛmma wonhu ɔsoro nneɛma ankasa no so, na ɔma yehu n‘adwene wɔ n’ankasa atemmu a ɔde bɛba asase so no ho. Afei nso, sɛ yɛwɔ ɔsoro anidaso anaa sɛ asase so de no, adiyi ahorow yi boa yɛn ma yehu yɛn afã wɔ Yehowa atirimpɔw mu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so nya Yohane nsɛm a ɔka no ho anigye yiye: “Anigye ne nea ɔkenkan no den ne wɔn a wɔte nkɔmhyɛ yi mu nsɛm, na wodi nneɛma a wɔakyerɛw wom no so.”—Adiyisɛm 1:3, New World Translation.

2. Dɛn na afei Yohane hu?

2 Afei nea Yohane hu no kyɛn biribiara a video de kyerɛ nnɛ bere yi mu onipa! Ɔkyerɛw sɛ: “Nneɛma yi akyi no mihui na, hwɛ! ɔpon bi a wɔahiɛ wɔ ɔsoro, na ɛnne a edi kan a metee no te sɛ torobɛnto a ɛne me kasa se: ‘Foro bra ha, na mɛkyerɛ wo nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba.’” (Adiyisɛm 4:1, NW) Yohane nam anisoadehu mu hu ɔsoro a Yehowa te hɔ a aniwa ntumi nhu hɔ, a ɛwɔ sorosoro sen ahunmu ankasa a nnipa kɔhwehwɛ hɔ no, ɛwɔ sorosoro mpo sen amansan a aniwa hu no mu nsoromma akuwakuw no koraa. Te sɛ nea Yohane rehyɛn ɔpon bi a wɔahiɛ mu no, wɔfrɛɛ no sɛ ɔmfa n’ani nhwɛ ahonhom soro hahraa a Yehowa ankasa te ahengua so wɔ hɔ no. (Dwom 11:4; Yesaia 66:1) Hokwan bɛn ara ni!

3. Dɛn na ɛnne a “ɛte sɛ torobɛnto” no kae yɛn, na akyinnye biara nni ho sɛ hena ne ne Fibea?

3 Bible nkyerɛ nea “ɛnne a edi kan” yi yɛ. Te sɛ Yesu nne a ɛyɛ den a odii kan tee no, ɛte sɛ torobɛnto nnyigyei a ɛde ahyɛde bi ma. (Adiyisɛm 1:10, 11) Ɛma yɛkae abɛn nnyigyei denneennen a ɛkyerɛe sɛ Yehowa aba Bepɔw Sinai so no. (Exodus 19:18-20) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ne ɔfrɛ ahorow yi Fibea kɛse no. (Adiyisɛm 1:1) Wɔahiɛ pon no sɛnea ɛbɛyɛ na, anisoadehu mu no, Yohane atumi ahyɛn kronkron mu kronkronbea wɔ Yehowa tumidibea tɛtrɛɛ no nyinaa mu.

Yehowa Anim a Ɛhran Fɛfɛɛfɛ

4. (a) Dɛn na Yohane anisoadehu no kyerɛ ma Kristofo a wɔasra wɔn no? (b) Dɛn na anisoadehu no kyerɛ ma wɔn a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no?

4 Dɛn na Yohane hu? Tie, bere a afei ɔka yɛn nneɛma a ɛyɛ fɛ a ohui no: “Nneɛma yi akyi no mebaa honhom no tumi ase ntɛm ara: Na hwɛ! ahengua bi si ne sibea wɔ ɔsoro, na obi te ahengua no so.” (Adiyisɛm 4:2, NW) Mpofirim ara Onyankopɔn adeyɛ tumi de Yohane nam honhom mu kɔɔ Yehowa ahengua ankasa ho pɛɛ. Anigye bɛn ara na Yohane benya sɛɛ yi! Ɛha na wodi kan ma ohu saa ɔsoro a wɔde “apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo” asie hɔnom ama ɔno ne Kristofo afoforo a wɔasra wɔn no a etwa nyinamnyinam. (1 Petro 1:3-5; Filipifo 3:20) Wɔn a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no de, Yohane anisoadehu no nso kyerɛ biribi titiriw ma wɔn. Ɛboa wɔn ma wɔte Yehowa anim anuonyam ne ɔsoro tumidi nhyehyɛe a Yehowa de di dwuma de bu amanaman no ntɛn, na ɛno akyi ɔde adi ɔdesani asetra so, wɔ asase so no ase yiye. Ampa, Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔyɛ nhyehyɛe a ɛso nni!

5. Ade paara bɛn na Yohane hu a wɔde apam adaka mmuaso no yɛɛ ho sɛnkyerɛnne?

5 Nea Yohane hu wɔ ɔsoro hɔnom no mu pii te sɛ ntamadan a na ɛwɔ sare no so no ho nneɛma. Wosii eyi sɛ nokware som kronkronbea bi de maa Israelfo bɛyɛ mfe 1,600 ansa na eyi reba. Na apam adaka no si saa ntamadan no Kronkron mu Kronkronbea no mu, na saa Adaka no mmuaso a wɔde sika nkutoo na ayɛ no so na Yehowa ankasa fi kasae. (Exodus 25:17-22; Hebrifo 9:5) Enti, Adaka no mmuaso no dii dwuma sɛ Yehowa ahengua ho sɛnkyerɛnne. Afei Yohane hu saa sɛnkyerɛnne kwan so ade no ankasa: Amansan Hene Yehowa ankasa te hɔ anuonyam kɛse mu wɔ ne ɔsoro ahengua a ɛkorɔn no so!

6. Yehowa ho adwene bɛn na Yohane ma yenya, na dɛn nti na eyi fata?

6 Yohane nka Ɔkronkronni a ɔte so no ho asɛm fefeefe te sɛ tete adiyifo a wohuu Yehowa ahengua ho anisoade ahorow no. (Hesekiel 1:26, 27; Daniel 7:9, 10) Nanso Yohane ka yɛn sɛnea ohuu Nea ɔte ahengua no so ho asɛm wɔ nsɛm yi mu se: “Na nea ɔte so no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia.” (Adiyisɛm 4:3) Anuonyam a ɛso nni bɛn ara ni! Yohane hu ahoɔfɛ a ɛyɛ ahodwiriw na ɛpa nyinamnyinam te sɛ aboɔden abo a ɛhyerɛn fɛfɛɛfɛ. Hwɛ sɛnea eyi ne sɛnea osuani Yakobo kaa Yehowa ho asɛm sɛ “soro . . . hann Agya” no hyia pɛpɛɛpɛ ma ɛfata! (Yakobo 1:17) Yohane kyerɛw Adiyisɛm no akyi bere tiaa bi no, n’ankasa kae sɛ: “Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu.” (1 Yohane 1:5) Onuonyamfo a obiara ne no nsɛ bɛn ara na Yehowa yɛ sɛɛ yi!

7. Dɛn na yebetumi asua afi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na nyankontɔn atwa Yehowa ahengua ho ahyia no mu?

7 Hyɛ no nsow sɛ Yohane hu sɛ nyankontɔn a ne hwɛbea yɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia. Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ nyankontɔn (irʹis) no kyerɛ biribi a ɛyɛ kɔntɔnkrɔn koraa. Wodii kan bɔɔ nyankontɔn din wɔ Bible mu de ka Noa nna no ho asɛm. Nsuyiri nsu no twetwee akyi no, Yehowa maa nyankontɔn puei omununkum mu, na ɔkyerɛɛ dekode ho sɛnkyerɛnne a ɛyɛ wɔ nsɛm yi mu, sɛ: “Me nyankontɔn na mede masi omununkum mu, na ayɛ me ne asase ntam apam no ho sɛnkyerɛnne. Na makae m’apam a ɛwɔ me ne mo ne ɔhonam nyinaa mu akra ateasefo ntam no, na nsu annan nsuyiri ansɛe ɔhonam nyinaa bio.” (Genesis 9:13, 15) Ɛnde, na dɛn na ɔsoro anisoadehu no bɛma aba Yohane adwene mu? Nyankontɔn a ohui no bɛma wakae hia a ehia sɛ wɔne Yehowa nya abusuabɔ a asomdwoe wom, te sɛ nea Yohane kuw no wɔ nnɛ no. Ɛbɛma wahu ahodwo ne asomdwoe a Yehowa anim a ɔwɔ no de ba nso, ahodwo a ɛbɛtrɛw aka adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa bere a Yehowa trɛw ne ntamadan mu kata adesamma so wɔ asase foforo asafo no mu no.​—Dwom 119:165; Filipifo 4:7; Adiyisɛm 21:1-4.

Nnipa Ko a Mpanyimfo 24 no Yɛ a Yebehu

8. Henanom na Yohane hu sɛ wɔatwa ahengua no ho ahyia, na eyinom gyina hɔ ma henanom?

8 Na Yohane nim sɛ wɔpaw asɔfo ma wɔsom wɔ tete ntamadan no mu. Enti ebia ɛbɛyɛ no nwonwa bere a ohu nea afei ɔka ho asɛm yi: “Na nhengua aduonu anan atwa ahengua no ho asi, na mihuu mpanyimfo aduonu anan a wɔtete ahengua no so hyehyɛ ntade fitaa na sika abotiri bobɔ wɔn ti.” (Adiyisɛm 4:4) Yiw, na mpanyimfo 24 na wɔwɔ hɔ a wɔtete nhengua so a wɔbobɔ abotiri te sɛ ahemfo mmom na ɛnyɛ asɔfo. Henanom ne mpanyimfo yi? Wɔnyɛ nnipa biara sɛ Kristofo asafo no mufo a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn, na wɔwɔ ɔsoro dibea a Yehowa de hyɛɛ wɔn bɔ no. Yɛyɛ dɛn hu eyi?

9, 10. Ɔkwan bɛn so na yehu sɛ mpanyimfo 24 no gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no asafo wɔ ne soro anuonyam gyinabea no mu?

9 Nea edi kan koraa no, wɔbobɔ abotiri. Bible ka Kristofo a wɔasra wɔn no ho asɛm sɛ wonya ‘abotiri a ɛnsɛe,’ na wɔn nsa ka nkwa a enni awiei—asetra a owu nni mu. (1 Korintofo 9:25; 15:53, 54) Na esiane sɛ mpanyimfo 24 yi tete nhengua so nti, sika abotiri a ɛwɔ asɛm yi mu no gyina hɔ ma ahenni tumi. (Fa toto Adiyisɛm 6:2; 14:14 ho.) Eyi foa asɛm a ɛne sɛ mpanyimfo 24 no yɛ Yesu anammɔn akyidifo a wɔasra wɔn a wɔwɔ wɔn ɔsoro dibea so no ho mfonini no nsɛmmoa, efisɛ Yesu ne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛtra nhengua so wɔ n’Ahenni mu. (Luka 22:28-30) Yesu ne mpanyimfo 24 yi nkutoo—ɛnyɛ abɔfo mpo—na wɔka wɔn ho asɛm sɛ wodi tumi ɔsoro wɔ Yehowa anim.

10 Eyi ne bɔ a Yesu hyɛɛ Laodikea asafo no hyia: “Nea odi nkonim no, mɛma ɔne me atra m’ahengua so.” (Adiyisɛm 3:21) Nanso mpanyimfo 24 no adwuma wɔ ɔsoro no nyɛ ahenni tumi nkutoo. Adiyisɛm nhoma no mfiase mu no, Yohane ka faa Yesu ho sɛ: “Na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfo mma n’Agya Onyankopɔn.” (Adiyisɛm 1:5, 6) Eyinom yɛ ahene san yɛ asɔfo. “Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.”—Adiyisɛm 20:6.

11. Dɛn nti na ɛfata sɛ mpanyimfo no dodow yɛ 24, na saa dodow no gyina hɔ ma dɛn?

11 Ade titiriw bɛn na ɛwɔ akontaahyɛde 24 no ho, efisɛ Yohane hu mpanyimfo 24 a wɔatwa ahengua no ho ahyia? Akwan horow pii so no, wɔde tete Israel asɔfo anokwafo no yɛɛ eyinom ho mfonini. Ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de.” (1 Petro 2:9) Anigyesɛm ne sɛ, wɔkyekyɛɛ saa tete Yudafo asɔfokuw no mu yɛɛ no akuw 24. Wɔde afe no mu adapɛn bi a ɛyɛ kuw biara de hyɛɛ wɔn nsa na ama wɔasom Yehowa anim, ma enti wɔde ɔsom kronn mae a wɔannyae da. (1 Beresosɛm 24:5-19) Ɛnde, ɛfata sɛ mpanyimfo 24 na woyi wɔn kyerɛ wɔ Yohane anisoadehu a ɛfa ɔsoro asɔfokuw ho no mu, efisɛ saa asɔfokuw yi som Yehowa daa a wonnyae da. Sɛ wɔn dodow so a, wɔbɛyɛ akuw 24, a nkonimdifo 6,000 na wɔwɔ kuw biara mu, efisɛ Adiyisɛm 14:1-4 ka kyerɛ yɛn sɛ nnipa 144,000 (24 x 6,000) ne wɔn a ‘wɔatɔ wɔn afi nnipa mu’ sɛ wɔne Oguammaa, Yesu Kristo, nnyina ɔsoro Bepɔw Sion so. Esiane sɛ akontaahyɛde 12 kyerɛ ɔsoro ahyehyɛde a ɛkari pɛ nti, 24 ma—nhyehyɛe a ɛte saa no yɛ ne mmɔho anaasɛ ɛhyɛ mu den.

Anyinam, Ɛnne Horow ne Aprannaa

12. Dɛn na eyi akyi Yohane hu na ɔte, na dɛn na “anyinam ne ɛnne ne aprannaa” no kae yɛn?

12 Dɛn na afei Yohane hu na ɔte? “Na anyinam ne ɛnne horow ne aprannaa fii ahengua no mu fii adi.” (Adiyisɛm 4:5a) Hwɛ sɛnea eyi sɛ Yehowa ɔsoro tumi a oyi no adi mmere afoforo mu a ɛyɛ hu no yiye! Sɛ nhwɛso no, bere a Yehowa “sian” baa Bepɔw Sinai so no, Mose bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na da a ɛto so abiɛsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne omununkum duruduru ne torobɛnto nne a ɛyɛ den yiye baa bepɔw no so. . . . Na torobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛse gyee so.”—Exodus 19:16-19.

13. Dɛn ho mfonini na anyinam a ɛpaapae fi Yehowa ahengua mu no yɛ?

13 Awurade da no mu no, Yehowa ma ne tumi ne wɔ a ɔwɔ hɔ no da adi ma wohu no yiye. Dabi, ɛnyɛ anyinam ankasa a ɛpaapae, efisɛ nsɛnkyerɛnne na Yohane rehu. Ɛnde, na anyinam no gyina hɔ ma dɛn? Wiɛ, anyinam a ɛpaapae betumi ama hann, na ebetumi akum obi nso. Enti, anyinam a efi Yehowa ahengua mu no yɛ ntease a wakɔ so ama ne nkurɔfo anya, na ne titiriw koraa mpo no, n’atemmusɛm ahorow a ano yɛ den ho nkrasɛm no ho mfonini yiye.​—Fa toto Dwom 18:14; 144:5, 6; Mateo 4:14-17; 24:27 ho.

14. Ɔkwan bɛn so na ɛnne ahorow agyigye nnɛ?

14 Na ɛnne ahorow no nso ɛ? Bere a Yehowa sian baa Sinai Bepɔw so no, ɛnne bi kasa kyerɛɛ Mose. (Exodus 19:19) Ɛnne ahorow a efi soro na ɛde ahyɛde ne mpaemuka a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no bebree mae. (Adiyisɛm 4:1; 10:4, 8; 11:12; 12:10; 14:13; 16:1, 17; 18:4; 19:5; 21:3) Ɛnnɛ, Yehowa de ahyɛde ne mpaemuka ahorow nso ama ne nkurɔfo, na ɛma wɔn ntease wɔ Bible nkɔmhyɛ ne nnyinasosɛm ahorow mu no mu da hɔ pefee. Amanaman ntam nhyiam ahorow ase na wɔtaa da nsɛm a ɛma ntease adi, na wɔaka Bible mu nokware ahorow a ɛte sɛɛ yi akyerɛ wɔ wiase nyinaa. Ɔsomafo Paulo kaa asɛmpakafo anokwafo ho asɛm sɛ: “Ampa ara [wɔate], wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so na wɔn nsɛm duu wiase ano.”—Romafo 10:18.

15. Aprannaa bɛn na afi ahengua no mu aba wɔ Awurade da no bere yi mu?

15 Aprannaa taa di anyinam akyi. Dawid kaa aprannaa ankasa ho asɛm sɛ “Yehowa nne.” (Dwom 29:3, 4, NW) Bere a Yehowa ko maa Dawid de tiaa n’atamfo no, wɔkae sɛ aprannaa fi Ne hɔ bae. (2 Samuel 22:14; Dwom 18:13) Elihu ka kyerɛɛ Hiob sɛ Yehowa nne gyigyei te sɛ aprannaa, bere a Ɔyɛ “ade akɛse a yenhu mu” no. (Hiob 37:4, 5) Awurade da no fã yi mu no, Yehowa ‘abobom,’ nneɛma akɛse a ɔbɛyɛ atia n’atamfo no ho kɔkɔbɔ. Sɛnkyerɛnne kwan so aprannaa mmobom yi agyigye, na akɔ so agyigye asase so nyinaa. Sɛ woatie mpaemuka a ano yɛ den yi, na wode wo tɛkrɛma redi dwuma nyansam de bi ka ano den ho a, anigye ne wo!—Yesaia 50:4, 5; 61:1, 2.

Ogya Akanea ne Ahwehwɛ Po

16. Dɛn na “ogya akanea ason” no gyina hɔ ma?

16 Dɛn na Yohane hu bio? Eyi: “Na ogya akanea ason redɛw ahengua no anim, na eyinom kyerɛ Onyankopɔn ahonhom ason no. Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahengua no anim.” (Adiyisɛm 4:5b, 6a, NW) Yohane ankasa ka nea akanea ason no kyerɛ no kyerɛ yɛn: “Eyinom kyerɛ Onyankopɔn ahonhom ason no.” Akontaahyɛde ason no yɛ ɔsoro nneɛma a edi mu ho sɛnkyerɛnne; enti, na akanea ason no begyina hɔ ama honhom kronkron no tumi a ɛma wonya ntease no mayɛ. Aseda bɛn ara na Yohane kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no de ma sɛɛ yi, sɛ wɔde ntease yi ama wɔn de aka asɛyɛde a ɛne sɛ wɔnka nkyerɛ asase sofo a ɔkɔm de wɔn honhom mu no ho! Anigye bɛn ara na yenya sɛɛ yi sɛ afe biara no, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma ɔpepehaha pii kɔ so ma hann yi hyerɛn wɔ kasa bɛyɛ 200 mu!—Dwom 43:3.

17. “Ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ” no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

17 Yohane hu “ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ” nso. Eyi bɛyɛ dɛn ho nsɛnkyerɛnne wɔ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra Yehowa ɔsoro abangua so no ho? Paulo kaa ɔkwan a Yesu faa so tew asafo no ho ho asɛm, “sɛ ɔde nsu aguare no bɛtew ne ho wɔ asɛm no mu.” (Efesofo 5:26) Ansa na Yesu rewu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Asɛm a maka makyerɛ mo no nti mo ho anya afi.” (Yohane 15:3) Enti, ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ yi begyina hɔ ama Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw ato hɔ a ɛtew nnipa ho no. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea n’Asɛm no atew saa ahene asɔfokuw no mufo a wɔba Yehowa anim no ho.

Hwɛ—“Ateasefo Baanan”!

18. Dɛn na Yohane hu wɔ ahengua no mfinimfini ne ɛho?

18 Afei Yohane hu ade foforo. Ɔkyerɛw se: “Na ateasefo baanan a aniwa ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyi mama wowɔ ahengua no ho wɔ mfinimfini, na wɔatwa ahengua no ho ahyia.”—Adiyisɛm 4:6b.

19. Dɛn ho mfonini na ateasefo baanan no yɛ, na yɛyɛ dɛn hu eyi?

19 Saa abɔde yi yɛ dɛn ho mfonini? Anisoadehu foforo a odiyifo foforo, Hesekiel, bɔɔ ho amanneɛ no boa yɛn ma yenya mmuae no. Hesekiel huu Yehowa sɛ ɔte ahengua so ɔsoro teaseɛnam bi a ateasefo a wɔwɔ su horow te sɛ nea Yohane kaa ho asɛm no ka ho mu. (Hesekiel 1:5-11, 22-28) Akyiri yi, Hesekiel san huu saa teaseɛnam ahengua no a ateasefo no ka ho no bio. Nanso, saa bere yi de, ɔka ateasefo no ho asɛm sɛ Kerubim. (Hesekiel 10:9-15) Ateasefo baanan a Yohane hu no begyina hɔ ama Onyankopɔn kerubim bebree no—abɔde a wɔn dibea korɔn Ne honhom mu ahyehyɛde no mu. Yohane rensusuw sɛ ɛyɛ nwonwa sɛ obehu sɛ kerubim gyina Yehowa ankasa nkyɛn pɛɛ, efisɛ tete ntamadan nhyehyɛe no mu no, na wɔde sika kerubim abien asisi apam adaka no mmuaso, a na egyina hɔ ma Yehowa ahengua no so. Kerubim yi ntam na Yehowa nne fi de ahyɛde ahorow ma ɔman no.​—Exodus 25:22; Dwom 80:1.

20. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aka sɛ ateasefo baanan no wɔ “ahengua no mfinimfini na wɔatwa ho ahyia”?

20 Saa ateasefo baanan yi wɔ “ahengua no ho wɔ mfinimfini na wɔatwa ahengua no ho ahyia.” Dɛn pɔtee na eyi kyerɛ? Ebetumi akyerɛ sɛ wogyinagyina ahengua no ho ɔkwan bi so a wɔn mu biara gyina ɔfa biara mfinimfini. Ɛno nti na wɔn a wɔkyerɛɛ Today’s English Version no ase no kaa mfitiase Hela asɛm no ho asɛm ɔkwan foforo so sɛ: “Wɔatwa ahengua no ho ahyia wɔ ne fã biara.” Anaa, asɛm no betumi akyerɛ sɛ ateasefo baanan no wɔ ɔsoro nyinaa mfinimfini wɔ ɔsoro wɔ faako a ahengua no wɔ no. Ɛda adi sɛ ɛno nti na The Jerusalem Bible no kyerɛ asɛm no ase sɛ: “wɔ mfinimfini, wɔaboa wɔn ho ano atwa ahengua no ankasa ho ahyia.” Nea ehia ne bɛn a kerubim no bɛn Yehowa ahengua a ɛte sɛ kerubim a Hesekiel hui wɔ Yehowa ahyehyɛde kwan so teaseɛnam no twea biara so no. (Hesekiel 1:15-22) Eyi nyinaa ne nsɛm a ɛwɔ Dwom 99:1, NW no hyia: “Yehowa ankasa abɛyɛ ɔhene. . . . Ɔte kerubim so.”

21, 22. (a) Yohane ka ateasefo baanan no ho asɛm dɛn? (b) Ateasefo baanan no biara hwɛbea no gyina hɔ ma dɛn?

21 Yohane toa so sɛ: “Ɔteasefo a odi kan no te sɛ gyata, na ɔteasefo a ɔto so abien no te sɛ nantwi ba, na ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no wɔ anim te sɛ onipa, na ɔteasefo a ɔto so anan no te sɛ ɔkɔre a otu.” (Adiyisɛm 4:7) Dɛn nti na ɛsono ateasefo baanan yi mu biara wɔ wɔn a wɔaka no ho saa? Ɛda adi pefee sɛ ateasefo a ɛsono wɔn mu biara yi da Onyankopɔn su ahorow pɔtee bi adi. Nea edi kan no, gyata no wɔ hɔ. Wɔde gyata di dwuma wɔ Bible mu sɛ akokoduru ho sɛnkyerɛnne, ne titiriw no atemmu ne trenee akyidi mu. (2 Samuel 17:10; Mmebusɛm 28:1) Enti, gyata no gyina hɔ ma Onyankopɔn su a ɛne akokoduru a wɔde bu atɛntrenee ma ɛfata. (Deuteronomium 32:4; Dwom 89:14) Ɔteasefo a ɔto so abien no sɛ nantwi ba. Su bɛn na nantwi ma ɛba w’adwene mu? Na nantwi yɛ agyapade a ɛsom bo ma Israelfo esiane n’ahoɔden nti. (Mmebusɛm 14:4; hwɛ Hiob 39:9-11 nso.) Ɛnde na nantwi ba no gyina hɔ ma tumi, ahoɔden kɛse sɛnea Yehowa de ma.​—Dwom 62:11; Yesaia 40:26.

22 Ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no wɔ anim te sɛ onipa de. Na eyi begyina hɔ ama Onyankopɔn dɔ, esiane sɛ asase so no, onipa nkutoo na wɔbɔɔ no Onyankopɔn suban so, a ɔwɔ ɔdɔ su a ɛkyɛn so. (Genesis 1:26-28; Mateo 22:36-40; 1 Yohane 4:8, 16) Akyinnye biara nni ho sɛ, kerubim no da wɔn su yi adi bere a wɔsom twa Yehowa ahengua ho hyia no. Afei ɔteasefo a ɔto so anan no nso ɛ? Oyi hwɛbea te sɛ ɔkɔre a ɔretu. Yehowa ankasa twe adwene si ade a ɔkɔre tumi hu akyirikyiri yiye no so: “N’aniwa hwɛ ade akyirikyiri.” (Hiob 39:29) Enti, ɔkɔre no yɛ nyansa a ɛma wɔhwɛ ade akyirikyiri ho mfonini ma ɛfata. Yehowa ne nyansa Fibea. Ne kerubim no da ɔsoro nyansa adi bere a wodi n’ahyɛde so no.​—Mmebusɛm 2:6; Yakobo 3:17.

Yehowa Ayeyi Gyigye

23. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ‘aniwa ayɛ ateasefo baanan no ho mama’ no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne, na wɔde ntaban abiɛsa a emu biara bɔ ho abien no si dɛn so dua?

23 Yohane toa ne nkyerɛkyerɛmu no so sɛ: “Na ateasefo baanan no de, wɔn mu biara wɔ ntaban asia; na aniwa ayɛ ho mama atwa ho ahyia ne ase. Na wɔnhome awia ne anadwo bere a wɔka se: Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ, a ɔwɔɔ hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔreba.” (Adiyisɛm 4:8, NW) Aniwa a ayɛ wɔn ho mama yi kyerɛ ade a wotumi hwɛ kɔ akyirikyiri wɔ ɔkwan a edi mu so. Ateasefo baanan no yɛ eyi a wonnyae da, efisɛ nna ho nhia wɔn. Wosuasua Nea wɔkyerɛw ne ho asɛm sɛ: “Na [Yehowa] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.” (2 Beresosɛm 16:9) Esiane sɛ kerubim no wowɔ aniwa bebree saa nti, wobetumi ahu baabiara. Hwee nhintaw wɔn. Enti, wɔasiesie wɔn yiye sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ n’atemmu adwuma no mu. Ɔno na wɔka ne ho asɛm sɛ: “[Yehowa] aniwa wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefo ne apapafo.” (Mmebusɛm 15:3) Esiane sɛ kerubim no wɔ ntaban abiɛsa a emu biara bɔ ho abien—wɔde akontaahyɛde abiɛsa di dwuma wɔ Bible mu de si ade so dua—nti, wobetumi de ahoɔhare kɛse atu akɔka Yehowa atemmu ahorow akyerɛ na wɔadi ho dwuma.

24. Kerubim no yi Yehowa ayɛ dɛn, na wɔde kyerɛ dɛn?

24 Tie! Dwom dɛdɛ, a ɛkanyan koma, ne ayeyi dwom a kerubim no to ma Yehowa: “Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ, a ɔwɔɔ hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔreba.” Bio, abiɛsa a ɛyɛ no kyerɛ sɛnea emu yɛ den. Kerubim no si Yehowa Nyankopɔn kronkronyɛ so dua. Ɔne kronkronyɛ Gyinapɛn a ewie koraa Fibea. Ɔyɛ “mmeresanten Hene” nso, “Alfa ne Omega, ɔkannifo ne okyikafo, mfiase ne awiei no” bere nyinaa. (1 Timoteo 1:17; Adiyisɛm 22:13) Kerubim no nhome bere a wɔka Yehowa su ahorow a ɛso nni no kyerɛ wɔ abɔde nyinaa anim no.

25. Ɔkwan bɛn so na ateasefo no ne mpanyimfo 24 no de biakoyɛ som Yehowa?

25 Yehowa ayeyi gyigye ɔsoro mu soro! Yohane nkyerɛkyerɛmu no toa so sɛ: “Na sɛ ateasefo no de anuonyam ne nidi ne aseda ma nea ɔte ahengua no so a ɔte ase daa daa no a, mpanyimfo aduonu anan no hwehwe Nea ɔte ahengua no so no anim ase, na wɔkotow Nea ɔte ase daa daa no, na woyiyi wɔn abotiri no gu ahengua no anim ka sɛ: [Yehowa], yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” (Adiyisɛm 4:9-11) Kyerɛwnsɛm no mu nyinaa no, eyi ne nkamfo a ɛso nni a wɔde ma Yehowa yɛn Nyankopɔn ne Amansan Hene no mu nea ɛsen biara no mu biako!

26. Dɛn nti na mpanyimfo 24 no totow wɔn ahemmotiri no guu fam Yehowa anim?

26 Mpanyimfo 24 no kura adwene a Yesu da no adi no ara bi, na mpo woyiyii wɔn ahemmotiri no guu hɔ Yehowa anim. Enni wɔn adwenem koraa sɛ wɔbɛma wɔn ho so wɔ Onyankopɔn anim. Wofi ahobrɛase mu hu sɛ atirimpɔw koro pɛ a ɛwɔ wɔn ahenni no ho ne sɛ wɔde nidi ne anuonyam bɛbrɛ no, sɛnea Yesu yɛ bere nyinaa no. (Filipifo 2:5, 6, 9-11) Wɔde ahobrɛase gye fam a wɔba no tom, na wɔka sɛ wɔn ahenni no gyina Yehowa tumidi so. Enti, wofi wɔn koma nyinaa mu ne Kerubim no ne abɔde anokwafo a aka no nyinaa ano kɔ bɛnkoro mu de ayeyi ne anuonyam ma Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no.​—Dwom 150:1-6.

27, 28. (a) Ɛsɛ sɛ anisoadehu yi ho asɛm a Yohane ka no ka yɛn dɛn? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɔre wɔ nea Yohane hu na ɔte bio no ho?

27 Hena na obetumi akenkan Yohane kyerɛwtohɔ a ɛfa anisoadehu yi ho a ɛrenkanyan no? Ɛyɛ fɛ dodo, ɛyɛ nwonwa! Nanso ade no ankasa bɛyɛ te sɛ dɛn? Ɛsɛ sɛ Yehowa anuonyam ankasa ka obiara a ɔwɔ anisɔ koma ma ɔkɔka ateasefo baanan ne mpanyimfo 24 no ho ma woyi No ayɛ, wɔ mpaebɔ ne Ne din a wɔbɛka ho asɛm akyerɛ baguam nyinaa no mu. Oyi ne Nyankopɔn a Kristofo anya hokwan sɛ wɔbɛyɛ N’adansefo nnɛ. (Yesaia 43:10) Kae sɛ Yohane anisoadehu no fa Awurade da, a yewom mprempren no ho. “Ahonhom ason” no asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛkyerɛ yɛn kwan ahyɛ yɛn den bere nyinaa. (Galatifo 5:16-18) Onyankopɔn Asɛm wɔ hɔ nnɛ a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ kronkron Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no som mu. (1 Petro 1:14-16) Nokwarem no, yɛn ani gye sɛ yɛbɛkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no dennen. (Adiyisɛm 1:3) Ka bɛn ara na eyinom ka yɛn ma yɛadi Yehowa nokware na yɛamma wiase no kwan ma antwetwe yɛn adwene amfi ayeyi dwom a yɛbɛkeka yɛn ho ato ama no no ho!—1 Yohane 2:15-17.

28 Ɛde besi ha no, Yohane aka nea ohu bere a wɔto nsa frɛ no sɛ ɔmfa ɔpon a wɔahiɛ ɔsoro no mu ntwiw mmɛn no ho asɛm. Ne titiriw no, ɔbɔ amanneɛ sɛ Yehowa te Ne soro ahengua so wɔ N’ahoɔfɛ ne N’anuonyam ne nidi nyinaa mu. Ahyehyɛde a ɛso sen ahyehyɛde ahorow nyinaa—na ɛhran n’ahoɔfɛ mu na edi nokware—atwa ne ho nyinaa ahyia. Wɔasisi agua ɔsoro abangua no so. (Daniel 7:9, 10, 18) Wɔasiesie nneɛma na biribi a ɛkyɛn so aba. Ɛyɛ dɛn, na ɛka yɛn dɛn nnɛ? Momma yɛnhwɛ bere a ɛda adi no!

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 75]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 78]