Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Nnwuma—Ɛyɛ Akɛse ne Nwonwa

Yehowa Nnwuma—Ɛyɛ Akɛse ne Nwonwa

Ti 31

Yehowa Nnwuma—Ɛyɛ Akɛse ne Nwonwa

Anisoadehu 10​—Adiyisɛm 15:1–16:21

Asɛmti: Yehowa wɔ n’asɔrefi; wohwie n’abufuw nkuruwa ason no gu asase so

Bere a enya mmamu: Efi 1919 kosi Harmagedon

1, 2. (a) Sɛnkyerɛnne a ɛto so abiɛsa bɛn ho amanneɛ na Yohane bɔ? (b) Dwuma a abɔfo di bɛn na Yehowa asomfo nim bere tenten?

ƆBEA bi wo ɔbabanin! Ɔtweaseɛ kɛse bi hwehwɛ sɛ ɔmene ɔba no! Saa ɔsoro sɛnkyerɛnne abien a wɔyɛ ho mfonini yiye wɔ Adiyisɛm ti 12 no ma yehu sɛ ntawntawdi a akyɛ a ɛfa Onyankopɔn ɔbea no Aseni ne Satan ne n’adaemone asefo no ho no reba n’awiei. Yohane reka nsɛnkyerɛnne yi ho asɛm no, ɔka sɛ: “Na wohuu sɛnkyerɛnne kɛse bi ɔsoro . . . na wohuu sɛnkyerɛnne foforo.” (Adiyisɛm 12:1, 3, 7-12, New World Translation) Afei Yohane bɔ sɛnkyerɛnne a ɛto so abiɛsa ho amanneɛ sɛ: “Na mihuu sɛnkyerɛnne foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa ɔsoro, abɔfo baason a wokurakura ɔhaw ason. Eyinom na etwa to, efisɛ ɛno so na wɔnam de Onyankopɔn abufuw ba awiei.” (Adiyisɛm 15:1, NW) Sɛnkyerɛnne a ɛto so abiɛsa yi nso kyerɛ biribi a ehia ma Yehowa asomfo.

2 Hyɛ dwumadi ahorow a ɛho hia a abɔfo wɔ bio wɔ Onyankopɔn apɛde a wobewie yɛ mu no nsow. Yehowa asomfo fi bere tenten ahu nokwasɛm yi. Honhom kronkron akwankyerɛ ase no, tete odwontofo no mpo kasa kyerɛɛ abɔfo, a wɔte saa, hyɛɛ wɔn sɛ: “[Yehowa] abɔfo, munhyira no, mo tumi abran a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no”! (Dwom 103:20) Afei, adehu foforo yi mu no, wɔde adwuma hyɛ abɔfo nsa sɛ wonhwie ɔhaw ason a etwa to no ngu.

3. Dɛn ne ɔhaw ason no, na hwie a wohwie gu no kyerɛ dɛn?

3 Dɛn ne ɔhaw ahorow yi? Te sɛ torobɛnto ason no hyɛn no, ɛyɛ atemmusɛm a emu yɛ den a ɛka sɛnea Yehowa bu wi yi ase nneɛma horow na ɛbɔ nea awiei no ebefi n’atemmu ahorow mu aba no ho kɔkɔ. (Adiyisɛm 8:1-9:21) Hwie a wohwie gu no kyerɛ atemmu horow no ho dwumadi bere a wɔsɛe nneɛma a Yehowa abufuw da so no wɔ n’abufuhyew da no mu no. (Yesaia 13:9-13; Adiyisɛm 6:16, 17) Enti, ɛno na wɔnam so “de Onyankopɔn abufuw ba awiei.” Nanso ansa na Yohane reka ɔhaw ahorow no a wohwie gu no ho asɛm no, ɔka adesamma binom a ɛrenka wɔn wɔ ɔkwammɔne so no ho asɛm kyerɛ yɛn. Bere a anokwafo yi ampene sɛ wobegye aboa no agyirae no, wɔto Yehowa ayeyi dwom bere a wɔka n’aweredi da kyerɛ no.​—Adiyisɛm 13:15-17.

Mose ne Oguammaa no Dwom

4. Dɛn na Yohane hu afei?

4 Afei Yohane hu ade fɛfɛ bi a ɛyɛ nwonwa: “Na mihuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po a ogya fra mu. Na wɔn a wodii aboa no ne ne honi ne ne din akontaahyɛde ho nkonim no gyinagyina ahwehwɛ po no ano kurakura Onyankopɔn asanku.”—Adiyisɛm 15:2.

5. Dɛn ho mfonini na wɔde “ahwehwɛ po a ogya fra mu” no yɛ?

5 “Ahwehwɛ po” no ara ne nea Yohane dii kan hui a ɛwɔ Onyankopɔn ahengua anim no. (Adiyisɛm 4:6) Ɛte sɛ “ɛpo” (ade a wɔde nsu gu mu) wɔ Salomo asɔredan no mu, baabi a asɔfo no nya nsu de hohoro wɔn ho no. (1 Ahene 7:23) Enti, ɛyɛ ‘nsu aguare,’ kyerɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm, a Yesu nam so tew Kristofo a wɔasra wɔn no asɔfo asafo no ho no ho sɛnkyerɛnne fɛfɛ. (Efesofo 5:25, 26; Hebrifo 10:22) Ahwehwɛ po yi yɛ nea “ogya fra mu,” a ɛkyerɛ sɛ wɔasɔ wɔn a wɔasra wɔn yi ahwɛ na wɔatew wɔn ho bere a wodi gyinapɛn a ɛkorɔn a wɔde asi hɔ ama wɔn no so no. Bio, ɛkae yɛn sɛ Onyankopɔn Asɛm kura atemmusɛm ahorow a ano yɛ den a etia n’atamfo nso. (Deuteronomium 9:3; Sefania 3:8) Wɔada atemmu horow a emu yɛ den yi bi adi wɔ ɔhaw ason a etwa to a wɔrebehwie agu no mu.

6. (a) Henanom ne nnwontofo a woginagyina ɔsoro ahwehwɛ po no anim no, na yɛyɛ dɛn hu? (b) Ɔkwan bɛn so na ‘wɔadi nkonim’?

6 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ɛpo a ɛwɔ Salomo asɔredan no mu no yɛ nea asɔfo no na na wɔde di dwuma no kyerɛ sɛ nnwontofo a wogyina ɔsoro ahwehwɛ po no anim no yɛ asɔfokuw bi. Wokurakura “Onyankopɔn asanku,” ma enti yebu wɔn sɛ wɔn ara ne mpanyimfo 24 no ne 144,000 no, esiane sɛ saa akuw yi nso de sankubɔ ka wɔn dwonto ho nti. (Adiyisɛm 5:8; 14:2) Nnwontofo a Yohane hu wɔn no di “aboa no ne ne honi ne ne din akontaahyɛde ho nkonim.” Enti na wɔbɛyɛ 144,000 no mufo a wɔte ase wɔ asase so wɔ nna a edi akyiri no mu no. Sɛ kuw no, wodi nkonim ampa. Bɛyɛ mfe 90 ni fi 1919 no, wɔapow sɛ wobegye aboa no agyirae anaasɛ wobebu ne honi no sɛ onipa asomdwoe ho anidaso koro. Wɔn mu pii adi nokware akodu wu mu dedaw, na akyinnye biara nni ho sɛ eyinom a mprempren wɔwɔ ɔsoro no de anigye titiriw redi wɔn nuanom a wɔda so wɔ asase so no dwonto no akyi.​—Adiyisɛm 14:11-13.

7. Wɔde sanku dii dwuma wɔ tete Israel dɛn, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asanku a ɛwɔ Yohane anisoadehu no mu no ka yɛn dɛn?

7 Nkonimdifo anokwafo yi kurakura Onyankopɔn asanku. Eyi mu no, wɔte sɛ tete asɔrefi Lewifo a na wɔde nnwonto ne sankubɔ som Yehowa no. Ebinom nso de sankubɔ hyɛɛ nkɔm. (1 Beresosɛm 15:16; 25:1-3) Wɔde sankubɔ a ɛyɛ dɛ na ɛhyehyɛɛ Israel anigye nnwom ne ayeyi mpaebɔ ne aseda a wɔde ma Yehowa no. (1 Beresosɛm 13:8; Dwom 33:2; 43:4; 57:7, 8) Sɛ wɔwɔ ahokyere mmere anaasɛ nnommumfa mu a, wɔnte sankubɔ no. (Dwom 137:2) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asanku a ɛwɔ anisoadehu yi mu no ma yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛto yɛn Nyankopɔn ayeyi ne aseda ho nkonimdi dwom de akamfo no. *

8. Dwom bɛn na wɔreto, na emu nsɛm ne dɛn?

8 Ɛno ne nea Yohane bɔ ho amanneɛ: “Na wɔto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne oguammaa no dwom, sɛ: [Yehowa] Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware. [Yehowa], hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi.”—Adiyisɛm 15:3, 4.

9. Dɛn nti na ɔfã bi no, wɔfrɛ dwom no sɛ “Mose dwom”?

9 Saa nkonimdifo yi to “Mose dwom,” kyerɛ sɛ dwom a ɛte sɛ nea Mose tow wɔ tebea horow a ɛte saa ara mu mu. Bere a Israelfo ahu ɔhaw du a ɛbaa Misraim so ne Misrifo asraafo dɔm no sɛe wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu akyi no, Mose dii wɔn anim wɔ nkonimdi ayeyi dwom a ɛte saa a wɔto maa Yehowa no mu, na wɔkae sɛ: “Yehowa bedi tumi sɛ ɔhene de bɛkɔ akosi daa, daapem nyinaa mpo.” (Exodus 15:1-19, NW) Fata bɛn ara na ɛfata sɛ Yohane anisoadehu no mu nnwontofo a wodi aboa no so nkonim na wɔbɔ ɔhaw ason a etwa to no dawuru bi no bɛto dwom nso ama “mmeresanten hene” no sɛɛ yi!—1 Timoteo 1:17.

10. Dwom foforo bɛn na Mose hyehyɛe, na ne nkyekyem a edi akyiri no fa nnipakuw kɛse a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho dɛn?

10 Dwom foforo bi a Mose a na wabɔ akora no hyehyɛe bere a na Israel resiesie ne ho akodi Kaanan so nkonim no nso mu no, ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “[Yehowa] din na mɛbɔ: Momfa kɛseyɛ mma yɛn Nyankopɔn!” Dwom yi nkyekyem a edi akyiri no nso de nkuranhyɛ maa wɔn a wɔnyɛ Israelfo, na Mose nsɛm a efi honhom mu no fa nnɛyi nnipakuw kɛse no ho: “Amanaman, mo ne ne man ani nnye.” Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn ani gye? Efisɛ afei na Yehowa bedi “ne nkoa mogya so were, na ɔde aweredi betua n’atamfo ka.” Trenee atemmu ho dwumadi yi de ahosan gyegyeegye bɛbrɛ wɔn a wɔn ani da Yehowa so nyinaa.​—Deuteronomium 32:3, 43, NW; Romafo 15:10-13; Adiyisɛm 7:9.

11. Ɔkwan bɛn so na dwom a Yohane tee no kɔ so nya mmamu?

11 Anigye bɛn ara na anka Mose ankasa benya sɛɛ yi sɛ ɔwɔ Awurade da no mu mprempren ma ɔne ɔsoro nnwontofo no reto dwom sɛ: “Amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim” a! Saa dwom a ɛkyɛn so no kɔ so ara nya ne mmamu a ɛyɛ nwonwa nnɛ bere a yehu nnipa ɔpepem pii a wofi “amanaman” no mu a wɔde anigye ba Yehowa asase so ahyehyɛde no mu bebree nnɛ, a ɛnyɛ anisoadehu mu ara kwa na mmom sɛ biribi a ɛkɔ so ankasa no.

12. Dɛn nti na wɔfrɛ nkonimdifo no dwom no nso sɛ “oguammaa no dwom”?

12 Nanso eyi nyɛ Mose nko dwom na mmom “oguammaa no” de nso bi. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Na Mose yɛ Yehowa diyifo ma Israel, nanso Mose ankasa hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa bɛma odiyifo bi so te sɛ ɔno. Ɛbɛdaa adi sɛ Oyi ne Oguammaa Yesu Kristo. Bere a ná Mose de ɔyɛ “Onyankopɔn akoa” no, ná Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Mose Ɔkɛseɛ. (Deuteronomium 18:15-19; Asomafo no Nnwuma 3:22, 23; Hebrifo 3:5, 6) Enti, nnwontofo no to “oguammaa no dwom” nso.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu te sɛ Mose, ɛwom sɛ ɔyɛ kɛse sen Mose de? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ne nnwontofo no ayɛ biako?

13 Te sɛ Mose no, Yesu too Onyankopɔn ayeyi dwom baguam na ɔhyɛɛ atamfo nyinaa so nkonim a Obedi ho nkɔm. (Mateo 24:21, 22; 26:30; Luka 19:41-44) Yesu nso hwɛɛ bere a amanaman bɛba abeyi Yehowa ayɛ no kwan, na sɛ “Onyankopɔn guammaa” a ɔde ne ho bɔɔ afɔre no, ɔde ne desani nkwa too hɔ na ama eyi atumi ayɛ yiye. (Yohane 1:29; Adiyisɛm 7:9; Fa toto Yesaia 2:2-4; Sakaria 8:23 ho.) Na sɛnea Mose behuu Onyankopɔn din, Yehowa, na ɔkamfoo saa din no, saa ara na Yesu maa Onyankopɔn din daa adi. (Exodus 6:2, 3; Dwom 90:1, 17; Yohane 17:6) Esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo nti, ne bɔhyɛ ahorow a anuonyam wom no bɛba mu ampa. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ yɛne nnwontofo anokwafo yi ne Oguammaa no ne Mose yɛ biako na yegye dwom no mu nsɛm yi tom: “[Yehowa], hena na ɔrensuro wo, na ɔnhyɛ wo din anuonyam?”

Abɔfo a Wokurakura Nkuruwa

14. Henanom na Yohane hu sɛ wɔrepue fi asɔredan no mu no, na dɛn na wɔde ma wɔn?

14 Ɛfata sɛ yɛte nkonimdifo a wɔasra wɔn yi dwom no. Dɛn ntia? Efisɛ wɔabɔ atemmu a ɛwɔ nkuruwa a Onyankopɔn abufuw ayɛ no ma mu no ho dawuru wɔ asase so. Nanso wɔn a wohwie nkuruwa yi gu no nyɛ adesamma ara kwa, sɛnea Yohane kɔ so kyerɛ no: “Na eyinom akyi no mehwɛe, na wɔahiɛ adanse ntamadan no asɔredan no ɔsoro. Na abɔfo baason a wokurakura ɔhaw ason no fi asɔredan no mu fii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa na ɛharan, na wɔde sika abɔso abobɔ wɔn mu. Na ateasefo baanan no mu biako maa abɔfo baason no sika nkuruwa ason a wɔde Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no mama.”—Adiyisɛm 15:5-7.

15. Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ abɔfo baason no pue afi asɔredan no mu?

15 Ɛdefa Israelfo asɔrefi a na ɔsoro nneɛma ho nhwɛso wom no ho no, na ɔsɔfo panyin no nkutoo na otumi hyɛn Kronkron mu Kronkronbea a wɔfrɛ no wɔ ha sɛ “asɔredan” no mu. (Hebrifo 9:3, 7) Egyina hɔ ma wɔ a Yehowa wɔ ɔsoro no. Nanso, wɔ ɔsoro ankasa no, ɛnyɛ Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo nkutoo na onya hokwan kɔ Yehowa anim, na mmom abɔfo no nso yɛ saa. (Mateo 18:10; Hebrifo 9:24-26) Ɛnde, na ɛnyɛ nwonwa sɛ wohu abɔfo baason sɛ wofi kronkronbea a ɛwɔ soro no mu fi adi. Wɔwɔ ahyɛde a efi Yehowa Nyankopɔn ankasa hɔ: Sɛ wobehwie nkuruwa a Onyankopɔn abufuw ayɛ no ma no agu.​—Adiyisɛm 16:1.

16. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ abɔfo baason no fata yiye ma wɔn adwuma no? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ afoforo ho wɔ sɛnkyerɛnne kwan so nkuruwa a wohwie gu ho adwuma kɛse yi mu?

16 Abɔfo yi fata yiye ma adwuma yi. Wɔhyehyɛ nwera a ɛhyerɛn na ani tew, a ɛkyerɛ sɛ wɔn ho tew honhom fam na wɔyɛ kronkron, na wɔteɛ Yehowa ani so. Afei, wɔbobɔ sika abɔso. Wɔtaa bɔ abɔso bere a obi bɔ ne ho so ma adwuma bi yɛ. (Leviticus 8:7, 13; 1 Samuel 2:18; Luka 12:37; Yohane 13:4, 5) Enti abɔfo no abɔ wɔn ho so ama adwuma bi a wɔde ahyɛ wɔn nsa. Afei nso wɔn abɔso no yɛ sika abɔso. Wɔ tete ntamadan no mu no, wɔde sika dii dwuma de gyinaa hɔ maa Onyankopɔn ɔsoro nneɛma. (Hebrifo 9:4, 11, 12) Ɛno kyerɛ sɛ saa abɔfo yi wɔ adwuma bi a ɛsom bo a ne bo yɛ den a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Afoforo nso ho wɔ adwuma kɛse yi yɛ mu. Ateasefo baanan no mu biako de kuruwa no ankasa hyɛ wɔn nsa. Akyinnye biara nni ho sɛ na oyi ne abɔde ɔteasefo a odi kan a ɔsɛ gyata, a ɛyɛ akokoduru ne hwee a entumi nni ne so no a ehia ma wɔde abɔ Yehowa atemmu horow ho dawuru no ho mfonini no.​—Adiyisɛm 4:7.

Yehowa wɔ N’asɔrefi

17. Dɛn na Yohane ka kyerɛ yɛn wɔ asɔredan no ho, na ɔkwan bɛn so na ɛno kae yɛn asɔredan a na ɛwɔ tete Israel no?

17 Awiei koraa no, bere a Yohane rewie anisoadehu no fã yi no, ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Na owusiw a efi Nyankopɔn anuonyam ne ne tumi no mu hyɛɛ asɔredan no mu ma, na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kosii sɛ wowiee abɔfo baason no haw ason no ansa.” (Adiyisɛm 15:8) Mmere bi bae wɔ Israelfo abakɔsɛm mu a omununkum bɛkataa asɔredan no so ankasa na Yehowa anuonyam a woyii no adi yi amma asɔfo no antumi anhyɛn mu. (1 Ahene 8:10, 11; 2 Beresosɛm 5:13, 14; fa toto Yesaia 6:4, 5 ho.) Na eyinom yɛ mmere a Yehowa de ne ho hyɛ nneɛma a ɛrekɔ so wɔ asase so no mu ankasa.

18. Bere bɛn na abɔfo baason no bɛsan akɔbɔ Yehowa amanneɛ?

18 Yehowa ani gye nneɛma a ɛrekɔ so wɔ asase so mprempren no ho nso pii. Ɔpɛ sɛ abɔfo baason no wie wɔn adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no. Ɛyɛ atemmu bere awiei, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 11:4-6 no: “[Yehowa] wɔ n’asɔrefi kronkron, [Yehowa] ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua mu, n’anisuatɛtɛ sɔ nnipa mma hwɛ. [Yehowa] sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no. Ɔbɛma asraman aduru abɔnefo, ogya ne sufre ne mframa a ɛdɛw ne wɔn kuruwa mu kyɛfa.” Enkosi sɛ wobehwie ɔhaw ason yi agu abɔnefo so no, abɔfo baason no rensan nkɔ Yehowa anim wɔ sorosoro hɔ.

19. (a) Ahyɛde bɛn na wɔde ma na hena na ɔde ma? (b) Na ɛbɛyɛ sɛ bere bɛn na wofii ase hwiee sɛnkyerɛnne kwan so nkuruwa no gui?

19 Ahyɛde a ɛyɛ hu gyigye kɔ te sɛ aprannaa sɛ: “Na metee nne kɛse bi a efi asɔredan no mu ka kyerɛɛ abɔfo baason no sɛ: Monkɔ nkohwie Onyankopɔn abufuw nkuruwa no ngu asase so.” (Adiyisɛm 16:1) Hena na ɔde ahyɛde yi ma? Ɛbɛyɛ Yehowa ankasa, esiane sɛ n’anuonyam ne tumi no haran ma obiara ntumi nhyɛn asɔredan no mu nti. Yehowa baa ne honhom mu asɔrefi hɔ bebuu ntɛn wɔ 1918 mu. (Malaki 3:1-5) Ɛnde, ɛbɛyɛ saa bere no akyi bere tiaa bi na ɔde ahyɛde mae sɛ wonhwie Onyankopɔn abufuw nkuruwa no ngu no. Nokwarem no, wɔde ahoɔden fii ase kaa atemmu ahorow a ɛwɔ sɛnkyerɛnne kwan so nkuruwa no mu no fi 1922 mu. Na ɛho dawurubɔ no rekɔ akyiri nnɛ akodu n’awiei.

Nkuruwa ne Torobɛntohyɛn No

20. Dɛn na Yehowa abufuw nkuruwa no da no adi na ɛbɔ ho kɔkɔ, na wohwie gu dɛn?

20 Yehowa abufuw nkuruwa no da nea ɛrekɔ so wɔ wiase sɛnea Yehowa hu no no adi na ɛbɔ atemmu horow a Yehowa de bɛba no ho kɔkɔ. Abɔfo no nam Kristofo a wɔasra wɔn asafo a ɛwɔ asase so a wɔto Mose dwom ne Oguammaa no dwom no so na ehwie nkuruwa no gu. Bere a Yohane kuw no ka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ no, wɔde akokoduru ada nea ɛwɔ abufuw nkuruwa no mu no adi. (Mateo 24:14; Adiyisɛm 14:6, 7) Enti, wɔn nkrasɛm a ɛbɔ ho abien no ayɛ nea asomdwoe wom a wɔde pae ahofadi kyerɛ adesamma, nanso ɛte sɛ ɔko wɔ “yɛn Nyankopɔn aweredi da” ho kɔkɔbɔ no mu.​—Yesaia 61:1, 2.

21. Ɔkwan bɛn nso na wɔn a wohwie Onyankopɔn abufuw nkuruwa anan a edi kan no gu wɔn so no ne torobɛnto hyɛn anan a edi kan de no yɛ ade koro, na dɛn mu na wɔsonosonoe?

21 Onyankopɔn abufuw nkuruwa anan a edi kan no a wohwie gu ne torobɛnto anan a edi kan no botae yɛ ade koro, kyerɛ sɛ asase, ɛpo, nsubɔnten ne nsuaniwa ahorow ne ɔsoro hann fibea ahorow. (Adiyisɛm 8:1-12) Nanso torobɛntohyɛn no bɔɔ ɔhaw ahorow a ɛba “nkyem abiɛsa mu biako” so no ho dawuru bere a Onyankopɔn abufuw no ka ade mũ no nyinaa no. Enti, bere a Kristoman, sɛ nkyem abiɛsa mu biako no, so na wodii kan dan adwene sii wɔ Awurade da no mu no, wonyii Satan nhyehyɛe no mu biako mpo mfii mu a Yehowa abufuw nkrasɛm ne awerɛhow a ɛde ba no nka no.

22. Na ɔkwan bɛn so na ɛsono torobɛnto hyɛn abiɛsa a edi akyiri no, na abusuabɔ bɛn na ɛne Yehowa abufuw nkuruwa abiɛsa a edi akyiri no wɔ?

22 Na ɛsono torobɛnto abiɛsa a edi akyiri no, efisɛ wɔfrɛɛ no due. (Adiyisɛm 8:13; 9:12) Na mmoadabi ne apɔnkɔsotefo dɔm titiriw na wɔn ho wɔ abien a edi kan no mu, bere a nea ɛto so abiɛsa da Yehowa Ahenni no awo adi. (Adiyisɛm 9:1-21; 11:15-19) Sɛnea yebehu no, n’abufuw nkuruwa abiɛsa a edi akyi no nso fa eyinom mu binom ho, nanso ɛsono kakra wɔ due abiɛsa no ho. Afei, momma yɛnyɛ aso yiye ntie nea ɛyɛ nwonwa a efi Yehowa abufuw nkuruwa a wohwie gu no mu ba no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Nea ɛyɛ anigye no, 1921 mu no, Yohane kuw no yii Bible sua mmoa nhoma The Harp of God no adi, na wɔde mfuamfua ɔpepem anum memae wɔ kasa horow bɛboro 20 mu. Ɛboae ma wɔde nnwontofo a wɔasra wɔn no pii bae.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]