Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu De Nkuranhyɛ Ba

Yesu De Nkuranhyɛ Ba

Ti 4

Yesu De Nkuranhyɛ Ba

1. Henanom na afei Yohane kyerɛw wɔn, henanom na wɔwɔ hɔ nnɛ a ɛsɛ sɛ wonya ne nkrasɛm no mu anigye?

ƐSƐ sɛ obiara a ɔde ne ho abɔ Onyankopɔn nkurɔfo asafo ahorow no ho nnɛ no kyerɛ nea edi hɔ no ho anigye yiye. Nkrasɛm ahorow a ɛtoatoa so bi ni. Ɛkyerɛ biribi titiriw bere a “bere a wɔahyɛ no” rebɛn no. (Adiyisɛm 1:3) Ɛyɛ daa mfaso a yebenya nti na ehia sɛ yetie saa atemmu nsɛm no. Kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Yohane de kɔma asafo horow ason a ɛwɔ Asia no: Ɔdom ne asomdwoe mfi Nea ɔwɔ hɔ, na ɔtraa hɔ, na ɔreba no, ne ahonhom ason a ɛwɔ n’ahengua anim, ne Yesu Kristo . . . nkyɛn nka mo.”—Adiyisɛm 1:4, 5a.

2. (a) Akontaahyɛde “ason” gyina hɔ ma dɛn? (b) Awurade da no mu no, nkrasɛm a wɔde kɔmaa “asafo ahorow ason” no fa henanom ho?

2 Ɛha no Yohane kasa kyerɛ “asafo horow ason,” na ɔbobɔ eyinom din kyerɛ yɛn akyiri yi wɔ nkɔmhyɛ no mu. Wɔtaa de saa akontaahyɛde a ɛne “ason” no di dwuma wɔ Adiyisɛm mu. Ɛkyerɛ mũ a biribi di, titiriw no wɔ Onyankopɔn ne n’asafo a wɔasra no no nneɛma ho. Esiane sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa asafo ahorow no dodow adu mpem du du pii wɔ Awurade da no mu nti, yebetumi agye adi sɛ, nea wɔka kyerɛ wɔn a wɔasra wɔn “asafo horow ason” no titiriw no, fa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa nso ho. (Adiyisɛm 1:10) Yiw, Yohane wɔ nkrasɛm bi a ehia ma Yehowa Adansefo asafo ahorow nyinaa, ne wɔn a wɔde wɔn ho abɛbɔ wɔn wɔ asase yi ani baabiara no nyinaa.

3. (a) Yohane nkyia no mu no, “ɔdom a [ɛnsɛ] ne asomdwoe” fi he na ɛba? (b) Asɛm a ɔsomafo Paulo kae bɛn na ɛte sɛ Yohane nkyia no?

3 “Ɔdom [a ɛnsɛ] ne asomdwoe”—ade pa bɛn ara na eyinom yɛ sɛɛ yi, ne titiriw no, bere a yehu faako a efi no! “Nea” ɛsen fi ne mu ne Amansan Hene Yehowa ankasa, “mmeresanten Hene,” a ɔte ase fi “tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri” no. (1 Timoteo 1:17; Dwom 90:2) Wɔn a wɔn ho wom wɔ ha nso, ne “ahonhom ason,” no, asɛm a ɛkyerɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi, anaa honhom kronkron no dwumadi a edi mũ, efisɛ ɛma wɔn a wotie nkɔmhyɛ no nyinaa nya ntease ne nhyira. Afei nso, nea okura dibea titiriw ne “Yesu Kristo” a akyiri yi Yohane kyerɛw ne ho asɛm sɛ: “Ɔdom [a ɛnsɛ] ne nokware ayɛ no ma” no. (Yohane 1:14) Enti, Yohane nkyia no kura nneɛma koro no ara a ɔsomafo Paulo bobɔɔ din de wiee ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Korintofo asafo no: “Yɛn Awurade Yesu Kristo dom ne Nyankopɔn dɔ ne honhom kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.” (2 Korintofo 13:13) Ɛmmra sɛ saa nsɛm no bɛfa yɛn mu biara a ɔdɔ nokware nnɛ no nso ho!—Dwom 119:97.

“Ɔdansefo Nokwafo”

4. Yohane toa so ka Yesu Kristo ho asɛm dɛn, na dɛn nti na nsɛmfua a wɔde ka obi ho asɛm saa no fata?

4 Yehowa akyi no, Yesu ne onuonyamfo a ɔsen biara wɔ amansan no mu, sɛnea Yohane hu na ɔka ne ho asɛm sɛ “Ɔdansefo nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo.” (Adiyisɛm 1:5b) Te sɛ ɔsram a ɛwɔ soro no, wɔde no asi hɔ pintinn sɛ Onyankopɔn a Yehowa yɛ no ho Ɔdansefo kɛse a ɔkyɛn obiara. (Dwom 89:37) Okuraa ne mudi mu koduu afɔrebɔ wu mu akyi no, ɔbɛyɛɛ adesamma mu odikanfo a wonyanee no kɔɔ honhom asetra a owu nni mu mu. (Kolosefo 1:18) Mprempren wɔ Yehowa anim no, wɔama no so asen asase so ahene nyinaa, na wɔde “ɔsoro ne asase so tumi nyinaa” ama no. (Mateo 28:18; Dwom 89:27; 1 Timoteo 6:15) Afe 1914 mu no, wɔde no sii agua so sɛ Ɔhene, sɛ onni tumi wɔ asase so amanaman no mu.​—Dwom 2:6-9.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na Yohane kɔ so kyerɛ anisɔ ma Awurade Yesu Kristo? (b) Henanom na wonya Yesu desani nkwa a ɛyɛ pɛ akyɛde no mu mfaso, na ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no nya nhyira titiriw bi mu kyɛfa?

5 Yohane kɔ so kyerɛ anisɔ ma Awurade Yesu Kristo wɔ nsɛm a ɛyɛ dɛ yi mu sɛ: “Nea ɔdɔ yɛn na ɔnam n’ankasa mogya so san yɛn fii yɛn bɔne mu—na ɔma yɛyɛɛ ahenni, asɔfo ma ne Nyankopɔn ne Agya—yiw, ɔno na anuonyam ne tumi nyɛ ne de daa daa. Amen.” (Adiyisɛm 1:5d, 6, New World Translation) Yesu de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no mae sɛnea ɛbɛyɛ na adesamma wiase no mufo a wogye no di no atumi asan anya nkwa a ɛyɛ pɛ. Wo, ɔkenkanfo pa, wobetumi de wo aka eyinom ho! (Yohane 3:16) Nanso Yesu afɔrebɔ wu no buee nhyira titiriw bi a wɔn a wɔbɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn te sɛ Yohane no benya no ho kwan. Wɔnam Yesu ogye afɔre no so abu eyinom atreneefo. Esiane sɛ wɔapow asase so nkwa ho anidaso nyinaa te sɛ nea Yesu yɛe no nti, wɔde Onyankopɔn honhom awo kuw ketewaa no mufo a wɔhwɛ kwan sɛ wobenyan wɔn afi owu mu ma wɔne Yesu Kristo asom sɛ ahene ne asɔfo n’Ahenni mu no. (Luka 12:32; Romafo 8:18; 1 Petro 2:5; Adiyisɛm 20:6) Hokwan kɛse bɛn ara ni! Ɛnde na ɛnyɛ nwonwa sɛ Yohane ka sii so dua sɛ anuonyam ne tumi yɛ Yesu dea!

“Ɔnam Amununkum mu Reba”

6. (a) Dɛn ho amanneɛ na Yohane bɔ wɔ Yesu a ɔnam “amununkum mu” reba no ho, na Yesu nkɔmhyɛ bɛn na ebia wɔkaee Yohane? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu ‘ba,’ na henanom na wɔbɛbɔ abubuw kɛse wɔ asase so?

6 Afei, Yohane de anigye kɛse bɔ amanneɛ sɛ: “Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw. Yiw, Amen.” (Adiyisɛm 1:7) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛha no, wɔmaa Yohane kaee Yesu kan nkɔmhyɛ a ɛfa nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho no. Ɛhɔ na Yesu kae sɛ: “Ɛno na onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa besu, na wobehu onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu.” (Mateo 24:3, 30) Enti, Yesu ‘ba’ denam n’adwene a ɔdan ba Yehowa atemmu ahorow a ɔde bɛba amanaman no so no so. Eyi de nsakrae atitiriw bɛba asase so, na esiane sɛ “asase so mmusua nyinaa” abu wɔn ani agu ɔhene a Yesu yɛ ampa no so nti, “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, abufuw a ɛyɛ den no” bɛba wɔn so ampa.​—Adiyisɛm 19:11-21; Dwom 2:2, 3, 8, 9.

7. Ɔkwan bɛn so na “aniwa nyinaa” a asoɔdenfo no nso de ka ho ‘behu’ Yesu?

7 Anwummere a etwa to a Yesu ne n’asuafo no traa ase mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Aka kakraa na wiase nhu me bio.” (Yohane 14:19) Ɛnde ɔkwan bɛn so na “aniwa nyinaa behu no”? Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yesu atamfo de wɔn aniwa ankasa na ebehu no, efisɛ wɔ Yesu sorokɔ akyi no, ɔsomafo Paulo kae sɛ, mprempren Yesu “te hann a obi nnya ho kwan mu,” na “nnipa mu biara nhuu no da, na obiara ntumi nhu” no “mu.” (1 Timoteo 6:16) Ɛda adi sɛ na Yohane kyerɛ “hu” a nea ɛkyerɛ ne “biribi mu a wohu,” sɛnea yebetumi ahu Onyankopɔn su horow a aniwa nhu anaasɛ yebenya mu nhumu denam n’abɔde so no ara pɛ. (Romafo 1:20) Yesu ‘nam amununkum mu reba’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ aniwa ankasa renhu no sɛnea sɛ amununkum kata owia anim a, ɛte no. Sɛ amununkum kata owia ho awia bere koraa mpo a, yenim sɛ ɛwɔ hɔ, esiane hann a atwa yɛn ho ahyia no nti. Saa ara nso na ɛwom mpo sɛ yɛmfa aniwa nhu Awurade Yesu de, nanso wobeyi no adi te sɛ ‘ogya a ɛredɛw, bere a ɔde aweredi ba wɔn a wontie ne ho asɛmpa’ no so no. Wɔbɛhyɛ eyinom nso ma ‘wɔahu no.’—2 Tesalonikafo 1:6-8; 2:8.

8. (a) Henanom na “wɔwɔɔ no” 33 Y.B. mu, na saafo no ne henanom nnɛ? (b) Esiane sɛ Yesu nni asase so ha bio nti, ɔkwan bɛn so na nkurɔfo betumi ‘awowɔ no’?

8 ‘Wɔn a wɔwɔɔ Yesu’ nso ‘behu’ no. Eyinom bɛyɛ henanom? Bere a wokum Yesu 33 Y.B. no, Roma asraafo wowɔɔ no ankasa. Yudafo nyaa saa awudi ho afobu no mu kyɛfa, efisɛ Petro ka kyerɛɛ eyinom mu binom wɔ Pentekoste sɛ: “Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.” (Asomafo no Nnwuma 2:5-11, 36; fa toto Sakaria 12:10; Yohane 19:37 ho.) Mprempren yi, saa Romafo ne Yudafo no awuwu bɛyɛ mfe 2,000 ni. Enti, ɛsɛ sɛ wɔn a ‘wɔwowɔ no’ nnɛ no gyina hɔ ma aman ne nkurɔfo a wɔda nitan su a wɔdaa no adi bere a wɔsɛn Yesu no ara bi adi no. Yesu nni asase so ha bio. Nanso sɛ asɔretiafo de nnamyɛ taa Yehowa Adansefo a wodi Yesu ho adanse no, anaasɛ wɔpene ayayade a ɛte saa so kokoam a, ɛte sɛ nea saa asɔretiafo no ‘rewowɔ’ Yesu ankasa.​—Mateo 25:33, 41-46.

“Alfa ne Omega”

9. (a) Hena na afei ɔkasa, na mpɛn ahe na ɔyɛ saa wɔ Adiyisɛm no mu? (b) Sɛ Yehowa frɛ ne ho sɛ “Alfa ne Omega” ne “Ade Nyinaa so Tumfoɔ” a, na eyi kyerɛ dɛn?

9 Afei, anwonwade mu anwonwade! Amansan Hene Yehowa ankasa kasa. Hwɛ sɛnea eyi fata sɛ adeyɛ a edi anisoadehu ahorow a wɔrebeyi akyerɛ no anim, efisɛ ɔno ne yɛn Kyerɛkyerɛfo Kɛse ne Adiyisɛm Fibea ankasa! (Yesaia 30:20) Yɛn Nyankopɔn no ka sɛ: “Mene Alfa ne Omega no, nea ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dedaw, na ɔreba, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no.” (Adiyisɛm 1:8) Eyi ne mpɛn abiɛsa a Yehowa ankasa fi soro kasae wɔ Adiyisɛm mu no mu nea edi kan. (Afei hwɛ Adiyisɛm 21:5-8; 22:12-15 nso.) Ná afeha a edi kan Kristofo behu alfa ne omega ntɛm ara sɛ Hela nkyerɛwde mu nea edi kan ne nea etwa to. Saa nkyerɛwde abien no a Yehowa de frɛ ne ho no si so dua sɛ, wɔ n’anim no, ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn biara nni hɔ, na n’akyi nso obiara remma. Ɔde ne Nyameyɛ ho ɔsɛmpɔw no bɛba awiei korakora nkonimdi mu. Wɔbɛsan ne din ho daapem sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Pumpuni Nyankopɔn koro pɛ n’abɔde nyinaa so.​—Fa toto Yesaia 46:10; 55:10, 11 ho.

10. (a) Eyi akyi no, Yohane ka n’ankasa ho asɛm dɛn, na wɔde no too afiase wɔ he? (b) Henanom na wɔboae ma wɔde nhoma mmobɔwee a Yohane kyerɛwee no kɔmaa asafo ahorow no? (d) Ɔkwan bɛn so na wɔtaa de honhom mu aduan ma nnɛ?

10 Esiane sɛ na Yohane wɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛkyerɛ sɛnea nneɛma bɛba awiei kwan nti, ɔka kyerɛ ne mfɛfo nkoa sɛ: “Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahenni ne boasetɔ no mu yɔnko no, mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo no so, Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.” (Adiyisɛm 1:9) Afei akwakoraa Yohane a ɔyɛ ɔdeduani wɔ Patmo esiane asɛmpa no nti, na ɔne ne nuanom retɔ wɔn bo ase ahohiahia mu, a ɔwɔ anidaso pintinn sɛ obenya Ahenni a ɛreba no mu kyɛfa no, hu Adiyisɛm mu anisoadehu ahorow no mu nea edi kan. Akyinnye biara nni ho sɛ anisoadehu ahorow yi hyɛɛ no nkuran kɛse, sɛnea ne mmamu a Yohane kuw no nso hu no kanyan wɔn nnɛ no. Yennim ɔkwan a Yohane faa so de Adiyisɛm nhoma mmobɔwee no kɔmaa asafo ahorow no, esiane sɛ saa bere no na ɔda afiase nti. (Adiyisɛm 1:11; 22:18, 19) Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa abɔfo boae wɔ eyi yɛ mu, te sɛ nea wɔabɔ Yehowa Adansefo anokwafo ho ban mpɛn pii, bere a wɔyɛ adwuma faako a wɔabara wɔn ne faako a wɔde anohyeto ahorow ama nnɛ no, ma enti eyinom atumi de honhom mu aduan a ɛba ne bere mu akɔma wɔn nuanom a nokware ho kɔm de wɔn no.​—Dwom 34:6, 7.

11. Hokwan a ɛte sɛ nea Yohane kyerɛɛ ho anisɔ bɛn na ɛsom bo kɛse ma Yohane kuw no nnɛ?

11 Hwɛ sɛnea Yohane ani bɛsɔ hokwan a onyae sɛ Yehowa de no dii dwuma sɛ nea Ɔnam no so ne asafo ahorow no di nkitaho yiye! Saa ara nso na Yohane kuw no bu hokwan a anya sɛ ɛde honhom mu ‘aduan a ɛba ne bere mu’ bɛma Onyankopɔn fifo no sɛ ɛsom bo kɛse nnɛ. (Mateo 24:45) Ɛmmra sɛ wobɛyɛ wɔn a honhom mu aduan yi hyɛ wɔn den no mu biako, sɛnea ɛbɛyɛ na wo nsa aka daa nkwa anuonyam botae no!—Mmebusɛm 3:13-18; Yohane 17:3.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 21 adaka]

Honhom mu Aduan Nya wɔ Mmere a Emu yɛ Den Mu

Nna a edi akyiri yi mu bere a Yehowa Adansefo ahyia ɔtaa ne amanehunu pii no, ɛho ahia sɛ wɔn nsa ka honhom mu aduan sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn ho ayɛ den gyidi no mu. Mpɛn pii no, wɔama wɔn nsa aka aduan a ɛdɔɔso, esiane Yehowa tumi a ɔda no adi anwonwa kwan so nti.

Sɛ nhwɛso no, wɔ Germany wɔ Hitler ase no, Adansefo no de afiri ketewaa bi tintim Ɔwɛn-Aban, a na Nazi atumfo atirimɔdenfo abara no kyekyɛe. Wɔ Hamburg no, Gestapofo no kɔtow hyɛɛ ofi bi a na wɔde afiri yi yɛ adwuma wom no so. Na ofi no sua, na na baabiara nni hɔ a wɔde biribi behintaw a wontumi nhu. Na wɔde typewriter no ahyɛ adaka bi mu, na na wɔde tintim afiri a esua no ahyɛ ntɔmmɔ adaka bi mu de asi ɔdan no ase baabi. Afei nso, na bag bi a nsɛmma nhoma ayɛ no ma si ntɔmmɔ adaka no akyi! Na ɛte sɛ nea ɔkwan biara so no wobehu. Nanso dɛn na ɛbae? Polisini a obuee adaka no so no yɛɛ saa ɔkwan bi so a amma wanhu typewriter no. Ase hɔ de, ofiewura no bɔ amanneɛ sɛ: “Polisifo baasa no gyinaa ɔdan no mfinimfini, nanso hwɛ, bag a Ɔwɛn-Aban ayɛ no ma si ntɔmmɔ adaka no akyi pɛɛ. Nanso ɛte sɛ nea wɔn mu biara anhu; ɛte sɛ nea wɔafurafura wɔn ani.” Esiane Onyankopɔn hwɛ a ɛyɛ nwonwa yi nti, ofi no mufo tumi kɔɔ so de honhom mu aduan mae wɔ mmere a emu yɛ den na asiane wom mu.

Afe 1960 mfe no mu no, amanko baa Nigeria ne Biafra mantam a na atew ne ho no ntam. Esiane sɛ na Nigeria asase atwa Biafra ho nyinaa ahyia nti, na ɔkwan a wɔbɛfa so atumi akɔ wiase aman a aka no so no ne wimhyɛn gyinabea bi. Na eyi kyerɛ sɛ Adansefo a na wɔwɔ Biafra no wɔ asiane a ɛne sɛ wɔn nsa renka honhom mu aduan a wɔde ma wɔn no mu. Afei, 1968 mfiase pɛɛ no, Biafra atumfo no maa wɔn ɔman dwumayeni bi dibea titiriw bi wɔ Europa, na wɔmaa ɔfoforo nso kɔyɛɛ adwuma wɔ Biafra wimhyɛn gyinabea hɔ. Ɛbae sɛ na nnipa baanu yi yɛ Yehowa Adansefo, na afei na wɔwɔ ɔkwan a ɛno nkutoo na Biafra nam so ne wiase aman a aka no di nkitaho no ha ne ha. Wɔn baanu nyinaa hui sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yehowa na ɔyɛɛ nhyehyɛe no. Enti wɔde wɔn ho mae sɛ wɔbɛyɛ adwuma a na egye ahwɛyiye na asiane wom a ɛne honhom mu aduan a wɔde bɛkɔ Biafra no. Na wotumi yɛɛ eyi ɔko no mu nyinaa. Wɔn mu biako kae sɛ: “Na nhyehyɛe no tra nea adesamma betumi ayɛ ho nhyehyɛe.”

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 19]

Adiyisɛm mu Sɛnkyerɛnne Kwan so Nɔma

Nɔma Nea Ɛkyerɛ Ankasa

2 Ɛkyerɛ asɛm bi so duasi denneennen

(Adiyisɛm 11:3, 4; fa toto Deuteronomium 17:6 ho.)

3 Ɛkyerɛ asɛm so duasi. Afei nso ɛkyerɛ emu den.

(Adiyisɛm 4:8; 8:13; 16:13, 19)

4 Ɛfa amansan nyinaa ho anaa ahinanan a n’afanan

nyinaa yɛ pɛ.

(Adiyisɛm 4:6; 7:1, 2; 9:14; 20:8; 21:16)

6 Ɛkyerɛ sintɔ, biribi a enni mu, nea ɛyɛ hu.

(Adiyisɛm 13:18; fa to 2 Samuel 21:20 ho.)

7 Ɛkyerɛ nea wofi soro akyerɛ sɛ ewie du,

wɔ Yehowa atirimpɔw ahorow ho anaasɛ Satan de ho.

(Adiyisɛm 1:4, 12, 16; 4:5; 5:1, 6; 10:3, 4; 12:3)

10 Ɛkyerɛ ne nyinaa anaa nea ewie du wɔ honam fam,

wɔ asase so nneɛma ho.

(Adiyisɛm 2:10; 12:3; 13:1; 17:3, 12, 16)

12 Ɛkyerɛ ɔsoro anaasɛ asase so ahyehyɛde bi a

wofi soro ahyehyɛ.

(Adiyisɛm 7:5-8; 12:1; 21:12, 16; 22:2)

24 Ɛkyerɛ Yehowa ahyehyɛde kwan so nhyehyɛe a ɛdɔɔso (mmɔho).

(Adiyisɛm 4:4)

Ɛsɛ sɛ yɛte akontaahyɛde binom a wɔabobɔ din wɔ Adiyisɛm mu no ase sɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. Mpɛn pii no, nsɛm a ɛwom no boa ma yehu eyi. (Hwɛ Adiyisɛm 7:4, 9; 11:2, 3; 12:6, 14; 17:3, 9-11; 20:3-5.)