Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Din Mu a Wobekura Dennen

Yesu Din Mu a Wobekura Dennen

Ti 9

Yesu Din Mu a Wobekura Dennen

PERGAMO

1. Asafo bɛn na ne nsa kaa Yesu nkrasɛm a edi hɔ no, na kurow bɛn mu na na saa Kristofo no te?

SƐ YEFI Smirna fa mpoano kwan no so twa akwansin 50 kɔ kusuu fam, na afei yɛfa Asubɔnten Caicus asubonka no mu twa akwansin 15 a, yebedu Pergamo a mprempren wɔfrɛ no Bergama no. Na kuropɔn no agye din esiane Seus, anaa Jupiter, asɔredan a na ɛwɔ hɔ no nti. Wɔ 1800 mfe no mu no, wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tete nneɛma kɔsoaa saa asɔredan no mu afɔremuka kɔɔ Germany, faako a wobetumi ahu ɛno ne abosonsom anyame ahoni ne mfonini bebree wɔ Pergamon Tete Nneɛma Akorae wɔ Berlin mprempren no. Nkrasɛm bɛn na Awurade Yesu de bɛkɔ akɔma asafo a na ɛwɔ saa abosonsom no nyinaa mfinimfini no?

2. Yesu de onii ko a ɔyɛ no sii hɔ dɛn, na ‘afoa anofanu’ a okura no kyerɛ dɛn?

2 Nea edi kan no, Yesu kyerɛ onii ko a ɔyɛ, na ɔka sɛ: “Na Pergamo asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura afoa anofanu nnamnam no se.” (Adiyisɛm 2:12) Yesu san ti ne ho asɛm a ɔkae wɔ Adiyisɛm 1:16 no mu ka bio. Sɛ Ɔtemmufo ne Ɔbrafo no, obekunkum wɔn a wɔtaa n’asuafo no. Awerɛkyekye bɛn ara na saa awerɛhyem no yɛ sɛɛ yi! Nanso, ɛdefa atemmu ho no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn a wɔwɔ asafo no mu no nkae sɛ Yehowa nam “apam bɔfo” yi a ɔne Yesu Kristo so bɛyɛ “Ɔdansefo a ne ho yɛ hare” atia wɔn a wose wɔyɛ Kristofo a wɔsom abosom, bɔ ahohwi, di atoro, sisi afoforo na wonnwen ahiafo ho no nyinaa. (Malaki 3:1, 5; Hebrifo 13:1-3) Ɛsɛ sɛ wotie afotu ne animka a Onyankopɔn ma Yesu de ma no!

3. Atoro som bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Pergamo, na dɛn nti na wotumi ka sɛ na Satan ahengua si hɔ?

3 Afei Yesu ka kyerɛ asafo no sɛ: “Minim nea wote, nea Satan ahengua si.” (Adiyisɛm 2:13a) Ampa, na Satan som atwa saa Kristofo no ho ahyia. Na Aekolapio, ayaresa nyame abosonnan no nso wɔ hɔ ka Seus asɔredan no ho. Na Pergamo agye din nso sɛ baabi a asɔre a ɛsom ɔhempɔn no wɔ. Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “Satan” no kyerɛ “Ɔsɔretiafo,” na ‘n’ahengua’ gyina hɔ ma ne wiase nyinaa tumidi, sɛnea wofi soro ama ho kwan kosi bere bi no. (Hiob 1:6, New World Translation Reference Bible, asehɔ asɛm) Abosonsom a na atrɛw kɛse wɔ Pergamo no kyerɛe sɛ, na Satan “ahengua” ase atim yiye wɔ saa kuropɔn no mu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na Satan bo fuw yiye sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ no ankotow ansom no ɔmampɛ kwan so!

4. (a) Yesu kamfoo Kristofo a na wɔwɔ Pergamo no dɛn? (b) Dɛn na Roma ɔbɔfo Pliny kyerɛw kɔmaa Ɔhempɔn Trajan wɔ nea wɔde yɛɛ Kristofo no ho? (d) Asiane a ɛwom no nyinaa akyi no, ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ Pergamo no fae?

4 Yiw, “Satan ahengua” si Pergamo pɛɛ. “Na,” Yesu kɔ so se, “wukura me din mu, na woampa me gyidi, nna a wokum me dansefo nokwafo Antipa wɔ mo hɔ no mu, nea Ɔbonsam te hɔ.” (Adiyisɛm 2:13b) Nkamfo a ɛka koma bɛn ara ni! Akyinnye biara nni ho sɛ Antipa ampene sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ adaemonesɛm mu, na wasom Roma ɔhempɔn no nti na ɛma owuu mogya dansefo wu. Yohane nsa kaa nkɔmhyɛ yi akyi no, ankyɛ na Roma Hempɔn Trajan ankasa bɔfo, Pliny Kumaa, kyerɛw Trajan na ɔkyerɛkyerɛɛ ɔkwan a ɔfa so di nnipa a wɔabɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ Kristofo no ho dwuma no mu kyerɛɛ no—ade a ɔhempɔn no penee so. Wogyaa wɔn a wɔsan sɛ wɔnyɛ Kristofo bere a sɛnea Pliny kae no, “wɔaka nsɛm a mede kankye kyerɛ anyame no adi m’akyi, ahyew aduhuam ama wo [Trajan] honi, na wɔagu so nsa no . . . na, nea ɛka ho no, wɔdomee Kristo no.” Wokum obiara a wohui sɛ ɔyɛ Kristoni. Ɛwom sɛ Kristofo a na wɔwɔ Pergamo no hyiaa asiane a ɛte saa de, nanso wɔampa wɔn gyidi. ‘Wokuraa Yesu din mu dennen,’ kyerɛ sɛ wɔkɔɔ so hyɛɛ ne dibea a ɛkorɔn sɛ Obi a Obu Yehowa bem ne Ɔtemmufo a wɔapaw no no anuonyam. Wɔde nokwaredi dii Yesu anammɔn akyi sɛ Ahenni adansefo.

5. (a) Nnɛyi Ɔhempɔn som asɔre no sɛso bɛn na abɛyɛ sɔhwɛ a emu yɛ den ama Kristofo a wɔwɔ yɛn bere yi mu no? (b) Mmoa bɛn na Ɔwɛn-Aban de ama Kristofo?

5 Na Yesu ada no adi mpɛn pii sɛ Satan na odi mprempren wiase bɔne yi so, nanso Yesu mudi mu kura nti, Satan antumi anni ne so. (Mateo 4:8-11; Yohane 14:30) Wɔ yɛn bere yi mu no, aman a wɔyɛ den, ne titiriw no “nifa fam hene” ne “benkum fam hene,” apere wiase tumidi ho. (Daniel 11:40) Wɔakanyan ɔman ho dɔ, na ɔhempɔn som asɔre no wɔ nnɛyi nsusuwso wɔ ɔmampɛ a atrɛw wɔ asase so no mu. Na afã biara a wonni ho nsɛm a ɛbaa The Watchtower a wotintimii November 1, 1939, ne afei, November 1, 1979, ne September 1, 1986, mu no aka Bible mu nkyerɛkyerɛ a ɛfa asɛm yi ho asɛm pefee, na ɛde akwankyerɛ maa saa Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔnantew Yehowa din mu, na wodi wiase so nkonim, sɛnea Yesu de akokoduru yɛe no.​—Mika 4:1, 3, 5; Yohane 16:33; 17:4, 6, 26; 18:36, 37; Asomafo no Nnwuma 5:29.

6. Te sɛ Antipa no, ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo agyina pintinn nnɛ mmere yi mu?

6 Ná wohia afotu a ɛte saa no ntɛm. Na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo, wɔn a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo no nyinaa gyina gyidi no mu pintinn wɔ ɔmampɛ honhom a ntease nnim mu. Wɔ United States no, wɔpam mmofra ne akyerɛkyerɛfo ɔhaha pii fii sukuu esiane sɛ wɔankyia ɔman no frankaa nti, bere a Germany de, wɔde atirimɔden taa Adansefo no esiane sɛ wɔampene sɛ wobekyia swastika no nti. Sɛnea yɛahu dedaw no, Hitler Nasifo no kunkum Yehowa asomfo anokwafo mpempem pii esiane sɛ wɔampene sɛ wobenya ɔmampɛ abosonsom a ɛte saa mu kyɛfa nti. Afe 1930 mfe no mu, bere a na Japan Shinto ɔhempɔn som wɔ so no, asomfo akwampaefo baanu guu ahenni aba bebree wɔ Taiwan a na Japanfo ako afa di so no. Asraafo atumfo no de wɔn guu afiase, faako a obiako wui esiane ayayade kɛse a wɔyɛɛ no nti. Akyiri yi woyii obiako a ɔkae no fii afiase, na wɔtow n’akyi tuo—nnɛyi Antipa. Ɛde besi nnɛ no, nsase a wɔhwehwɛ sɛ wɔsom ɔmampɛ nsɛnkyerɛnnede na wɔde ho ma Ɔman no nkutoo wɔ hɔ. Wɔde Adansefo mmerante ne mmabaa pii agu afiase, na wɔakunkum wɔn mu pii nso esiane wɔn akokoduru gyinabea sɛ Kristofo a wonni afã biara no nti. Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a wuhyia nsɛm a ɛtete saa a, sua Onyankopɔn Asɛm da biara sɛnea ɛbɛyɛ na woanya ‘gyidi a ɛkɔ ɔkra nkwagye mu,’ a daa nkwa da w’anim.​—Hebrifo 10:39–11:1; Mateo 10:28-31.

7. Mmofra a wɔwɔ India gyinaa ɔmampɛ asɔre ho ɔsɛmpɔw no ano dɛn, na dɛn na efii mu bae?

7 Mmofra a wɔkɔ sukuu ahyia nsɛm a ɛtete saa ara. Afe 1985 wɔ Kerala mansin a ɛwɔ India mu no, Yehowa Adansefo mma nkumaa baasa ampene sɛ wobebu wɔn gyidi a egyina Bible so no so, na wɔampene sɛ wɔbɛto ɔman dwom. Wogyinaa hɔ komm obu kwan so bere a afoforo tow dwom no, nanso wɔpam wɔn fii sukuu. Wɔn agya de asɛm no kɔdan asennibea ahorow ara koduu India asennibea kɛse no anim, baabi a atemmufo baanu no buu mmofra no bem, na wɔkaa no akokoduru so se: “Yɛn amammerɛ kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya nneɛma ho koma; yɛn nyansapɛ kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya nneɛma ho koma; yɛn amanyɔ mmara nya nneɛma ho koma; mommma yɛmmfra mu.” Asɛm no dawuru a atesɛm nkrataa bɔe ne samufo nsɛm pa a asɛm yi nti wɔkae no maa ɔman a saa bere no na aka kakraa bi ma emufo dodow adu nnipa a wɔwɔ asase so no mu nkyem anum mu biako tee sɛ Kristofo wɔ saa asase no so a wɔsom nokware Nyankopɔn Yehowa no, na eyinom de nokwaredi di Bible nnyinasosɛm ahorow so.

Ɔporɔw Nkɛntɛnso

8. Animka bɛn na Yesu hui sɛ ehia sɛ ɔde ma Kristofo a na wɔwɔ Pergamo no?

8 Yiw, Kristofo a wɔwɔ Pergamo no yɛ mudi mu kurafo. “Nanso,” Yesu se, “Mewɔ wo ho nsɛm kakraa.” Dɛn na wɔayɛ a ɛfata animka? Yesu ka kyerɛ yɛn: “Sɛ wowɔ nnipa bi wo hɔ a wokura Bileam kyerɛ mu, nea ɔkyerɛɛ Balak sɛ ɔnto Israel mma hintidua na wonni nam a wɔakum ama abosom na wɔmmɔ aguaman no.”—Adiyisɛm 2:14.

9. Na hena ne Bileam, na ɔkwan bɛn so na afotu a ɔde mae no “too Israel mma hintidua”?

9 Mose bere so no, Moab hene Balak bɔɔ Bileam, odiyifo bi a ɔnyɛ Israelni a na onim Yehowa akwan ho biribi no paa sɛ ɔnnome Israel. Yehowa siw Bileam kwan, na ɔhyɛɛ no ma ohyiraa Israelfo no, na ɔkaa mmusu guu wɔn atamfo so. Bileam hyɛɛ anifere kɛse ntua bi ho nyansa de pataa Balak wɔ eyi ho abufuw a ɔfae no ho: Ma Moab mmea nnaadaa Israel mmarima na wɔne wɔn mmɔ aguaman na wɔne wɔn nsom atoro nyame Baal a ɔwɔ Peor no! Eyi yɛɛ yiye. Yehowa trenee abufuw dɛwee, na ɔmaa ɔhaw bi a ekunkum saa Israelfo aguamammɔfo no mu 24,000 bae—ɔhaw a ɛto twae bere a ɔsɔfo Pinehas yɛɛ adepa de yii saa adebɔne no fii Israel no.​—Numeri 24:10, 11; 25:1-3, 6-9; 31:16.

10. Hintidua bɛn na na aba Pergamo asafo no mu, na dɛn nti na ebia ɛbɛyɛ saa Kristofo no sɛ Onyankopɔn bebu ani agu wɔn mmaratosɛm no so?

10 Afei, Yohane bere so no, so na hintiduato nneɛma a ɛte saa ara wɔ Pergamo anaa? Na ɛwɔ hɔ! Na aguamammɔ ne abosonsom abɛhyɛn asafo no mu. Saa Kristofo no antie Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɔnam ɔsomafo Paulo so de mae no. (1 Korintofo 10:6-11) Esiane sɛ na wɔagyina ɔtaa ano nti, ebia wɔtee nka sɛ Yehowa bebu ani agu wɔn aguamammɔ no so. Enti Yesu da no adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ wɔkwati abɔnefosɛm a ɛte saa.

11. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye wɔ ho, na nsusuwii bɛn na na ɛsɛ sɛ wɔkwati? (b) Mfe no mu no, nnipa ahe na wɔatu wɔn afi Kristofo asafo no mu, na efi dɛn titiriw?

11 Saa ara na nnɛ nso, ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na wɔannan “yɛn Nyankopɔn dom ahohwi.” (Yuda 4) Wɔhyɛ yɛn sɛ yenkyi bɔne na ‘yɛnhyɛ yɛn nipadua ahorow no ahometew’ sɛnea ɛbɛyɛ na yɛadi Kristofo abrabɔ pa akyi. (1 Korintofo 9:27; Dwom 97:10; Romafo 8:6) Ɛnsɛ sɛ yesusuw da sɛ Onyankopɔn som mu nsi ne mudi mu kura wɔ ɔtaa ase no ma yɛn kwan sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ aguamammɔ mu. Mfe no mu no, wɔn a wɔayɛ bɔne ma enti wɔatu wɔn afi wiase nyinaa Kristofo asafo no mu esiane ɔbarima ne ɔbea nna mu abrabɔ bɔne titiriw nti no, dodow yɛ mpem du du pii. Mfe bi mu no, wotu pii sen wɔn a Baal a na ɔwɔ Peor nti wɔhwee ase wɔ tete Israel no. Momma yɛnhwɛ yiye na yɛankɔka saa kuw no ho da!—Romafo 11:20; 1 Korintofo 10:12.

12. Sɛnea na ɛte wɔ Onyankopɔn asomfo ho tete mmere mu no, nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛfa Kristofo ho nnɛ?

12 Yesu kaa Kristofo a na wɔwɔ Pergamo no anim nso sɛ ‘wɔadi nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom.’ Dɛn na ɛbɛwɔ eyi mu? Paulo nsɛm a ɔka kyerɛɛ Korintofo no nti, ebia na ebinom de wɔn Kristofo ahofadi redi dwuma ɔkwammɔne so, na wɔhyɛ da haw afoforo ahonim. Nanso, ebetumi aba sɛ na wɔde wɔn ho hyɛ abosonsom guasodeyɛ ahorow mu ɔkwan bi so. (1 Korintofo 8:4-13; 10:25-30) Ɛsɛ sɛ Kristofo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ yi ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nni mu adi wɔ wɔn Kristoni ahofadi a wɔde di dwuma no mu, na wɔhwɛ yiye na wɔanto afoforo hintidua. Ampa, ɛsɛ sɛ wɔkwati nnɛyi abosonsom ahorow nyinaa, te sɛ television, sini ne agumadi mu akatakyie a wɔbɛsom wɔn, anaasɛ sika a wɔde bɛyɛ wɔn nyame, anaasɛ mpo wɔn ankasa yafunu a wɔde bɛyɛ anyame!—Mateo 6:24; Filipifo 1:9, 10; 3:17-19.

Kwati Ɔsom mu Mpaapaemu!

13. Animka nsɛm bɛn na afei Yesu de ma Kristofo a na wɔwɔ Pergamo no, na dɛn nti na ehia asafo no?

13 Yesu ka Kristofo a na wɔwɔ Pergamo no anim bio, sɛ: “Saa ara nso na wowɔ wɔn a wokura Nikolaifo kyerɛ no mu.” (Adiyisɛm 2:15) Na Yesu adi kan akamfo Efesofo no sɛ wɔtan kuw yi nneyɛe. Nanso na Kristofo a wɔwɔ Pergamo no hia afotu a ɛbɛma asafo no atwe ne ho afi ɔsom mu mpaapaemu ho. Na ehia denyɛ kɛse na wɔakura Kristofo gyinapɛn ahorow mu, sɛnea ɛbɛyɛ na biakoyɛ a Yesu bɔɔ ho mpae wɔ Yohane 17:20-23 no atra hɔ. Na ehia sɛ ‘wotumi de kyerɛ pa no tu fo, na woyi akyinnyegyefo ntɛn.’—Tito 1:9.

14. (a) Efi tete no, na henanom na ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no ko tia wɔn, na ɔsomafo Paulo kaa wɔn ho asɛm dɛn? (b) Yesu nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ obi a ɛyɛ no sɛ ɔnkodi kuw bi a awae akyi no tie?

14 Efi tete no, na ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no ko tia awaefo ahantanfo, wɔn a wɔnam adɔkɔdɔkɔsɛm, nnaadaasɛm so de “mpaapaemu ba na wɔto hintidua de sɛe kyerɛ” a wɔnam Yehowa kaseɛbɔ kwan so de ma no. (Romafo 16:17, 18) Ɛkame ayɛ sɛ ɔsomafo Paulo bɔɔ ɔhaw yi ho kɔkɔ wɔ ne nkrataa nyinaa mu. * Nnɛ mmere yi mu, bere a Yesu asan de nokware asafo no aba ne Kristofo kronnyɛ ne biakoyɛ mu no, ɔsom mu mpaapaemu ho asiane no da so ara wɔ hɔ. Enti, ɛsɛ sɛ obiara a ɛyɛ no sɛ ɔnkodi kuw bi a atew ne ho akyi, na wɔnam saayɛ so atew ɔsom bi no, tie Yesu nsɛm a edi hɔ yi: “Enti sakra w’adwene! Anyɛ saa a, mɛba wo so ntɛm, na mede m’anom afoa ne wo ako.”—Adiyisɛm 2:16.

15. Ɛyɛɛ dɛn ɔsom mu mpaapaemu fii ase?

15 Ɛyɛɛ dɛn na ɔsom mu mpaapaemu fi ase? Ebia obi a ose ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo ma adwenem naayɛ ba, ogye Bible mu nokware bi ho akyinnye (ebia te sɛ wɔ a yɛwɔ nna a edi akyiri no mu) ma enti kuw ketewa bi wae di n’akyi. (2 Timoteo 3:1; 2 Petro 3:3, 4) Anaasɛ obi kasa tia ɔkwan a Yehowa fa so ma wɔyɛ n’adwuma, na ɔkanyan yere a ɛnsɛ sɛ obi yere ne ho honhom denam ka a ɔka sɛ enni Kyerɛwnsɛm mu na enhia sɛ wɔde ahenni nkrasɛm no kɔ afie afie no so. Adwuma a ɛte saa a wɔbɛyɛ bi de adi Yesu ne n’asomafo nhwɛso akyi no bɛma eyinom akɔ so abrɛ wɔn ho ase; nanso wɔpɛ mmom sɛ wɔbɛtew wɔn ho na wɔanhaw wɔn ho, na ebia ɛtɔ da bi a, wɔakenkan Bible no nkutoo sɛ kokoam kuw bi. (Mateo 10:7, 11-13; Asomafo no Nnwuma 5:42; 20:20, 21) Wɔn a wɔte saa de wɔn ankasa adwenhorow a ɛfa Yesu wu Nkae, Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde sɛ wonyi wɔn ho mfi mogya ho, nnapɔnnadi ne tawa a wɔde di dwuma ho ba. Afei nso wɔbrɛ Yehowa din ase; na ɛnkyɛ na wɔasan akɔfa Babilon Kɛse akwan a wɔma biribiara ho kwan wɔ so no so. Nea enye koraa mpo no, Satan ka ebinom ma wɔtow hyɛ wɔn mfɛfo nkoa, wɔn a anka bere bi wɔyɛ wɔn nuanom so ‘boro wɔn.’—Mateo 24:49; Asomafo no Nnwuma 15:29; Adiyisɛm 17:5.

16. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a awaefo nkɛntɛnso nti wohinhim no sakra wɔn adwene ntɛm? (b) Dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔmpene sɛ wɔbɛsakra wɔn adwene no so?

16 Ɛsɛ sɛ obiara a esiane awaefo nkɛntɛnso nti, ohinhim no yɛ ntɛm tie Yesu frɛ a ese ɔnsakra n’adwene no! Ɛsɛ sɛ ɔpow awaefo nnaadaasɛm sɛ ɛyɛ awuduru! Egyina ahoɔyaw ne nitan so, na ɛne nokware ahorow a ɛteɛ, ɛho tew, a ɔdɔ wom a Yesu de yɛn n’asafo no bɔ abira. (Luka 12:42; Filipifo 1:15, 16; 4:8, 9) Wɔn a wɔmpene sɛ wɔbɛsakra wɔn adwene no de, Awurade Yesu de “[n’anom] afoa tenten no ne wɔn [ko]” ankasa. Oyiyi ne nkurɔfo mu sɛnea ɛbɛyɛ na wakora biakoyɛ a ɔbɔɔ ho mpae anadwo a edi akyiri a ɔne n’asuafo wɔ asase so no so. (Yohane 17:20-23, 26) Esiane sɛ awaefo pow afotu a ɔdɔ wom ne mmoa a nsoromma a wɔwɔ ne nifa mu no de ma no nti, Yesu bu wɔn ntɛn de asotwe ‘a emu yɛ den sen biara’ ma wɔn, na ɔde wɔn kogu “akyirikyiri sum no mu.” Wotu wɔn fi asafo no mu, na wɔanyɛ sɛ mmɔkaw wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu bio.​—Mateo 24:48-51; 25:30; 1 Korintofo 5:6, 9, 13; Adiyisɛm 1:16.

‘Mana a Ahintaw ne Ɔbo Fitaa’

17. Akatua bɛn na ɛda hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn a ‘wodi nkonim no,’ na dɛn na na ehia sɛ Kristofo a wɔwɔ Pergamo no di so nkonim?

17 Akatua kɛse da hɔ ma wɔn a wotie Yesu afotu a wɔnam Yehowa honhom kronkron akwankyerɛ so de ma no nyinaa. Tie! “Nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo no: Nea odi nkonim no, mɛma no mana a ahintaw no bi adi, na mɛma no ɔbo fitaa, na ɔbo no so na wɔakyerɛw din foforo a obiara nnim, sɛ nea onya no.” (Adiyisɛm 2:17) Enti, wɔhyɛ Kristofo a wɔwɔ Pergamo nkuran sɛ ‘wonni nkonim,’ te sɛ Kristofo a wɔwɔ Smirna no. Sɛ wobedi nkonim a, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ Pergamo, baabi a Satan ahengua si no kwati abosonsom. Ɛsɛ sɛ wodi ɔbrasɛe, ɔsom mu mpaapaemu ne ɔwae a ɛbata Balak, Bileam ne Nikolaisom ho no so nkonim. Ɛdenam saayɛ so no, wɔbɛto nsa afrɛ saa Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ wommedi “mana a ahintaw no” bi. Eyi kyerɛ dɛn?

18, 19. (a) Na dɛn ne mana a Yehowa de maa Israelfo no? (b) Mana bɛn na wɔde hintawee? (d) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na wɔde mana a ahintaw no di yɛe?

18 Mose bere so no, Yehowa de mana mae na awowaw Israelfo wɔ wɔn sare so akwantu no mu. Wamfa saa mana no anhintaw, efisɛ anɔpa biara—gye homeda nkutoo—epue anwonwa kwan so te sɛ fam bosu kyenkyenee kata asase ani. Ɛyɛ aduan a efi soro, a na ɛbɛma Israelfo no atra nkwa mu. Sɛ nkaede no, Yehowa hyɛɛ Mose sɛ ɔmfa “abodoo” yi bi nhyɛ sika kuruwa mu nsi apam adaka kronkron no mu Israel “awo ntoatoaso nyinaa mu.”—Exodus 16:14, 15, 23, 26, 33; Hebrifo 9:3, 4.

19 Sɛnkyerɛnnede a ɛfata bɛn ara ni! Wɔde mana yi hintawee wɔ ntamadan no mu Kronkron mu Kronkronbea hɔ, faako a anwonwa kwan so hann a ɛkata Adaka no mmuaso so no yɛɛ wɔ a Yehowa ankasa wɔ hɔ ho sɛnkyerɛnne no. (Exodus 26:34) Wɔamma obiara kwan sɛ ɔnkɔ saa Kronkronbea hɔ nkodi mana no bi. Nanso, Yesu se n’akyidifo a wɔasra wɔn a wodi nkonim no bedi “mana a ahintaw no.” Te sɛ Kristo a odii wɔn kan no, wɔankɔhyɛn “Kronkronbea a wɔde nsa yɛe a ɛyɛ Kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne no mu, na mmom . . . ɔsoro ankasa.” (Hebrifo 9:12, 24) Wɔn wusɔre mu no, wɔhyɛ nea ɛmporɔw ne daa nkwa a owu nni mu—Yehowa nsiesiei a ɛyɛ nwonwa, a wɔde “mana a ahintaw” a ɛnsɛe da, a wɔde ma wɔn no na ɛyɛ ho mfonini. Hokwan bɛn ara na saa kuw ketewa nkonimdifo no nya sɛɛ yi!—1 Korintofo 15:53-57.

20, 21. (a) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na ɔbo fitaa a wɔde ma Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ? (b) Esiane sɛ abo fitaa 144,000 pɛ na ɛwɔ hɔ nti, anidaso bɛn na nnipakuw kɛse no wɔ?

20 Eyinom nso nsa ka “ɔbo fitaa bi.” Wɔ Roma asennibea no, na wɔde mmoba na ebu ntɛn. * Ɔbo fitaa kyerɛ bembu, bere a ɔbo tuntum kyerɛ afobu, mpɛn pii no owu. “Ɔbo fitaa” a Yesu de ma Kristofo a wɔwɔ Pergamo no bɛkyerɛ sɛ wabu wɔn bem, sɛ wɔyɛ kronn na wɔn ho tew. Nanso Yesu nsɛm no betumi akyerɛ biribi foforo bio. Romafo mmere mu no, wɔde mmoba nso dii dwuma sɛ tekit a ɛma obi tumi kɔ nneyɛe titiriw bi ase. Enti, na ɔbo fitaa no betumi akyerɛ biribi titiriw bi ama Kristoni a ɔredi nkonim a wɔasra no no—kwan a wɔbɛma no ma wakɔ baabi a nidi wɔ wɔ ɔsoro wɔ Oguammaa no ayeforohyia ase. Mmoba a ɛte saa 144,000 pɛ na wɔde ma.​—Adiyisɛm 14:1; 19:7-9.

21 So eyi kyerɛ sɛ, sɛ woyɛ mfɛfo asomfo nnipakuw kɛse no mu biako a, wɔagyaw wo a wommu wo ho akontaa anaa? Dabida! Bere a wo nsa renka ɔbo fitaa a ɛbɛma wo kwan ma woakɔ soro no, sɛ wuhu amane tɔ wo bo ase a, wubetwa ahohia kɛse no na woayɛ Paradise a ɛbɛsan aba asase so ho adwuma a anigye wom no bi. Wɔn a wɔne wo benya eyi mu kyɛfa no bɛyɛ anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba, ne nguan foforo no mufo a ebia wowuwui nnansa yi a wɔanyan wɔn afi awufo mu no. Awiei no, wɔde owusɔre bɛdom awufo afoforo nyinaa a wɔagye wɔn aba nkwa mu wɔ asase so Paradise bi mu.​—Dwom 45:16; Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9, 14.

22, 23. Edin a wɔkyerɛw wɔ ɔbo a wɔde ma Kristofo a wɔasra wɔn no so no kyerɛ dɛn, na nkuranhyɛ bɛn na ɛsɛ sɛ eyi de ma?

22 Dɛn ne din foforo a wɔakyerɛw wɔ ɔbo no so no? Edin yɛ ɔkwan a wɔfa so hu onipa bi, na ɛma onii no da nsow wɔ afoforo ho. Kristofo a wɔasra wɔn yi nsa ka ɔbo no bere a wɔawie wɔn asase so adwuma sɛ nkonimdifo no akyi. Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ edin a ɛwɔ ɔbo no so no fa hokwan a wobenya aka Yesu ho wɔ ɔsoro no ho—adehye ɔsom dibea bi a ɛsen biara a wɔn a wonya ɔsoro Ahenni no di no nkutoo na wonya na wɔkyerɛ ho anisɔ kɛse. Enti, ɛyɛ din bi, anaa nea ɛka ne dibea ho asɛm, “a obiara nnim, sɛ nea onya no.”—Fa toto Adiyisɛm 3:12 ho.

23 Nea ɛsɛ sɛ ɛka Yohane kuw no ma etie “nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no,” na ɛde adi dwuma bɛn ara ni! Na nkuranhyɛ bɛn ara na eyi yɛ ma wɔn ahokafo, nnipakuw kɛse no sɛɛ yi, na wɔne wɔn asom nokwaredi mu bere a wobetumi ne wɔn anya ayɔnkofa wɔ asase so ha na wɔne wɔn anya Yehowa Ahenni a wɔbɛma wɔahu no mu kyɛfa!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 20 Hwɛ Asomafo no Nnwuma 26:10, New World Translation Reference Bible asehɔ asɛm.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 43 mfonini ahorow]

Wɔde abosonsom bebree ho adanse horow rekyerɛ wɔ Pergamon Tete Nneɛma Akorae wɔ Berlin

[Kratafa 45 mfonini ahorow]

Wɔde mana no fã bi siee apam adaka no mu. Nea sɛnkyerɛnne kwan so mana a wɔde ma no kyerɛ ma nkonimdifo a wɔasra wɔn no ne sɛ wɔn nsa ka daa nkwa a owu nni mu

[Mfonini wɔ kratafa 45]

Wɔde ɔbo fitaa no ma wɔn a wɔma wɔn kwan kɔ Oguammaa no ayeforohyia no ase no