Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yohane Hu Yesu a Wɔahyɛ no Anuonyam

Yohane Hu Yesu a Wɔahyɛ no Anuonyam

Ti 5

Yohane Hu Yesu a Wɔahyɛ no Anuonyam

Anisoadehu 1Adiyisɛm 1:10–3:22

Asɛmti: Yesu bɛhwɛ honhom mu Israel wɔ asase so, na ɔde nkuranhyɛ a ɔdɔ wom ma

Bere a ɛba mu: Awurade da no mu ade yi mu fi 1914 kosi sɛ anokwafo a wɔasra wɔn no mu nea otwa to wu na wonyan no

1. Wɔde anisoadehu a edi kan no ma wɔ ɔkwan bɛn so, na ɔkwan bɛn so na Yohane kyerɛɛ bere a ebenya mmamu ankasa?

ADIYISƐM nhoma no mu anisoadehu a edi kan fi ase fi ti 1, nkyekyem 10. Te sɛ anisoadehu afoforo a ɛwɔ Adiyisɛm mu no, wɔde mpaemuka bi a Yohane te anaasɛ biribi soronko a ohu na efi anisoadehu yi ase. (Adiyisɛm 1:10, 12; 4:1; 6:1) Wɔde anisoadehu a edi kan yi ma te sɛ nea wɔde nkrasɛm ahorow kɔma asafo ahorow ason a ɛwɔ afeha a edi kan no mu wɔ Yohane bere so no. Nanso Yohane kyerɛ bere a ebenya mmamu ankasa bere a ɔka eyi no, sɛ: “Menam honhom mu baa Awurade da no mu.” (Adiyisɛm 1:10a, New World Translation) “Da” yi yɛ bere bɛn? So saa bere a basabasayɛ wom yi mu nsɛm a esisi a ɛyɛ nwonwa no ne eyi wɔ twaka bi anaa? Sɛ saa a, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nkɔmhyɛ no yiye, sɛ ɛka yɛn asetra ankasa—yɛn nkwagye mpo.​—1 Tesalonikafo 5:20, 21.

Awurade Da No Mu

2. Bere bɛn na Awurade da no fi ase, na bere bɛn na ɛbɛba awiei?

2 Bere bɛn mu na eyi de Adiyisɛm no mmamu hyɛ? Wiɛ, dɛn ne Awurade da no? Ɔsomafo Paulo ka ho asɛm sɛ atemmu ne Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mmamu bere. (1 Korintofo 1:8; 2 Korintofo 1:14; Filipifo 1:6, 10; 2:16) Bere a saa “da” no du no, Yehowa atirimpɔw akɛse bɛn awiei nkakrankakra wɔ nkonimdi mu. Ahengua so a wɔde Yesu si sɛ ɔsoro Hene no na efi saa “da” no ase. Bere a Yesu de atemmu ba Satan wiase so akyi mpo no, Awurade da no ne Paradise a wɔbɛsan de aba, ne adesamma a wɔbɛma wɔawie pɛyɛ no kɔ so kosi sɛ awiei no, Yesu de “ahenni no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa.”—1 Korintofo 15:24-26; Adiyisɛm 6:1, 2.

3. (a) Ɔkwan bɛn so na Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa “mmere nson” ho no boa yɛn ma yehu bere a Awurade da no fi ase? (b) Nsɛm a esisii asase so bɛn na esi 1914 so dua sɛ Awurade da no mfiase?

3 Bible nkɔmhyɛ afoforo mmamu boa yɛn ma yehu bere a Awurade da no fi ase. Sɛ nhwɛso no, Daniel ka Ɔhene Dawid asefo ahenni a wobetwa akyene ho asɛm; “mmere nson” akyi no, wobehu “sɛ Ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma nea ɔpɛ no.” (Daniel 4:23, 24, 31, 32) Yuda ahenni no sɛe a Bible adanse kyerɛ sɛ wowiee no October 607 A.Y.B. no, na efii saa nkɔmhyɛ no mmamu kɛse ase. Adiyisɛm 12:6, 14 kyerɛ sɛ mmere 3 1/2 yɛ nnafua 1,260; enti mmere nson (saa dodow no mmɔho) bɛyɛ nnafua 2,520. Sɛ yebu “afe afe . . . da koro da koro” a, yenya mfe 2,520 sɛ “mmere nson” no tenten. (Hesekiel 4:6) Enti, Kristo Yesu fii ne soro tumidi no ase 1914 awiei mu hɔ. Wiase nyinaa Ko l a ɛbae saa afe no na ɛyɛɛ “awoko yaw” a akɔ so ahaw adesamma no “mfiase.” Efi 1914 no, nsɛm a asisi a ɛyɛ nwonwa wɔ asase a mogya akeka so yi so no asi saa afe no so dua sɛ ɛne “da” a Yesu bae no mfiase!—Mateo 24:3-14. *

4. (a) Dɛn na Adiyisɛm mu nsɛm no ankasa kyerɛ sɛ ɛne bere a anisoadehu a edi kan no ba mu? (b) Bere bɛn na anisoadehu a edi kan no mmamu ba awiei?

4 Enti anisoadehu a edi kan yi ne afotu a ɛwom no wɔ hɔ ma Awurade da no, fi 1914 reba no. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ kyerɛwtohɔ no ka Onyankopɔn nokware ne trenee atemmu ahorow ho dwuma a obedi—nsɛm a ebesisi a Awurade Yesu di mu akoten—ho asɛm akyiri yi wɔ Adiyisɛm no mu no boa saa mmerebu yi. (Adiyisɛm 11:18; 16:15; 17:1; 19:2, 11) Sɛ anisoadehu a edi kan no mmamu fii ase 1914 a, bere bɛn na ɛba awiei? Sɛnea nkrasɛm ahorow no ankasa kyerɛ no, ahyehyɛde a wɔka ho asɛm no ne Onyankopɔn asafo, a wɔn a wɔasra wɔn wɔ asase so wom no. Ɛnde, anisoadehu a edi kan yi mmamu ba awiei bere a saa asafo a wɔasra no no mu ɔnokwafo a otwa to wu, na wonyan no kɔ ɔsoro asetra mu no. Nanso, Awurade Da a ekura nhyira horow ma asase so nguan foforo no, kɔ kodu Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no awiei.​—Yohane 10:16; Adiyisɛm 20:4, 5.

5. (a) Ɛnne bi frɛ Yohane sɛ ɔnyɛ dɛn? (b) Dɛn nti na na “asafo ahorow ason” no wɔ baabi a eye a wobetumi de nhoma mmobɔwee akɔma wɔn?

5 Anisoadehu a edi kan yi mu, ansa na Yohane behu biribi no, ɔte biribi: “Na metee nne kɛse bi wɔ m’akyi sɛ torobɛnto sɛ: Kyerɛw nea wuhu hyɛ [nhoma mmobɔwee] mu, na soma kɔma asafo ahorow ason no, fa kɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea.” (Adiyisɛm 1:10b, 11) Ɛnne bi a ɛkasa tumi ne ɔhyɛ so te sɛ torobɛnto hyɛn ka kyerɛ Yohane sɛ ɔnkyerɛw nkɔma “asafo ahorow ason no.” Na ne nsa bɛka nkrasɛm ahorow a ɛtoatoa so na wabɔ nneɛma a obehu na wate no dawuru. Hyɛ no nsow sɛ na asafo ahorow a wɔabobɔ din wɔ ha no wɔ hɔ ankasa wɔ Yohane bere so. Na ne nyinaa wɔ Asia Kumaa, wɔ ɛpo a efi Patmo no agya. Na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛfa Romafo akwan a ɛso ye na ɛwɔ mpɔtam hɔ no so afi kurow biako mu akɔ foforo mu. Na ɛrenyɛ den mma ɔsomafo no sɛ ɔde nhoma mmobɔwee befi asafo biako mu akɔ nea edi hɔ no mu. Saa asafo ahorow ason no bɛyɛ nea ɛne nnɛyi Yehowa Adansefo ɔmansin fã bi sɛ.

6. (a) “Nea ɛwɔ hɔ” no kyerɛ dɛn? (b) Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ ɛbɛyɛ sɛ tebea horow a ɛwɔ Kristofo a wɔasra wɔn asafo mu nnɛ no te sɛ nea na ɛwɔ Yohane bere so no ara?

6 Na Adiyisɛm no mu nkɔmhyɛ ahorow no mu dodow no ara bɛba mu wɔ Yohane bere no akyi. Wɔkaa “nea eyi akyi no ɛrebɛba” ho asɛm. Nanso afotu a wɔde kɔmaa asafo ahorow ason no ka “nea ɛwɔ hɔ” ho asɛm, tebea horow a na ɛwɔ asafo ahorow ason no mu ampa wɔ saa bere no mu ho asɛm. Na nkrasɛm ahorow no yɛ mmoa a ɛho wɔ mfaso ma mpanyimfo anokwafo a wɔapaw wɔn wɔ saa asafo ahorow ason no mu, ne saa bere no mu Kristofo a wɔasra wɔn no asafo ahorow afoforo nyinaa nso mu. * Esiane sɛ na anisoadehu no bɛba mu titiriw wɔ Awurade da no mu nti, nea Yesu ka no ma wohu sɛ wɔbɛhwɛ tebea horow a ɛtete saa kwan wɔ yɛn ankasa bere so Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no mu.​—Adiyisɛm 1:10, 19.

7. Hena na Yohane hu no wɔ anisoadehu a edi kan no mu, na dɛn nti na ɛho hia yiye, na ɛyɛ yɛn anigye nnɛ?

7 Anisoadehu a edi kan yi mu no, Yohane hu Awurade Yesu Kristo a ɔhyerɛn no wɔ Ne soro anuonyam mu. Dɛn na ebetumi afata ama nkɔmhyɛ nhoma bi a ɛfa Awurade yi a wofi soro de adwuma ahyɛ ne nsa da kɛse no ho asen eyi? Na dɛn na ɛho betumi ahia yɛn a yɛte ase mprempren wɔ saa bere no mu na yetie n’ahyɛde biara yiye no? Afei nso, anigye bɛn ara na ɛyɛ ma Yehowa tumidi akyigyinafo sɛɛ yi sɛ wɔbɛma wɔanya awerɛhyem sɛ Aseni a ɔne Mesia, a ogyinaa sɔhwɛ ne ɔtaa ahorow nyinaa a Satan de baa no so ano, na owuu owu yawyaw bere a wɔkaa Ne “nantin” bɛyɛ mfe 2,000 ni no, te ase mprempren wɔ ɔsoro, a wɔama no tumi sɛ ɔmfa Onyankopɔn atirimpɔw kɛse no mmra n’awiei nkonimdi mu!—Genesis 3:15.

8. Dɛn ade na Yesu asiesie ne ho afei sɛ ɔbɛyɛ?

8 Ɛda adi pefee sɛ afei Yesu asiesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ ade sɛ Ɔhene a wɔde no asi agua so. Wɔapaw no sɛ Yehowa Brafo Panyin sɛ onni Yehowa atemmu horow a etwa to ho dwuma ntia nneɛma nhyehyɛe bɔne dedaw yi ne n’adaemone nyame, Satan. Ɔwɔ hɔ nso sɛ obebu n’asafo a wɔasra no no mufo ne wɔn ahokafo nnipakuw kɛse no ntɛn, ne wiase no nso.​—Adiyisɛm 7:4, 9; Asomafo no Nnwuma 17:31.

9. (a) Yohane ka Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam a ɔwɔ sika akaneadua no mfinimfini no ho asɛm dɛn? (b) Dɛn na asɔrefi tebea ne atade a Yesu hyɛ no kyerɛ? (d) Dɛn na ne sika abɔso no kyerɛ?

9 Yohane dan n’ani bere a ɔte ɛnne kɛse no, na nea ohu ni: “Na medan m’ani sɛ mekɔhwɛ nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. Na medan me ho no, mihuu sika akaneadua ason.” (Adiyisɛm 1:12) Akyiri no, Yohane hu nea akaneadua ason no yɛ ho mfonini. Nanso onipa a ogyina akaneadua no mfinimfini no na n’ani hu no. “Na akaneadua no mfinimfini no, mihuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atade yuu, na ɔde sika abɔso abɔ ne koko so.” (Adiyisɛm 1:13) Ɛha no, Yesu a ɔne “onipa ba” no begyina Yohane, ɔdansefo a ehu aka no no anim sɛ obi a ɔhyerɛn fɛfɛɛfɛ. Opue anuonyam a ɛhyerɛn mu wɔ sika akaneadua a ɛdɛw ntam. Hwɛbea a ɛte sɛ asɔrefi yi ma Yohane hu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesu kura dibea sɛ Yehowa Ɔsɔfopanyin kɛse a ɔwɔ atemmu tumi. (Hebrifo 4:14; 7:21-25) N’atade yuu fɛfɛ no ne n’asɔfodi adwuma no hyia. Te sɛ tete Yudafo asɔfo mpanyin no, ɔbɔ abɔso—sika abɔso wɔ ne koko so, baabi a ɛkata ne koma so. Eyi kyerɛ sɛ ofi koma nyinaa mu bɛyɛ adwuma a wofi soro de ama no no, a onya fii Yehowa Nyankopɔn nkyɛn no.​—Exodus 28:8, 30; Hebrifo 8:1, 2.

10. (a) Dɛn na Yesu ti nhwi a ɛhoa sɛ sukyerɛma ne n’ani a ɛte sɛ ogyaframa no kyerɛ? (b) Yesu nan a ɛte sɛ kɔbere a ɛbere kɔɔ no kyerɛ dɛn?

10 Yohane kɔ so ka ne ho asɛm sɛ: “Na ne ti ne ne nhwi hoa sɛ oguanten ho nhwi fitaa, sɛ sukyerɛma, na n’aniwa te sɛ ogyaframa.” (Adiyisɛm 1:14) Ne ti nhwi fitaa a ɛte sɛ sukyerɛma no kyerɛ nyansa esiane sɛ watra ase akyɛ nti. (Fa toto Mmebusɛm 16:31 ho.) Ne gyaframa aniwa no kyerɛ sɛ ohu ade yiye, n’ani so da hɔ, bere a ɔhwehwɛ nneɛma mu, ɔsɔ nneɛma hwɛ, anaasɛ oyi abufuw adi. Wɔtwee Yohane adwene baa Yesu anan so mpo: “Na ne nan te sɛ [kɔbere] fɛfɛ a adɔ fononoo mu, na ne nne te sɛ asu bebree nne.” (Adiyisɛm 1:15) Anisoadehu no mu no, Yesu anan te sɛ kɔbere, abere, ɛhyerɛn—ɛfata obi a ɔde nsi nantew a ɔwɔ gyinabea pa wɔ Yehowa Nyankopɔn anim. Afei nso, sɛnea wɔtaa de sika yɛ ɔsoro nneɛma ho mfonini wɔ Bible mu no, saa ara nso na ɛtɔ mmere bi a wɔde kɔbere gyina hɔ ma nneɛma a ɛfa adesamma ho. * Enti Yesu anan a ɛbere te sɛ kɔbere fɛfɛ no ma yɛkae sɛnea na n’anan yɛ “fɛ” bere a ɔnantew asase so kaa asɛmpa no.​—Yesaia 52:7; Romafo 10:15.

11. (a) Yesu anan fɛfɛ no ma yɛkae dɛn? (b) Dɛn na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesu nne te sɛ “nsu bebree nne” no kyerɛ?

11 Nokwarem no, sɛ ɔdesani a na ɔyɛ pɛ no, na Yesu wɔ anuonyam bi a abɔfo ne nnipa hu. (Yohane 1:14) N’anan a ɛyɛ fɛ no nso ma yɛkae sɛ ɔnantew beae a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ Yehowa ahyehyɛde a ɔyɛ Ɔsɔfopanyin wɔ so no mu. (Fa toto Exodus 3:5 ho.) Afei, ne nne gyigye denneennen te sɛ asuten kɛse a efi soro hwie gu fam. Ɛyɛ fɛ, ɛyɛ hu, sɛnea ɛfata nea wɔfrɛ no Onyankopɔn Asɛm, nea ɔba sɛ ‘ɔrebebu asase a wɔte so no ntɛn trenee mu no.’—Asomafo no Nnwuma 17:31; Yohane 1:1.

12. “Afoa anofanu nnamnam” no kyerɛ dɛn?

12 “Na okura nsoromma ason ne nifa mu, na afoa anofanu nnamnam fi n’ano; na n’anim te sɛ owia hyerɛn n’ahoɔden mu. Na mihuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufo.” (Adiyisɛm 1:16, 17a) Yesu ankasa kyerɛ nea nsoromma ason no yɛ ase ɛno akyi bere tiaa bi. Nanso hyɛ nea efi n’anom ba no nsow: “afoa anofanu nnamnam.” Ade a ɛfata bɛn ara ni! Na Yesu ne nea wɔapaw no sɛ ɔnka Yehowa atemmu a edi akyiri no ntia N’atamfo. Nsɛm pɔtee a efi n’anom no ma wokunkum abɔnefo nyinaa.​—Adiyisɛm 19:13, 15.

13. (a) Yesu anim a ɛhyerɛn no ma yɛkae dɛn? (b) Dɛn na yehu wɔ Yesu ho asɛm a Yohane kae no nyinaa mu?

13 Yesu anim a ɛtew na ɛhyerɛn no ma yɛkae sɛ Mose anim hyerɛn bere a Yehowa ne no akasa wɔ Bepɔw Sinai so akyi no. (Exodus 34:29, 30) Kae nso sɛ bere a wɔsakraa Yesu wɔ n’asomafo baasa anim bɛyɛ mfe 2,000 ni no, “n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann.” (Mateo 17:2) Afei, wɔ anisoadehu bi a wɔdaa Yesu adi wom wɔ Awurade da no mu no mu no, n’anim hyerɛn fɛfɛ saa ara sɛ obi a wakogyina Yehowa anim. (2 Korintofo 3:18) Nokwarem no, nea Yohane anisoadehu no nyinaa kyerɛ ne anuonyam kɛse bi. Efi ti nhwi a ɛhoa fitaa sɛ sukyerɛma, ani a ɛte sɛ gyaframa ne anim a ɛhyerɛn ara besi anan a ɛbere kɔɔ no so no, na ɛyɛ Nea afei ɔte “hann a obi nya ho kwan mu” no ho anisoadehu a ɛkyɛn so. (1 Timoteo 6:16) Nokware a ade yi yɛ no yɛ anigye yiye! Dɛn na Yohane a na ehu aka no mmoroso no yɛe? Ɔsomafo no ka kyerɛ yɛn: “Na mihuu no no mehwee ne nan ase sɛ owufo.”—Adiyisɛm 1:17.

14. Bere a yɛkan Yesu a wɔahyɛ no anuonyam ho anisoade a Yohane hui no, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn dɛn?

14 Ɛnnɛ, Yohane anisoadehu no ho nsɛm a wɔaka no fefeefe ne fɛfɛ no de koma nyinaa mu anisɔ ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo ma. Yɛatra Awurade da no a emu na anisoadehu no kɔ so nya ne mmamu a ɛyɛ anigye no mu bɛboro mfe 90 dedaw. Yesu Ahenni tumidi no yɛ mprempren nokwasɛm a ɛwɔ hɔ, na ɛnyɛ daakye anidaso bi. Enti, ɛfata sɛ yɛn a yɛyɛ Ahenni no nkoa anokwafo de ahodwiriw hwɛ nea Yohane ka kyerɛ yɛn bio wɔ anisoadehu a edi kan yi mu, na yɛde osetie tie Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no nsɛm.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Afeha a edi kan no mu no, sɛ asafo bi nsa ka krataa fi ɔsomafo bi hɔ a, nea wɔtaa yɛ ne sɛ wɔde krataa no kyinkyin asafo afoforo mu, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn nyinaa anya afotu a ɛwom no mu mfaso.​—Fa toto Kolosefo 4:16 ho.

^ nky. 10 Wɔde sika na ɛyɛɛ nneɛma a wɔde siesiee Salomo asɔredan no mu ne nea na esisi mu anaasɛ wɔde duraa ho no, na wɔde kɔbere na esiesiee abangua no so.​—1 Ahene 6:19-23, 28-35; 7:15, 16, 27, 30, 38-50; 8:64.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 23 mfonini ahorow]

Nkurow a na asafo ahorow ason no wom amamfo a wohui wɔ fam a wotutu hwehwɛ tete nneɛma mu no mu no si Bible kyerɛwtohɔ no so dua. Ɛha na afeha a edi kan no mu Kristofo nsa kaa Yesu nkuranhyɛ nkrasɛm ahorow a nnɛ ɛkanyan asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no

PERGAMO

SMIRNA

TIATIRA

SARDI

EFESO

FILADELFIA

LAODIKEA