Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Yehowa Da no Ntra W’adwenem Yiye

Ma Yehowa Da no Ntra W’adwenem Yiye

Ti Aduonu

Ma Yehowa Da no Ntra W’adwenem Yiye

1. Bere a edi kan a wuhui sɛ gye a wobegye yɛn afi nhyehyɛe dedaw yi mu amanehunu mu abɛn no, wotee nka dɛn?

NNEƐMA a edi kan a wusua fii Bible mu biako ne Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ asase nyinaa bɛdan paradise no. Wɔ saa wiase foforo no mu no, akodi, nsɛmmɔnedi, ohia, ɔyare, amanehunu, ne owu rentra hɔ bio. Awufo mpo bɛsan aba nkwa mu bio. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Wosii sɛnea abɛn no so dua denam adanse a ɛkyerɛ sɛ Kristo ba a waba sɛ Ɔhene a ɔredi tumi a aniwa nhu no no fii ase wɔ 1914 mu ne sɛ, efi saa bere no reba no yɛwɔ wiase bɔne yi nna a edi akyiri no mu no so. Wɔ saa nna a edi akyiri yi awiei no, Yehowa bɛsɛe mprempren nneɛma nhyehyɛe no na ɔde wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no aba!

2. Dɛn ne “Yehowa da” no?

2 Bible no frɛ ɔsɛe bere a ɛreba yi ‘Yehowa da.’ (2 Petro 3:​10) Ɛyɛ ‘Yehowa abufuw da’ a etia Satan wiase no nyinaa. (Sefania 2:3) Ebedu n’awiei wɔ ‘Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no da kɛse no mu ko a wɔfrɛ no Hebri kasa mu sɛ Harmagedon’ no mu. (Adiyisɛm 16:​14, 16) So w’asetra kwan da no adi sɛ wugye di sɛ saa ‘Yehowa da’ yi abɛn?​—Sefania 1:​14-18; Yeremia 25:33.

3. (a) Bere bɛn na Yehowa da no bɛba? (b) Ɔkwan bɛn so na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa anyi ‘ɛda anaa dɔn ko no’ ankyerɛ no ayɛ nea mfaso wɔ so?

3 Bible nkyerɛ da pɔtee a Yesu Kristo bɛba sɛ Yehowa Brafo a ɔko tia Satan nneɛma nhyehyɛe no. Yesu kae sɛ: “Na da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no nso nnim, ɔba no nso nnim, gye agya no.” (Marko 13:​32) Sɛ ebinom nnɔ Yehowa nokwarem a, wɔbɛpɛ sɛ wotu ne da no hyɛ da wɔ wɔn adwene mu na wokodi wiase nneɛma akyi. Nanso, wɔn a wɔdɔ Yehowa nokware mu no befi ɔkra nyinaa mu asom no, a bere a nhyehyɛe bɔne yi awiei bɛba mfa ho.​—Dwom 37:4; 1 Yohane 5:3.

4. Dɛn na Yesu kae a ɛyɛ kɔkɔbɔ?

4 Wɔ kɔkɔbɔ asɛm bi a Yesu de maa Yehowa adɔfo mu no, ɔkae sɛ: “Monhwɛ yiye, monwɛn . . . na munnim da ko a bere no du.” (Marko 13:​33-37) Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmma adidi ne ɔnom anaasɛ “nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw” nnye yɛn adwene pii na amma yɛn ani amfi aniberesɛm a bere no yɛ no so.​—Luka 21:​34-36; Mateo 24:​37-42.

5. Sɛnea Petro kyerɛkyerɛɛ mu no, dɛn na “Yehowa da” no de bɛba?

5 Saa ara na Petro tu yɛn fo sɛ yɛmma ‘Yehowa da no ba no ntra yɛn adwene mu yiye, a emu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛe, na wim mfitiasede anan ahyew.’ Nnipa nniso nyinaa​—“ɔsoro”​—bɛsɛe, saa ara na adesamma abusua abɔnefo no nyinaa​—“asase” ne emu “nnwuma,” wiase bɔne yi mu adwenhorow ne emu nneyɛe te sɛ wɔn ho a wɔatwe afi Onyankopɔn ho, wɔn brasɛe ne honam fam adedodowpɛ akyi a wodi nyinaa nso bɛba awiei. “Ɔsoro foforo [Onyankopɔn soro Ahenni] ne asase foforo [asase foforo so abusua]” a “trenee te mu” besi eyinom ananmu. (2 Petro 3:​10-13) Nsɛm a ebesisi a ɛbɛsɛe wiase yi befi ase mpofirim wɔ da ne bere a wɔnhwɛ kwan mu.​—Mateo 24:44.

Momma Mo Ani Nna Hɔ Wɔ Sɛnkyerɛnne no Ho

6. (a) Mmuae a Yesu mae wɔ asɛm a n’asuafo no bisa faa Yudafo nhyehyɛe no awiei ho no koduu he? (b) Yesu mmuae no afã bɛn na ɛtwe adwene si nsɛm a asisi ne nneyɛe a wɔada no adi fi afe 1914 de reba no so?

6 Esiane bere a yɛwɔ mu no nti, ɛsɛ sɛ yehu sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã pii a ɛma yehu nna a edi akyiri​—“nneɛma nhyehyɛe no awiei”​—no ho nsɛm no yiye. Kae sɛ bere a Yesu maa n’asuafo no asɛmmisa no ho mmuae sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:3 no, nneɛma a ɔkaa ho asɛm wɔ nkyekyɛm 4 kosi 22 no mu bi nyaa mmamu ketewaa bi wɔ Yudafo nhyehyɛe no mu wɔ afe 33 ne 70 Y.B. ntam hɔ. Nanso nkɔmhyɛ no nyaa ne mmamu kɛse fi afe 1914 reba no, Kristo “ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei” bere no mu. Mateo 24:​23-28 ka nea na ɛbɛba fi afe 70 Y.B. de besi bere a Kristo aba no mu ho asɛm. Nneɛma a ɛbɛkɔ so a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 24:​29–25:​46 no ba wɔ awiei bere no mu.

7. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ankasa ani da yɛn ho so wɔ sɛnea nsɛm a esisi mprempren no ma sɛnkyerɛnne no bam no ho? (b) Bua nsɛmmisa a ɛwɔ nkyekyɛm yi awiei no fa kyerɛ sɛnea sɛnkyerɛnne no abam fi afe 1914 reba no.

7 Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa ma yɛn ani da hɔ wɔ nsɛm a esisi ne nneyɛe a ɛma sɛnkyerɛnne no bam no ho. Nsɛm yi a yɛde bɛtoto Bible nkɔmhyɛ ho no bɛboa ma Yehowa da no atra yɛn adwenem yiye. Afei nso ɛbɛma yɛatumi adan afoforo ti bere a yɛrebɔ wɔn kɔkɔ wɔ bɛn a ɛda no abɛn no ho no. (Yesaia 61:​1, 2) Bere a botae ahorow yi wɔ yɛn adwene mu no, momma yɛnsan nsusuw nsɛmmisa a edidi so yi a esi sɛnkyerɛnne a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 24:7 ne Luka 21:​10, 11 no afã horow yi so dua no ho.

Ɔkwan a ɛyɛ soronko bɛn so na ‘ɔman a ɛbɛsɔre ɔman so ne ahenni ahenni so’ ho asɛm a wɔka siei no fii ase baam wɔ 1914 mu? Ɛdefa akodi ho no, dɛn na aba fi saa bere no?

Wɔ afe 1918 mu no, ɔyaredɔm bɛn na ekunkum nnipa pii sen Wiase Ko I no? Wɔ aduyɛ ho nimdeɛ a nnipa anya nyinaa akyi no, nyarewa bɛn na ɛda so ara kunkum nnipa ɔpepem pii?

Ɛmfa ho nyansahu mu nimdeɛ nkɔanim a wonyae wɔ afeha a etwaam no mu no, ɛhe na aduankɔm aka asase sofo akodu?

Dɛn na ɛma wugye di ampa sɛ tebea horow a 2 Timoteo 3:​1-5, 13 ka ho asɛm no nyɛ sɛnea asetra te bere nyinaa, na mmom sɛnea asetra a enye no mu ayɛ den bere a yɛrebɛn nna a edi akyiri no awiei no?

Nkurɔfo Mu a Wɔrepaapae

8. (a) Nsɛm foforo a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 13:​24-30, 36-43 bɛn na Yesu de bataa nneɛma nhyehyɛe no awiei ho? (b) Dɛn na Yesu bɛ no kyerɛ?

8 Nsɛm foforo a ɛkyerɛ biribi nso wɔ hɔ a Yesu de bataa nneɛma nhyehyɛe no awiei ho. Eyinom mu biako ne “ahenni no mma” mu a wɔpaapae fi “ɔbɔne no mma” ho no. Yesu kaa eyi ho asɛm wɔ ne bɛ a ɛfa awifuw bi a ɔtamfo bi koguu wura fraa mu ho no mu. “Awi” a ɛho asɛm wɔ ne bɛ no mu no gyina hɔ ma nokware Kristofo a wɔasra wɔn no. “Wura” no yɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nanso wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ “ɔbɔne no mma” esiane wɔn ho a wɔde bata wiase a Ɔbonsam di so no ho nti no. Wɔpaapae eyinom mu fi “[Onyankopɔn] ahenni no mma” no ho na wɔhyɛ wɔn agyirae ma ɔsɛe. (Mateo 13:​24-30, 36-43) So eyi aba ampa?

9. (a) Wɔ Wiase Ko I akyi no, mpaapaemu kɛse bɛn na ɛkɔɔ so wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nyinaa mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Ahenni no asomfo ampa?

9 Wɔ Wiase Ko I akyi no, wɔpaapaee nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no nyinaa mu yɛɛ wɔn akuw abien: (1) Kristoman mu asɔfo ne wɔn akyidifo a wogyina Amanaman Apam (a mprempren ɛne Amanaman Nkabom) no akyi denneennen a na wɔda so ara kura wɔn ɔmampɛ mu denneennen no, ɛne (2) nokware Kristofo a na wɔwɔ hɔ wɔ saa ko no akyi a wogyinaa Onyankopɔn Mesia Ahenni no akyi denneenen, na wɔannyina wiase yi amanaman no akyi no. (Yohane 17:​16) Eyinom daa wɔn ho adi sɛ Onyankopɔn Ahenni no asomfo anokwafo denam “ahenni ho asɛmpa yi” a wɔkae wɔ wiase nyinaa no so. (Mateo 24:​14) Dɛn na afi mu aba?

10. Dɛn na edii kan fii Ahenni asɛnka adwuma no mu bae?

10 Nea edi kan no, wɔboaboaa wɔn a wɔde Onyankopɔn honhom asra wɔn no nkaefo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Kristo bɛtra sɛ ɔsoro Ahenni no mufo no ano. Ɛwom sɛ na saafo no ahwete amanaman mu de, nanso wɔde wɔn baa ahyehyɛde no mu ma wɔbɛyɛɛ biako. Saafo a wɔasra wɔn no ano a wɔbɛsɔ no awiei abɛn.​—Adiyisɛm 7:​3, 4.

11. (a) Anoboaboa adwuma bɛn na ɛrekɔ so, na nkɔmhyɛ bɛn na ɛne no hyia? (b) Dɛn na nkɔmhyɛ yi mmamu no kyerɛ?

11 Afei, wɔ Kristo akwankyerɛ ase no, wofii ase boaboaa “nnipakuw kɛse a . . . wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” no ano. Eyinom na wɔbom yɛ “nguan foforo” a wobetwa “ahohia kɛse” no akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no. (Adiyisɛm 7:​9, 14; Yohane 10:​16) Saa adwuma a ɛne Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a yɛbɛka ansa na awiei no aba no akɔ so abedu nnɛ. Nguan foforo no mu nnipakuw kɛse a mprempren wɔn dodow adu ɔpepem pii no de nokwaredi reboa nkaefo a wɔasra wɔn no ma wɔabɔ Ahenni asɛm a ɛho hia no dawuru. Wɔrete Ahenni ho asɛm no wɔ amanaman nyinaa mu.

Dɛn na Ɛreba?

12. Asɛnka adwuma ahe na aka a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa na Yehowa da no aba?

12 Nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no nyinaa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛabɛn nna a edi akyiri no awiei, na Yehowa da no abɛn. Nanso, so nkɔmhyɛ ahorow da so wɔ hɔ a ɛbɛba mu ansa na da a ɛyɛ hu no afi ase? Yiw. Ade biako ne sɛ, wonwiee nkurɔfo mu a wɔrepaapae wɔ Ahenni no ho ɔsɛmpɔw no ho no. Wɔ mmeae bi a wohyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den wɔ hɔ mfe pii no, afei de wɔanya asuafo afoforo pii wɔ hɔ. Wɔ baabi a nkurɔfo po asɛmpa no mpo no, yɛnam adanse a yedi so da Yehowa mmɔborohunu adi. Enti, monkɔ so nyɛ adwuma no! Yesu ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ adwuma no sa a, awiei no bɛba.

13. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ 1 Tesalonikafo 5:​2, 3 no, asɛm a ɛfata sɛ wɔhyɛ no nsow bɛn na ebesi, na ɛbɛkyerɛ dɛn ama yɛn?

13 Bible nkɔmhyɛ foforo bi a ɛho hia ka siei sɛ: “Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ no; ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.” (1 Tesalonikafo 5:​2, 3) Ɔkwan ko a saa “asomdwoe ne ahotɔ” mpaemuka no bɛfa so aba no de, yennya nhui. Nanso ɛda adi sɛ ɛrenkyerɛ sɛ wiase akannifo atumi adi adesamma nsɛnnennen ho dwuma ankasa. Wɔn a wɔma Yehowa da no tra wɔn adwene mu yiye no remma saa mpaemuka no nnaadaa wɔn. Wonim sɛ ɛno akyi pɛɛ no, mpofirim na ɔsɛe no bɛba.

14. Nsɛm bɛn na ebesisi wɔ ahohiahia kɛse no mu, na ɔkwan bɛn so na ebedidi so aba?

14 Ahohiahia kɛse no mfiase no, sodifo no bɛsɔre ahyɛ Babilon Kɛse, wiase nyinaa atorosom ahemman no, na wɔasɛe no. (Mateo 24:​21; Adiyisɛm 17:​15, 16) Ɛno akyi no, amanaman no bɛsɔre ahyɛ wɔn a wogyina Yehowa tumidi akyi no, na ɛno de Yehowa abufuhyew bɛba amammui nniso ahorow no ne wɔn aboafo so, na wɔasɛe wɔn nyinaa pasaa. Ɛno na ɛde Harmagedon a ɛyɛ ahohiahia kɛse no awiei no bɛba. Afei, wɔbɛtow Satan ne n’adaemone agu bun no mu na wɔrentumi nnya adesamma so nkɛntɛnso bio. Eyi bɛma Yehowa din so.​—Hesekiel 38:​18, 22, 23; Adiyisɛm 19:​11–20:3.

15. Dɛn nti na ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yebesusuw sɛ Yehowa da no da so ara wɔ akyirikyiri?

15 Nhyehyɛe yi awiei no bɛba bere ano pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn nhyehyɛe te. Ɛrenka akyi. (Habakuk 2:3) Kae sɛ Yerusalem sɛe a ɛbae wɔ afe 70 Y.B. mu no baa ntɛm so bere a ná Yudafo no nhwɛ kwan, bere a wosusuwii sɛ asiane no atwam no. Na tete Babilon nso ɛ? Na ɛwɔ tumi ne ahotoso, na na wɔato afasu a ɛyɛ den atwa ho ahyia. Nanso ɛhwee ase anadwo biako pɛ. Saa ara nso na mpofirim ɔsɛe bɛba mprempren nneɛma nhyehyɛe no so. Sɛ ɛba a, ɛmmra sɛ wobehu yɛn sɛ yɛayɛ biako wɔ nokware som mu, a yɛama Yehowa da no atra yɛn adwene mu yiye.

Asɛm no mu Ntĩmu

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma Yehowa da no tra yɛn adwene mu yiye? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa?

• Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo mu mpaapaemu a ɛrekɔ so no ka yɛn ankasa?

• Dɛn na ɛda so ara da yɛn anim ansa na Yehowa da no afi ase? Enti dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn ankasa kɔ so yɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 180, 181]

Ɛrenkyɛ na nna a edi akyiri no aba awiei ma wɔasɛe Satan nhyehyɛe no