Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Momfa Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Nnodɔ Mo Ho”

“Momfa Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Nnodɔ Mo Ho”

Ti Dunsia

“Momfa Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Nnodɔ Mo Ho”

1. Dɛn na wɔn a wɔyɛ foforo a wɔba Yehowa Adansefo asafo nhyiam horow ase no ani taa gye ho?

SƐ NKURƆFO ba Yehowa Adansefo asafo nhyiam ahorow ase nea edi kan a, wɔn ani taa gye ɔdɔ a woyi adi kyerɛ wɔ hɔ no ho. Wohu wɔ akwaaba a wɔma wɔn ne fekubɔ a emu yɛ hyew no mu. Ahɔho a wɔba yɛn nhyiam akɛse ase no nso hu saa ɔdɔ yi. Ɔsɛnkyerɛwfo bi kyerɛw faa nhyiam kɛse bi ho sɛ: ‘Na obiara nni hɔ a wanom nnubɔne anaa mmosa. Nteɛteɛm biara nni hɔ. Apiapia biara nni hɔ. Asunsum biara nni hɔ. Na obiara nni hɔ a ɔkeka nsɛnhunu. Wonyi nsɛnkwaa a ɛmfata wɔ hɔ, na wɔnka kasafĩ. Na sigaret wusiw biara nni mframa no mu. Wɔmmɔ korɔn wɔ hɔ. Na obiara nni hɔ a ɔretotow nkankyee gow agu sare no so. Ɛyɛ ade a ɛyɛ nwonwa ankasa.’ Eyi nyinaa di ɔdɔ a ‘ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata na ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de’ no ho adanse.​—1 Korintofo 13:​4-8.

2. (a) Bere kɔ so no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ ɔdɔ a yɛda no adi no ho? (b) Ɔdɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yenya de suasua Kristo?

2 Onuadɔ yɛ su a ɛma wohu nokware Kristofo. (Yohane 13:35) Bere a yɛrenyin wɔ honhom fam no, yesua sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi kɛse. Ɔsomafo Paulo bɔɔ mpae sɛ ne mfɛfo Kristofo dɔ ‘nkɔ so mmoro so ara.’ (Filipifo 1:9) Ɔsomafo Yohane kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yɛn dɔ da ahofama adi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi mu na yehu ɔdɔ no, sɛ [Onyankopɔn Ba no] de ne kra too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma anuanom.” (1 Yohane 3:16; Yohane 15:​12, 13) So yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama yɛn nuanom ampa? Bere a tebea dodow no ara nhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ saa no, mmɔden bɛn na yɛbɔ mprempren sɛ yɛbɛboa wɔn, bere a ɛyɛ den sɛ yebetumi ayɛ saa mpo no?

3. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada yɛn dɔ adi kɛse? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya ɔdɔ a emu yɛ den ma yɛn ho yɛn ho nnɛ?

3 Nea ɛka nneyɛe a ɛda ahofama adi ho no, ɛho hia sɛ yenya yɛn nuanom ho nokware anigye ankasa. Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye.” (Romafo 12:10) Yɛn nyinaa te nka saa wɔ nnipa binom ho. So yebetumi asua sɛ yebenya afoforo ho atenka saa? Bere a nhyehyɛe dedaw yi awiei abɛn no, ɛho hia sɛ yɛbɛn yɛn mfɛfo Kristofo kɛse. Bible ka sɛ: “Ade nyinaa awiei abɛn. . . . Na ne titiriw momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.”​—1 Petro 4:​7, 8.

Bere a Nsɛnnennen Sɔre

4. (a) Dɛn nti na ɔhaw ahorow betumi asɔre wɔ asafo bi mufo ntam? (b) Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn ani begye ho sɛ yɛde Bible mu afotu bedi dwuma de, nanso nneɛma pa bɛn na ebetumi afi dwuma a yɛde bedi no mu aba?

4 Nokwarem no, bere tenten a yɛnyɛ pɛ no, ɛtɔ mmere bi a yɛbɛyɛ nneɛma a ɛbɛhaw afoforo. Yɛn nuanom nso betumi ayɛ bɔne atia yɛn wɔ akwan horow so. (1 Yohane 1:8) Sɛ woba tebea a ɛte saa mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Kyerɛwnsɛm no de akwankyerɛ a ɛho hia ma. Nanso ebia afotu a wɔde ma no ne nea yɛn sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ no bɛpɛ sɛ yɛyɛ no renhyia. (Romafo 7:​21-23) Nanso, mmɔden a yɛbɛbɔ de Bible mu afotu adi dwuma no bedi adanse sɛ yefi koma pa mu pɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani. Saa a yɛbɛyɛ no bɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma afoforo no nso ayɛ kɛse.

5. Sɛ obi yɛ biribi ma epira yɛn a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ bi tua no so ka?

5 Sɛ nkurɔfo di yaw a, ɛtɔ mmere bi a wɔhwehwɛ akwan a wɔbɛfa so ayɛ bi atua nea wafom wɔn no so ka. Nanso ɛno sɛe asɛm no koraa. Sɛ aweredi ho hia a, ɛsɛ sɛ yegyaw ɛno ma Onyankopɔn. (Mmebusɛm 24:29; Romafo 12:​17-21) Ebia afoforo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔne nea wafom wɔn no renyɛ hwee bio. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn mfɛfo asomfo saa, efisɛ yɛn som a ɛbɛsɔ ani no fã gyina yɛn nuanom a yɛbɛdɔ wɔn no so. (1 Yohane 4:20) Enti Paulo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.” (Kolosefo 3:13) So wubetumi ayɛ saa?

6. (a) Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ yɛde firi yɛn nua? (b) Ntease bɛn na sɛ yenya a, ɛbɛboa yɛn ma yɛadi bɔne a wɔyɛ tia yɛn no ho dwuma?

6 Na sɛ obi kɔ so yɛ bɔne tia yɛn mpɛn pii, nanso ɛnyɛ bɔne a emu yɛ duru a ɛbɛma wɔatumi atu no afi asafo no mu nso ɛ? Wɔ bɔne a emu nyɛ duru saa ho no, ɔsomafo Petro kae sɛ yɛmfa mfiri ma “enkosi mpɛn ason.” Nanso, Yesu kae sɛ: “Minse wo sɛ enkosi mpɛn ason, na mmom mpɛn aduɔson ason!” Ɔde ka kɛse a yɛde Onyankopɔn no totoo ɛka a onipa bi betumi ade yɛn no ho. (Mateo 18:​21-35, NW) Yɛyɛ bɔne tia Onyankopɔn da biara wɔ akwan horow pii so​—ɛtɔ bere bi a, denam pɛsɛmenkominya adeyɛ bi so, denam nea yɛka anaasɛ yesusuw so, anaa denam nea yentumi nyɛ so—a yenhu mpo sɛ yɛreyɛ bɔne. (Romafo 3:23) Nanso, Onyankopɔn kɔ so hu yɛn mmɔbɔ. (Dwom 103:10-14; 130:3, 4) Ɔhwehwɛ sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho di no saa ara. (Mateo 6:14, 15; Efesofo 4:1-3) Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛreda ɔdɔ ‘a ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam’ adi.​—1 Korintofo 13:​4, 5; 1 Petro 3:​8, 9.

7. Sɛ yɛn nua bi wɔ asɛm bi tia yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

7 Ɛtɔ bere bi a yehu sɛ ɛwom sɛ yenni yɛn nua bi ho tan de, nanso na ɔno wɔ asɛm bi tia yɛn. Sɛnea 1 Petro 4:8 kyerɛ no, yebetumi de ‘ɔdɔ akata so.’ Anaasɛ yebetumi ne no akɔkasa na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛma asomdwoe asan aba yɛne no ntam.—Mateo 5:​23, 24.

8. Sɛ yɔnko gyidini bi yɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho?

8 Ebetumi aba sɛ yɔnko gyidini bi reyɛ biribi a ɛnyɛ wo nko na ɛhaw wo na mmom afoforo nso. So ɛrenyɛ papa sɛ wo ne no bɛkasa? Ebia ɛbɛyɛ papa saa. Sɛ w’ankasa kyerɛkyerɛ ɔhaw no mu kyerɛ no wɔ ayamye kwan so a, nneɛma pa betumi afi eyi mu aba. Nanso nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wubisa wo ho sɛ: ‘So ɔreyɛ biribi a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia ankasa? Anaasɛ ɔhaw no fi me nsɛm tebea ne me ntetee a ɛyɛ soronko wɔ ne de ho titiriw nti?’ Hwɛ yiye sɛ womfa w’ankasa gyinapɛn ahorow nsisi hɔ na wunnyina so mmu atɛn. (Yakobo 4:​11, 12) Yehowa gye nnipa a ɛsono wɔn nsɛm tebea nyinaa tom a animhwɛ biara nnim, na ɔtɔ ne bo ase ma wɔn bere a wɔrenyin wɔ honhom fam no.

9. (a) Henanom na wodi bɔne a anibere wom ho dwuma wɔ asafo no mu? (b) Bere bɛn na ɛyɛ nea wɔayɛ bɔne atia no no asɛyɛde sɛ odi kan yɛ ho biribi, na botae bɛn na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ saa?

9 Sɛ asafo no muni bi de ne ho hyɛ bɔne a anibere wom te sɛ ɔbrasɛe mu a, ɛho hia sɛ wodi ho dwuma ntɛm ara. Henanom na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma? Ɛyɛ mpanyimfo no. (Yakobo 5:14, 15) Nanso, sɛ wɔyɛ ankorankoro bi bɔne, sɛ ebia ɛfa anuanom ntam adwumam nsɛm anaa asɛm a wɔaka ma apira obi kɛse ho a, ɛnde ɛsɛ sɛ onii a wɔayɛ no bɔne no di kan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɔ nea wafom no no nkyɛn wɔ kokoam. (Mateo 18:​15) Sɛ ɛno amma asɛm no antwa a, ɛsɛ sɛ ɔfa akwan foforo so sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Mateo 18:16, 17 no. Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nua a wafom no ne ɔpɛ ankasa a yɛwɔ sɛ ‘yebenya’ no no bɛboa yɛn ma yɛayɛ eyi wɔ ɔkwan a ɛbɛka ne koma so.​—Mmebusɛm 16:23.

10. Sɛ ɔhaw bi sɔre a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahwɛ asɛm no yiye?

10 Sɛ ɔhaw bi sɔre a, sɛ́ ebia ɛyɛ kɛse anaasɛ ketewa no, sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte sɛnea Yehowa hu tebea no ase a, ɛboa yɛn. Ɔmpene bɔne biara so, na ne bere a ɛsɛ mu no, obeyi wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne a wɔnkyerɛ ahonu no afi n’ahyehyɛde no mu. Nanso, momma yɛnkae sɛ yɛn nyinaa yɛ bɔne nketenkete wɔ akwan pii so, na ehia sɛ oyi abodwokyɛre ne mmɔborohunu adi kyerɛ yɛn. Sɛ afoforo yɛ yɛn bɔne a, Yehowa ayɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesuasua. Sɛ yɛda mmɔborohunu adi a, na yɛreda ne dɔ adi.​—Efesofo 5:​1, 2.

Hwehwɛ Akwan a Wobɛfa So ‘Atrɛw Mu’

11. Dɛn nti na Paulo hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ ‘wɔntrɛw mu’ no?

11 Paulo de asram pii hyɛɛ asafo a na ɛwɔ Korinto, Hela, no den. Ɔyɛɛ adwumaden de boaa anuanom a wɔwɔ hɔ no, na ɔdɔɔ wɔn. Nanso na wɔn mu binom nnɔ no. Wɔkasa tiaa no kɛse. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔntrɛw’ ɔdɔ a woyi no adi kyerɛ no ‘mu.’ (2 Korintofo 6:​11-13; 12:15) Eye sɛ yɛn nyinaa besusuw faako a ɔdɔ a yeyi no adi kyerɛ afoforo no kodu no ho, na yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ‘atrɛw mu.’​—1 Yohane 3:14.

12. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya ɔdɔ a emu yɛ den ama yɛn asafo no mufo nyinaa?

12 So ebinom wɔ asafo no mu a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛbɛn wɔn? Sɛ yefi yɛn pɛ mu bɔ mmɔden sɛ yebebu yɛn ani agu nneɛma bi a wɔyɛ a yɛn ani nnye ho so—sɛnea yɛbɛpɛ sɛ wɔyɛ ma yɛn no—a, eyi betumi aboa ma abusuabɔ a ɛda yɛne wɔn ntam no mu ayɛ den. Sɛ yɛhwehwɛ su pa a wɔwɔ na yɛde yɛn adwene si eyinom so a, sɛnea yɛte nka wɔ wɔn ho no nso betumi atu mpɔn. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no mu ayɛ den.​—Luka 6:​32, 33, 36.

13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi atrɛw ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ yɛn asafo no mufo no mu?

13 Yegye tom sɛ anohyeto wɔ nneɛma a yebetumi ayɛ ama afoforo no mu. Ebia yɛrentumi nkyia obiara wɔ asafo nhyiam biara ase. Ebia ɛrentumi nyɛ yiye sɛ bere a yɛto nsa frɛ yɛn nnamfo ma wɔabedidi no, yebetumi afrɛ obiara. Nanso, so yebetumi atrɛw mu denam simma kakraa bi a yebegye de ahu obi a ɔwɔ yɛn asafo no mu yiye? So yebetumi ato nsa afrɛ obi a yennim no yiye ma yɛne no ayɛ asɛnka adwuma bere ne bere mu?

14. Sɛ yɛwɔ anuanom Kristofo a yenhyiaa wɔn da mu a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ɔdɔ a emu yɛ den adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho?

14 Kristofo nhyiam akɛse ma yenya hokwan ahorow a eye a ɛbɛma yɛatrɛw yɛn dɔ mu. Ebia na nnipa mpempem pii aba ase. Yɛrentumi nkyia wɔn nyinaa, nanso yebetumi ayɛ yɛn ade wɔ ɔkwan bi so a ɛkyerɛ sɛ yɛde wɔn yiyedi di yɛn ahotɔ anim. Sɛ yɛpɔn na yɛrekogye yɛn ahome a, yebetumi akyerɛ wɔn ho anigye denam di a yebedi kan akyia wɔn a wɔtete yɛn nkyɛn no so. Da bi bɛba a, wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛyɛ anuanom a wɔayɛ biako resom nokware Nyankopɔn ne yɛn nyinaa Agya no. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yebehu yɛn ho yɛn ho! Ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma wɔn no bɛka yɛn ma yɛanya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ saa. Dɛn nti na wumfi ase mprempren?

Asɛm no mu Ntĩmu

• Sɛ ɔhaw sɔre Kristofo ntam a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma, na dɛn ntia?

• Bere a yɛrenyin wɔ honhom fam no, akwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ no nso nyin?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ɔdɔ a emu yɛ den adi akyerɛ wɔn a wɔnyɛ yɛn nnamfo paa no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 148 mfonini]

Wɔda Kristofo dɔ adi wɔ akwan pii so, te sɛ asafo nhyiam horow ase