Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea W’asubɔ no Kyerɛ

Nea W’asubɔ no Kyerɛ

Ti Dumien

Nea W’asubɔ no Kyerɛ

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ma nsu mu asubɔ ho hia no?

WƆ AFE 29 Y.B. mu no, Yohane Osuboni no bɔɔ Yesu asu wɔ Yordan Asubɔnten mu. Ná Yehowa ankasa rehwɛ na ɔpenee so. (Mateo 3:​16, 17) Yesu nam saayɛ so yɛɛ nhwɛso a na n’asuafo nyinaa bedi akyi. Mfirihyia abiɛsa ne fã akyi no, Yesu de akwankyerɛ yi maa n’asuafo sɛ: ‘Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.’ (Mateo 28:​18, 19) So wɔabɔ wo asu ma ɛne nea Yesu kyerɛe wɔ hɔ no ahyia? Sɛ ɛnte saa a, so woresiesie wo ho ayɛ saa?

2. Ɛdefa asubɔ ho no, nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yenya ho mmuae?

2 Ne nyinaa mu no, asubɔ ho ntease a emu da hɔ ho hia ma obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa na ɔtra ase wɔ ne trenee wiase foforo no mu no. Nsɛmmisa a ɛfata sɛ yenya ho mmuae no bi ne eyinom: So asu a Kristofo bɔ nnɛ no kura ntease koro no ara te sɛ Yesu de no? Dɛn na ‘Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu’ a wɔbɛbɔ obi asu no kyerɛ? Dɛn na ɛwɔ ase a yɛbɛtra ma ɛne nea Kristofo nsu mu asubɔ kyerɛ ahyia no mu?

Yohane Asubɔ

3. Henanom na na Yohane asubɔ no yɛ wɔn de?

3 Bɛyɛ asram asia ansa na wɔrebɔ Yesu asu no, Osuboni Yohane kɔɔ Yudea sare so kɔkaa asɛm no sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 3:​1, 2) Nkurɔfo tee nea Yohane kae no na wotiei. Wɔkaa wɔn bɔne kyerɛe pefee, nuu wɔn ho, na afei wɔbaa Yohane nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Yordan Asubɔnten mu. Ná saa asubɔ no yɛ Yudafo de.​—Luka 1:​13-16; Asomafo no Nnwuma 13:​23, 24.

4. Dɛn nti na na ɛho hia kɛse sɛ Yudafo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu no sakra wɔn adwene?

4 Na saa Yudafo no hia adwensakra kɛse. Na wɔn agyanom ne Yehowa Nyankopɔn ayɛ ɔman apam—nhyehyɛe—bi wɔ afe 1513 A.Y.B. mu wɔ Bepɔw Sinai so. Nanso esiane wɔn nneyɛe bɔne a wɔdaa no adi pefee nti, wɔanni asɛyɛde a na wɔwɔ wɔ saa apam no ase no ho dwuma ma enti ebuu wɔn fɔ. Ebeduu Yesu bere so no, na wɔn tebea no mu ayɛ den. Na “Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu” a Malaki kaa ho asɛm siei no abɛn. Saa “da” no bae wɔ afe 70 Y.B. mu, bere a Roma asraafo sɛee Yerusalem, n’asɔrefie, ne Yudafo bɛboro ɔpepem biako no. Wɔsomaa Osuboni Yohane a na ɔbɔ nokware som ho mmɔden no dii saa ɔsɛe no anim “na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama [Yehowa].” Na ehia sɛ wonu wɔn ho wɔ bɔne a na wɔayɛ atia Mose Mmara apam no ho na wosiesie wɔn ho sɛ wobegye Onyankopɔn Ba, Yesu, a na Yehowa resoma no aba wɔn nkyɛn no atom.—Malaki 4:​4-6; Luka 1:17; Asomafo no Nnwuma 19:4.

5. (a) Bere a Yesu bae sɛ wɔmmɔ no asu no, dɛn nti na Yohane bisaa ho asɛm? (b) Dɛn na Yesu nsu mu asubɔ no yɛɛ ho sɛnkyerɛnne?

5 Na Yesu ankasa ka wɔn a wɔbaa Yohane nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu no ho. Dɛn ntia? Esiane sɛ na Yohane nim sɛ Yesu nni bɔne a ɔbɛka akyerɛ nti, ɔkae sɛ: “Me mmom a ehia me sɛ wobɔ me asu no na woba me nkyɛn yi?” Nanso na Yesu asubɔ no bɛyɛ biribi soronko ho sɛnkyerɛnne. Enti Yesu buae sɛ: “Mprempren de, ma ho kwan, na saa na ɛsɛ yɛn sɛ yɛma trenee nyinaa wie pɛyɛ.” (Mateo 3:​13-15) Esiane sɛ na Yesu nni bɔne nti na n’asubɔ no rentumi nyɛ bɔne ho adwensakra ho sɛnkyerɛnne; na saa ara na na enhia nso sɛ ohyira ne ho so ma Onyankopɔn, efisɛ na ɔyɛ ɔman a wɔahyira so ama Yehowa dedaw muni. Mmom no, n’asubɔ wɔ bere a na wadi mfirihyia 30 no yɛɛ ne ho a na ɔde rema ne soro Agya sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ N’apɛde ho sɛnkyerɛnne.

6. Ná Yesu bu Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ no aniberesɛm dɛn?

6 Onyankopɔn apɛde a na ɛwɔ hɔ ma Kristo Yesu no fa Ahenni adwuma no ho. (Luka 8:1) Na ɛfa ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde bɛbɔ afɔre sɛ agyede ne nea na apam foforo no begyina so ho nso. (Mateo 20:28; 26:26-28; Hebrifo 10:​5-10) Yesu buu nea ne nsu mu asubɔ no yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no aniberesɛm paa. Wamma nneɛma foforo antwetwe n’adwene. Ɔde ne ho bataa Onyankopɔn apɛdeyɛ ho, de Onyankopɔn Ahenni ho asɛnka no yɛɛ n’adwuma titiriw, koduu n’asase so asetra awiei.​—Yohane 4:34.

Kristofo Asuafo Nsu Mu Asubɔ

7. Efi Pentekoste 33 Y.B. no, dɛn na wɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ wɔnyɛ wɔ asubɔ ho?

7 Yohane bɔɔ Yesu asuafo a wodi kan no asu wɔ nsu mu, na afei ɔkyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ Yesu nkyɛn sɛ wɔn a wɔbɛyɛ ɔsoro Ahenni no mufo. (Yohane 3:25-30) Wɔ Yesu akwankyerɛ ase no, asuafo yi nso bɔɔ ebinom asu a na ekura atirimpɔw koro no ara te sɛ Yohane asubɔ no. (Yohane 4:1, 2) Nanso, efi Pentekoste 33 Y.B. mu no, wofii ase dii ahyɛde a ɛne sɛ wɔmmɔ asu ‘nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu’ no ho dwuma. (Mateo 28:19) Wubehu sɛ mfaso wɔ so paa sɛ wobɛhwehwɛ nea na ɛno kyerɛ no mu.

8. Dɛn na asu a wɔbɛbɔ obi wɔ ‘Agya no din mu’ no kyerɛ?

8 Dɛn na asu a wɔbɛbɔ ‘ahyɛ Agya no din mu’ no kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ wubegye ne din, dibea, tumi, atirimpɔw, ne ne mmara atom. Susuw nea eyi kyerɛ no ho hwɛ. (1) Ɛdefa ne din ho no, Dwom 83:18 ka sɛ: “Wo a wo din de [Yehowa, NW] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” (2) Ɛdefa ne dibea ho no, 2 Ahene 19:15 ka sɛ: ‘Yehowa wo nko ne nokware Nyankopɔn.’ (3) Ne tumi ho no, Adiyisɛm 4:11 ka kyerɛ yɛn sɛ: “[Yehowa, NW], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wopɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” (4) Ɛsɛ sɛ yegye tom nso sɛ Yehowa ne yɛn Nkwamafo a wabɔ ne tirim sɛ obegye yɛn afi bɔne ne owu mu: “[Yehowa, NW] na nkwagye wɔ no.” (Dwom 3:8; 36:9) (5) Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Yehowa ne Mmarahyɛfo Kunini: “[Yehowa, NW] ne yɛn temmufo, [Yehowa, NW] ne yɛn mmarahyɛfo, [Yehowa, NW] ne yɛn hene.” (Yesaia 33:22) Esiane sɛ okura saa dibea horow yi nyinaa nti, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!”—Mateo 22:37.

9. Dɛn na asu a wɔbɛbɔ obi wɔ ‘Ɔba no din mu’ no kyerɛ?

9 Dɛn na asu a wɔbɔ wɔ ‘Ɔba no din mu’ no kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ yebegye Yesu Kristo din, ne dibea, ne ne tumi atom. Ne din, Yesu, no kyerɛ “Yehowa Ne Nkwagye.” Onya ne dibea fi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔne Onyankopɔn Ba a wɔwoo no koro, Onyankopɔn abɔde mfiase, no mu. (Mateo 16:16; Kolosefo 1:15, 16) Yohane 3:16 ka Ɔba yi ho asɛm sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” Esiane sɛ Yesu wuu nokwaredi mu nti, Onyankopɔn nyanee no fii awufo mu maa no tumi foforo. Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ no, Onyankopɔn ‘maa Yesu so kɛse’ wɔ amansan yi mu, a Yehowa nkutoo na ɔsen no. Ɛno nti na ‘Yesu din mu na nkotodwe nyinaa bɛkotow, na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka sɛ Yesu Kristo ne Awurade ama agya Nyankopɔn anuonyam no.’ (Filipifo 2:9-11) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedi Yesu ahyɛde ahorow a efi Yehowa ankasa hɔ no so.—Yohane 15:10.

10. Dɛn na asu a wɔbɛbɔ wɔ ‘honhom kronkron din mu’ no kyerɛ?

10 Dɛn na asu a wɔbɛbɔ obi wɔ ‘honhom kronkron din mu’ no kyerɛ? Ɛkyerɛ honhom kronkron no dwumadi a obegye atom. Na dɛn ne honhom kronkron no? Ɛyɛ Yehowa adeyɛ tumi a ɔde di n’atirimpɔw ahorow ho dwuma. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Mebisa agya no, na wama mo okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtra daa: nokware honhom . . . no.” (Yohane 14:16, 17) Dɛn na na eyi bɛma wɔatumi ayɛ? Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Sɛ honhom kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) Yehowa nam honhom kronkron no so nso na ɛma wɔkyerɛw Bible no: ‘Adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na Onyankopɔn nnipa kronkron no, sɛnea honhom kronkron de wɔn rekɔ no na wɔkasae.’ (2 Petro 1:21) Enti sɛ yesua Bible no a na yegye dwuma a honhom kronkron no di no tom. Ɔkwan foforo a yɛfa so gye honhom kronkron no tom ne sɛ yɛbɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnsow “honhom aba” a ɛne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, [ahosodi, NW].”—Galatifo 5:22, 23.

11. (a) Kristofo nsu mu asubɔ a ɛwɔ hɔ nnɛ no kyerɛ dɛn ankasa? (b) Ɔkwan bɛn so na asubɔ te sɛ owu ne owusɔre?

11 Wɔn a wodii kan bɔɔ wɔn asu ma ɛne akwankyerɛ ahorow a Yesu de mae no hyiae no yɛ Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo, na efii ase wɔ afe 33 Y.B. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔtrɛw hokwan a na wobenya abɛyɛ Kristofo asuafo no mu duu Samariafo mu. Afei, wɔ afe 36 Y.B. mu no, wɔtrɛw mu ma eduu Amanaman mufo a wontwaa twetia mu. Ansa na wɔbɛbɔ Samariafo ne Amanaman mufo asu no, na ɛsɛ sɛ wɔn ankasa hyira wɔn ho so ma Yehowa koraa sɛ wɔbɛsom no sɛ ne Ba no asuafo. Eyi da so yɛ nea Kristofo nsu mu asubɔ no kyerɛ ma obiara de besi yɛn nnɛ da yi. Nsu ase koraa a wɔde obi hyɛ no yɛ obi ho so a ohyira yi ho sɛnkyerɛnne a ɛfata, efisɛ asubɔ yɛ sie a wosie obi ho sɛnkyerɛnne. Nsu ase a wɔde wo hyɛ bɔ wo asu no gyina hɔ ma wu a wuwu ma wo kan asetra. Nsu no mu a wufi no yɛ nkwa mu a woba sɛ worebɛyɛ Onyankopɔn apɛde ho sɛnkyerɛnne. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛyɛ nokware Kristofo nyinaa nya saa “asubɔ biako” yi. Wɔnam asubɔ so bɛyɛ Yehowa Adansefo Kristofo a Onyankopɔn ahyɛ wɔn asomfo.​—Efesofo 4:5; 2 Korintofo 6:​3, 4.

12. Dɛn na Kristofo nsu mu asubɔ yɛ ne nsɛso, na ɛyɛ ne nsɛso wɔ ɔkwan bɛn so?

12 Asubɔ a ɛte saa som bo kɛse wɔ Onyankopɔn anim. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔsomafo Petro kaa adaka a Noa pamee a ɛno mu na wɔkoraa ɔne n’abusua so faa Nsuyiri no mu no ho asɛm akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: ‘Ɛno na afei ne nsɛso gye mo nso nkwa; ɛne asubɔ a ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔre nti yɛnam so yɛ Onyankopɔn de.’ (1 Petro 3:21) Adaka no yɛ ade a edi adanse ankasa sɛ na Noa ayɛ adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ ne nsa no nokwaredi mu. Bere a wowiee adaka no ho adwuma no, “nsu yirii wiase a ɛwɔ bere no so no ma ɛsɛee.” (2 Petro 3:6) Nanso, Noa ne n’abusua, “akra kakraa a wosi baawɔtwe nyaa nkwa nsu no mu.”—1 Petro 3:20.

13. Dɛn na wɔnam nsu mu asubɔ so gye Kristoni fi mu?

13 Ɛnnɛ, wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa denam Kristo a wɔanyan no mu gyidi so no bɔ asu de yɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. Wɔkɔ so yɛ Onyankopɔn apɛde a ɛwɔ hɔ ma ne nkoa wɔ yɛn bere yi so no, na wogye wɔn nkwa fi mprempren wiase bɔne yi mu. (Galatifo 1:​3, 4) Wɔne mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no nkɔ ɔsɛe mu bio. Wɔagye wɔn afi eyi mu na Onyankopɔn ama wɔanya ahonim pa. Ɔsomafo Yohane ma Onyankopɔn asomfo awerɛhyem sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

Yɛn Asɛyɛde Ahorow Ho Dwuma a Yebedi

14. Dɛn nti na asu a obi bɔ no nkutoo nkyerɛ sɛ wobegye no nkwa?

14 Ɛbɛyɛ mfomso sɛ wubesusuw sɛ asu a wɔbɛbɔ wo no nkutoo kyerɛ sɛ wubenya nkwagye. Sɛ obi nam Yesu Kristo so ahyira ne ho so ama Yehowa nokwarem na ɛno akyi ɔyɛ Onyankopɔn apɛde, na odi nokware kodu awiei nkutoo a, ɛnna ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so. “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.”​—Mateo 24:13.

15. (a) Dɛn ne Onyankopɔn apɛde a ɛwɔ hɔ ma Kristofo a wɔagye asubɔ nnɛ no? (b) Ɛsɛ sɛ Kristofo asuafoyɛ no ho hia yɛn dɛn wɔ yɛn asetra mu?

15 Nea ɛka Onyankopɔn apɛde a na ɛwɔ hɔ ma Yesu ho ne sɛnea ɔde ne nkwa dii dwuma sɛ ɔdesani no. Na ɛsɛ sɛ ɔde to hɔ wɔ owu mu sɛ afɔrebɔde. Wɔ yɛn fam no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nipadua ma Onyankopɔn, na yɛtra ase de yɛn ho bɔ afɔre denam Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ so. (Romafo 12:​1, 2) Ɛda adi sɛ sɛ yɛboapa bɔ yɛn bra te sɛ wiase a atwa yɛn ho ahyia no nna bi, anaasɛ yɛde yɛn asetra di pɛsɛmenkominya nneɛma akyi bere a yɛyɛ Onyankopɔn som adwuma no bi ne bi a, na ɛnyɛ Onyankopɔn apɛde na yɛreyɛ. (1 Petro 4:​1-3; 1 Yohane 2:​15, 16) Bere a Yudani bi bisaa nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama wanya daa nkwa no, Yesu kaa hia a abrabɔ a ɛho tew ho hia ho asɛm. Na afei ɔkyerɛɛ biribi foforo a ɛho hia sen saa mpo: hia a ehia sɛ obi yɛ Kristoni suani, Yesu kyidifo. Ɛno na ɛsɛ sɛ ɛyɛ asetra mu ade titiriw. Ɛrentumi mmɛyɛ ade a ɛto so abien wɔ honam fam nneɛma akyidi akyi.​—Mateo 19:​16-21.

16. (a) Ahenni no ho asɛyɛde bɛn na Kristofo nyinaa wɔ? (b) Sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ kratafa 116 ne 117 no, akwan a etu mpɔn a yebetumi afa so ayɛ Ahenni adwuma no bi ne nea ɛwɔ he? (d) Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu nya adansedi adwuma no mu kyɛfa a, edi dɛn ho adanse?

16 Ɛsɛ sɛ yesi so dua bio sɛ na Onyankopɔn Ahenni ho adwuma ka Onyankopɔn apɛde a ɛho hia a na ɛsɛ sɛ Yesu yɛ no ho. Na wɔasra Yesu ankasa sɛ ɔbɛyɛ Ɔhene. Nanso bere a ɔwɔ asase so no ɔde nsi dii Ahenni no ho adanse nso. Yɛwɔ adansedi adwuma a ɛte saa ara a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yefi koma nyinaa mu yɛ. Yɛnam saayɛ so da anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa tumidi ne ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko nnipa no adi. (Mateo 22:36-40) Afei nso yɛda no adi sɛ biakoyɛ wɔ yɛne yɛn mfɛfo asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa, a wɔn nyinaa yɛ Ahenni adawurubɔfo no ntam. Yɛn nyinaa de biakoyɛ pere kɔ botae a ɛne daa nkwa a yebenya wɔ Ahenni no mu wɔ asase so no ho.

Asɛm no mu Ntĩmu

• Nsɛdi ne nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Yesu asubɔ no ne nnɛyi nsu mu asubɔ no mu?

• Dɛn na asu a wɔbɛbɔ obi wɔ ‘Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu’ no kyerɛ?

• Dɛn na ɛwɔ Kristofo nsu mu asubɔ no ho asɛyɛde ahorow ho dwuma a yebedi no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 116, 117]

AKWAN BI A WUBETUMI AFA SO ABƆ AHENNI NO DAWURU

Wɔ apon ano

Ka kyerɛ abusuafo

Ka kyerɛ w’adwumamfo

Ka kyerɛ wo sukuufo

Ka no mmɔnten so

Denam anigyefo a wobɛsan akɔsra wɔn so

Wɔ ofie Bible adesua mu