Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yesua Fi Bɔne a Onyankopɔn Ama Ho Kwan no Mu

Nea Yesua Fi Bɔne a Onyankopɔn Ama Ho Kwan no Mu

Ti Ason

Nea Yesua Fi Bɔne a Onyankopɔn Ama Ho Kwan no Mu

1, 2. (a) Sɛ Yehowa kum atuatewfo no ntɛm ara wɔ Eden a, anka ɔkwan bɛn so na ɛbɛka yɛn? (b) Nsiesiei a ɔdɔ wom bɛn na Yehowa ayɛ ama yɛn?

TETE agya Yakob kae sɛ: “Me nkwa mfirihyia mu nna yɛ kakraa bi ne amane nko.” (Genesis 47:9) Saa ara na Hiob kae sɛ onipa “nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Te sɛ wɔn no, yɛn mu dodow no ara ahyia nsɛnnennen, ntɛnkyea, ne asiane ahorow. Nanso, wo a wɔwoo yɛn no nyɛ atɛnkyea wɔ Onyankopɔn fam. Nokwarem no, yenni adwene ne nipadua a ɛyɛ pɛ ne Paradise fie a na mfiase no Adam ne Hawa wɔ no bi. Na sɛ anka Yehowa kum wɔn ntɛm ara bere a wɔtew atua no nso ɛ? Ɛwom sɛ anka yare, awerɛhow, anaa owu biara rentra hɔ de, nanso anka yɛrennya adesamma abusua biara nso. Anka wɔrenwo yɛn nso. Onyankopɔn fi mmɔborohunu mu maa Adam ne Hawa bere ma wɔde woo mma, ɛwom sɛ eyinom nyaa sintɔ fii awo mu de. Yehowa nam Kristo so yɛɛ nhyehyɛe maa yɛn na ama yɛasan anya nea Adam hweree no—daa nkwa wɔ paradise asase so.—Yohane 10:10; Romafo 5:​12.

2 Na hwɛ sɛnea ɛyɛ nkuranhyɛ ma yɛn sɛ yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ wiase foforo no mu wɔ Paradise tebea mu, faako a yɛbɛde yɛn ho afi ɔyare, awerɛhow, ɛyaw, owu, ne nnipa abɔnefo ho! (Mmebusɛm 2:​21, 22; Adiyisɛm 21:​4, 5) Nanso, yehu fi Bible kyerɛwtohɔ mu sɛ bere a yɛn ankasa nkwagye ho hia kɛse ma yɛne Yehowa no, biribi a ɛho hia sen saa ho asɛm wom.

Esiane Ne Din Kɛse no Nti

3. Dɛn na ɛho asɛm wɔ Yehowa atirimpɔw a ɛfa asase no ne adesamma ho no mmamu no mu?

3 Onyankopɔn din ho asɛm wɔ n’atirimpɔw a ɛfa asase no ne adesamma ho a ɛbɛba mu no mu. Saa din no, Yehowa, kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Enti, ne din da no adi sɛ Amansan Hene, Atirimpɔw Wura, ne nokware Nyankopɔn. Esiane Yehowa dibea nti, sɛ asomdwoe ne yiyedi bɛba amansan yi nyinaa mu a ɛhwehwɛ sɛ yɛde obu a ɛfata koraa ma ne din ne nea edin no gyina hɔ ma no, na yɛyɛ osetie ma no.

4. Na dɛn na ɛka Yehowa atirimpɔw ma asase no ho?

4 Bere a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa akyi no, ɔmaa wɔn adwuma sɛ wɔnyɛ. Ɔdaa no adi sɛ na ɛnyɛ n’atirimpɔw nko ne sɛ wobedi asase no nyinaa so—sɛ wɔnam saayɛ so bɛtrɛw Paradise no mu—na mmom sɛ wɔde wɔn asefo bɛhyɛ so ma nso. (Genesis 1:28) Esiane wɔn bɔne nti so na saa atirimpɔw yi bɛyɛ ɔkwa? Sɛ ade nyinaa so tumfoɔ Yehowa antumi amma n’atirimpɔw a ɛfa asase yi ne adesamma ho amma mu a, hwɛ ahohorabɔ a anka ɛbɛba ne din so!

5. (a) Sɛ nnipa a wodi kan no di papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no aba no bi a, na bere bɛn na wobewu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa n’asɛm a ɛwɔ Genesis 2:17 nyaa mmamu bere a na ɔrekyerɛ obu ama n’atirimpɔw a ɛfa asase ho no?

5 Ná Yehowa abɔ Adam ne Hawa kɔkɔ sɛ, sɛ wɔyɛ asoɔden di papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no so aba no bi a, ‘da’ a wobedi bi no wobewu. (Genesis 2:17) Sɛnea Onyankopɔn asɛm kae no, da no ara a wɔyɛɛ bɔne no, Yehowa dii wɔn asɛm buu wɔn kumfɔ. Onyankopɔn fam no, Adam ne Hawa wuu saa da no ara. Nanso, nea ɛbɛyɛ na Yehowa ama atirimpɔw a ɛfa asase ho no abam no, ɔma wonyaa abusua ansa na wɔrewu. Nanso, esiane sɛ Onyankopɔn betumi abu mfirihyia 1,000 sɛ da koro nti, bere a Adam wui a na wadi mfe 930 no, na ɛyɛ “da” koro mu. (2 Petro 3:8; Genesis 5:3-5) Enti esii so dua sɛ Yehowa dii nokware wɔ bere a na ɔde asotwe bɛma no ho, wɔn wu no ansiw n’atirimpɔw kwan. Nanso, wama nnipa a wɔnyɛ pɛ a abɔnefo ka ho kwan ma wɔatra ase bere bi.

6, 7. (a) Sɛnea Exodus 9:​15, 16 kyerɛ no, dɛn nti na Yehowa ama abɔnefo kwan ma wɔatra hɔ bere bi? (b) Wɔ Farao asɛm no mu no, ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ne tumi adi, na ɔkwan bɛn so nso na ɔma wohuu Ne din? (d) Sɛ mprempren nhyehyɛe bɔne no ba awiei a, dɛn na ɛbɛba?

6 Nea Yehowa ka kyerɛɛ Misraim sodifo no wɔ Mose bere so no san kyerɛ nea enti a Onyankopɔn ama abɔnefo akɔ so atra ase no. Bere a Farao siw Israel kwan sɛ ɔmma womfi Misraim nkɔ no, Yehowa antwa no ankyene ntɛm ara. Yehowa de Ɔhaw Du baa asase no so de daa ne tumi adi anwonwakwan so. Bere a na Yehowa de nea ɛto so ason no ho kɔkɔbɔ rema no, ɔka kyerɛɛ Farao sɛ anka Obetumi apopa ɔne ne manfo afi asase so ntɛm ara. Yehowa kae sɛ: “Nanso, eyi nti na mema wugyinaa hɔ sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.”​—Exodus 9:​15, 16.

7 Bere a Yehowa gyee Israel no, ne din hyetae ankasa. (Yosua 2:​1, 9-​11) Ɛnnɛ, bɛboro mfirihyia 3,500 akyi no, yɛn werɛ mfii nea ɔyɛe saa bere no. Ɛnyɛ Yehowa din no nko na wɔkaa ho asɛm, na mmom nokware a ɛfa Onii a saa din no da no so ho nso. Eyi maa edin a Yehowa wɔ sɛ Onyankopɔn a odi ne bɔhyɛ ahorow so na odi boa n’asomfo no daa adi. (Yosua 23:14) Ɛdaa adi nso sɛ ade nyinaa so tumi a ɔwɔ nti, biribiara ntumi nsiw n’atirimpɔw kwan. (Yesaia 14:24, 27) Enti yebetumi anya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ obedi aboa n’asomfo anokwafo denam Satan nhyehyɛe bɔne no nyinaa a ɔbɛsɛe no so. Yɛn werɛ remfi tumi a ɛsen biara a Yehowa da no adi ne anuonyam kɛse a ɛde brɛ ne din no da. Mfaso horow no to rentwa da.​—Hesekiel 38:23; Adiyisɛm 19:​1, 2.

‘O Onyankopɔn Nyansa Bun a Emu Dɔ!’

8. Nneɛma bɛn na Paulo hyɛ yɛn nkuran sɛ yensusuw ho?

8 Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu no, obisa sɛ: “So ade a ɛnteɛ wɔ Onyankopɔn hɔ?” Obuaa no pen sɛ: “Dabida!” Afei osii Onyankopɔn mmɔborohunu so dua na ɔtwee adwene sii nea Yehowa ka faa Farao a ɔmaa no traa ase kyɛe kakra ho no so. Paulo san kae sɛ yɛn a yɛyɛ nnipa no te sɛ dɔte wɔ ɔnwemfo nsam. Afei ɔkae sɛ: “Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumidi, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu, sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no so a, wobɛka dɛn? Sɛ wɔafrɛ yɛn nso nen, ɛnyɛ Yudafo nko mu, na amanaman mu nso.”​—Romafo 9:​14-24.

9. (a) Henanom ne “abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no”? (b) Dɛn nti na Yehowa ada abodwokyɛre kɛse adi n’asɔretiafo anim, na ɔkwan bɛn so na nea ebefi mu aba awiei koraa no bɛyɛ mfaso ama wɔn a wɔdɔ no?

9 Efi bere a wɔtew atua wɔ Eden no, obiara a wasɔre atia Yehowa ne ne mmara no ayɛ “abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe.” Efi saa bere no nyinaa no, Yehowa anya abodwokyɛre. Abɔnefo adi n’akwan ho fɛw, ataa ne nkoa, na wokum ne Ba mpo. Esiane sɛ Yehowa ada ahosodi kɛse adi nti, wama abɔde nyinaa bere a ɛsɛ a wɔde behu nneɛma bɔne a afi atua a wɔtew tia Onyankopɔn ne nnipa nniso a ɛkwati no nyinaa mu aba. Bere koro no ara no, Yesu wu no ma wonyaa ɔkwan a wɔbɛfa so agye adesamma asoɔmmerɛfo na ‘wɔasɛe Ɔbonsam nnwuma.’​—1 Yohane 3:8; Hebrifo 2:​14, 15.

10. Dɛn nti na Yehowa akɔ so anya abɔnefo ho koma wɔ mfirihyia 1,900 a atwam no mu?

10 Wɔ bɛboro mfirihyia 1,900 a edi Yesu wusɔre akyi no mu no, Yehowa asan anya “abufuw ade” no ho koma, na ɔnsɛee no ɛ. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ, ɔresiesie wɔn a wɔbɛka Yesu Kristo ho wɔ ne soro Ahenni mu no. Eyinom dodow yɛ 144,000, na wɔne “mmɔborohunu ade” a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm no. Nea edi kan no, wɔtoo nsa frɛɛ nnipa a wɔyɛ Yudafo sɛ wɔmmɛyɛ ɔsoro kuw yi mufo. Akyiri yi Onyankopɔn too nsa frɛɛ Amanaman mufo. Yehowa nhyɛɛ wɔn mu biara sɛ ɔnsom no. Nanso ɔde hokwan ama wɔn a wɔde anisɔ agye ne dɔ nsiesiei atom no sɛ wɔne ne Ba no nyɛ yɔnko adedifo wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Mprempren aka kakraa bi na wɔasiesie ɔsoro kuw no awie.​—Luka 22:29; Adiyisɛm 14:​1-4.

11. (a) Kuw bɛn na mprempren wɔrenya Yehowa abodwokyɛre so mfaso?

11 Na wɔn a wɔbɛtra asase no so nso ɛ? Yehowa abodwokyɛre ama wɔatumi aboaboa “nnipakuw kɛse” ano afi amanaman nyinaa mu. Mprempren wɔyɛ ɔpepem pii. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ saa asase so kuw yi benya nkwa wɔ nhyehyɛe yi awiei na wobenya hokwan anya daa nkwa wɔ paradise asase so. (Adiyisɛm 7:​9, 10; Dwom 37:29; Yohane 10:16) Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, wobenyan awufo mpempem pii na wɔama wɔn hokwan a ɛbɛma wɔayɛ Onyankopɔn soro Ahenni no asase so nkoa. Onyankopɔn Asɛm ka siei wɔ Asomafo no Nnwuma 24:15 sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Yohane 5:​28, 29.

12. (a) Dɛn na abɔnefosɛm ho koma a Yehowa anya no ama yɛasua afi ne ho? (b) Wote nka dɛn wɔ sɛnea Yehowa adi saa nsɛm yi ho dwuma no ho?

12 So nsisi bi wɔ eyi mu? Dabi, efisɛ bere a Onyankopɔn twentwɛn sɛe a ɔbɛsɛe abɔnefo anaasɛ “abufuw ade” no ase no, na Ɔreda mmɔborohunu adi akyerɛ afoforo ma ɛne n’atirimpɔw ahyia. Eyi kyerɛ sɛnea ɔwɔ mmɔborohunu ne ɔdɔ. Afei nso, esiane sɛ yɛanya bere de ahwɛ Yehowa atirimpɔw a ɛreda adi no nti, yesua pii fa n’ankasa ho. Ne nipasu afã horow a ada adi​—n’atɛntrenee, ne mmɔborohunu, n’abodwokyɛre, ne ne nyansa dodow—yɛ yɛn nwonwa. Nyansa a Yehowa de adi amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no ho dwuma—hokwan a ɔwɔ sɛ odi tumi​—no bɛyɛ sɛnnahɔ daa sɛ ɔkwan a ɔfa so di tumi no ne nea eye sen biara. Yɛne ɔsomafo Paulo bom ka sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da.”​—Romafo 11:33.

Hokwan a Yɛde Bɛda Yɛn Ahofama Adi

13. Sɛ yɛn ankasa hu amane a, hokwan ahorow bɛn na ɛma yenya, na dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi ho dwuma nyansam?

13 Onyankopɔn asomfo pii wɔ tebea horow a ɛma wohu amane ankasa mu. Wɔkɔ so hu amane efisɛ Onyankopɔn nnya nsɛee abɔnefo na ɔde sie a obesiesie adesamma a aka a wɔkaa ho asɛm siei no aba. So ɛsɛ sɛ eyi ma yedi yaw? Anaasɛ yebetumi abu tebea horow a ɛte saa no sɛ hokwan ahorow a ɛbɛma yɛn nso yɛakyerɛ sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo? Sɛ yɛma abisade a edi so yi tra yɛn adwenem a, wobetumi ahyɛ yɛn den ma yɛayɛ saa: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” (Mmebusɛm 27:11) Satan a ɔbɔ Yehowa ahohora no kae sɛ, sɛ nkurɔfo hwere wɔn honam fam nneɛma anaasɛ wɔte yaw wɔ wɔn honam mu a, wɔbɛbɔ Onyankopɔn sobo na wɔadome no mpo. (Hiob 1:​9-11; 2:​4, 5) Sɛ yedi nokware wɔ amanehunu mu a, yɛma Yehowa koma tɔ ne yam na yɛkyerɛ sɛ nea Satan ka no nte saa wɔ yɛn fam.

14. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so bere a yehyia sɔhwɛ ahorow a, mfaso horow bɛn na yebetumi anya?

14 Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so bere a yehyia sɔhwɛ ahorow a, yebetumi anya su ahorow a ɛsom bo. Sɛ nhwɛso no, esiane amane a Yesu hui nti, “osuaa osetie” wɔ ɔkwan a na onnim da so. Yɛn nso yebetumi asua biribi afi yɛn sɔhwɛ ahorow mu ma yɛanya abodwokyɛre, boasetɔ, ne Yehowa akwantrenee ho anisɔ a emu dɔ.​—Hebrifo 5:​8, 9; 12:11; Yakobo 1:​2-4.

15. Sɛ yɛde boasetɔ gyina amanehunu ano a, ɔkwan bɛn so na afoforo betumi anya so mfaso?

15 Afoforo behu nea yɛyɛ. Esiane nea yehyia wɔ adetreneeyɛ ho dɔ a yɛwɔ nti, bere kɔ so no, ɛbɛma wɔn mu binom ahu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo nnɛ no. Na wɔnam biako a wɔne yɛn bɛyɛ wɔ ɔsom mu so betumi afata sɛ wobenya daa nkwa mu nhyira no bi. (Mateo 25:​34-36, 40, 46) Yehowa ne ne Ba no pɛ sɛ nkurɔfo nya saa hokwan no.

16. Yebu amanehunu a yɛn ankasa hyia a ɛfa biakoyɛ ho no dɛn?

16 Hwɛ sɛnea ɛfata bere a yebu tebea horow a emu yɛ den mpo sɛ hokwan ahorow a yɛde bɛda ahofama a yɛwɔ ma Yehowa no adi na yenya n’apɛde a wɔma ɛyɛ hɔ mu kyɛfa no! Saa a yɛbɛyɛ no betumi de adanse ama sɛ yɛne Onyankopɔn ne Kristo reyɛ biako. Yesu bɔɔ Yehowa mpae maa nokware Kristofo nyinaa sɛ: “Na ɛnyɛ eyinom nkutoo nti na mesrɛ, na wɔn a wɔnam wɔn asɛm so begye me adi nso nti, sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu.”​—Yohane 17:​20, 21.

17. Sɛ yedi Yehowa nokware a, ahotoso bɛn na yebetumi anya?

17 Sɛ yedi Yehowa nokware a, obetua yɛn ka pii. N’asɛm no ka sɛ: “Muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.” (1 Korintofo 15:58) Ɛsan ka sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.” (Hebrifo 6:10Yakobo 5:11 ka sɛ: “Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea [Yehowa, NW] ma ewiee no, sɛnea [Yehowa, NW] ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.” Dɛn na Hiob nyae? “[Yehowa, NW] hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase.” (Hiob 42:10-16) Yiw, Yehowa ‘yɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan wɔ nokware mu no katuafo.’ (Hebrifo 11:6) Na hwɛ akatua a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan—daa nkwa wɔ paradise asase so!

18. Dɛn na awiei koraa no ɛbɛba ɛyawdi biara a ebia yɛkae no so?

18 Onyankopɔn Ahenni nniso no besiesie nneɛma a wɔasɛe no wɔ adesamma abusua mu mfirihyia mpempem a atwam no nyinaa no. Anigye a yebenya saa bere no bɛboro amanehunu biara a yehyia no nnɛ. Amanehunu biara a yɛahyia wɔ bere a atwam no renhaw yɛn adwene. Nsɛm ne nneyɛe a ɛma denhyɛ a ɛbɛhyɛ nkurɔfo da biara asetram ma wɔ wiase foforo no mu no bɛpopa ɛyaw ho nkae no nkakrankakra. Yehowa ka sɛ: “Merebɔ ɔsoro foforo [ɔsoro nniso foforo a ebedi adesamma so], [ne asase foforo, NW] (adesamma abusua a wɔyɛ treneefo) na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti: na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw.” Yiw, wɔ Yehowa wiase foforo no mu no, treneefo betumi aka sɛ: “Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm: wɔma dwom so.”—Yesaia 14:7; 65:17, 18.

Asɛm no mu Ntĩmu

• Bere a Yehowa rema bɔne ho kwan no, ɔkwan bɛn so na wakyerɛ obu kɛse ama n’ankasa din?

• Ɔkwan bɛn so na “abufuw ade” ho koma a Onyankopɔn anya no ma otumi yii mmɔborohunu adi kyerɛɛ yɛn nyinaa?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu wɔ tebea horow a ɛfa amane a yɛn ankasa yehu ho no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 67 mfonini ahorow]

Yehowa “hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase”