Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn Asɛm no Mu Denneennen

So Onyankopɔn Asɛm no Mu Denneennen

Ti Abiɛsa

So Onyankopɔn Asɛm no Mu Denneennen

1. (a) Ɔkwan bɛn so na tete Israel huu nokware a Onyankopɔn asɛm yɛ no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

“MUNHU mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa aba mu ama mo.” (Yosua 23:14-​16) Eyi ne nea Yosua ka kyerɛɛ Israel mpanyimfo bere a wɔde wɔn traa Bɔhyɛ Asase no so akyi no. Yiw, Yehowa bɔhyɛ ahorow no yɛɛ nokware. Wɔkoraa saa kyerɛwtohɔ no—ne Bible no fã a aka nyinaa—so maa yɛn na ama ‘yɛanya anidaso.’​—Romafo 15:4.

2. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible no “fi Onyankopɔn home mu”? (b) Esiane sɛ yenim sɛ Bible no fi honhom mu nti, asɛyɛde bɛn na yɛwɔ?

2 Ɛwom sɛ nnipa a wɔyɛ nhoma akyerɛwfo bɛyɛ 40 na wɔma wɔkyerɛw Bible no de, nanso Yehowa ankasa ne ne Kyerɛwfo. So eyi kyerɛ sɛ n’ankasa na ɔkyerɛɛ biribiara a wɔkyerɛwee no kwan? Yiw. Ɔnam ne honhom kronkron, n’adeyɛ tumi a ɛyɛ den no so na ɛyɛɛ saa. Ɔsomafo Paulo kaa no nokware mu sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu . . . na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.” Nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa a wogye eyi di no tie nea Bible ka no na wɔtra ase ma ɛne emu nsɛm hyia.​—2 Timoteo 3:16, 17; 1 Tesalonikafo 2:13.

Boa Afoforo Ma Wonnye Nni

3. Dɛn ne ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so aboa nnipa pii a wonnye nni sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm no?

3 Nnipa a yɛne wɔn kasa no mu pii ne yɛn nyɛ adwene sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn? Mpɛn pii no, ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yebebue Bible no mu akyerɛ wɔn nea ɛwom. “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, . . . na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Hebrifo 4:12) “Onyankopɔn asɛm” nyɛ abakɔsɛm bi a ɛho nhia yɛn; ɛwɔ nkwa! Bible mu bɔhyɛ ahorow renya mmamu. Sɛnea Bible mu asɛm tumi kanyan obi koma ankasa no mu yɛ den koraa sen biribiara a yebetumi aka.

4. Bible mu nokware ahorow no mu nkyerɛkyerɛmu bɛn na ama nnipa binom su wɔ Bible no ho asakra, na dɛn ntia?

4 Onyankopɔn din a nnipa pii ahu no ama wɔahwehwɛ Bible no mu akɔ akyiri. Afoforo asi gyinae sɛ wobesua Bible no bere a yɛkyerɛɛ wɔn nea ɛka fa asetra atirimpɔw ho, nea enti a Onyankopɔn ma nsɛmmɔnedi ho kwan, nea nsɛm a esisi nnɛ no kyerɛ, anaa daa nkwa wɔ paradise asase so anidaso ho no. Wɔ nsase a ɔsom mu nneyɛe ahorow ama ahonhommɔne haw nkurɔfo so no, nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma wɔ nea ɛde eyi ba ne sɛnea yebenya ahotɔ ho no akanyan wɔn anigye. Dɛn nti na nnipa komapafo ani gye saa nsɛm yi ho? Efisɛ Bible no nkutoo na ɛka nsɛm a ɛyɛ nokware wɔ nsɛm a ɛtete saa no ho.​—Dwom 119:130.

5. (a) Sɛ obi ka sɛ onnye Bible no nni a, ebia na ɛyɛ dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa onipa a ɔte saa no?

5 Nanso, sɛ nkurɔfo ka kyerɛ yɛn sɛ wonnye Bible no nni nso ɛ? So ɛsɛ sɛ ɛde nkɔmmɔbɔ no ba awiei? Sɛ wɔpɛ sɛ wɔne yɛn susuw nsɛm ho a, ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Ebia na wobu Bible no sɛ Kristoman nhoma. Ebia ne nyaatwom ne ne ho a ɔde hyehyɛ amammuisɛm mu ho kyerɛwtohɔ, ne sika a ɔsrɛsrɛ bere nyinaa no na ama wɔn ani nnye Bible no ho. Dɛn nti na wummisa sɛ saa na ɛte anaa? Ebia kasa a Bible no kasa tia wiase no akwan a Kristoman nam so ne nsonsonoe a ɛda Kristoman ne nokware Kristosom ntam no bɛkanyan wɔn anigye.​—Mika 3:11, 12; Mateo 15:​7-9; Yakobo 4:4.

6. (a) Dɛn na ɛma w’ankasa wugye di sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm? (b) Nsɛm foforo bɛn na wubetumi de aboa nkurɔfo ma wɔahu sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ ampa?

6 Wɔ afoforo fam no, adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible no fi Onyankopɔn honhom mu no ho a mubesusuw tẽẽ no betumi aboa wɔn. Dɛn na ɛma wuhu pefee sɛ Bible no fi Yehowa Nyankopɔn hɔ? So ɛyɛ nea Bible no ankasa ka fa ne fibea ho no? Anaasɛ ɛyɛ nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ Bible no kura nkɔmhyɛ ahorow pii a ɛda daakye ho nsɛm a ɛkɔ akyiri adi, nkɔmhyɛ ahorow a ɛbɛyɛ sɛ efi obi a ɔkorɔn sen onipa hɔ no? (2 Petro 1:​20, 21) So ebia ɛyɛ Bible no mu nsɛm a ɛne ne ho hyia ma ɛyɛ nwonwa, ɛmfa ho sɛ nnipa 40 na wɔde mfirihyia bɛyɛ 1,600 kyerɛwee no? Anaasɛ ɛyɛ nyansahu ho asɛm a ɛka no pɛpɛɛpɛ ma ɛne nea saa bere no mu nhoma afoforo ka bɔ abira no? Anaasɛ ɛyɛ akyerɛwfo no nokwaredi no? Anaasɛ ɛyɛ kora a wɔkoraa so wɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛsɛe no nyinaa akyi no? Nea woahu sɛ ɛyɛ anigye wɔ ho biara no, wo nso wubetumi de aboa nnipa foforo. *

Yɛn Bible Akenkan

7, 8. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Bible no ho sɛ ankorankoro? (b) Dɛn na yehia sɛ yɛyɛ ka kokoam Bible akenkan ho? (d) So w’ankasa woanya Yehowa atirimpɔw ahorow ho ntease?

7 Wɔ afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔagye Bible no adi akyi no, ehia sɛ yɛn ankasa gye bere kenkan daa. So woreyɛ saa? Wɔ nhoma ahorow a wɔakyerɛw nyinaa mu no, eyi na ɛho hia sen biara. Ɛwom, ɛnkyerɛ sɛ, sɛ yɛn nkutoo kenkan a yenhia biribi foforo biara bio. Kyerɛwnsɛm no bɔ kɔkɔ wɔ yɛn ho a yɛbɛtwe afi afoforo ho no ho. Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ yɛnam nhwehwɛmu a yɛn nkutoo bɛyɛ so betumi ahu biribiara. Sɛ yɛbɛyɛ Kristofo a wɔkari pɛ a, kokoam adesua ne Onyankopɔn nkurɔfo nhyiam horow a yɛbɛkɔ ho hia.​—Mmebusɛm 18:1; Hebrifo 10:​24, 25.

8 Ɛdefa eyi ho no, Bible no ka Etiopiani panyin bi a na ɔrekenkan Yesaia nkɔmhyɛ no ho asɛm. Ɔbɔfo bi maa Kristoni ɔsɛnkafo Filipo bisaa ɔbarima no sɛ: “So wote nea wokan yi ase anaa?” Etiopiani no de ahobrɛase buae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me?” Ɔhyɛɛ Filipo sɛ ɔnkyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu nkyerɛ no. Ná Filipo nyɛ obi a ne nkutoo kenkan Bible no na ɔkyerɛ n’adwene wɔ Kyerɛwnsɛm no ho kɛkɛ. Ɔne Onyankopɔn ahyehyɛde no bɔe kɛse. Enti na obetumi aboa Etiopiani no ma wanya nkyerɛkyerɛ a na Yehowa nam saa ahyehyɛde no so de rema no. (Asomafo no Nnwuma 6:​5, 6; 8:​5, 26-35) Saa ara na nnɛ nso obiara nni hɔ a ne nkutoo betumi anya Yehowa atirimpɔw ahorow ho ntease a ɛteɛ. Yɛn nyinaa hia mmoa a Yehowa fi ɔdɔ mu de fa n’ahyehyɛde a aniwa hu no so de ma no.

9. Bible akenkan ho nhyehyɛe bɛn na yɛn nyinaa betumi anya so mfaso?

9 Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛate Bible no ase no, Yehowa ahyehyɛde no de Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a etu mpɔn ma wɔ nhoma ahorow mu. Afei nso, wɔayɛ daa Bible akenkan ho nhyehyɛe ama yɛn wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no mu. Yebetumi anya mfaso kɛse afi Kyerɛw Kronkron no a yɛn ankasa bɛhwehwɛ mu no mu. (Dwom 1:​1-3; 19:​7, 8) Bɔ mmɔden paa sɛ wobɛkenkan Bible no daa. Ɛwom sɛ wonte biribiara ase nwie de, nanso wubenya mfaso kɛse afi Kyerɛwnsɛm no ho adwene a edi mu a wubenya no mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ wokenkan Bible no nkratafa anan anaa anum pɛ da biara a, wubetumi de bɛyɛ afe biako akenkan awie.

10. (a) Bere bɛn na woyɛ wo Bible akenkan? (b) Henanom na ɛsɛ sɛ wode wɔn ka wo Bible akenkan ho, na dɛn nti na kenkan a wobɛkenkan daa no ho hia?

10 Bere bɛn na wubetumi ayɛ wo Bible akenkan? Sɛ wuyi simma 10 anaa 15 si hɔ de yɛ da biara a, wubenya so mfaso kɛse. Sɛ anyɛ yiye saa a, anyɛ yiye koraa no yɛ bere pɔtee bi ho nhyehyɛe fa yɛ dapɛn biara, na di saa nhyehyɛe no so. Sɛ woaware a, wo ne wo hokafo no betumi akenkan Bible no den akyerɛ mo ho mo ho. Sɛ mowɔ mma a wɔanyin sɛnea wobetumi akenkan ade a, mubetumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔn mu biara akenkan bi. Ɛsɛ sɛ Bible akenkan yɛ ade a woyɛ no daa wo nkwa nna nyinaa mu te sɛ adidi. Sɛnea wunim no, sɛ obi ntumi nnidi yiye a, n’akwahosan bɛsɛe. Saa ara na yɛn honhom fam akwahosan, ne daa nkwa a yebenya gyina ‘asɛm biara a efi Yehowa anom’ a yebedi no daa no so.​—Mateo 4:4.

Yɛn Botae

11. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae wɔ Bible akenkan ho?

11 Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae wɔ Bible akenkan ho? Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkenkan nkratafa dodow bi ara kwa. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebehu Onyankopɔn yiye na yɛatumi ama ɔdɔ a yɛwɔ ma no no ayɛ kɛse na yɛasom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. (Yohane 5:​39-​42) Ɛsɛ sɛ yɛn su yɛ te sɛ Bible kyerɛwfo a ɔkaa eyi de no: “[Yehowa, NW], kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so.”​—Dwom 25:4.

12. (a) Dɛn nti na “nokware nimdeɛ” ho hia, na sɛ worekan ade a mmɔdenbɔ bɛn na ɛho behia na ama woanya saa nimdeɛ no? (b) Akwan anan bɛn na yebetumi ahwehwɛ mu ma yɛanya so mfaso bere a yɛrekenkan Bible no? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 30 no.) (d) Kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw yi mu denam nsɛmmisa a ɛwɔ nkyekyɛm yi ase a wubebua no so. Hwɛ kyerɛw nsɛm a wɔamfa emu nsɛm amma mu no.

12 Bere a yenya nkyerɛkyerɛ fi Yehowa hɔ no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yebenya “nokware nimdeɛ.” Sɛ yɛannya a, yɛbɛyɛ dɛn atumi de Onyankopɔn Asɛm adi dwuma yiye wɔ yɛn asetra mu anaasɛ yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ ɔkwan a ɛteɛ so akyerɛ afoforo? (Kolosefo 3:​10, NW; 2 Timoteo 2:​15) Nokware nimdeɛ a yebenya hwehwɛ sɛ yɛkenkan no yiye, na sɛ ne fã bi asete yɛ den a, ebia ɛho behia sɛ yɛkenkan boro pɛnkoro na ama yɛate ase. Sɛ yegye bere susuw asɛm no ho dwen ho wɔ akwan horow so a, yebenya so mfaso nso. Wɔada akwan anan a ɛsɛ sɛ yesusuw ho adi wɔ kratafa 30. Wubetumi de eyi mu biako asusuw Kyerɛwnsɛm no afã horow pii ho ma woanya so mfaso. Bere a wubua nsɛmmisa a ɛwɔ nkratafa a edi hɔ no, wubehu nea enti a ɛte saa.

(1) Mpɛn pii no Kyerɛwnsɛm no fã a worekenkan no betumi ama woahu biribi afa onii ko a Yehowa yɛ no ho. nhwɛso no, yehu sɛnea Onyankopɔn susuw abofra a ɔhyɛ yafunum ho kɛse wɔ Dwom 139:13, 14: “Wonwenee me, me nã yam. Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.” Hwɛ sɛnea Yehowa adebɔ nnwuma yɛ nwonwa! Sɛnea ɔyɛɛ yɛn nnipa no di ne dɔ kɛse a ɔwɔ ma yɛn ho adanse.

Esiane nea wɔaka wɔ Yohane 14:​9, 10 nti, sɛ yɛkenkan sɛnea Yesu ne afoforo di a, na yɛrehu sɛnea Yehowa ankasa bɛyɛ n’ade. Bere a ɛno wɔ yɛn adwenem no, adwene bɛn na nsɛm a esisii a wɔakyerɛw wɔ Luka 5:​12, 13 ne Luka 7:11-15 no betumi ama yɛanya wɔ Yehowa ho?

(2) Susuw sɛnea asɛm no fa Bible asɛmti no ho: Yehowa amansan tumidi a wɔsan ho ɛne ne din a wɔnam Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo a ɔyɛ Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ase so tew ho no.

Ɔkwan bɛn so na Hesekiel ne Daniel sii Bible asɛmti no so dua? (Hesekiel 38:21-​23; Daniel 2:​44; 4:​17; 7:​9-​14)

Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛ pefee sɛ Yesu ne Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no? (Galatifo 3:16)

Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm nhoma no ka Ahenni no asɛmti awiei koraa ho asɛm? (Adiyisɛm 11:15; 12:​7-​10; 17:16-​18; 19:11-​16; 20:​1-3; 21:1-5)

(3) Bisa wo ho sɛnea w’ankasa wubetumi de nea worekenkan no adi dwuma. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan Israelfo ɔbrasɛe ne wɔn atuatew ho asɛm wɔ Exodus kosi Deuteronomium. Yehu sɛ saa su ne nneyɛe no de ɔhaw bae. Enti, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛsɔ Yehowa ani denam sua a yɛrensuasua Israel nhwɛso bɔne no so. “Eyinom nyinaa ama wɔayɛ nhwɛso, na wɔakyerɛw ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu.”—1 Korintofo 10:11.

Dɛn na yesua fi kyerɛwtohɔ a ɛfa kum a Kain kum Habel ho no mu? (Genesis 4:​3-12; Hebrifo 11:4; 1 Yohane 3:​10-​15; 4:​20, 21)

So Bible afotu a wɔde maa Kristofo a wɔwɔ ɔsoro anidaso no fa nnipa a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so no nso ho? (Numeri 15:16; Yohane 10:16)

Ɛwom sɛ yɛwɔ gyinabea pa wɔ Kristofo asafo no mu de, nanso dɛn nti na ɛho hia sɛ yesusuw sɛnea yɛde Bible afotu a yenim dedaw no bedi dwuma kɛse no ho? (2 Korintofo 13:5; 1 Tesalonikafo 4:1)

(4) Susuw sɛnea wubetumi de nea worekenkan no aboa afoforo ho. Akwahosan ho nsɛnnennen ho nsɛm haw nnipa nyinaa, enti yebetumi ne wɔn akenkan nea Yesu yɛe de kyerɛɛ nea ɔbɛyɛ ne kɛse wɔ N’ahenni tumi mu no: “Nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, . . . na ɔsaa wɔn yare.”—Mateo 15:30.

Hena na wubetumi de kyerɛwtohɔ a ɛfa Yairo babea wusɔre ho no aboa no? (Luka 8:​41, 42, 49-56)

13. Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya afi nhyehyɛe a ɛma yɛkenkan Bible no daa na yesua ade wɔ Yehowa ahyehyɛde mu no mu?

13 Hwɛ sɛnea mfaso kɛse wɔ Bible akenkan so bere a yesusuw atifi hɔ nsɛntitiriw anan no ho no! Nokwarem no, Bible akenkan gye mmɔdenbɔ. Nanso yebetumi anya so mfaso wɔ yɛn nkwa nna nyinaa mu, efisɛ sɛ yɛkenkan Kyerɛwnsɛm no a, yɛbɛyɛ den kɛse wɔ honhom fam. Bible a yɛbɛkenkan no daa no bɛma yɛabɛn yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ, Yehowa, ne yɛn nuanom Kristofo kɛse. Ɛbɛboa yɛn ma yɛatie afotu a ese ‘yenso nkwa asɛm no mu denneennen’ no.​—Filipifo 2:16.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ sɛ wususuw nea enti a ɛfata sɛ yesusuw Bible no ho ho a, hwɛ Amansan Nhoma, nhomawa a Yehowa Adansefo na wotintimii no mu.

Asɛm no mu Ntĩmu

• Dɛn nti na wɔakyerɛw Bible no akora so abesi yɛn bere yi so?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa afoforo ma wɔagye Bible no adi?

• Dɛn nti na kokoam Bible akenkan a wɔyɛ no daa so wɔ mfaso? Akwan anan bɛn na yebetumi afa so ahwehwɛ nea yɛkenkan no mu ma yɛanya so mfaso?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 30]

SƐ WOKENKAN BIBLE NO FA BI A, SUSUW

Nea ɛka fa Yehowa ho sɛ onipa no ho

Sɛnea ɛfa Bible asɛmti no nyinaa ho no ho

Sɛnea ɛsɛ sɛ ɛka w’ankasa asetra ho

Sɛnea wubetumi de aboa afoforo no ho