Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Atirimpɔw Bam Anuonyam Mu

Yehowa Atirimpɔw Bam Anuonyam Mu

Ti Aduonu Biako

Yehowa Atirimpɔw Bam Anuonyam Mu

1, 2. (a) Dɛn ne Yehowa atirimpɔw a ɛfa n’abɔde a wonim nyansa no ho? (b) Henanom na na wɔka Onyankopɔn asomfo a wɔyɛ biako abusua no ho?

ABƆDE a wonim nyansa nyinaa ayɛ biako resom nokware Nyankopɔn no na wɔn nyinaa anya ahofadi sɛ Onyankopɔn mma​—ɛno ne Yehowa atirimpɔw a ɔdɔ wom. Ɛno nso ne nea trenee adɔfo nyinaa rehwɛ kwan denneennen.

2 Yehowa fii ase dii saa atirimpɔw kɛse yi ho dwuma bere a ofii n’adebɔ nnwuma ase no. Ná n’abɔde a odi kan no yɛ Ɔba bi a efi ne wusɔre so no, wada ne ho adi sɛ ‘Onyankopɔn anuonyam no haran ne ne su sɛso.’ (Hebrifo 1:​1-3) Ná Ɔba yi yɛ soronko, efisɛ Onyankopɔn nkutoo na ɔbɔɔ no. Bere bi akyi no, Ɔba yi so na wɔnam de mma foforo bae: nea edi kan, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro, afei nnipa a wɔwɔ asase so. (Hiob 38:7; Luka 3:​38) Eyinom nyinaa na wɔboom yɛɛ amansan abusua biako no. Ná Yehowa yɛ wɔn nyinaa Nyankopɔn, Amansan Hene, ne wɔn Agya a ɔdɔ wɔn.

3. (a) Dɛn na yɛn nyinaa nam awo mu anya afi yɛn awofo a wodi kan no hɔ? (b) Nsiesiei a ɔdɔ wom bɛn na Yehowa yɛ maa Adam asefo?

3 Bere a wobuu yɛn awofo a wodi kan no kumfɔ sɛ wɔn a wɔboapa yɛɛ bɔne no, wɔpam wɔn fii Eden na Onyankopɔn poo wɔn. Wɔankɔ so anyɛ Yehowa amansan abusua no fã bio. (Genesis 3:​22-24; Deuteronomium 32:​4, 5) Yɛn nyinaa yɛ wɔn asefo, enti wɔde bɔne su ahorow awo yɛn. Nanso ná Yehowa nim sɛ ebinom a wofi Adam ne Hawa asefo mu bɛdɔ trenee. Enti Ofii ɔdɔ mu yɛɛ nsiesiei a eyinom nam so betumi anya ‘Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi.’​—Romafo 8:​20, 21.

Israel Hwere Gyinabea a na Ɔdom Wom

4. Hokwan bɛn na Yehowa de maa tete Israel?

4 Wɔbɔɔ Adam akyi bɛyɛ mfirihyia 2,500 no, Yehowa de hokwan a nnipa bi nam so ne No benya abusuabɔ soronko mae. Ɔpaw tete Israel sɛ wɔnyɛ ne man, na ɔde ne Mmara maa wɔn. (Genesis 12:​1, 2) Ɔhyehyɛɛ wɔn yɛɛ wɔn ɔman na ɔde wɔn dii n’atirimpɔw ho dwuma. (Deuteronomium 14:​1, 2; Yesaia 43:1) Nanso, ná wɔda so ara wɔ bɔne ne owu nkoayɛ mu, enti wɔannya anuonyam adehyedi a Adam ne Hawa nyae mfiase no.

5. Ɔkwan bɛn so na Israelfo hweree gyinabea soronko a na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no?

5 Nanso, na Israelfo no wɔ gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. Ná asɛyɛde da wɔn so nso sɛ wɔde obu bɛma Yehowa sɛ wɔn Agya, na wɔayɛ wɔn ade ma ɛne n’atirimpɔw ahyia. Yesu sii hia a na saa ahyɛde no ho dwuma a wobedi no ho hia no so dua. (Mateo 5:​43-48) Nanso, Israel man no antumi anyɛ eyi. Bere a saa Yudafo no kae sɛ “Agya biako na yɛwɔ, ɔne Onyankopɔn” no, Yesu kyerɛe sɛ wɔn nneyɛe ne suban a woyii adi no kyerɛe sɛ saa a wɔkae no yɛ atoro. (Yohane 8:​41, 44, 47) Wɔ afe 33 Y.B. mu no, Onyankopɔn de Mmara no baa awiei, na abusuabɔ soronko a na Israel ne no wɔ no nso baa awiei. Nanso, so na eyi kyerɛ sɛ nnipa ntumi ne Onyankopɔn nnya abusuabɔ pa bio?

‘Nneɛma a Ɛwɔ Ɔsoro’ no Anoboaboa

6. “Afisiesie” a Paulo kaa ho asɛm wɔ Efesofo 1:​9, 10 no atirimpɔw ne dɛn?

6 Ɔsomafo Paulo daa no adi sɛ adesamma mu bi betumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ soronko. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa Yehowa nhyehyɛe a wɔn a wɔda gyidi adi nam so betumi abɛyɛ Ne fifo mufo ho no, Paulo kyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn] ma yehuu n’ahintasɛm, sɛnea n’anisɔ a ɔbɔɔ ne tirim no te a ɔde hwɛɛ bere a awie du no afisiesie a wɔbɛpata nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so no ɔno mu.” (Efesofo 1:​9, 10) Saa “afisiesie” yi gyina Yesu Kristo so. Ɛnam ne so na wɔde adesamma ba tebea a ɛma wɔfata wɔ Onyankopɔn anim mu. Wɔn mu kakraa bi benya hokwan akɔ ɔsoro. Nnipa pii bɛtra ase daa wɔ asase so.

7. Henanom ne ‘nneɛma a ɛwɔ ɔsoro’ no?

7 Nea edi kan no, efi Pentekoste afe 33 Y.B. no, wɔde adwene sii “nea ɛwɔ ɔsoro,” kyerɛ sɛ, wɔn a wɔne Kristo bɛyɛ yɔnko adedifo wɔ ɔsoro Ahenni mu no so. Esiane gyidi a wɔwɔ wɔ ɛbo a Yesu afɔrebɔ no som no mu nti, Onyankopɔn buu wɔn treneefo. (Romafo 5:​1, 2) Bere kɔɔ so no, wɔde Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa bɛkaa ho, na “nea ɛwɔ ɔsoro” no dodow bɛyɛ 144,000. (Galatifo 3:​26-29; Adiyisɛm 14:1) Wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔda so wɔ asase so.

‘Nneɛma a Ɛwɔ Asase So’ no Anoboaboa

8. Henanom ne ‘nneɛma a ɛwɔ asase so’ no, na abusuabɔ bɛn na wɔne Yehowa wɔ?

8 Afisiesie koro no ara nso na wɔnam so reboaboa ‘nneɛma a ɛwɔ asase so’ no ano. Wɔreboaboa nnipa ɔpepem pii a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra asase so daa no ano. Wɔne Ahenni adedifo nkaefo no ayɛ biako, na wɔrekamfo Yehowa din rema ne som so. (Yesaia 2:​2, 3; Sefania 3:9) Wɔfrɛ Yehowa sɛ “Agya” nso efisɛ wogye no tom sɛ wɔn nkwa fibea. Na wogyina Yesu mogya a ohwie gui no mu gyidi a wɔwɔ so nya gyinabea pa wɔ n’anim. (Adiyisɛm 7:​9, 14) Nanso esiane sɛ wɔda so ara wɔ sintɔ nti, akyiri yi na wobegye wɔn atom koraa sɛ Onyankopɔn mma.

9. Bɔhyɛ bɛn na Romafo 8:​21 de ma adesamma?

9 Eyinom a wɔwɔ asase so anidaso no de anigye retwɛn bere a abɔde a wɔyɛ nnipa ‘bɛfa wɔn ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu’ bɛba no. (Romafo 8:​21) Saa ahofadi no befi ase wɔ bere a Kristo ne ne soro asraafodɔm no nam Harmagedon so de ahohia kɛse no bɛba awiei no. Eyi bɛkyerɛ Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no nyinaa sɛe, na Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu nhyira horow a ɛbɛba wɔ Ahenni tumi no mu no bedi akyiri aba.​—Adiyisɛm 19:​17-21; 20:6.

10. Ayeyi dwom bɛn na Yehowa asomfo bɛto?

10 Anigye bɛn ara na ɛbɛyɛ bere a Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so ne n’asomfo a wɔwɔ soro de biakoyɛ pae mu ka no anigye so sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn ade nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware. [Yehowa, NW], hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi.” (Adiyisɛm 15:​3, 4) Yiw, Yehowa asomfo nyinaa de biakoyɛ bɛsom nokware Nyankopɔn koro no. Wobenyan awufo na wɔama wɔanya hokwan de nne biako ayi Yehowa ayɛ.​—Asomafo no Nnwuma 24:15.

Ahofadi a Ɛyɛ Anigye Reba

11. Ahofadi a ɛyɛ anigye bɛn na wɔn a wobefi ahohiahia kɛse no mu aka no benya?

11 Ahohiahia kɛse no akyi, bere a Harmagedon aba awiei, na ayi abɔnefosɛm afi asase so no, Satan Ɔbonsam renyɛ “wi yi ase nyame” bio. Yehowa asomfo ne Satan nkɛntɛnso bɔne renni asi bio. (2 Korintofo 4:4; Adiyisɛm 20:​1, 2) Atorosom renka Yehowa ho atosɛm bio na ɛrenyɛ ade a ɛbɛpaapae adesamma abusua mu bio. Nokware Nyankopɔn no nkoa renhyia ntɛnkyea ne nsisi a sodifo de ba wɔn so no bio. Ahofadi a ɛyɛ anigye bɛn ara na wobenya sɛɛ yi!

12. Ɔkwan bɛn so na wɔbɛma obiara ade ne ho afi bɔne ne nea ɛde ba nyinaa ho?

12 Sɛ́ “Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no,” Yesu de n’afɔrebɔ no bo a ɛsom no bedi dwuma ma wɔde apopa adesamma bɔne nyinaa afi hɔ. (Yohane 1:​29) Bere a Yesu wɔ asase so na ɔde onipa bi bɔne firii no no, ɔsaa nea wɔde bɔne afiri no no yare de dii ho adanse. (Mateo 9:​1-7; 15:​30, 31) Saa ara na Kristo Yesu, sɛ́ Onyankopɔn Ahenni no so ɔsoro Hene no, ɔbɛsa anifuraefo, asotifo, mum, wɔn a wɔadi dɛm wɔ nipadua mu, adwenemyarefo, ne wɔn a nyarewa foforo haw wɔn no yare wɔ anwonwakwan so. (Adiyisɛm 21:​3, 4) Wɔn a wɔyɛ osetie nyinaa “bɔne mmara” befi hɔ na ama wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe asɔ wɔn ankasa ne Onyankopɔn ani. (Romafo 7:​21-23) Ansa na Mfirihyia Apem no bɛba awiei no na wɔaba ɔdesani pɛyɛ mu wɔ nokware Nyankopɔn koro no ‘suban ne ne sɛso’ mu.​—Genesis 1:26.

13. Wɔ Mfirihyia Apem Nniso no awiei no, dɛn na Kristo bɛyɛ, na dɛn na ebefi mu aba?

13 Bere a Kristo de adesamma aba pɛyɛ mu no, afei ɔbɛdan tumi a Agya no de maa no ma ɔde yɛɛ saa adwuma yi no ama no: ‘Ɔde ahenni no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa, na watu ahenni ne ahoɔden ne tumi nyinaa agu. Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa begu ne nan ase.’ (1 Korintofo 15:​24, 25) Ahenni no Mfirihyia Apem Nniso bedi n’atirimpɔw ho dwuma awie; enti ɛho renhia bio sɛ bere tiaa mu nniso yi kɔ so gyina Yehowa ne adesamma ntam. Esiane sɛ na wɔayi bɔne ne owu afi hɔ koraa saa bere no agye adesamma nti, hia a ehia sɛ Yesu yɛ Ogyefo no bɛba awiei. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.”​—1 Korintofo 15:28.

14. Dɛn na wɔbɛma adesamma a wɔayɛ pɛ nyinaa afã mu, na dɛn ntia?

14 Eyi akyi no, wɔde hokwan bɛma adesamma a wɔayɛ pɛ no ma wɔde akyerɛ sɛ nea wɔpɛ ne sɛ wɔbɛsom nokware Nyankopɔn koro no daa. Enti, ansa na Yehowa begye wɔn sɛ ne mma no, ɔbɛma adesamma a wɔayɛ pɛ no nyinaa afa sɔhwɛ a edi akyiri mu. Wobegyae Satan ne n’adaemone no afi bun no mu. Eyi renyɛ ɔhaw a ɛwɔ hɔ daa mma wɔn a wɔdɔ Yehowa nokware mu no. Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔrenni nokware na wɔma kwan ma wɔdaadaa wɔn ma wɔyɛ Yehowa so asoɔden no aka otuatewfo dedaw no ne n’adaemone no ho korakora.​—Adiyisɛm 20:​7-10.

15. Tebea bɛn na ɛbɛsan aba Yehowa abɔde a wonim nyansa nyinaa mu bio?

15 Afei Yehowa begye adesamma a wɔayɛ pɛ a wogyee Onyankopɔn tumidi toom wɔ sɔhwɛ a edi akyiri no mu no sɛ ne mma. Efi saa bere no rekɔ no, wobenya Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi no mu kyɛfa de akosi ase sɛ Onyankopɔn amansan abusua no fã. Afei nokware Nyankopɔn koro no abɔde a wonim nyansa a wɔwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa bɛsan ayɛ biako bio asom no. Afei na Yehowa atirimpɔw abam anuonyam mu! So wopɛ sɛ woyɛ amansan abusua a anigye wom na ɛte hɔ daa no muni? Sɛ saa a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ tie nea Bible ka wɔ 1 Yohane 2:​17 no: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”

Asɛm no mu Ntĩmu

• Ansa na Eden atuatew no reba no, ná abusuabɔ bɛn na Yehowa asomfo nyinaa ne no wɔ?

• Asɛyɛde bɛn na ɛda wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo no so?

• Henanom na wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma akyiri yi, na eyi fa Yehowa atirimpɔw a ɛne biako a wɔbɛyɛ asom no no ho dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 190 mfonini]

Adesamma asoɔmmerɛfo bɛtra wiase paradise mu