Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɔkɔm Renne Wɔn Bio”

“Ɔkɔm Renne Wɔn Bio”

Ti 10

“Ɔkɔm Renne Wɔn Bio”

1. Sɛnea aduan ho asɛm hia wiase no yɛ aniberesɛm dɛn?

ƆHAW atitiriw a wiase no hyia nnɛ no mu biako fa aduan ho. Nnuan bo a ayɛ den ma nnipa pii ho kyere wɔn. Afoforo da kɔm ankasa. Wɔbɔɔ amanneɛ nnansa yi ara sɛ afe biara nnipa ɔpepem 40—wɔ mfe bi mu no, nnipa a wɔn dodow du ɔpepem 50—wuwu esiane sɛ wonnya aduan a wohia nti. Saa dodow no mmɔho bɛyɛ du nnya aduan pa nni koraa. Ɛwom sɛ aman bi tumi nya aduan a ɛdɔɔso sen nea wobetumi adi de, nanso amammui mu nitan ne aguadi mu adifudepɛ taa sɛe mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔde nea aboro so no bɛma wɔn a wohia sen biara no.—Fa toto Adiyisɛm 6:5, 6 ho.

2. Wɔ nsase a aduan abu so wɔ hɔ mpo no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛho asɛm hia nnipa?

2 Nsase a ɛte sɛ nea nnuan abu so wɔ so mpo daakye yɛ hu. Dɛn ntia? Akwan a wɔfa so yɛ mfuw nnɛ no taa hwehwɛ sɛ wɔde pɛtro di dwuma, na nea wonya wɔ wiase nyinaa no betumi asa. Nnuru a wɔde yɛ asase yiye a wɔde di dwuma pii no resɛe nsu a ɛwɔ hɔ no. Nnuru a ekunkum mmoawa a wɔde bɔ nnɔbae ho ban, a wɔde di dwuma pii dodo no nso rekunkum mmoawa a wɔn na wobesiesie asase no na ama nnɔbae daakye no. Ɛkame ayɛ sɛ wɔ adesamma dwumadi biara mu no, ɔhaw a emu yɛ den kɔ so dɔɔso. Aurelio Peccei a ɔyɛ amanaman ntam animdefo bagua bi titrani, de wiase no totoo “otuo aboba a ɛbɔ ade huruhuruw san n’akyi ho bere a ahyia amanehunu ntoatoaso no.” So ntease wom sɛ obi de ne daakye ho anidaso begyina wiase a ɛwɔ din a ɛte saa mu anaa?—Yeremia 10:23; Mmebusɛm 14:12.

3. Hena na obetumi ahwɛ ama adesamma nyinaa anya aduan pii, na dɛn na ɛma wunya saa ahotoso no?

3 Nnipa ɔpepem pii fi nyansam agye atom sɛ wohia mmoa a Onyankopɔn nkutoo na obetumi de ama. Esiane sɛ wɔayɛ Bible nkɔmhyɛ mu nhwehwɛmu nti, wonim sɛ Yehowa Nyankopɔn de ne Ba Yesu Kristo a ɔwɔ soro no asi ahengua so dedaw, na ɔde asase no nyinaa ama no sɛ n’agyapade. (Dwom 2:7, 8) Ɔwɔ nyansa ne tumi a ɔde bɛhwɛ ma adesamma nyinaa anya aduan a ɛdɔɔso afi asase no nnɔbae mu. (Dwom 72:7, 8, 16; Kolosefo 1:15-17) Sɛ woyi mprempren pɛsɛmenkominya nhyehyɛe yi fi hɔ a, Kristo bɛkyerɛ nnipa a wobenya nkwa no kwan na wɔama asase no nyinaa adan Paradise a ɛsow aba.

4. Sɛ yebenya saa honam fam nsiesiei no so mfaso a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ mprempren?

4 Nanso, wɔn a wobenya ne nniso mu mfaso afebɔɔ no ne wɔn a wotumi hu sɛ ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam tra ase, nnipa a wɔn ani sɔ honhom fam nneɛma a ɛsom bo ne hia a ɛho hia sɛ wonya ahoɔden fi Onyankopɔn apɛde sua ne ne yɛ mu no. Bible si hia a eyi ho hia no so dua mpɛn pii. (Yohane 4:34; 6:27; Yeremia 15:16) Yesu sii so dua bere a ɔkae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so” no. (Mateo 4:4) Sɛ yebenya nkwa wɔ mprempren wiase yi awiei a, yehia honhom fam aduan a ɛte saa mprempren ara. Wɔayɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya no ho mfatoho ama yɛn wɔ Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa Yosef ne ne nuanom mmarima ho no mu.

“MONKƆ YOSEF NKYƐN”

5. Ɛyɛɛ dɛn na Yosef kɔyɛɛ akoa wɔ Misraim?

5 Onyankopɔn maa Yosef a ɔyɛ Abraham nanankansowa no sosoo adae bi a na ɛkyerɛ sɛ Yosef bedi dwuma titiriw bi wɔ asetra mu. Esiane eyi, ne nokwasɛm a ɛne sɛ na n’agya wɔ ɔdɔ soronko bi ma no nti, na Yosef agyamma du no tan Yosef. Wɔpam ne tiri so sɛ wobekum no nanso awiei koraa no, wɔtɔn no sɛ akoa, na wɔde no kɔɔ Misraim. Afei, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn atirimpɔw ma Yosef no betumi abam?—Genesis 37:3-11, 28.

6. (a) Ɛyɛɛ dɛn na wɔtwee Farao adwene kɔɔ Yosef so? (b) Adae bɛn na ɛhaw Farao adwene?

6 Bere a Yosef dii mfe 30 no, Yehowa maa Misraim sodifo Farao, sosoo adae abien bi a ɛhaw n’adwene. Wɔ nea edi kan no mu no, ohuu anantwibere ason “a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho tua wɔn ho,” ne afei nso anantwibere ason foforo “a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn.” Afei anantwi a wɔafomfɔn no memenee wɔn a wɔn ho tua wɔn ho no. Wɔ dae foforo mu no, Farao huu awi mmɛtem ason a afifi wɔ nan koro ho, “ɛtoatoa so [akɛseakɛse, NW] na eye,” ne mmɛtem ason foforo a “apuei mframa akisa no.” Ɛha nso, nea afomfɔn no memenee akɛse no. Ná ɛno nyinaa kyerɛ dɛn? Misraim anyansafo no mu biara antumi ankyerɛ dae no ase. Nanso Farao nsahyɛfo no kaee sɛ bere a na ɔwɔ afiase no, ne yɔnko deduani bi, Yosef, tumi kyerɛɛ adae ase pɛpɛɛpɛ. Farao ma wɔkɔfrɛɛ Yosef ntɛm ara.—Genesis 41:1-15.

7. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Yosef bɛyɛɛ Misraim aduan sohwɛfo? (b) Bere a ɔkɔm no ano yɛɛ den no, dɛn na Misrifo no yɛe na ama wɔakɔ so atra ase?

7 Yosef a wannye anuonyam biara amfa no ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Farao adae no yɛ biako; Onyankopɔn rekyerɛ Farao nea ɔrebɛyɛ.” (Genesis 41:16, 25) Yosef kyerɛkyerɛɛ mu sɛ dae a ɛto so abien no ne nea edi kan no kyerɛ ade koro, na esi so dua sɛ ɛbɛbam. Wobenya aduan pii wɔ Misraim mfirihyia ason na ɛno akyi no ɔkɔm aba mfirihyia ason. Otuu Farao fo sɛ ɔmpaw ɔbadwemma bi ma ɔnhwɛ mma wɔmmoaboa aduan ano nsie wɔ mfe a aduan bɛba pii no mu mfa nsiesie wɔn ho mma ɔkɔm a ɛbɛba no. Esiane sɛ Farao hui sɛ ɛda adi sɛ Onyankopɔn ankasa na wayi eyinom nyinaa adi akyerɛ Yosef nti, ɔpaw Yosef sɛ aduan sohwɛfo, maa no tumi wɔ Misraim a ɔno Farao ankasa nkutoo de na na ɛkorɔn sen no. Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, mfe ason a aduan buu so pii no bae, na Yosef ma wɔboaboaa aduan ano siei. Afei ɔkɔm a wɔkaa ho asɛm siei no mu yɛɛ den wɔ asase no so. Bere a nnipa no srɛɛ Farao sɛ ɔmma wɔn aduan no, obuae sɛ: “Monkɔ Yosef nkyɛn, nea ɔbɛka akyerɛ mo no, monyɛ.” Enti Yosef tɔn aburow maa wɔn—mfiase no, wɔde sika na etuaa ka, na afei wɔde wɔn nyɛmmoa tuae, na awiei koraa no, wɔde wɔn ankasa ho ne wɔn nsase kɔsesaa aduan. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi akɔ so atra nkwa mu no, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho ma korakora de som Farao.—Genesis 41:26-49, 53-56; 47:13-26.

8. (a) Ná dɛn na wɔhwehwɛ sɛ Yosef agyamma no yɛ ansa na wɔn nsa aka aduan a na wohia no? (b) Dɛn nti na wɔakora eyi ho kyerɛwtohɔ no so?

8 Ɔkɔm no baa nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nso so. Awiei koraa no, Yosef ankasa agyamma no mpo fi Kanaan bae. Ná wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu no adi bɛboro mfe 20, enti wɔanhu no. Wɔkotow no, sɛnea Yosef dae ahorow no hyɛɛ ho nkɔm bere tenten a na atwam no, na wɔpɛe sɛ wɔtɔ aduan. (Genesis 37:6, 7; 42:5-7) Yosef de ahokokwaw sɔɔ wɔn hwɛe na onyaa adanse a edi mu sɛ wɔasakra wɔn suban wɔ ɔno ne wɔn agya ho. Awiei koraa no, ɔdaa ne ho adi na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nokwarem no, “nkwagye” nti na Onyankopɔn somaa no dii wɔn anim kɔɔ Misraim. Ɔde ahyɛde mae ma n’agya ne wɔn mmusua tu bɛtraa Misraim. (Genesis 45:1-11) Wɔkyerɛw eyi nyinaa too hɔ na yɛanya so mfaso, na nkɔmhyɛ a ɛwom no fa nsɛm a ɛresisi wɔ yɛn nna yi mu ho.—Romafo 15:4.

YƐN KƆM NE SUKƆM ANO A YEDWUDWO NNƐ

9. (a) Dɛn na ɛde honhom mu kɔm a ɛwɔ wiase nnɛ no aba? (b) Dɛn nti na ɛyɛ nea ɛde adesamma haw ahorow ba titiriw no mu biako?

9 Nneɛma atitiriw a ɛde ɔhaw ahorow a adesamma hyia ba no biako ne honhom mu kɔm. Esiane sɛ wɔapow Yehowa nti, ɔmma wɔnte n’Asɛm ase, ma enti wodi “kɔm, ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na Awurade asɛm tie de.” (Amos 8:11) Nnipa a wodi kɔm wɔ honhom mu rehwehwɛ nsemmisa a ɛho hia te sɛ nea edidi so yi ho mmuae: Dɛn ne asetra atirimpɔw? Dɛn nti na nnipa wu? So anidaso ankasa bi wɔ hɔ ma daakye? Nnipa a wɔte sɛɛ a honhom fam kɔm abobɔ wɔn dam no taa pira wɔn ho ne afoforo bere a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe ne nsɛmmɔnedi mu de dwudwo wɔn akɔnnɔ ano no.

10. (a) Tebea bɛn na ɛwɔ Yehowa nkoa mu a ɛma Yesaia 65:13, 14 nya mmamu? (b) Bere bɛn na honhom fam ɔkɔm bere ne bere a aduan bu so no ba?

10 Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yehowa ama n’asomfo anokwafo honhom fam aduan pii, na nokware dɔ wɔ wɔn ntam. Wama wɔte n’Asɛm a efi honhom mu no mu honhom mu nokware ahorow a ɛma wɔmee no ase, na wama wɔn adwuma sɛ wɔnyɛ n’adansefo. Wɔde anigye ka nokware ahorow yi ho asɛm kyerɛ afoforo a honhom mu kɔm de wɔn na wɔhwehwɛ nkwa denam abusuabɔ a wɔne Onyankopɔn benya so no. (Yesaia 65:13, 14; Luka 6:21) Wɔ tete Misraim no, mfe ason ɔkɔm no bae wɔ mfe ason a aduan buu so no akyi. Nanso wɔ yɛn bere yi so no, honhom mu kɔm bere ne bere a aduan bu so no ba bere koro mu.

11. (a) Henanom na Farao ne Yosef yɛ wɔn ho mfonini, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔkwan a “nnipakuw kɛse” no afa so no te sɛ nea Misrifo a ɔkɔm dee wɔn no faa so?

11 Ɛnnɛ de ɛnyɛ Farao ne sodifo. Yehowa Nyankopɔn, Farao Ɔkɛseɛ no, ne Amansan Hene. Ɔde tumi a ne nkutoo de na ɛkorɔn sen ɛno ama Yesu Kristo. Sɛ́ Yosef Ɔkɛseɛ no, Yesu ne Onii a Yehowa de asɛyɛde ahyɛ ne nsa sɛ ɔmfa honhom fam aduan a ɛma nkwa mma. Wiase no mu nyamesom ne wiase nyansapɛ ahorow ama honhom fam kɔm a ano yɛ den rede adesamma. Wɔnam Yesu Kristo a wɔbɛdan aba ne nkyɛn, ne honhom fam aduan a wobenya wɔ ɔkwan a ɔbɛkyerɛ wɔn so nkutoo so na wɔbɛmee. Nnipa ɔpepem pii a Misrifo a ɔkɔm dee wɔn no yɛɛ wɔn ho mfonini no reyɛ saa. Wɔnam Yesu Kristo so rehyira wɔn ho so koraa ama Yehowa afebɔɔ, ma enti wɔde wɔn aka nnipakuw kɛse a wɔn anidaso ne sɛ wobenya nkwa wɔ Onyankopɔn abufuw da a ɛreba no mu no ho.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu a ɔwɔ soro no ma yɛn nsa ka honhom fam aduan wɔ asase so ha? (b) Dɛn na ɛma wuhu wɔn a wɔyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yiye?

12 Nanso Yesu wɔ soro. Ɔkwan bɛn so na ɔma yɛn honhom fam aduan ma yenya so mfaso wɔ asase so ha? Ɔka siei sɛ ɔnam ‘n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma’ no so na ɛbɛyɛ saa. (Mateo 24:45-47) “Akoa” yi yɛ nnipakuw, na emufo yɛ wɔn a wɔde honhom asra wɔn asafo bere a wɔda so ara wɔ asase so no. (Fa toto Yesaia 43:10 ho.) Eyinom nkaefo bi da so ara wɔ asase so. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobehu saa nokware Kristofo asafo yi denam ne nkyerɛkyerɛ ne ne nneyɛe a wode bɛtoto Bible no ho so. Ɛkyerɛkyerɛ nea Yesu hyɛe no nokwarem. Enti ɛmfa ne ho nhyɛ wiase no amammuisɛm mu, na mmom emufo nyinaa ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ baguam. Wɔn mu mpaapaee a wɔwowɔ Kristoman asɔre ahorow no mu. Wɔyɛ biako, sɛnea Yesu kae sɛ wɔbɛyɛ no—wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo de suasua wɔn Wura no. (Hwɛ Yohane 17:16, 20, 21; Mateo 24:14; 28:19, 20; Adiyisɛm 1:5.) Honhom fam nnuan abu so ama wɔn na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔne afoforo bɛkyɛ.

13. (a) Akwan bɛn so na nnipa pii ada no adi sɛ wɔte sɛ Yosef agyamma du no? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa betumi anya honhom fam aduan a Kristo nam “akoa” kuw no so de ma no so mfaso?

13 Nnipa pii adi saa Kristofo a wɔasra wɔn yi ho fɛw, aka sɛ: ‘Mususuw sɛ moye sen yɛn anaa? Mususuw sɛ mo nkutoo na moka nokware?’ Nanso bere bi akyi no, ebinom fi ahobrɛase mu gye tom sɛ nokwarem no, Yehowa wɔ adansefo wɔ asase so na wɔbɔ N’asɛm dawuru ampa. Wɔba behu sɛ Bible no kyerɛ sɛ Kristofo nokware asafo biako pɛ na ɛbɛtra hɔ, na emufo bɛyɛ biako. (Efesofo 4:5; Romafo 12:5) Nokwasɛm ahorow no a wɔde nokwaredi ne ahobrɛase hwehwɛ mu ama wɔaba saa ahyehyɛde no mu. Yosef agyamma du no yɛɛ saafo yi a mmere bi a atwam no, wɔtaa Yesu akyidifo a wɔasra wɔn anaa wɔhyɛɛ ataafo a wɔte saa no nkuran, nanso afei wɔda nokware adwensakra adi no ho mfonini. (Yohane 13:20) Wɔde anisɔ gye honhom fam aduan a Yesu Kristo nam ‘n’akoa nokwafo’ kuw no so de ma no. Wonya honhom fam ahoɔden bere a wogye Bible mu nokware ahorow a wɔka ho asɛm wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu tom, wɔkɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow daa, na wɔde nnamyɛ nya Onyankopɔn apɛdeyɛ mu kyɛfa no. Woyɛ saa ahobrɛasefo yi mu biako?—Hebrifo 10:23-25; fa toto Yohane 4:34 ho.

14. Honhom fam tebea horow bɛn na wɔn a wɔtra ase ma ɛne nnyinasosɛm ahorow a yesua fi Bible mu asɛm yi mu hyia no wom?

14 Wɔn a wofi ɔdɔ mu nam Yesu Kristo so de wɔn nkwa ma Ɔbɔadeɛ no wɔ saa kwan yi so no nya ahomeka. Wɔ honhom fam no, “ɔkɔm renne wɔn bio, nso osukɔm renne wɔn bio, . . . na oguammaa [Yesu Kristo], a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛn wɔn, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho.”—Adiyisɛm 7:16, 17; Yesaia 25:6-9.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]