Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adebɔ Foforo Bere

Adebɔ Foforo Bere

Ti 13

Adebɔ Foforo Bere

1. (a) Hokwan a ɛyɛ nwonwa bɛn na ɛbɛtwɛn wɔn a wobenya nkwa akɔ “asase foforo” no so? (b) Nanso ɛno bɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ dɛn?

NKWAGYE a yebenya wɔ mprempren wiase a aporɔw no awiei no yɛ anidaso kɛse. Yɛpɛ sɛ wiase yi mu nsisi, adifudepɛ, ne basabasayɛ fi hɔ ma yɛn. Nanso biribi foforo ma yenya ɔpɛ kɛse mpo sɛ yebenya nkwa. Ɛyɛ dɛn? Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔn a wɔbɛyɛ “asase foforo” no fã nyinaa no nso benya hokwan a ɛbɛma wɔagye wɔn afi wɔn ankasa sintɔ ahorow, ɔyare ne asetra a ɛyaw wom, yiw, owu mpo mu no. (Adiyisɛm 21:1-5) Nanso, sɛ ɛbɛba saa a, ɛsɛ sɛ wogu bɔne ankasa ase koraa. Wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Wɔde saayɛ bata nea Yesu Kristo frɛ no “adebɔ foforo” no ho.

2. Dɛn ne “adebɔ foforo” a wɔka ho asɛm wɔ Mateo 19:28 no?

2 Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Wɔ adebɔ foforo no mu, bere a onipa Ba no bɛtra n’anuonyam ahengua so no, mo a moadi m’akyi no nso bɛtratra ahengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.” (Mateo 19:28, NW) Adebɔ foforo no bɛyɛ “awofoforo” bere, bere a “wɔbɛyɛ nneɛma nyinaa foforo,” sɛnea Bible nkyerɛase afoforo kyerɛ no. (The Emphasised Bible a Rotherham yɛe; The Jerusalem Bible) Ɛdenam adebɔ foforo yi so no, nnipa betumi asan ayɛ pɛ sɛnea na adesamma te mfiase no.

3. (a) Dɛn na afi Adam bɔne no mu aba? (b) Dɛn nti na Adam asefo biara ntumi nnee ne ho mfii nea bɔne a wonya fi awo mu de ba no ho?

3 Esiane bɔne a Adam asefo nyinaa nya fii ne mu nti, ɛsɛ sɛ wowu, na wɔn mu pii anya nyarewa a emu yɛ den ma akunkum wɔn. (Romafo 5:12) Obiara rentumi nkwati owu denam sika a obetua so. Nnwuma a onipa a ɔnyɛ pɛ biara tumi yɛ nni hɔ a ebetumi agye ɔno ankasa anaa obi foforo. Sɛ adesamma bɛsan anya hokwan atra ase daa a, ɔsoro atɛntrenee hwehwɛ sɛ wɔbɔ afɔre a ne bo ne nea Adam hweree no, a ɛne ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ no yɛ pɛ. Adam aseni biara nni saa nkwa no na ɔde ama.—Dwom 49:7-9; Ɔsɛnkafo 7:20.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde agyede no mae? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya mu mfaso?

4 Yehowa ankasa fi mmɔborohunu mu ayɛ nsiesiei a ehia no denam ne Ba Yesu a ɔwoo no koro, a ɔsomaa no baa asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ ma ɔde ne nkwa too hɔ sɛ ‘agyede a ɛfata’ no so. (1 Timoteo 2:5, 6) Ɔdom kɛse ne Onyankopɔn dɔ a woyii adi kyerɛɛ adesamma bɛn ara ni! Nkwa a ɛno nti yebetumi anya no nyɛ biribi a yebetumi anya sɛ akatua, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde. Nanso, wɔde ma wɔn a wohu ampa sɛ wohia ɔsoro nsiesiei yi, wɔkyerɛ mu gyidi, na wɔnam Onyankopɔn Ba no a wotie no so da saa gyidi no adi no nkutoo. (Romafo 6:23; Yohane 3:16, 36) Nanso bere bɛn na adesamma benya saa afɔrebɔ no mu mfaso horow?

MFASO HOROW A WONYA FI KRISTO AFƆREBƆ NO MU MPREMPREN

5. (a) Henanom na wodii kan nyaa Kristo afɔrebɔ no mu mfaso? (b) Kuw foforo bɛn nso na wɔanya mu mfaso, na efi bere bɛn titiriw?

5 Mfaso horow no fii ase kaa adesamma asetra bere a Yesu Kristo (a ɔsom sɛ Onyankopɔn Sɔfo Panyin no) de n’afɔrebɔ no bo kɔmae wɔ Onyankopɔn anim wɔ ɔsoro no akyi pɛɛ. Nea edi kan no, wɔn a wɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔne Kristo mmɛyɛ adedifo, a wɔne no bɛsom sɛ ahene ne asɔfo wɔ soro no na wofii ase nyaa mfaso horow yi fi Pentekoste 33 Y.B. reba. (Asomafo no Nnwuma 2:32, 33; Kolosefo 1:13, 14) Afei, efi 1935 titiriw no, nnipa a wogyee anidaso a ɛne daa nkwa wɔ asase so toom no fii ase daa wɔn ho adi. Kristo afɔrebɔ no na ɛmaa wɔn nso nyaa wɔn anidaso no. (1 Yohane 2:1, 2) Nneɛma a na wɔyɛ wɔ tete Israelfo Mpata Da no mu no da dwuma a wɔde saa afɔrebɔ no bo dii nkakrankakra no adi.

6. Ka nea wɔyɛe wɔ Mpata Da no mu ho asɛm tiawa.

6 Ná ɔsɔfo panyin bi a ɔyɛ Lewini a ofi Aaron fie som wɔ Israel ahyiae ntamadan kronkron no mu, ne akyiri yi, asɔrefi hɔ. Ná Aaron fie mmarima foforo yɛ asɔfo nkumaa, na Lewi abusua no mu mmarima a aka no somee sɛ aboafo. Nea ɛbɛyɛ na ɔsɔfo panyin no apata wɔn bɔne no, na ɔde mmoa abien bɔ afɔre, na ɔde mmoa no mu biara mogya kɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ mmiako mmiako, sɛnea Yehowa kyerɛe no. Nea edi kan no, ɔsɔfo panyin a ɔyɛ Aaron aseni no de nantwinini bɔ afɔre ma “n’ankasa ho ne ne fi,” a Lewi abusua mũ no nyinaa ka ho. (Leviticus 16:15) Afei ɔde ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre ma “ɔman” no, mmusua dumien a aka no. (Leviticus 16:11, 14) Afei nso, wɔka Israel nyinaa bɔne gu ɔpapo a onwui so, na wokogyaw no ma ɔkɔ sare so. (Leviticus 16:21, 22) Ná eyi nyinaa kyerɛ dɛn?

7. (a) Afɔrebɔ biako bɛn na ɛyɛɛ ho mfonini? (b) Dɛn nti na wɔde nea ɛboro aboa biako afɔrebɔ dii dwuma?

7 Ɔsomafo Paulo kyerɛ sɛ ne mmamu gyina Yesu Kristo afɔrebɔ biako no so. “Na Kristo anhyɛn kronkronbea a wɔde nsa yɛe a ɛyɛ kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne no mu, na mmom ɔhyɛn ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn . . . sɛ ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe so beyi bɔne.” (Hebrifo 9:24-26) Ɛnde, dɛn nti na wɔde nea na ɛboro aboa biako mogya kɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ wɔ Israel Mpata Da no? Ná wɔde eyi twe adwene si nneɛma ahorow a Yesu desani afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ no bedi ho dwuma no so. Ná wɔde ɔman no bɔne a wɔka gu ɔpapo a onwui so na afei wokogyaw no kɔ sare so no si ɔfã foforo so dua.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na Mpata Da no mu nhyehyɛe no kyerɛɛ wɔn a wobedi kan anya Yesu afɔrebɔ no mu mfaso? (b) Wɔde bɔne ho afɔre a wɔbɔ maa “ɔman” no kyerɛe sɛ wɔde Kristo afɔrebɔ no dii dwuma bɛn? (d) Adeyɛ foforo bɛn na wɔde ɔpapo a wokogyaa no kɔɔ sare so no yɛɛ ho mfatoho?

8 Sɛnea wɔde nantwi a wɔde bɔ afɔre ma Aaron fie mogya dii kan kɔɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ no, saa ara na wɔde Yesu afɔrebɔ no mu mfaso horow dii wɔn a wɔne Kristo bɛyɛ asɔfokuw wɔ soro ho dwuma kan. Wɔyɛɛ eyi fi 33 Y.B. reba. Ná Yesu Kristo nni bɔne biara a ɛsɛ sɛ ɔde ho mpata ma, te sɛ nea Aaron yɛe no, nanso wɔn a wɔbɛyɛ Kristo asɔfo nkumaa no wɔ bi. Ná Lewi abusua no yɛ saafo no ho mfonini. (1 Petro 2:4, 5) Afɔrebɔ a ɛto so abien, ɔpapo a wɔde no bɔ bɔne ho afɔre ma “ɔman” no mogya a wɔde mae no kyerɛe sɛ, wɔ ɔsoro kuw no akyi no, nnipa foforo benya Yesu afɔrebɔ no mu mfaso. Eyinom bɛyɛ nnipa a wobenya nkwa wɔ Paradise a wɔbɛsan de aba asase so no mu. “Israel mmusuakuw dumien [a wɔnyɛ asɔfo]” no yɛɛ eyinom ho mfonini wɔ Mpata Da no mu. (Mateo 19:28; Dwom 37:29) Ɛnyɛ sɛ Yesu wu maa saafo yi nyinaa nko, na mmom ɔsoaa wɔn a owuu afɔrebɔ wu maa wɔn no bɔne kɔe ankasa, na ama wɔanya ahotɔ. Wɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ awiei koraa no, wokogyaa ɔpapo a ɔte ase no kɔɔ sare so bere a wɔaka Israel bɔne agu no so akyi, a wonhu no bio, no yɛɛ ho mfonini.—Dwom 103:12; Yesaia 53:4-6.

9. (a) Nhyira horow bɛn na wɔn a wɔkyerɛ Kristo afɔrebɔ no mu gyidi nya no mprempren? (b) Mfaso foforo bɛn na wobenya akyiri yi?

9 Wɔn a wɔkyerɛ Yehowa dɔ nsiesiei a ɛnam Kristo so mu gyidi no nyinaa betumi anya nokware bɔne fafiri, gyinabea a ɛho tew wɔ Onyankopɔn anim mprempren, a wɔn kan abrabɔ mfa ho. Wobetumi anya nhyira a ɛso nni a ɛne ma a wɔde ɔsom kronn bɛma Onyankopɔn denam ahonim a emu tew so. (1 Korintofo 6:9-11; Hebrifo 9:13, 14) Nanso eyi nkyerɛ sɛ mprempren wɔama wɔanya asetra a nneɛma a efi bɔne mu ba no biara nnim. (1 Yohane 1:8-10; Romafo 7:21-25) Wɔn a wɔne Kristo bedi ahene wɔ soro no benya saa asetra no, bere a wɔn asase so asetra aba awiei na wɔanyan wɔn kɔ asetra a owu nnim mu wɔ ɔsoro no nkutoo. Adesamma a aka no de, wobetumi anya bɔne mu ahotɔ koraa denam adebɔ foforo no so.

“WƆ ADEBƆ FOFORO NO MU”

10. (a) Bere bɛn na adebɔ foforo no fii ase? (b) Wɔde nhengua ama ebinom de ama Yesu bɔhyɛ no abam?

10 Sɛnea Yesu kae no, adebɔ foforo no yɛ ‘bere a onipa Ba Yesu Kristo tra n’anuonyam ahengua so.’ (Mateo 19:28) Nokwarem no, ɛnyɛ biribiara na ɛbae wɔ bere a wɔde no sii ahengua so no akyi pɛɛ. Bere a wɔde Yesu sii ahengua so wɔ 1914 Y.B. mu no, odii kan tew ɔsoro, na ɔpam Satan ne n’adaemone fii hɔ. Afei ofii ase nyan n’akyidifo a wɔasra wɔn no kɔɔ ɔsoro anuonyam mu. (Adiyisɛm 12:5, 7-12; 1 Tesalonikafo 4:15-17) Ɛnyɛ sɛ wɔde “nhengua dumien” a wɔde hyɛɛ Kristo asomafo anokwafo no bɔ no maa wɔn nko, na mmom wɔkɔ so de 144,000 no mufo a aka no nyinaa sisi nhengua so wɔ soro bere a wonyan wɔn fi awufo mu no nso.—Adiyisɛm 3:21.

11. Ɔkwan bɛn so na “nguan foforo” no rete nea afi adebɔ foforo no mu aba no nka dedaw?

11 Bere a nnipa a wɔka bom yɛ ɔsoro kuw no paw bɛn awiei no, wofii ase boaboaa “nguan foforo” no mu nnipakuw kɛse no ano, ne titiriw fi 1935 reba. Eyinom nso fii ase nyaa Kristo afɔrebɔ no mu mfaso horow, na ‘wɔhohoro wɔn ntade ma ɛhoa oguammaa no mogya no mu.’ Wɔreboa wɔn ma ‘wɔahyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn pɛ so, nokware trenee ne ahotew mu’ no. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14; Efesofo 4:20-24) Wɔrenya Onyankopɔn nsiesiei ahorow a ɔnam Kristo so de ma, a ebetumi ama wɔatra ase daa wɔ Paradise a wɔbɛsan de aba mu no mu mfaso sɛ nnipa a wɔredɔɔso bere nyinaa.—Adiyisɛm 7:17; 22:17.

12. (a) “Israel Mmusuakuw dumien” a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ ha no gyina hɔ ma henanom? (b) Wɔ wɔn a wobenya nkwa akyi no, henanom nso na wobenya adebɔ foforo no mu mfaso?

12 Afei, ɛrenkyɛ na wɔasɛe wiase bɔne no. Wɔde Satan ne n’adaemone begu afiase. Adesamma mfirihyia apem Atemmu Da no befi ase. Yesu Kristo bɛyɛ Ɔtemmufo Panyin, na ɔbɛhwɛ ma wɔde hokwan biara ne mmoa a ɛsɛ ama obiara na ama watumi ahu Yehowa trenee akwan na wafa so. Kristo akyidifo a wɔasra wɔn, a wɔdaa wɔn ho adi sɛ mudi mu kurafo kosii owu mu no ne no bɛbom ayɛ adwuma no, ‘abu Israel mmusuakuw dumien no ntɛn.’ (Luka 22:28-30; Adiyisɛm 20:4, 6) Eyi nkyerɛ sɛ wobebu honam fam Israel mma nkutoo ntɛn. Na mmom wobebu wɔn a “Israel mmusuakuw dumien [a wɔnyɛ asɔfo]” no yɛɛ wɔn ho mfonini wɔ Mpata Da no nyinaa nso ntɛn. Adesamma wiase a wɔagye wɔn no nyinaa ka ho. (1 Korintofo 6:2) Wɔn a wobetwa ahohiahia kɛse no ne wɔn a wobedi kan anya nhyehyɛe a wɔde pagyaw adesamma yi mu mfaso. Nanso afoforo ɔpepepem pii nso benya mu mfaso bi, efisɛ “ateasefo ne awufo” ka wɔn a wobebu wɔn ntɛn no ho. (2 Timoteo 4:1; Asomafo no Nnwuma 24:15) Sɛ awufo a Kristo agyede afɔrebɔ no apata wɔn bɔne no san ba a, hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ! Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ bere a adɔfo san ka bom bio no!

13. Ɔkwan bɛn so na nea efi mfirihyia apem Atemmu Da no mu ba no bɛyɛ adebɔ foforo ampa?

13 Eyi bɛyɛ bere a awiei koraa no, wɔma adesamma nya honam ne adwene mu dɛmdi a bɔne de bae no mu ahotɔ. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔsaa nnipa a wɔyare mmubui, anifuraefo, asotifo, ne mum ne nnipa a ɔyare ama wɔadi dɛm anaa wɔagow no yare ntɛm ara. Saa ahoɔdenne no yɛ nea na ɔbɛyɛ ama adesamma nyinaa wɔ ne Mfirihyia Apem Nniso no mu ho mfonini kɛkɛ. Ntease pa wom sɛ wɔsɛe obiara a ohuu Yehowa ayamye ho adanse a ɛyɛ nwonwa sɛɛ, na afei obuu ne tumidi animtiaa no fi hɔ koraa. Nanso denam Yehowa akwantrenee a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔkyerɛ nokware gyidi na wɔyɛ osetie no so no, ɛbɛma wɔn nsusuwii ne wɔn nkate akɔ so ayɛ papa nkakrankakra kosi sɛ wɔbɛyɛ pɛ koraa. Yehowa adɔfo a wɔte saa no benya awofoforo, adebɔ foforo ampa. Ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔama wɔahyɛ asetra ase foforo a wɔwɔ agya foforo, Daa Agya, Yesu Kristo.—Yesaia 26:9; 9:6.

14. Abusuabɔ a ɛsom bo bɛn na wɔn a wobedi nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu benya?

14 Afei, bere a wɔadi sɔhwɛ a etwa to wɔ mfirihyia apem no awiei mu nkonim no, Yehowa Nyankopɔn nam Kristo so begye wɔn atom sɛ Onyankopɔn ankasa mma, sɛ N’amansan abusua a ɛyɛ pɛ no mufo. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anidaso a ɛhyɛ nkuran—ma awufo a wonyan wɔn ma wɔn nso nya Paradise asase so asetra no bi, na ɛnyɛ wɔn a wotwa ahohiahia kɛse no nkutoo!—Romafo 8:20,21.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]