Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesamma Daakye Ho Mfonini a Wotumi De Ho To So

Adesamma Daakye Ho Mfonini a Wotumi De Ho To So

Ti 5

Adesamma Daakye Ho Mfonini a Wotumi De Ho To So

1. Dɛn nti na Bible mu nkɔmhyɛ ahorow bam pɛpɛɛpɛ bere nyinaa no?

YƐWƆ ntease pa a yebegyina so anya nea Bible no ka fa daakye ho kyerɛ yɛn no mu ahotoso. Emu nkɔmhyɛ ahorow no nnyina nnipa a wɔhwɛɛ sɛnea nsɛm sisi, na afei wɔkyerɛɛ nea ebesi no nsɛm a wɔbɔɔ wɔn tirim kae so. “Kyerɛw mu adiyisɛm biara nnam onipa nkyerɛase so; efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na Onyankopɔn nnipa kronkron no, sɛnea honhom kronkron de wɔn rekɔ no na wɔkasae.” (2 Petro 1:20, 21) Esiane ɛno nti, ada adi sɛ Bible nkɔmhyɛ mu nsɛm nyinaa yɛ nokware.

2. Fa wiase nsɛm nkɔmhyɛ ahorow ho nhwɛso ma.

2 Ɛbobɔɔ wiase ahemman ahorow din—Babilon, Medo-Persia, ne Hela—hyɛɛ ne mfiase ne asehwe ho nkɔm. Edii kan kaa sɛnea Babilon bɛhwe ase ne nea obedi so nkonim ho asɛm kyerɛe bɛyɛ mfeha abien ansa na ɛresi. Eyi nyinaa baam pɛpɛɛpɛ. Ɛhyɛɛ nkɔm sɛ awiei koraa no, Babilon kuropɔn no bɛdan amamfõ, na obiara rentra hɔ bio. Ɛda so ara yɛ amamfõ de besi yɛn bere yi so. (Daniel 8:3-8, 20-22; Yesaia 44:27–45:2; 13:1, 17-20) Wodii kan kaa amanaman a wɔammɔ wɔn din wɔ Bible mu ho asɛm pefee araa ma animdefo tumi hu saa aman no ntɛm ara.

3. So nkɔmhyɛ ahorow bi wɔ hɔ a wɔanka ho asɛm te sɛ nea wɔrehyɛ nkɔm?

3 Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛnyɛ ɔkwan a wɔnam so de nkɔmhyɛsɛm ma biako pɛ na ɛwɔ Bible no mu. Yɛahu eyi dedaw wɔ Yesu anwonwade ahorow a na ɛyɛ nea adesamma benya wɔ Onyankopɔn Ahenni ase ho sɛnkyerɛnne no mu. Nkɔmhyɛ nsɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no afã foforo nso a ebia ɛnka nsɛm a ɛte sɛ nea ɛyɛ nkɔmhyɛ no ho.

NKƆMHYƐ NHWƐSO AHOROW A ƐYƐ NWONWA

4. Ɔkwan bɛn so na wɔma yehu sɛ nkɔmhyɛ nsɛm bi wɔ Mose Mmara no mu?

4 Sɛ nhwɛso no, Bible nhoma a ɛne Hebrifo no ma yehu nkɔmhyɛ a ɛwɔ nsɛm a obi a ɔkenkan Bible no ara kwa betumi abu no sɛ abakɔsɛm kɛkɛ no mu. Ɛda no adi sɛ “[Mose] mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsuma.”—Hebrifo 10:1.

5. Nhwɛso bɛn na ɛma yehu sɛ nneɛma betumi akyerɛ biribi a ɛyɛ kɛse koraa?

5 Ɛtɔ mmere bi a, na wɔde nneɛma bi di dwuma de yɛ nkɔmhyɛ nhwɛso ahorow. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa ntamadan kronkron no, anaa ahyiae ntamadan a Mose nam Yehowa akwankyerɛ so sii, ne emu nnwuma a wɔyɛe ho no, Hebrifo nhoma no kyerɛwfo a wɔde honhom kaa no no kyerɛkyerɛ mu sɛ na ɛyɛ “ɔsoro nneɛma nhwɛso ne sunsuma.” Ɛyɛɛ Yehowa honhom fam asɔrefi kɛse, Kronkron mu Kronkron a ɛwɔ soro no ho mfonini. Enti, “Kristo a ɔbae sɛ nnepa a ɛrebɛba no ho sɔfo panyin, nam ntamadan a ɛso na ɛyɛ pɛ kyɛn so a wɔamfa nsa ansi, ɛne sɛ, emfi adebɔ yi mu, mu, nanso ɛnyɛ mpapo ne anantwi mma mogya, na n’ankasa ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkron mu prɛko konyaa daa ogye. . . . Kristo anhyɛn kronkronbea a wɔde nsa yɛe a ɛyɛ kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne no mu, na mmom ɔhyɛn ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.” (Hebrifo 8:1-5; 9:1-14, 24-28) Kristofo nya honhom mu nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa, a wɔka ho asɛm wɔ ha no mu mfaso kɛse, na ɛsɛ sɛ eyi ho anisɔ a yɛwɔ no da adi wɔ yɛn asetra kwan mu.—Hebrifo 9:14; 10:19-29; 13:11-16.

6. Nkɔmhyɛ bɛn na wɔkyerɛ sɛ nnipa yɛ ho mfonini a ɛwɔ (a) Galatifo 4:21-31? (b) Mateo 17:10-13?

6 Nnipa a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no nso yɛ nkɔmhyɛ nhwɛso horow. Wɔ Galatifo 4:21-31 no, wɔde eyi ho nhwɛso mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri ama wɔ Abraham yere Sara (a wose ogyina hɔ ma “ɔsoro Yerusalem”) ne afenaa Hagar (a ɔyɛ “nnɛ yi Yerusalem” a ɛwɔ asase so ho nhwɛso) ne wɔn mma ho. Wɔ asɛm foforo mu no, Yesu boaa n’asuafo no ma wohui sɛ na odiyifo Elia yɛ Yohane Osuboni, a ɔde akokoduru paa nyaatwom nyamesom nneyɛe ho ntama sɛnea Elia yɛe no, ho nhwɛso.—Mateo 17:10-13.

7. Akwan bɛn so na (a) Salomo (b) Melkisedek, yɛɛ Yesu Kristo ho mfonini?

7 Ná Salomo a ne nyansa ne n’ahenni mu yiyedi ne asomdwoe ma ogyee din no yɛ Yesu Kristo ho nhwɛso a ɛfata. (1 Ahene 3:28; 4:25; Luka 11:31; Kolosefo 2:3) Ɛwom sɛ Genesis kyerɛwtohɔ a ɛka sɛnea Abraham ne Melkisedek hyiae ho asɛm no yɛ tiawa de, nanso Dwom 110:1-4 kyerɛ sɛ ɛno nso kyerɛ biribi, efisɛ Mesia no bɛyɛ “daa sɔfo, Melkisedek dibea so,” kyerɛ sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔbɛhyɛ no sɔfo, na ɛrennyina abusua a wɔbɛwo no atom no so. Akyiri yi, nhoma a wɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no kyerɛkyerɛ eyi mu kɔ akyiri na ɛde nokware ahorow yi asete bata Kristofo nyin a ɛyɛ su titiriw ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no ho.—Hebrifo 5:10-14; 7:1-17.

8. (a) Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ asetra mu osuahu ahorow betumi ayɛ nkɔmhyɛ? (b) So ɛsɛ sɛ osuahu a ɛte saa no mu asɛm biara hyia wɔ mmamu no mu?

8 Ɛda adi pefee sɛ nkɔmhyɛ mu nhwɛso ahorow no nka nnipa dwumadi anaa dibea nkutoo ho asɛm. Ɛka wɔn asetra mu osuahu ahorow nso ho asɛm. Bere bi a Yudafo nyamesom akannifo daa gyidi a wonni adi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnɛ mma abɔnefo ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no. Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na onipa ba no bedi asase komam nnansa awia ne anadwo.” (Mateo 12:38-40; Yona 1:17; 2:10) Nanso, Yesu anka sɛ biribiara a esii wɔ Yona asetra mu no yɛ nea ɛbɛba ɔno ankasa so no ho mfonini. Bere a Yehowa maa Yesu dwumadi no, wanguan sɛnea Yona bɔɔ mmɔden sɛ obeguan akɔ Tarsis no. Nanso sɛnea Yesu kyerɛe no, wɔde osuahu a Yona nyae wɔ apataa no yam no kaa Bible kyerɛwtohɔ no ho, efisɛ na ɛde Yesu ankasa wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ mu nsɛm bɛma.—Mateo 16:4, 21.

9. (a) Nkɔmhyɛ bɛn na Yesu twee adwene sii so wɔ abakɔsɛm mu mmere abien bi mu? (b) Emu nsɛm atitiriw bɛn na honhom kaa Petro ma ɔkaa ho asɛm pii?

9 Abakɔsɛm mu mmere bi nso de nkɔmhyɛ nhwɛso ahorow a yɛn ani gye ho titiriw ma. Bere a Yesu reka bere a ɛbɛkɔ akowie ɔno ankasa ahoyi wɔ Ahenni tumi mu ho asɛm no, ɔde totoo mmere foforo abien bi a Onyankopɔn atemmu baa amumɔyɛfo so no ho. Ɔkaa “Noa nna” ne “Lot nna” no ho asɛm sɛ ɛkyerɛ biribi titiriw, na osii sɛnea nnipa a wɔtraa ase wɔ saa mmere no mu no maa da biara da asetra mu nsɛm gyee wɔn adwene no so dua titiriw. Ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ ade ntɛm, na ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma a yɛagyaw wɔ akyi no ho akɔnnɔ ma yetwa yɛn ani hwɛ yɛn akyi, sɛnea Lot yere yɛe no. (Luka 17:26-32) Wɔka nsɛm foforo pii a ɛkyerɛ biribi titiriw wɔ ɔsomafo Petro krataa a ɛto so abien a ɔnam honhom so kyerɛw no mu—asoɔden a abɔfo yɛe ansa na Nsuyiri no reba, Noa asɛnka dwumadi, sɛnea Lot hawee wɔ Sodomfo mmaratode no ho, nokwasɛm a ɛne sɛ ɛdenam abɔnefo a Onyankopɔn sɛee wɔn wɔ n’ankasa bere a ɛsɛ mu so no, na ɔreyɛ nneɛma a ɛbɛba daakye ho nhwɛso, ne adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn betumi agye n’asomafo anokwafo, na ɔbɛyɛ saa.—2 Petro 2:4-9.

10. Fa Yeremia toto Adiyisɛm ho fa kyerɛ sɛ nkɔmhyɛ ahorow a abam dedaw no betumi ayɛ nkɔmhyɛ a ɛbɛbam bio.

10 Sɛ nkɔmhyɛ ahorow bam a, ɛno nkyerɛ sɛ afei de abɛyɛ abakɔsɛm kɛkɛ. Sɛnea wodii kan kyerɛɛ nea ɛrebesi ne sɛnea ɛbaa mu no nyinaa taa yɛ nsɛm akɛse koraa mpo a ebesisi daakye no ho nkɔmhyɛ. Ɛte saa wɔ nea wɔkyerɛw faa tete Babilon a na ɛyɛ ahemman a wɔpɛ nyamesom kɛse, na wɔda so ara te ne nkɛntɛnso nka wɔ wiase nyinaa wɔ yɛn bere yi mu no ho. Ɛwom sɛ Mediafo ne Persiafo dii Babilon so nkonim wɔ 539 A.Y.B. mu de, nanso Adiyisɛm nhoma a wɔkyerɛw no afeha a edi kan Y.B. no awiei no de odiyifo Yeremia nsɛm di dwuma, na ɛkyerɛ sɛ nkɔmhyɛ ahorow no bɛbam daakye wɔ Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no so. Sɛ eyi ho nhwɛso no, fa Adiyisɛm 18:4 toto Yeremia 51:6, 45 ho; fa Adiyisɛm 17:1, 15 ne 16:12 toto Yeremia 51:13 ne 50:38 ho; fa Adiyisɛm 18:21 toto Yeremia 51:63, 64 ho.

11. Nkɔmhyɛ bɛn na ɛwɔ sɛnea Yehowa ne Israelfo awaefo ne Yudafo a wɔanni nokware no dii nsɛm ho kyerɛwtohɔ mu? Dɛn ntia?

11 Saa ara nso na sɛnea Yehowa ne Israel mmusuakuw du ahemman a awae no ne Yuda mmusuakuw abien ahemman no ahemfo ne asɔfo a wɔankyerɛ gyidi no dii nsɛm no yɛ nkɔmhyɛ mu adeyɛ. Saa tete ahemman ahorow no ho nkɔmhyɛ ne ne mmamu, a wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwnsɛm mu no nyinaa, yɛ sɛnea Onyankopɔn ne nnɛyi Kristoman a ɛno nso ka sɛ ɛresom Bible no Nyankopɔn nanso efi animtiaabu mu bu ne trenee mmara so no bedi ho mfonini pefee.

12. Ɔkwan bɛn so na yɛn ankasa nya nsɛm a ɛte sɛɛ mu mfaso?

12 Enti, nsɛm yi nyinaa kyerɛ biribi titiriw nnɛ. Ɛboa yɛn ma yɛte sɛnea Onyankopɔn bu yɛn da yi mu tebea horow ne nea ɛsɛ sɛ yɛn ankasa yɛ na yɛanya nkwa wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu no ase. Enti, ɛboa yɛn ma yehu nokwasɛm a ɛne sɛ ‘Kyerɛw nyinaa ye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn’ no yiye.—2 Timoteo 3:16, 17.

WODII KAN HYEHYƐƐ NE NYINAA TOO HƆ?

13. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn anhyɛ da amma nkurɔfo anyɛ bɔne na wɔde ayɛ nkɔmhyɛ nhwɛso ahorow?

13 So yɛbɛte eyi nyinaa ase sɛ Onyankopɔn dii kan hyehyɛɛ nnipa ne aman nneyɛe a wɔakyerɛw ho asɛm wɔ Bible mu no nyinaa too hɔ na ama akyerɛ biribi titiriw wɔ nkɔmhyɛ mu anaa? Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn ankasa ne ne tete asomfo dii wɔ ɔkwan bi so na ayɛ nneɛma akɛse a ɛwɔ n’adwenem sɛ ɔbɛyɛ daakye no ho nhwɛso. Na nnipa nneyɛe nso ɛ? Wɔn mu binom yɛɛ bɔne a anibere wom. Onyankopɔn na ɔma wɔyɛɛ eyinom na ama wɔatumi de akyerɛw Bible no? Kristoni Bible kyerɛwfo Yakobo bua sɛ: “Bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma wɔyɛɛ bɔne na ama atumi ayɛ nkɔmhyɛ nhwɛso ahorow.

14. (a) Ɛyɛ dɛn na Yehowa hu nea nnipa, anaa Satan mpo, bɛyɛ daakye? (b) Akwan bɛn so na Yehowa ankasa ho ne n’atirimpɔw ho asɛm a onim no ba Bible nkɔmhyɛ mu?

14 Mma wo werɛ mmfi sɛ Yehowa ne adesamma Bɔfo. Onim sɛnea wɔyɛɛ yɛn ne nea ɛma nkurɔfo yɛ ade sɛnea wɔyɛ no. (Genesis 6:5; Deuteronomium 31:21) Obetumi ahyɛ nea ɛbɛba nnipa a wodi ne trenee nnyinasosɛm so no so, ne nea ɛbɛto wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobebu wɔn ani agu hia a wohia Onyankopɔn no so anaa wɔsɛe n’akwan no, ho nkɔm pɛpɛɛpɛ. (Galatifo 6:7, 8) Onim sɛ Ɔbonsam bɛkɔ so de nnaadaa kwan a ɔde dii dwuma wɔ mmere a atwam mu no adi dwuma. Yehowa nim nea ɔno ankasa bɛyɛ wɔ tebea horow bi mu nso, ne sɛ ɔbɛyɛ ade ma ɛne su horow a ɛkorɔn a ɛne atɛntrenee, animhwɛ a ɔnyɛ, ɔdɔ ne mmɔborɔhunu a wada no adi bere nyinaa no ahyia. (Malaki 3:6) Esiane sɛ Yehowa atirimpɔw ahorow bɛbam ɔkwan biara so nti, obetumi ahyɛ nea ebefi mu aba ne nea ɔbɛyɛ ma atumi abam no ho nkɔm. (Yesaia 14:24, 27) Enti, obetumi apaw nsɛm a ebesisi afi nnipa ankorankoro ne aman binom asetra mu na wama wɔakyerɛw wɔ Bible no mu de ayɛ nea ɛbɛba daakye ho mfonini.

15. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo sii so dua sɛ Bible mu nsɛm no nyɛ abakɔsɛm ara kwa?

15 Enti, ɔkwan a ɛfata so no, bere a ɔsomafo Paulo kaa nsɛm a esisii wɔ Israelfo abakɔsɛm mu ho asɛm wiei no, ɔka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Na eyinom nyinaa ama wɔayɛ nhwɛso, na wɔakyerɛw ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu.” (1 Korintofo 10:11) Na ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo asafo a na ɛwɔ Roma no sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.” (Romafo 15:4) Enti, sɛ yɛte ase sɛ Bible mu amanneɛbɔ ahorow no nyɛ abakɔsɛm ara kwa a, yebetumi afi ase ahu adesamma daakye ho mfonini ahorow a ɛyɛ nwonwa no wom.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 41 adaka/mfonini]

NKƆMHYƐSƐM—Ɛyɛ Dɛn Ho Mfonini?

Noa Nna No

Ntamadan No

Ɔhene Salomo

Di a Yona Di Nnansa Wɔ Apataa Yam

Babilon Asehwe